Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wunim?

So Wunim?

Mordekai Tenaa Ase Ampa?

SƐ YƐHWƐ Bible mu nhoma a ɛne Ester a, yehu sɛ Yudani bi a ne din de Mordekai di mu akoten paa. Ná ɔyɛ Yudani bi a ɔyɛ adwuma wɔ Persiafo ahemfie wɔ “[Ɔhene] Ahasweros bere so.” Ahasweros fii ase dii ade afe 496 A.Y.B. (Ansa Na Yesu Reba.) (Ɛnnɛ, edin a wɔde nim Ahasweros paa ne Xerxes I.) Ɛpɔw a ahemfie hɔ mpanyimfo bi bɔe sɛ wobekum no no, ɛnam Mordekai so na ɔhene no tee. Ɔhene no ani sɔe paa, enti ɔhyɛɛ no anuonyam wɔ baguam. Akyiri yi, bere a Haman a ɔyɛ Mordekai ne Yudafo a aka no tamfo no wui no, ɔhene no bɔɔ Mordekai aba so ma ɔbɛyɛɛ Persia man no soafo panyin. Ná atamfo abɔ pɔw sɛ wɔbɛtɔre Yudafo no nyinaa ase afi Persia Ahemman no mu. Nanso saa dibea a Mordekai nyae no nti, otumi hyɛɛ mmara de twitwa gyee wɔn.—Ester 1:1; 2:5, 21-23; 8:1, 2; 9:16.

Abakɔsɛm akyerɛwfo bi kyerɛ sɛ Ester nhoma no yɛ anansesɛm, na Mordekai nyɛ obi a ɔtenaa ase. Nanso afe 1941 no, nea Bible ka fa Mordekai ho no, wɔn a etutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no huu biribi a ɛbɛyɛ sɛ ɛfoa nea Bible ka no so. Dɛn na wohui?

Nhwehwɛmufo huu Persiafo abopon bi a nkyerɛwee wɔ so. Ɛka ɔbarima bi a ne din de Marduka (Twi Mordekai) ho asɛm. Ná ɔyɛ ɔsoafo a na ɛbɛyɛ sɛ ɔyɛ fotosanfo wɔ Susan. Arthur Ungnad yɛ Asia abakɔsɛm ho ɔbenfo. Ɔka sɛ, sɛ ‘Bible da nkyɛn a, saa abopon yi nko ara na na ɛka Mordekai’ ho asɛm saa bere no.

Efi bere a Ungnad kaa saa asɛm no, animdefo pii akyerɛ Persiafo abopon afoforo mpempem pii ase. Weinom bi ne Persepolis abopon ahorow no. Wohuu saa abopon yi wɔ kurow no amamfo so, baabi a wɔkora nneɛma so a na ɛbɛn afasu no. Nsɛm a ɛwɔ abopon no so no, Xerxes I bere so tɔnn na wɔkyerɛwee. Ɛwɔ Elamfo kasa mu, na edin ahorow a ɛwɔ Ester nhoma no mu no, wubehu bi wom. a

Sɛnea wɔakyerɛw edin Mordekai (Marduka) wɔ Persiafo abopon so

Wubehu edin Marduka wɔ Persepolis abopon ahorow bi so. Ná Marduka yɛ ɔkyerɛwfo wɔ ahemfie a ɛwɔ Susan wɔ Xerxes I bere so. Abopon no baako ka sɛ na Marduka kyerɛ nsɛm ase. Biribi saa na Bible no nso ka fa Mordekai ho. Ná ɔyɛ nipa titiriw a ɔsom wɔ Ɔhene Ahasweros (Xerxes I) ahemfie, na anyɛ yiye koraa no, na ɔte kasa mmienu. Ná Mordekai taa tena ɔhene no pon ano wɔ Susan ahemfie. (Ester 2:19, 21; 3:3) Saa pon no, na ɛyɛ ɔdan kɛse bi a ahemfie mpanyimfo yɛ adwuma wom.

Nea abopon ahorow no ka fa Marduka ho ne nea Bible nso ka fa Mordekai ho no, nsɛdi pii a ɛyɛ nwanwa wom. Wɔn nyinaa tenaa ase bere koro mu, wɔ beae koro, na na wɔyɛ atitiriw a wɔyɛ adwuma baako. Saa nsɛdi yi nyinaa ma yehu sɛ, nea wɔn a etutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu ahu no, ɛbɛyɛ sɛ ɛfa Mordekai a ne ho asɛm wɔ Ester nhoma mu no ho.

a Afe 1992 no, Ɔbenfo Edwin M. Yamauchi faa edin ahorow du fii Persepolis nkyerɛwee no mu kyerɛw biribi faa ho. Saa din ahorow no nso wɔ Ester nhoma no mu.