Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 47

DWOM 103 Ahwɛfo—Wɔyɛ Akyɛde

Anuanom Mmarima​—Morebɔ Mo Ho Mmɔden Abɛyɛ Asafo Mu Mpanyimfo Anaa?

Anuanom Mmarima​—Morebɔ Mo Ho Mmɔden Abɛyɛ Asafo Mu Mpanyimfo Anaa?

“Sɛ ɔbarima bi rebɔ ne ho mmɔden sɛ ɔbɛba abɛyɛ ɔhwɛfo a, na ɔrepɛ adwuma pa.”1 TIM. 3:1.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde a ɛsɛ sɛ onuabarima bi du ho ansa na wabɛyɛ asafo mu panyin no, adesua yi bɛma yɛahu.

1-2. Dɛn ne “adwuma pa” a asafo mu panyin yɛ no?

 SƐ WORESOM sɛ asafo mu somfo a, ɛda adi sɛ worebɔ wo ho mmɔden abɛyɛ asafo mu panyin. Yegye di sɛ w’ani gye saa “adwuma pa” no ho.—1 Tim. 3:1.

2 Adwuma bɛn na asafo mu panyin yɛ? Odi asɛnka adwuma no anim, ɔsrasra anuanom hyɛ wɔn nkuran, na ɔkyerɛkyerɛ. Afei nso, ɔde ne kasa ne ne nneyɛe hyɛ asafo no den. Wei nti na Bible ka sɛ asafo mu mpanyimfo a wɔyɛ adwumaden yɛ ‘akyɛde ma asafo no.’—Efe. 4:8.

3. Dɛn na onuabarima betumi ayɛ na ama wabɛyɛ asafo mu panyin? (1 Timoteo 3:​1-7; Tito 1:​5-9)

3 Wobɛyɛ dɛn abɛyɛ asafo mu panyin? Ɛnyɛ nimdeɛ anaa osuahu kɛkɛ a onua bi wɔ nti na ɛbɛma wafata sɛ asafo mu panyin. Wiase no mu de, sɛ obi rekɔpɛ adwuma na sɛ ɔwɔ adwuma no ho nimdeɛ anaa osuahu a, ne nsa betumi aka. Nanso sɛ wopɛ sɛ wobɛyɛ asafo mu panyin a, ɛnyɛ asɛnka ne nkyerɛkyerɛ nko ara na ɛsɛ sɛ wobɔ mu mmɔden. Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde a ɛwɔ 1 Timoteo 3:​1-7 ne Tito 1:​5-9 no, ɛsɛ sɛ wutumi du ho. (Kenkan.) Adesua yi bɛka nneɛma atitiriw mmiɛnsa ho asɛm: nea onuabarima bɛyɛ na wɔn a wɔwɔ asafo no mu ne wɔn a wɔnni asafo no mu abɔ no din pa, sɛnea obedi ɔno ara ne fie so yiye, ne sɛnea obeyi ne yam asom asafo no.

NEA WOBƐYƐ NA WOANYA DIN PA

4. Sɛ yɛka sɛ ‘obi ho nni asɛm’ a, dɛn na ɛkyerɛ?

4 Sɛ wubetumi abɛyɛ asafo mu panyin a, ɛsɛ sɛ woyɛ ‘obi a wo ho nni asɛm.’ Wei kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ asafo no mufo hu sɛ wobɔ bra pa na wɔbɔ wo din pa. Afei nso, ɛsɛ sɛ ‘wɔn a wonni asafo no mu di wo ho adanse pa.’ Ebia wɔn a wɔnni asafo no mu bɛkasa atia wo gyidi, nanso ɛnsɛ sɛ ɛba da sɛ wɔbɛka sɛ wo suban nye anaa wonka nokware. (Dan. 6:​4, 5) Bisa wo ho sɛ, ‘Asafo no mufo ne wɔn a wɔnni asafo no mu bɔ me din pa anaa?’

5. Wobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ ‘wopɛ papayɛ’?

5‘wopɛ papayɛ’ a, ɛkyerɛ sɛ wohwehwɛ suban pa a afoforo wɔ, na wokamfo wɔn. W’ani gye ho nso sɛ wobɛyɛ afoforo papa, na nea wɔnkaa sɛ yɛ mpo, woyɛ ma wɔn. (1 Tes. 2:8) Adɛn nti na ehia paa sɛ asafo mu mpanyimfo nya saa suban yi? Efisɛ wɔde wɔn bere pii srasra anuanom hyɛ wɔn nkuran, na wɔde bi yɛ dwumadi ahorow nso. (1 Pet. 5:​1-3) Ɛwom sɛ wei yɛ adwumaden nanso nhyira a ɛwom no, ɛdɔɔso koraa sen nneɛma a wɔde bɔ afɔre no.—Aso. 20:35.

6. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ obi pɛ “ahɔhoyɛ”? (Hebrifo 13:​2, 16; hwɛ mfoni no nso.)

6 Sɛ woyɛ nneɛma pa ma afoforo, a wɔn a wɔnyɛ wo nnamfo mpo ka ho a, ɛkyerɛ sɛ wopɛ “ahɔhoyɛ.” (1 Pet. 4:9) Nhoma bi ka obi a ɔpɛ ahɔhoyɛ ho asɛm sɛ: “Obue ne fie apon ne ne komam ma ahɔho.” Bisa wo ho sɛ, ‘Anuanom nim me sɛ mepɛ ahɔhoyɛ anaa?’ (Kenkan Hebrifo 13:​2, 16.) Obi a ɔpɛ ahɔhoyɛ no, ɔda ayamye adi kyerɛ obi biara. Ebi ne ahiafo ne wɔn a wɔyere wɔn ho hyɛ anuanom nkuran, te sɛ amansin so ahwɛfo ne anuanom a wɔba n’asafo mu bɛma ɔkasa.—Gen. 18:​2-8; Mmeb. 3:27; Luka 14:​13, 14; Aso. 16:15; Rom. 12:13.

Awarefo bi a wɔpɛ ahɔhoyɛ ama ɔmansin sohwɛfo bi ne ne yere abɛsoɛ wɔn fie (Hwɛ nkyekyɛm 6)


7. Dɛn na asafo mu panyin yɛ a ɛkyerɛ sɛ “ɔnyɛ sikanibere”?

7 “Ɔnyɛ sikanibere.” Wei kyerɛ sɛ wunni ahonyade akyi. Sɛ wowɔ sika oo, sɛ wunni bi oo, wode Ahenni no di kan wɔ wo biribiara mu. (Mat. 6:33) Wode wo bere, w’ahoɔden, ne biribiara a wowɔ som Yehowa, wode bi hwɛ w’abusua, na wode bi nso boa asafo a wowom no. (Mat. 6:24; 1 Yoh. 2:​15-17) Bisa wo ho sɛ: ‘Mibu sika sɛn? M’ani sɔ nneɛma kakra a mewɔ no? Anaa sikapɛ ne ahonyade a mɛboaboa ano na esi m’ani so?—1 Tim. 6:​6, 17-19.

8. Sɛ yɛka sɛ ‘wonyɛ nneɛma ntra so,’ na ‘wutumi hyɛ wo ho so’ a, ɛkyerɛ sɛn?

8 Sɛ yɛka sɛ ‘wonyɛ nneɛma ntra so,’ na ‘wutumi hyɛ wo ho so’ a, ɛkyerɛ sɛ biribiara a woyɛ wɔ w’asetenam no, woyɛ no wɔ ɔkwan a ɛfata so. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, wunnidi mmoro so anaa wonnom nsa ntra so, wo ntaadehyɛ ne w’ahosiesie yɛ kama, na wode nneɛma a ɛfata na egyigye w’ani. Womma nnipa a ɛwɔ wiase no subammɔne nwiawia wo. (Luka 21:34; Yak. 4:4) Sɛ obi hyɛ wo abufuw mpo a, woda odwo adi. ‘Wonyɛ kɔwensani,’ na nkurɔfo nim wo sɛ wonyɛ obi a wonom nsa bebree. Bisa wo ho sɛ, ‘Sɛnea mebɔ me bra no kyerɛ sɛ menyɛ nneɛma ntra so na mitumi hyɛ me ho so anaa?’

9. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ onuabarima bi ‘adwene mu da hɔ’ na “ɔyɛ n’ade pɛpɛɛpɛ”?

9 Sɛ yɛka sɛ ‘w’adwene mu da hɔ’ a, ɛkyerɛ sɛ tebea biara mu no, wohwɛ nea Bible ka wɔ ho, na woto wo bo ase dwinnwen Bible afotu no ho yiye. Wei ma wote nneɛma ase yiye, na wompere wo ho nsisi gyinae. Mmom, wohwɛ hu sɛ ansa na wubesi asɛm bi ho gyinae no, na wunim biribiara a ɛfa asɛm no ho. (Mmeb. 18:13) Ɛba saa a, wubesi gyinae a ɛne Yehowa adwene hyia. Sɛ ‘woyɛ w’ade pɛpɛɛpɛ’ a, ɛkyerɛ sɛ wototo wo nneɛma yiye, na wudi bere so. Obiara nim sɛ wɔbetumi de wɔn ho ato wo so na wudi akwankyerɛ so. Sɛ woyere wo ho nya saa suban ahorow yi nyinaa a, ɛbɛma woanya din pa. Afei Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde a ɛka sɛnea wubedi wo fie so yiye no, momma yensusuw ho.

SƐNEA WUBEDI WO FIE SO YIYE

10. Dɛn na ɔbarima yɛ a ɛkyerɛ sɛ “odi n’ankasa fifo so yiye”?

10 Sɛ woyɛ okunu na wopɛ sɛ wobɛyɛ asafo mu panyin a, nhwɛso pa a w’abusua bɛyɛ nso ho hia paa. Enti, ehia sɛ wutumi ‘di w’ankasa fiefo so yiye.’ Ɛsɛ sɛ anuanom hu sɛ woyɛ abusua ti a wodɔ w’abusua, na wutumi hwɛ wɔn yiye. Ebi ne sɛ, wubedi w’abusua anim ma wɔde wɔn ho ahyɛ Yehowa som no afã horow nyinaa mu. Adɛn nti na wei ho hia saa? Ɔsomafo Paul bisae sɛ: “Sɛ obi nnim sɛnea obedi n’ankasa fifo so a, ɔbɛyɛ dɛn atumi ahwɛ Onyankopɔn asafo so?”—1 Tim. 3:5.

11-12. Sɛ obi pɛ sɛ ɔbɛyɛ asafo mu panyin a, adɛn nti na suban pa a n’abusua bɛda no adi ho hia? (Hwɛ mfoni no nso.)

11 Woyɛ agya a, wo mma a wɔnnya nnii mfe 18 no, ɛsɛ sɛ wɔn ‘ani da fam paa, na wɔbrɛ wɔn ho ase ma wo.’ Ɛsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ wɔn na wotete wɔn. Ɛwom, mmofra de, wɔbedi agorɔ na wɔaserew, nanso ntetee pa a wode bɛma wɔn nti, wɔbɛyɛ osetie, wɔbebu ade, na wɔada suban pa adi. Afei nso, ɛsɛ sɛ woyɛ nea wubetumi biara boa wɔn ma wɔne Yehowa fa adamfo denneennen, wɔde Bible nnyinasosɛm bɔ wɔn bra, na woboa wɔn ma wɔde si wɔn ani so sɛ wɔbɛbɔ asu.

12 “Ne mma yɛ gyidifo a obiara mmɔ wɔn sobo sɛ wɔbɔ ahohwibra anaa wɔtew atua.” Sɛ abofra a wabɔ asu anaa ɔrekeka kɔ asubɔ ho wɔ fie hɔ na ɔkɔyɛ bɔne kɛse bi a, ne papa hokwan befi ne nsa anaa? Sɛ ɛkɔba sɛ agya no amfa ntetee ne nteɛso a ɛfata amma ne ba no a, ɛnde ebia hokwan a agya no wɔ sɛ ɔpanyin no befi ne nsa.—Hwɛ October 15, 1996 Ɔwɛn-Aban no, kr. 21, nky. 6-7.

Mmusua ti boa wɔn mma ma wɔde wɔn ho hyɛ Yehowa som no afã horow nyinaa mu (Hwɛ nkyekyɛm 11)


SƐNEA OBEYI NE YAM ASOM ASAFO NO

13. Wobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ ‘wote asɛm ase,’ na ‘wunni wo koko so asɛm’?

13 Anuanom mmarima a wɔda suban pa adi no, wɔboa asafo no paa. Obi a “ɔte asɛm ase” no pɛ asomdwoe. Sɛ wopɛ sɛ afoforo hu sɛ wote asɛm ase a, sɛ wɔrekasa a, yɛ aso tie, na mpɛ ntɛm mmɔ wɔn adwenkyerɛ ngu. Sɛ moreyɛ mpanyimfo nhyiam na dodow no ara adwene kɔ bɛnkoro mu wɔ gyinaesi bi ho, na gyinaesi no ntia Bible mmara biara a, wobɛbrɛ wo ho ase agye atom anaa? Sɛ yɛka sɛ ‘wunni wo koko so asɛm’ a, ɛkyerɛ sɛ wonhyɛ afoforo ketee sɛ nea wopɛ nko ara na wɔnyɛ. Wugye tom sɛ ti koro nkɔ agyina. (Gen. 13:​8, 9; Mmeb. 15:22) ‘Wonyɛ obi a wo ne nkurɔfo ham’ anaa ‘wo bo mfuw ntɛm.’ Sɛ́ anka w’asɛm bɛyɛ den na woatwe asɛm twann no, wode obu bɛma nkurɔfo na woayɛ wɔn brɛbrɛ. Sɛ woyɛ asomdwoe nipa, na tebea a ebetumi de akasakasa anaa mpaapaemu aba yi ne ti a, wutu anammɔn hwɛ ma asomdwoe ba. (Yak. 3:​17, 18) Ɛsɛ sɛ w’anom kasa tumi dwudwo afoforo anaa asɔretiafo mpo.—Atem. 8:​1-3; Mmeb. 20:3; 25:15; Mat. 5:​23, 24.

14. Yɛka sɛ onua bi ‘nyɛ obi a waba gyidi no mu foforo’ na “ɔyɛ ɔnokwafo” a, ɛkyerɛ sɛn?

14 Sɛ ɔbarima bi bɛfata sɛ asafo mu panyin a, ɛnsɛ sɛ ‘ɔyɛ obi a waba gyidi no mu foforo.’ Ɛwom wobɔ asu a, ɛnyɛ nea ehia paa ne sɛ mfe pii betwam ansa na wɔapaw wo, mmom wuhia bere a wode bɛhyɛ wo ne Yehowa ayɔnkofa mu den na ama wo ho akokwaw. Ansa na wɔbɛpaw wo sɛ ɔpanyin no, ɛsɛ sɛ wusuasua Yesu na woda no adi sɛ wobrɛ wo ho ase. Ɛsɛ sɛ wunya ɔpɛ sɛ wobɛtwɛn, na sɛ bere pii twam na wɔmpaw wo mpo a, wo bo amfuw. (Mat. 20:23; Filip. 2:​5-8) Sɛ wobata Yehowa ho na wudi ne mmara so a, ɛkyerɛ sɛ woyɛ ɔnokwafo. Nea ɛka ho nso ne sɛ, akwankyerɛ biara a ɔnam n’ahyehyɛde no so de ma yɛn no, wubedi so.—1 Tim. 4:15.

15. Sɛ onua bi bɛfata sɛ asafo mu panyin a, wohwɛ a ɛsɛ sɛ ohu baguam kasa ma paa ansa anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

15 Kyerɛwnsɛm no da no adi pefee sɛ ɛsɛ sɛ ahwɛfo “tumi kyerɛkyerɛ.” Wohwɛ a, wei kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wuhu baguam kasa ma paa ansa anaa? Daabi. Asafo mu mpanyimfo a wɔbɔ mmɔden paa no, bebree wɔ hɔ a, ɛwom sɛ wɔnnim baguam kasa ma paa saa, nanso sɛ wɔwɔ asɛnka mu anaa wɔresrasra anuanom ahyɛ wɔn nkuran a, wɔtumi kyerɛkyerɛ yiye paa. (Fa 1 Korintofo 12:​28, 29 toto Efesofo 4:11 ho.) Ne nyinaa mu no, ɛho hia sɛ daa woyere wo ho sɛ wobɛma wo nkyerɛkyerɛ atu mpɔn. Ɛnde wobɛyɛ dɛn ama wo nkyerɛkyerɛ atu mpɔn?

16. Wobɛyɛ dɛn abɛyɛ obi a wo nkyerɛkyerɛ tu mpɔn? (Hwɛ mfoni no nso.)

16 “Ɔrekyerɛkyerɛ a, ɔde ne nkyerɛkyerɛ gyina nokwasɛm no so pintinn.” Sɛ wopɛ sɛ wo nkyerɛkyerɛ tu mpɔn a, sɛ worema baguam kasa anaa wode afotu rema obi a, fa gyina Onyankopɔn Asɛm no so. Yere wo ho sua Bible ne asafo nhoma. (Mmeb. 15:28; 16:23) Sɛ woresua ade a, to wo bo ase hwɛ sɛnea asafo nhoma kyerɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm no mu, na sɛ worekyerɛkyerɛ a, woamfa nkyerɛkyerɛmu no amfa baabi foforo. Afei nso, sɛ worekyerɛkyerɛ a, bɔ mmɔden ma asɛm no nka w’atiefo koma. Sɛ wohwehwɛ afotu fi akasafo a wɔn ho akokwaw hɔ na wode yɛ adwuma a, ɛbɛboa wo ma wo nkyerɛkyerɛ atu mpɔn. (1 Tim. 5:17) Ɛsɛ sɛ mpanyimfo tumi ‘hyɛ anuanom nkuran’; nanso ɛtɔ da a, ɛsɛ sɛ wɔde afotu ma ebinom anaa wɔnya wɔn ‘kasakyerɛ’ mpo. Ne nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ no ɔdɔ so. Sɛ woyɛ anuanom brɛbrɛ na woda ɔdɔ adi kyerɛ wɔn, na wode wo nkyerɛkyerɛ gyina Onyankopɔn Asɛm no so a, wo nkyerɛkyerɛ betu mpɔn, efisɛ ɛba saa a, na woresuasua Yesu a ɔyɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no.—Mat. 11:​28-30; 2 Tim. 2:24.

Ɔsomfo ne ɔpanyin bi akɔsra onuawa bi rehyɛ no nkuran, na ɔsomfo no de hokwan no resua sɛnea ɔde Bible no bɛkyerɛkyerɛ yiye. Afei nso, ɔsomfo no rebobɔ ne kasa bi a ɔbɛma so wɔ ahwehwɛ bi anim (Hwɛ nkyekyɛm 16)


KƆ SO ARA BƆ WO HO MMƆDEN

17. (a) Dɛn na ɛbɛboa asomfo ma wɔakɔ so abɔ wɔn ho mmɔden? (b) Sɛ mpanyimfo resusuw anuanom a wɔpɛ sɛ wɔpaw wɔn no ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔma ɛtena wɔn adwenem? (Hwɛ adaka a yɛato din, “ Sɛ Moresusuw Afoforo Ho a, Monkae Sɛ Mo Ara Nso Motɔ Sin” no.)

17 Ahwehwɛde a ɛsɛ sɛ asafo mu asomfo du ho ansa na wɔatumi apaw wɔn no, sɛ wɔn mu bi susuw ho a, ebia ɛbɛyɛ wɔn sɛ wɔrentumi nnu ho da. Nanso kae sɛ Yehowa anaa n’ahyehyɛde no nhwɛ kwan sɛ wubedu ahwehwɛde no nyinaa ho pɛpɛɛpɛ. (1 Pet. 2:21) Afei nso, Yehowa honhom kronkron na ɛboa wo ma wutumi du saa ahwehwɛde no ho. (Filip. 2:13) So wotɔ sin wɔ biribi mu a wopɛ sɛ woyɛ ho adwuma anaa? Sɛ saa a, bɔ ho mpae na yɛ ho nhwehwɛmu. Afei bisa mpanyimfo no nea woyɛ a ɛbɛma woatu mpɔn.

18. Dɛn na yɛhyɛ asafo mu asomfo nyinaa nkuran sɛ wɔnyɛ?

18 Ahwehwɛde ahorow a yɛasusuw ho wɔ adesua yi mu no, sɛ yɛyɛ mpanyimfo oo, sɛ yɛnyɛ bi oo, momma yɛn nyinaa mmɔ mmɔden sɛ yebedu ho. (Filip. 3:16) Woyɛ asafo mu somfo anaa? Kɔ so ara bɔ wo ho mmɔden! Srɛ Yehowa sɛ ɔntete wo, sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛkɔ so asom no na woaboa asafo no. (Yes. 64:8) Yɛn mpaebɔ ne sɛ Yehowa bɛboa wo ma woabɛyɛ asafo mu panyin.

DWOM 101 Yɛde Baakoyɛ Bom Yɛ Adwuma