Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 45

Sɛnea Yehowa Boa Yɛn Ma Yɛyɛ Asɛnka Adwuma No

Sɛnea Yehowa Boa Yɛn Ma Yɛyɛ Asɛnka Adwuma No

“Wobehu sɛ odiyifo bi tenaa wɔn mu.”—HES. 2:5.

DWOM 67 “Ka Asɛm No”

NEA YƐREBESUA a

1. Dɛn na yɛhwɛ kwan sɛ yebetumi ahyia, na ahotoso bɛn na yebetumi anya?

 SƐ YƐREYƐ asɛnka adwuma no a, yɛhwɛ kwan sɛ yebetumi ahyia ɔsɔretia. Ebia saa ɔsɔretia no mu betumi ayɛ den daakye. (Dan. 11:44; 2 Tim. 3:12; Adi. 16:21) Nanso, yebetumi anya ahotoso sɛ mmoa biara a yehia no, Yehowa de bɛma yɛn. Adɛn ntia? Efi tete nyinaa, adwuma biara a Yehowa de ma n’asomfo no, sɛ ɛyɛ den sɛ dɛn mpo a, ɔboa wɔn ma wotumi yɛ. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, momma yɛnhwɛ nsɛm bi a esisii odiyifo Hesekiel asetenam bere a ɔkaa asɛm no kyerɛɛ Yudafo a wotuu wɔn ase kɔɔ Babilon no.

2. Asaasesin a Hesekiel kaa asɛm no wom no, sɛn na Yehowa kaa nnipa a ɛwom no ho asɛm, na dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu? (Hesekiel 2:3-6)

2 Asaasesin a Hesekiel yɛɛ mu adwuma no, nnipa bɛn saa na na ɛwom? Yehowa kaa wɔn ho asɛm sɛ “wommu ade,” “wɔn koma yɛ den” na “wɔyɛ atuatewfo.” Ná wɔte sɛ nsɔe, na na wɔn ho yɛ hu te sɛ nkekantwɛre. Ɛnyɛ nwanwa sɛ Yehowa hyɛɛ Hesekiel nkuran mpɛn pii sɛ: “Nsuro.” (Kenkan Hesekiel 2:3-6.) Hesekiel tumi kaa asɛm no kyerɛɛ ne manfo efisɛ (1) Yehowa na ɔsomaa no, (2) Onyankopɔn honhom maa no ahoɔden, na (3) Onyankopɔn nsɛm hyɛɛ no den. Sɛn na saa nneɛma mmiɛnsa yi boaa Hesekiel, na sɛn na ɛboa yɛn nnɛ?

YEHOWA SOMAA HESEKIEL

3. Nsɛm bɛn na ɛbɛyɛ sɛ ɛhyɛɛ Hesekiel den, na sɛn na Yehowa maa no awerɛhyem sɛ ɔbɛboa no?

3 Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ: “Meresoma wo.” (Hes. 2:3, 4) Ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm no hyɛɛ Hesekiel den. Adɛn ntia? Ɛbɛyɛ sɛ Hesekiel kaee sɛ bere a Yehowa paw Mose ne Yesaia sɛ n’adiyifo no, ɔkaa nsɛm bi a ɛte saa kyerɛɛ wɔn. (Ex. 3:10; Yes. 6:8) Afei nso, ɔhaw a saa adiyifo mmienu no hyiae wɔ adwuma a Yehowa de maa wɔn no ho no, na Hesekiel nim sɛnea Yehowa boaa wɔn ma wotumi dii so. Enti, bere a Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel mprenu sɛ: “Meresoma wo” no, na odiyifo no wɔ nea obegyina so agye adi sɛ Yehowa bɛboa no. Afei nso, yɛtaa hu asɛm a ɛne: “Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ” wɔ Hesekiel nhoma no mu. (Hes. 3:16) Ɛno da nkyɛn a, asɛm a ɛne: “Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ” no pue mpɛn pii wom. (Hes. 6:1) Biribiara kyerɛ sɛ na Hesekiel gye di sɛ Yehowa na asoma no. Bio nso, na Hesekiel papa yɛ ɔsɔfo, enti ɛbɛyɛ sɛ na wakyerɛkyerɛ no ma wabehu sɛ, efi tete nyinaa Yehowa maa n’adiyifo awerɛhyem sɛ ɔtaa wɔn akyi. Yehowa ka kyerɛɛ Isak, Yakob, ne Yeremia sɛ: “Meka wo ho.”—Gen. 26:24; 28:15; Yer. 1:8.

4. Awerɛkyekyesɛm bɛn na ɛbɛyɛ sɛ ɛhyɛɛ Hesekiel den?

4 Asɛm a na Hesekiel rekɔka no, sɛn na na Israelfo no bɛyɛ wɔn ade wɔ ho? Yehowa kaa sɛ: “Israel fi de, wɔrentie wo, efisɛ wɔmpɛ sɛ wotie me.” (Hes. 3:7) Tie a nkurɔfo no antie Hesekiel no kyerɛ sɛ na wɔapo Yehowa. Saa asɛm no maa Hesekiel nyaa awerɛhyem sɛ, sɛ nkurɔfo no antie no a, ɛno nkyerɛ sɛ odiyifo adwuma a Yehowa de ahyɛ ne nsa no, wanyɛ no yiye. Yehowa san maa Hesekiel awerɛhyem sɛ, sɛ atemmusɛm a ɔkae no ba mu a, nkurɔfo no ‘behu sɛ odiyifo bi tenaa wɔn mu.’ (Hes. 2:5; 33:33) Yetumi hu sɛ saa awerɛkyekyesɛm no hyɛɛ Hesekiel den ma otumi kaa asɛm no.

YƐN NSO YEHOWA ASOMA YƐN

Sɛnea Hesekiel manfo sɔre tiaa no, na wɔantie asɛm a ɔkae no, yɛn nso ebia biribi saa na yebehyia, nanso yenim sɛ Yehowa ka yɛn ho (Hwɛ nkyekyɛm 5-6)

5. Sɛnea Yesaia 44:8 ma yehu no, dɛn na ɛhyɛ yɛn den?

5 Yɛn nso, nim a yenim sɛ Yehowa na asoma yɛn no hyɛ yɛn den. Wadi yɛn ni sɛ ɔfrɛ yɛn ‘n’adansefo.’ (Yes. 43:10) Wei yɛ hokwan kɛse paa! Sɛnea Yehowa hyɛɛ Hesekiel nkuran sɛ “nsuro” no, saa ara na yɛn nso ɔhyɛ yɛn nkuran sɛ: “Munnsuro.” Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yesuro wɔn a wɔsɔre tia yɛn? Sɛnea Yehowa somaa Hesekiel no, yɛn nso wasoma yɛn, na ɔtaa yɛn akyi.—Kenkan Yesaia 44:8.

6. (a) Asɛm bɛn na Yehowa aka a ɛkyerɛ sɛ ɔtaa yɛn akyi? (b) Dɛn na ɛkyekye yɛn werɛ na ɛhyɛ yɛn den?

6 Yehowa ma yɛn awerɛhyem sɛ ɔtaa yɛn akyi. Ansa na Yehowa reka sɛ: “Mone m’adansefo” no, na waka sɛ: “Sɛ wutwa nsu a, medi w’akyi; wofa nsubɔnten mu a, ɛremfa wo. Sɛ wofa ogya mu a, ɛrenhyew wo, na ogyaframa renhyew wo ho nwi mpo.” (Yes. 43:2) Sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma no a, ɛtɔ da a yetumi hyia akwanside a ɛte sɛ asubɔnten anaa sɔhwɛ a ɛte sɛ ogya. Nanso, Yehowa mmoa nti, yegu so ara reka asɛmpa no. (Yes. 41:13) Sɛnea Hesekiel bere so no, nnipa dodow no ara antie asɛm no, ɛnnɛ nso saa ara na ɛte. Ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem sɛ, tie a nkurɔfo ntie asɛmpa no nkyerɛ sɛ yenni Onyankopɔn ho adanse yiye. Nea ɛkyekye yɛn werɛ na ɛhyɛ yɛn den ne sɛ, sɛ yɛkɔ so ara ka asɛmpa no na yɛampa abaw a, yenim sɛ ɛsɔ Yehowa ani. Ɔsomafo Paul kaa sɛ: “Wɔn mu biara benya n’ankasa akatua sɛnea n’ankasa adwuma te.” (1 Kor. 3:8; 4:1, 2) Onuawa bi a wayɛ akwampae adwuma no akyɛ ka sɛ: “Ɛyɛ me dɛ sɛ mabehu sɛ yɛn mmɔdenbɔ na Yehowa hwɛ ho tua yɛn ka.”

ONYANKOPƆN HONHOM MAA HESEKIEL AHOƆDEN

Hesekiel nyaa anisoadehu bi faa Yehowa soro teaseɛnam no ho, na ɛhyɛɛ ne gyidi den sɛ Yehowa bɛboa no ma watumi aka asɛm no (Hwɛ nkyekyɛm 7)

7. Bere biara a Hesekiel bedwinnwen anisoadehu a onyae no ho no, ɛbɛyɛ sɛ na ɛka no sɛn? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

7 Hesekiel hui sɛ Onyankopɔn honhom wɔ tumi paa. Anisoadehu bi a Hesekiel nyae mu no, ohui sɛ honhom kronkron reboa ahonhom abɔde bi a wɔwɔ tumi, na ɛno ara nso na na ɛde ɔsoro teaseɛnam kokuroo no kɔ baabiara a ɛpɛ sɛ ɛkɔ. (Hes. 1:20, 21) Anisoadehu no kaa Hesekiel sɛn? Ɔkyerɛw nea esii no ho asɛm sɛ: “Bere a mihui no, mede m’anim butuw fam.” Wei kyerɛ sɛ ne ho dwiriw no papaapa. (Hes. 1:28) Akyiri yi, bere biara a Hesekiel bedwinnwen saa anisoadehu no ho no, ɛbɛyɛ sɛ ɛhyɛɛ ne gyidi den sɛ Yehowa honhom bɛboa no ma watumi aka asɛm no.

8-9. (a) Bere a Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ ‘ɔnsɔre nnyina ne nan so’ no, ɛboaa no sɛn? (b) Asaasesin a na emu yɛ den no, dɛn bio na Yehowa yɛ de hyɛɛ Hesekiel den ma otumi yɛɛ mu adwuma?

8 Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ: “Onipa ba, sɔre gyina wo nan so na me ne wo nkasa.” Saa asɛm no ne Onyankopɔn honhom maa Hesekiel ahoɔden a na obetumi de asɔre afi fam hɔ. Hesekiel kyerɛwee sɛ: “Honhom baa me mu, na ɛma migyinaa me nan so tiee nea ɔne me rekasa no.” (Hes. 2:1, 2) Efi saa bere no rekɔ nyinaa, Onyankopɔn honhom kronkron boaa Hesekiel wɔ n’adwuma no mu. (Hes. 3:22; 8:1; 33:22; 37:1; 40:1) Onyankopɔn honhom hyɛɛ Hesekiel den ma ɔyɛɛ adwuma a ɔde hyɛɛ ne nsa no. Ná ɛsɛ sɛ ɔka asɛm no kyerɛ nnipa a wɔyɛ “asobrakye na wɔn koma yɛ den” no. (Hes. 3:7) Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ: “Mama w’anim ayɛ den te sɛ wɔn anim, na wo moma so ayɛ den te sɛ wɔn moma so. Mama wo moma so ayɛ sɛ dɛnkyɛmmo, na ayɛ den sen ɔbo. Nsuro wɔn na mmɔ hu wɔn anim.” (Hes. 3:8, 9) Yɛbɛka a, na Yehowa reka akyerɛ Hesekiel sɛ: ‘Mma nkurɔfo no asoɔden mmmu w’abam. Mɛhyɛ wo den.’

9 Ɛno akyi no, Onyankopɔn honhom maa Hesekiel so wɔ anisoadehu mu kɔɔ n’asaasesin mu ma ɔkɔkaa asɛm no. Hesekiel kyerɛwee sɛ: “Yehowa nsa soo me mu denneennen.” Asɛm a Yehowa de somaa Hesekiel no, egyee no nnawɔtwe ansa na ɔretumi akenkan ate ase yiye, na watumi anya akokoduru de aka. (Hes. 3:14, 15) Afei, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔ “asaasetraa” bi so, na ‘honhom baa ne mu’ wɔ hɔ. (Hes. 3:23, 24) Afei de, na Hesekiel ayɛ krado sɛ obefi n’adwuma no ase.

YƐN NSO ONYANKOPƆN HONHOM MA YƐN AHOƆDEN

Dɛn na ɛboaa Hesekiel, na yɛn nso, dɛn na ɛboa yɛn ma yɛyɛ asɛnka adwuma no? (Hwɛ nkyekyɛm 10)

10. Mmoa bɛn na yehia na yɛatumi ayɛ asɛnka adwuma no, na adɛn ntia?

10 Mmoa bɛn na yehia na yɛatumi ayɛ asɛnka adwuma no? Nea ɛbɛyɛ na yɛanya mmuae no, momma yensusuw nea ɛtoo Hesekiel no ho. Ansa na ɔrefi ase aka asɛm no akyerɛ ne manfo no, Onyankopɔn honhom maa no ahoɔden. Ɛnnɛ, sɛ yɛn nso yebetumi aka asɛm no te sɛ Hesekiel a, gye sɛ Onyankopɔn honhom boa yɛn. Adɛn ntia? Efisɛ Satan ko tia yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yebegyae asɛnka adwuma no. (Adi. 12:17) Nnipa ani so de, sɛ wɔde yɛn toto Satan ho a, yɛte sɛ edwie. Nanso yɛnam asɛnka adwuma no so redi no so nkonim. (Adi. 12:9-11) Ɔkwan bɛn so? Sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma no bi a, yɛma Satan hu sɛ yensuro n’ahunahuna no. Bere biara a yɛbɛka asɛm no bi no, yɛma Satan di nkogu. Enti ɔsɔretia yi nyinaa akyi no, sɛ yegu so ara reka asɛmpa no a, dɛn na ɛno kyerɛ? Ɛkyerɛ sɛ honhom kronkron ma yɛn ahoɔden, na Yehowa nso taa yɛn akyi.—Mat. 5:10-12; 1 Pet. 4:14.

11. Dɛn na Onyankopɔn honhom bɛyɛ ama yɛn, na dɛn na yɛyɛ a ɛbɛma yɛakɔ so anya ne honhom no?

11 Ka a Yehowa kaa sɛ wama Hesekiel anim ne ne moma so ayɛ den no, awerɛhyem bɛn bio na ebetumi ama yɛanya? Ɔhaw biara a ebia yebehyia wɔ asɛnka mu no, Onyankopɔn honhom bɛhyɛ yɛn den ama yɛatumi adi so. (2 Kor. 4:7-9) Sɛ saa a, ɛnde dɛn na yɛyɛ a ɛbɛma yɛakɔ so anya Onyankopɔn honhom no? Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so srɛ honhom kronkron no, na yenya awerɛhyem sɛ Yehowa betie yɛn mpaebɔ. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Monkɔ so mmisa, . . . monkɔ so nhwehwɛ, . . . monkɔ so mmom.” Yehowa nso ‘de honhom kronkron bɛma wɔn a wobisa no no.’—Luka 11:9, 13; Aso. 1:14; 2:4.

ONYANKOPƆN NSƐM HYƐƐ HESEKIEL DEN

12. Sɛnea Hesekiel 2:9–3:3 ma yehu no, ɛhefa na nhoma mmobɔwee no fi bae, na dɛn na na ɛwom?

12 Ɛnyɛ Onyankopɔn honhom no nko ara na ɛmaa Hesekiel nyaa ahoɔden, na mmom Onyankopɔn nsɛm nso hyɛɛ no den. Anisoadehu bi a Hesekiel nyae mu no, ohuu nsa bi a ekura nhoma mmobɔwee bi mu. (Kenkan Hesekiel 2:9–3:3.) Ɛhefa na nhoma mmobɔwee no fi bae? Dɛn na na ɛwom? Sɛn na ɛhyɛɛ Hesekiel den? Momma yɛnhwɛ. Nhoma mmobɔwee no fi Onyankopɔn ahengua no anim na ɛbae. Abɔfo baanan a Hesekiel huu wɔn no, ɛbɛyɛ sɛ wɔn mu baako na Yehowa faa no so de nhoma mmobɔwee no maa no. (Hes. 1:8; 10:7, 20) Onyankopɔn nsɛm na na ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu. Ná ɛyɛ atemmusɛm a ɛsɛ sɛ Hesekiel ka kyerɛ Israelfo atuatewfo a na wɔatu wɔn afi wɔn asaase so no. (Hes. 2:7) Ná wɔakyerɛw atemmusɛm no wɔ nhoma mmobɔwee no anim ne akyi nyinaa.

13. Dɛn na Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ ɔnyɛ nhoma mmobɔwee no, na adɛn nti na na ɛyɛ dɛ?

13 Yehowa ka kyerɛɛ ne diyifo no sɛ ɔnwe nhoma mmobɔwee no, na ‘ɛnhyɛ ne yafunu ma.’ Hesekiel tiee Yehowa wee nhoma mmobɔwee no nyinaa. Dɛn na anisoadehu yi kyerɛ? Asɛm a na Hesekiel rekɔka akyerɛ ne manfo no, na ehia sɛ ɔte ase yiye. Ná ɛsɛ sɛ asɛm no wurawura no sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛkanyan no ama waka. Bere a ɔyɛɛ saa no, biribi a ɛyɛ nwanwa sii. Hesekiel hui sɛ na nhoma mmobɔwee no yɛ “dɛdɛɛdɛ te sɛ ɛwo.” (Hes. 3:3) Adɛn ntia? Hesekiel fam no, na ɛyɛ no dɛ sɛ wanya hokwan sɛ Yehowa nanmusini. (Dw. 19:8-11) Ná n’ani sɔ paa sɛ Yehowa agye no atom sɛ ne diyifo.

14. Dɛn na ɛboaa Hesekiel ma ɔyɛɛ krado sɛ ɔbɛyɛ adwuma a Yehowa de hyɛɛ ne nsa no?

14 Akyiri yi, Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ: “Onipa ba, ma nsɛm a mereka akyerɛ wo no nyinaa nna wo koma so na tie.” (Hes. 3:10) Saa akwankyerɛ yi ma yehu sɛ, na Yehowa reka akyerɛ Hesekiel sɛ ɔnkyere nhoma mmobɔwee no mu nsɛm ngu ne tirim na onwinnwen ho. Hesekiel yɛɛ saa no, ɛhyɛɛ no den. Afei nso, ɛma onyaa nsɛm a tumi wom a ɔbɛka akyerɛ ne manfo no. (Hes. 3:11) Seesei a Onyankopɔn asɛm wɔ Hesekiel komam ne ne tɛkrɛma so yi, wutumi hu sɛ na wayɛ krado sɛ ɔbɛyɛ adwuma a na Yehowa de ahyɛ ne nsa no.—Fa toto Dwom 19:14 ho.

YƐN NSO ONYANKOPƆN NSƐM HYƐ YƐN DEN

15. Sɛ yebetumi akɔ so ayɛ asɛnka adwuma no a, dɛn na ɛsɛ sɛ ‘ɛda yɛn koma so’?

15 Sɛ yebetumi akɔ so ayɛ asɛnka adwuma no a, yɛn nso ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn nsɛm kɔ so hyɛ yɛn den. Nea Yehowa ka kyerɛ yɛn nyinaa, ɛsɛ sɛ ‘ɛda yɛn koma so.’ Ɛnnɛ, Yehowa nam n’Asɛm Bible no so na ɛkasa kyerɛ yɛn. Yɛbɛyɛ dɛn ama Onyankopɔn Asɛm no akɔ so awurawura yɛn na akanyan yɛn?

16. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn Asɛm no, na dɛn na yɛbɛyɛ ama awurawura yɛn?

16 Sɛ yedidi na aduan no yam a, ɛma yenya ahoɔden. Onyankopɔn Asɛm no nso, sɛ yesua na yedwinnwen ho a, ɛhyɛ yɛn den. Ɛsɛ sɛ yɛkae nhoma mmobɔwee no ho asuade no. Yehowa pɛ sɛ yɛde n’Asɛm no ‘hyɛ yɛn yafunu ma,’ kyerɛ sɛ, ɔpɛ sɛ ewurawura yɛn. Sɛ yebetumi ayɛ saa a, gye sɛ yɛbɔ mpae, yɛkenkan n’Asɛm no, na yedwinnwen ho. Nea edi kan, yɛbɔ mpae de siesie yɛn koma ma Onyankopɔn Asɛm no. Afei, yɛkenkan. Ɛno akyi no, yɛto yɛn bo ase dwinnwen nea yɛakenkan no ho kɔ akyiri. Yɛyɛ saa a, ɛboa yɛn sɛn? Mpɛn dodow a yɛredwinnwen nea yɛakenkan no ho no, na Onyankopɔn Asɛm no nso rewurawura yɛn.

17. Adɛn nti na yɛkan Bible mu asɛm bi a, ehia paa sɛ yedwinnwen ho?

17 Adɛn nti na ehia paa sɛ yɛkenkan Bible na yedwinnwen ho? Yɛyɛ saa a, ɛbɛhyɛ yɛn den ama yɛatumi aka Ahenni ho asɛmpa no nnɛ, na daakye nso atemmusɛm a ano yɛ hyew a ebia yɛbɛka no, ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi aka. Afei nso, sɛ yedwinnwen Yehowa su a ɛyɛ fɛ no ho a, ɛbɛma yɛne n’ayɔnkofa no mu ayɛ den paa. Ɛba saa a, yɛn ani begye paa; yebenya asomdwoe ne akomatɔyam.—Dw. 119:103.

YEHOWA BOA YƐN MA YƐKƆ SO KA ASƐMPA NO

18. Daakye, dɛn na nnipa a ɛwɔ yɛn asaasesin mu no behu, na adɛn ntia?

18 Sɛnea Yehowa paw Hesekiel sɛ odiyifo no, ɛnyɛ saa na ɛte wɔ yɛn fam. Nanso, Yehowa asɛm a wakora so wɔ Bible mu no, yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so aka kosi sɛ ɔno ara bɛka sɛ eye. Sɛ edu bere a Onyankopɔn bebu atɛn a, nnipa a ɛwɔ yɛn asaasesin mu no rentumi mfa biribiara nyi wɔn ho ano nka sɛ yɛammɔ wɔn kɔkɔ, anaa Onyankopɔn buu n’ani guu wɔn so. (Hes. 3:19; 18:23) Mmom, wobehu sɛ asɛm a yɛkae no fi Onyankopɔn hɔ.

19. Dɛn na ɛbɛhyɛ yɛn den ama yɛatumi ayɛ asɛnka adwuma no?

19 Dɛn na ɛbɛhyɛ yɛn den ama yɛatumi ayɛ asɛnka adwuma no? Nneɛma mmiɛnsa a ɛhyɛɛ Hesekiel den no, yɛn nso, ɛno ara na ɛbɛhyɛ yɛn den. Yɛkɔ so ka asɛmpa no, efisɛ yenim sɛ Yehowa na asoma yɛn. Afei, Onyankopɔn honhom kronkron ma yɛn ahoɔden, na Onyankopɔn Asɛm no nso hyɛ yɛn den. Yehowa mmoa nti, yegu so ara reka asɛmpa no, na yebemia yɛn ani agyina mu “akosi awiei.”—Mat. 24:13.

DWOM 65 Kɔ W’anim!

a Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nneɛma mmiɛnsa bi a ɛboaa odiyifo Hesekiel ma otumi kaa asɛm no kyerɛɛ ne manfo. Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yehowa boaa ne diyifo no a, ɛbɛma yɛanya ahotoso paa sɛ yɛn nso, ɔbɛboa yɛn ama yɛayɛ asɛnka adwuma no.