Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 44

DWOM 33 Dan W’adesoa Ma Yehowa

Sɛ Obi Ne Yɛn Di No Nwenweenwene a, Dɛn Na Yɛbɛyɛ?

Sɛ Obi Ne Yɛn Di No Nwenweenwene a, Dɛn Na Yɛbɛyɛ?

“Mma bɔne nnni wo so nkonim, na mmom kɔ so fa papa di bɔne so nkonim.”ROM. 12:21.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Sɛ obi ne yɛn di no nwenweenwene a, nea yɛbɛyɛ na yɛansɛe asɛm no.

1-2. Nneɛma a nkurɔfo betumi de adi yɛn no, ebi ne sɛn?

 YESU mfatoho bi mu no, ɔkaa sɛ okunafo bi koguan ɔtemmufo bi ho sɛ ɔnhwɛ mmu atɛntrenee mma no. Ná Yesu asuafo no bɛte saa mfatoho no ase paa, efisɛ saa bere no na nkurɔfo taa tiatia mpapahwekwa fahodi so. (Luka 18:​1-5) Ntease wɔ saa mfatoho no mu ma yɛn paa, efisɛ yɛn nso ɛtɔ da a nkurɔfo tumi ne yɛn di no nwenweenwene.

2 Ɛnnɛ, ɔtanhunu, nsisi ne nhyɛso abu so wɔ wiase baabiara, enti sɛ nkurɔfo ne yɛn anni no yiye a, ɛnyɛ nwanwa. (Ɔsɛnk. 5:8) Nanso sɛ yɛn nua Kristoni bi de di yɛn a, ɛno de etumi yɛ yɛn yaw paa, efisɛ ɛyɛ a na yɛnhwɛ kwan; nso biribi a ɛte saa betumi asi. Ɛnyɛ sɛ yɛn nuanom pɛ sɛ wɔyɛ ma yegyae Yehowa som. Nea ɛwom ara ne sɛ wɔtɔ sin. Sɛnea Yesu yɛɛ n’ade bere a atamfo ne no dii no nwenweenwene no, yebetumi asua nneɛma pii afi mu. Sɛ atamfo ne yɛn anni no yiye, na yetumi nya wɔn ho abotare a, ɛnde yɛn mfɛfo Kristofo de, ɛsɛ sɛ yetumi nya wɔn ho abotare paa! Sɛ wɔn a wɔnsom Yehowa anaa anuanom ne yɛn anni no yiye a, sɛn na Yehowa te nka? Ɛyɛ a ɛhaw no anaa?

3. Yɛyɛ dɛn hu sɛ, sɛ nkurɔfo ne yɛn anni no yiye a, ɛhaw Yehowa?

3 Sɛ nkurɔfo ne yɛn anni no yiye a, ɛhaw Yehowa paa, efisɛ “Yehowa dɔ atɛntrenee.” (Dw. 37:28) Yesu ma yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa ‘bebu atɛntrenee ama yɛn ntɛm’ wɔ bere pa mu. (Luka 18:​7, 8) Afei nso, ɛrenkyɛ obeyi amanehunu nyinaa afi hɔ, na ɔremma obiara ne yɛn nni no nwenweenwene bio.—Dw. 72:​1, 2.

4. Mmoa bɛn na Yehowa de ma yɛn nnɛ?

4 Ɛsɛ sɛ yɛtwɛn kosi sɛ bere bɛso ama Yehowa ayi ntɛnkyea biara afi hɔ. Nanso enkosi saa bere no, Yehowa boa yɛn ma yehu nea yɛbɛyɛ bere a obi ne yɛn anni no yiye no. (2 Pet. 3:13) Ɔkyerɛkyerɛ yɛn sɛ, sɛ obi ne yɛn anni no yiye a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanyɛ biribi a ɛbɛsɛe asɛm no. Bere a nkurɔfo ne ne Ba no anni no yiye no, sɛnea ne Ba no yɛɛ n’ade no, Yehowa nam so kyerɛ yɛn sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade bere a biribi saa ato yɛn no. Afei nso, ɔma yɛn afotu pɔtee a yebetumi de ayɛ adwuma bere a obi ne yɛn adi no nwenweenwene no.

SƐ OBI NE WO ANNI NO YIYE A, NEA WOBƐYƐ NO, HWƐ YIYE WƆ HO

5. Sɛ obi ne yɛn anni no yiye a, nea yɛbɛyɛ no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ ho?

5 Sɛ obi ne yɛn di no nwenweenwene a, etumi kɔ yɛn ho paa na ɛteetee yɛn. (Ɔsɛnk. 7:7) Onyankopɔn asomfo bi te sɛ Hiob ne Habakuk tee nka saa. (Hiob 6:​2, 3; Hab. 1:​1-3) Atenka a ɛte saa nyɛ bɔne, nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanyɛ biribi a nyansa nnim.

6. Nea Absalom yɛe no, dɛn na yesua fi mu? (Hwɛ mfoni no nso.)

6 Sɛ obi ne yɛn anni no yiye a, ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ yɛnkyerɛ no nyansa. Nanso sɛ yɛyɛ yɛn ade saa a, anhwɛ a, ɛbɛsɛe asɛm no. Momma yɛnhwɛ Ɔhene Dawid ba Absalom. Bere a Amnon too ne nuabea Tamar mmonnaa no, Absalom bo fuwii paa. Sɛnea na Mose Mmara no kyerɛ no, nea Amnon yɛe nti, na ɔfata owu. (Lev. 20:17) Ɛwom, na ntease wɔ Absalom abufuw no mu, nanso na onni hokwan sɛ okum Amnon.—2 Sam. 13:​20-23, 28, 29.

Bere a Amnon too Absalom nuabea Tamar mmonnaa no, Absalom bo fuwii ara ma ɔyɛɛ bɔne (Hwɛ nkyekyɛm 6)


7. Sɛn na Yehowa somfo bi tee nka bere a ohui sɛ abɔnefo redi yiye na apapafo rehu amane no?

7 Sɛ yehu sɛ asɛ abɔnefo nenam hɔ a hwee nyɛ wɔn a, anhwɛ a ɛbɛyɛ yɛn sɛ mfaso nni so sɛ yɛbɛyɛ adepa. Momma yɛnhwɛ Onyankopɔn somfo bi. Ohui sɛ abɔnefo reteetee atreneefo, nanso na abɔnefo no mmom redi yiye. Ɔkaa sɛ, “Saa nnebɔneyɛfo yi, daa wonya no fow.” (Dw. 73:12) Afei nso, bere a ohui sɛ abɔnefo redi yiye na apapafo rehu amane no, ɛhaw no paa. Enti na ɛyɛ no sɛ mfaso biara nni so sɛ ɔbɛsom Yehowa. Ɔkaa sɛ: “Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛte ase, nanso na ɛyɛ den ma me.” (Dw. 73:​14, 16) Nokwasɛm ne sɛ, ɔkaa mpo sɛ: “Me de, ɛkaa ketewaa bi anka mereman; ɛkaa kakraa bi anka merehwe ase.” (Dw. 73:2) Biribi saa na ɛtoo onua bi a ne din de Alberto. a

8. Sɛn na onua bi a ebinom ne no anni no yiye tee nka?

8 Anuanom binom dii mfomso bɔɔ Alberto sobo sɛ wawia asafo sika. Ɛno nti, hokwan a ɔwɔ fii ne nsa. Anuanom a ɛwɔ asafo no mu bebree nso tee ho asɛm, na ɛmaa obu a wɔwɔ ma no no so tewee koraa. Ɔka sɛ: “Me bo fuwii, na ɛhyee me paa.” Nea ɛtoo no no nti, ɛmaa ne gyidi yɛɛ mmerɛw, na ogyaee adesua ne asɛnkakɔ mfe nnum. Saa suahu yi ma yehu sɛ, sɛ obi ne yɛn anni no yiye na yɛde ho abufuw hyɛ yɛn mu a, biribi a ɛte saa betumi asi.

SUASUA SƐNEA YESU YƐƐ N’ADE BERE A NKURƆFO NE NO ANNI NO YIYE NO

9. Dɛn na nkurɔfo de yɛɛ Yesu a ɛkyerɛ sɛ wɔne no anni no yiye? (Hwɛ mfoni no nso.)

9 Sɛnea Yesu yɛɛ n’ade bere a nkurɔfo ne no anni no yiye no, ɛyɛ nhwɛso papa paa a yebetumi asuasua. Momma yɛnhwɛ sɛnea ɔno ara n’abusuafo ne afoforo ne no anni no yiye. N’abusuafo kaa sɛ ne tirim ka no, na nyamesom akannifo no nso bɔɔ no sobo sɛ ɔne ahonhommɔne na edi nsawɔso. Afei nso, Roma asraafo no dii ne ho agorɔ, wɔboroo no, na ewiee ase no, wɔkum no. (Mar. 3:​21, 22; 14:55; 15:​16-20, 35-37) Ateetee yi nyinaa, Yesu miaa n’ani gyinaa mu a wanyɛ bi antua ka. Dɛn na yebetumi asua afi nea ɔyɛe no mu?

Sɛnea Yesu yɛɛ n’ade bere a nkurɔfo ne no anni no yiye no, ɛyɛ nhwɛso papa paa a yebetumi asuasua (Hwɛ nkyekyɛm 9-10)


10. Bere a nkurɔfo ne Yesu anni no yiye no, sɛn na ɔyɛɛ n’ade? (1 Petro 2:​21-23)

10 Kenkan 1 Petro 2:​21-23. b Sɛ obi ne yɛn anni no yiye a, sɛnea yɛbɛyɛ yɛn ade wɔ ho no, Yesu agyaw yɛn nhwɛso fɛfɛɛfɛ a yebetumi asuasua. Ná onim bere a ɛsɛ sɛ ɔyɛ komm ne bere a ɛsɛ sɛ ɔkasa. (Mat. 26:​62-64) Sɛ nkurɔfo ka atosɛm fa ne ho a, ɛtɔ da a na ommua wɔn. (Mat. 11:19) Sɛ ɔyɛ n’adwene sɛ obeyi wɔn ano a, na onnidi wɔn atɛm anaa onhunahuna wɔn. Esiane sɛ Yesu “de ne ho hyɛɛ nea obu atɛntrenee no nsa” nti, ɔhyɛɛ ne ho so. Ná Yesu nim sɛ Yehowa ani tua biribiara efisɛ na ɔnyɛɛ hwee a enti ɛsɛ sɛ wɔteetee no saa. Ná ogye di sɛ bere a ɛsɛ mu no, Yehowa bedi n’asɛm ama no.

11. Yɛbɛyɛ dɛn ahwɛ yɛn kasa yiye? (Hwɛ mfoni no nso.)

11 Sɛ nkurɔfo ne yɛn anni no yiye a, yebetumi asuasua Yesu na yɛahwɛ yɛn kasa yiye. Ɛtɔ da bi a, nea nkurɔfo de yɛ yɛn no, sɛ ɛnhyɛ da nhaw adwene a, yebetumi abu yɛn ani agu so. Anaa ebia yebetumi ayɛ komm efisɛ sɛ yɛkasa a, anhwɛ a na asɛe asɛm no koraa. (Ɔsɛnk. 3:7; Yak. 1:​19, 20) Ɛtɔ da nso a, sɛ yehu sɛ obi ne obi redi no nwenweenwene a, ebia ebehia sɛ yɛka bi ma onii no. Anaa sɛ obi kasa tia nokware no a, ebia ebehia sɛ yɛkasa. (Aso. 6:​1, 2) Sɛ ɛba sɛ yɛrekasa a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ no odwo ne nidi mu.—1 Pet. 3:15. c

Sɛ nkurɔfo ne yɛn anni no yiye a, yebetumi asuasua Yesu na yɛahwɛ bere a ɛfata sɛ yɛkasa ne sɛnea yɛbɛkasa (Hwɛ nkyekyɛm 11-12)


12. Yɛbɛyɛ dɛn de yɛn ho ahyɛ “nea obu atɛntrenee no nsa”?

12 Ade foforo a yebetumi ayɛ de asuasua Yesu ne sɛ, yɛde yɛn ho bɛhyɛ “nea obu atɛntrenee no nsa.” Sɛ nkurɔfo ne yɛn anni no yiye a, yegye di sɛ Yehowa nim nokwasɛm biara a ɛwom. Nim a yenim sɛ awiei koraa no, Yehowa beyi ntɛnkyea biara afi hɔ no, ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina ateetee biara a yɛrefa mu no ano. Sɛ yegyaw biribiara ma Yehowa a, ɛremma abufuw nhyɛ yɛn so anaa yɛrennya afoforo ho menasepɔw. Sɛ yɛma abufuw hyɛ yɛn so a, ebetumi ama yɛayɛ nneɛma atra so, ebetumi asɛe yɛn anigye, na ebetumi asɛe yɛne Yehowa ntam.—Dw. 37:8.

13. Sɛ nkurɔfo ne yɛn anni no yiye a, dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛakɔ so agyina ano?

13 Ɛwom, yɛrentumi nni Yesu anammɔn akyi pɛpɛɛpɛ da. Ɛtɔ da a, ebia yɛbɛka nsɛm bi anaa yɛbɛyɛ biribi a, wobɛhwɛ na akyiri yi yɛanu yɛn ho. (Yak. 3:2) Afei nso, ateetee a ebinom de yɛn bɛfa mu no, ebia ebetumi ama yɛadi yaw yɛn nkwa nna nyinaa. Sɛ biribi saa ato wo a, nya awerɛhyem sɛ Yehowa nim nea worefa mu. Yesu nso te wo ase, efisɛ ɔno nso faa ateetee a ɛte saa mu. (Heb. 4:​15, 16) Yesu nhwɛso a yebesuasua no da nkyɛn a, Yehowa ma yɛn afotu pɔtee a ɛbɛboa yɛn ma yɛagyina ntɛnkyea ano. Momma yɛnhwɛ kyerɛwnsɛm mmienu wɔ Romafo nhoma no mu a ebetumi aboa yɛn.

“MUNNYAW MMA ABUFUW NO”

14. Sɛ Bible ka sɛ “munnyaw mma abufuw no” a, ɛkyerɛ sɛn? (Romafo 12:19)

14 Kenkan Romafo 12:19. Bere a ɔsomafo Paul kaa sɛ “munnyaw mma abufuw no,” hena abufuw na na ɔreka ho asɛm? Yɛhwɛ nea na ɔreka ho asɛm no a, ɛma yehu sɛ ɛyɛ Yehowa abufuw na na ɔreka. Sɛ yegyaw ma Yehowa abufuw a, ɛkyerɛ sɛ yɛagyaw ama Yehowa sɛ ɔno ara mmu atɛntrenee sɛnea ɔpɛ wɔ bere a ɛsɛ mu. Bere a afoforo ne onua bi a ne din de John anni no yiye no, ɔkaa sɛ: “Ná ɛsɛ sɛ meyere me ho paa na mamfa kwan a me ara mepɛ so anni ho dwuma. Romafo 12:19 boaa me ma minyaa abotare twɛn Yehowa.”

15. Sɛ yehyia ɔhaw bi a, adɛn nti na ɛyɛ papa sɛ yɛbɛtwɛn Yehowa ma wadi ho dwuma?

15 Sɛ yehyia ɔhaw bi na yɛtwɛn Yehowa ma odi ho dwuma a, ɛboa yɛn. Nanso, sɛ yɛfa to yɛn ho so sɛ yɛn ara yebedi ho dwuma a, ɛbɛkɔ akɔfa ɔhaw ne kɔdaanna abɛto yɛn so. Yehowa pɛ sɛ ɔboa yɛn, enti ɔkwan bi so no, ɔka sɛ: ‘Bɔne biara a obi de adi wo no, gyaw ma me; me ara mesiesie.’ Yehowa aka sɛ “me ara metua ka,” enti sɛ yegye tom a, yebetumi agyaa asɛm no mu, na yɛanya awerɛhyem sɛ bere a ɛsɛ mu no, obedi ho dwuma kama ama yɛn. Ɛno na ɛboaa John a yɛadi kan aka n’asɛm no. Ɔkaa sɛ: “Sɛ mitumi twɛn Yehowa a, obedi ho dwuma yiye asen me koraa.”

“KƆ SO FA PAPA DI BƆNE SO NKONIM”

16-17. Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ betumi aboa yɛn ma ‘yɛakɔ so de papa adi bɔne so nkonim’? (Romafo 12:21)

16 Kenkan Romafo 12:21. Paul nso hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ ‘wɔnkɔ so mfa papa nni bɔne so nkonim.’ Yesu Bepɔw So Asɛnka no mu no, ɔkaa sɛ: “Monkɔ so nnɔ mo atamfo, na mommɔ mpae mma wɔn a wɔtan mo ani.” (Mat. 5:44) Saa pɛpɛɛpɛ na ɔyɛe. Sɛnea Roma asraafo no bɔɔ Yesu asɛnduam ma ohuu amane no, ebia ɛho asɛm abesi yɛn tirim pɛn. Wɔne Yesu dii no nwenweenwene guu n’anim ase, na yaw a ɔfaa mu de, yɛrentumi nte ase nwie da.

17 Ateetee a Yesu faa mu nyinaa akyi no, wamma ansɛe ne gyidi. Sɛ́ anka ɔbɛdome saa asraafo no, ɔbɔɔ mpae sɛ: “Agya fa kyɛ wɔn, efisɛ wonnim nea wɔreyɛ.” (Luka 23:34) Wɔn a wɔne yɛn nni no yiye no, sɛ yɛbɔ mpae ma wɔn a, ebetumi ama yɛayi wɔn ho abufuw ne menasepɔw afi yɛn mu, na ama yɛanya wɔn ho adwempa mpo.

18. Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ boaa Alberto ne John ma wɔtumi gyinaa ntɛnkyea ano?

18 Mpaebɔ boaa anuanom baanu a yɛadi kan aka wɔn ho asɛm no ma wɔtumi gyinaa ntɛnkyea ano. Alberto ka sɛ: “Mebɔɔ mpae maa anuanom a wɔne me anni no yiye no. Meka kyerɛɛ Yehowa mpɛn pii sɛ ɔmmoa me mma minyi m’adwene mfi nea esii no so.” Anigyesɛm ne sɛ, Alberto asan resom Yehowa bio. John ka sɛ: “Mebɔɔ mpae mpɛn pii maa onua a ɔne me dii no nwenweenwene no. Mpaebɔ a ɛte saa boaa me ma minyaa ne ho adwempa, na mamfa ne ho abufuw anhyɛ me mu. Mpaebɔ a ɛte saa nso ma minyaa asomdwoe.”

19. Enkosi sɛ saa wiase yi bɛkɔ n’awiei no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? (1 Petro 3:​8, 9)

19 Ansa na saa wiase yi bɛkɔ n’awiei no, ebia nkurɔfo ne yɛn bedi no nwenweenwene paa. Nea ebesi yɛn akwan mu biara, momma yɛnkɔ so mmɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa yɛn. Afei nso, nea Yesu yɛe bere a afoforo ne no anni no yiye no, momma yensuasua, na yɛnkɔ so mfa Bible nnyinasosɛm nyɛ adwuma. Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa behyira yɛn.—Kenkan 1 Petro 3:​8, 9.

DWOM 38 Ɔbɛma Woayɛ Den

a Wɔasesa edin no bi.

b Sɛ yɛhwɛ ɔsomafo Petro krataa a edi kan no ti 2 ne ti 3 no a, ɔka tebea horow bi a tete Kristofo no hyiae ho asɛm. Ná ebinom wuranom teetee wɔn, na na ebinom nso a wɔn kununom nyɛ agyidifo ne wɔn di no nwenweenwene.—1 Pet. 2:​18-20; 3:​1-6, 8, 9.

c Hwɛ video a ɛwɔ jw.org a yɛato din Sɛnea Ɔdɔ Ma Yenya Asomdwoe Ankasa no.