Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 45

DWOM 138 Hwɛ Sɛnea Dwen Yɛ Fɛ

Nsɛm a Mmarima Anokwafo Kae De Dii Nkra No, Sua Biribi Fi Mu

Nsɛm a Mmarima Anokwafo Kae De Dii Nkra No, Sua Biribi Fi Mu

“Ɛnyɛ nkwakoraa mu na nyansa wɔ? Na ɛnyɛ onyinkyɛ mu na ntease wɔ?”HIOB 12:12.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Sɛ yɛyɛ osetie ma Yehowa Nyankopɔn a, ɛnnɛ yebenya nhyira, na daakye nso, yebenya daa nkwa.

1. Adɛn nti na yebetumi asua biribi afi wɔn a wɔn mfe akɔ anim hɔ?

 YƐN nyinaa hia afotu a ɛbɛboa yɛn ma yɛasisi gyinae a ɛho hia wɔ yɛn asetena mu. Yebetumi anya saa afotu no bebree afi asafo mu mpanyimfo ne Kristofo afoforo a wɔn ho akokwaw hɔ. Sɛ wɔabɔ nkwakoraa anaa mmerewa a, ɛno ara kɛkɛ nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ wɔn afotu no gu. Yehowa pɛ sɛ yesua biribi fi wɔn hɔ. Wɔadi nkyene, enti wɔwɔ osuahu ne nyansa koraa sen yɛn.—Hiob 12:12.

2. Dɛn na adesua yi bɛka ho asɛm?

2 Sɛ wokan Bible no a, wubehu sɛ tete no Yehowa maa anokwafo a wɔn mfe akɔ anim de nkuranhyɛ ne akwankyerɛ maa ne nkurɔfo. Wɔn mu bi ne Mose, Dawid, ne ɔsomafo Yohane. Wɔantena ase wɔ bere koro mu, na na ɛsono wɔn mu biara asetena mu nsɛm koraa. Aka kakra ma wɔawu no, wɔmaa nkyirimma afotu pa. Saa mmarima anokwafo yi mu biara sii so dua sɛ, ɛho hia paa sɛ yɛyɛ osetie ma Onyankopɔn. Yehowa akora wɔn nsɛm no so ama yɛn. Sɛ yɛyɛ mpanyin oo, sɛ yɛyɛ mmofra oo, yɛkenkan wɔn afotu no a, ɛbɛboa yɛn. (Rom. 15:4; 2 Tim. 3:16) Adesua yi mu no, nsɛm a mmarima mmiɛnsa yi kae de dii nkra no, yebesusuw ho na yɛahwɛ nea yebetumi asua afi mu.

‘WOBƐTENA ASE AKYƐ’

3. Hokwan ahorow bɛn na Mose nyae de som Yehowa?

3 Mose asetenam nyinaa, okum ne ho maa Yehowa. Ná ɔyɛ odiyifo, ɔtemmufo, ɔsahene, ne abakɔsɛm kyerɛwfo. Ná Mose wɔ osuahu paa! Yehowa ma okogyee Israelfo no fii nkoasom mu wɔ Egypt, na ɔno ara de n’ani huu anwanwade pii a Yehowa yɛe. Yehowa ma ɔkyerɛw Bible mu nhoma nnum a edi kan no ne Dwom 90. Afei nso, ɛbɛyɛ sɛ ɔno na Yehowa ma ɔkyerɛw Dwom 91 ne Hiob nhoma no.

4. Henanom na Mose hyɛɛ wɔn nkuran, na adɛn ntia?

4 Bere a Mose dii mfe 120 a aka kakra ma wawu no, ɔfrɛɛ Israelfo no nyinaa boaa ano, na ɔkaee wɔn nea wɔde wɔn ani ahu sɛ Yehowa ayɛ ama wɔn. Wɔn mu bi wɔ hɔ a, bere a wɔsusua no, wɔde wɔn ani huu anwanwade pii a Yehowa yɛe ne sɛnea ɔtwee Egyptfo aso no. (Ex. 7:​3, 4) Wɔhuu sɛnea Yehowa paee ɛpo kɔkɔɔ no mu ma wɔfaa mu, na wɔhuu sɛnea ɔsɛee Farao ne n’asraafodɔm no nso. (Ex. 14:​29-31) Wɔnam sare no so no, Yehowa bɔɔ wɔn ho ban na ɔhwɛɛ wɔn. (Deut. 8:​3, 4) Aka kakra ma Israel man no adu Bɔhyɛ Asaase no so no, Mose de hokwan a etwa to yi hyɛɛ ɔman no nkuran. a

5. Asɛm a ɛwɔ Deuteronomium 30:​19, 20 a Mose kae wɔ ɔne Israelfo no nkradi mu no, awerɛhyem bɛn na ɛma wɔnyae?

5 Dɛn na Mose kae? (Kenkan Deuteronomium 30:​19, 20.) Ná daakye papa bi da Israelfo no anim. Yehowa nhyira nti, asaase a ɔde hyɛɛ Israelfo no bɔ no, na wɔbetumi atena so akyɛ. Ná asaase no yɛ asaase pa a ɛyɛ fɛ, na ɛma nnɔbae. Mose kaa ho asɛm kyerɛɛ wɔn sɛ, ɛyɛ ‘nkurow akɛse fɛfɛ a ɛnyɛ wɔn na wɔkyekyee, afi a nneɛma pa ahorow nyinaa bi ayɛ mu ma a ɛnyɛ wɔn na wɔyɛɛ ho adwuma, mmura a ɛnyɛ wɔn na wɔtui, ne bobefuw ne ngo nnua a ɛnyɛ wɔn na wɔduae.’—Deut. 6:​10, 11.

6. Adɛn nti na Onyankopɔn maa kwan maa aman afoforo dii Israel so nkonim?

6 Bio nso, Mose bɔɔ Israelfo no kɔkɔ. Sɛ wɔbetumi akɔ so atena asaase pa no so a, na ɛsɛ sɛ wɔtie Yehowa. Mose hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔntie Yehowa na ‘wɔmmata ne ho’ na wɔnnya “nkwa.” Nanso Israelfo no antie Yehowa. Eduu baabi no, Onyankopɔn maa Asiriafo, ne akyiri yi Babilonfo dii wɔn so nkonim, na wɔsoaa wɔn kɔe.—2 Ahe. 17:​6-8, 13, 14; 2 Be. 36:​15-17, 20.

7. Dɛn na yebetumi asua afi Mose nsɛm no mu? (Hwɛ mfoni no nso.)

7 Dɛn na yesua fi mu? Sɛ yetie Yehowa a, yebenya nkwa. Yɛn tebea no te sɛ Israelfo a na aka kakraa bi ma wɔadu Bɔhyɛ Asaase no so no. Yɛn nso, aka kakraa bi ma yɛakɔ wiase foforo no mu. Ɛhɔ na asaase nyinaa bɛdan paradise. (Yes. 35:1; Luka 23:43) Onyankopɔn beyi Ɔbonsam ne ahonhommɔne no nyinaa afi hɔ. (Adi. 20:​2, 3) Saa bere no, ɔsom biara a ɛkyerɛkyerɛ Yehowa ho atosɛm no befi hɔ. (Adi. 17:16) Nnipa aban befi hɔ, na wɔrennya kwan nhyɛ obiara so bio. (Adi. 19:​19, 20) Atuatewfo biara remma paradise hɔ. (Dw. 37:​10, 11) Obiara bedi Yehowa mmara so, na ɛbɛma baakoyɛ ne asomdwoe aba baabiara. Obiara bɛdɔ ne yɔnko na wagye no adi. (Yes. 11:9) Yɛrehwɛ saa bere no kwan denneennen! Afei nso, sɛ yetie Yehowa a, ɛnyɛ sɛ yɛbɛtena paradise asaase so mfe kakraa bi, mmom yɛbɛtena so afebɔɔ.—Dw. 37:29; Yoh. 3:16.

Sɛ yetie Yehowa a, ɛnyɛ sɛ yɛbɛtena paradise asaase so mfe kakraa bi, mmom yɛbɛtena so afebɔɔ (Hwɛ nkyekyɛm 7)


8. Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa daa nkwa ho no, sɛn na ɛboaa ɔsɛmpatrɛwni bi a na ɔde mfe pii asom Yehowa? (Yuda 20, 21)

8 Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa daa nkwa ho no, sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem a, ɛmfa ho sɔhwɛ biara a yebehyia no, yɛrentwe yɛn ho mfi Yehowa ho da. (Kenkan Yuda 20, 21.) Saa bɔhyɛ no nso betumi aboa yɛn ama yɛako atia yɛn mmerɛwyɛ. Ná ɔsɛmpatrɛwni bi wɔ Afrika a ɔde mfe pii asom Yehowa; na ɔwɔ mmerɛwyɛ bi a daa ɛteetee no. Ɔkaa sɛ: “Bere a mihui sɛ anhwɛ a daa nkwa bɛbɔ me no, ɛma meyeree me ho sɛ mɛko atia saa sɔhwɛ no, enti daa na mekɔ me nkotodwe anim srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa me. Yehowa nso boaa me ma mitumi dii so.”

“EBESI WO YIYE”

9. Sɔhwɛ bɛn na Dawid hyiae wɔ n’asetenam?

9Dawid yɛ ɔhenkɛse. Ná ɔsan yɛ odwontofo, anwensɛm kyerɛwfo, ɔsabarima, ne odiyifo. Ohyiaa sɔhwɛ pii. Mfe pii a na Ɔhene Saul retaataa no apɛ no akum no no, na ɛsɛ sɛ ɔde ne ho sie sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrennya no. Akyiri yi, bere a ɔbɛyɛɛ ɔhene no, ne ba Absalom yɛe sɛ obetu no ade so, enti na ɛsɛ sɛ ɔsan guan pere ne nkwa. Ɛmfa ho ɔhaw ahorow a Dawid hyiae ne ɔno ara ne mmerɛwyɛ a edii no nya no, ɔkɔɔ so bataa Onyankopɔn ho kosii owu mu. Yehowa kaa ne ho asɛm sɛ “ɔyɛ ɔbarima a ɔyɛ nea me koma pɛ.” Enti sɛ Dawid de afotu rema yɛn a, ɛsɛ sɛ yetie gu aso pa mu!—Aso. 13:22; 1 Ahe. 15:5.

10. Adɛn nti na Dawid de afotu maa ne ba Solomon a na obedi n’ade no?

10 Yɛnhwɛ afotu a Dawid de maa ne ba Solomon a na obedi n’ade no. Yehowa paw Solomon a na ɔyɛ aberante no sɛ onsi asɔrefie sɛnea ɛbɛyɛ a ɔmanfo no bɛsom Yehowa wɔ hɔ. (1 Be. 22:5) Ná Solomon behyia akwanside pii. Dɛn na na Dawid bɛka akyerɛ no? Momma yɛnhwɛ.

11. Sɛnea 1 Ahene 2:​2, 3 kyerɛ no, afotu bɛn na Dawid de maa Solomon, na ɔde yɛɛ adwuma no, ɛboaa no sɛn? (Hwɛ mfoni no nso.)

11 Asɛm bɛn na Dawid kae? (Kenkan 1 Ahene 2:​2, 3.) Dawid ka kyerɛɛ ne ba no sɛ, sɛ otie Yehowa a, ebesi no yiye. Bere a Solomon de saa afotu no yɛɛ adwuma no, esii no yiye mfe pii. (1 Be. 29:​23-25) Osii asɔrefie a ɛyɛ krabɛhwɛ maa Yehowa na ɔkyerɛw Bible no bi. Ɛno da nkyɛn a, ne nsɛm bi nso hyehyɛ Bible nhoma afoforo mu. Ne nyansa ne n’ahonyade ma ogyee din. (1 Ahe. 4:34) Nanso sɛnea Dawid kyerɛɛ mu no, ɛyɛ tie a na Solomon bɛkɔ so atie Yehowa no, ɛno na na ɛbɛma asi no yiye. Awerɛhosɛm ne sɛ, Solomon nkwakoraabere mu no, ɔkɔsom anyame foforo. Yehowa yii ne honhom fii ne so, na nyansa a ɔde bebu atɛntrenee ama ne manfo no bɔɔ no.—1 Ahe. 11:​9, 10; 12:4.

Dawid nsɛm a etwa to a ɔka kyerɛɛ ne ba Solomon no ma yehu sɛ, sɛ yetie Onyankopɔn a, ɔbɛma yɛn nyansa a ɛbɛboa yɛn ma yɛasisi gyinae pa (Hwɛ nkyekyɛm 11-12) b


12. Asɛm a Dawid kae no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

12 Dɛn na yesua fi mu? Sɛ yetie Yehowa a, ebesi yɛn yiye. (Dw. 1:​1-3) Ɛwom Yehowa nhyɛɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛma yɛn Solomon ahonyade ne n’anuonyam no bi. Nanso sɛ yetie Onyankopɔn a, ɔbɛma yɛn nyansa a ɛbɛboa yɛn ma yɛasisi gyinae pa. (Mmeb. 2:​6, 7; Yak. 1:5) Sɛ yɛpɛ sɛ yesi gyinae wɔ adwuma a yɛbɛyɛ, sukuu a yɛbɛkɔ, nneɛma a yɛde begyigye yɛn ani anaa sika ho a, afotu a ɔde ma yɛn no betumi aboa yɛn. Sɛ yetie n’afotu a, ɛbɛboa yɛn na yɛanyɛ biribi a ɛbɛsɛe yɛne ne ntam. (Mmeb. 2:​10, 11) Yɛne yɛn nnamfo ntam bɛyɛ kama, na yɛne yɛn abusua nso bɛtena fɛfɛɛfɛ.

13. Ɛyɛɛ dɛn na esii Carmen yiye?

13 Ná Carmen a ɔte Mozambique no adwene yɛ no sɛ ɔkɔ sukuu kɔ akyiri a, ɛno na ɛbɛma asi no yiye. Enti ɔkɔɔ suapɔn sɛ ɔrekosua adansi ho ade. Ɔkaa sɛ: “Ná m’ani gye nea meresua no ho paa. Nanso na egye me bere ne m’ahoɔden dodow no ara. Ná mekɔ sukuu anɔpa 7:​30, na na metena mu saa ara kosi anwummere 6:00. Ná ɛyɛ den sɛ mɛkɔ adesua, na na me gyidi nso reyɛ mmerɛw. Me mu paa de, mihui sɛ meresom awuranom baanu.” (Mat. 6:24) Carmen bɔɔ ne tebea no ho mpae, na ɔyɛɛ nhwehwɛmu wɔ yɛn nhoma ahorow mu. Ɔkyerɛ mu sɛ: “Asafo mu mpanyimfo ne me maame maa me afotu pa, enti meyɛɛ m’adwene sɛ megyae suapɔn no na mede me bere nyinaa asom Yehowa. Wei boaa me ma misisii gyinae pa wɔ m’asetenam, na minnuu me ho da.”

14. Asɛm bɛn paa na Mose ne Dawid sii so dua?

14 Ná Mose ne Dawid nyinaa dɔ Yehowa, na wɔhui sɛ ɛho hia paa sɛ wɔtie no. Bere a wɔne wɔn atiefo redi nkra no, wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnsuasua wɔn nhwɛso no, na wɔn nso mmata Yehowa wɔn Nyankopɔn ho. Afei nso, wɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ, sɛ wɔtwe wɔn ho fi Yehowa ho a, ɔbɛpo wɔn, na nhyira a ɔde ahyɛ wɔn bɔ no nso bɛbɔ wɔn. Yɛn nso, wɔn afotu no bɛboa yɛn paa. Mose ne Dawid akyi mfe ɔhaha pii no, Yehowa somfo foforo nso kyerɛe sɛ ɛho hia paa sɛ yedi Yehowa nokware.

“BIRIBIARA NNI HƆ A ƐMA M’ANI GYE SEN EYI”

15. Dɛn na ɔsomafo Yohane hui wɔ n’asetenam?

15 Ná Yesu Kristo dɔ ɔsomafo Yohane paa. (Mat. 10:2; Yoh. 19:26) Bere a Yesu reyɛ ne som adwuma no nyinaa, na Yohane ka ne ho; ohuu anwanwade a Yesu yɛe, na mmere bɔne mu nyinaa nso, wantwe ne ho amfi Yesu ho. Bere a wɔrekum Yesu no na ɔwɔ hɔ; onyan fii awufo mu nso ohuu no. Afei nso, ohuu Kristosom ahyɛase; ɛretrɛw nkakrankakra nyinaa ohui ara kosii sɛ wɔkaa asɛmpa no “wɔ abɔde a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa mu.”—Kol. 1:23.

16. Henanom na anya nkrataa a Yohane kyerɛwee no so mfaso?

16 Aka kakra ma Yohane awu no, onyaa hokwan kyerɛw “Yesu Kristo adiyisɛm” a ɛyɛ nwanwa no. (Adi. 1:1) Ɔno na ɔkyerɛw Yohane asɛmpa no, na ɔsan nso kyerɛw nkrataa mmiɛnsa a ne din da so no. Yohane nhoma a ɛtɔ so mmiɛnsa no, ɔkyerɛw kɔmaa Kristoni bi a ne din de Gaio; na ɔdɔ no sɛ ne ba. (3 Yoh. 1) Saa bere no, ɛbɛyɛ sɛ na anuanom pii wɔ hɔ a Yohane bu wɔn sɛ ne honhom mu mma. Asɛm a ɔpanyin nokwafo yi kyerɛwee no ahyɛ Yesu akyidifo nyinaa nkuran abesi nnɛ.

17. Sɛnea 3 Yohane 4 kyerɛ no, dɛn na ɛma yɛn ani gye paa?

17 Dɛn na Yohane kyerɛwee? (Kenkan 3 Yohane 4.) Yohane kyerɛwee sɛ, sɛ ohu sɛ ne nuanom reyɛ osetie ama Onyankopɔn a, n’ani gye paa. Bere a Yohane kyerɛw ne nhoma a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na ebinom rekyerɛkyerɛ atosɛm, na na wɔde mpaapaemu reba asafo no mu. Nanso ebinom kɔɔ so ‘nantew nokware no mu.’ Wɔtiee Yehowa, na ‘wɔnantewee sɛnea n’ahyɛde te.’ (2 Yoh. 4, 6) Ɛnyɛ Yohane nko ara na saa Kristofo anokwafo yi maa n’ani gyei; wɔmaa Yehowa nso ani gyei.—Mmeb. 27:11.

18. Dɛn na yebetumi asua afi Yohane asɛm no mu?

18 Dɛn na yesua fi mu? Ɛne sɛ, sɛ yedi Yehowa nokware a, ɛde anigye ba. (1 Yoh. 5:3) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ yehu sɛ yɛama Yehowa ani agye a, ɛma yɛn nso yɛn ani gye. Sɛ ohu sɛ yɛreko tia sɔhwɛ na yɛredi ne mmara so a, ɛma n’ani gye. (Mmeb. 23:15) Abɔfo a ɛwɔ soro nso ani gye. (Luka 15:10) Yɛn nso, sɛ yehu sɛ yɛn nuanom redi nokware a, ɛma yɛn ani gye, ɛnkanka bere a wɔrehyia sɔhwɛ anaa ɔsɔretia no. (2 Tes. 1:4) Sɛ Satan wiase bɔne yi kɔ n’awiei a, yɛn ani begye paa sɛ yedii Yehowa nokware.

19. Nokware no a yɛde bɛkyerɛkyerɛ afoforo no, sɛn na onuawa bi a ne din de Rachel kaa ho asɛm? (Hwɛ mfoni no nso.)

19 Sɛ yɛkyerɛkyerɛ afoforo nokware no a, ɛma yɛn ani gye paa. Rachel a ɔte Dominican Republic no te nka sɛ, ɛyɛ hokwan kɛse sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ afoforo ma wɔahu Onyankopɔn a yɛsom no no. Wɔn a Rachel aboa wɔn ma wɔabɛsom Yehowa no, ɔka wɔn ho asɛm sɛ: “Sɛ mihu sɛ wɔn a makyerɛkyerɛ wɔn ma wɔresom Yehowa no de wɔn ho ato no so, na wɔreyɛ nsakrae wɔ wɔn asetenam sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsɔ n’ani a, anigye a minya wɔ me komam de, merentumi nkyerɛ mu. Ɛba saa a, mmɔden biara a mebɔe anaa biribiara a mede bɔɔ afɔre no, ɛyɛ a menkae mpo.”

Sɛ yɛkyerɛkyerɛ afoforo ma wɔdɔ Yehowa na wɔtie no a, ɛma yɛn ani gye paa (Hwɛ nkyekyɛm 19)


MA NSƐM A MMARIMA ANOKWAFO KAE DE DII NKRA NO MMOA WO

20. Ɔkwan bɛn so na yɛte sɛ Mose, Dawid, ne Yohane?

20 Ɛsono bere a Mose, Dawid, ne Yohane nyinaa tenaa ase, ɛnna ɛsono yɛn bere yi. Afei nso ɛsono sɛnea na wɔn asetena te. Nanso akwan bebree so no, yɛte sɛ wɔn ara. Sɛnea yɛresom nokware Nyankopɔn no, saa ara na wɔn nso yɛe. Sɛnea yɛbɔ Yehowa mpae, yɛde yɛn ho to no so, na yɛhwehwɛ n’akwankyerɛ no, saa ara na wɔn nso yɛe. Obiara a otie Yehowa no, yegye di sɛ ohyira no boro so. Wɔn nso, saa ara na na wɔgye di.

21. Wɔn a wɔtie mmarima anokwafo te sɛ Mose, Dawid, ne Yohane afotu no, nhyira bɛn na wɔbenya?

21 Ɛnde, momma yɛmfa saa mmarima no afotu nyɛ adwuma mfa nkyerɛ sɛ yetie Yehowa. Yɛyɛ saa a, ebesi yɛn yiye wɔ biribiara mu. Yebenya nkwa, na ‘yɛbɛtena ase akyɛ’; kyerɛ sɛ, yɛbɛtena ase afebɔɔ! (Deut. 30:20) Afei nso, yɛn ani begye sɛ yɛreyɛ nea ɛsɔ yɛn soro Agya no ani, efisɛ sɛnea ohwie nhyira gu n’asomfo so no, yɛrentumi mfa yɛn adwene mpo mmu.—Efe. 3:20.

DWOM 129 Yebegyina Mu Pintinn

a Israelfo dodow no ara a wɔhuu anwanwade a Yehowa yɛe wɔ Po Kɔkɔɔ no ho no ankɔ Bɔhyɛ Asaase no so bi. (Num. 14:​22, 23) Yehowa kaa sɛ wɔn a na wɔadi mfe 20 rekɔ no nyinaa bewuwu wɔ sare no so. (Num. 14:29) Nanso afoforo pii a na wɔnnya nnii mfe 20 ne Lewi abusua no mufo bebree ne Yosua ne Kaleb de, wɔanwuwu. Wɔde wɔn ani hui sɛ Yehowa bɔhyɛ aba mu bere a wɔtwaa Asubɔnten Yordan kɔɔ Kaanan no.—Deut. 1:​24-40.

b MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Benkum: Dawid de afotu a etwa to rema ne ba Solomon. Nifa: Anuanom resua ade wɔ Akwampaefo Ɔsom Sukuu.