Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 47

Mma Biribiara Nntew Wo Mmfi Yehowa Ho

Mma Biribiara Nntew Wo Mmfi Yehowa Ho

“Mede me ho ato wo so, O Yehowa.”—DW. 31:14.

DWOM 122 Muntintim, Munnhinhim!

NEA YƐREBESUA a

1. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔbɛn yɛn?

 YEHOWA ka kyerɛ yɛn sɛ yɛmmɛn no. (Yak. 4:8) Ɔpɛ sɛ ɔyɛ yɛn Nyankopɔn, yɛn Agya, ne yɛn Adamfo. Obua yɛn mpaebɔ, na ɛto nea ɛyɛ den nso a, ɔboa yɛn. Afei nso, ɔnam n’ahyehyɛde no so kyerɛkyerɛ yɛn, na ɔbɔ yɛn ho ban. Nanso, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛabɛn Yehowa?

2. Yɛbɛyɛ dɛn abɛn Yehowa?

2 Sɛ yɛbɔ Yehowa mpae, yɛkenkan n’Asɛm na yedwinnwen ho a, yebetumi abɛn no. Yɛyɛ saa a, ɛma yenya ɔdɔ ne anisɔ kɛse ma no. Ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ osetie ma no, na ayeyi a ɛfata no no nso, yɛde ma no. (Adi. 4:11) Mpɛn dodow a yɛrehu Yehowa yiye no, na ahotoso a yɛwɔ wɔ ne mu nso reyɛ kɛse. Afei nso, ahyehyɛde a ɔde ama yɛn sɛ ɛmmoa yɛn no, ɛma yenya mu ahotoso paa.

3. Ɔkwan bɛn na Ɔbonsam pɛ sɛ ɔfa so tew yɛn fi Yehowa ho, nanso dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛannan yɛn akyi ankyerɛ Onyankopɔn ne n’ahyehyɛde no? (Dwom 31:13, 14)

3 Ɔbonsam pɛ sɛ ɔtew yɛn fi Yehowa ho, ɛnkanka bere a yɛrehyia ɔhaw no. Ɔkwan bɛn na ɔfa so yɛ saa? Ɔpɛ sɛ ɔde nkakrankakra sɛe gyidi a yɛwɔ wɔ Yehowa ne n’ahyehyɛde no mu no. Nanso yebetumi ako atia no. Sɛ yɛn gyidi yɛ den, na ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no gyina abrane a, yɛrennan yɛn akyi nkyerɛ ɔne n’ahyehyɛde no.—Kenkan Dwom 31:13, 14.

4. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

4 Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ ɔhaw mmiɛnsa a yebetumi ahyia a emfi asafo no mu; emu biara betumi asɛe gyidi a yɛwɔ wɔ Yehowa ne n’ahyehyɛde no mu no. Sɛn na saa ɔhaw ahorow yi betumi atew yɛn afi Yehowa ho? Dɛn na yebetumi ayɛ na Satan annya yɛn?

BERE A YƐAKƆ AHOKYERE MU

5. Sɛ yɛkɔ ahokyere mu a, sɛn na ebetumi asɛe gyidi a yɛwɔ wɔ Yehowa ne n’ahyehyɛde no mu no?

5 Ɛtɔ da a, yetumi kɔ ahokyere mu. Yɛn abusuafo tumi sɔre tia yɛn, anaa yɛn adwuma tumi fi yɛn nsa. Sɛ yɛkɔ ahokyere mu a, sɛn na ebetumi asɛe gyidi a yɛwɔ wɔ Yehowa ne n’ahyehyɛde no mu, na atew yɛn afi Yehowa ho? Sɛ ahokyere tena yɛn so kyɛ a, yɛn anidaso betumi asa ama yɛn abam abu. Satan hu no saa a, ɔfa no sɛ ɛyɛ akwannya a ɔde bɛma yɛanya adwene sɛ Yehowa nnɔ yɛn. Ɔbonsam pɛ sɛ yenya adwene sɛ ɔhaw a yɛrehyia no fi Yehowa anaa n’ahyehyɛde no. Biribi saa too Israelfo no bi bere a na wɔwɔ Egypt no. Ahyɛase no de, na wogye di sɛ Yehowa na ɔsomaa Mose ne Aaron sɛ wommegye wɔn mfi nkoasom mu. (Ex. 4:29-31) Nanso akyiri yi a Farao maa asetena yɛɛ den maa wɔn no, wɔbɔɔ Mose ne Aaron sobo sɛ wɔn na wɔakɔfa ɔhaw abɛto wɔn so. Nea Israelfo no kae ne sɛ: “Moama Farao ne ne nkoa bo afuw yɛn, na mode sekan ahyɛ wɔn nsam sɛ wɔmfa nkunkum yɛn.” (Ex. 5:19-21) Wɔbɔɔ Onyankopɔn asomfo anokwafo no sobo. Wei yɛ awerɛhosɛm paa! Sɛ ahokyere atena wo so akyɛ a, dɛn na wubetumi ayɛ na ahotoso a wowɔ wɔ Yehowa ne n’ahyehyɛde no mu no akɔ so ayɛ den?

6. Dɛn na yesua fi odiyifo Habakuk hɔ a ebetumi aboa yɛn ama yɛagyina yɛn haw ano? (Habakuk 3:17-19)

6 Ka wo komam nsɛm kyerɛ Yehowa, na hwehwɛ mmoa fi ne hɔ. Odiyifo Habakuk faa ahokyere pii mu. Eduu baabi no, na ɛreyɛ ayɛ no sɛ Yehowa nnwen ne ho. Enti ɔkaa ne komam nsɛm nyinaa kyerɛɛ Yehowa. Ɔbɔɔ mpae sɛ: “O Yehowa, minsu nkosi da bɛn na woatie me? . . . Adɛn nti na wohwɛ ma nhyɛso kɔ so?” (Hab. 1:2, 3) Yehowa somfo nokwafo no mpae a ofi ne komam bɔe no, otiei. (Hab. 2:2, 3) Bere a Habakuk dwinnwenee sɛnea Yehowa gyee ne nkurɔfo ho no, n’ani san gyei bio. Obegye dii sɛ Yehowa dwen ne ho, na ɔbɛboa no ama wagyina sɔhwɛ biara ano. (Kenkan Habakuk 3:17-19.) Dɛn na yesua fi mu? Sɛ wokɔ ahokyere mu a, bɔ Yehowa mpae na ka sɛnea wote nka kyerɛ no. Afei hwehwɛ mmoa fi ne hɔ. Woyɛ saa a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛma wo ahoɔden a wode begyina ano. Sɛ wuhu sɛ Yehowa reboa wo a, wubenya ne mu gyidi kɛse.

7. Adwene bɛn na na Shirley abusuafo pɛ sɛ onya, na dɛn na amma Yehowa mu gyidi a ɔwɔ no anhinhim?

7 Kɔ so yɛ nneɛma a ɛboa wo ma wobɛn Yehowa no. Yɛnhwɛ sɛnea wei boaa onuawa Shirley a ɔwɔ Papua New Guinea bere a ɔkɔɔ ahokyere mu no. b Ná Shirley abusua nni bi, na ɛtɔ da a na nea wobedi mpo ayɛ den. Ne busuani bi yɛe ara sɛ ɔbɛma wanya adwene sɛ Yehowa nnwen ne ho. Ne busuani no kaa sɛ: “Wosɔre a wuse Onyankopɔn honhom kronkron reboa wo, nanso yenhu mmoa no. Yɛn abusua no da so ara te ohia mu. Asɛnka a wokɔ nyinaa yɛ beresɛe.” Shirley ka sɛ: “Enti mibisaa me ho sɛ: ‘Onyankopɔn dwen yɛn ho anaa?’ Ɛhɔ ara na mebɔɔ Yehowa mpae kaa nea ɛwɔ m’adwene mu nyinaa kyerɛɛ no. Mekɔɔ so ara kenkan Bible ne asafo nhoma, na mannyae asɛnka ne adesua kɔ.” Ankyɛ koraa na Shirley hui sɛ, sɛɛ na Yehowa ntoo ɔne n’abusua no agyaagyaamu. Ɔkɔm anne n’abusua no, na wɔn ani gyei. Shirley ka sɛ: “Mihui sɛ Yehowa rebua me mpaebɔ.” (1 Tim. 6:6-8) Wo nso, sɛ wokɔ ahokyere mu anaa w’adwenem yɛ wo naa mpo a, kɔ so yɛ nneɛma a ɛboa wo ma wobɛn Yehowa no. Woyɛ saa a, ɛremma wontew wo ho mfi Yehowa ho.

BERE A WƆRETAN ANUANOM A EDI NNEƐMA ANIM NO ANI

8. Anuanom a edi nneɛma anim wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu no, dɛn na ebetumi ato wɔn?

8 Anuanom a edi nneɛma anim wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu no, yɛn atamfo tumi fa nsɛm ho amanneɛbɔ ne Intanɛt so keka wɔn ho atosɛm. (Dw. 31:13) Wɔakyere anuanom no bi abɔ wɔn sobo sɛ wɔyɛ nsɛmmɔnedifo. Tete Kristofo no bere so no, biribi saa na esii bere a wotwaa atoro too ɔsomafo Paul so, na wɔkyeree no no. Ɛbaa saa no, sɛn na anuanom no yɛɛ wɔn ade?

9. Bere a wɔkyeree ɔsomafo Paul too afiase no, dɛn na Kristofo no bi yɛe?

9 Bere a wɔkyeree ɔsomafo Paul too afiase wɔ Roma no, tete Kristofo no bi yii ne baako hyɛɛ ne nsa. (2 Tim. 1:8, 15) Adɛn ntia? So esiane sɛ na nkurɔfo bu Paul sɛ ɔyɛ nsɛmmɔnedifo nti, na ne ho yɛ wɔn aniwu anaa? (2 Tim. 2:8, 9) Anaa ehu kaa wɔn, na na wosuro sɛ, anhwɛ a, wɔn nso wɔbɛtan wɔn ani? Nea na ama wɔreyɛ saa biara no, wunhu sɛ na ɛbɛyɛ Paul yaw paa? Ná Paul afa ahokyere pii mu, na na ɔde ne nkwa mpo ato hɔ ama wɔn. (Aso. 20:18-21; 2 Kor. 1:8) Kristofo a woyii Paul baako hyɛɛ ne nsa bere a na ohia wɔn no, mommma yɛnnyɛ sɛ wɔn da! Sɛ wɔtan anuanom a edi nneɛma anim no ani a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

10. Sɛ wɔtan anuanom a edi nneɛma anim no ani a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae, na adɛn ntia?

10 Kae nea enti a wɔtan yɛn ani ne onii a ɔhyɛ akyi. Timoteo nhoma a ɛtɔ so mmienu ti 3:12 ka sɛ: “Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tena ase sɛ Kristo Yesu akyidifo nyinaa, nkurɔfo bɛtan wɔn ani.” Enti sɛ Satan tu n’ani si anuanom a edi nneɛma anim no so a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwanwa. Ne botae ne sɛ, ɔbɛma saa anuanom yi adan wɔn akyi akyerɛ Yehowa, na wahunahuna yɛn.—1 Pet. 5:8.

Ɛwom sɛ na wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn agu Paul, nanso Onesiforo ansuro sɛ ɔbɛboa no. Sɛnea yehu wɔ mfoni yi mu no, ɛnnɛ yɛn nuanom Kristofo taa anuanom a wɔde wɔn agu afiase no akyi (Hwɛ nkyekyɛm 11-12)

11. Dɛn na yesua fi Onesiforo hɔ? (2 Timoteo 1:16-18)

11 Kɔ so boa anuanom na bata wɔn ho kosi awiei. (Kenkan 2 Timoteo 1:16-18.) Bere a wɔde Paul too afiase no, Kristoni bi a ne din de Onesiforo de, wanyi ne baako anhyɛ ne nsa. ‘Nkɔnsɔnkɔnsɔn a wɔde guu Paul no amma wamfɛre.’ Mmom, Onesiforo de ne nkwa too asiane mu hwehwɛɛ Paul, na ohuu no no, ɔyɛɛ nneɛma pɔtee bi de boaa no. Dɛn na yesua fi mu? Ɛnsɛ sɛ yɛma nnipa ho suro bɔ yɛn hu, anaa esiw yɛn kwan sɛ yɛbɛboa yɛn nuanom a wɔretan wɔn ani no. Mmom, momma yentwitwa nnye wɔn, na yɛmmoa wɔn. (Mmeb. 17:17) Ɛsɛ sɛ yɛma wohu sɛ yɛdɔ wɔn, na yɛtaa wɔn akyi.

12. Dɛn na yesua fi yɛn nuanom a ɛwɔ Russia no hɔ?

12 Yɛnhwɛ sɛnea anuanom a ɛwɔ Russia no aboa wɔn nuanom Kristofo a wɔde wɔn agu afiase no. Sɛ wɔde ebinom kɔ asɛnnibea sɛ wɔrekodi wɔn asɛm a, anuanom pii kɔ hɔ kɔtaa wɔn akyi. Dɛn na yesua fi mu? Anuanom a edi nneɛma anim no, sɛ nkurɔfo keka wɔn ho atosɛm, wɔkyere wɔn, anaa wɔtan wɔn ani a, ɛnsɛ sɛ yɛma ɛbɔ yɛn hu. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae ma wɔn, yɛhwɛ wɔn abusuafo, na yɛhwehwɛ akwan pɔtee bi fa so boa wɔn.—Aso. 12:5; 2 Kor. 1:10, 11.  

BERE A NKURƆFO REDI YƐN HO FƐW

13. Sɛ nkurɔfo di yɛn ho fɛw a, sɛn na ebetumi aka ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa ne n’ahyehyɛde no mu?

13 Asɛnka adwuma a yɛyɛ, anaa Yehowa mmara a yɛde bɔ yɛn bra nti, yɛn abusuafo a wɔnyɛ Adansefo, yɛn adwumamfo, anaa yɛn sukuufo betumi adi yɛn ho fɛw. (1 Pet. 4:4) Ebia wɔbɛka sɛ: “Mepɛ w’asɛm, nanso mo som no yɛ den dodo, na ama moayɛ ntetekwaa.” Sɛnea yɛne wɔn a wɔatu wɔn afi asafo no mu mmɔ no, ebia ebinom bɛkasa atia aka sɛ: “Muse modɔ nnipa, nso hwɛ nea moreyɛ.” Nsɛm a ɛtete saa betumi ama yɛn adwene atu afra. Ebia yebebisa yɛn ho sɛ: ‘Yehowa pɛ sɛ meyɛ nea ɛboro m’ahoɔden so anaa? N’ahyehyɛde no yɛ katee dodo anaa?’ Sɛ worehyia biribi a ɛte saa a, dɛn na wubetumi ayɛ na woakɔ so abata Yehowa ne n’ahyehyɛde no ho?

Atosɛm a Hiob nnamfo gyamserefo no kekae no, wannye anni. Mmom, na wasi ne bo sɛ ɔbɛkɔ so adi Yehowa nokware (Hwɛ nkyekyɛm 14)

14. Yehowa mmara a yɛde bɔ yɛn bra nti, sɛ nkurɔfo di yɛn ho fɛw a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? (Dwom 119:50-52)

14 Si wo bo sɛ wubedi Yehowa mmara so. Yehowa mmara a na Hiob di so nti, nkurɔfo dii ne ho fɛw, nanso wannyae. Hiob nnamfo gyamserefo no baako mpo yɛe sɛ ɔbɛma Hiob agye adi sɛ, sɛ odi Onyankopɔn mmara so oo, sɛ wanni so oo, ɛmfa Onyankopɔn ho. (Hiob 4:17, 18; 22:3) Nanso Hiob annye saa atosɛm no anni. Ná onim sɛ Yehowa mmara a ɛfa papa ne bɔne ho no, mfomso biara nni ho, na na wasi ne bo sɛ obedi so. Ɛmfa ho nea nkurɔfo yɛe biara no, ɔkɔɔ so maa n’abrabɔ dii mu. (Hiob 27:5, 6) Dɛn na yesua fi mu? Sɛ nkurɔfo di wo ho fɛw a, mma w’adwenem nnyɛ wo naa wɔ Yehowa mmara ho. Dwinnwen sɛnea Yehowa mmara aboa wo wɔ w’asetenam no ho. Ebia wo ara woahu no mpɛn pii sɛ Yehowa mmara teɛ na ɛboa wo. Yehowa ahyehyɛde no ntoto ne mmara ase, enti si wo bo sɛ wobɛkɔ so ataa akyi. Woyɛ saa na sɛ nkurɔfo di wo ho fɛw sɛ dɛn mpo a, ɛrentumi ntew wo mfi Yehowa ho da.—Kenkan Dwom 119:50-52.

15. Adɛn nti na wodii Brizit ho fɛw?

15 Yɛnhwɛ onuawa bi a ɔwɔ India a ne din de Brizit. Ne gyidi nti, n’abusuafo dii ne ho fɛw. Ɔbɔɔ asu afe 1997; ɛno akyi pɛɛ no, ne kunu a ɔnyɛ Ɔdansefo no adwuma fii ne nsa. Enti, ɔbarima no sii gyinae sɛ ɔne Brizit ne wɔn mma mmea bɛkɔ akɔtena n’awofo nkyɛn wɔ kurow foforo mu. Nanso na Brizit rebehyia ɔhaw a ɛkyɛn so. Esiane sɛ na ne kunu adwuma afi ne nsa nti, na ɛsɛ sɛ ɔde ne bere pii yɛ adwuma de hwɛ abusua no. Afei nso, asafo a ɛbɛn wɔn no, sɛ obi rekɔ hɔ a gye sɛ otwa kwan kilomita 350 (kwansin 220) ansa na wadu hɔ. Awerɛhosɛm ne sɛ, ne kunu abusuafo sɔre tiaa no, esiane ne gyidi nti. Wɔsɔre tiaa Brizit denneennen ara ma na ɛsɛ sɛ ɔne n’abusua san tu bio. Afei, prɛko pɛ ne kunu no wui. Akyiri yi, kansa kum ne mma mmea no baako a na wadi mfe 12 pɛ no. Nea ɛsɛee asɛm no koraa ne sɛ, Brizit abusuafo bɔɔ no sobo sɛ ɔno na wakɔfa ɔhaw no nyinaa aba. Wɔkaa sɛ, sɛ wankɔyɛ Yehowa Danseni a, anka ɔhaw yi nyinaa amma. Ne nyinaa akyi no, ɔkɔɔ so de ne ho too Yehowa so, na wantwe ne ho amfi ahyehyɛde no ho.

16. Bere a Brizit kɔɔ so bataa Yehowa ne n’ahyehyɛde no ho no, nhyira bɛn na onyae?

16 Esiane sɛ na Brizit nte mmɛn asafo no nti, ɔmansin sohwɛfo bi hyɛɛ no nkuran sɛ ɔnka asɛmpa no wɔ baabi a ɔte no, na ɔnyɛ asafo nhyiam wɔ ne fie. Mfiase no, na ɔte nka sɛ ɛboro ne so, nanso ɔde akwankyerɛ no yɛɛ adwuma. Ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ afoforo, ɔyɛɛ asafo nhyiam wɔ ne fie, na na oyi bere si hɔ ne ne mma mmea no yɛ abusua som. Dɛn na efii mu bae? Brizit tumi hyɛɛ Bible adesua pii ase, na ne Bible asuafo no bebree nso bɔɔ asu. Afe 2005 no, ɔbɛyɛɛ daa kwampaefo. Esiane sɛ onyaa Yehowa mu ahotoso na wantwe ne ho amfi n’ahyehyɛde no ho nti, Yehowa hyiraa no. Ne mma mmea no de nokwaredi resom Yehowa, na yɛrekasa yi, asafo mmienu na ɛwɔ saa mpɔtam hɔ! Ahokyere a Brizit kɔɔ mu ne sɛnea n’abusuafo dii ne ho fɛw no, ogye di paa sɛ Yehowa na ɔmaa no ahoɔden ma ɔde gyinaa ano.

KƆ SO BATA YEHOWA NE N’AHYEHYƐDE NO HO

17. Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn adwene pi sɛ yɛbɛyɛ?

17 Satan pɛ sɛ yegye di sɛ, sɛ yɛkɔ ahokyere mu a, Yehowa beyi yɛn baako ahyɛ yɛn nsa, na sɛ yɛtaa n’ahyehyɛde no akyi nso a, ɛbɛma ahokyere no ayɛ kɛse. Anuanom a edi nneɛma anim no, sɛ nkurɔfo keka wɔn ho atosɛm, wɔtan wɔn ani, anaa wɔde wɔn gu afiase a, Satan pɛ sɛ ɛbɔ yɛn hu. Afei nso, ɔma nkurɔfo di yɛn ho fɛw sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya adwene sɛ Yehowa mmara yɛ den dodo. Onim sɛ ɛba saa a, yɛbɛtwe yɛn ho afi Yehowa ahyehyɛde no ho. Nanso, n’akwammɔne no nyinaa, yenim paa, enti ɔrentumi nnaadaa yɛn. (2 Kor. 2:11) Si w’adwene pi sɛ worentie Satan atosɛm no, na kɔ so bata Yehowa ne n’ahyehyɛde no ho. Mma wo werɛ mmfi sɛ Yehowa rennan n’akyi nkyerɛ wo da. (Dw. 28:7) Enti, mma biribiara nntew wo mmfi Yehowa ho!—Rom. 8:35-39.

18. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

18 Adesua yi mu no, ɔhaw ahorow a emfi asafo no mu a yebetumi ahyia no, yɛasusuw bi ho. Nanso, ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa ne n’ahyehyɛde no mu no, yebetumi ahyia ho sɔhwɛ wɔ asafo no mu nso. Yɛbɛyɛ dɛn atumi agyina sɔhwɛ a ɛte saa ano? Yebesusuw wei ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

DWOM 118 “Ma Yɛn Gyidi Nyɛ Kɛse”

a Sɛ yebetumi de nokwaredi agyina sɔhwɛ ano wɔ awiei mmere yi mu a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so de yɛn ho to Yehowa ne n’ahyehyɛde no so. Ɔbonsam mpɛ sɛ yɛde yɛn ho bɛto Yehowa ne n’ahyehyɛde no so, enti ɔyɛ biara sɛ ɔde sɔhwɛ bɛba yɛn so. Adesua yi bɛma yɛahu akwan mmiɛnsa a Ɔbonsam fa so de sɔhwɛ ba yɛn so, ne nea yebetumi ayɛ na wannya yɛn.

b Wɔasesa edin no bi.