Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 48

Sɛ Wuhyia Wo Nokwaredi Ho Sɔhwɛ a, Ma W’ani Nna Hɔ

Sɛ Wuhyia Wo Nokwaredi Ho Sɔhwɛ a, Ma W’ani Nna Hɔ

“Ma w’ani nna hɔ ade nyinaa mu.”—2 TIM. 4:5.

DWOM 123 Brɛ Wo Ho Ase Ma Nyankopɔn Nhyehyɛe

NEA YƐREBESUA a

1. Sɛ Bible ka sɛ yɛmma yɛn ani nna hɔ a, ɛkyerɛ sɛn? (2 Timoteo 4:5)

 SƐ YEHYIA ɔhaw a, ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yebedi Yehowa nokware na yɛabata n’ahyehyɛde no ho. Yɛbɛyɛ dɛn adi ɔhaw a ɛte saa so? Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ, yɛkɔ so wɛn, na yegyina pintinn wɔ gyidi no mu. (Kenkan 2 Timoteo 4:5.) Sɛ yɛamma yɛn koma antu, yesusuw nneɛma ho yiye, na yɛbɔ mmɔden sɛ yebenya Yehowa adwene a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani da hɔ. Yɛyɛ saa a, yɛrennyina sɛnea yɛte nka so nsusuw nneɛma ho.

2. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

2 Adesua a edi wei anim mu no, ɔhaw a yebetumi ahyia a emfi asafo no mu no, yesusuw emu mmiɛnsa ho. Adesua yi mu no, ɔhaw a yehyia wɔ asafo no mu a ebetumi ama ayɛ den sɛ yebedi Yehowa nokware no, yebesusuw emu mmiɛnsa ho. Ɛno ne (1) bere a yɛte nka sɛ yɛn nua Kristoni bi ne yɛn anni no yiye, (2) bere a wɔde nteɛso bi ama yɛn, ɛne (3) bere a ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebegye nsakrae bi a ahyehyɛde no ayɛ atom. Sɛ yehyia ɔhaw a ɛtete saa a, yɛbɛyɛ dɛn ama yɛn ani ada hɔ, na yɛakɔ so abata Yehowa ne n’ahyehyɛde no ho?

BERE A YƐTE NKA SƐ YƐN NUA KRISTONI BI NE YƐN ANNI NO YIYE

3. Sɛ yɛte nka sɛ yɛn nua Kristoni bi ne yɛn anni no yiye a, dɛn na yebetumi ayɛ?

3 Woate nka sɛ wo nua Kristoni bi ne wo anni no yiye pɛn? Ebi mpo a na ɔyɛ asafo mu panyin. Ebia na ɛnyɛ n’adwene ne sɛ ɔbɛyɛ biribi ama ahaw wo. (Rom. 3:23; Yak. 3:2) Nanso, ebetumi aba sɛ nea ɔyɛe no haw wo. Ɛbɛyɛ sɛ na woda a wonna. Ebi mpo a wubisaa wo ho sɛ, ‘Enti Yehowa asafo mu paa na onua atumi ayɛ me sei?’ Adwene a Satan pɛ sɛ yenya ara no no. (2 Kor. 2:11) Adwene a ɛnteɛ saa betumi ama yɛatwe yɛn ho afi Yehowa ne n’ahyehyɛde no ho. Enti sɛ yɛte nka sɛ onua anaa onuawa bi ne yɛn anni no yiye a, yɛbɛyɛ dɛn ama yɛn ani ada hɔ, na yɛannya adwene a ɛnteɛ?

4. Bere a Yosef nuanom ne no anni no yiye no, dɛn na ɔyɛe a ɛkyerɛ sɛ na n’ani da hɔ, na dɛn na yebetumi asua afi nea ɔyɛe no mu? (Genesis 50:19-21)

4 Mfa obiara ho abufuw nhyɛ wo mu. Bere a Yosef yɛ aberantewa no, ne nua mmarima mpanyimfo ne no anni no yiye. Ná wɔtan no, na na wɔn mu bi mpo pɛ sɛ wokum no. (Gen. 37:4, 18-22) Ewiee ase no, wɔtɔn no ma ɔkɔyɛɛ akoa. Ɛno nti, Yosef faa sɔhwɛ a emu yɛ den mu bɛyɛ mfe 13. Anka Yosef betumi anya adwene sɛ gyama Yehowa nnɔ no. Afei nso, anka ebetumi aba ne tirim sɛ bere a ohia Yehowa paa no, oyii ne baako hyɛɛ ne nsa. Nanso Yosef amfa obiara ho abufuw anhyɛ ne mu. Mmom, ɔmaa n’ani daa hɔ, na ɔkaa ne koma too ne yam. Yosef nyaa kwan sɛ nea ne nuanom no de yɛɛ no no, anka obetumi ayɛ wɔn bi atua ka, nanso wanyɛ saa. Mmom, ɔma wohui sɛ ɔdɔ wɔn, na ɔde wɔn bɔne kyɛɛ wɔn. (Gen. 45:4, 5) Nea enti a Yosef yɛɛ saa ne sɛ, na otumi susuw nneɛma ho yiye. Sɛ́ anka ɔde n’adwene besi ne haw so no, ɔde n’adwene sii nea Yehowa pɛ so mmom. (Kenkan Genesis 50:19-21.) Dɛn na yesua fi mu? Sɛ nkurɔfo ne wo anni no yiye a, mfa Yehowa ho abufuw nhyɛ wo mu, anaa nnya adwene sɛ wayi wo baako ahyɛ wo nsa. Mmom sɛnea ɔreboa wo ama woagyina sɔhwɛ a worehyia no ano no, dwinnwen ho. Bio nso, sɛ nkurɔfo ne wo anni no yiye a, bɔ mmɔden yi ɔdɔ adi kyerɛ wɔn fa kata wɔn sintɔ so.—1 Pet. 4:8.

5. Bere a Miqueas tee nka sɛ anuanom bi ne no anni no yiye no, sɛn na ɔmaa n’ani daa hɔ?

5 Yɛn bere yi so nso, momma yɛnhwɛ Onua Miqueas. b Ɔyɛ asafo mu panyin wɔ South America. Ɔkae sɛ bere bi ɔtee nka sɛ anuanom a wodi nneɛma anim wɔ asafo no mu no bi ne no anni no yiye koraa. Ɔkaa sɛ: “Ná nneɛma nhyɛɛ me so saa da. Ná mabɔ hu. Edu anadwo a, na mintumi nna, na misu saa ara efisɛ na minhu nea menyɛ.” Ne nyinaa akyi no, Miqueas maa n’ani daa hɔ, na ɔyeree ne ho hyɛɛ ne ho so. Ná ɔtaa bɔ Yehowa mpae srɛ no sɛ ɔmma no honhom kronkron, na ɔnhyɛ no den na watumi agyina nea ɔrefa mu no ano. Afei nso, ɔyɛɛ nhwehwɛmu wɔ asafo nhoma mu pɛɛ nsɛm a ebetumi aboa no. Dɛn na yesua fi mu? Sɛ wote nka sɛ onua anaa onuawa bi ne wo anni no yiye a, ka wo koma to wo yam, na bɔ mmɔden sɛ wobɛhyɛ wo ho so na woannya adwene a ɛnteɛ. Ebia wunnim nea ɛmaa onii no kasae saa, anaa ɔyɛɛ n’ade saa. Enti ka w’asɛm nyinaa kyerɛ Yehowa, na srɛ no sɛ ɔmmoa wo mma wunhu asɛm no sɛnea onii no hu no no. Woyɛ saa a, ebetumi aboa wo ama woahu sɛ, ɛnyɛ sɛ wo nua no ahyɛ da pɛ sɛ ɔyɛ wo bɔne; ɛno betumi ama woabu w’ani agu nea wayɛ wo no so. (Mmeb. 19:11) Kae sɛ, Yehowa nim nea worefa mu, na ɔbɛma wo ahoɔden a wode begyina ano.—2 Be. 16:9; Ɔsɛnk. 5:8.

BERE A WƆDE NTEƐSO BI AMA YƐN

6. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yehu sɛ, sɛ Yehowa teɛ yɛn so a, ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn? (Hebrifo 12:5, 6, 11)

6 Sɛ Yehowa teɛ yɛn so a, ebetumi ama yɛn werɛ ahow paa. Nanso sɛ yedwen sɛnea ɛyɛ yɛn yaw no nko ara ho a, anhwɛ a yɛbɛte nka sɛ nteɛso no mfata yɛn anaa ano yɛ den dodo. Ɛba saa a, yɛrenhu mfaso a ɛwɔ nteɛso no so, kyerɛ sɛ, yɛrenhu sɛ Yehowa dɔ yɛn nti na ɔteɛ yɛn so. (Kenkan Hebrifo 12:5, 6, 11.) Sɛ yɛma kwan ma sɛnea yɛte nka no hyɛ yɛn so a, ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ Satan benya yɛn. Satan pɛ sɛ yɛpo nteɛso. Nea enye koraa ne sɛ, ɔpɛ sɛ nkakrankakra yɛtwe yɛn ho fi Yehowa ne asafo no ho. Sɛ wɔde nteɛso bi ama wo a, wobɛyɛ dɛn ama w’ani ada hɔ?

Petro brɛɛ ne ho ase gyee afotu ne nteɛso toom, na ɛmaa Yehowa de nnwuma pii hyehyɛɛ ne nsa (Hwɛ nkyekyɛm 7)

7. (a) Sɛnea mfoni no ma yehu no, bere a Petro gyee nteɛso toom akyi no, sɛn na Yehowa de no yɛɛ adwuma? (b) Dɛn na wusua fi Petro hɔ?

7 Gye nteɛso tom, na yɛ nsakrae biara a ehia. Ɛtɔ da a, na Yesu teɛ Petro so wɔ asomafo no nyinaa anim. (Mar. 8:33; Luka 22:31-34) Yetumi hu sɛ na ɛbɛma Petro ani awu paa! Nanso Petro kɔɔ so dii Yesu nokware. Ogyee nteɛso toom, na osuaa biribi fii mfomso a odii no mu. Petro nokwaredi nti, Yehowa hyiraa no, na ɔde dwumadi atitiriw hyehyɛɛ ne nsa wɔ asafo no mu. (Yoh. 21:15-17; Aso. 10:24-33; 1 Pet. 1:1) Dɛn na yebetumi asua afi Petro hɔ? Sɛ wɔteɛ yɛn so, na yegye tom yɛ nsakrae biara a ehia, na yɛamfa yɛn adwene ansi aniwu a ɛbata ho no so a, ɛboa yɛne afoforo. Sɛ yɛyɛ saa a, Yehowa de yɛn bɛyɛ adwuma paa, na yɛn nuanom nso benya yɛn so mfaso pii.

8-9. Bere a wɔteɛɛ Bernardo so no, ahyɛase no, sɛn na ɔtee nka, nanso dɛn na ɛboaa no ma ɔteɛɛ n’adwene?

8 Yɛnhwɛ nea ɛtoo onua bi a ne din de Bernardo a ɔwɔ Mozambique. Wogyee hokwan a ɔwɔ sɛ asafo mu panyin no fii ne nsam. Ahyɛase no, sɛn na Bernardo tee nka? Ɔka sɛ, “Me bo fuwii, efisɛ m’ani annye nteɛso a wɔde maa me no ho.” Nea na ehia no ne adwene a na asafo no mufo benya wɔ ne ho. Ɔsan kaa sɛ, “Egyee me abosome kakra ansa na merenya nteɛso no ho adwempa. Afei nso, ɛkyɛe kakra ansa na meresan anya Yehowa ne n’ahyehyɛde no mu ahotoso.” Dɛn na ɛboaa Bernardo ma onyaa nteɛso no ho adwempa?

9 Bernardo teɛɛ n’adwene. Ɔkyerɛ mu sɛ: “Bere a meyɛ asafo mu panyin no, na metaa de Hebrifo 12:7 boa anuanom ma wonya Yehowa nteɛso ho adwempa. Afei mibisaa me ho sɛ, ‘Henanom na ɛsɛ sɛ wɔde saa kyerɛwsɛm yi yɛ adwuma?’ Yehowa asomfo nyinaa a me nso meka ho.” Ɛno akyi no, Bernardo yɛɛ nneɛma foforo a ɛbɛboa no ma wasan anya Yehowa ne n’ahyehyɛde no mu ahotoso. Sɛnea ɔkenkan Bible daa, na odwinnwen ho kɔ akyiri no, ɔhyɛɛ mu den. Ɛwom sɛ, na ontumi nhu adwene a anuanom benya wɔ ne ho, nanso ɔne wɔn kɔɔ asɛnka, na na ɔma mmuae wɔ adesua ase. Bere bi akyi no, wɔsan paw Bernardo sɛ asafo mu panyin. Sɛ wɔateɛ wo so te sɛ Bernardo a, mfa w’adwene nsi aniwu a ɛbata ho no so, mmom gye afotu no tom, na yɛ nsakrae biara a ehia. c (Mmeb. 8:33; 22:4) Woyɛ saa a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ, Yehowa behyira wo sɛ woakɔ so abata ɔne n’ahyehyɛde no ho.

BERE A ƐYƐ DEN MA YƐN SƐ YEBEGYE NSAKRAE BI A AHYEHYƐDE NO AYƐ ATOM

10. Nsakrae bɛn na ɛbae a ɛbɛyɛ sɛ ɛsɔɔ Israelfo mmarima no bi nokwaredi hwɛe?

10 Sɛ nsakrae bi ba ahyehyɛde no mu a, ebetumi asɔ yɛn nokwaredi ahwɛ. Yɛanhwɛ yiye a, ebetumi mpo ama yɛatew yɛn ho afi Yehowa ho. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a Mose Mmara no bae no, momma yɛnhwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ɛsɔɔ Israelfo no bi hwɛe. Ansa na Yehowa de Mmara no rema Israelfo no, na mmusua ti na ɛyɛ asɔfodwuma wɔ wɔn mmusua mu. Wosisii afɔremuka, na na wogyina wɔn mmusua ananmu bɔ afɔre wɔ so ma Yehowa. (Gen. 8:20, 21; 12:7; 26:25; 35:1, 6, 7; Hiob 1:5) Nanso bere a Mose Mmara no bae no, wɔamma mmusua ti anyɛ saa adwuma no bio. Yehowa paw asɔfo fii Aaron abusua mu sɛ wɔmmɔ afɔre. Saa nsakrae no bae akyi no, sɛ abusua ti bi mfi Aaron abusua mu na ofi ase yɛ ne ho sɛ ɔsɔfo a, na wobetumi akum no. d (Lev. 17:3-6, 8, 9) Nea ɛmaa Kora, Datan, Abiram ne mpanyimfo 250 sɔre tiaa Mose ne Aaron no, wohwɛ a ɛbɛyɛ sɛ na saa nsakrae yi ka ho bi anaa? (Num. 16:1-3) Yɛrentumi nsi no pi. Sɛ́ ɛte saa anaa ɛnte saa no, Kora ne n’apamfo no anni Yehowa nokware ankosi awiei. Sɛ nsakrae bi ba ahyehyɛde no mu na ɛsɔ wo nokwaredi hwɛ a, dɛn na wubetumi ayɛ?

Bere a Kohatfo no dwumadi sesae no, wofii wɔn pɛ mu bɛyɛɛ nnwontofo, apon ano ahwɛfo, na ebinom nso yɛɛ adekora adan so ahwɛfo (Hwɛ nkyekyɛm 11)

11. Lewifo a wofi Kohat abusua mu no, dɛn na yesua fi wɔn hɔ?

11 Sɛ nsakrae bi ba ahyehyɛde no mu a, fi wo koma nyinaa mu gye tom. Bere a Israelfo no nam sare no so no, na adwuma titiriw bi hyɛ Kohatfo no nsa. Bere biara a na Israelfo no betu afi wɔn asoɛe no, na Kohatfo no bi soa apam adaka no ma nnipa no nyinaa hu. (Num. 3:29, 31; 10:33; Yos. 3:2-4) Ná ɛyɛ hokwan kɛse paa! Nanso bere a Israelfo no koduu Bɔhyɛ Asaase no so no, nneɛma sesae. Ná ɛho nhia bio sɛ wɔsoa Adaka no. Bere a Solomon bɛyɛɛ ɔhene no, na Kohatfo no bi yɛ nnwontofo, apon ano ahwɛfo, na na ebinom nso yɛ adekora adan so ahwɛfo. (1 Be. 6:31-33; 26:1, 24) Biribiara nni Bible mu a ɛkyerɛ sɛ Kohatfo no nnwiinwii anaa wɔkaa sɛ adwuma titiriw a na ɛhyɛ wɔn nsa nti, wɔmma wɔn adwuma a nidi wom. Dɛn na yebetumi asua afi mu? Ɛne sɛ, sɛ nsakrae bi ba Yehowa ahyehyɛde no mu, na sɛ ɛka dwumadi a ɛhyɛ yɛn nsa mpo a, ɛsɛ sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu gye tom. Adwuma biara a wɔde bɛhyɛ wo nsa no, ma w’ani nnye ho. Kae sɛ, ɛnyɛ wo dwumadi na ɛma wosom bo wɔ Yehowa ani so. Osetie a wobɛyɛ ama Yehowa no, n’ani sɔ koraa sen dwumadi biara a wɔde bɛhyɛ wo nsa.—1 Sam. 15:22.

12. Bere a wɔmaa Zaina fii Betel kɔyɛɛ ɔkwampaefo titiriw no, ɔtee nka sɛn?

12 Momma yɛnhwɛ Zaina, onuawa bi a ɔwɔ Middle East. Wɔsesaa ne dwumadi, na ɛmaa hokwan bi a n’ani gye ho paa fii ne nsa. Bere a ɔde mfe bɛboro 23 somee wɔ Betel no, wɔma ɔkɔyɛɛ ɔkwampaefo titiriw. Ɔka sɛ: “Ná menhwɛ kwan koraa sɛ wɔbɛsesa me dwumadi. Enti ɛbaa saa no, metee nka sɛ me so nni mfaso, na mekɔɔ so bisaa me ho sɛ, ‘Bɔne bɛn na mayɛ?’” Awerɛhosɛm ne sɛ, nea asafo no mufo binom kekae koraa na ɛsɛee asɛm no. Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wobɔɔ wo ho mmɔden a, anka ahyehyɛde no amma woamfi Betel.” Zaina aba mu bui ara ma anadwo biara na ɔtew nisu. Nanso ɔka sɛ: “Mannya adwene da sɛ Yehowa ne n’ahyehyɛde no nnɔ me.” Dɛn na ɛboaa Zaina ma otumi susuw nneɛma ho yiye?

13. Dɛn na Zaina yɛ de dii ne haw no ho dwuma?

13 Zaina tumi dii ɔhaw a na ɔrehyia no so. Ɔyɛɛ no sɛn? Ɔkenkan asafo nhoma mu nsɛm a na ɛfa ne haw no ho. Asɛm bi a ɛbaa February 1, 2001, Ɔwɛn-Aban mu a ɔkenkanee boaa no paa. Ná wɔato din “Wubetumi Agyina Abasamtu Ano!” Ɛkaa Bible kyerɛwfo Marko ho asɛm, na ɛkyerɛɛ mu sɛ, ebetumi aba sɛ ɔno nso bere a ne dwumadi sesae no, ɛhaw no. Zaina ka sɛ, “Nea mekenkan faa Marko ho no, na ɛyɛ m’abasamtu no ano aduru.” Zaina antwe ne ho nso amfi ne nnamfo ho. Wantew ne ho; saa ara nso na wansu ne ho mmɔbɔ. Ɔde n’asɛm no baa awiei sɛ, Yehowa honhom na ɛkyerɛ n’ahyehyɛde no kwan, na anuanom a wodi nneɛma anim no nso dwen ne ho paa. Afei nso, obehui sɛ, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no sisi gyinae biara a ɛho hia na ama adwuma no akɔ so.

14. Nsakrae bɛn na ahyehyɛde no yɛe a na ɛyɛ den ma Vlado sɛ obegye atom, na dɛn na ɛboaa no?

14 Vlado a ɔwɔ Slovenia yɛ asafo mu panyin a wadi mfe 73. Bere a wɔkaa n’asafo ne asafo foforo boom, na wɔkaa sɛ baabi a wɔkɔ adesua no, wɔremfa saa Ahenni Asa no nni dwuma bio no, ɛhaw no. Ɔka sɛ: “Ná mente ase sɛ Ahenni Asa fɛfɛɛfɛ a ɛte saa no, wɔmpɛ sɛ yɛde bedi dwuma bio. Ɛyɛɛ me yaw, efisɛ na yesiesiee Ahenni Asa no nkyɛe. Meyɛ kapentani, na meka ho bi na yɛyɛɛ nkongua foforo no. Ɛno da nkyɛn a, ka a yɛne asafo foforo ka boom no, na ɛhwehwɛ sɛ yɛyɛ nsakrae bi a na ɛyɛ den ma adawurubɔfo a yɛn ani afi no.” Dɛn na ɛboaa Vlado ma ogyee nsakrae no toom? Ɔkyerɛ mu sɛ: “Sɛ Yehowa ahyehyɛde no yɛ nsakrae bi na yegye tom a, bere nyinaa ɛde nhyira pii ba. Saa nsakrae yi resiesie yɛn ama nsakrae akɛse a ɛbɛba daakye.” Wɔaka w’asafo ne asafo foforo abom, anaa wo dwumadi asesa, na ɛyɛ den ma wo sɛ wubegye atom anaa? Nya awerɛhyem sɛ, nea worefa mu no, Yehowa te ase. Sɛ wugye nsakrae a ɛtete saa no tom, na wobata Yehowa ne n’ahyehyɛde a ɔde redi dwuma no ho a, sɛnea ɛte biara, obehyira wo.—Dw. 18:25.

MA W’ANI NNA HƆ ADE NYINAA MU

15. Sɛ yehyia ɔhaw bi wɔ asafo no mu a, yɛbɛyɛ dɛn ama yɛn ani ada hɔ?

15 Bere a yɛrebɛn wiase yi awiei no, yɛhwɛ kwan sɛ yebetumi ahyia ɔhaw wɔ asafo no mu. Saa ɔhaw no betumi asɔ nokware a yedi ma Yehowa no ahwɛ. Enti ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ. Sɛ wote nka sɛ wo nua Kristoni bi ne wo anni no yiye a, mfa ne ho abufuw nhyɛ wo mu. Sɛ wɔteɛ wo so a, mfa w’adwene nsi aniwu a ɛbata ho no so, na mmom gye tom, na yɛ nsakrae biara a ehia. Afei nso, sɛ Yehowa ahyehyɛde no yɛ nsakrae bi na ɛka wo a, fi wo koma nyinaa mu gye tom, na fa akwankyerɛ biara a wɔde bɛma no yɛ adwuma.

16. Wobɛyɛ dɛn akɔ so anya ahotoso wɔ Yehowa ne n’ahyehyɛde no mu?

16 Sɛ wuhyia wo nokwaredi ho sɔhwɛ a, wubetumi akɔ so anya ahotoso wɔ Yehowa ne n’ahyehyɛde no mu. Nanso sɛ wubetumi ayɛ saa a, ɛsɛ sɛ woma w’ani da hɔ, kyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ wo koma tu, ɛsɛ sɛ wususuw nneɛma ho yiye, na wunya Yehowa adwene. Nnipa a Bible ka wɔn ho asɛm a wohyiaa wɔn nokwaredi ho sɔhwɛ na wotumi gyinaa ano no, fa si w’ani so sɛ wubesua wɔn ho ade, na dwinnwen wɔn nhwɛso no ho. Srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo. Ntwe wo ho mfi asafo no ho da. Sɛ woyɛ saa a, ɛmfa ho nea ebesi biara no, Satan rentumi ntew wo mfi Yehowa anaa n’ahyehyɛde no ho.—Yak. 4:7.

DWOM 126 Kɔ So Wɛn, Gyina Hɔ Pintinn

a Ɛtɔ da a, ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yebedi Yehowa nokware na yɛabata n’ahyehyɛde no ho, ɛnkanka bere a yɛrehyia ɔhaw wɔ asafo no mu no. Adesua yi mu no, yebesusuw saa ɔhaw no mmiɛnsa ho, na yɛahwɛ nea yebetumi ayɛ na yɛakɔ so adi Yehowa nokware na yɛabata n’ahyehyɛde no ho.

b Wɔasesa edin no bi.

c Wubetumi anya nsɛm foforo a ɛbɛboa wo wɔ asɛm a yɛato din, “So Woanya Ɔsom Hokwan Bi Pɛn? So Wubetumi Asom Bio?” no mu. Ɛwɔ August 15, 2009, Ɔwɛn-Aban mu, kr. 30.

d Ná Mmara no ka sɛ, mmusua ti a wɔpɛ sɛ wokum afieboa we no, ɛsɛ sɛ wɔde kɔ tenabea kronkron hɔ. Nanso mmusua ti a na baabi a wɔte ne tenabea kronkron no mu ware no, wɔyɛɛ nhyehyɛe foforo maa wɔn.—Deut. 12:21.