Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASETENAM NSƐM

Ɔko Bere Mu Oo, Asomdwoe Bere Mu Oo, Yehowa Hyɛɛ Yɛn Den

Ɔko Bere Mu Oo, Asomdwoe Bere Mu Oo, Yehowa Hyɛɛ Yɛn Den

Paul: November afe 1985 no, afei ara na na yɛrekɔhyɛ yɛn asɛmpatrɛw adwuma ase wɔ Liberia a ɛwɔ Afrika Atɔe. Anigye de, na yɛfa no kwa! Wimhyɛn a na yɛte mu no kogyinaa Senegal. Anne kaa sɛ, “Aka bɛyɛ dɔnhwerew baako ne fa pɛ na yɛadu Liberia!” Ɛhɔ ara na yɛtee amanneɛbɔ bi sɛ: “Akwantufo a ɛrekɔ Liberia nyinaa nsi fam. Asogyafo atu aban a ɛwɔ hɔ no agu, enti yɛrentumi nkɔ hɔ.” Amanneɛbɔ a yɛtee no nti, yɛkɔsoɛɛ asɛmpatrɛwfo bi a na wɔwɔ Senegal hɔ, na yɛtenaa hɔ nnafua du. Saa bere no nyinaa, na yɛte nea ɛrekɔ so wɔ Liberia; na wɔkunkum nnipa soa wɔn gu kar mu kɔtow wɔn gu. Afei nso na aban no mma obiara mpue, na wo a wobɛbɔ wo ho mmusu apue nso, na wɔabɔ wo tuo.

Anne: Yɛyɛ nnipa a yesuro yɛn ho. Efi me mmofraase nyinaa na wɔfrɛ me Ohufo Annie. Meretwa kwan mu koraa a na misuro! Nanso na yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ akɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma no.

Paul: Wɔwoo me ne Anne nyinaa wɔ England atɔe; efi baabi a na mete kɔ baabi a na ɔte no yɛ kilomita nwɔtwe anaa akwansin nnum pɛ. M’awofo ne Anne maame hyɛɛ yɛn nkuran paa sɛ yɛmfa yɛn ho nhyɛ akwampae adwuma no mu, enti yewiee ntoaso sukuu ara pɛ na yefii ase. Ná yɛn koma so ade ne sɛ yɛde yɛn nkwa nna nyinaa bɛyɛ bere nyinaa som adwuma no, na na m’awofo ne Anne maame nyinaa nso ani gye ho paa. Midii mfe 19 no, minyaa hokwan kɔɔ Betel; mewaree afe 1982, na ɛno akyi no, Anne nso bɛkaa me ho wɔ Betel.

Bere a yewiee Gilead, September 8, afe 1985

Anne: Ɛwom sɛ na yɛn ani gye Betel adwuma no ho, nanso na yɛpɛ paa sɛ yɛkɔsom wɔ baabi a mmoa ho hia. Anuanom a na wɔasom sɛ asɛmpatrɛwfo pɛn a yɛne wɔn boom yɛɛ adwuma wɔ Betel no maa saa ɔpɛ a yɛwɔ no mu yɛɛ den paa. Anwummere biara na yɛbɔ ho mpae; yɛyɛɛ saa ara mfe mmiɛnsa. Enti afe 1985 no, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔ Gilead adesuakuw a ɛtɔ so 79 no bi. Yɛn ani gye a egyei de, ɛsɛ w’ani! Yewiei no, wɔkaa sɛ yɛnkɔsom wɔ Liberia a ɛwɔ Afrika Atɔe.

ƆDƆ A YƐN NUANOM DAA NO ADI NO HYƐƐ YƐN DEN

Paul: Yɛkɔforoo wimhyɛn a edi kan a wɔmaa kwan sɛ ebetumi akɔ Liberia no. Yeduu hɔ no, na ehu akyekyere nkurɔfo. Afei nso, na wɔmma nkurɔfo mpue. Sɛ kar bi yɛ dede prɛko pɛ wɔ gua so a, wobɛhwɛ na nkurɔfo rebu fa so; obiara reguan. Anadwo biara na yɛkenkan Nnwom nhoma no afã ahorow bi sɛnea ɛbɛyɛ a ehu renkyekyere yɛn. Wei nyinaa akyi no, na yɛn ani gye adwuma a na yɛreyɛ no ho. Da biara, na Anne kɔka asɛmpa no, nanso me de, na me ne Onua John Charuk a yɛ adwuma wɔ Betel. Misuaa nneɛma pii fii ne hɔ efisɛ na watena Liberia hɔ akyɛ; ɔhaw a na anuanom a ɛwɔ hɔ no refa mu no, na ɔte ase paa.

Anne: Adɛn nti na yɛn ani kaa Liberia ntɛm saa? Anuanom a ɛwɔ hɔ no ntia. Ná wɔpɛ nnipa paa, na na wɔyere wɔn ho som Yehowa. Ayɔnkofa a na yɛne wɔn wɔ no mu bɛyɛɛ den, na wɔbɛyɛe sɛ yɛn abusuafo. Afotu pa a na wɔde ma yɛn no hyɛɛ yɛn nkuran. Ná asɛnka yɛ dɛ kwa! Sɛ wo ne ebinom rebɔ Bible mu nkɔmmɔ na wufi wɔn nkyɛn ntɛm a, na etumi yɛ wɔn yaw! Baabi a wobɛfa biara na nkurɔfo rebɔ Bible mu nkɔmmɔ. Ná wutumi mpo de w’ano kɔto mu bi. Ná yɛn Bible asuafo dɔɔso ara ma na ɛyɛ den sɛ yɛne wɔn nyinaa besua ade. Wei de, na yɛse yɛpɛ, na yenyae nso!

ƐWOM SƐ NA YESURO NANSO YEHOWA HYƐƐ YƐN DEN

Bere a na yɛrehwɛ atubrafo a wɔabɛbɔ wɔn ho aguaa wɔ Liberia Betel, afe 1990

Paul: Mfe nnan de, na asomdwoe kakra wɔ ɔman no mu. Nanso wɔ afe 1989 mu no, prɛko pɛ na ɔman no mufo twaa wɔn ho koe. July 2, 1990 no, aturutrafo a na ɛpɛ sɛ etu aban no ade so no ko faa beae a na ɛbɛn Betel no. Abosome mmiɛnsa de, na yentumi ne obiara a onni ɔman no mu nni nkitaho; yɛn abusuafo oo, anuanom a ɛwɔ wiase nyinaa adwumayɛbea ti oo, na yɛnte obiara nka. Baabi a wobɛfa biara, na basabasayɛ nko ara. Aduan ho yɛɛ den, na wɔtoo mmea bebree mmonnaa. Saa ɔhaw yi kɔɔ so saa ara mfe 14 wɔ ɔman no mu baabiara.

Anne: Mmusuakuw bi mufo tuu wɔn ani sii mmusuakuw afoforo so kunkum wɔn. Ná aturutrafo a wɔkurakura atuo na wɔahyehyɛ wɔn ho huhuuhu nenam mmɔnten; wɔbɔ wura fie biara mu a, na wɔasesaw nea wɔpɛ biara. Wɔn mu bi wɔ hɔ a, sɛ wɔrekunkum nnipa a, nea wɔka ara ne sɛ “wei de, sɛ nkokɔ.” Ná aturutrafo no taa sisiw akwan, na wɔn a wɔretwam a wɔne wɔn bɛpere so no, na wɔakum wɔn aboaboa wɔn ano. Mmeae a na wɔyɛ saa no, na ebi koraa bɛn Betel hɔ. Wɔkunkum anuanom binom, na na asɛmpatrɛwfo mmienu bi a wɔda yɛn koma so mpo ka ho.

Mmusuakuw a na aturutrafo no atu wɔn ani asi wɔn so rekunkum wɔn no, sɛ onua bi wɔ saa mmusuakuw no bi mu a, na anuanom de wɔn nkwa to asiane mu de no sie. Saa ara na asɛmpatrɛwfo ne Betelfo nso yɛe. Anuanom binom bɛbɔɔ wɔn ho aguaa wɔ Betel; wɔn mu bi bɛdaa yɛn dan mu, na ebinom nso kɔdaa afoforo nkyɛn. Wɔn a ɛbɛdaa yɛn dan mu no, na wɔyɛ abusua bi a emufo yɛ nson.

Paul: Da biara na aturutrafo no pɛ sɛ wɔbɔ wura Betel hɔ bɛhwɛ sɛ yɛde nkurɔfo asie wɔ hɔ anaa. Ná yɛwɔ nnipa nnan a wɔwɛn: ɛyɛ a nnipa mmienu gyina mpoma bi ano, na mmienu nso akogyina abɔnten pon no ano. Sɛ anuanom mmienu a egyina abɔnten pon no ano no de wɔn nsa gu wɔn anim a, ɛkyerɛ sɛ biribiara yɛ bɔkɔɔ. Nanso sɛ wɔde wɔn nsa gu wɔn akyi a, ɛkyerɛ sɛ aturutrafo no ani abere, enti ɛsɛ sɛ wɔn a wɔgyina mpoma no ano no yɛ ntɛm de anuanom no kosie.

Anne: Nnawɔtwe pii akyi no, aturutrafo kuw bi a na wɔn bo afuw paa bɔ wuraa Betel hɔ, efisɛ anuanom a ɛwɛn hɔ no antumi ansiw wɔn kwan. Bere a mihui sɛ wɔreba no, ɛhɔ ara na me ne onuawa bi yɛɛ ntɛm kowuraa yɛn aguaree hɔ, na yɛtoom. Ná yɛwɔ adaka bi wɔ hɔ a onuawa no betumi akɔtetɛw mu. Enti ɔkɔmoaa ne ho hyɛɛ mu. Ná aturutrafo a wɔkurakura atuo no adi m’akyi aba baabi a na yɛn dan no wɔ no. Wɔde abufuw boroo yɛn pon no mu. Bere a Paul buee pon no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mesrɛ mo, me yere hyɛ aguaree hɔ.” Adaka a na onuawa no akɔhyɛ mu no, mereto mu no, ɛyɛɛ dede. Afei nso, na ɛsɛ sɛ mehyehyɛ mu nneɛma no yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenhu sɛ obi hyɛ hɔ; wei ma mekyɛe wɔ aguaree hɔ, enti na me ho repo sei. Ná mɛyɛ dɛn abue pon no? Mebɔɔ mpae wɔ me tirim srɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa me. Ɔkaa me koma too me yam, enti mibuee pon no kyiaa wɔn. Wɔn mu baako piaa me kɔɔ nkyɛn na ɔkɔɔ adaka no ho tee. Obuee mu, na otuu mu nneɛma no. Bere a wanhu hwee no, ɛyɛɛ no nwanwa. Ɔne ne nkurɔfo no kɔhwehwɛɛ adan afoforo a aka no mu. Afei nso, kwan a ɛda ɔdan no nkuruso no ase no wɔkɔhwehwɛɛ hɔ. Nanso emu biara no, wɔanhu hwee.

NOKWARE NO KƆƆ SO HYERƐNEE

Paul: Aduan ho yɛɛ na paa abosome pii. Enti honhom fam aduan ara na na ekurakura yɛn. Daa asɛm a na yɛyɛ no anɔpa biara wɔ Betel no, ɛno na na ɛyɛ yɛn “aduan a yedi no anɔpa.” Ná yɛn nyinaa ani sɔ sɛnea na ɛhyɛ yɛn den no.

Sɛ yɛn aduan ne nsu sae koraa ma yefii Betel hɔ a, anka anuanom a yɛde wɔn asie no, ebia aturutrafo no bekunkum wɔn. Ɛtɔ da a, ɔkwan a Yehowa fa so ma yɛn nsa ka nea yehia wɔ bere a ɛsɛ mu no, ɛyɛ a na ɛyɛ nwanwa paa. Yehowa maa yɛn nea yehia, na ɔkaa yɛn koma too yɛn yam.

Ná esum aduru ɔman no paa. Nanso bere a esum no reyɛ kɛse no, na hyerɛn ara na nokware no nso rehyerɛn. Mpɛn pii no, yɛn nuanom no guan peree wɔn nkwa, nanso wɔn gyidi anyɛ mmerɛw na ehu ankyekyere wɔn da. Wɔn mu bi kae sɛ, nea wɔrefa mu no “resiesie wɔn ama ahohiahia kɛse no.” Asafo mu mpanyimfo ne anuanom mmerante de akokoduru dii nneɛma anim. Sɛ ɔko no nti, anuanom kopue baabi foforo a, na obiara ntew ne ho. Afei nso, na wɔde hokwan no ka asɛmpa no wɔ hɔ. Bio nso, na wɔbɔ apata wɔ wuram hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbenya baabi ahyiam ayɛ adesua. Mmere bɔne a ɛte saa mu no, adesuakɔ ne asɛnkakɔ boaa wɔn ma wɔnyaa nkuranhyɛ a wɔhia, na ɛboaa wɔn nso ma wɔtumi gyinaa ɔhaw a ɛte saa ano. Bere a yɛrekyekyɛ nnuan, ntaade ne nneɛma afoforo a wɔbehia ama wɔn no, wɔn mu bebree kae sɛ wɔhia bag a wɔde bɛkɔ asɛnka mmom. Wei kaa yɛn koma paa! Nkurɔfo a na wɔn werɛ ahow ne wɔn a na wɔn adwene atu afra tiee asɛmpa no. Ná ɛyɛ wɔn nwanwa sɛ Adansefo no wɔ anigye saa; ampa na Adansefo no rehyerɛn sɛ kanea wɔ sum mu. (Mat. 5:​14-16) Esiane sɛ anuanom yeree wɔn ho kaa asɛmpa no nti, aturutrafo no bi mpo begyee nokware no.

YƐREGYAW ANUANOM HƆ NO, YƐN WERƐ HOWEE NANSO YEHOWA HYƐƐ YƐN DEN

Paul: Ɛtɔ da a na ɛsɛ sɛ yeguan fi ɔman no mu; mprɛnsa de, yɛkɔe no ankyɛ na yɛsan bae, nanso mprenu de, yedii afe. Asɛm bi a onuawa sɛmpatrɛwni bi kae no, yɛne no yɛ adwene paa. Ɔkaa sɛ: “Yɛkɔɔ Gilead no, wɔkyerɛɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn koma nyinaa nhyɛ adwuma no mu, na saa ara nso na yɛyɛe. Enti sɛ yɛregyaw yɛn nuanom hɔ wɔ tebea ɛte saa mu a, na yɛn koma retew!” Anigyesɛm ne sɛ, sɛ yɛkɔ aman afoforo a ɛbemmɛm Liberia no so a, na yetumi yɛ adwuma boa anuanom a ɛwɔ Liberia no.

Yɛde anigye resan akɔ Liberia, afe 1997

Anne: May afe 1996 mu no, yɛne anuanom mmienu bi faa Betel kar a Betel nkrataa a ɛho hia wom sii kwan so. Ná yɛpɛ sɛ yetwa kwan kilomita 16 anaa akwansin 10 kɔ baabi a ɛhɔ dwo kakra. Ɛhɔ ara na aturutrafo baa baabi a yɛwɔ no. Aturutrafo a wɔn bo afuw no totow atuo kɔɔ wim, gyinaa yɛn kar no, twee yɛn mu mmiɛnsa sii fam, na wɔtuu kar no kɔe a na Paul te mu. Ná asɛ yɛrehwɛ sini. Ɛhɔ ara na yehui sɛ Paul fi nnipadɔm no mu reba a mogya resosɔw fi ne moma so. Mfiase no, na ɛyɛ yɛn sɛ aturutrafo no abɔ Paul tuo, nanso yɛkaa sɛ, sɛ wɔabɔ no tuo a, anka ɛnyɛ ɛne sɛ ɔrenantew ba yi! Yebehui sɛ, sɛɛ aturutrafo no baako na ɔbɔɔ no bere a ɔrepia no afi kar no mu no. Anigyesɛm ne sɛ, wampira kɛse.

Ná asogyafo kar bi si nkyɛn hɔ baabi, na na nkurɔfo a ehu aka wɔn ahyɛ mu ma. Yɛn nso yekohuruw taree ho bi. Drɔbani no tiaa so paa, na ɛkaa dɛ anka yɛtetew gui. Yɛpaa no kyɛw sɛ onnyina, nanso ehu a na aka no nti, wantie yɛn. Yemiaa yɛn ani taree ho, nanso yekodui no, na yɛn ho rewosow; na yɛn nsa nyinaa agyene.

Paul: Bere a yɛn ntaade a ayɛ fi na atetew no hyehyɛ yɛn no, obiara hwɛ ne yɔnko anim a, na ɛyɛ yɛn nwanwa sɛ yɛda so te ase. Yɛkɔdaa petee mu baabi; ná helikopta kyɛnkyɛmma bi a atuo mmoba asɛe ho si hɔ. Ade kyee no, helikopta no de yɛn kɔɔ Sierra Leone. Ná ɛyɛ yɛn dɛ sɛ yɛanya yɛn ti adidi mu, nanso na yɛn nuanom Kristofo a wɔwɔ Liberia no asɛm haw yɛn paa.

YEHOWA HYƐƐ YƐN DEN MA YETUMI GYINAA ƆHAW FOFORO A NA YƐNHWƐ KWAN ANO

Anne: Bere a yekoduu Betel a ɛwɔ Sierra Leone ahenkurow Freetown mu no, anuanom hwɛɛ yɛn kama. Nanso ɛwɔ hɔ ara a na nea esii no abesi me tirim. Ade kye a, na ɛyɛ me sɛ biribi rebesi; me yam bɛhyehye me saa ara. Edu anadwo nso a, m’ani so tumi tetew me; mɛhwɛ no na mfifiri retew me, na na me ho rewosow. Ɛba saa a, mehome a ensi so. Paul hu saa a, na waso me nsa ne me abɔ mpae. Yɛbɛto asafo nnwom saa ara kosi sɛ awosoawosow no begyae. Ná ɛyɛ me sɛ mereyɛ abɔ dam, na ɛnyɛ ade a metumi akɔ so asom sɛ ɔsɛmpatrɛwni.

Nea esii wɔ ɛno akyi no, me werɛ remfi da. Saa nnawɔtwe no ara, yenyaa nsɛmma nhoma mmienu bi. Baako yɛ June 8, 1996 Nyan! Borɔfo de no. Ná asɛm bi wom a yɛato din “Coping With Panic Attacks.” Ɛboaa me ma metee nea na merefa mu no ase. Nea ɛtɔ so mmienu no yɛ May 15, 1996 Ɔwɛn-Aban no. Asɛm bi wom a na yɛato din “Wonya Wɔn Ahoɔden Fi He?” Ná afofantɔ bi a ne ntaban no baabi asɛe mfoni wɔ Ɔwɛn-Aban no mu. Ɔwɛn-Aban no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, ɛmfa ho sɛ afofantɔ no ntaban no baabi asɛe no, ɔkɔ so ara didi na otu. Enti yɛn nso, sɛ ɔhaw bi to yɛn anaa yɛte nka sɛ yɛayɛ mmerɛw mpo a, Yehowa betumi de ne honhom kronkron no aboa yɛn ama yɛn nso yɛaboa afoforo. Ɛyɛ honhom fam aduan a ɛbae wɔ ne bere mu. (Mat. 24:45) Mehwehwɛɛ nsɛm a ɛtete saa boaboaa ano, na ɛboaa me paa. Nkakrankakra, adwinnwen a na ɛhyɛ me so no so tewee koraa.

YEHOWA HYƐƐ YƐN DEN MA YETUMI SOO HOKWAN FOFORO MU

Paul: Bere biara a na yɛbɛsan akɔ Liberia no, na yɛn ani gye paa. Afe 2004 rekɔ n’awiei no, na yɛayɛ asɛmpatrɛw adwuma no bɛyɛ mfe 20. Ná ɔko no aba awiei, na na wɔreyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbesisi Betel adan no bi aka ho. Nanso ɛhɔ ara na wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔtoa yɛn adwuma no so wɔ baabi foforo.

Ná ɛyɛ sɔhwɛ kɛse paa ma yɛn. Ná yɛdɔ anuanom a ɛwɔ Liberia no paa, enti na yɛbɛyɛ dɛn agyaw wɔn hɔ akɔ? Bere a yɛde yɛn ho too Yehowa so na yefii yɛn abusuafo a yɛdɔ wɔn nkyɛn kɔɔ Gilead no, yehuu sɛnea Yehowa hyiraa yɛn, enti yesoo hokwan foforo no mu. Ná ɛno kyerɛ sɛ yɛbɛkɔ akɔtoa yɛn adwuma no so wɔ Ghana a ɛbɛn Liberia no.

Anne: Yɛrefi Liberia no, na yɛpata yɛn ani a ɛmpata. Asafo mu panyin bi a ne mfe akɔ anim a ne din de Frank kaa asɛm bi kyerɛɛ yɛn ma ɛyɛɛ yɛn nwanwa. Ɔkaa sɛ: “Ɛnsɛ sɛ mudwen yɛn ho!” Afei ɔkyerɛɛ mu sɛ: “Yenim sɛ mo werɛ remfi yɛn da, nanso ɛsɛ sɛ mode mo koma nyinaa hyɛ mo dwumadi foforo no mu. Yehowa na ɔde adwuma no ama mo, enti momfa mo adwene nsi anuanom a ɛwɔ hɔ no so.” Wei boaa yɛn ma yɛkɔhyɛɛ abrabɔ foforo ase wɔ baabi a na nnipa kakraa bi na wɔnim yɛn no.

Paul: Nanso, ankyɛ koraa na yɛbɛpɛɛ anuanom a ɛwɔ Ghana no asɛm. Ná Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ dɔɔso! Sɛnea anuanom a ɛwɔ hɔ no gyidi yɛ den na wɔyere wɔn ho som Yehowa no, yesuaa nneɛma pii fii mu. Bere a yɛsomee wɔ Ghana mfe 13 akyi no, wɔsan sesaa yɛn dwumadi a na yɛn ani nna. Wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔtoa yɛn adwuma no so wɔ Kenya Betel a ɛwɔ Afrika Apuei. Yɛbaa Kenya no, ɛwom sɛ na yɛn ani agyina anuanom a ɛwɔ Ghana ne Liberia no, nanso ankyɛ koraa na yenyaa nnamfo foforo. Afei nso, asaasesin a yɛreyɛ mu adwuma no so, na mmoa ho hia paa.

Nnamfo foforo a yɛanya wɔ Kenya, afe 2023

YEBU KƆMPƆ HWƐ YƐN AKYI A

Anne: M’asetena nyinaa mu no, ɛreyɛ ara ni na me ho rewosow. Sɛ yɛfa tebea bi a ɛyɛ hu mu a, etumi ma yɛyare na ɛsɛe yɛn anigye koraa. Yehowa mmɔ yɛn ho ban anwanwakwan so mfi saa nneɛma no ho. Ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa, sɛ mete sɛ atuo retotow a, na mayare na me nsa nyinaa nso ayɛ titiritii. Mmoa biara a Yehowa de ma yɛn, te sɛ nea ɔde fa yɛn nuanom so no, masua sɛ megye atom. Afei nso mabehu sɛ, biribiara a yɛyɛ wɔ Yehowa som mu no, sɛ yɛyere yɛn ho yɛ no daa a, Yehowa bɛboa yɛn ama yɛakɔ so ayɛ adwuma a ɔde ahyɛ yɛn nsa no.

Paul: Ɛtɔ da a, ebinom bisa yɛn sɛ, “Dɛn na ɛma mo ani gye mo adwuma no ho?” Aman a ɛyɛ fɛ wɔ hɔ, nanso biribiara betumi asesa ama ɛhɔ tena ayɛ hu. Enti ɛnyɛ ɔman bi mu fɛ na ɛma ɛhɔ tena yɛ yɛn dɛ, mmom yɛn nuanom a ɛwɔ hɔ no na ɛma ɛhɔ tena yɛ yɛn dɛ. Ɛwom sɛ ɛsono abusua a yɛn mu biara fi mu, nanso yɛn nyinaa wɔ adwenkoro. Sɛ wɔsoma yɛn kɔ ɔman bi so sɛ yɛnkɔhyɛ anuanom den a, ebewie ase no na wɔn mmom na ahyɛ yɛn den.

Baabiara a yebetu akɔ no, yɛn nuanom wɔ hɔ; wei yɛ anwanwade. Asafo biara a yɛbɛkɔ mu no, yɛte nka sɛ yɛaba fie; yɛmmɔ hu koraa. Yɛwɔ awerɛhyem sɛ, sɛ yɛkɔ so de yɛn ho to Yehowa so a, ɔbɛhyɛ yɛn den na ɔde nea yehia biara bɛma yɛn.—Filip. 4:13.

a Hwɛ John Charuk asetenam nsɛm a ɛwɔ March 15, 1973 Ɔwɛn-Aban, Borɔfo de no mu no. Yɛato din, “I Am Grateful to God and Christ.”