Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASETENAM NSƐM

“Ná Mepɛ Sɛ Meyɛ Adwuma Ma Yehowa”

“Ná Mepɛ Sɛ Meyɛ Adwuma Ma Yehowa”

NÁ YƐAKƆSRA anuanom kakraa bi a ɛbɛn Granbori akuraa a ɛda Suriname kwaebirentuw no mu no. Yɛne wɔn dii nkra wiei no, yɛkɔtenaa korow bi mu faa Asubɔnten Tapanahoni so. Akyiri yi, bere a yɛnam baabi a asubɔnten no woro so no, korow no ingyin no kɔpem ɔbotan bi. Ɛhɔ ara na korow no anim wuraa nsu no mu, na ɛde yɛn kɔɔ ase. Me koma tui. Ɛwom, esiane ɔmansin sohwɛfo adwuma no nti, na matena korow mu atu kwan mfe pii, nanso na minnim aguare.

Ansa na mɛka nea esii wɔ ɛno akyi no, ma menka nea ɛyɛe a mehyɛɛ bere nyinaa som adwuma no ase nkyerɛ wo.

Wɔwoo me afe 1942 wɔ Caribbean supɔw fɛfɛɛfɛ bi a wɔfrɛ no Curaçao so. Me papa yɛ Surinameni, nanso otu kɔɔ Curaçao kɔyɛɛ adwuma. Wɔn a wodii kan bɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Adansefo wɔ Curaçao no, na ɔka ho; ɔbɛyɛɛ Yehowa Danseni no, mfe kakra twaam ansa na ɔrewo me. a Ná yɛyɛ mmofra nnum. Ɛwom, ɛnyɛ bere nyinaa na na yɛn ani gye ho sɛ yebesua Bible no, nanso nnawɔtwe biara na ɔne yɛn sua. Midii mfe 14 no, me papa ma yetu kɔɔ Suriname sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ahwɛ n’aberewa.

MINYAA NNAMFO PA MA WƆBOAA ME

Yɛkɔɔ Suriname no, mmabun a ɛwɔ asafo no mu a wɔmfa Yehowa som nni agorɔ no, mifii ase de me ho bɔɔ wɔn. Ná wɔanyinyin sen me kakraa bi, nanso na wɔyɛ daa akwampaefo. Sɛ wɔreka osuahu a wonyae wɔ asɛnka mu, na mehwɛ wɔn anim a, mitumi hu sɛ anigye de, wɔfa no kwa. Afei nso, yɛpɔn adesua a, ɛyɛ a me ne me nnamfo no fa Bible mu nsɛm bi bɔ ho nkɔmmɔ. Ɛtɔ da a, na yɛbɔ nkɔmmɔ no anadwo bere a yɛte abɔnten rehwɛ nsoromma. Me nnamfo yi boaa me ma mihuu nea mepɛ sɛ mede m’asetena yɛ; ɛne sɛ, mɛyɛ adwuma ama Yehowa. Enti midii mfe 16 no, mebɔɔ asu. Akyiri yi, bere a midii mfe 18 no, mebɛyɛɛ daa kwampaefo.

MISUAA NNEƐMA BI A ƐHO HIA PAA

Bere a na mereyɛ akwampae adwuma wɔ Paramaribo

Meyɛ daa kwampaefo no, misuaa nneɛma pii a ɛho hia, na ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa, ɛboa me wɔ bere nyinaa som adwuma no mu. Ade baako a edi kan a misuae ne sɛ ehia paa sɛ metete afoforo. Bere a mehyɛɛ akwampae adwuma ase no, ɔsɛmpatrɛwni bi a ne din de Willem van Seijl faa me sɛ ne ba. b Ɔkyerɛɛ me nneɛma pii faa sɛnea mɛyɛ asafo no mu dwumadi ho. Saa bere no, na mihia saa ntetee no paa. Afe a edi hɔ no, wɔpaw me sɛ ɔkwampaefo titiriw. Ɛno akyi no, akuw ahorow a na atew ne ho wɔ Suriname kwaebirentuw no mu no, mifii ase de mmoa maa wɔn. Ntetee a anuanom te sɛ Willem de maa me no, m’ani sɔe paa, efisɛ ɛbae wɔ ne bere mu! Efi saa bere no reba no, me nso masuasua wɔn nhwɛso no atete afoforo.

Ade a ɛtɔ so mmienu a misuae ne mfaso a ɛwɔ so sɛ yɛbɛyɛ yɛn ho awiɛmfoɔ, na yɛatoto yɛn biribiara pɛpɛɛpɛ. Bosome ahyɛase biara, na me ne ɔkwampaefo titiriw a ɔka me ho no to yɛn bo ase sese nneɛma a yebehia wɔ bosome no mu. Yewie a, na yɛn mu baako atwa kwan kɔ ahenkurow no mu akɔtotɔ nea yehia no. Sika a na yɛn nsa ka no bosome biara no, na ɛsɛ sɛ yɛkyekyɛm yiye de totɔ nneɛma a yehia biara na atumi de yɛn atwa bosome no. Sɛ yɛn biribi sa wɔ kwae no mu a, sɛ obi bɛboa yɛn koraa a, na ɛbɛyɛ den. Bere a misua no, misuae sɛ mɛyɛ me ho awiɛmfoɔ na matoto me biribiara pɛpɛɛpɛ. Migye di sɛ, wei aboa me ama m’asetena nyinaa mu no, mede m’ani asi Yehowa som so.

Ade a ɛtɔ so mmiɛnsa a misuae ne sɛ, mfaso wɔ so sɛ mɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo wɔ wɔn kurom kasa mu. Misuaa Dutch, Borɔfo, Papiamento ne Sranantongo (wɔsan frɛ no Sranan), a ɛno ne kasa a wɔka no paa wɔ Suriname fii me mmofraase. Nanso kwae mu hɔ de, mibehui sɛ, sɛ woka asɛmpa no wɔ nkurɔfo no kurom kasa mu a, wɔn ani gye ho paa. Ná ɛyɛ den ma me sɛ mɛka wɔn kasa no bi. Emu baako ne Saramaccan. Saa kasa no, sɛnea wo nne bɛkɔ soro anaa ɛbɛba fam na ɛbɛkyerɛ nea woreka. Nanso mebɔɔ mmɔden suae, na me mmɔdenbɔ no anyɛ kwa. Esiane sɛ mitumi ka wɔn kurom kasa no nti, matumi aboa nkurɔfo pii ma wɔatumi asua nokware no.

Nanso nea ɛwom ne sɛ, ɛtɔ da a na makɔka nea yɛnka. Ɛho nhwɛso ni. Bere bi na mepɛ sɛ mibisa Saramaccanni bea bi a yɛne no sua Bible sɛnea ne ho te, efisɛ na ne yafunu yɛ no yaw. Minkobue m’ano a, mise wonyem anaa? Nokwasɛm ne sɛ, anyɛ no dɛ. Mfomso a ɛtete sei nyinaa akyi no, meyeree me ho de kurom hɔfo kasa kyerɛkyerɛɛ wɔn.

MISOO HOKWAN FOFORO MU

Afe 1970 no, wɔpaw me sɛ ɔmansin sohwɛfo. Saa afe no, miyii sini bi a wɔato din “Visiting the World Headquarters of Jehovah’s Witnesses” (Nsrahwɛ Wɔ Yehowa Adansefo Adwumayɛbea Ti) kyerɛɛ akuw pii a atew ne ho wɔ kwae no mu. Sɛ merekɔsra akuw no a, na me ne anuanom bi de korow teaa bi fa nsubɔnten a ɛdeda kwae no mu no so. Sɛ yɛrekɔ a, yɛde gyɛnereta, pɛtro, nkanea, ne nneɛma a yɛde beyi sini no gu korow no mu. Yekodu baabi a yɛrekɔ no a, na yɛayiyi nneɛma no nyinaa akogu baabi a yebeyi sini no. Saa akwan a na yetutu no, nea mekae wɔ ho paa ne sɛ, na nkurɔfo a ɛwɔ mmeae a atew ne ho no nte sini a yeyi no ho gyae. Ná ɛyɛ me dɛ paa sɛ mɛboa nkurɔfo ma wɔasua Yehowa ne n’ahyehyɛde a ɛwɔ asaase so no ho ade. Nhyira a efii Yehowa adwuma no mu bae no, ɛdɔɔso koraa sen biribiara a mede bɔɔ afɔre.

MENWENEE AHAMA A ƐBƆ HƆ MMIƐNSA

Me ne Ethel waree September afe 1971

Ɛwom, mihui sɛ sigyadi so wɔ mfaso wɔ adwuma a na mereyɛ no mu, nanso na mepɛ sɛ minya ɔhokafo a me ne no bɛbom asom Yehowa. Ná egye animia na obi atumi ayɛ bere nyinaa som adwuma no wɔ kwae no mu. Enti mehyɛɛ da srɛɛ Yehowa sɛ ɔmma minnya ɔbea a obetumi de anigye aboa me ma yɛayɛ adwuma no. Bɛyɛ afe akyi no, me ne ɔkwampaefo titiriw bi a ne din de Ethel fii ase yɛɛ nhyehyɛe. Ná ɔyɛ mmɔdenbɔfo a okum ne ho ma Yehowa som. Ethel mmofraase pɛɛ no, na n’ani gye ɔsomafo Paul ho paa, enti na ɔpɛ sɛ otu ne ho ma na ɔyɛ ɔsom adwuma no te sɛ Paul. September afe 1971 no, yɛwaree, na yefii ase yɛɛ ɔmansin adwuma no boom.

Wɔanwo Ethel anto siw so, enti anyɛ den amma no sɛ ɔne me bɛbom ayɛ ɔmansin adwuma no wɔ kwae no mu. Enti sɛ yɛrekɔsrasra nsafo no wɔ kwae mu hɔ a, na yɛmfa nneɛma pii. Yɛn ara na na yɛhoro yɛn nneɛma, na na yeguare nsubɔnten mu. Afei nso, anuanom a yɛbɛkɔ akɔsoɛ wɔn no, nea wɔde bɛma yɛn biara na yetumi di; ebi ne nketew akɛse bi, mpataa bi a wɔn se grann, anaa biribiara a wɔn nsa bɛka wɔ kwae no mu anaa nsubɔnten no mu. Sɛ yɛannya prɛte a, na yedidi wɔ kwadu ahaban so. Sɛ yɛannya atere anaa fɔk a, na yɛde yɛn nsa na edidi. Me ne Ethel nyinaa te nka sɛ, nneɛma a yɛde bɔ afɔre bere a yɛreyɛ Yehowa adwuma nti, ama yɛaka abom denneennen te sɛ ahama a ɛbɔ ho mmiɛnsa. (Ɔsɛnk. 4:12) Biribiara nni hɔ a yɛde bɛsesa suahu a ɛtete saa!

Osuahu a meka de fii m’asɛm yi ase no, ɛyɛ bere bi a na yɛakɔsra anuanom bi a ɛwɔ kwae no mu a yɛreba no na minyae. Bere a korow no duu baabi a nsu no woro so no, ɛkɔhyɛɛ nsu no mu, nanso ankyɛ koraa na ɛsan puei. Anigyesɛm ne sɛ, na yɛhyehyɛ ntaade a ɛbɛma yɛatumi atɛn nsu no ani. Afei nso, korow no anhwie yɛn angu nsu no mu. Nanso nsu bɛhyɛɛ korow no mu ma. Yehwiee yɛn aduan a ɛwɔ kyɛnsee mu no guu nsu no mu, na yɛde sesaw nsu no fii korow no mu.

Esiane sɛ na yenni aduan biara nti, yɛyɛe sɛ yebeyi nam bere a yɛnam nsu no so no, nanso yɛannya hwee. Enti yɛbɔɔ Yehowa mpae srɛɛ no sɛ ɔmma yɛn nea yebedi saa da no. Yɛbɔɔ mpae no wiei ara pɛ, anuanom no baako tow darewa too nsu no mu. Oyii apataa kɛse bi, na ɛsoo yɛn nnipa nnum no nyinaa saa anadwo no.

OKUNU, AGYA NE ƆMANSIN SOHWƐFO

Bere a me ne Ethel yɛɛ ɔmansin adwuma no mfe nnum akyi no, yenyaa nhyira bi a na yɛnhwɛ kwan. Ɛne sɛ na yɛreba abɛyɛ awofo. Metee asɛm no, m’ani gyei, nanso na minnim sɛnea ɛbɛka yɛn asetena. Ná me ne Ethel nyinaa pɛ paa sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yɛkɔ so yɛ bere nyinaa som adwuma no. Afe 1976 no, yɛwoo yɛn ba panyin Ethniël. Mfe mmienu ne fã akyi no, yɛwoo yɛn ba a ɔtɔ so mmienu, na yɛtoo ne din Giovanni.

Merehwɛ ebinom a wɔrebɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Tapanahoni mu. Ɛbɛn Godo Holo a ɛwɔ Suriname Apuei fam—1983

Esiane sɛ na mmoa ho hia wɔ Suriname saa bere no nti, Betel ka kyerɛɛ me sɛ menkɔ so nsom sɛ ɔmansin sohwɛfo bere a yɛretete yɛn mma no. Yɛn mma no susua no, na wɔma mekɔsom amansin a nsafo a ɛwom nnɔɔso. Ɛno nti, bosome biara na mede nnawɔtwe mmienu anaa mmiɛnsa som sɛ ɔmansin sohwɛfo. Afei na mede nea aka no ayɛ akwampae adwuma wɔ asafo a na yɛwom no mu. Sɛ merekɔsom nsafo a ɛbemmɛn baabi a na yɛte no a, me ne Ethel ne yɛn mma no na na ɛkɔ. Nanso sɛ merekɔsom nsafo a ɛwɔ kwae no mu, anaa merekɔyɛ ɔmansin nhyiam wɔ kwae no mu a, me nko ara na na mekɔ.

Ɔmansin adwuma no mu no, korow na na metaa de kɔsrasra nsafo a atew ne ho no

Ná ɛsɛ sɛ mehwɛ toto me biribiara pɛpɛɛpɛ na matumi adi m’asɛde nyinaa ho dwuma. Mehwɛ hui sɛ yɛbɛyɛ yɛn abusua som nnawɔtwe biara. Sɛ merekɔsrasra nsafo a ɛwɔ kwae no mu a, Ethel nso hwɛ ne mmofra no yɛ abusua som wɔ fie. Nanso na yɛbɔ mmɔden paa sɛ yɛbɛtaa ayɛ nneɛma abom sɛ abusua. Afei nso, na me ne Ethel ne mmofra no bom yɛ nneɛma bi de gye yɛn ani. Ná yetumi bom di agorɔ anaa yɛkɔsrasra mmeae a ɛhɔ yɛ anika. Ɔkasa a na misua ne dwumadi afoforo a na meyɛ nti, na menna ntɛm. Ethel te sɛ ɔyere pa a Mmebusɛm 31:15 ka ne ho asɛm no. Enti na ɔsɔre ahemanakye hwɛ sɛ yɛbɛyɛ daa asɛm no abom, na yɛadidi ansa na yɛn mma no akɔ sukuu. Ɛyɛ me dɛ paa sɛ manya ɔbea a ɔwɔ ahofama saa; bere nyinaa ɔboa me ma asɛde a mewɔ wɔ Yehowa som mu no, mitumi di ho dwuma!

Yɛyeree yɛn ho boaa yɛn mma no, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛdɔ Yehowa na wɔn ani agye asɛnka adwuma no ho. Ná yɛpɛ sɛ yɛn mma no de bere nyinaa som adwuma no si wɔn ani so. Nanso na ɛnyɛ sɛ yɛpɛ sɛ wɔyɛ nea yɛn ani gye ho, na mmom na yɛpɛ sɛ wɔn ara fi wɔn pɛ mu yɛ. Enti anigye a ɛwɔ bere nyinaa som adwuma no mu no, na yɛtaa ne wɔn bɔ ho nkɔmmɔ. Ɛwom, ɔhaw a na ɛwom no na yɛmfa nsie wɔn. Nanso sɛnea Yehowa boaa yɛn na ohyiraa yɛn abusua no, ɛno paa na na yesi so dua. Afei nso, yɛhwɛ hui sɛ anuanom a wɔde Yehowa som di kan wɔ wɔn asetena mu no, wɔn na yɛn mma no bɛfa wɔn nnamfo.

Yɛretete yɛn mma no, Yehowa maa yɛn nsa kaa nea yehia biara. Nanso na me nso mebɔ mmɔden yɛ me fam de. Osuahu a minyae wɔ kwae no mu bere a meyɛ ɔkwampaefo titiriw a menwaree no ma mihui sɛ, ɛsɛ sɛ yesie sika na yɛatumi de atotɔ nneɛma a yehia. Nanso ɛtɔ da a, ɛmfa ho mmɔden biara a yɛbɛbɔ no, na yɛn ho nso yɛn akwankɔ. Mmere a ɛtete saa mu no, ɛyɛ a na Yehowa twa n’ani bɛhwɛ yɛn. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, efi afe 1986 kosi afe 1992 no, Surinamefo twaa wɔn ho koe. Saa mfe no mu no, nneɛma nketenkete a yehia mpo, ɛtɔ da a na ayɛ den. Ɛno mpo no, Yehowa maa yɛn nea yehia.—Mat. 6:32.

MIBU KƆMPƆ HWƐ M’AKYI A

Fi benkum kɔ nifa: Me ne me yere Ethel

Yɛn ba panyin Ethniël ne ne yere Natalie

Yɛn ba Giovanni ne ne yere Christal

Yɛn asetena nyinaa mu no, daa Yehowa hwɛ yɛn. Wama yɛanya anigye ne akomatɔyam paa. Yɛn mma no ma yɛn ani gye paa, na yɛda Yehowa ase sɛ ɔma yetumi tetee wɔn ma wɔbɛsom no. Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ wɔn nso de bere nyinaa som adwuma no sii wɔn ani so. Ethniël ne Giovanni nyinaa akɔ asafo sukuu ahorow no bi awie, na seesei wɔne wɔn yerenom resom wɔ Suriname Betel.

Seesei me ne Ethel mfe akɔ anim paa, nanso yɛda so ara de ahokeka reyɛ Yehowa adwuma sɛ akwampaefo atitiriw. Nokwasɛm ne sɛ, yenni adaagye koraa, enti mintumi nhu da a mesua asuguare! Sɛ mɛka a, minnuu me ho da. Mmom, sɛ mibu kɔmpɔ hwɛ m’akyi a, metumi asi no pi sɛ, gyinae a misii wɔ me mmabunbere mu sɛ mɛyɛ bere nyinaa som adwuma no, ɛka gyinae papa paa a masisi wɔ m’asetenam no ho.

b Wopɛ sɛ wuhu Willem van Seijl asetenam nsɛm a, hwɛ asɛm a yɛato din “Reality Has Exceeded My Expectations” no. Ɛwɔ Nyan! October 8, 1999, Borɔfo de no mu.