Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 48

“Ma W’aniwa Nhwɛ Tee” Na Fa Si Wiase Foforo No So

“Ma W’aniwa Nhwɛ Tee” Na Fa Si Wiase Foforo No So

“Ma w’aniwa nhwɛ tẽẽ na gyen w’ani hwɛ w’anim tẽẽ.”​—MMEB. 4:25.

DWOM 77 Hann Ahyerɛn Wɔ Wiase

NEA YƐREBESUA *

1-2. Sɛn na yɛde afotu a ɛwɔ Mmebusɛm 4:25 no bɛyɛ adwuma? Ma ɛho nhwɛso.

SUSUW nhwɛso ahorow yi ho. Onuawa bi a ne mfe akɔ anim kaakae bere pa a atwam wɔ n’asetena mu. Ɛwom mpo sɛ seesei nneɛma nkɔ yiye mma no de, nanso ɔkɔ so ara yɛ nea obetumi nyinaa ma Yehowa. (1 Kor. 15:58) Da biara ɔde n’adwene bu sɛ ɔne n’adɔfo wɔ wiase foforo no mu. Onuawa baako nso kaa sɛ ne nua Kristoni bi ayɛ ade ama ayɛ no yaw, nanso wasi gyinae sɛ ɔremfa ne ho abufuw nhyɛ ne mu. (Kol. 3:13) Onua bi nso kae bɔne a wayɛ atwam nyinaa, nanso nea esi n’ani so seesei ne sɛnea ɔbɛkɔ so adi Yehowa nokware.—Dw. 51:10.

2 Ade baako bɛn na yehu wɔ Kristofo mmiɛnsa yi nyinaa asɛm no mu? Wɔn nyinaa kae biribi a asi wɔ wɔn asetenam bere bi a atwam no, nanso wɔmmaa ɛho adwinnwen nhyɛɛ wɔn so. Mmom, ‘wɔhwɛ tẽẽ’ na wɔde wɔn ani asi wiase foforo no so.—Kenkan Mmebusɛm 4:25.

3. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ‘yɛhwɛ tẽẽ’ na yɛde yɛn ani si wiase foforo no so?

3 Adɛn nti na ɛho hia sɛ ‘yɛhwɛ tẽẽ’ na yɛde yɛn ani si wiase foforo no so? Sɛ obi nam na ɔtaa twa n’ani hwɛ n’akyi a, ɔrentumi nkɔ n’anim tẽẽ. Saa ara na ɛte wɔ Yehowa som mu nso. Sɛ yɛma nneɛma a atwam no ho adwinnwen hyɛ yɛn so a, yɛrentumi nkɔ yɛn anim wɔ Yehowa som mu.—Luka 9:62.

4. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

4 Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nneɛma mmiɛnsa bi a ebetumi asum yɛn afiri ama nneɛma a atwam no ho adwinnwen ahyɛ yɛn so. * Ɛno ne: (1) anigyina, (2) obi ho abufuw a yɛde bɛhyɛ yɛn mu, (3) sɛ́ yebebu yɛn ho fɔ atra so. Emu biara no, yɛbɛhwɛ sɛnea Bible afotu bɛboa yɛn na yɛamfa yɛn adwene ansi “nneɛma a ɛwɔ akyi” no so, na mmom yɛatwe yɛn mu adu “nneɛma a ɛwɔ anim” no ho.—Filip. 3:13.

MMA W’ANI NNYINA KAN NNEƐMA NO

Dɛn na ɛremma yɛmfa yɛn ani nsi wiase foforo no so? (Hwɛ nkyekyɛm 5, 9, 13) *

5. Dɛn na Ɔsɛnkafo 7:10 bɔ yɛn kɔkɔ wɔ ho?

5 Kenkan Ɔsɛnkafo 7:10. Hyɛ no nsow sɛ saa kyerɛwsɛm yi nka sɛ ɛyɛ mfomso sɛ yebebisa sɛ: “Adɛn nti na kan no na nneɛma kɔ yiye?” Nea enti a ɛte saa ne sɛ, sɛnea yetumi kae nneɛma pa a asisi wɔ yɛn asetenam no yɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ. Mmom kyerɛwsɛm no kenkan sɛ: “Nka sɛ: ‘Dɛn nti na kan nna no ye sen nnɛ?’” Enti yɛbɛka a, nea ɛkɔfa ɔhaw no ba ne sɛ yɛde sɛnea na nneɛma te kan no bɛtoto sɛnea nneɛma te nnɛ ho na yɛanya adwene sɛ nnɛ de nneɛma nkɔ yiye koraa. Bible nkyerɛase foforo bi kyerɛ saa kyerɛwsɛm yi ase sɛ: “Nka da sɛ: ‘O adɛn nti na kan no na nneɛma kɔ yiye saa sen nnɛ?’ Nyansa nnim sɛ wubebisa saa asɛm no.”

Mfomso bɛn na Israelfo no dii bere a wofii Egypt no? (Hwɛ nkyekyɛm 6)

6. Adɛn nti na ɛnyɛ papa sɛ yɛde bɛhyɛ yɛn adwenem sɛ na nneɛma kɔ yiye kan no sen nnɛ? Ma ɛho nhwɛso.

6 Adɛn nti na ɛnyɛ papa sɛ yɛde bɛhyɛ yɛn adwenem sɛ na nneɛma kɔ yiye kan no sen nnɛ? Anigyina betumi ama yɛakae nneɛma pa a esii bere bi a atwam no nko ara. Anaa ebetumi ama yɛate nka sɛ kan no na yɛnhyɛ da nni haw. Momma yensusuw tete Israelfo no ho nhwɛ. Bere a wofii Egypt no, ankyɛ koraa na wɔn werɛ fii sɛ kan no na wohu amane paa. Nnuan pa a na wonya di wɔ Egypt no, ɛno mmom na wɔde wɔn adwene sii so. Wɔkaa sɛ: “Hwɛ sɛnea yɛakae nsunam a yɛwee no kwa wɔ Egypt ne ɛfere ne anamuna ne nnuadewa ne gyeene ne galik!” (Num. 11:5) Nanso yemmisa sɛ, ɛyɛ ampa paa sɛ wodii saa nnuan yi “kwa” anaa? Daabi. Israelfo no huu amane saa bere no paa. Egyptfo no hyɛɛ wɔn so de wɔn yɛɛ nkoadwuma. (Ex. 1:13, 14; 3:6-9) Wei nyinaa akyi no, wɔn werɛ fii wɔn amanehunu na wɔn ani gyinaa wɔn kan asetena no. Sɛ́ anka wɔde wɔn adwene besi nneɛma pa a na Yehowa ayɛ ama wɔn no so no, wɔde wɔn adwene sii sɛnea na nneɛma kɔ yiye ma wɔn kan no so. Yehowa ani annye suban a wɔdaa no adi no ho.—Num. 11:10.

7. Onuawa bi amma n’ani annyina sɛnea na nneɛma kɔ yiye ma no kan no. Dɛn na ɛboaa no?

7 Sɛnea na nneɛma kɔ yiye ma yɛn kan no, dɛn na yɛbɛyɛ na yɛamma annye yɛn adwene? Momma yɛnhwɛ onuawa bi a ofii ase somee wɔ Brooklyn Betel afe 1945. Bere bi akyi no, ɔwaree onua bi a na ɔno nso som wɔ Betel na wɔde mfe pii somee wɔ hɔ. Nanso afe 1976 no, ne kunu yaree. Onuawa no kaa sɛ bere a ne kunu hui sɛ ɛrenkyɛ biara obewu no, ne kunu maa no afotu bi a na ɛbɛboa no wɔ ne wu akyi. Ne kunu ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛanya anigye pii wɔ yɛn aware mu. Nnipa pii nnya no saa.” Afei ɔka kaa ho sɛ: “Ɛwom sɛ wobɛkaakae nneɛma de, nanso nnwinnwen nea atwam no ho. Ɛkyɛ kakra a, wo werɛ befi. Mma wo bo mfuw wo ho na nni awerɛhow. Ma w’ani nnye sɛ wunyaa anigye ne nhyira a ɛte saa. . . . Kae a yetumi kae ade no yɛ akyɛde a Onyankopɔn de ama yɛn.” Ná wei yɛ afotu pa paa.

8. Bere a onuawa yi de afotu a ne kunu de maa no no yɛɛ adwuma no, ɛboaa no sɛn?

8 Onuawa yi de ne kunu afotu no yɛɛ adwuma. Onuawa yi de nokwaredi som Yehowa kosii ase. Owui no, na wadi mfe 92. Mfe kakra bi ansa na ɔrewu no ɔkaa sɛ: “Sɛ mitwa m’ani hwɛ mfirihyia 63 a mede ayɛ Yehowa bere nyinaa som adwuma no a, metumi aka sɛ m’asetra ayɛ nea akomatɔyam wom paa.” Adɛn ntia? Ɔka sɛ: “Nea ɛma yenya akomatɔyam ankasa wɔ yɛn asetram ne yɛn nuayɛ kuw a ɛsom bo no ne anidaso a yɛwɔ sɛ yɛne yɛn nuanom mmea ne mmarima bɛtra paradise asase so asom yɛn Bɔfo Kɛse Yehowa, nokware Nyankopɔn koro no daa.” * Sɛnea onuawa yi de n’adwene sii Yehowa bɔhyɛ ahorow so no, yebetumi asuasua no!

MFA OBI HO ABUFUW NHYƐ WO MU

9. Sɛnea Leviticus 19:18 ma yehu no, bere bɛn paa na ebetumi ayɛ den sɛ yɛde obi mfomso bɛkyɛ no?

9 Kenkan Leviticus 19:18. Mpɛn pii no, sɛ yɛn nua Kristoni, yɛn adamfo, anaa yɛn busuani bi yɛ yɛn bɔne a, ɛyɛ a ɛyɛ den sɛ yɛde bɛkyɛ no. Ɛho nhwɛso bi ni. Onuawa bi bɔɔ onuawa foforo sobo sɛ wawia ne sika, nanso na ɛnyɛ nokware. Akyiri yi, onuawa a ɔde asɛm too ne nuabea so no kɔpaa no kyɛw, nanso onuawa a wɔde asɛm too no so no kɔɔ so ara de asɛm no hyɛɛ no mu. Woate nka saa pɛn? Sɛ mpo asɛm bi a ɛte sei ntoo yɛn da a, ebetumi aba sɛ obi ayɛ yɛn biribi ama yɛde ahyɛ yɛn mu pɛn, na ebi mpo a yenyaa adwene sɛ yɛrentumi mfa nkyɛ no da.

10. Sɛ yɛde obi ho asɛm ahyɛ yɛn mu a, dɛn na ɛbɛboa yɛn?

10 Sɛ yɛde obi ho asɛm ahyɛ yɛn mu a, dɛn na ɛbɛboa yɛn? Nea edi kan, kae sɛ Yehowa hu biribiara. Onim nea yɛrefa mu nyinaa, na sɛ afoforo ne yɛn anni no yiye nso a, ohu. (Heb. 4:13) Sɛ yehu amane a, ɛyɛ no yaw. (Yes. 63:9) Sɛ afoforo ne yɛn anni no yiye ma yɛrehyia ɔhaw a, ɔhyɛ yɛn bɔ sɛ obeyi afi hɔ.—Adi. 21:3, 4.

11. Sɛ yɛamfa afoforo ho abufuw anhyɛ yɛn mu a, ɛbɛboa yɛn sɛn?

11 Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, sɛ yɛamfa afoforo ho abufuw anhyɛ yɛn mu a, ɛboa yɛn ankasa. Yɛn nuabea a wɔde asɛm too no so no behui sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. Akyiri yi, otumi yii onuawa no ho abufuw fii ne mu. Obehui sɛ, sɛ yɛde afoforo bɔne kyɛ wɔn a, Yehowa nso de yɛn bɔne kyɛ yɛn. (Mat. 6:14) Ná onim sɛ nea ne nua no yɛe no nye, nanso wamfa ne ho abufuw anhyɛ ne mu bio. Wei maa yɛn nuabea no ani gyei na otumi de n’adwene sii Yehowa som so.

MMU WO HO FƆ NTRA SO

12. Dɛn na yesua fi 1 Yohane 3:19, 20 mu?

12 Kenkan 1 Yohane 3:19, 20. Yɛn nyinaa, ɛtɔ da a yɛn ahonim bu yɛn fɔ. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ebinom wɔ hɔ a nneɛma bi a wɔyɛe ansa na wɔrebehu nokware no nti, wɔn ahonim tumi bu wɔn fɔ. Ebinom nso, bere a wɔbɔɔ asu akyi no, wodii mfomso na ɛno nti wɔn ahonim bu wɔn fɔ. Nea yɛreka yi betumi ato obiara. (Rom. 3:23) Ɛwom, yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea ɛteɛ. Nanso “yɛn nyinaa di mfomso mpɛn pii.” (Yak. 3:2; Rom. 7:21-23) Sɛ yɛn ahonim bu yɛn fɔ a ɛmma yɛn ani nnye, nanso ebetumi aboa yɛn. Adɛn ntia? Efisɛ sɛ yɛn ahonim bu yɛn fɔ a, ɛboa yɛn ma yɛyɛ nsakrae wɔ asetenam na yesi yɛn bo sɛ yɛrensan nyɛ bɔne no bio.—Heb. 12:12, 13.

13. Adɛn nti na ɛnyɛ papa sɛ yebebu yɛn ho fɔ atra so?

13 Ɛtɔ da a yɛn ahonim betumi abu yɛn fɔ atra so. Nea ɛkyerɛ ne sɛ, sɛ yenu yɛn ho gyae bɔne bi yɛ na yehu adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa de akyɛ yɛn mpo a, yɛn ahonim betumi akɔ so ara ahaw yɛn. Yebu yɛn ho fɔ saa a, ebetumi apira yɛn. (Dw. 31:10; 38:3, 4) Adɛn ntia? Yɛnhwɛ saa nhwɛso yi. Onuawa bi ahonim haw no wɔ bɔne bi a wayɛ atwam ho. Ɔkaa sɛ: “Ná mete nka sɛ mfaso biara nni so sɛ mɛyere me ho wɔ Yehowa som mu, efisɛ na misusuw sɛ Yehowa rennye me nkwa.” Ebetumi aba sɛ yɛn mu pii ate nka te sɛ yɛn nuabea yi pɛn. Enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛammu yɛn ho fɔ antra so. Adɛn ntia? Efisɛ sɛ yegyae Yehowa som ɛmfa ho sɛ Yehowa de yɛn bɔne akyɛ yɛn a, ɛbɛma Satan ani agye paa.—Fa toto 2 Korintofo 2:5-7, 11 ho.

14. Yɛbɛyɛ dɛn ahu paa sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔde yɛn bɔne kyɛ yɛn?

14 Ebia yebebisa yɛn ho sɛ, ‘Mɛyɛ dɛn ahu paa sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔde me bɔne kyɛ me?’ Sɛ yebisa saa asɛm no a, ɛkyerɛ sɛ Yehowa betumi de yɛn bɔne akyɛ yɛn. Mfe pii a abɛsen kɔ no, Ɔwɛn-Aban no kaa sɛ: ‘Ebia subammɔne bi agye ntini paa wɔ wo mu, na woayɛ biara sɛ wubegyae nanso ɛnyɛ yiye; wotare biara a na awae. Mma w’abam mmmu. Nka sɛ woayɛ bɔne a wɔmfa mfiri. Saa pɛpɛɛpɛ na Satan pɛ sɛ wususuw. Awerɛhow a wudi, ne wo bo a efuw wo ho no nkutoo mpo kyerɛ sɛ wonkɔɔ akyiri dodo. Ɛnsɛ sɛ wobrɛ sɛ wode ahobrɛase bɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn akɔsrɛ no sɛ ɔmfa mfiri wo, ɔmma wo ho ntew, na ɔmmoa wo. Kɔ ne nkyɛn sɛnea abofra kɔ ne papa nkyɛn bere a asɛm ato no no. Sɛ ehia sɛ wokɔ ne nkyɛn mpɛn pii wɔ mmerɛwyɛ koro no ara ho mpo a, yɛ saa, na Yehowa fi mmɔborohunu mu bɛboa wo esiane n’adɔe nti. Sɛ wufi wo koma mu yɛ saa a, ɔbɛma woanya ahonim pa.’ *

15-16. Sɛn na ebinom tee nka bere a wohui sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔde wɔn bɔne kyɛ wɔn no?

15 Yehowa asomfo pii ahu sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔde wɔn bɔne kyɛ wɔn, na wei ama wɔanya awerɛkyekye paa. Ɛho nhwɛso ne sɛ, mfe bi a atwam no, onua bi kenkanee osuahu bi wɔ asɛm a ɛba toatoa so a wɔato din “Bible Tumi Sesa Nnipa” no mu ma ɛkaa no paa. Osuahu no mu no, na onuawa bi te nka sɛ esiane nneɛma bɔne a asisi wɔ n’asetenam nti, na ɛyɛ den sɛ obegye adi sɛ Yehowa dɔ no. Ɔbɔɔ asu mfe pii akyi mpo no, na ɔda so ara te nka saa. Nanso bere a odwinnwen agyede no ho no, obehui sɛ Yehowa dɔ no. *

16 Osuahu yi a onua no kenkanee no boaa no sɛn? Ɔka sɛ: “Bere a misua no, mehwɛɛ aguamansɛm ma ɛkaa me hɔ, nanso mebɔɔ mmɔden tetew me ho. Nnansa yi ara masan akɔhwɛ bio. Asafo mu mpanyimfo aboa me ama matumi adi so. Mpanyimfo no ama mate ase sɛ Onyankopɔn dɔ me na ɔde me bɔne akyɛ me. Nanso, ɛtɔ mmere bi a, mete nka sɛ me so nni mfaso na Yehowa nnɔ me. [Onuawa yi] suahu no a mekenkanee no aboa me paa. Afei de mabehu sɛ, sɛ meka sɛ Onyankopɔn ntumi mfa me bɔne nkyɛ me a, na mepɛ sɛ mekyerɛ sɛ me bɔne no sõ dodo ma ne Ba no afɔrebɔ no. Matwa osuahu no ato baabi, enti bere biara a mɛte nka sɛ me so nni mfaso no mekenkan dwennwen ho.”

17. Ɔsomafo Paul ammu ne ho fɔ antra so. Dɛn na ɛboaa no?

17 Osuahu a ɛte sei ma yɛkae ɔsomafo Paul. Ansa na ɔrebɛyɛ Kristoni no, ɔyɛɛ nneɛma bɔne pii. Paul kaee nneɛma bɔne a ɔyɛe no, nanso wamfa n’adwene ansi so. (1 Tim. 1:12-15) Ohui sɛ agyede no yɛ akyɛde a Onyankopɔn de ama no. (Gal. 2:20) Enti Paul ammu ne ho fɔ antra so, mmom ɔkɔɔ so yɛɛ nea obetumi nyinaa som Yehowa.

FA W’ADWENE SI WIASE FOFORO NO SO!

Momma yensi yɛn bo sɛ yɛde yɛn adwene besi wiase foforo no so (Hwɛ nkyekyɛm 18-19) *

18. Dɛn na yɛasua wɔ adesua yi mu?

18 Adesua yi mu no, yɛasusuw nneɛma mmiɛnsa bi a etumi sum yɛn afiri ho. Dɛn na yɛasua afi mu? (1) Sɛnea yetumi kae nneɛma pa a asisi wɔ yɛn asetenam no yɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ; nanso ɛmfa ho sɛnea na nneɛma kɔ yiye ma yɛn bere bi a atwam no, yɛrentumi mfa ntoto asetena pa a daakye yebenya wɔ wiase foforo no mu no ho. (2) Afoforo betumi ayɛ ade ama ayɛ yɛn yaw, nanso sɛ yɛde wɔn bɔne kyɛ wɔn a ɛma yɛde yɛn adwene si Yehowa som so. (3) Sɛ yebu yɛn ho fɔ tra so a, ɛremma yɛmfa anigye nsom Yehowa. Enti momma yensuasua Paul na yennye ntom sɛ Yehowa de yɛn bɔne akyɛ yɛn.

19. Yɛyɛ dɛn hu sɛ wiase foforo no mu no, nneɛma a ɛma yedii awerɛhow wɔ yɛn asetenam ho adwinnwen renhyɛ yɛn so?

19 Yɛwɔ anidaso sɛ yɛbɛtena ase daa. Onyankopɔn wiase foforo no mu no, nneɛma a ɛma yedii awerɛhow wɔ yɛn asetenam no ho adwinnwen renhyɛ yɛn so. Bible ka saa bere no ho asɛm sɛ: “Wɔrenkae kan nneɛma no bio, na ɛremma komam bio.” (Yes. 65:17) Wo de susuw ho hwɛ: Yehowa asomfo binom mfe akɔ anim nanso wɔbɛsan ayɛ mmerante ne mmabaa wɔ wiase foforo no mu. (Hiob 33:25) Enti momma yensi yɛn bo sɛ yɛremfa yɛn adwene nsi nneɛma a atwam no so dodo. Mmom, yɛpɛ sɛ yɛde yɛn adwene si wiase foforo no so na yɛyɛ nea yebetumi biara seesei na yɛatumi adu hɔ!

DWOM 142 Momma Yenkura Yɛn Anidaso Mu Den

^ nky. 5 Ɛtɔ da a eye sɛ yɛbɛkae nneɛma bi a asisi wɔ yɛn asetenam. Nanso yɛmpɛ sɛ yɛde yɛn adwene si nneɛma a atwam no so ara ma yɛn werɛ fi nea Yehowa reyɛ ama yɛn seesei ne nea ɔbɛyɛ ama yɛn daakye no. Nneɛma mmiɛnsa bi wɔ hɔ a yɛyɛ a ɛma yɛde yɛn adwene si nneɛma a atwam no so dodo. Yebesusuw ho wɔ adesua yi mu. Yɛbɛhwɛ Bible nnyinasosɛm ne sɛnea yɛn nuanom nhwɛso bɛboa yɛn na mfiri a ɛte saa anyi yɛn.

^ nky. 4 ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Adesua yi mu no, sɛ yɛka sɛ “obi ama nneɛma a atwam ho adwinnwen ahyɛ no so” a, ɛkyerɛ sɛ ɔde n’adwene si nneɛma bi a esii wɔ n’asetenam so; ɔka ho asɛm daa, otwa ho mfoni wɔ n’adwenem, anaa osusuw sɛ na nneɛma kɔ yiye kan no sen nnɛ.

^ nky. 14 Hwɛ Ɔwɛn-Aban, August 1, 1954, kr. 233.

^ nky. 59 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Anigyina, obi ho abufuw a yɛde bɛhyɛ yɛn mu, ne sɛnea yebu yɛn ho fɔ tra so betumi ayɛ sɛ ade bi a emu yɛ duru a yɛretwe, na wei betumi ama ayɛ den sɛ yɛbɛhwɛ yɛn anim tee afa nkwa kwan no so.

^ nky. 66 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Sɛ yegyae saa nneɛma yi mu a, ɛbɛma yɛn ani agye na yɛn ho adwo yɛn na yebenya ahoɔden foforo. Ɛba saa a, yebetumi ahwɛ yɛn anim tee.