Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 45

Sɛnea Honhom Kronkron Betumi Aboa Yɛn

Sɛnea Honhom Kronkron Betumi Aboa Yɛn

“Ade nyinaa mu mewɔ ahoɔden, nea ɔhyɛ me den no nti.”—FILIP. 4:13.

DWOM 104 Honhom Kronkron Yɛ Onyankopɔn Akyɛde

NEA YƐREBESUA *

1-2. (a) Da biara yehyia ɔhaw. Dɛn na ɛboa yɛn ma yɛkɔ so gyina ano? Kyerɛkyerɛ mu. (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

“MEHWƐ ɔhaw a m’afa mu a, ɛkaa me nko ara m’ahoɔden a anka merentumi nnyina ano.” Woaka asɛm bi a ɛte saa pɛn? Yɛn mu pii aka saa pɛn. Ebia yare bi a emu yɛ den bɔɔ wo anaa wo dɔfo bi wui ma wutumi gyinaa ano, na bere a woredwinnwen ho no na wokaa saa. Sɛ wokae ɔhaw a wofaa mu no a, wuhu sɛ nea ɛma wutumi gyinaa ano ne sɛ, da biara na Yehowa de ne honhom kronkron boa wo ma wunya “tumi a ɛboro onipa de so.”—2 Kor. 4:7-9.

2 Afei nso, yehia honhom kronkron mmoa na wiase bɔne yi annya yɛn so nkɛntɛnso. (1 Yoh. 5:19) Bio nso, ɛsɛ sɛ yɛko tia “ahonhommɔne dɔm.” (Efe. 6:12) Ɛnde, yebesusuw akwan mmienu a honhom kronkron boa yɛn ma yegyina ɔhaw ahorow yi ano. Yɛbɛsan ahwɛ nea yɛyɛ a ɛbɛma honhom kronkron aboa yɛn paa.

HONHOM KRONKRON MA YENYA AHOƆDEN

3. Ade baako bɛn na Yehowa yɛ de boa yɛn ma yetumi gyina ɔhaw ano?

3 Sɛ yehyia ɔhaw mpo a, Yehowa nam honhom kronkron so ma yenya tumi, anaa ahoɔden a yehia na yɛatumi adi yɛn asɛyɛde ho dwuma. Ɔsomafo Paul hui sɛ, ɔhaw a ohyiae nyinaa mu no, “Kristo ahoɔden” na ɛboaa no ma ɔkɔɔ so som Yehowa. (2 Kor. 12:9) Paul asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so mmienu mu no, ɛnyɛ asɛnka adwuma no nko ara na ɔyeree ne ho yɛe, na mmom ɔyɛɛ adwuma nso de hwɛɛ ne ho. Ɔtenaa Akwila ne Priskila fie wɔ Korinto; ná wɔnwene ntamadan. Esiane sɛ na Paul nso yɛ saa adwuma no ara bi nti, nna bi wɔ hɔ a na ɔne wɔn yɛ adwuma. (Aso. 18:1-4) Honhom kronkron na ɛboaa Paul ma otumi yɛɛ adwuma hwɛɛ ne ho na ɔsan kaa asɛmpa no.

4. Sɛnea 2 Korintofo 12:7b-9 kyerɛ no, ɔhaw bɛn na na Paul rehyia?

4 Kenkan 2 Korintofo 12:7b-9. Kyerɛwnsɛm yi mu no, Paul kaa sɛ na ɔwɔ “ɔhonam mu nsɔe” bi. Dɛn na na ɔrepɛ akyerɛ? Sɛ biribi wɔ wo ma ewura wo honam mu na ɛka mu a, ɛyɛ yaw paa. Enti na Paul reka sɛ ɔhaw bi a na ɔrehyia wɔ n’asetenam nti, na ɔrehu amane. Ɔkaa sɛ na ne haw no te sɛ nea “Satan bɔfo” bi ‘rebobɔ’ no. Ebia ɛnyɛ Satan anaa adaemone ankasa na wɔde ɔhaw baa Paul so tẽẽ, te sɛ nea wɔde nsɔe bi rewɔ no. Nanso bere a saa ahonhommɔne no huu “nsɔe” no, ɛbɛyɛ sɛ wɔyɛe sɛ wobepia so na ama Paul ate yaw kɛse. Dɛn na Paul yɛe?

5. Sɛn na Yehowa buaa Paul mpaebɔ no?

5 Mfiase no, na Paul pɛ sɛ Yehowa yi “nsɔe” no fi no so. Ɔkaa sɛ: “Mesrɛɛ Awurade [Yehowa] mprɛnsa sɛ emfi me so.” Nanso, ɛmfa ho mpae a Paul bɔe nyinaa akyi no, ne honam mu nsɔe no amfi ne so. Wei kyerɛ sɛ Yehowa ammua Paul mpaebɔ no anaa? Ɛnte saa. Yehowa tiee no. Ɛwom sɛ Yehowa anyi Paul haw no amfi no so de, nanso ɔmaa no ahoɔden de gyinaa ano. Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Me tumi wie pɛyɛ wɔ mmerɛwyɛ mu.” (2 Kor. 12:8, 9) Mmoa a Onyankopɔn de maa Paul nti, ɔkɔɔ so nyaa anigye ne asomdwoe!—Filip. 4:4-7.

6. (a) Sɛn na ebia Yehowa bebua yɛn mpaebɔ? (b) Nsɛm bi wɔ kyerɛwnsɛm a ɛwɔ nkyekyɛm yi mu a ɛma yenya awerɛhyem na ɛhyɛ yɛn den. Ebi ne sɛn?

6 Woasrɛ Yehowa pɛn sɛ onyi ɔhaw bi mfi wo so sɛnea Paul yɛe no anaa? Ebia mpae a woyeree wo ho bɔe nyinaa akyi no, ɔhaw no amfi hɔ anaa egyee nsam. Wei ma wotee nka sɛn? Ɛma wunyaa adwene sɛ wo som nsɔ Yehowa ani anaa? Saa na wotee nka a, kae Paul asɛm no. Sɛnea Yehowa buaa ne mpae no, obebua wo nso wo mpae ɔkwan biara so! Ebia Yehowa renyi ɔhaw no mfi hɔ. Nanso, ɔnam honhom kronkron so bɛhyɛ wo den ama woatumi agyina ɔhaw no ano. (Dw. 61:3, 4) Ebia afoforo ‘atow wo akyene,’ nanso Yehowa rempo wo.—2 Kor. 4:8, 9; Filip. 4:13.

HONHOM KRONKRON BOA YƐN MA YƐKƆ SO SOM YEHOWA

7-8. (a) Adɛn nti na yebetumi de honhom kronkron atoto mframa ho? (b) Sɛn na Petro kyerɛɛ sɛnea honhom kronkron yɛ adwuma?

7 Honhom kronkron boa yɛn wɔ ɔkwan foforo so. Ɛne sɛn? Yebetumi de honhom kronkron atoto mframa ho. Sɛ ahum retu wɔ po so na mframa a ɛrebɔ wɔ po no so no ani kyerɛ baabi a po so hyɛn bi rekɔ a, mframa no boa hyɛn no ma ekodu dwoodwoo. Saa ara na honhom kronkron boa yɛn ma yetumi fa ɔhaw biara mu, na yɛatumi akodu wiase foforo a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no mu dwoodwoo.

8 Esiane sɛ na ɔsomafo Petro yi nam nti, na onim po so akwantu ho nsɛm pii. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ bere a Petro rekyerɛ sɛnea honhom kronkron yɛ adwuma no, ɔde nsɛmfua bi a ɛbɛyɛ sɛ ɛfa po so akwantu ho kyerɛkyerɛɛ mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Nkɔmhyɛ mfaa onipa pɛ so mmae da, na mmom nea efi Onyankopɔn hɔ na nnipa kae sɛnea honhom kronkron kaa wɔn no.” Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “kaa” no, nea ɛkyerɛ ankasa ne pia.—2 Pet. 1:21.

9. Bere a Petro kyerɛwee sɛ honhom kronkron “kaa” nnipa ma wɔkyerɛw Bible no, adwene bɛn na na ɔpɛ sɛ yenya?

9 Bere a Petro kyerɛwee sɛ honhom kronkron “kaa” nnipa ma wɔkyerɛw Bible no, adwene bɛn na na ɔpɛ sɛ yenya? Luka na ɔkyerɛw Asomafo Nnwuma no; ɔde Hela asɛmfua bi a ɛte sɛ nea Petro de dii dwuma no kaa po so hyɛn bi a na mframa de no ‘rekɔ’ ho asɛm. (Aso. 27:15) Bible ho ɔbenfo bi kaa sɛ, bere a Petro kyerɛwee sɛ honhom kronkron “kaa” nnipa ma wɔkyerɛw Bible no, ɔde asɛmfua bi a ɛbɛma nkurɔfo adwene po so akwantu ho na edii dwuma. Enti nea na Petro rekyerɛ ne sɛ, sɛnea mframa pia po so hyɛn ma ekodu baabi a ɛrekɔ no, saa ara na honhom kronkron kaa Bible akyerɛwfo no ma wotumi yɛɛ wɔn adwuma no. Saa Bible ho ɔbenfo no san kaa sɛ: “Yɛbɛka a, na saa akyerɛwfo no te sɛ po so hyɛn a wɔabuebue ne mframatama mu.” Yehowa yɛɛ nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Ɔmaa wɔn “mframa” anaa honhom kronkron. Bible akyerɛwfo no nso yɛɛ wɔn fam de. Wɔmaa honhom kronkron kyerɛɛ wɔn kwan.

ADE A EDI KAN: Yɛ adwuma a honhom no kyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no bi daa

ADE A ƐTO SO MMIENU: Yere wo ho yɛ nneɛma a honhom no kyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ sɛnea w’ahoɔden betumi (Hwɛ nkyekyɛm 11) *

10-11. Ma mfatoho fa kyerɛ nneɛma mmienu bi a ehia sɛ yɛyɛ na ama honhom kronkron akyerɛ yɛn kwan.

10 Ɛwom, bere a Yehowa de ne honhom kronkron kaa nnipa ma wɔkyerɛw Bible no atwam. Nanso, Onyankopɔn da so ara de honhom kronkron rekyerɛ ne nkurɔfo kwan. Yehowa da so ara reyɛ nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Yɛbɛyɛ dɛn ama Onyankopɔn honhom kronkron akyerɛ yɛn kwan? Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛkɔ so yɛ yɛn fam de. Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa?

11 Yɛnhwɛ mfatoho yi. Sɛ obi reka po so hyɛn na ɔpɛ sɛ mframa a ɛrebɔ no boa no a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ nneɛma mmienu bi. Nea edi kan, ɛsɛ sɛ ɔde hyɛn no ani kyerɛ baabi a mframa no rebɔ kɔ. Sɛ hyɛn no si po ano baabi a mframa mmɔ koraa a, ɛrentumi nkɔ n’anim. Nea ɛto so mmienu, ɛsɛ sɛ obuebue hyɛn no mframatama nyinaa mu. Sɛ mframa no rebɔ mpo a, gye sɛ mframa no begyina mframatama no mu ansa na hyɛn no akɔ n’anim. Saa ara na sɛ yebetumi akɔ so asom Yehowa a, gye sɛ honhom kronkron boa yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nneɛma mmienu bi ansa na honhom kronkron aboa yɛn. Nea edi kan, baabi a Onyankopɔn honhom ani kyerɛ no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ani kyerɛ hɔ bi, na yɛyɛ nneɛma a honhom no kyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ. Nea ɛto so mmienu, ɛsɛ sɛ “yebuebue yɛn mframatama mu,” kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ nneɛma a honhom no kyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ sɛnea yɛn ahoɔden betumi. (Dw. 119:2) Sɛ yɛyɛ nneɛma mmienu yi a, honhom kronkron bepia yɛn ama yɛatumi afa ɔsɔretia ne sɔhwɛ biara mu, na ɛbɛboa yɛn ama yɛakɔ so adi nokware kosi sɛ yɛbɛkɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu.

12. Dɛn na yɛrebesusuw ho?

12 Besi ha no, yɛahu sɛ honhom kronkron boa yɛn wɔ akwan mmienu so. Honhom kronkron ma yɛn ahoɔden, na ɛboa yɛn ma yɛkɔ so di nokware bere a yɛrehyia ɔhaw. Afei nso, honhom kronkron ma yɛkɔ yɛn anim wɔ Onyankopɔn som mu, na ɛboa yɛn ma yɛkɔ so fa ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu no so. Afei, yɛrebɛhwɛ nneɛma nnan a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama honhom kronkron aboa yɛn paa.

NEA ƐBƐMA HONHOM KRONKRON ABOA YƐN PAA

13. Sɛnea 2 Timoteo 3:16, 17 kyerɛ no, sɛn na Bible betumi aboa yɛn, nanso dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

13 Nea edi kan, sua Onyankopɔn Asɛm. (Kenkan 2 Timoteo 3:16, 17.) Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “fi Onyankopɔn honhom mu” no, nea ɛkyerɛ ankasa ne “efi Onyankopɔn home mu.” Onyankopɔn nam ne honhom so “homee” ne nsusuwii guu Bible akyerɛwfo no adwenem. Sɛ yɛkenkan Bible na yedwinnwen ho a, Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ wura yɛn adwene ne yɛn koma mu. Nsusuwii a ɛte saa a efi Onyankopɔn hɔ no ka yɛn ma yɛbɔ yɛn bra sɛnea ɛbɛsɔ n’ani. (Heb. 4:12) Nanso sɛ honhom kronkron bɛboa yɛn paa a, ɛsɛ sɛ yeyi bere si hɔ de sua Bible daa na yedwinnwen nea yɛkenkan no ho. Yɛyɛ saa a, Onyankopɔn Asɛm benya yɛn nneyɛe ne yɛn kasa so tumi.

14. (a) Adɛn nti na yebetumi aka sɛ honhom kronkron wɔ Kristofo nhyiam a yɛkɔ no ase? (b) Yɛkɔ asafo nhyiam a, dɛn na yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ “yɛabuebue yɛn mframatama mu”?

14 Nea ɛto so mmienu, wo ne wo nuanom mmom nsom Onyankopɔn. (Dw. 22:22) Yehowa honhom wɔ Kristofo nhyiam a yɛkɔ no ase. (Adi. 2:29) Adɛn nti na yebetumi aka saa? Efisɛ yɛne yɛn nuanom Kristofo hyiam som a, yɛbɔ mpae srɛ honhom kronkron, na yɛto Ahenni nnwom a egyina Onyankopɔn Asɛm so. Afei nso, yetie nkyerɛkyerɛ a efi Bible mu a mmarima a honhom kronkron apaw wɔn de kyerɛkyerɛ yɛn no. Honhom kronkron koro yi ara boa anuanom mmea ma wosua wɔn dwumadi, na wotumi yɛ no kama. Nanso, sɛ yɛpɛ sɛ honhom kronkron boa yɛn paa a, ehia sɛ yesiesie yɛn ho sɛ yɛbɛma mmuae wɔ asafo nhyiam ase. Yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ “yɛabuebue yɛn mframatama mu”; kyerɛ sɛ yɛayɛ krado sɛ yɛbɛma honhom kronkron aboa yɛn.

15. Sɛn na honhom kronkron boa yɛn ma yɛyɛ asɛnka adwuma no?

15 Nea ɛto so mmiɛnsa, yɛ asɛnka adwuma no. Sɛ yɛde Bible yɛ adwuma bere a yɛreka asɛmpa no na yɛde kyerɛkyerɛ a, ɛkyerɛ sɛ yɛpɛ sɛ honhom kronkron boa yɛn ma yɛyɛ asɛnka adwuma no. (Rom. 15:18, 19) Nanso, sɛ wopɛ sɛ Onyankopɔn honhom boa wo paa a, ɛnde ɛsɛ sɛ woyɛ asɛnka adwuma no daa na wokenkan Bible kyerɛ nkurɔfo bere biara a ɛbɛyɛ yiye. Ɔkwan baako a wubetumi afa so ama w’asɛnka adwuma atu mpɔn paa ne sɛ, wode nea yebetumi aka wɔ asɛnka mu a ɛba Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma mu no bɛyɛ adwuma.

16. Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛanya honhom kronkron afi Yehowa hɔ tẽẽ?

16 Nea ɛto so nnan, bɔ Yehowa mpae. (Mat. 7:7-11; Luka 11:13) Nea yɛbɛyɛ na yɛanya honhom kronkron afi Yehowa hɔ tẽẽ ne sɛ yɛbɛbɔ mpae asrɛ no. Biribiara rentumi nsiw mpae a yɛbɔ Yehowa no kwan, na saa ara na biribiara ntumi nsiw Onyankopɔn honhom a ɛyɛ akyɛde pa a ɔde ma yɛn no kwan. Afiase fasu biara anaa Satan mpo rentumi nsiw kwan. (Yak. 1:17) Sɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae na ama honhom kronkron aboa yɛn paa? Nea ɛbɛyɛ a yebenya mmuae no, momma yɛnhwɛ mfatoho bi a ɛwɔ Luka Asɛmpa no nko ara mu, na yensua biribi mfa mpaebɔ ho. *

NNYAE MPAEBƆ DA

17. Yɛhwɛ Yesu mfatoho a ɛwɔ Luka 11:5-9, 13 no a, dɛn na yebetumi asua afa mpaebɔ ho?

17 Kenkan Luka 11:5-9, 13. Yesu mfatoho no ma yehu sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae srɛ honhom kronkron. Mfatoho yi mu no, ‘esiane sɛ ɔbarima no guan n’adamfo no ho nti,’ onyaa nea ɔrehwehwɛ. Ɛwom sɛ na ɛyɛ anadwo dasum de, nanso anyɛ den amma no sɛ obebisa n’adamfo no ama waboa no. (Hwɛ mwbr18 July.) Sɛn na Yesu de saa mfatoho yi totoo mpaebɔ ho? Ɔkaa sɛ: “Monkɔ so mmisa, na wɔde bɛma mo; monkɔ so nhwehwɛ, na mubehu; monkɔ so mmom na wobebue mo.” Enti, dɛn na yebetumi asua afi saa asɛm no mu? Sɛ yɛpɛ sɛ honhom kronkron boa yɛn a, ɛnsɛ sɛ yegyae mpaebɔ da.

18. Sɛnea Yesu mfatoho no ma yehu no, adɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛma yɛn ne honhom kronkron?

18 Yesu mfatoho no san boa yɛn ma yehu nea enti a Yehowa bɛma yɛn honhom kronkron. Ná ɔbarima a ɔwɔ mfatoho no mu no pɛ sɛ ɔsom ɔhɔho a wanya no yiye. Ná ɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔma ɔhɔho a ɔbaa ne hɔ anadwo dasum no aduan, nanso na onni biribiara a ɔde bɛma no. Yesu kaa sɛ esiane sɛ ɔbarima no guan ne fipamfo no ho nti, ɔmaa no paanoo. Dɛn na na Yesu pɛ sɛ ɔkyerɛ? Onipa a ɔnyɛ pɛ mpo, sɛ ne fipamfo guan ne ho ma enti ɔpɛ sɛ ɔboa no a, hwɛ mpɛn dodow ara a yɛn soro Agya a ne yam ye no de honhom kronkron bɛma wɔn a wɔkɔ so bisa no no! Enti, yebetumi abɔ mpae na yɛanya awerɛhyem sɛ, sɛ yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmma yɛn honhom kronkron a, ɔbɛma yɛn.—Dw. 10:17; 66:19.

19. Adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ yebedi nkonim?

19 Ɛmfa ho sɛ Satan atu n’ani asi yɛn so no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ yebedi nkonim. Adɛn ntia? Efisɛ honhom kronkron boa yɛn wɔ akwan mmienu so. Nea edi kan, ɛma yɛn ahoɔden a yɛde begyina ɔhaw ano. Nea ɛto so mmienu, ɛno ne tumi a ɛhyɛ yɛn den, na ɛboa yɛn ma yɛkɔ so som Yehowa kosi sɛ yɛbɛkɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu. Momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ nneɛma a ɛbɛma honhom kronkron aboa yɛn paa!

DWOM 41 Tie Me Mpaebɔ

^ nky. 5 Adesua yi bɛma yɛahu sɛnea Onyankopɔn honhom kronkron betumi aboa yɛn ama yɛagyina ɔhaw ahorow ano. Afei nso, ɛbɛma yɛahu nea yɛyɛ a ɛbɛma honhom kronkron aboa yɛn paa.

^ nky. 16 Asɛmpa akyerɛwfo no nyinaa mu no, Luka paa na ɔma yehu sɛ na mpaebɔ yɛ ade a ɛho hia Yesu paa wɔ n’asetenam.—Luka 3:21; 5:16; 6:12; 9:18, 28, 29; 18:1; 22:41, 44.

^ nky. 59 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: ADE A EDI KAN: Onua ne onuawa bi adu Ahenni Asa so. Wɔne wɔn nuanom Kristofo nyinaa bom som; Yehowa honhom wɔ nhyiam a ɛte saa ase. ADE A ƐTO SO MMIENU: Wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔbɛma mmuae. Ehia sɛ yɛyɛ saa nneɛma mmienu no bere a yɛreyɛ nneɛma foforo a yɛaka ho asɛm wɔ adesua yi mu no: bere a yɛresua Onyankopɔn Asɛm, bere a yɛreyɛ asɛnka adwuma no, ne bere a yɛrebɔ Yehowa mpae.