Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA HO NYANSAHYƐ

Pɛ Baabi Pa a Wubesua Ade

Pɛ Baabi Pa a Wubesua Ade

Sɛ wopɛ sɛ wusua ade nya so mfaso paa a, wubetumi de nyansahyɛ a edidi so yi ayɛ adwuma. Ɛbɛboa wo ma woanya baabi pa a wubesua ade:

  • Pɛ baabi a ɛhɔ yɛ ahomeka. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, pɛ baabi a ɛhɔ nyɛ nwonworann na kanea wɔ hɔ. Wubetumi atena pon ho, anaa baabi a ɛhɔ yɛ kama wɔ abɔnten.

  • Pɛ baabi a atew ne ho. Yesu kɔbɔɔ mpae “anɔpatutuutu” wɔ “baabi a atew ne ho.” (Mar. 1:35) Sɛ ɛyɛ den sɛ wubenya baabi a atew ne ho a, wubetumi ama w’abusuafo anaa wɔn a wo ne wɔn te fie no ahu bere a wode sua ade sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenyɛ biribi a ɛbɛtwetwe w’adwene.

  • Fa w’adwene si nea woresua no so. Mma w’adwene nnkyinkyin. Sɛ wode wo fon anaa tablɛt na esua ade a, fa to silence anaa airplane mode sɛnea ɛbɛyɛ a, sɛ obi sɛnde wo biribi a ɛrentwetwe w’adwene. Sɛ biribi besi wo tirim a, kyerɛw to hɔ na woadi ho dwuma akyiri yi. Sɛ wuhu sɛ w’adwene rekyinkyin a, sɔre nantenantew kakra.