Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 46

Nya Akokoduru—Yehowa Ne Wo Boafo

Nya Akokoduru—Yehowa Ne Wo Boafo

“Merennyaw wo na merempa wo nso da.”​—HEB. 13:5.

DWOM 55 Munnsuro Wɔn!

NEA YƐREBESUA *

1. Sɛ yɛte nka sɛ yɛayɛ ankonam anaa ɔhaw ahyɛ yɛn so a, dɛn na ɛbɛkyekye yɛn werɛ? (Dwom 118:5-7)

WOAHYIA ɔhaw bi ama woate nka sɛ aka wo nko ara na obiara nni hɔ a ɔbɛboa wo ama woagyina ano anaa? Nnipa pii ate nka saa pɛn, na Yehowa asomfo anokwafo mpo ka ho. (1 Ahe. 19:14) Sɛ asɛm a ɛte saa to wo a, kae Yehowa bɔhyɛ yi: “Merennyaw wo na merempa wo nso da.” Enti yebetumi de ahotoso aka sɛ: “Yehowa ne me boafo; merensuro.” (Heb. 13:5, 6) Bɛyɛ afe 61 Y.B. na ɔsomafo Paul kyerɛw nsɛm yi kɔmaa ne nuanom Kristofo a na wɔwɔ Yudea no. Nsɛm a ɔkae no kae yɛn nea odwontofo no kyerɛwee wɔ Dwom 118:5-7 no.—Kenkan.

2. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu, na adɛn ntia?

2 Sɛnea Yehowa boaa odwontofo no, ɔboaa Paul nso mpɛn pii, enti na onim sɛ Yehowa yɛ ne boafo. Nhwɛso baako ne sɛ, bɛboro mfe mmienu ansa na Paul rekyerɛw krataa akɔma Hebrifo no, ɔde po so hyɛn tuu kwan maa ahum bi a ano yɛ den tui wɔ po no so. (Aso. 27:4, 15, 20) Ansa na Paul rebetu kwan, ne n’akwantu no mu nyinaa, Yehowa boaa no wɔ akwan pii so. Yebesusuw emu mmiɛnsa ho. Yehowa faa Yesu Kristo ne abɔfo, atumfoɔ, ne Paul nuanom Kristofo so boaa no. Yehowa ahyɛ yɛn bɔ sɛ, sɛ yesu frɛ no a obegye yɛn so, enti sɛ yesusuw nsɛm a esisii wɔ Paul asetenam no ho a, ɛbɛma yɛanya ahotoso sɛ Yehowa bedi ne bɔhyɛ so.

YESU NE ABƆFO NO BOA YƐN

3. Ɛbɛyɛ sɛ dɛn na Paul bisaa ne ho, na adɛn ntia?

3 Ná Paul hia mmoa. Bɛyɛ afe 56 Y.B. no, nnipakuw bi twee no fii Yerusalem asɔrefie hɔ kɔɔ abɔnten, na wɔyɛe sɛ wobekum no. Da a edi hɔ a wɔde Paul kɔɔ Sanhedrin no anim no, anka n’atamfo retete ne mu. (Aso. 21:30-32; 22:30; 23:6-10) Ɛbɛyɛ sɛ ɔsomafo Paul kaa wɔ ne tirim sɛ, ‘Enti mɛkɔ so agyina saa ɔhaw yi ano akosi da bɛn?’

4. Ɔkwan bɛn na Yehowa faa Yesu so boaa Paul?

4 Mmoa bɛn na Yesu de maa Paul? Wɔde Paul kɔtoo afiase, na anadwo a edi hɔ no, “Awurade” Yesu begyinaa ne nkyɛn ka kyerɛɛ no sɛ: “Nya akokoduru! Na sɛnea woadi me ho adanse fefeefe wɔ Yerusalem no, saa ara na ɛsɛ sɛ wudi adanse wɔ Roma nso.” (Aso. 23:11) Wei hyɛɛ Paul nkuran paa. Yesu kamfoo Paul wɔ adanse a odii wɔ Yerusalem no ho. Yesu hyɛɛ Paul bɔ sɛ obedu Roma dwoodwoo, na obedi adanse wɔ hɔ nso. Bere a Yesu hyɛɛ Paul den akyi no, ɛbɛyɛ sɛ Paul koma tɔɔ ne yam te sɛ abofra a ne papa de no abɔ ne bo.

Bere bi a na Paul retu kwan no, ahum bi tui a na ɛyɛ hu paa. Nanso ɔbɔfo bi maa Paul awerɛhyem sɛ wɔn a ɔne wɔn te po so hyɛn no mu nyinaa benya wɔn ti adidi mu (Hwɛ nkyekyɛm 5)

5. Ɔkwan bɛn so na Yehowa nam ɔbɔfo so boaa Paul? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

5 Ɔhaw foforo bɛn na Paul hyiae? Saa nsɛm yi sisii wɔ Yerusalem no, mfe mmienu akyi na Paul kɔtenaa po so hyɛn bi mu sɛ ɔretu kwan akɔ Italy. Ahum kɛse bi tui wɔ po no so maa ɛhyɛn no mu adwumayɛfo ne wɔn a wɔte mu no nyinaa adwene yɛɛ wɔn sɛ wɔawu awie. Nanso Paul de, na onsuro. Adɛn ntia? Ɔka kyerɛɛ wɔn a na wɔwɔ hyɛn no mu no sɛ: “Anadwo yi me Nyankopɔn a meyɛ ne dea a mesom no no bɔfo begyinaa me nkyɛn kae sɛ, ‘Paulo, nsuro. Etwa sɛ wugyina Kaesare anim, na hwɛ! Onyankopɔn de wɔn a wɔne wo te hyɛn yi mu nyinaa ama wo kwa.’” Ɛbɔ a Yehowa nam Yesu so hyɛɛ Paul no, ɔsan faa ɔbɔfo so ka kyerɛɛ no. Ampa ne ampa ara, Paul koduu Roma.—Aso. 27:20-25; 28:16.

6. Ɛbɔ bɛn na Yesu hyɛe a ebetumi ahyɛ yɛn den, na adɛn ntia?

6 Mmoa bɛn na Yesu de ma yɛn? Sɛnea Yesu boaa Paul no, ɔbɛboa yɛn nso. Yesu hyɛ wɔn a wodi n’akyi no nyinaa bɔ sɛ: “Me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kosi wiase nhyehyɛe no awiei.” (Mat. 28:20) Asɛm a Yesu kae yi betumi ahyɛ yɛn den paa. Adɛn ntia? Efisɛ ɛtɔ da a etumi yɛ den ma yɛn sɛ yebegyina ɔhaw a yɛrehyia no ano. Ebi ne sɛ, sɛ yɛn dɔfo bi wu a, ebetumi ama yɛadi yaw mfe pii. Ebinom wɔ hɔ a onyin nti wɔrehu amane. Ebinom nso wɔ hɔ a, adwinnwen tumi hyɛ wɔn so ara ma wɔyɛ basaa. Ne nyinaa mu no yɛmpa abaw, efisɛ yenim sɛ Yesu ka yɛn ho “nna nyinaa.” Nna a nneɛma nkɔ yiye wɔ yɛn asetenam mpo, yenim sɛ ɔka yɛn ho.—Mat. 11:28-30.

Sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma no a, abɔfo no boa yɛn, na wɔkyerɛ yɛn kwan (Hwɛ nkyekyɛm 7)

7. Sɛnea Adiyisɛm 14:6 ma yehu no, sɛn na Yehowa boa yɛn ɛnnɛ?

7 Onyankopɔn asɛm ma yɛn awerɛhyem sɛ, Yehowa fa n’abɔfo so boa yɛn. (Heb. 1:7, 14) Ebi ne sɛ, sɛ yɛreka “Ahenni ho asɛmpa” no akyerɛ nnipa a “wofi aman ne mmusuakuw ne kasa” nyinaa mu a, abɔfo no boa yɛn na wɔkyerɛ yɛn kwan.—Mat. 24:13, 14; kenkan Adiyisɛm 14:6.

YEHOWA FA ATUMFOƆ SO BOA YƐN

8. Ɔkwan bɛn so na Yehowa faa ɔsraani panyin bi so boaa Paul?

8 Mmoa bɛn na Paul nyae? Afe 56 Y.B. no, Yesu maa Paul awerɛhyem sɛ obedu Roma. Nanso Yudafo a wɔwɔ Yerusalem no bi bɔɔ pɔw sɛ wɔbɛtow ahyɛ no so akum no. Bere a Roma sahene Klaudio Lisia tee pɔw a nkurɔfo no abɔ no, obegyee Paul. Ntɛm ara Klaudio somaa asraafodɔm ma wɔbɔɔ Paul ho ban ma wɔde no twaa akwansin 65 (kilomita 105) fii Yerusalem kɔɔ Kaesarea. Wokoduu hɔ no, Amrado Felike hyɛe sɛ “wɔnhwɛ [Paul] so wɔ Herode aban mu.” Ɛhɔ de na Yudafo a wɔrepɛ Paul akum no no rentumi nyɛ no hwee.—Aso. 23:12-35.

9. Ɔkwan bɛn so na Amrado Festo boaa Paul?

9 Mfe mmienu akyi no, na Paul da so ara da afiase wɔ Kaesarea. Ná amrado Festo abedi Felike ade. Enti Yudafo no bɛsrɛɛ Festo sɛ ɔmma Paul mmra Yerusalem na wonni n’asɛm wɔ hɔ. Nanso Festo ampene so. Ɛbɛyɛ sɛ na amrado no nim sɛ Yudafo no ‘akɔtɛw kwan ho na wɔayɛ krado sɛ wobekum Paul.’—Aso. 24:27–25:5.

10. Bere a Paul kaa sɛ ɔde n’asɛm dan Kaesare no, dɛn na Amrado Festo kae?

10 Akyiri yi, wodii Paul asɛm wɔ Kaesarea. Esiane sɛ na Festo pɛ sɛ ɔyɛ biribi ma Yudafo no pɛ n’asɛm nti, obisaa Paul sɛ: “Wopɛ sɛ wokɔ Yerusalem ma wodi asɛm no m’anim” anaa? Ná Paul nim sɛ, sɛ ɔkɔ Yerusalem a, anhwɛ a wobekum no. Afei nso, na onim nea ɔbɛyɛ na wanya ne ti adidi mu, na wakodu Roma atoa ne som adwuma no so. Enti ɔkaa sɛ: “Mede asɛm no dan Kaesare!” Bere a Festo ne n’abaguafo kasae no, ɔka kyerɛɛ Paul sɛ: “Kaesare na wode asɛm no adan no; Kaesare hɔ na wobɛkɔ.” Gyinae a Festo sii sɛ ɔbɛma Paul akɔ Roma no gyee no fii n’atamfo nsam. Ná ɛrenkyɛ na Paul akɔ Roma, na na ɛhɔ ne Yudafo a wɔrepɛ no akum no no ntam ware.—Aso. 25:6-12.

11. Asɛm a ɛhyɛ nkuran bɛn na Yesaia kyerɛwee a ɛbɛyɛ sɛ Paul susuw ho?

11 Odiyifo Yesaia bɔɔ wɔn a wɔsɔre tia Yehowa no kɔkɔ sɛ: “Pɔw biara a mopɛ no, mommɔ, nanso ɛbɛsan! Asɛm biara a mopɛ no, monka, nanso ɛrennyina, efisɛ Onyankopɔn ka yɛn ho!” (Yes. 8:10) Bere a Paul rebetu kwan akɔ Italy no, ɛbɛyɛ sɛ osusuw saa asɛm yi ho. Ná onim sɛ Onyankopɔn bɛboa no. Wei hyɛɛ no den ma otumi gyinaa ɔhaw a ohyiae wɔ ɛno akyi no ano.

Sɛnea Yehowa yɛe tete no, ɛnnɛ nso obetumi aka atumfoɔ no koma ama wɔabɔ ne nkurɔfo ho ban (Hwɛ nkyekyɛm 12)

12. Sɛn na Yulio ne Paul dii, na dɛn na wei maa Paul hui?

12 Akwantu a ɛde Paul kɔɔ Italy no, afe 58 Y.B. na ofii ase. Ná Paul yɛ ɔdeduani, enti wɔde no hyɛɛ Roma sraani panyin bi a wɔfrɛ no Yulio nsa. Efi saa bere no, biribiara a na Yulio pɛ no, na obetumi de ayɛ Paul; ɔpɛ a anka obetumi ne no adi no nwenweenwene. Dɛn na na Yulio bɛyɛ? Da a edi hɔ no, wokoduu kurow bi so. Bere a wɔwɔ hɔ no, “Yulio yii yɔnkodɔ adi kyerɛɛ Paul maa no kwan sɛ ɔnkɔ ne nnamfonom nkyɛn.” Ɛno akyi no, Yulio yɛɛ biribi de gyee Paul. Dɛn na ɔyɛe? Ná asraafo no pɛ sɛ wokunkum nneduafo a wɔwɔ hyɛn no mu no. Nanso Yulio amma wɔanyɛ saa. Adɛn ntia? Efisɛ na “ɔpɛ sɛ ogye Paul nkwa.” Ɛbɛyɛ sɛ Paul hui sɛ na Yehowa nam ɔsraani panyin yamyefo yi so reboa no na wabɔ ne ho ban.—Aso. 27:1-3, 42-44.

Hwɛ nkyekyɛm 13

13. Sɛn na ebia Yehowa bɛfa atumfoɔ so de wɔn ayɛ adwuma?

13 Mmoa bɛn na yenya? Sɛ Yehowa pɛ a, obetumi de ne honhom kronkron aka atumfoɔ ama wɔayɛ nea ɔpɛ. Ɔhene Solomon kyerɛwee sɛ: “Ɔhene koma te sɛ asubɔnten wɔ Yehowa nsam. Baabi a ɔpɛ biara na ɔdan kɔ.” (Mmeb. 21:1) Dɛn na saa abebusɛm yi kyerɛ? Nnipa betumi atwa amena adan asubɔnten bi ani akɔ baabi a wɔpɛ sɛ ɛkɔ. Saa ara nso na Yehowa betumi de ne honhom aka atumfoɔ ama wɔayɛ nea ɔpɛ. Yehowa yɛ saa a, ɛka atumfoɔ no ma wosi gyinae bi a ɛbɛboa Onyankopɔn nkurɔfo.—Fa toto Esra 7:21, 25, 26 ho.

14. Sɛnea Asomafo Nnwuma 12:5 kyerɛ no, henanom na yebetumi abɔ mpae ama wɔn?

14 Dɛn na yebetumi ayɛ? Sɛ ɛkɔba sɛ, ɛsɛ sɛ “ahene ne wɔn a wɔwɔ dibea a ɛkorɔn nyinaa” sisi gyinae a ebetumi aka yɛn som a, yebetumi abɔ mpae ama wɔn. (1 Tim. 2:1, 2, Neh. 1:11) Sɛnea tete Kristofo no yɛe no, yebetumi abɔ Onyankopɔn mpae denneennen ama yɛn nuanom a wɔwɔ afiase no. (Kenkan Asomafo Nnwuma 12:5; Heb. 13:3) Afei nso, afiase ahwɛfo a yɛn nuanom hyɛ wɔn nsa wɔ afiase no, yebetumi abɔ mpae ama wɔn. Yebetumi asrɛ Yehowa sɛ ɔnka saa nnipa yi koma na wɔnyɛ wɔn ade te sɛ Yulio na wonyi “yɔnkodɔ” adi nkyerɛ yɛn nuanom Kristofo a wɔda afiase no.—Aso. 27:3.

YƐN NUANOM KRISTOFO BOA YƐN

15-16. Sɛn na Yehowa faa Aristarko ne Luka so boaa Paul?

15 Mmoa bɛn na Paul nyae? Bere a Paul retu kwan akɔ Roma no, Yehowa faa ne nuanom Kristofo so boaa no mpɛn pii. Momma yɛnhwɛ ɛho nhwɛso.

16 Paul nnamfo anokwafo mmienu, Aristarko ne Luka sii gyinae sɛ wɔbɛka ne ho ne no atu kwan akɔ Roma. * Bible nka sɛ Yesu ka kyerɛɛ Aristarko ne Luka sɛ wɔbɛkɔ akodu Roma asomdwoe mu. Nanso wɔde wɔn nkwa too asiane mu ne Paul kɔe. Afei ahum kɛse bi tui wɔ po no so. Ɛyɛ saa bere no na Paul ma wohui sɛ wɔbɛkɔ akodu asomdwoe mu. Ɛbɛyɛ sɛ bere a Aristarko ne Luka bɛforoo hyɛn no wɔ Kaesarea no, Paul fii ne komam bɔɔ mpae daa Yehowa ase. Akokoduru a ne nuanom Kristofo mmienu yi daa no adi no ma ohui sɛ Yehowa nam wɔn so reboa no.—Aso. 27:1, 2, 20-25.

17. Ɔkwan bɛn so na Yehowa faa Paul nuanom Kristofo so boaa no?

17 Bere a Paul retu kwan no, ne nuanom Kristofo boaa no mpɛn pii. Ɛho nhwɛso ne sɛ, bere a woduu Sidon kuro a ɛda mpoano no, Yulio maa Paul kwan sɛ “ɔnkɔ ne nnamfonom nkyɛn ma wɔnhwɛ no.” Ɛno akyi no, bere a woduu Puteoli no, Paul ne wɔn a wɔka ne ho no ‘huu anuanom wɔ hɔ, na wɔsrɛɛ wɔn sɛ wɔntena wɔn kyɛn nnanson.’ Bere a Kristofo a wɔwɔ saa mmeae no hwɛɛ Paul ne wɔn a wɔka ne ho no, Paul nso kaa osuahu a ɛhyɛ nkuran kyerɛɛ wɔn, na yebetumi aka sɛ ɛmaa wɔn ani gyei. (Fa toto Asomafo Nnwuma 15:2, 3 ho.) Bere a wɔhyehyɛɛ wɔn ho nkuran wiei no, Paul ne wɔn a wɔka ne ho no toaa wɔn akwantu no so.—Aso. 27:3; 28:13, 14.

Sɛnea Yehowa yɛ maa Paul no, saa ara na ɔfa yɛn nuanom Kristofo so boa yɛn (Hwɛ nkyekyɛm 18)

18. Dɛn na ɛmaa Paul daa Onyankopɔn ase na onyaa akokoduru?

18 Bɛyɛ mfe mmiɛnsa a na atwam no, na Paul akyerɛw krataa akɔma asafo a ɛwɔ Roma no, na bere a ɔnam rekɔ hɔ no, ɛbɛyɛ sɛ odwinnwen saa krataa no ho. Ɔkyerɛwee sɛ: “M’ani agyina mfe pii ni sɛ mɛba mo nkyɛn.” (Rom. 15:23) Nanso, wannwen ho da sɛ ɔbɛkɔ hɔ sɛ ɔdeduani. Bere a ohui sɛ anuanom a wofi Roma rebehyia no wɔ kwan so akyia no no, ɛbɛyɛ sɛ ɛhyɛɛ no den paa! “Paul ani bɔɔ wɔn so pɛ na ɔdaa Onyankopɔn ase, na otwaa ne koma too ne yam.” (Aso. 28:15) Hyɛ no nsow sɛ, bere a anuanom behyiaa Paul no, ɔdaa Onyankopɔn ase. Adɛn ntia? Efisɛ saa bere yi nso Paul hui sɛ Yehowa nam ne nuanom so reboa no.

Hwɛ nkyekyɛm 19

19. Sɛnea 1 Petro 4:10 ma yehu no, sɛn na ebia Yehowa bɛfa yɛn so aboa yɛn nuanom a wohia mmoa no?

19 Dɛn na yebetumi ayɛ? Wunim anuanom bi wɔ asafo a wowom mu a wɔrehu amane esiane yare anaa ɔhaw foforo bi nti? Anaa wunim obi a ne dɔfo bi awu? Sɛ yɛte sɛ obi hia mmoa a, yebetumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn na yɛnka asɛm a ɛhyɛ nkuran nkyerɛ no, anaa yɛnyɛ biribi mma no mfa nkyerɛ sɛ yɛdɔ no. Ebetumi aba sɛ, nsɛm a yɛbɛka ne nea yɛbɛyɛ ama yɛn nua no na ɛbɛhyɛ no nkuran paa saa bere no. (Kenkan 1 Petro 4:10.) * Yehowa ahyɛ yɛn bɔ sɛ, ‘Ɔrennyaw yɛn na ɔrempa yɛn nso da.’ Sɛ yɛboa yɛn nua bi a, ɛbɛma wasan anya bɔhyɛ yi mu ahotoso, na yɛn nso ani begye paa.

20. Adɛn nti na yebetumi anya ahotoso aka sɛ, “Yehowa ne me boafo”?

20 Sɛnea ɛtoo Paul ne ne nnamfo no, yɛn nso yebetumi ahyia ɔhaw wɔ yɛn asetena mu. Nanso, yebetumi anya akokoduru efisɛ yenim sɛ Yehowa ka yɛn ho. Ɔfa Yesu ne abɔfo no so boa yɛn. Afei nso, sɛ Yehowa pɛ a obetumi afa atumfoɔ so aboa yɛn. Sɛnea yɛn mu pii ahu no, Yehowa de ne honhom kronkron ka yɛn nuanom Kristofo ma wɔboa yɛn. Yɛn nso yebetumi anya ahotoso aka asɛm a Paul kae yi bi sɛ: “Yehowa ne me boafo; merensuro. Dɛn na onipa betumi ayɛ me?”—Heb. 13:6.

DWOM 38 Ɔbɛma Woayɛ Den

^ nky. 5 Adesua yi mu no, akwan mmiɛnsa a Yehowa faa so boaa ɔsomafo Paul bere a na ɔrehyia nsɛnnennen wɔ n’asetenam no, yebesusuw ho. Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yehowa boaa n’asomfo tete no a, ɛbɛma yɛanya ahotoso sɛ, sɛ ɛnnɛ yehyia tebea a emu yɛ den wɔ yɛn asetenam a, Yehowa bɛboa yɛn.

^ nky. 16 Ná Aristarko ne Luka ne Paul abom atutu akwan dedaw. Afei nso, bere a wɔde Paul too afiase wɔ Roma no, na saa mmarima anokwafo yi ka ne ho.—Aso. 16:10-12; 20:4; Kol. 4:10, 14.

^ nky. 19 Hwɛ January 15, 2009, Ɔwɛn-Aban no kr. 13-14, nky. 5-9.