ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM November 2019

Adesua nsɛm a yebesua December 30, 2019–February 2, 2020.

Wo Ne Wo Nuanom Mfa Nnamfo Denneennen Ansa Na Awiei No Aba

Yebetumi asua nneɛma pii afi Yeremia hɔ. Aka kakra ama wɔasɛe Yerusalem no, ne nnamfo boaa no ma onyaa ne ti didii mu.

Sɛnea Honhom Kronkron Betumi Aboa Yɛn

Onyankopɔn honhom kronkron betumi aboa yɛn ama yɛagyina ɔhaw ahorow ano. Nanso sɛ honhom kronkron betumi aboa yɛn paa a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nneɛma nnan bi.

“Gyidi Kyɛm Kɛse” No, Worehwɛ Wo De So Yiye Anaa?

Yɛn gyidi te sɛ kyɛm a ɛbɔ yɛn ho ban fi asiane ho. Dɛn na yebetumi ayɛ na ama yɛn gyidi kyɛm no akɔ so ayɛ den?

Nea Yebetumi Asua Afi Leviticus Nhoma No Mu

Mmara a Yehowa de maa tete Israel no na ɛwɔ Leviticus nhoma no mu. Kristofo de, yɛnhyɛ saa mmara no ase, nanso ebetumi aboa yɛn.

Nea Wufii Ase No, Wie

Sɛ yesi gyinae pa mpo a, ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛyɛ ho adwuma. Hwɛ nyansahyɛ a ɛbɛboa wo ama woafi biribi ase na woawie.

So Wunim?

Adwuma bɛn na na ofiehwɛfo yɛ wɔ Bible mmere mu?