Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 45

Sɛnea Yɛbɛboa Afoforo Ama Wɔadi Kristo Ahyɛde So

Sɛnea Yɛbɛboa Afoforo Ama Wɔadi Kristo Ahyɛde So

“Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo. . . , monkyerɛkyerɛ wɔn ma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.”​—MAT. 28:19, 20.

DWOM 89 Tie Onyankopɔn Asɛm Na Nya Nhyira

NEA YƐREBESUA *

1. Ahyɛde bɛn na Yesu de maa n’asuafo wɔ Mateo 28:18-20?

BERE a wonyanee Yesu no, oyii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo a na wɔahyiam wɔ Galilea no. Ná ɔwɔ asɛm bi a ɛho hia a ɔpɛ sɛ ɔka kyerɛ wɔn. Ná ɛyɛ asɛm bɛn? Asɛm a ɔkae no wɔ Mateo 28:18-20.—Kenkan.

2. Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

2 Ahyɛde a Yesu de maa n’akyidifo sɛ wɔmmoa afoforo mma wɔmmɛyɛ asuafo no, ɛfa Onyankopɔn somfo biara a ɔwɔ hɔ ɛnnɛ nso ho. Enti momma yɛnhwɛ nsɛmmisa mmiɛnsa a ɛfa adwuma a Yesu de ama yɛn no ho. Nea edi kan, nea Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ de kyerɛkyerɛ asuafo foforo da nkyɛn a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Nea ɛto so mmienu, dɛn na adawurubɔfo a wɔwɔ asafo no mu nyinaa betumi ayɛ de aboa Bible asuafo ama wɔanya nkɔso? Nea ɛto so mmiɛnsa, dɛn na yebetumi ayɛ de aboa yɛn nuanom Kristofo a wɔagyae asɛnka kɔ ama wɔasan afi asɛnka ase bio?

KYERƐKYERƐ WƆN MA WONNI KRISTO AHYƐDE SO

3. Bere a Yesu de ahyɛde mae no, asɛm pɔtee bɛn na ɔkae?

3 Asɛm a Yesu kae no mu da hɔ. Ɔkaa sɛ, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo nea waka akyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ nyinaa. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi asɛntitiriw bi. Yesu anka sɛ: ‘Monkyerɛkyerɛ wɔn nea mahyɛ mo.’ Mmom ɔkaa sɛ: Monkyerɛkyerɛ wɔn “ma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” Nea ɛbɛyɛ a yebedi Yesu ahyɛde no so no, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ yɛn Bible suani ma ohu nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne sɛnea ɔbɛyɛ no. (Aso. 8:31) Adɛn nti na ehia sɛ yɛyɛ saa?

4. Fa mfatoho kyerɛ sɛnea yebetumi akyerɛkyerɛ yɛn Bible suani ama wadi Kristo ahyɛde no so.

4 Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛkyerɛ obi ama wadi Kristo ahyɛde no so? Mfatoho a edi hɔ yi betumi aboa yɛn ama yɛahu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Sɛ obi rekyerɛ obi foforo kar ka a, sɛn na ɔbɛkyerɛkyerɛ no ama wahu sɛnea obedi kar ka ho mmara so? Ebia ɔkyerɛkyerɛfo no bedi kan akyerɛkyerɛ nea ɔresua kar ka no kar ka ho mmara wɔ sukuu mu. Nanso sɛ ɔpɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ osuani no sɛnea obedi mmara no so a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ biribi foforo ka ho. Ɛsɛ sɛ ɔne osuani no kɔ kwan so na ɔkyerɛ no sɛnea ɔbɛka kar no ne sɛnea ɔde ɛho mmara a osuae no bɛyɛ adwuma. Dɛn na yebetumi asua afi saa mfatoho yi mu?

5. (a) Sɛnea Yohane 14:15 ne 1 Yohane 2:3 ma yehu no, dɛn na ehia sɛ yɛkyerɛkyerɛ yɛn Bible asuafo ma wɔyɛ? (b) Ka nneɛma bi a yebetumi ayɛ de aboa yɛn Bible asuafo.

5 Sɛ yɛne afoforo sua Bible a, yɛkyerɛkyerɛ wɔn ma wohu nea Onyankopɔn hwehwɛ fi wɔn hɔ. Nanso pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ka ho. Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ yɛn Bible asuafo ma wɔde nea wɔresua no bɔ wɔn bra da biara. (Kenkan Yohane 14:15; 1 Yohane 2:3.) Sɛnea yɛbɔ yɛn bra no betumi aboa yɛn Bible asuafo ama wɔahu sɛnea wɔde nokware a wɔresua no bɛbɔ wɔn bra wɔ sukuu mu, adwuma mu anaa bere a wɔregye wɔn ani no. Yebetumi aka biribi a esii wɔ yɛn asetena mu akyerɛ wɔn na ama wɔahu sɛnea yɛde Bible nnyinasosɛm bɔɔ yɛn bra ma ɛbɔɔ yɛn ho ban anaa ɛboa ma yesii gyinae pa. Sɛ yɛne yɛn Bible asuafo wɔ hɔ a, yebetumi abɔ Yehowa mpae asrɛ sɛ ɔmfa ne honhom kronkron nkyerɛ wɔn kwan.—Yoh. 16:13.

6. Sɛ yɛrekyerɛkyerɛ obi ama wadi Yesu ahyɛde so a, dɛn bio na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

6 Sɛ yɛrekyerɛkyerɛ obi ama wadi Yesu ahyɛde so a, dɛn bio na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yɛboa yɛn Bible asuafo ma wɔn nso ani gye ho sɛ wɔbɛboa afoforo ama wɔn nso abɛyɛ asuafo. Bible asuafo no bi wɔ hɔ a, sɛ wohu sɛ ɛsɛ sɛ wɔn nso ka asɛmpa no bi a, ebetumi ama wɔabɔ hu. Enti sɛ yɛrekyerɛkyerɛ wɔn nokware a ɛwɔ Bible mu a, ɛsɛ sɛ yenya wɔn ho abotare sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn gyidi bɛyɛ den. Yɛyɛ saa a, asɛm no bɛka wɔn koma ama wɔn nso aka asɛmpa no bi. Nneɛma bɛn yebetumi ayɛ de aboa yɛn Bible asuafo ama wɔn ani agye ho sɛ wɔbɛka asɛmpa no akyerɛ afoforo?

7. Yɛbɛyɛ dɛn aboa yɛn Bible asuafo ama wɔn ani agye ho sɛ wɔbɛka asɛmpa no bi akyerɛ afoforo?

7 Yebetumi abisa yɛn Bible asuafo no nsɛmmisa bi te sɛ: “Sɛn na Ahenni ho asɛm a woagye atom no ama w’abrabɔ atu mpɔn? Wususuw sɛ ɛsɛ sɛ afoforo nso te saa asɛm yi anaa? Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa wɔn?” (Mmeb. 3:27; Mat. 9:37, 38) Fa nkratawa a ɛka Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ ho no kyerɛ no na onyi nea ɔhwɛ a n’abusuafo, ne nnamfo ne wɔn a ɔne wɔn yɛ adwuma ani begye ho. Fa saa nkratawa yi pii ma wo suani no. Wo ne no nsua na onhu sɛnea ɔbɛfa anifere kwan so de nkratawa yi ama afoforo. Nanso sɛ yɛn Bible suani no bɛyɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu a, ɛsɛ sɛ yɛne no kɔ asɛnka na yɛboa no.—Ɔsɛnk. 4:9, 10; Luka 6:40.

SƐNEA ASAFO NO BOA BIBLE ASUAFO MA WONYA NKƆSO

8. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn Bible asuafo nya ɔdɔ kɛse ma Onyankopɔn ne wɔn yɔnko nipa? (Hwɛ adaka a wɔato din “ Sɛnea Yɛbɛboa Yɛn Bible Asuafo Ama Wɔadɔ Onyankopɔn Kɛse” no nso.)

8 Kae sɛ Yesu kaa sɛ yɛnkyerɛkyerɛ afoforo mma wonni “nea wahyɛ yɛn nyinaa so.” Ahyɛde a Yesu de mae no, emu mmienu a ɛyɛ kɛse paa ne sɛ yɛbɛdɔ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nipa. Saa ahyɛde mmienu yi nyinaa fa asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no ho. (Mat. 22:37-39) Ɛfa asɛnka adwuma no ho sɛn? Ade titiriw nti a yɛka asɛmpa no ne sɛ yɛdɔ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nipa. Bible asuafo bi wɔ hɔ a, sɛ wohu sɛ ɛsɛ sɛ wɔka asɛmpa no bi a, ebetumi ama ehu aka wɔn. Yɛte wɔn ase paa nanso yebetumi ama Bible asuafo a wɔte saa no awerɛhyem sɛ nkakrankakra Yehowa bɛboa wɔn ama wɔadi nnipa ho suro so. (Dw. 18:1-3; Mmeb. 29:25) Adaka a ɛwɔ adesua yi mu no kyerɛ nneɛma bi a yebetumi ayɛ de aboa yɛn Bible suani ma wadɔ Onyankopɔn kɛse. Afei nso, dɛn na asafo no betumi ayɛ de aboa Bible asuafo ama ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn ne wɔn yɔnko nipa no ayɛ kɛse?

9. Yɛhwɛ mfatoho a ɛfa obi a ɔresua kar ka ho no a, dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ osuani no resua nneɛma a ɛho hia?

9 Momma yɛnsan nhwɛ mfatoho a ɛfa obi a ɔresua kar ka ho no. Sɛ ɔreka kar na ne kyerɛkyerɛfo no te ne nkyɛn a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ na ama wasua biribi? Ɛne sɛ obetie ne kyerɛkyerɛfo no na wahwɛ drɔbafo a wɔto wɔn bo ka kar no. Ɛho nhwɛso ne sɛ ebia ne kyerɛkyerɛfo no bɛkyerɛ no drɔbani bi a wama drɔbani foforo kwan ma wabɛhyɛ n’anim. Anaa ebia ɔbɛkyerɛ no drɔbani foforo a wabrɛ ne kanea ase sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrentɔ drɔbafo a ɔne wɔn rebɔ nsianho no ani. Wei nyinaa ma nea ɔresua kar ka no hu nneɛma bi a ɛho hia a ɔde bɛyɛ adwuma bere a ɔreka kar no.

10. Dɛn na ɛbɛboa Bible suani bi ama wabɛyɛ Kristo suani?

10 Saa ara na sɛ Bible suani bi fi ase sɛ ɔresom Yehowa a, ɛnyɛ nea ɔne no sua ade no nko ara na osua ade fi ne hɔ, na mmom osua biribi nso fi Yehowa asomfo afoforo a wɔyɛ nhwɛso pa no hɔ. Ɛnde dɛn paa na ɛbɛboa Bible asuafo ama wɔabɛyɛ Kristo asuafo? Ɛne sɛ wɔbɛba Kristofo nhyiam. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔba? Nea wobesua afi Bible mu wɔ nhyiam a ɛte saa ase no bɛma wɔanya nimdeɛ pii, ɛbɛhyɛ wɔn gyidi den na ɛbɛboa wɔn ama wɔanya ɔdɔ kɛse ama Onyankopɔn. (Aso. 15:30-32) Afei nso sɛ Bible suani no ba Kristofo nhyiam ase a, nea ɔne no resua Bible no betumi de no akyiakyia anuanom a wɔrefa tebea a ɛte sɛ ne de no mu. Osuani no behu anuanom a wɔrebɔ wɔn ho mmɔden sɛ wɔbɛda ɔdɔ adi wɔ asafo no mu. Ma yɛnhwɛ nhwɛso ahorow yi.

11. Dɛn na Bible suani betumi ahu wɔ asafo no mu, na sɛn na ebetumi aka no?

11 Bible suani bi a ɔyɛ ɔbaatankoro ahu onuawa bi a ɔno nso yɛ ɔbaatankoro wɔ asafo no mu. Bible suani no hu sɛnea onuawa no bɔ mmɔden ne ne mma nkumaa ba Ahenni Asa so no a, ɛka ne koma paa. Bible suani foforo a ɔrebɔ mmɔden sɛ obegyae sigaretnom ahyia ɔdawurubɔfo bi a na ɔno nso wɔ ɔhaw koro no ara nanso otumi gyaee. Ɔdawurubɔfo no ka kyerɛɛ Bible suani no sɛ ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa no na ɛkaa no ma odii Onyankopɔn mmara so. (2 Kor. 7:1; Filip. 4:13) Bere a Bible suani no tiee onua no asɛm wiei no, onua no maa no awerɛhyem sɛ, “Wo nso wubetumi agyae.” Ɛhyɛɛ osuani no nkuran na onyaa ahotoso sɛ obetumi agyae. Ababaawa bi a ɔresua Bible ahyɛ no nsow sɛ onuawa bi a ɔne no bɔ tipɛn ani gye sɛ ɔyɛ Ɔdansefo. Sɛ ababaawa a ɔresua Bible yi hu sɛnea onuawa yi ani gye ne ho no a, ɔpɛ sɛ ohu nea enti a daa na onuawa no ani agye saa.

12. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ obiara a ɔwɔ asafo no mu wɔ biribi a obetumi ayɛ de aboa Bible asuafo?

12 Sɛ Bible asuafo hu adawurubɔfo a wɔbɔ wɔn ho mmɔden a, wosuasua wɔn na ɛma wohu sɛnea wobedi Kristo ahyɛde a ɛne sɛ yɛnnɔ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa no so. (Yoh. 13:35; 1 Tim. 4:12) Afei nso, sɛnea yɛadi kan ahu no, Bible suani bi betumi asua biribi afi adawurubɔfo a wɔrehyia ɔhaw a ɛte sɛ nea ɔrefa mu no hɔ. Sɛ osuani no hwɛ adawurubɔfo a wɔte saa a, ohu sɛ nsakrae a ɛsɛ sɛ ɔyɛ ansa na watumi abɛyɛ Kristo suani no, obetumi ayɛ. (Deut. 30:11) Obiara a ɔwɔ asafo no mu betumi ayɛ biribi ama Bible asuafo anya nkɔso. (Mat. 5:16) Sɛ Bible asuafo ba asafo nhyiam a, dɛn na woyɛ de hyɛ wɔn nkuran?

BOA WƆN A WƆAGYAE ASƐNKA KƆ NO MMA WƆNSAN MFI ASƐNKA ASE

13-14. Bere a Yesu asomafo no abam bui no, dɛn na ɔyɛe?

13 Yɛpɛ sɛ yɛboa yɛn nuanom a wɔagyae asɛnka kɔ no ma wɔsan fi asɛnka ase bio na wɔboa nkurɔfo ma wɔbɛyɛ Kristo asuafo. Bere a Yesu asomafo no abam bui no, nea ɔyɛe no ma yehu nea yɛn nso yebetumi ayɛ ɛnnɛ.

14 Bere a Yesu wiee ne som adwuma wɔ asaase so na aka kakraa bi ama wɔakum no no, asomafo no “nyinaa gyaw ne hɔ guanee.” (Mar. 14:50; Yoh. 16:32) Bere a Yesu asomafo no abam bui bere tiaa bi no, dɛn na Yesu yɛe? Bere a wonyan Yesu akyi bere tiaa bi no, ɔka kyerɛɛ n’akyidifo no bi sɛ: “Munnsuro! Monkɔ nkɔbɔ me nuanom amanneɛ sɛ [wɔanyan me].” (Mat. 28:10a) Yesu ampa abaw wɔ n’asomafo no ho. Ɛwom sɛ woguan gyaw no de, nanso ɔkɔɔ so ara frɛɛ wɔn sɛ “me nuanom.” Yesu suasuaa Yehowa mmɔborɔhunu ne sɛnea ɔde bɔne kyɛ no.—2 Ahe. 13:23.

15. Wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ no, sɛn na yɛte nka wɔ wɔn ho?

15 Yɛn nso wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ no, yedwen wɔn ho paa. Wɔyɛ yɛn nuanom na yɛdɔ wɔn! Yɛda so ara kae adwumaden a yɛn nuanom Kristofo yi yɛe bere bi a atwam no. Ebia ebinom mpo de mfe pii yɛɛ ɔsom adwuma no. (Heb. 6:10) Yɛn ani agyina wɔn paa! (Luka 15:4-7) Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yedwen wɔn ho na ama yɛatumi asuasua Yesu?

16. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yedwen yɛn nuanom a wɔagyae asɛnka kɔ no ho?

16 To nsa frɛ wɔn bra asafo nhyiam ase. Ɔkwan baako a Yesu faa so hyɛɛ n’asomafo a na wɔn abam abu no nkuran ne sɛ ɔtoo nsa frɛɛ wɔn baa nhyiam bi ase. (Mat. 28:10b; 1 Kor. 15:6) Ɛnnɛ nso, sɛ wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ no mfii ase mmaa asafo nhyiam a, yebetumi ahyɛ wɔn nkuran ma wɔafi ase. Yenim sɛ ebehia sɛ yɛto nsa frɛ wɔn mpɛn pii ansa na wɔaba. Akyinnye biara nni ho sɛ Yesu too nsa frɛɛ n’akyidifo no a wɔbae no, n’ani gyei.—Fa toto Mateo 28:16 ne Luka 15:6 ho.

17. Sɛ obi a wagyae asɛnka kɔ ba asafo nhyiam a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

17 Gye no fɛw so. Bere a Yesu ne n’asuafo no hyiae no, ogyee wɔn fɛw so; ɔno na odii kan kɔɔ wɔn nkyɛn ne wɔn kasae. (Mat. 28:18) Sɛ obi a wagyae asɛnka kɔ ba Ahenni Asa so a, dɛn na yɛbɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yɛkɔ no nkyɛn kokyia no ma no akwaaba. Ebia mfiase no ɛbɛyɛ yɛn sɛ yɛrenhu asɛm a yɛnka. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛyɛ biribi a ɛbɛhyɛ no aniwu. Enti yebetumi aka akyerɛ no sɛ yɛn ani agye sɛ yɛahu no.

18. Yɛbɛyɛ dɛn ahyɛ adawurubɔfo a wɔagyae asɛnka kɔ no nkuran?

18 Hyɛ wɔn nkuran. Ɛbɛyɛ sɛ Yesu asuafo no nyaa adwene sɛ wɔrentumi nka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa. Yesu hyɛɛ n’akyidifo no nkuran sɛ: “Me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa.” (Mat. 28:20) Saa asɛm yi boaa n’akyidifo no anaa? Yiw. Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔyeree wɔn ho ‘kyerɛkyerɛe kaa asɛmpa no.’ (Aso. 5:42) Adawurubɔfo a wɔagyae asɛnka kɔ nso hia nkuranhyɛ. Ebia ɛbɛyɛ den ama wɔn sɛ wɔbɛsan afi asɛnka ase. Yebetumi ama wɔn awerɛhyem sɛ ɛnyɛ wɔn nko ara na wɔbɛkɔ akɔka asɛmpa no. Sɛ wonya hokwan san fi asɛnka ase a, yebetumi ne wɔn akɔ. Sɛ wɔsan fi asɛnka ase bio a, akyinnye biara nni ho sɛ wɔn ani bɛsɔ mmoa a yɛde bɛma wɔn no. Sɛ yɛma adawurubɔfo a wɔagyae asɛnka kɔ no hu sɛ wɔyɛ yɛn nuanom a, ebia ɛbɛma wɔasan afi asɛnka ase bio na ɛbɛma asafo no mufo nyinaa ani agye.

YƐPƐ SƐ YEWIE ADWUMA A WƆDE AHYƐ YƐN NSA NO

19. Dɛn na yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛyɛ, na adɛn ntia?

19 Asɛmpa no a yɛreka akyerɛ nkurɔfo na yɛaboa wɔn ama wɔabɛyɛ asuafo no, yɛbɛyɛ akosi bere bɛn? Yɛbɛyɛ akosi wiase nhyehyɛe no awiei. (Mat. 28:20) Yebetumi aka asɛmpa no akosi saa bere no anaa? Yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ saa! Yefi yɛn pɛ mu de yɛn bere, yɛn ahoɔden, ne yɛn sika hwehwɛ “wɔn a wɔpɛ daa nkwa” no. (Aso. 13:48) Yɛyɛ saa a, na yɛresuasua Yesu. Ɔkaa sɛ: “M’aduan ne sɛ mɛyɛ nea ɔsomaa me no apɛde na mawie n’adwuma.” (Yoh. 4:34; 17:4) Yɛn nso ɛno ne ade a yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛyɛ. Yɛpɛ sɛ yewie adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa no. (Yoh. 20:21) Na yɛpɛ sɛ afoforo ne wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ nyinaa ka yɛn ho ma yɛyɛ adwuma no kosi awiei.—Mat. 24:13.

20. Sɛnea Filipifo 4:13 kyerɛ no, adɛn nti na yebetumi awie adwuma a Yesu hyɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no?

20 Ɛwom, ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛyɛ adwuma kɛse a Yesu de ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛnyɛ no. Nanso ɛnyɛ yɛn nko ara na yɛreyɛ saa adwuma yi. Yesu hyɛɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛka yɛn ho. Adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛmmoa nkurɔfo mma wɔmmɛyɛ asuafo no, yɛne Onyankopɔn na ɛreyɛ “wɔ Kristo mu.” (1 Kor. 3:9; 2 Kor. 2:17) Enti yebetumi ayɛ. Ɛyɛ hokwan kɛse ne anigyesɛm sɛ yɛbɛyɛ saa adwuma yi na yɛaboa afoforo nso ama wɔayɛ bi!—Kenkan Filipifo 4:13.

DWOM 79 Boa Ma Wonnyina Hɔ Pintinn

^ nky. 5 Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnyɛ asuafo na wɔnkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea wahyɛ wɔn nyinaa so. Adesua yi bɛma yɛahu sɛnea yebedi Yesu akwankyerɛ so. Woyii adesua yi mu nsɛm no bi fii Ɔwɛn-Aban a ɛbaa July 1, 2004, kratafa 14 kosi 19 mu.

^ nky. 66 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onuawa a ɔreyɛ Bible adesua no rekyerɛkyerɛ nea ehia sɛ osuani no yɛ na ama wanya ɔdɔ kɛse ama Onyankopɔn. Akyiri yi, osuani no de nyansahyɛ mmiɛnsa a nea ɔne no sua Bible de maa no no reyɛ adwuma.