Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Bible ka sɛ anyɛ yiye koraa no, adansefo mmienu anom asɛm so na ɛbɛma asɛm bi agyina. (Num. 35:30; Deut. 17:6; 19:15; Mat. 18:16; 1 Tim. 5:19) Nanso Mose Mmara no mu no, sɛ ɔbarima to ɔbea bi a obi nsa da no so mmonnaa wɔ “wuram” na ɔbea no teɛteɛm a, ɔbarima no asɛe aware nanso ɔbea no de, onni fɔ. Sɛ nkurɔfo anhu sɛ ɛyɛ mmonnaa na ɔbarima no too ɔbea no a, adɛn nti na ɔbarima no di fɔ, na ɔbea no de, onni fɔ?

Asɛm a ɛwɔ Deuteronomium 22:25-27 no, ɛnyɛ atirimpɔw no ne sɛ ɛbɛma ada adi sɛ ɔbarima no di fɔ, efisɛ asɛm no mu no, na ɔbarima no di fɔ dedaw. Ná saa mmara yi atirimpɔw ne sɛ ɛbɛboa ama wɔahu sɛ ɔbea no di fɔ anaa odi bem. Wo de, hwɛ nsɛm a wodii kan kae ansa na wɔreka saa asɛm yi.

Asɛm a wodii kan kae ansa na wɔreka asɛm a ɛwɔ Deuteronomium 22:25-27 no, ɛka sɛ ɔbarima bi ne ɔbea bi dae wɔ “kurom.” Nea ɔbarima no yɛe no, na ɛyɛ awaresɛe, efisɛ na wobu ɔbea a obi nsa da no so sɛ ɔwarefo. Na ɔbea no nso ɛ? Ná “ɔwɔ kurom nso wanteɛteɛm.” Sɛ ɔteɛteɛɛm a, anka nkurɔfo bɛte na wɔabegye no. Nanso wanteɛteɛm. Ɛno nti, na ɔbea no nso asɛe aware, enti na wɔn mmienu nyinaa di fɔ.—Deut. 22:23, 24.

Afei, Mose Mmara no kaa tebea foforo yi ho asɛm: “Nanso sɛ ɔbarima no kyeree ababaa a obi nsa da no so no wɔ wuram na ɔne no dae a, ɛnde ɔbarima a ɔne no dae no na obewu, na ababaa no de, nyɛ no hwee. Ababaa no nyɛɛ bɔne biara a ɛsɛ owu, efisɛ asɛm yi te sɛ nea ɔbarima bi atow ahyɛ ne yɔnko so akum no ara pɛ. Wuram na ohuu no. Ababaa a obi nsa da no so no teɛteɛɛm nanso na obiara nni hɔ a obegye no.”—Deut. 22:25-27.

Asɛm yi mu de, atemmufo no begye ɔbea no asɛm adi. Adɛn nti na yɛreka saa? Atemmufo no bɛfa no sɛ ɔbea no “teɛteɛɛm nanso na obiara nni hɔ a obegye no.” Enti, na ɔbea no nsɛee aware. Ɔbarima no de, esiane sɛ ‘ɔkyeree ababaa a obi nsa da no so na ɔne no dae’ nti, na wato ɔbea no mmonnaa asan asɛe aware.

Enti, ɛwom sɛ saa mmara yi atirimpɔw ne sɛ ɛbɛboa ama wɔahu sɛ ɔbea no di fɔ anaa odi bem de, nanso sɛ ɛka sɛ ɔbarima no ato ɔbea bi mmonnaa asan asɛe aware a, ɛyɛ ne kwan so. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ na atemmufo no ‘bɛhwehwɛ asɛm no mu yiye,’ na akwankyerɛ a emu da hɔ a na Onyankopɔn aka ho asɛm mpɛn pii no, ɛno so na na wobegyina asi gyinae.—Deut. 13:14; 17:4; Ex. 20:14.