Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASETENAM NSƐM

“Yehowa Werɛ Amfi Me”

“Yehowa Werɛ Amfi Me”

METE Amerindiafo akuraa bi a wɔfrɛ no Orealla ase. Ɛwɔ Guyana a ɛwɔ South America; nnipa bɛyɛ 2,000 na wɔte hɔ. Akuraa no atew ne ho; sɛ wopɛ sɛ wokɔ hɔ a, gye sɛ wode wimhyɛn ketewaa bi anaa hyɛmma.

Wɔwoo me afe 1983. Meyɛ abofra no, na mewɔ ahoɔden nanso midii mfe du no, mifii ase tee yaw wɔ me nipadua mu paa. Bɛyɛ mfe mmienu akyi, anɔpa bi a minyanee no, na mintumi nkeka me ho. Mebɔɔ mmɔden sɛ metu me nan nanso na ɛnyɛ yiye. Efi saa da no besi nnɛ, mintumi nnantewee bio. Yare no nti na mintumi nyin. Ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa mayɛ ketekete te sɛ abofra.

Yare no ma mekaa dan mu, na abosome kakra akyi no, Yehowa Adansefo mmienu bɛsraa me. Sɛ ahɔho ba yɛn fie a, ɛyɛ a mekɔtetɛw nanso saa da no de, memaa mmea no ne me kasae. Wɔkaa Paradise ho asɛm kyerɛɛ me na ɛma mekaee nea metee bere a na madi mfe nnum no. Saa bere no, na ɔsɛmpatrɛwfo bi a wɔfrɛ no Jethro fi Suriname ba yɛn akuraa no ase pɛnkoro bosome biara ne me papa besua Bible. Jethro yii ne yam boaa me paa. Na mepɛ n’asɛm paa. Afei nso, ɛtɔ da a na me nanabarima ne me nanabea ne me kɔ Yehowa Adansefo nhyiam a na wɔyɛ wɔ yɛn akuraa no ase no. Enti bere a mmea a wɔbɛsraa me saa da no mu baako a ɔde Florence bisaa me sɛ m’ani begye ho sɛ mesua pii no, mekaa sɛ yiw.

Bere foforo a Florence bae no, ɔne ne kunu Justus na ɛbae na wɔne me suaa Bible. Bere a wohui sɛ minnim akenkan no, wɔboaa me ma misuaa akenkan. Bere bi akyi no, na m’ankasa mitumi kenkan. Da koro awarefo yi ka kyerɛɛ me sɛ wɔde wɔn rekɔ Suriname ama wɔakɔyɛ asɛnka adwuma no wɔ hɔ. Awerɛhosɛm ne sɛ, na obiara nni Orealla a ɔne me bɛtoa so asua Bible no. Nanso anigyesɛm ne sɛ, Yehowa werɛ amfi me.

Ankyɛ biara na ɔkwampaefo bi a wɔfrɛ no Floyd baa Orealla, na bere a ɔreyɛ afie afie asɛnka no, ɔbɛtoo me. Bere a ɔkaa Bible adesua ho asɛm kyerɛɛ me no, meserewee. Ɛnna obisaa me sɛ, “Adɛn nti na woreserew?” Meka kyerɛɛ no sɛ madi kan asua Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no awie, na mafi ase resua Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no nso. * Mekaa nea enti a adesua no nkɔ so ho asɛm kyerɛɛ no. Floyd toaa so ne me suaa Nimdeɛ nhoma no wiei, nanso wɔde ɔno nso kɔɔ baabi foforo. Afei na minni obi a ɔne me besua Bible.

Afe 2004 mu no, wɔde akwampaefo titiriw mmienu, Granville ne Joshua baa Orealla. Ná wɔreka asɛm no wɔ afie afie na wohuu me. Bere a wobisaa me sɛ mepɛ sɛ misua Bible no, meserewee. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔne me mfi ase nsua Nimdeɛ nhoma no. Nea anuanom a wodii kan ne me suaa Bible no kyerɛkyerɛɛ me no, na mepɛ sɛ mehwɛ sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ me ade koro no ara. Granville ka kyerɛɛ me sɛ wɔyɛ asafo nhyiam wɔ akuraa no ase. Ɛwom sɛ na mahyɛ fie bɛyɛ mfe du de, nanso na mepɛ sɛ mekɔ. Enti Granville baa me fie na ɔde me tenaa mmubuafo akongua mu pia me kɔɔ Ahenni Asa so.

Akyiri yi Granville hyɛɛ me nkuran sɛ menkyerɛw me din wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu. Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Ɛwom sɛ wuntumi nnantew de, nanso wubetumi akasa. Da koro wobɛma baguam ɔkasa. Ɛbɛbam pɛɛ.” Nsɛm a ɛhyɛ nkuran a ɔkae no ma minyaa awerɛhyem sɛ ebetumi abam.

Mifii ase ne Granville kɔɔ asɛnka. Nanso na akwan a ɛwɔ akuraa no ase yɛ monkyimmɔnka, enti na ɛyɛ den sɛ yɛde mmubuafo akongua no bɛfa so. Enti meka kyerɛɛ Granville sɛ ɔmfa me ntena wheelbarrow mu na ompia me. Yɛyɛɛ saa no, ɛboae paa. April 2005 no, mebɔɔ asu. Ɛno akyi bere tiaa bi no, anuanom no kyerɛɛ me sɛnea mɛhwɛ asafo nhoma so ne sɛnea mɛhwɛ akasam a yɛde yɛ adwuma wɔ Ahenni Asa so no so.

Awerɛhosɛm ne sɛ, afe 2007 no, me papa de hyɛmma nyaa akwanhyia wui. Asɛm no tɔɔ yɛn abusua no so. Granville ne yɛn bɔɔ mpae na ɔkenkan Bible mu asɛm de kyekyee yɛn werɛ. Mfe mmienu akyi no, awerɛhosɛm bi san sii. Granville de hyɛmma nyaa akwanhyia wui.

Asafo yi ara mu, yɛnnɔɔso. Enti ɛbaa saa no, na asafo mu panyin biara nni hɔ; na aka ɔsomfo baako pɛ. Granville wu no yɛ me yaw paa efisɛ na ɔyɛ me yɔnko berɛbo. Ɔboaa me paa ma mebɛn Yehowa, na na ɔma me nneɛma a mihia wɔ asetenam nso. Adesua a edi kan a yɛyɛe wɔ ne wu akyi no, me na na merekenkan Ɔwɛn-Aban no. Mitumi kenkan nkyekyɛm mmienu pɛ, afei mifii ase sui, na na mebɔ m’ani a, nisu nko ara. Enti na ɛsɛ sɛ mifi asɛnka agua no so.

Bere a anuanom bi fi asafo foforo mu baa Orealla bɛboaa yɛn no, m’ani gyei paa. Afei nso, baa dwumadibea no de ɔkwampaefo titiriw bi a wɔfrɛ no Kojo baa Orealla. Bere a me maame ne me nuabarima kumaa suaa Bible bɔɔ asu no, ɛno nso maa m’ani gyei paa. March 2015 no, wɔpaw me sɛ asafo mu somfo. Bere bi akyi no, memaa baguam ɔkasa a edi kan. Saa da no, mekaee asɛm a Granville ka kyerɛɛ me mfe bi a atwam no ma m’ani gyei, na metew nisu. Ɔkaa sɛ: “Da koro wobɛma baguam ɔkasa. Ɛbɛbam pɛɛ.”

Dwumadi a wɔyɛ wɔ JW Broadcasting® so no ama mahu sɛ anuanom bebree wɔ hɔ a wɔrehyia ɔhaw a merehyia yi bi. Nanso ɛmfa ho sɛ wɔnte apɔw no, wotumi yɛ nneɛma pii ma wɔn ani gye. Me nso, nneɛma bi wɔ hɔ a, mitumi yɛ. Ná mepɛ sɛ meyɛ nea metumi nyinaa de som Yehowa, enti mebɛyɛɛ daa kwampaefo. Biribi a menhwɛ kwan sii September 2019! Saa bosome no, wɔpaw me sɛ asafo mu panyin. Saa bere no, na adawurubɔfo 40 na ɛwɔ asafo no mu.

Anuanom a wɔne me suaa ade na wɔboaa me maa me som Yehowa no, meda wɔn ase paa. Aseda kɛse no kɔ ma Yehowa sɛ wamma ne werɛ amfi me.

^ nky. 8 Yehowa Adansefo na wotintimii nanso seesei de, wɔagyae tintim.