Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 46

Sɛnea Yehowa Boa Yɛn Ma Yɛde Anigye Gyina Sɔhwɛ Ano

Sɛnea Yehowa Boa Yɛn Ma Yɛde Anigye Gyina Sɔhwɛ Ano

“Yehowa de abotare retwɛn sɛ ɔbɛdom mo, na ɔbɛma ne ho so ahu mo mmɔbɔ.”—YES. 30:18.

DWOM 3 Yɛn Ahoɔden, Yɛn Anidaso ne Yɛn Ahotoso

NEA YƐREBESUA a

1-2. (a) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa ayɛ krado sɛ ɔbɛboa yɛn?

 ƆHAW a yehyia wɔ yɛn asetenam no, Yehowa betumi aboa yɛn ama yɛagyina ano, na yɛde anigye asom no. Akwan bɛn na ɔfa so boa yɛn? Mmoa a Yehowa de ma yɛn no, yɛbɛyɛ dɛn anya so mfaso kɛse? Yebenya saa nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ adesua yi mu. Nanso ansa na yebesusuw saa nsɛmmisa no ho no, momma yenni kan nhwɛ asɛmmisa yi: So Yehowa pɛ paa sɛ ɔboa yɛn?

2 Krataa a ɔsomafo Paul kyerɛw kɔmaa Hebrifo no, asɛmfua bi a ɔde dii dwuma wom no betumi aboa yɛn ma yɛanya mmuae no. Paul kyerɛwee sɛ: “Yehowa ne me boafo; merensuro. Dɛn na onipa betumi ayɛ me?” (Heb. 13:6) Nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu ka sɛ, asɛmfua “boafo” a wɔde dii dwuma wɔ saa nkyekyɛm yi mu no, nea ɛkyerɛ ne obi a ɔyɛ ntɛm kɔboa obi a ɔresu hwehwɛ mmoa. Fa w’adwene bu sɛ Yehowa reyɛ ntɛm akɔboa obi a ɔwɔ ahohia mu. Wei ma yehu paa sɛ, Yehowa ayɛ krado, na ɔpɛ paa sɛ ɔboa yɛn. Sɛ Yehowa wɔ yɛn afã a, sɔhwɛ biara a yebehyia no, yebetumi de anigye agyina mu.

3. Akwan mmiɛnsa bɛn na Yehowa fa so boa yɛn ma yɛde anigye gyina sɔhwɛ ano?

3 Akwan a Yehowa fa so boa yɛn ma yetumi gyina sɔhwɛ ano no, ebi ne sɛn? Momma yɛnkɔ Yesaia nhoma no mu nkɔpɛ mmuae no. Adɛn ntia? Nkɔmhyɛ a Onyankopɔn maa Yesaia kyerɛwee no, Onyankopɔn asomfo a ɛwɔ hɔ nnɛ no, emu pii fa wɔn ho. Ɛno da nkyɛn a, mpɛn pii no, sɛnea Yesaia ka Yehowa ho asɛm no, ɛnyɛ den sɛ yɛbɛte ase. Momma yɛmfa Yesaia ti 30 nyɛ ho nhwɛso. Saa ti no mu no, nsɛmfua a Yesaia de dii dwuma no, ɛma yetumi de yɛn adwene bu sɛnea Yehowa boa ne nkurɔfo. Yehowa nam akwan mmiɛnsa yi so na ɛboa yɛn: (1) Ɔto ne bo ase tie yɛn mpaebɔ, na obua. (2) Ɔma yɛn akwankyerɛ. (3) Ohyira yɛn nnɛ, na daakye nso obehyira yɛn. Momma yɛnto yɛn bo ase nsusuw akwan yi mu biara ho.

YEHOWA TIE YƐN

4. (a) Yudafo a na wɔwɔ Yesaia bere so no, sɛn na Yehowa kaa wɔn ho asɛm, na ewiee ase no, dɛn na ɔmaa kwan ma ɛtoo wɔn? (b) Anokwafo a na wɔwom no, anidaso bɛn na Yehowa ma wonyae? (Yesaia 30:18, 19)

4 Yesaia ti 30, nkyekyɛm baako no, Yehowa kaa Yudafo no ho asɛm sɛ wɔyɛ ‘mma atuatewfo a wɔde bɔne ka bɔne ho.’ Ɔtoaa so sɛ: “Wɔyɛ ɔman atuatewfo, . . . a wɔmpɛ sɛ wotie Yehowa mmara.” (Yes. 30:1, 9) Esiane sɛ wɔantie Yehowa nti, Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ Yehowa bɛma wɔahu amane. (Yes. 30:5, 17; Yer. 25:8-11) Ampa-ne-ampa ara, Babilonfo bɛsoaa wɔn kɔe. Nanso na Yudafo no bi yɛ anokwafo, na na Yesaia wɔ anidasosɛm bi ma wɔn. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, da bi bɛba a Yehowa betwa n’ani abɛhwɛ wɔn. (Kenkan Yesaia 30:18, 19.) Saa pɛpɛɛpɛ na esii nso. Yehowa gyee wɔn fii Babilonfo no nsam. Nanso ɛkyɛe paa ansa na Yehowa regye wɔn. Asɛm a ɛne, “Yehowa de abotare retwɛn sɛ ɔbɛdom mo” no kyerɛ sɛ, na ɛbɛkyɛ ansa na wagye anokwafo no. Nokwasɛm ne sɛ, bere a wɔsoaa Israelfo no kɔɔ Babilon no, edii mfe 70 ansa na wɔrema kwan ama wɔn mu bi asan aba Yerusalem. (Yes. 10:21; Yer. 29:10) Wobeduu wɔn kurom no, afei de, na wɔn su adan serew.

5. Awerɛhyem bɛn na Yesaia 30:19 ma yenya?

5 Ɛnnɛ, asɛm a ɛwɔ Yesaia 30:19 no betumi akyekye yɛn werɛ. Ɛhɔ ka sɛ: “Wunya ma wo nne so su frɛ no a, sɛnea ɛte biara ɔbɛdom wo.” Yesaia ma yɛn awerɛhyem sɛ, sɛ yesu frɛ Yehowa a, ɔbɛto ne bo ase atie yɛn, na wayɛ ntɛm ayɛ yɛn abisade ama yɛn. Yesaia toaa so sɛ: “Ɔte ara pɛ, obegye wo so.” Saa asɛm no ma yɛn awerɛhyem sɛ, yɛn Agya no ayɛ krado, na ɔpɛ paa sɛ ɔboa wɔn a wosu frɛ no no. Wei a yenim no boa yɛn ma yɛde anigye gyina sɔhwɛ ano.

6. Sɛn na Yesaia nsɛm no ma yehu sɛ Yehowa tie ne somfo biara mpaebɔ?

6 Dɛn bio na saa kyerɛwsɛm yi betumi aboa yɛn ma yɛasua afa yɛn mpaebɔ ho? Yehowa yɛ aso tie yɛn mu biara mpaebɔ. Adɛn nti na yebetumi aka saa? Yɛhwɛ Yesaia ti 30 nkyekyɛm a edi kan no reba no a, yehu sɛ na Yehowa rekasa kyerɛ Israel man no nyinaa. Enti ɔde edinnsiananmu “mo” na edii dwuma wɔ nkyekyɛm no bi mu. Nanso nkyekyɛm 19 no, ɔde edinnsiananmu “wo” na edii dwuma, efisɛ na ɔrekasa akyerɛ ankorankoro. Yesaia kyerɛwee sɛ: “Worensu bio”; “sɛnea ɛte biara ɔbɛdom wo”; “obegye wo so.” Yehowa yɛ Agya a ɔdɔ yɛn, enti ɔrenka nkyerɛ ne somfo a n’abam abu sɛ, “Adɛn na wonkenka wo ho te sɛ wo nua yi?” Mmom, esiane sɛ odwen yɛn mu biara ho nti, ɔno ankasa na ɔyɛ aso tie yɛn mpaebɔ.—Dw. 116:1; Yes. 57:15.

Bere a Yesaia kaa sɛ: ‘Mommma Yehowa nnhome’ no, na ɔrepɛ akyerɛ sɛn? (Hwɛ nkyekyɛm 7)

7. Sɛn na Yesaia ne Yesu nyinaa sii so dua sɛ, ehia sɛ yɛkɔ so bɔ mpae?

7 Sɛ yɛde yɛn ahiasɛm bi to Onyankopɔn anim a, ebia ɛhɔ no ara nea ɔbɛyɛ ama yɛn ne sɛ, ɔbɛhyɛ yɛn den ama yɛatumi agyina tebea no ano. Nanso sɛ ɔhaw a yɛrehyia no amfi hɔ ntɛm sɛnea yɛhwɛ kwan a, ebia ebehia sɛ yɛkɔ so srɛ Yehowa sɛ ɔmma yɛn ahoɔden a yɛde begyina ano. Ade yi, saa na ɔpɛ sɛ yɛyɛ. Asɛm a ɛwɔ Yesaia 62:7 si wei so dua. Ɛka sɛ: ‘Mommma Yehowa nnhome.’ Dɛn na saa asɛm no kyerɛ? Ɛne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bɔ Yehowa mpae ara ma ɛyɛ te sɛ nea yɛmma no kwan mpo mma ɔnnhome. Yesaia nsɛm yi ma yɛkae Yesu mfatoho a ɛfa mpaebɔ ho a ɛwɔ Luka 11:8-10, 13 no. Ɛhɔ no, Yesu hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa yɛn mpaebɔ ‘nguan’ Yehowa ho, na ‘yɛnkɔ so mmisa’ honhom kronkron. Yebetumi nso asrɛ Yehowa sɛ, ɔmma yɛn akwankyerɛ a yehia na yɛatumi asisi gyinae pa.

YEHOWA MA YƐN AKWANKYERƐ

8. Tete no, sɛn na asɛm a ɛwɔ Yesaia 30:20, 21 no baa mu?

8 Kenkan Yesaia 30:20, 21. Bere a Babilon asraafo bɛkaa Yerusalem hyɛɛ mu afe ne fã no, ahoyeraw a ɔmanfo no kɔɔ mu no, eduu baabi no na ayɛ te sɛ aduan a wodi ne nsu a wɔnom. Nanso sɛnea nkyekyɛm 20 ne 21 kyerɛ no, Yehowa hyɛɛ Yudafo no bɔ sɛ, sɛ wonu wɔn ho, na wɔsesa wɔn suban a obegye wɔn. Yesaia frɛɛ Yehowa ‘Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini,’ na ɔka kyerɛɛ ne manfo no sɛ, Yehowa bɛkyerɛ wɔn ɔkwan a wɔbɛfa so asom no ama asɔ n’ani. Saa asɛm no baa mu bere a Babilonfo gyaa Yudafo no ma wɔsan kɔɔ wɔn kurom no. Yehowa ma ɛdaa adi sɛ ɔyɛ wɔn Kyerɛkyerɛfo Kunini, na akwankyerɛ a ɔde maa wɔn nti, ɛma wɔsan maa nokware som so bio. Ɛnnɛ nso, ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ Yehowa yɛ yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini.

9. Ɛnnɛ, akwan a Yehowa fa so ma yɛn akwankyerɛ no, emu baako ne sɛn?

9 Yesaia ka yɛn ho asɛm sɛ, yɛte sɛ adesuafo a Yehowa fa akwan mmienu so kyerɛ yɛn ade. Nea edi kan, Yesaia ka sɛ: “Wode w’ani behu wo Kyerɛkyerɛfo Kunini no.” Saa ntotoho yi mu no, Yesaia ka sɛ, Ɔkyerɛkyerɛfo no gyina adesuafo no anim. Ɛnnɛ, yɛanya hokwan sɛ Yehowa yɛ yɛn Kyerɛkyerɛfo. Ɔkwan bɛn na Yehowa fa so kyerɛkyerɛ yɛn? Ɔnam n’ahyehyɛde no so na ɛyɛ saa. Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yenya akwankyerɛ a emu da hɔ fi Yehowa ahyehyɛde no hɔ! Yenya akwankyerɛ wɔ adesua ase, nhyiam ase, yɛn nhoma ahorow mu, JW Broadcasting® ne akwan horow pii so. Wei nyinaa boa yɛn na sɛ yehyia ɔhaw a, yɛatumi de anigye agyina ano.

10. Ɔkwan bɛn so na yɛte ‘asɛm bi wɔ yɛn akyi’?

10 Yesaia ka ɔkwan a ɛtɔ so mmienu a Yehowa fa so kyerɛkyerɛ yɛn no ho asɛm sɛ: “W’aso bɛte asɛm bi wɔ w’akyi.” Ɛha no, odiyifo Yesaia ka Yehowa ho asɛm sɛ, ɔte sɛ ɔkyerɛkyerɛfo bi a n’ani da hɔ a odi n’adesuafo akyi rekyerɛ wɔn ɔkwan a wɔmfa so. Ɛnnɛ, yɛte Onyankopɔn nne wɔ yɛn akyi. Ɔkwan bɛn so? Onyankopɔn nsɛm a ɛwɔ Bible mu no, wɔkyerɛwee akyɛ paa. Enti sɛ yɛkenkan Bible no a, ɛte sɛ nea yɛrete Onyankopɔn nne wɔ yɛn akyi.—Yes. 51:4.

11. Sɛ yebetumi de anigye agyina sɔhwɛ mu a, anammɔn mmienu bɛn na ɛsɛ sɛ yetu, na adɛn ntia?

11 Akwankyerɛ a Yehowa nam n’ahyehyɛde ne n’Asɛm no so de ma yɛn no, dɛn na yɛbɛyɛ na yɛatumi anya so mfaso kɛse? Yesaia ka nneɛma mmienu bi ho asɛm. Nea edi kan, “ɔkwan no ni.” Nea ɛtɔ so mmienu, “fa so.” (Yes. 30:20, 21) Sɛ yehu “ɔkwan no” a na yenwiei; ɛsɛ sɛ ‘yɛfa so.’ Yehowa Asɛm no ne nkyerɛkyerɛmu a n’ahyehyɛde no de ma yɛn no boa yɛn ma yehu nea Yehowa hwehwɛ fi yɛn hɔ. Afei nso, yesua sɛnea yɛde nea yɛasua no bɛbɔ yɛn bra. Sɛ yebetumi de anigye agyina sɔhwɛ ano, na yɛasom Yehowa a, gye sɛ yetu anammɔn mmienu no nyinaa. Ɛno a yɛbɛyɛ no na ɛbɛma Yehowa ahyira yɛn.

YEHOWA HYIRA YƐN

12. Sɛnea Yesaia 30:23-26 ma yehu no, sɛn na Yehowa hyiraa ne nkurɔfo?

12 Kenkan Yesaia 30:23-26. Bere a Yudafo no fi Babilon san baa Israel no, sɛn na nkɔmhyɛ yi baa mu? Wonyaa honam fam ne honhom fam nhyira pii. Yehowa hyiraa ne nkurɔfo ma wonyaa aduan bebree. Nanso nhyira kɛse a wonyae ne sɛ, biribiara a na wohia na wɔatumi asom Yehowa yiye, na nkakrankakra wɔasan ama nokware som so no, Yehowa de maa wɔn. Honhom fam nhyira a Onyankopɔn nkurɔfo nyaa no saa bere no, na wonnyaa bi saa da. Sɛnea nkyekyɛm 26 ma yehu no, Yehowa maa hann hyerɛnee wɔ ne nkurɔfo so, kyerɛ sɛ, ɔboaa wɔn ma wɔtee n’Asɛm ase yiye. (Yes. 60:2) Nhyira a Yehowa asomfo nyae no ma wonyaa “koma mu anigye.” Ɛno maa wɔde anigye ne ahokeka som no.—Yes. 65:14.

13. Nkɔmhyɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔbɛsan ama nokware som so wɔ yɛn bere yi so no, sɛn na aba mu?

13 Nkɔmhyɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔbɛsan ama nokware som so no, ɛfa yɛn ho nnɛ anaa? Yiw, ɛfa yɛn ho paa! Adɛn nti na yɛreka saa? Efi afe 1919 Y.B. no, nnipa ɔpepem pii ne Babilon Kɛse a egyina hɔ ma atorosom a ɛwɔ wiase nyinaa no atetew mu. Wɔde wɔn aba baabi a eye koraa kyɛn Bɔhyɛ Asaase a wɔde maa Israelfo no. Wɔde wɔn aba honhom fam paradise. (Yes. 51:3; 66:8) Dɛn ne saa honhom fam paradise no?

14. Dɛn ne honhom fam paradise no, na ɛnnɛ henanom na ɛte hɔ? (Hwɛ Asɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu no.)

14 Efi afe 1919 Y.B. no, Kristofo a wɔasra wɔn no te honhom fam paradise bi mu. b Nkakrankakra “nguan foforo” a wɔn anidaso ne sɛ wɔbɛtena asaase so no nso akɔtena saa honhom fam asaase yi so bi, na Yehowa rehyira wɔn paa.—Yoh. 10:16; Yes. 25:6; 65:13.

15. Ɛhe na honhom fam paradise no wɔ?

15 Ɛnnɛ, ɛhe na honhom fam asaase anaa paradise no wɔ? Yehowa asomfo wɔ asaase so baabiara. Enti, honhom fam paradise a yɛte mu no nso wɔ wiase baabiara. Ɛnnɛ, ɛmfa ho baabiara a yɛte wɔ asaase so no, sɛ yɛtaa nokware som akyi a, ɛkyerɛ sɛ yɛte honhom fam paradise no mu.

Dɛn na yɛn mu biara betumi ayɛ ma honhom fam paradise no ahoɔfɛ no bi abɛka ho? (Hwɛ nkyekyɛm 16-17)

16. Yɛbɛyɛ dɛn akɔ so ara ama honhom fam paradise no ayɛ yɛn fɛ?

16 Sɛ yebetumi akɔ so atena honhom fam paradise no mu a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so kyerɛ sɛ Kristofo asafo no da yɛn koma so paa. Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Ɛne sɛ, wɔn a wɔte honhom fam paradise no mu no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ani si wɔn suban pa so, na ɛnyɛ wɔn sintɔ. (Yoh. 17:20, 21) Adɛn nti na wei ho hia paa? Yɛnhwɛ mfatoho bi. Sɛ yɛkɔ turo anaa kwae bi a ɛyɛ fɛ mu a, yɛhwɛ kwan sɛ yebehu nnua ahorow-ahorow. Ɛnnɛ nso, honhom fam paradise a Onyankopɔn asomfo wom no, yebetumi de emu nnipa ahorow-ahorow no atoto nnua a ɛwɔ kwae mu ho. (Yes. 44:4; 61:3) Akamakam a ɛwowɔ “nnua” a ɛbemmɛn yɛn no ho no, ɛnyɛ ɛno na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si so, mmom ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si “kwae” no fɛ so. Baakoyɛ a ɛwɔ Yehowa asafo no mu no, ɛyɛ fɛ paa, enti ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn sintɔ anaa anuanom a ɛwɔ asafo no mu sintɔ sɛe saa baakoyɛ no.

17. Dɛn na yɛn mu biara betumi ayɛ de aboa ma baakoyɛ atena asafo no mu?

17 Dɛn na yɛn mu biara yɛ a ɛbɛma baakoyɛ atena asafo no mu? Ɛne sɛ yɛbɛhwehwɛ asomdwoe. (Mat. 5:9; Rom. 12:18) Bere biara a yebetu anammɔn ama asomdwoe aba yɛne anuanom ntam no, yɛma honhom fam paradise no ahoɔfɛ no bi bɛka ho. Yɛma ɛtena yɛn adwene mu sɛ obiara a ɔwɔ honhom fam paradise no mu no, Yehowa na atwe no aba nokware som mu. (Yoh. 6:44) Yehowa asomfo a wɔsom bo ma no no, sɛ ohu sɛ yɛreyɛ nea yebetumi biara ama asomdwoe ne baakoyɛ atena yɛne wɔn ntam a, wo de hwɛ sɛnea n’ani begye afa!—Yes. 26:3; Hag. 2:7.

18. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛtaa dwinnwen ho, na adɛn ntia?

18 Nhyira a Onyankopɔn de ma n’asomfo no, dɛn na yɛbɛyɛ na yɛanya so mfaso kɛse? Nea yesua wɔ Onyankopɔn Asɛm ne asafo nhoma mu no, ɛsɛ sɛ yedwinnwen ho kɔ akyiri. Sɛ yesua ade na yedwinnwen ho a, ɛboa yɛn ma yenya suban pa. Ɛba saa a, ɛkanyan yɛn ma yenya ‘onuadɔ ma yɛn ho, na obiara pɛ ne yɔnko asɛm paa’ wɔ asafo no mu. (Rom. 12:10) Sɛ yedwinnwen sɛnea Yehowa ahyira yɛn nnɛ no ho a, ɛbɛma yɛne n’ayɔnkofa no mu ayɛ den. Afei nso, sɛ yedwinnwen nea Yehowa bɛyɛ ama yɛn daakye no ho a, ɛbɛma yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛsom no daa. Wei nyinaa bɛma yɛde anigye asom Yehowa nnɛ.

YEBEMIA YƐN ANI AGYINA MU

19. (a) Sɛnea Yesaia 30:18 kyerɛ no, awerɛhyem bɛn na yebetumi anya? (b) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛde anigye agyina sɔhwɛ ano?

19 Sɛ Yehowa de wiase bɔne yi reba awiei a, “ɔbɛma ne ho so” anaa ɔbɛkeka ne ho na watwitwa agye yɛn. (Yes. 30:18) “Yehowa yɛ atɛntrenee Nyankopɔn,” enti yɛwɔ awerɛhyem sɛ, sɛ da a ɔde bɛsɛe Satan wiase no so a, ɔremma da koro mpo mpa ho. (Yes. 25:9) Yɛde ntoboase retwɛn Yehowa nkwagye da no. Enkosi sɛ saa bere no bɛba no, yɛasi yɛn bo sɛ hokwan a yɛwɔ sɛ yɛbɔ mpae no, yɛrentoto no ase. Afei nso, yɛbɛyere yɛn ho asua Onyankopɔn Asɛm na yɛde abɔ yɛn bra, na yɛadwinnwen nhyira a yɛanya no ho. Yɛyɛ saa a, sɔhwɛ biara a yebehyia no, Yehowa bɛboa yɛn ma yɛde anigye agyina ano, na yɛasom no.

DWOM 142 Momma Yenkura Yɛn Anidaso Mu Den

a Ɔhaw a Yehowa asomfo hyia no, adesua yi bɛma yɛahu akwan mmiɛnsa a Yehowa fa so boa wɔn ma wɔde anigye gyina ano. Yebesusuw Yesaia ti 30 ho, na ɛbɛma yɛahu akwan mmiɛnsa no. Bere a yɛresusuw saa ti no ho no, ɛbɛkae yɛn sɛ ɛho hia sɛ yɛbɔ Yehowa mpae na yesua n’Asɛm no. Afei nso, ɛbɛma yɛahu sɛ, sɛnea Yehowa rehyira yɛn nnɛ, ɛne nhyira a yebenya daakye no, ehia sɛ yedwinnwen ho.

b ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: “Honhom fam paradise” no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so baabi a ahobammɔ wɔ a yɛde baakoyɛ som Yehowa. Ɛhɔ no, yenya honhom fam aduan pii a atorosom nkyerɛkyerɛ biara mfrafra mu. Afei nso, yenya hokwan pii de ka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa ma yɛn koma tɔ yɛn yam. Ɛma yɛne Yehowa nya ayɔnkofa a emu yɛ den. Ɛno da nkyɛn a, yɛn nuanom a wɔboa yɛn ma yɛde anigye gyina asetena mu haw ano no, ɛboa yɛn ma yɛne wɔn tena asomdwoe mu. Sɛ yefi ase som Yehowa wɔ ɔkwan a ɔpɛ so, na yɛyɛ nea yebetumi biara suasua no a, ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ honhom fam paradise no mu.