Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 49

Adwuma Ne Ahomegye “Wɔ Ne Bere”

Adwuma Ne Ahomegye “Wɔ Ne Bere”

“Mommra mmɛsen nkɔhyɛ baabi nhome kakra.”—MAR. 6:31.

DWOM 143 Kɔ So Yɛ Adwuma no, Wɛn na Twɛn

NEA YƐREBESUA *

1. Adwene bɛn na nnipa pii wɔ wɔ adwuma ho?

ADWENE bɛn na nnipa dodow no ara a wɔwɔ baabi a wote no wɔ wɔ adwuma ho? Wokɔ aman pii so a, nkurɔfo yere wɔn ho yɛ adwuma paa sen kan no. Mpɛn pii no, nkurɔfo a wɔyɛ adwuma boro so nni adagyew a wɔde begye wɔn ahome, wonnya bere mma wɔn mmusua, anaa wonnya bere nsua Onyankopɔn ho ade. (Ɔsɛnk. 2:23) Ɔhaw foforo nso ne sɛ, ebinom mpɛ adwuma koraa, na sɛ wɔanyɛ adwuma a, wɔde nsɛm yiyi wɔn ho ano.—Mmeb. 26:13, 14.

2-3. Nhwɛso bɛn na Yehowa ne Yesu ayɛ wɔ adwuma ho ama yɛn?

2 Nnipa a wɔwɔ wiase no mu binom yɛ adwuma boro so, ebinom nso mpɛ adwuma, nanso yɛnhwɛ adwene a Yehowa ne Yesu wɔ wɔ adwuma ho. Yenim sɛ Yehowa pɛ adwuma. Yesu ma yehui sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. Ɔkaa sɛ: “M’Agya ayɛ adwuma abesi sesɛɛ, na me nso mekɔ so yɛ adwuma.” (Yoh. 5:17) Abɔfo pii ne amansan kɛse yi nyinaa Onyankopɔn na ɔbɔe; wo de hwɛ adwumasono a ɔyɛe. Afei nso, yehu nneɛma pii a Onyankopɔn abɔ wɔ asase fɛfɛɛfɛ a yɛte so yi so. Ɛnyɛ nwonwa sɛ odwontofo no kaa sɛ: “O Yehowa, wo nnwuma dɔɔso dɛn ara! Nyansam na woayɛ ne nyinaa. Wo nsa ano adwuma ahyɛ asase so mã.”—Dw. 104:24.

3 Yesu suasuaa n’Agya. Bere a Onyankopɔn ‘siesiee ɔsoro no,’ ɔne ne Ba no a Bible frɛ no nyansa no na ɛyɛe. Ná ɔwɔ Yehowa nkyɛn “sɛ odwumayɛni a ne ho akokwaw.” (Mmeb. 8:27-31) Akyiri yi koraa, bere a Yesu baa asase so no, ɔyɛɛ adwuma pa. Ná saa adwuma no te sɛ aduan ma no, na biribiara a ɔyɛe no dii adanse sɛ Onyankopɔn na asoma no.—Yoh. 4:34; 5:36; 14:10.

4. Dɛn na yebetumi asua afa ahomegye ho afi Yehowa ne Yesu hɔ?

4 Sɛnea Yehowa ne Yesu yere wɔn ho yɛ adwuma no, ɛkyerɛ sɛ ɛho nhia sɛ yɛhome anaa? Ɛnkyerɛ saa koraa. Yehowa de, ɔmmrɛ, enti sɛ ɔyɛ adwuma bi wie a enhia sɛ ɔhome. Nanso Bible ka sɛ, bere a Yehowa bɔɔ ɔsoro ne asase no, ‘ɔhomee, na odwudwoo ne ho.’ (Ex. 31:17) Enti, wei kyerɛ sɛ Yehowa gyaee ade bɔ, na ogyee bere hwɛɛ nneɛma a na wabɔ no ma ne koma tɔɔ ne yam. Ɛwom sɛ Yesu nso yeree ne ho yɛɛ adwuma bere a ɔwɔ asase so de, nanso ogyee bere de homee na ɔne ne nnamfo didii.—Mat. 14:13; Luka 7:34.

5. Dɛn na ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wɔbɛyɛ?

5 Bible hyɛ Onyankopɔn nkurɔfo nkuran sɛ wɔnyɛ adwuma. Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo yere wɔn ho yɛ adwuma; ɛnsɛ sɛ wɔyɛ akwadworɔ. (Mmeb. 15:19) Ebia woyɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ahwɛ w’abusua. Afei nso, ɛyɛ Kristo asuafo nyinaa asɛde sɛ wɔka asɛmpa no. Nanso, ɛho hia sɛ wugye w’ahome sɛnea ɛsɛ. Ɛtɔ da a ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛyɛ adwuma ahwɛ wo ho, wobɛyɛ asɛnka adwuma, na bere koro no ara nso woagye w’ahome sɛnea ɛsɛ anaa? Yɛyɛ dɛn hu bere dodow a ɛsɛ sɛ yɛde yɛ adwuma, ne bere dodow a ɛsɛ sɛ yɛde gye yɛn ahome?

SƐNEA YEBENYA ADWENE A ƐFATA WƆ ADWUMA NE AHOMEGYE HO

6. Sɛn na Marko 6:30-34 ma yehu sɛ na Yesu wɔ adwene a ɛfata wɔ adwuma ne ahomegye ho?

6 Ɛho hia sɛ yenya adwene a ɛfata wɔ adwuma ho. Onyankopɔn maa Ɔhene Solomon kyerɛwee sɛ: “Ade biara wɔ ne bere.” Solomon kaa sɛ bere a wɔde dua ade wɔ hɔ, na bere a wɔde si nso wɔ hɔ. Saa ara nso na ɔkaa sɛ osũ wɔ ne bere, ɔserew wɔ ne bere, asaw wɔ ne bere, na nneɛma foforo nso wɔ ne bere. (Ɔsɛnk. 3:1-8) Yehu pefee sɛ adwuma ne ahomegye yɛ nneɛma mmienu a ɛho hia paa wɔ asetena mu. Ná Yesu wɔ adwene a ɛfata wɔ adwuma ne ahomegye ho. Bere bi, asomafo no kɔkaa asɛmpa no. Bere a wɔsan bae no, na wonni adagyew koraa, enti “wɔannya bere mpo annidi.” Yesu kaa sɛ: “Mommra mmɛsen nkɔhyɛ baabi nhome kakra.” (Kenkan Marko 6:30-34.) Ɛwom sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na Yesu ne n’asuafo no tumi homee sɛnea na wɔpɛ, nanso na Yesu nim sɛ ɛho hia sɛ wɔn nyinaa gye wɔn ahome.

7. Sɛ yesusuw Homeda mmara no ho a, ɛbɛboa yɛn sɛn?

7 Ɛtɔ da a, ehia sɛ yegye yɛn ahome kakra anaa yɛsesa sɛnea yɛyɛ nneɛma bi. Yɛhwɛ nhyehyɛe bi a Onyankopɔn yɛ maa ne nkurɔfo tete no a, ɛbɛma yɛahu sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. Saa nhyehyɛe titiriw no ne Homeda a na ɛsɛ sɛ wodi no nnawɔtwe biara no. Ɛwom sɛ yɛnhyɛ Mose Mmara no ase de, nanso sɛ yɛhwɛ nea ɛka fa Homeda ho no a, ɛbɛboa yɛn. Ɛbɛboa yɛn ama yɛahwehwɛ yɛn ho mu ahwɛ sɛ yɛwɔ adwene a ɛfata wɔ adwuma ne ahomegye ho anaa.

HOMEDA​—NÁ ƐYƐ BERE A WƆDE HOME NA WƆDE SOM YEHOWA

8. Sɛnea Exodus 31:12-15 kyerɛ no, na Homeda no yɛ da a wɔde yɛ dɛn?

8 Onyankopɔn Asɛm ka sɛ, bere a Onyankopɔn de “nna” nsia bɔɔ ade akyi no, wammɔ ade bio wɔ asase so. (Gen. 2:2) Nanso, Yehowa pɛ adwuma, na wakɔ so “ayɛ adwuma” wɔ akwan foforo so. (Yoh. 5:17) Homeda a Yehowa kaa sɛ Israelfo no nni no nnawɔtwe biara no, na ɛte sɛ ɛda a Yehowa de homee a ɛho asɛm wɔ Genesis nhoma no mu no. Onyankopɔn kaa sɛ Homeda no yɛ sɛnkyerɛnne a ɛda ɔne Israel ntam. Ná ɛyɛ da a wɔde ‘home koraa’; na “ɛyɛ da kronkron ma Yehowa.” (Kenkan Exodus 31:12-15.) Ná ɛnsɛ sɛ obiara yɛ adwuma; mmofra, nkoa, ne mmoa mpo, na ɛnsɛ sɛ wɔyɛ adwuma. (Ex. 20:10) Ɛmaa Israelfo no tumi de wɔn adwene sii Yehowa som so yiye.

9. Yesu bere so no, adwene a ɛmfata bɛn na na nkurɔfo wɔ wɔ Homeda no ho?

9 Ná Homeda no boa Onyankopɔn nkurɔfo, nanso nyamesom akannifo a na wɔwɔ Yesu bere so no mu pii hyehyɛɛ ɛho mmara katee. Ná wɔkyerɛ sɛ, sɛ obi pempan awi anaa ayuo mmɛtem kɛkɛ, anaa obi sa obi yare Homeda a, wato mmara. (Mar. 2:23-27; 3:2-5) Nanso Yesu maa wɔn a wotiee no no hui sɛ, na adwene a nyamesom akannifo no kura no nyɛ Onyankopɔn adwene.

Edu Homeda a, na Yesu abusua de wɔn adwene si Onyankopɔn som so (Hwɛ nkyekyɛm 10) *

10. Mateo 12:9-12 ma yehu adwene a na Yesu wɔ wɔ Homeda no ho. Dɛn na yebetumi asua afi mu?

10 Ná Yesu ne n’akyidifo a wɔyɛ Yudafo no di Homeda efisɛ na wɔhyɛ Mose Mmara no ase. * Nanso, nsɛm a Yesu kae ne nea ɔyɛe ma ɛdaa adi sɛ, sɛ obi yɛ adepa Homeda na ɔboa nkurɔfo a, na mfomso biara nni ho. Ɔkaa no pen sɛ: “Mmara ma ho kwan sɛ wɔyɛ adepa homeda.” (Kenkan Mateo 12:9-12.) Yesu amfa no sɛ, sɛ obi yɛ adepa Homeda na ɔboa nkurɔfo a, wato Homeda mmara no. Nea Yesu yɛe no ma yehu ade titiriw bi nti a Onyankopɔn kaa sɛ Israelfo no nni Homeda no. Esiane sɛ Onyankopɔn nkurɔfo gyaee nnwuma a na wɔyɛ no da biara na wɔhomee nti, wotumi de wɔn adwene sii Onyankopɔn som so. Ɛbɛyɛ sɛ edu Homeda a, na Yesu abusua de saa bere no som Onyankopɔn. Nea ɛma yehu saa ne nea Bible ka fa Yesu ho bere a na ɔwɔ ne kurom Nasaret no. Ɛka sɛ: “Sɛnea [Yesu taa] yɛ homeda no, ɔkɔɔ hyiadan mu, na ɔsɔre gyinaa hɔ sɛ ɔrebɛkenkan ade.”—Luka 4:15-19.

ADWENE BƐN NA WOWƆ WƆ ADWUMA HO?

11. Hena na ɔyeree ne ho yɛɛ adwuma maa Yesu suasuaa no?

11 Bere a Yosef rekyerɛ ne ba Yesu duadwumfo adwuma no, ɛnyɛ dɛn ara a na ɔbɛma Yesu ahu Onyankopɔn adwene wɔ adwuma ho. (Mat. 13:55, 56) Sɛnea ɛte biara no, na Yesu nso behu sɛ da biara da Yosef yere ne ho yɛ adwuma na ama watumi ahwɛ n’abusua kɛse no. Ɛnyɛ nwonwa sɛ akyiri yi Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Odwumayɛni akatua sɛ no.” (Luka 10:7) Nokwasɛm ne sɛ, na Yesu nim sɛnea yɛyere yɛn ho yɛ adwuma.

12. Kyerɛwnsɛm bɛn na ɛma yehu sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ adwuma?

12 Ná ɔsomafo Paul nso nim sɛnea yɛyere yɛn ho yɛ adwuma. Ná n’adwuma titiriw ne sɛ ɔbɛka Yesu ne nea ɔkyerɛkyerɛe no ho asɛm akyerɛ afoforo. Nanso, Paul yɛɛ adwuma de hwɛɛ ne ho. Ná Tesalonikafo no nim “adwumaden” a Paul yɛe ne sɛnea “ɔbrɛ” yɛɛ ‘adwuma awia ne anadwo sɛnea ɛbɛyɛ a ɔremfa adesoa kɛse’ nto wɔn mu biara so. (2 Tes. 3:8; Aso. 20:34, 35) Bere a Paul kyerɛw n’adwuma ho asɛm no, ɛbɛyɛ sɛ na ɔreka ntamadan a na ɔyɛ no ho asɛm. Paul wɔ Korinto no, ɔne Akwila ne Priskila tenae, na ɔne wɔn “yɛɛ adwuma, efisɛ na wɔyɛ ntamadanyɛfo.” Ɛwom sɛ Paul kaa sɛ ɔyɛɛ adwuma “awia ne anadwo” de, nanso ɛnkyerɛ sɛ ɔyɛɛ adwuma toaa mu ara a wanhome. Sɛ edu Homeda a, na ɔnyɛ ntamadan; na ogye n’ahome. Saa da no, na ɔde hokwan no ka asɛm no kyerɛ Yudafo a na wɔn nso nyɛ adwuma Homeda no.—Aso. 13:14-16, 42-44; 16:13; 18:1-4.

13. Dɛn na yebetumi asua afi nhwɛso a Paul yɛe no mu?

13 Ɔsomafo Paul yɛɛ nhwɛso pa. Ná ɛsɛ sɛ ɔyɛ adwuma hwɛ ne ho, nanso ɔhwɛe sɛ ɔbɛyɛ “Onyankopɔn asɛmpa no ho adwuma kronkron no” bi daa. (Rom. 15:16; 2 Kor. 11:23) Ɔhyɛɛ afoforo nkuran sɛ wɔn nso nyɛ bi. Enti na Akwila ne Priskila yɛ Paul “mfɛfo adwumayɛfo wɔ Kristo Yesu mu.” (Rom. 12:11; 16:3) Paul hyɛɛ Korintofo no nkuran sɛ ‘wɔnyɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu.’ (1 Kor. 15:58; 2 Kor. 9:8) Yehowa maa Paul kyerɛwee sɛ: “Obiara a ɔmpɛ sɛ ɔyɛ adwuma no, mma onnnidi nso.”—2 Tes. 3:10.

14. Bere a Yesu kaa asɛm a ɛwɔ Yohane 14:12 no, dɛn na na ɔrepɛ akyerɛ?

14 Adwuma a ɛho hia sɛ yɛyɛ wɔ nna a edi akyiri yi mu ne sɛ yɛbɛka asɛmpa no, na yɛama nkurɔfo abɛyɛ asuafo. Yesu ka too hɔ sɛ n’asuafo bɛyɛ nnwuma akɛse asen nea ɔyɛe! (Kenkan Yohane 14:12.) Ɛnyɛ nea na ɔrekyerɛ ne sɛ yɛbɛyɛ anwonwade a ɔyɛe no bi. Mmom, na nea ɔrekyerɛ ne sɛ n’asuafo bɛka asɛm no na wɔakyerɛkyerɛ wɔ mmeae pii, na wɔadi nnipa pii adanse. Afei nso, na wɔde bere tenten bɛyɛ asɛnka adwuma no asen mfe a Yesu de yɛɛ ne som adwuma no.

15. Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho, na adɛn ntia?

15 Sɛ woyɛ adwuma a, bisa wo ho nsɛm a edidi so yi: ‘Baabi a meyɛ adwuma no, nkurɔfo nim me sɛ meyɛ obi a mepɛ adwuma? Miwie m’adwuma ntɛm, na nea m’ahoɔden betumi nyinaa na meyɛ anaa?’ Sɛ saa na woyɛ a, ɛnde, ebia w’adwumawura benya wo mu ahotoso. Afei nso, nkurɔfo a wɔwɔ baabi a woyɛ adwuma a wohu nea woyɛ no, ebia ɛbɛma wɔn ani agye ho sɛ wobetie Ahenni ho asɛm no. Nsɛmmisa a edidi so yi bɛboa wo ama woahu sɛnea woreyɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no. Bisa wo ho sɛ: ‘Nkurɔfo nim me sɛ obi a ɔyere ne ho yɛ asɛnka adwuma no? Misiesie me ho yiye ansa na makɔyɛ nsrahwɛ a edi kan? Sɛ nkurɔfo kyerɛ asɛm no ho anigye a, mesan kɔ wɔn nkyɛn ntɛm? Metaa de me ho hyɛ asɛnka adwuma no afã ahorow nyinaa mu?’ Sɛ wutumi yɛ saa nneɛma yi a, w’ani begye asɛnka adwuma no ho.

ADWENE BƐN NA WOWƆ WƆ AHOMEGYE HO?

16. Adwene a na Yesu ne n’asomafo no wɔ wɔ ahomegye ho ne adwene a nnipa pii wɔ wɔ ahomegye ho nnɛ no, nsonsonoe bɛn na ɛwɔ mu?

16 Ná Yesu nim sɛ ɛtɔ da a ehia sɛ ɔne n’asomafo no gye wɔn ahome. Nanso, nnipa pii a na wɔwɔ Yesu bere so ne nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ no pii te sɛ ɔdefo a Yesu kaa ne ho asɛm wɔ mfatoho mu no. Saa ɔdefo no kaa wɔ ne tirim sɛ: “Dwudwo wo ho, didi, nom, gye w’ani.” (Luka 12:19; 2 Tim. 3:4) Ná ɛyɛ no sɛ ade a ɛho hia paa wɔ asetenam ne sɛ obi begye n’ahome na wagye n’ani. Nanso, Yesu ne n’asomafo no amma nneɛma a wɔbɛyɛ de agye wɔn ani anyɛ ade titiriw wɔ wɔn asetena mu.

Sɛ yenya adwene a ɛfata wɔ adwuma ne ahomegye ho a, ɛbɛma yɛayɛ nneɛma pa na ama yɛn ani agye (Hwɛ nkyekyɛm 17) *

17. Sɛ yenya nna bi a yɛmfa nkɔ adwuma a, dɛn na yɛde saa bere no yɛ?

17 Ɛnnɛ nso yɛbɔ mmɔden sɛ yebesuasua Yesu; yɛde bere a yɛmfa nkɔ adwuma no bi gye yɛn ahome. Yɛde bi nso ka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo de yɛ wɔn papa, na yɛde bi nso kɔ Kristofo nhyiam. Nokwasɛm ne sɛ, asuafoyɛ adwuma no ne asafo nhyiam a yɛbɛkɔ ho hia yɛn paa, enti yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ saa nneɛma no ama Yehowa. (Heb. 10:24, 25) Sɛ yetu kwan mpo a, nneɛma a daa yɛyɛ wɔ Onyankopɔn som mu no, yɛbɛkɔ so ayɛ; yɛbɛkɔ asafo nhyiam wɔ baabiara a yɛwɔ, na yɛahwehwɛ hokwan biara de adi nkurɔfo a yehyia wɔn no adanse.—2 Tim. 4:2.

18. Dɛn na yɛn Hene Kristo Yesu pɛ sɛ yɛyɛ?

18 Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yɛn Hene Kristo Yesu te yɛn ase na ɔboa yɛn ma yenya adwene a ɛfata wɔ adwuma ne ahomegye ho! (Heb. 4:15) Ɔpɛ sɛ yegye yɛn ahome sɛnea ɛsɛ. Afei nso, ɔpɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ adwuma na yɛatumi anya nea yehia, na yɛyɛ asuafoyɛ adwuma no nso na ama yɛn ani agye. Adesua a edi hɔ no, yɛbɛhwɛ nea Yesu ayɛ de agye yɛn afi nkoasom bi a ɛyɛ ateetee mu.

DWOM 38 Ɔbɛma Woayɛ Den

^ nky. 5 Kyerɛwnsɛm no ma yehu sɛnea yebenya adwene a ɛfata wɔ adwuma ne ahomegye ho. Adesua yi de Homeda a na Israelfo no di no bɛyɛ nhwɛso ama yɛahu adwene a ɛsɛ sɛ yenya wɔ adwuma ne ahomegye ho.

^ nky. 10 Ná asuafo no mfa Homeda mmara no nni agorɔ koraa, enti nneɛma a na wɔde rebesiesie Yesu amu no, wɔtwɛn maa Homeda no twaam ansa na wɔreyɛ.—Luka 23:55, 56.

^ nky. 55 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Yosef ne n’abusua rekɔ hyiadan mu Homeda.

^ nky. 57 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Agya bi a ɔyɛ adwuma de hwɛ n’abusua nya nna bi a ɔmfa nkɔ adwuma a, ɔde yɛ Yehowa som adwuma; ɔne n’abusua rekogye wɔn ahome wɔ baabi mpo a, wɔyɛ saa.