Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 48

Nea Wufii Ase No, Wie

Nea Wufii Ase No, Wie

“Munwie ne yɛ.”—2 KOR. 8:11.

DWOM 35 “Monhwehwɛ Nneɛma a Ehia No”

NEA YƐREBESUA *

1. Dɛn na Yehowa ma yɛn kwan ma yɛyɛ?

YEHOWA ma yɛn kwan ma yɛbɔ yɛn bra sɛnea yɛpɛ. Ɔkyerɛ yɛn sɛnea yebesisi gyinae pa, na sɛ yesisi gyinae a ɛsɔ n’ani a, ɔboa yɛn ma esi yɛn yiye. (Dw. 119:173) Sɛ yɛde nyansa a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu bɔ yɛn bra a, yebesisi gyinae pa.—Heb. 5:14.

2. Sɛ yesi gyinae bi wie a, dɛn na ebia ɛbɛyɛ den sɛ yɛbɛyɛ?

2 Sɛ yesi gyinae pa mpo a, ebia ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛyɛ nea yɛasi ho gyinae no. Yɛnhwɛ nhwɛso ahorow bi: Onua aberante bi sii gyinae sɛ ɔbɛkenkan Bible mũ no nyinaa. Ofii ase no, na ɛrekɔ kama nanso nnawɔtwe kakra akyi na ogyaee. Onuawa bi sii gyinae sɛ ɔbɛyɛ daa kwampaefo, nanso da biara na otu hyɛ da. Asafo bi mu mpanyimfo nyinaa sii gyinae sɛ wɔbɛtaa asrasra asafo no mufo, nanso abosome pii twaam a wɔanyɛ ho hwee. Tebea a yɛaka ho asɛm yi, emu biara nko nanso ade baako da adi wɔ ne nyinaa mu. Ɛne sɛ, nea wɔn mu biara sii gyinae sɛ ɔbɛyɛ no, wanyɛ. Tete Kristofo a na wɔwɔ Korinto no hyiaa ɔhaw bi a ɛte saa. Yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi wɔn asɛm no mu.

3. Gyinae bɛn na Korintofo no sii, nanso dɛn na ɛbae?

3 Bɛyɛ afe 55 Y.B. no, Korintofo no sii gyinae titiriw bi. Wɔtee sɛ ahia wɔn nuanom a wɔwɔ Yerusalem ne Yudea ama wɔn ho akyere wɔn, na asafo ahorow a aka no regyigye sika akɔboa wɔn. Ná Korintofo no yam ye, na na wɔyɛ adɔe, enti wosii gyinae sɛ wobeyi ntoboa akɔboa wɔn nuanom no. Wobisaa ɔsomafo Paul nea wobetumi ayɛ de aboa. Ɔde akwankyerɛ maa asafo no, na ɔpaw Tito sɛ ɔmmoa mma wonnyigye sika no. (1 Kor. 16:1; 2 Kor. 8:6) Nanso, abosome kakra akyi no, Paul tee sɛ Korintofo no anyi ntoboa a wɔkae sɛ wobeyi no. Enti, na ɛbɛyɛ den sɛ wɔn nsa bɛka Korintofo no ntoboa no na wɔde aka ntoboa a asafo ahorow a aka no ayi ho de akɔ Yerusalem.—2 Kor. 9:4, 5.

4. Sɛnea 2 Korintofo 8:7, 10, 11 kyerɛ no, dɛn na Paul hyɛɛ Korintofo no nkuran sɛ wɔnyɛ?

4 Korintofo no sii gyinae pa, na wɔn gyidi a ɛyɛ den ne ɔpɛ a na wɔwɔ sɛ wɔbɛyɛ adɔe nti, Paul kamfoo wɔn. Nanso, na ɛsɛ sɛ ɔhyɛ wɔn nkuran ma wɔyɛ nea wɔkae sɛ wɔbɛyɛ no. (Kenkan 2 Korintofo 8:7, 10, 11.) Korintofo no asɛm ma yehu sɛ ebetumi ayɛ den ama Kristofo anokwafo mpo sɛ wɔbɛyɛ nea wɔasi ho gyinae no.

5. Nsɛmmisa bɛn na yebenya ho mmuae?

5 Nea ɛtoo Korintofo no ma yehu sɛ ebia yɛn nso ɛbɛyɛ den sɛ yɛbɛyɛ nea yɛasi gyinae sɛ yɛbɛyɛ no. Adɛn ntia? Efisɛ sintɔ wɔ yɛn ho, enti yebetumi ayɛ mmɔtohɔ. Anaa biribi a yɛnhwɛ kwan betumi abɛbom ama ayɛ den sɛ yɛbɛyɛ nea yɛasi gyinae sɛ yɛbɛyɛ no. (Ɔsɛnk. 9:11; Rom. 7:18) Sɛ yɛasi gyinae bi dedaw na yɛpɛ sɛ yehu sɛ ehia sɛ yɛsesa no a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Dɛn na yɛbɛyɛ na sɛ yefi biribi ase a, yɛatumi awie?

NEA ƐSƐ SƐ WOYƐ ANSA NA WOASI GYINAE

6. Sɛ yesi gyinae a, bere bɛn na ebia ɛho behia sɛ yɛyɛ nsakrae?

6 Gyinae bi wɔ hɔ a, ɛho hia araa ma yesi a yɛnsesa yɛn adwene wɔ ho. Ɛho nhwɛso ne sɛ, yɛasi gyinae sɛ yɛbɛsom Yehowa na yɛrensesa yɛn adwene. Afei nso, sɛ yɛaware a, yɛasi yɛn bo sɛ yebedi yɛn kunu anaa yɛn yere nokware. (Mat. 16:24; 19:6) Nanso, gyinae a yɛasi no bi wɔ hɔ a, ebia ebehia sɛ yɛyɛ nsakrae. Adɛn ntia? Efisɛ nneɛma tumi sesa. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛasisi gyinae pa?

7. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho mpae, na adɛn ntia?

7 Bɔ mpae hwehwɛ nyansa. Yehowa maa Yakobo kyerɛwee sɛ: “Sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ma ɔnkɔ so ara mmisa Onyankopɔn efisɛ oyi ne yam ma nnipa nyinaa ade.” (Yak. 1:5) Ɔkwan bi so no, yɛn nyinaa hia “nyansa” wɔ nneɛma bi mu. Enti sɛ woresi gyinae bi anaa woasi gyinae bi na ɛsɛ sɛ woyɛ nsakrae a, srɛ Yehowa na ɔmmoa wo. Woyɛ saa a, Yehowa bɛboa wo ama woasisi gyinae pa.

8. Nhwehwɛmu bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ansa na yɛasi gyinae?

8 Yɛ nhwehwɛmu kɔ akyiri. Kenkan Onyankopɔn Asɛm ne nhoma a Yehowa ahyehyɛde no ayɛ, na wo ne wɔn a wɔbɛma wo afotu pa mmɔ nkɔmmɔ. (Mmeb. 20:18) Sɛ wopɛ sɛ wosesa adwuma a woyɛ, wutu kɔ baabi, anaa wunya nhomasua a ɛbɛboa wo ama woatumi ahwɛ wo ho de ayɛ wo som adwuma a, ɛho hia sɛ woyɛ nhwehwɛmu ansa na woasi saa gyinae no.

9. Gyinae a yesi no, sɛ yɛhwɛ yɛn koma mu hu adwene paa a ɛtaa akyi a, ɛbɛboa yɛn sɛn?

9 Bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn nti paa na meresi gyinae yi?’ Sɛ yɛreyɛ biribi a, adwene a ɛtaa akyi no ho hia Yehowa. (Mmeb. 16:2) Ɔpɛ sɛ yedi nokware wɔ biribiara mu. Enti sɛ yɛresi gyinae a, yɛpɛ sɛ yɛhwɛ yɛn koma mu paa hwɛ sɛ adwempa na yɛde reyɛ saa, na saa na afoforo nso hu no anaa. Sɛ yɛanhwɛ yɛn koma mu anhu adwene a yɛde reyɛ saa a, ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛyɛ nea yesii gyinae sɛ yɛbɛyɛ no. Ɛho nhwɛso ni. Onua aberante bi sii gyinae sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ daa kwampaefo. Nanso ofii ase no, akyiri yi na ɛyɛ den sɛ obenya ne nnɔnhwerew, enti na n’ani nhyɛ da nnye wɔ asɛnka mu. Ebia na n’adwene yɛ no sɛ nea enti paa a ɔreyɛ akwampae adwuma ne sɛ ɔpɛ sɛ ɔsɔ Yehowa ani. Nanso, ebetumi aba sɛ nea enti paa a na ɔpɛ sɛ ɔyɛ akwampae adwuma ne sɛ ɔbɛsɔ n’awofo anaa obi a ɔpɛ n’asɛm ani.

10. Dɛn na ɛbɛma obi atumi ayɛ nsakrae?

10 Yɛnhwɛ Bible suani bi a ɔpɛ sɛ ogyae sigaretnom. Mfiase no, na ɛyɛ den sɛ obegyae sigaretnom; otumi gyaee nom bɛyɛ nnawɔtwe baako anaa mmienu, nanso akyiri yi, ɔsan fii ase nom sigaret no bio. Ewiee ase no, otumi gyaee koraa! Esiane sɛ ɔdɔ Yehowa na ɔpɛ sɛ ɔyɛ nea ɛsɔ n’ani nti, aboa no ama wagyae saa subammɔne no.—Kol. 1:10; 3:23.

11. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wode botae pɔtee sisi w’ani so?

11 Fa botae pɔtee sisi w’ani so. Sɛ wode botae pɔtee sisi w’ani so a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wo sɛ wubefi ase ayɛ ho adwuma na woadu ho. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ebia woasi gyinae sɛ wobɛkenkan Bible daa. Nanso sɛ woanyɛ nhyehyɛe pɔtee bi a, ebia worentumi nyɛ nea woabɔ wo tirim sɛ wobɛyɛ no. * Anaa ebia asafo bi mu mpanyimfo sii gyinae sɛ wɔbɛtaa asrasra asafo no mufo, nanso nna pii twaam a wɔanyɛ nea wɔkae no ho hwee. Sɛ wobetumi ayɛ nea wosii ho gyinae no a, wobetumi abisa wɔn ho nsɛm yi: “Yɛahu anuanom a yɛkɔsra wɔn a ebetumi aboa wɔn paa? Yɛahyɛ bere pɔtee bi a yebefi ase akɔsrasra wɔn anaa?”

12. Dɛn na ebia ebehia sɛ yɛyɛ, na adɛn ntia?

12 Hu nea wubetumi ayɛ. Ɛnyɛ biribiara a yɛpɛ sɛ yɛyɛ biara na yebenya bere, ahoɔden anaa ɛho akade de ayɛ. Te ase sɛ ɛnyɛ biribiara na wubetumi ayɛ, enti nkeka nneɛma mmɔ so. Sɛ wusi gyinae bi na wuhu sɛ ɛboro wo so a, ebia ebehia sɛ woyɛ nsakrae. (Ɔsɛnk. 3:6) Fa no sɛ woasan ahwɛ gyinae a wusii no, woayɛ nsakrae a ehia, na wuhu sɛ wubetumi ayɛ nea woasi gyinae sɛ wobɛyɛ no. Ɛnde, hwɛ nneɛma nnum a ɛbɛboa wo ama woatumi ayɛ nea woabɔ wo tirim sɛ wobɛyɛ no.

NEA ƐBƐBOA WO AMA WOAYƐ NEA WOASI GYINAE SƐ WOBƐYƐ

13. Sɛ wusi gyinae bi a, wobɛyɛ dɛn anya ahoɔden de ayɛ nea woaka no?

13 Bɔ mpae hwehwɛ ahoɔden a wode bɛyɛ nea woasi gyinae sɛ wobɛyɛ no. Onyankopɔn betumi aboa wo ama ‘woayɛ’ nea woasi gyinae sɛ wobɛyɛ no. (Filip. 2:13) Enti srɛ honhom kronkron fi Yehowa hɔ na ama woanya ahoɔden a wode bɛyɛ. Sɛ mpo ɛyɛ wo sɛ woabɔ mpae araa nso wunnyaa mmuae biara a, wo de, kɔ so ara bɔ. Yesu kaa sɛ: “Monkɔ so mmisa, na wɔde [honhom kronkron] bɛma mo.”—Luka 11:9, 13.

14. Sɛn na nnyinasosɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 21:5 bɛboa wo ama woayɛ nea woasi gyinae sɛ wobɛyɛ no?

14 Yɛ nhyehyɛe. (Kenkan Mmebusɛm 21:5.) Sɛ wufi biribi ase na wubetumi awie a, ehia sɛ woyɛ ho nhyehyɛe. Afei, ɛsɛ sɛ wode nhyehyɛe no yɛ adwuma. Saa ara na sɛ wusi gyinae bi a, kyerɛw nneɛma pɔtee a ehia sɛ woyɛ na woatumi ayɛ nea woabɔ wo tirim sɛ wobɛyɛ no. Sɛ woreyɛ adwuma a ɛyɛ den bi na wokyekyɛ mu nketenkete a, ɛboa. Wutumi yɛ emu biara wie a, ɛbɛma woahu baabi a woayɛ adwuma no akosi. Paul hyɛɛ Korintofo no nkuran sɛ “nnawɔtwe biara mu da a edi kan no,” obiara nhwɛ nyi biribi nsie mfa nyɛ ntoboa, na ankɔba sɛ obedu hɔ ansa na wɔagyigye ntoboa no. (1 Kor. 16:2) Saa ara na sɛ woreyɛ adwuma bi a ɛyɛ den na wokyekyɛ mu nketenkete a, ɛremma wonte nka sɛ adwuma no boro wo so.

15. Sɛ woyɛ nhyehyɛe no wie a, dɛn na wubetumi ayɛ?

15 Sɛ wokyerɛw nhyehyɛe a woayɛ no to hɔ a, ebetumi aboa wo ama woayɛ nea woasi gyinae sɛ wobɛyɛ no. (1 Kor. 14:40) Sɛ yɛhwɛ asafo mu mpanyimfo akuw sei a, wɔaka akyerɛ wɔn sɛ, wonyi ɔpanyin baako na ɔnkyerɛw gyinae biara a mpanyimfo kuw no besi, ɔpanyin a wɔde saa adwuma no bɛhyɛ ne nsa, ne da a ɛsɛ sɛ wowie. Sɛ mpanyimfo de saa akwankyerɛ yi yɛ adwuma a, ɛyɛ mmerɛw ma wɔn sɛ wɔbɛyɛ nea wɔasi gyinae sɛ wɔbɛyɛ no. (1 Kor. 9:26) Wo nso wubetumi de saa nhyehyɛe yi ayɛ adwuma wɔ w’asetena mu. Ɛho nhwɛso ne sɛ, nea wopɛ sɛ woyɛ da biara no, wubetumi akyerɛw ato hɔ na wode nea ehia wo paa no adi kan. Woyɛ wei a, ɛbɛboa ama woafi nea wopɛ sɛ woyɛ no ase na woawie, na bere koro no ara nso wobɛyɛ nneɛma pii wɔ bere tiaa bi mu.

16. Sɛ wubetumi ayɛ nea woasi gyinae sɛ wobɛyɛ no a, dɛn na ehia sɛ woyɛ, na sɛn na Romafo 12:11 foa wei so?

16 Yere wo ho. Egye mmɔdenbɔ na woatumi adi nhyehyɛe a woayɛ no so na aboa wo ama woatumi afi nea woasi gyinae sɛ wobɛyɛ no ase na woawie. (Kenkan Romafo 12:11.) Paul ka kyerɛɛ Timoteo sɛ ‘ɔmma n’ani nku ho’ sɛ ɔbɛyɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa na ‘ɔmmata ho.’ Biribi foforo biara a yɛpɛ sɛ yɛyɛ wɔ Yehowa som mu nso, saa afotu no betumi aboa yɛn.—1 Tim. 4:13, 16.

17. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea yɛasi gyinae sɛ yɛbɛyɛ a, sɛn na yebetumi de Efesofo 5:15, 16 ayɛ adwuma?

17 Fa wo bere di dwuma yiye. (Kenkan Efesofo 5:15, 16.) Hyɛ bere a wode bɛyɛ nea woasi gyinae sɛ wobɛyɛ no, na di so. Ɛnsɛ sɛ wotwɛn sɛ nneɛma bɛkɔ yiye ansa na woayɛ; ebia na nneɛma ankɔ sɛnea wususuw. (Ɔsɛnk. 11:4) Hwɛ na woamma nneɛma a ɛho nhia pii annye wo bere ne ahoɔden a wode bɛyɛ nneɛma a ɛho hia paa no. (Filip. 1:10) Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, pɛ bere a nneɛma pii rentwetwe w’adwene fa yɛ saa. Ma afoforo nhu sɛ wopɛ sɛ wunya bere de w’adwene si nea woreyɛ no so. Wubetumi adum wo fon, na woahwɛ wo e-mail anaa woakɔ social media so akyiri yi. *

18-19. Sɛ wusi gyinae pa na wuhyia nsɛnnennen a, dɛn na ɛbɛboa wo na woampa abaw?

18 Fa w’adwene si nea ebefi mu aba no so. Sɛ wusi gyinae bi a, adepa a ebefi mu aba no, ɛte sɛ woretu kwan akɔ kurow bi so. Sɛ wudu baabi na sɛ wɔasiw kwan na ɛsɛ sɛ wofa kwan foforo so mpo a, wobɛyɛ saa efisɛ wopɛ sɛ wudu kurow a worekɔ so no so. Saa ara na yɛn nso sɛ yesi gyinae a, yebetumi ahyia nsɛnnennen anaa ebehia sɛ yɛyɛ nsakrae. Nanso, yɛde yɛn adwene si adepa a ebefi mu aba no so a, yɛrempa abaw.—Gal. 6:9.

19 Ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebesisi gyinae pa, na ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛyɛ nea yɛasi gyinae sɛ yɛbɛyɛ no. Nanso, Yehowa betumi aboa wo ama woanya nyansa ne ahoɔden a ɛbɛma woafi ase ayɛ nea woasi ho gyinae no na woawie.

DWOM 65 Kɔ W’anim!

^ nky. 5 Woasisi gyinae bi ama woanu wo ho anaa? Anaa ɛtɔ da a ɛyɛ den ma wo sɛ wubesisi gyinae pa na woayɛ ho adwuma? Adesua yi bɛboa wo ama woahu sɛnea wubedi saa ɔhaw no so, na woawie nea wufii ase no.

^ nky. 11 Wubetumi ahwɛ “Bible Akenkan Nhyehyɛe” a ɛwɔ jw.org® no na aboa wo ama woayɛ nhyehyɛe akenkan Bible.

^ nky. 17 Sɛ wopɛ sɛnea wode wo bere bedi dwuma yiye ho nyansahyɛ pii a, hwɛ asɛm a wɔato din “20 Ways to Create More Time” (Akwan 20 a Wobɛfa So Anya Bere Pii) a ɛbaa April 2010 Nyan! Borɔfo de mu.