Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 46

DWOM 49 Ma Yehowa Koma Ntɔ Ne Yam

Anuanom Mmarima​—Morebɔ Mo Ho Mmɔden Abɛyɛ Asafo Mu Asomfo Anaa?

Anuanom Mmarima​—Morebɔ Mo Ho Mmɔden Abɛyɛ Asafo Mu Asomfo Anaa?

“Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.”ASO. 20:35.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Anuanom mmarima a wɔabɔ asu no, adesua yi bɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔabɔ wɔn ho mmɔden abɛyɛ asafo mu asomfo.

1. Dɛn na ɔsomafo Paul yɛe a ɛkyerɛ sɛ na n’ani sɔ nea asafo mu asomfo yɛ no?

 ASAFO mu asomfo yɛ nnwuma a ɛho hia paa wɔ asafo no mu. Ɛda adi sɛ na ɔsomafo Paul ani sɔ nea na saa mmarima anokwafo yi yɛ no. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a ɔrekyerɛw krataa akɔma Kristofo a ɛwɔ Filipi no, ɔhyɛɛ da kyiaa asafo mu asomfo no kaa mpanyimfo no ho.—Filip. 1:1.

2. Onua bi a ne din de Luis no, sɛn na ɔte nka wɔ adwuma a ɔyɛ sɛ asafo mu somfo no ho?

2 Anuanom a wɔyɛ asafo mu asomfo no, ebinom mfe akɔ anim, ebinom nso yɛ mmerante; wɔn mu bebree ani gye ho paa sɛ wɔyɛ asomfo. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Devan bɛyɛɛ asafo mu somfo no, na wadi mfe 18. Nanso onua bi a ne din de Luis de, bere a ɔbɛyɛɛ asafo mu somfo no, na wadi boro mfe 50. Sɛnea ɔte nka wɔ asomfo adwuma no ho no, ɔkaa ho asɛm sɛ, “Ɔdɔ kɛse a asafo no ayi no adi akyerɛ me no, sɛ midwen ho a, mihu sɛ ɛyɛ hokwan kɛse paa na manya sɛ meresom sɛ asafo mu somfo!” Asafo mu asomfo bebree nso te nka saa ara.

3. Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

3 Sɛ woyɛ onua barima a woabɔ asu na wonyɛ asafo mu somfo a, adɛn nti na womfa saa botae no nsi w’ani so? Dɛn na ebetumi akanyan wo ma woayɛ saa? Afei nso, Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde bɛn na ɛsɛ sɛ wudu ho? Adesua yi mu no, yebenya saa nsɛmmisa no ho mmuae. Nanso yenni kan nhwɛ nnwuma a asafo mu asomfo yɛ.

NNWUMA BƐN NA ASAFO MU ASOMFO YƐ?

4. Asafo mu somfo adwuma ne sɛn? (Hwɛ mfoni no nso.)

4 Asafo mu somfo yɛ onua a wabɔ asu a honhom kronkron apaw no sɛ ɔnyɛ nnwuma pɔtee bi mmoa mpanyimfo no wɔ asafo no mu. Asomfo binom boa ma adawurubɔfo nya asaasesin a wɔbɛyɛ mu adwuma ne nhoma a wɔde bɛkɔ asɛnka. Afoforo nso boa ma wɔsiesie Ahenni Asa so, na biribi sɛe a wɔboa ma wɔsiesie. Asafo mu asomfo nso yɛ atɛndant adwuma. Afei nso, akasam ne mfiri a wɔde di dwuma wɔ adesua ase no, wɔn na ɛyɛ a wɔhwɛ so. Nnwuma a asafo mu asomfo yɛ no, pii wɔ hɔ a ɛmfa nkyerɛkyerɛ ho tee. Nanso saa mmarima yi yɛ nnipa a honhom fam nneɛma ho hia wɔn paa. Wɔdɔ Yehowa na wɔde n’akwankyerɛ bɔ wɔn bra. Afei nso, wɔdɔ wɔn nuanom Kristofo paa. (Mat. 22:​37-39) Anuanom mmarima a wɔabɔ asu bɛyɛ dɛn abɔ wɔn ho mmɔden abɛyɛ asafo mu asomfo?

Asafo mu asomfo som afoforo de suasua Yesu (Hwɛ nkyekyɛm 4)


5. Dɛn na anuanom mmarima yɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔrebɔ wɔn ho mmɔden abɛyɛ asafo mu asomfo?

5 Bible ma yehu ahwehwɛde ahorow a ehia sɛ anuanom mmarima du ho na ama wɔatumi apaw wɔn sɛ asafo mu asomfo. (1 Tim. 3:​8-10, 12, 13) Sɛ wusua Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde ahorow yi, na woyere wo ho sɛ wubedu ho a, ɛbɛkyerɛ sɛ worebɔ mmɔden abɛyɛ asafo mu somfo. Nanso ɛsɛ sɛ wudi kan hu nea enti a wopɛ sɛ wobɛyɛ asafo mu somfo.

ADƐN NTI NA WOPƐ SƐ WOBƐYƐ ASAFO MU SOMFO?

6. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛkanyan wo ma woboa wo nuanom Kristofo? (Mateo 20:28; hwɛ mfoni a ɛwɔ no nso.)

6 Ná yɛn kannifo Yesu Kristo dɔ Yehowa ne nnipa. Saa ɔdɔ no na ɛkanyan no ma ɔyɛɛ nnwuma a na ɛba fam de boaa afoforo. (Kenkan Mateo 20:28; Yoh. 13:​5, 14, 15) Sɛ wodɔ Yehowa ne afoforo a, ɛbɛkanyan wo ma woaboa wo nuanom. Yehowa nso behyira wo, na ɔbɛboa wo ama woatumi afata sɛ asafo mu somfo.—1 Kor. 16:14; 1 Pet. 5:5.

Yesu yɛɛ nhwɛso de kyerɛɛ n’asomafo no sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔpere dibea, mmom ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase som afoforo (Hwɛ nkyekyɛm 6)


7. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ onua yɛ anuonyampɛ?

7 Wiase yi mu no, nnipa taa hoahoa anuonyampɛfo. Nanso ɛnyɛ saa na ɛte wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu. Sɛ onua bi dɔ afoforo sɛnea na Yesu nso dɔ afoforo no a, ɔremma n’ani mmere sɛ obenya tumi anaa hokwan bi. Onua a n’ani bere tumi anaa hokwan no, sɛ wɔpaw no sɛ asafo mu somfo a, ɛda adi sɛ nnwuma bi a ɛba fam a ehia sɛ ɔyɛ de boa Yehowa nkurɔfo no, ɛnyɛ ade a ɔbɛyɛ. Anhwɛ a obenya adwene sɛ adwuma a ɛte saa mfata no. (Yoh. 10:12) Obiara a ɔyɛ ahantan anaa anuonyampɛ no, Yehowa renhyira no.—1 Kor. 10:​24, 33; 13:​4, 5.

8. Afotu bɛn na Yesu de maa n’asomafo no?

8 Yesu nnamfo paa no mpo, ɛtɔ mmere bi a, na ɛnyɛ adwempa na wɔde pɛ hokwan ahorow bi. Yɛnhwɛ nea ɔsomafo Yakobo ne ɔsomafo Yohane yɛe. Wɔsrɛɛ Yesu sɛ ɔmma wɔn dibea akɛse wɔ n’Ahenni no mu. Yesu ankamfo wɔn, mmom ɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ asomafo 12 no nyinaa sɛ: “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛse wɔ mo mu no, ɔnyɛ mo somfo, na obiara a ɔpɛ sɛ odi kan wɔ mo mu no, ɔnyɛ mo nyinaa akoa.” (Mar. 10:​35-37, 43, 44) Onua a ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛba abɛyɛ asafo mu somfo, a adwene no ara ne sɛ ɔbɛsom afoforo no, ɔbɛyɛ nhyira ama asafo no paa.—1 Tes. 2:8.

DƐN NA ƐBƐBOA WO AMA WOANYA ƆPƐ SƐ WOBƐSOM WO NUANOM?

9. Wobɛyɛ dɛn anya ɔpɛ sɛ wobɛsom wo nuanom?

9 Ɛwom, wodɔ Yehowa na wopɛ sɛ wosom afoforo. Nanso adwuma a asafo mu asomfo yɛ no, ebia biribiara nka wo sɛ yere wo ho bɛyɛ bi. Sɛ saa a, ɛnde, wobɛyɛ dɛn anya ɔpɛ sɛ wobɛsom wo nuanom? Sɛ wosom anuanom a, anigye a wubetumi anya no, wubetumi adwinnwen ho. Yesu kaa sɛ: “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.” (Aso. 20:35) Ɔno ankasa de saa asɛm no yɛɛ adwuma; ɔsom afoforo na ɛmaa n’ani gyei paa. Wo nso woyɛ saa a, ɛbɛma w’ani agye paa.

10. Dɛn na Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ na n’ani gye ho sɛ ɔbɛsom afoforo? (Marko 6:​31-34)

10 Yɛnhwɛ nea Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ na n’ani gye ho sɛ ɔbɛsom afoforo. (Kenkan Marko 6:​31-34.) Bere bi, na Yesu ne n’asomafo no abrɛ. Ná wɔnam kwan so rekɔhyɛ baabi a atew ne ho akogye wɔn ahome. Nanso wɔduu hɔ no, na nnipadɔm bi adu hɔ dedaw, na na wɔretwɛn Yesu ma wabɛkyerɛkyerɛ wɔn. Anka Yesu betumi aka sɛ ɔrenyɛ, efisɛ na ɔne n’asomafo no ‘nnyaa bere mpo nnidii.’ Anaasɛ, anka obetumi aka nsɛm baako mmienu bi akyerɛ wɔn na waka akyerɛ wɔn sɛ wɔnkɔ. Nanso ɔdɔ kanyan no ma “ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.” Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn ara ma ‘ade sae.’ (Mar. 6:35) Ná ɛnyɛ nhyɛ sɛ Yesu yɛ saa, nanso “wɔyɛɛ no mmɔbɔ” nti na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn no. Ɔdɔ a ɔwɔ ma wɔn nti na na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ wɔn. Afoforo a Yesu som wɔn no maa n’ani gyei paa.

11. Dɛn pɔtee na Yesu yɛ de boaa nkurɔfo? (Hwɛ mfoni no nso.)

11 Yesu ankyerɛkyerɛ nnipadɔm no kɛkɛ, na mmom ɔde nea wɔhia nso maa wɔn. Ɔyɛɛ anwanwade maa aduan buu so, na ɔmaa n’asuafo no kyekyɛ maa nnipadɔm no. (Mar. 6:41) Ɔnam saa a ɔyɛe no so kyerɛɛ n’asuafo no sɛnea wɔbɛsom afoforo. Afei nso, ɔkyerɛɛ wɔn sɛ nnwuma pɔtee a wɔyɛ de boa afoforo no ho hia. Saa nnwuma no bi na asafo mu asomfo taa yɛ. Bere a Yesu yɛɛ anwanwade maa aduan buu so, na asomafo no nso kyekyɛ maa nnipadɔm no ma “wɔn nyinaa didi mee” no, anigye a ɛbɛyɛ sɛ asomafo no nyae de, yɛnka! (Mar. 6:42) Ɛnyɛ saa bere yi nko ara na Yesu de nea afoforo hia dii kan. Ɔde ne nkwa nna a odii wɔ asaase so no nyinaa som afoforo. (Mat. 4:23; 8:16) Ná Yesu ani gye ho paa sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo na waboa wɔn ma wɔn nsa aka nea wɔhia. Ɛda adi sɛ, sɛ woyere wo ho bɛyɛ asafo mu somfo na woatumi aboa wo nuanom Kristofo a, wo nso w’ani begye paa.

Sɛ wodɔ Yehowa na wopɛ sɛ wosom afoforo a, ɛbɛkanyan wo ma woayɛ nea wubetumi biara de aboa asafo no (Hwɛ nkyekyɛm 11) a


12. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛn mu biara te nka sɛ ɔrentumi nyɛ hwee mmoa asafo no?

12 Sɛ wote nka sɛ wonhyɛ da nni ɔdom akyɛde biara mpo a, mma w’abam mmmu. Yegye di sɛ wowɔ suban ahorow bi a ɛso betumi aba asafo no mfaso. Asɛm a Paul kae a ɛwɔ 1 Korintofo 12:​12-30 no, kenkan na srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na hu sɛnea ɛfa wo ho. Paul nsɛm no ma ɛda adi pefee sɛ Yehowa somfo biara ho hia, na ɔsom bo ma asafo no. Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde a ɛbɛma wɔapaw wo sɛ asafo mu somfo no, sɛ wunnya nnuu ho a, mpa abaw. Mmom yɛ nea wubetumi biara som Yehowa na boa wo nuanom. Nya awerɛhyem sɛ mpanyimfo no dwen wo ho, na wɔremma wo adwuma a ɛboro w’ahoɔden so.—Rom. 12:​4-8.

13. Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde a wɔgyina so paw asafo mu asomfo no, wɔn nko ara na ɛsɛ sɛ wɔdu ho anaa?

13 Yɛnhwɛ ade foforo nti a ɛsɛ sɛ woyere wo ho bɛyɛ asafo mu somfo. Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde a wɔgyina so paw asafo mu asomfo no, emu dodow no ara, ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa nso du ho. Nokwasɛm ne sɛ, ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa bɛn Yehowa, wɔma wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛboa afoforo, na wɔbɔ wɔn bra sɛ Kristofo. Dɛn pɔtee na onua bi betumi ayɛ na watumi abɛyɛ asafo mu somfo?

NEA WOBƐYƐ NA WOATUMI ABƐYƐ ASAFO MU SOMFO

14. Sɛ Bible ka sɛ ɛsɛ sɛ asafo mu asomfo ‘ma wɔn ani da fam’ a, ɛkyerɛ sɛn? (1 Timoteo 3:​8-10, 12)

14 Afei, nea wɔhwehwɛ fi asafo mu asomfo hɔ a wɔaka ho asɛm wɔ 1 Timoteo 3:​8-10, 12 no, momma yensusuw bi ho. (Kenkan.) Ɛsɛ sɛ asafo mu asomfo ‘ma wɔn ani da fam.’ Yebetumi akyerɛ saa asɛm no ase nso sɛ, “obi a ɔfata obu,” “nidi,” anaa “anuonyam.” Wei nkyerɛ sɛ worentumi nnye w’ani. (Ɔsɛnk. 3:​1, 4) Nanso adwuma biara a wɔde bɛhyɛ wo nsa no, ɛsɛ sɛ wofa no asɛnhia na woyɛ no yiye. Sɛ asafo no mufo nim wo sɛ woyɛ obi a wɔbetumi de wɔn ho ato wo so a, wɔbebu wo paa.

15. Sɛ Bible ka sɛ ‘woka asɛm a, ɛnsɛ sɛ wodan w’ano’ na ‘ɛnsɛ sɛ woyɛ adifudepɛ hwehwɛ mfaso bɔne’ a, dɛn na ɛkyerɛ?

15 Sɛ yɛka sɛ ‘woka asɛm a, ɛnsɛ sɛ wodan w’ano’ a, ɛkyerɛ sɛ woka nokware, na afoforo betumi agye wo adi. Woka sɛ wobɛyɛ biribi a, woyɛ, na wonnaadaa afoforo. (Mmeb. 3:32) Sɛ yɛka sɛ ‘wonyɛ adifudepɛ na wonhwehwɛ mfaso bɔne’ a, ɛkyerɛ sɛ wudi nokware wɔ w’adwumayɛ mu, na ɛba sikasɛm mu nso a, wudi nokware. Ɛno nti, worenyɛ w’adwene sɛ wobɛfa kwan bi so adidi wo nuanom Kristofo ho.

16. (a) Sɛ yɛka sɛ ‘ɛnsɛ sɛ wonom nsã boro so’ a, dɛn na ɛkyerɛ? (b) Sɛ yɛka sɛ ɛsɛ sɛ wunya “ahonim a emu tew” a, ɛkyerɛ sɛn?

16 Sɛ yɛka sɛ ‘wonnom nsã mmoro so’ a, ɛkyerɛ sɛ wonwe nsã. Sɛ wowɔ “ahonim a emu tew” a, ɛkyerɛ sɛ wode Yehowa mmara bɔ wo bra. Ɛwom sɛ bɔne wɔ wo ho, nanso esiane sɛ wo ne Onyankopɔn ntam yɛ kama nti, wowɔ asomdwoe.

17. Sɛ yɛka sɛ ‘wɔasɔ onua bi ahwɛ sɛ ɔfata’ a, dɛn na ɛkyerɛ? (1 Timoteo 3:10; hwɛ mfoni no nso.)

17 Sɛ yɛka sɛ ‘wɔasɔ wo ahwɛ sɛ wofata’ a, ɛkyerɛ sɛ mpanyimfo no ahu sɛ, sɛ wɔde nnwuma hyehyɛ wo nsa a, woyɛ no yiye, na wɔbetumi de wɔn ho ato wo so. Enti sɛ mpanyimfo no de adwuma bi hyɛ wo nsa a, ɛho akwankyerɛ a wɔde bɛma wo ne akwankyerɛ a asafo no de ama no, hwɛ di so pɛpɛɛpɛ. Adwuma a wɔde ama wo no, hwɛ hu sɛ wote ase, na wunim bere a ɛsɛ sɛ wuwie nso. Adwuma biara a wɔde bɛma wo no, sɛ woyɛ no yiye a, asafo no mufo behu, na wɔbehu sɛ worenya nkɔso. Asafo mu mpanyimfo, monhwɛ ntete anuanom mmarima a wɔabɔ asu. (Kenkan 1 Timoteo 3:10.) Mohwɛ mo asafo mu a, anuanom mmarima a wɔabɔ asu a wɔadi fi mfe 10 kosi 14 anaa wɔnnya nni mfe 10 wɔ mu anaa? Mohwɛ a, wɔsua ade yiye? Wɔtaa ma mmuae wɔ adesua ase, na wɔkɔ asɛnka daa? Sɛ saa a, monhwɛ mfe a wɔadi, na momfa nnwuma a wɔbetumi ayɛ nhyehyɛ wɔn nsa. Moyɛ saa a, ɛbɛma moatumi ‘asɔ anuanom mmerantewa yi ahwɛ sɛ wɔfata’ anaa. Enti ebedu bere a wɔbedi fi mfe 17 kosi 19 no, ebia mubetumi apaw wɔn sɛ asafo mu asomfo.

Sɛ asafo mu mpanyimfo de nnwuma hyehyɛ anuanom mmarima a wɔabɔ asu nsa a, ɛbɛma wɔatumi ‘asɔ wɔn ahwɛ sɛ wɔfata’ anaa (Hwɛ nkyekyɛm 17)


18. Sɛ yɛka sɛ ‘asɛm biara nni wo ho’ a, ɛkyerɛ sɛn?

18 Sɛ yɛka sɛ ‘asɛm biara nni wo ho’ a, ɛkyerɛ sɛ obiara rentumi mmɔ wo sobo sɛ woayɛ bɔne kɛse bi. Ɛwom, nkurɔfo betumi atwa asɛm ato Kristofo so. Yesu mpo, saa ara na wɔde yɛɛ no; wɔtwaa asɛm too no so, na ɔka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔn nso saa ara na nkurɔfo de bɛyɛ wɔn. (Yoh. 15:20) Nanso sɛ wobɔ bra pa sɛnea Yesu yɛe no a, wubenya din pa wɔ asafo no mu.—Mat. 11:19.

19. Sɛ Bible ka sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ ‘okunu a wo yere yɛ baako’ a, ɛkyerɛ sɛn?

19 “Okunu a ne yere yɛ baako.” Mfiase no, ɔbea baako ne ɔbarima baako na Yehowa kaa wɔn boom sɛ awarefo. Enti sɛ woaware a, wo yere baako no ara na ɛsɛ sɛ wo ne no tena. (Mat. 19:​3-9) Ɛnsɛ sɛ Kristoni barima bɔ aguaman anaa ɔsɛe aware da. (Heb. 13:4) Nanso ɛnyɛ ɛno nko ara; ɛsɛ sɛ wudi wo yere nokware nso. Wei kyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ wode w’adwene kɔ mmea afoforo so da.—Hiob 31:1.

20. Onua a ‘odi n’ankasa fiefo so yiye’ no, ɔyɛ no sɛn?

20 “Odi ne mma ne n’ankasa fifo so yiye.” Sɛ woyɛ abusua ti a, ɛnsɛ sɛ wototo w’asɛde ase. Yɛ abusua som daa. Wo ne wo yere ne wo mma ntaa nkɔ asɛnka. Boa wo mma ma wɔne Yehowa mfa adamfo. (Efe. 6:4) Ɔbarima a otumi hwɛ n’abusua so yiye no, ɔda no adi sɛ obetumi ahwɛ asafo no so.—Fa toto 1 Timoteo 3:5 ho.

21. Sɛ seesei wonyɛ asafo mu somfo a, dɛn na wubetumi ayɛ?

21 Sɛ woyɛ onuabarima na wunnya mmɛyɛɛ asafo mu somfo a, to wo bo ase kenkan adesua asɛm yi, na bɔ ho mpae. Nea wɔhwɛ kwan sɛ anuanom mmarima bɛyɛ ansa na wɔatumi apaw wɔn sɛ asafo mu asomfo no, sua ho ade na yere wo ho sɛ wobɛyɛ saa. Ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa ne wo nuanom Kristofo no, hyɛ mu den, na nya ɔpɛ sɛ wobɛsom wo nuanom. (1 Pet. 4:​8, 10) Yere wo ho bɛyɛ asafo mu somfo na som wo nuanom, na ɛbɛma w’ani agye paa. Mmɔden biara a worebɔ sɛ wobɛba abɛyɛ asafo mu somfo no, Yehowa nhyira so!—Filip. 2:13.

DWOM 17 ‘Mepɛ na Mɛyɛ’

a MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Benkum, Yesu abrɛ ne ho ase resom afoforo; nifa, asafo mu somfo bi reboa onua bi a ɔwɔ asafo no mu a n’ani afi.