Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 52

Awofo—Montete Mo Mma Ma Wɔnnɔ Yehowa

Awofo—Montete Mo Mma Ma Wɔnnɔ Yehowa

“Mma yɛ agyapade a efi Yehowa hɔ.”—DW. 127:3.

DWOM 134 Onyankopɔn De Mmofra Ahyɛ Awofo Nsa

NEA YƐREBESUA *

1. Dɛn na Yehowa de ahyɛ awofo nsa?

BERE a Yehowa bɔɔ awarefo a wodi kan no, ɔde hyɛɛ wɔn mu sɛ wɔnwo. Bible ka no pefee sɛ: “Mma yɛ agyapade a efi Yehowa hɔ.” (Dw. 127:3) Saa asɛm no kyerɛ sɛn? Fa no sɛ w’adamfo paa de sika kɛse bi ama wo sɛ fa sie ma no. Wobɛte nka sɛn? Ebia ɛbɛyɛ wo dɛ sɛ w’adamfo no anya wo mu ahotoso saa. Nanso, ebia sɛnea wobɛhwɛ saa sika no so yiye begyaw wo adwinnwen. Yehowa yɛ yɛn adamfo paa, na ɔde biribi a ɛsom bo koraa sen sika ahyɛ awofo nsa. Ɔde ahyɛ awofo nsa sɛ wɔnhwɛ wɔn mma yiye na wɔmma wɔn ani nnye.

2. Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

2 Sɛ awarefo bi bɛwo mma a, hena na ɔbɛkyerɛ, na bere a wɔpɛ sɛ wɔwo nso, hena na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ? Dɛn na awofo betumi ayɛ aboa wɔn mma ama wɔn ani agye wɔ asetenam? Yɛbɛhwɛ nnyinasosɛm bi a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu a ebetumi aboa awarefo a wɔyɛ Kristofo ama wɔasisi gyinae pa.

SƐ AWAREFO BI SI GYINAE BI A, TE WƆN ASE

3. (a) Sɛ awarefo bi bɛwo mma a, hena na ɔbɛkyerɛ? (b) Bible nnyinasosɛm bɛn na ɛsɛ sɛ awarefo bi nnamfo ne wɔn abusuafo ma ɛtena wɔn adwenem?

3 Mmeae bi wɔ hɔ a, wɔhwɛ kwan sɛ nkurɔfo ware ara pɛ a, wɔbɛwo. Ebia awarefo no abusuafo ne afoforo mpo bepiapia wɔn sɛ wɔnyɛ nwo. Onua bi a ɔwɔ Asia a wɔfrɛ no Jethro ka sɛ, “Asafo no mu mpo, ebinom a wɔwɔ mma tumi ka kyerɛ awarefo a wonni mma sɛ wɔnyɛ nwo.” Jeffrey nso wɔ Asia. Ɔka sɛ, “Ebinom tumi ka kyerɛ awarefo a wonni mma sɛ, sɛ wonyin a wɔrennya obiara nhwɛ wɔn.” Nanso, sɛ awarefo bi bɛwo a, ɛyɛ wɔn ankasa asɛm. Wɔn ara na ɛsɛ sɛ wosi saa gyinae no; ɛyɛ wɔn asɛyɛde. (Gal. 6:5) Ɛwom sɛ wɔn a wɔaware foforo no nnamfo ne wɔn abusuafo pɛ sɛ awarefo no ani gye de, nanso ɛsɛ sɛ obiara hu sɛ awarefo no ara na ɛsɛ sɛ wosi gyinae sɛ wɔbɛwo anaa wɔrenwo.—1 Tes. 4:11.

4-5. Nsɛm mmienu bɛn na ɛsɛ sɛ awarefo susuw ho, na bere bɛn na eye paa sɛ wɔyɛ saa? Kyerɛkyerɛ mu.

4 Sɛ awarefo bi pɛ sɛ wɔwo a, nsɛm mmienu bi wɔ hɔ a ehia sɛ wosusuw ho: Nea edi kan, bere bɛn na wɔpɛ sɛ wɔwo? Nea ɛto so mmienu, mma dodow sɛn na wɔbɛwo? Bere bɛn na eye paa sɛ awarefo bi susuw saa nsɛm yi ho? Adɛn nti na nsɛm mmienu yi ho hia saa?

5 Mpɛn pii no, ansa na nnipa mmienu bɛware no, ɛsɛ sɛ wodi kan susuw ho hwɛ sɛ wɔbɛwo anaa wɔrenwo. Adɛn ntia? Ɛfisɛ ɛho hia sɛ wɔn mmienu nyinaa adwene hyia wɔ asɛm yi ho. Afei nso, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ hu sɛ wobetumi adi asɛyɛde a ɛte saa ho dwuma. Ebinom ayɛ wɔn adwene sɛ wɔware a, wɔbɛtwɛn afe baako anaa mfe mmienu ansa na wɔawo efisɛ wɔwo a ebegye wɔn bere ne wɔn ahoɔden pii. Wɔkyerɛ sɛ, sɛ wɔtwɛn kakra a, ɛbɛma wɔanya bere ahu wɔn ho yiye na wɔahu sɛnea aware te ankasa.—Efe. 5:33.

6. Sɛn na mmere a yɛwɔ mu yi aka awarefo binom?

6 Kristofo binom ayɛ sɛ wobesuasua Noa mma mmarima mmiɛnsa no ne wɔn yerenom. Wɔwaree no, wɔtwentwɛn wɔn awo so. (Gen. 6:18; 9:18, 19; 10:1; 2 Pet. 2:5) Yesu de yɛn bere yi totoo “Noa nna no” ho, na biribiara kyerɛ sɛ yɛte “mmere a emu yɛ den” mu. (Mat. 24:37; 2 Tim. 3:1) Wei nti, awarefo bi asi gyinae sɛ wɔbɛtwentwɛn wɔn awo so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde bere pii bɛyɛ Yehowa som adwuma.

Awarefo a wosusuw ade ho kɔ akyiri no, sɛ wɔresusuw ho ahwɛ sɛ wɔbɛwo anaa wɔrenwo, anaasɛ mma ahe na wɔbɛwo a, ‘wɔtena ase sēsē’ ansa (Hwɛ nkyekyɛm 7) *

7. Sɛn na nnyinasosɛm a ɛwɔ Luka 14:28, 29 ne Mmebusɛm 21:5 no bɛboa awarefo bi?

7 Awarefo a wosusuw ade ho kɔ akyiri no, sɛ wɔresusuw ho ahwɛ sɛ wɔbɛwo anaa wɔrenwo, anaasɛ mma ahe na wɔbɛwo a, ‘wɔtena ase sēsē’ ansa. (Kenkan Luka 14:28, 29.) Awofo a wɔwɔ suahu wɔ mmofra ntetee mu ka sɛ ɛnyɛ sika nko na ehia, na mmom egye bere ne ahoɔden nso. Enti, ɛho hia sɛ awarefo susuw saa nsɛmmisa yi ho: ‘Ɛsɛ sɛ yɛn mmienu yɛ adwuma na ama yɛn abusua no anya nea yehia anaa? Nneɛma a yɛn abusua hia paa no, yɛn adwene hyia wɔ ho? Sɛ yɛn mmienu nyinaa bɛyɛ adwuma a, hena na ɔbɛhwɛ yɛn mma no? Henanom na yɛn mma no besuasua wɔn?’ Sɛ awarefo tɔ wɔn bo ase susuw saa nsɛmmisa yi ho a, na wɔretie afotu a ɛwɔ Mmebusɛm 21:5.Kenkan.

Ɔbarima a ɔdɔ ne yere bɛyɛ nea obetumi biara aboa ne yere (Hwɛ nkyekyɛm 8)

8. Nsɛnnennen bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo awarefo hwɛ kwan, na dɛn na ɔbarima a ɔdɔ ne yere bɛyɛ?

8 Ɛsɛ sɛ awofo no mu biara nya wɔn ba ho adagyew paa, efisɛ mmofra hia. Enti, sɛ awarefo bi wɔ mma pii na mmofra no bobɔ so a, ebetumi ayɛ den sɛ awofo no ani bekũ abofra biara ho sɛnea ɛsɛ. Awarefo binom a na wɔwɔ mma nkumaa pii kaa sɛ na wonhu nea wɔnyɛ mpo. Ebia daa ɔbaatan bi bɛte nka sɛ wabrɛ paa. Wei betumi ama ayɛ den sɛ obesua ade, ɔbɛbɔ mpae, na wakɔ asɛnka daa anaa? Afei nso, ebetumi ayɛ den ama no sɛ ɔkɔ Kristofo nhyiam a, ɔde n’adwene besi adesua no so na wanya so mfaso. Ɛwom, ɔbarima a ɔdɔ ne yere bɛyɛ nea obetumi biara aboa ne yere ama wɔahwɛ wɔn mma wɔ asafo nhyiam ase ne bere a wɔwɔ fie. Ɛho nhwɛso ne sɛ, obetumi aboa ne yere wɔ fie nnwuma mu. Ɔbɛyere ne ho ahwɛ ama wɔayɛ Abusua Som daa ama obiara anya so mfaso. Agya no ne n’abusua bɛkɔ asɛnka daa nso.

SƐNEA MOBƐKYERƐKYERƐ MO MMA AMA WƆADƆ YEHOWA

9-10. Sɛ awofo pɛ sɛ wɔboa wɔn mma a, dɛn na ehia sɛ wɔyɛ?

9 Nneɛma bɛn saa na awofo betumi ayɛ de aboa wɔn mma ama wɔadɔ Yehowa? Wɔbɛyɛ dɛn abɔ wɔn mma ho ban afi asiane a ɛwɔ wiase bɔne yi mu ho? Yɛnhwɛ nea awofo betumi ayɛ no bi.

10 Mommɔ mpae nhwehwɛ Yehowa mmoa. Yɛnhwɛ nea Manoa ne ne yere yɛe; wɔn na wɔwoo Samson. Bere a Manoa hui sɛ ɔne ne yere rebɛwo no, Manoa srɛɛ Yehowa sɛ ɔnkyerɛ no sɛnea wɔbɛtete wɔn ba no.

11. Dɛn na awofo betumi ayɛ de asuasua nea Manoa yɛe a ɛwɔ Atemmufo 13:8 no?

11 Nihad ne Alma fi Bosnia ne Herzegovina; wosuasuaa Manoa. Wɔkaa sɛ: “Sɛnea Manoa yɛe no, yɛn nso yɛsrɛɛ Yehowa sɛ ɔnkyerɛ yɛn sɛnea yebetumi ayɛ awofo pa. Yehowa faa akwan pii so buaa yɛn mpaebɔ; ɔfaa Kyerɛwnsɛm no, Bible ho nhoma, asafo nhyiam, ne amantam nhyiam so.”—Kenkan Atemmufo 13:8.

12. Nhwɛso bɛn na Yosef ne Maria yɛ maa wɔn mma?

12 Momfa mo nhwɛso nkyerɛkyerɛ. Nsɛm a moka ho hia, nanso sɛnea moyɛ mo ade no, ɛno paa na mo ba bɛhwɛ asuasua kɛse. Yebetumi aka sɛ Yosef ne Maria yɛɛ nhwɛso pa maa Yesu ne wɔn mma a wɔaka no. Yosef yeree ne ho yɛɛ adwuma de hwɛɛ n’abusua. Afei nso, Yosef hyɛɛ n’abusua nkuran sɛ wɔmma wɔn ani nnye Yehowa som ho. (Deut. 4:9, 10) Ɛwom sɛ na Mose Mmara no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Yosef de n’abusua kɔ Yerusalem “afe biara” ma wokodi Twam afahyɛ no de, nanso na ɔyɛ saa. (Luka 2:41, 42) Ebia na agyanom binom a wɔwɔ Yosef bere so no benya adwene sɛ ɛyɛ den dodo sɛ wɔde wɔn abusua nyinaa bɛkɔ. Afei, ebia na wobesusuw sɛ ebegye bere pii, na wɔbɛbɔ ka pii nso. Nanso, yehu sɛ na Yosef ani gye Onyankopɔn som ho, na ɔkyerɛkyerɛɛ ne mma ma wɔn nso ani gyee Onyankopɔn som ho. Ná Maria nso nim Kyerɛwnsɛm no paa. Yebetumi aka sɛ ɔnam ne kasa ne ne nneyɛe so kyerɛkyerɛɛ ne mma sɛ wɔmma wɔn ani nnye Onyankopɔn Asɛm ho.

13. Dɛn na awarefo bi yɛ de suasuaa Yosef ne Maria?

13 Ná Nihad ne Alma a yɛadi kan aka wɔn ho asɛm no pɛ sɛ wosuasua Yosef ne Maria. Sɛn na ɛno boaa wɔn ma wotumi tetee wɔn babarima ma ɔdɔɔ Onyankopɔn na ɔsom no? Wɔkaa sɛ, “Yɛnam yɛn abrabɔ so kyerɛɛ yɛn ba no sɛ, sɛ obi de Yehowa afotusɛm bɔ ne bra a, eye paa.” Nihad de kaa ho sɛ, “Sɛnea wopɛ sɛ wo ba bɔ ne bra no, saa ara na ɛsɛ sɛ wo nso wobɔ wo bra.”

14. Adɛn nti na ehia sɛ awofo hu nnipa a wɔn mma ne wɔn bɔ?

14 Boa wo mma ma wɔmfa nnamfo pa. Ehia sɛ agya ne ɛna no nyinaa hu nkurɔfo a wɔn mma ne wɔn bɔ ne nea wɔreyɛ. Wei kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ awofo hu nnipa a wɔn mma ne wɔn di nkitaho wɔ sohyial media so ne mobal fon so. Mmofra no betumi asuasua nnipa a wɔte saa no suban.—1 Kor. 15:33.

15. Dɛn na awofo betumi asua afi nea Jessie yɛe no mu?

15 Sɛ awofo nnim kɔmputa anaa mobal fon mu mpo a, dɛn na wobetumi ayɛ? Agya bi a ɔwɔ Philippines a wɔfrɛ no Jessie ka sɛ: “Ná yennim ɛlɛtrɔnik mfiri mu. Nanso, yɛanka sɛ ɛno nti yɛrenka asiane a ɛwɔ mu no ho asɛm nkyerɛ yɛn mma.” Jessie anka sɛ onnim ɛlɛtrɔnik mfiri mu nti, ɔremma ne mma mfa nni dwuma. Ɔka sɛ: “Mehyɛɛ me mma no nkuran sɛ wɔmfa wɔn fon anaa tablɛt nsua kasa foforo, wɔmfa nsua nneɛma a yebesua wɔ asafo nhyiam ase, na wɔmfa nkenkan Bible da biara.” Sɛ mowɔ mma a, text message ne mfoni a wɔde gu intanɛt so ho afotu pa a ɛwɔ jw.org® Mmabun” afã hɔ no, mo ne wɔn akenkan asusuw ho anaa? Mo ne wɔn ahwɛ video mmienu yi: Ɛlɛtrɔnik Mfiri De Wo Ayɛ Akoa Anaa? ne Wokɔ Sohyial Nɛtwɛk So a, Hwɛ Yie? * Wei bɛboa mo ama moakyerɛkyerɛ mo mma sɛnea wɔde fon anaa tablɛt bedi dwuma nyansam.—Mmeb. 13:20.

16. Dɛn na awofo pii ayɛ, na dɛn na afi mu aba?

16 Awofo pii bɔ mmɔden yɛ nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn mma benya nnipa a wɔyere wɔn ho som Onyankopɔn ne wɔn abɔ. N’Déni ne Bomine yɛ awarefo a wɔwɔ Côte d’Ivoire. Ná wɔma ɔmansin sohwɛfo taa tena wɔn fie. N’Déni ka sɛ: “Wei boaa yɛn babarima no paa. Ofii ase yɛɛ akwampae adwuma, na seesei ɛyɛ a okosi ɔmansin sohwɛfo ananmu som.” Wubetumi ayɛ nhyehyɛe a ɛte saa ama wo mma anaa?

17-18. Bere bɛn na ɛsɛ sɛ awofo fi ase tete wɔn mma?

17 Montete wɔn mfi wɔn mmofraase pɛɛ. Sɛ awofo tete wɔn mma fi wɔn mmofraase pɛɛ a, ɛboa paa. (Mmeb. 22:6) Yɛnhwɛ Timoteo. Bere a onyinii no, ɔne ɔsomafo Paul tutuu akwan. Timoteo maame Eunike ne ne nana Lois tetee no fi ne “mmofraase.”—2 Tim. 1:5; 3:15.

18 Jean-Claude ne Peace nso yɛ awarefo a wɔwɔ Côte d’Ivoire. Wɔatumi atete wɔn mma nsia nyinaa ama wɔadɔ Yehowa, na wɔresom no. Dɛn na ɛboaa wɔn ma wotumi yɛɛ saa? Wosuasuaa Eunike ne Lois. Wɔka sɛ: “Efi yɛn mma no mmofraase pɛɛ na yɛde Onyankopɔn Asɛm no duaa wɔn komam. Yɛwoo wɔn no, ankyɛ koraa na yefii ase yɛɛ saa.”—Deut. 6:6, 7.

19. Onyankopɔn Asɛm a wode bedua wo mma komam no kyerɛ sɛn?

19 Yehowa Asɛm a wode ‘bedua’ wo mma komam no kyerɛ sɛn? Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘fa dua’ no kyerɛ sɛ “wobɛkyerɛkyerɛ asɛm bi mu na woatĩ mu mpɛn pii.” Sɛ awofo betumi ayɛ saa a, ehia sɛ wonya bere ma wɔn mma daa. Esiane sɛ ɛsɛ sɛ awofo tĩ asɛnkoro no ara mu kyerɛ wɔn mma mpɛn pii nti, ɛtɔ da a wɔn abam betumi abu. Nanso, awofo betumi afa no sɛ ɛyɛ hokwan a wɔde bɛboa wɔn mma ama wɔate Onyankopɔn Asɛm ase na wɔde ayɛ adwuma.

Ɛsɛ sɛ awofo hu sɛnea wɔbɛtete wɔn ba biara (Hwɛ nkyekyɛm 20) *

20. Kyerɛ sɛnea Dwom 127:4 fa mmofra ntetee ho.

20 Munhu mo mma yiye. Dwom 127 de mmofra toto agyan ho. (Kenkan Dwom 127:4.) Nneɛma a wɔde yɛ agyan gu ahorow, na ɛsono sɛnea agyan biara kɛse nso te. Mmofra nso, ɛsono sɛnea wɔn mu biara te. Enti ɛsɛ sɛ awofo hu sɛnea wɔbɛtete wɔn ba biara. Awarefo bi a wɔwɔ Israel atumi atete wɔn mma mmienu ama wɔresom Yehowa. Wɔka nea ɛboaa wɔn no ho asɛm sɛ, “Yɛne yɛn mma no suaa Bible, nanso na yɛyɛ obiara de nko.” Ɛwom, abusua ti no na ɔbɛhwɛ sɛ ebehia sɛ ɔka ne mma nyinaa bom ne wɔn sua ade anaasɛ ɔbɛyɛ obiara de nko.

YEHOWA BƐBOA WO

21. Mmoa bɛn na awofo betumi ahwɛ kwan sɛ Yehowa de bɛma wɔn?

21 Ɛtɔ da a, awofo te nka sɛ ɛyɛ den dodo sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn mma, nanso ɛsɛ sɛ wɔkae sɛ mmofra yɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ. Enti wayɛ krado bere nyinaa sɛ ɔbɛboa awofo. Oyi ne yam tie awofo mpaebɔ. Ɔnam Bible, ne yɛn nhoma ahorow so bua awofo mpaebɔ. Afei nso, ɔnam awofo a wɔwɔ asafo no mu a wɔwɔ osuahu no nhwɛso ne wɔn afotu so yɛ saa.

22. Nneɛma a eye paa a awofo betumi de ama wɔn mma no, ebi ne dɛn?

22 Nkurɔfo kyerɛ sɛ abatete yɛ mfe 20 adwuma, nanso awofo adwuma no, ɛnso hɔ ara. Nneɛma a eye paa a awofo betumi de ama wɔn mma no bi ne sɛ, wɔbɛdɔ wɔn, wobenya bere ama wɔn, na wɔde Bible atete wɔn. Ɛsono sɛnea abofra biara bɛyɛ n’ade wɔ ntetee a awofo de bɛma no no ho. Nanso, mmofra pii wɔ hɔ a, awofo a wɔdɔ Yehowa na wɔtetee wɔn. Wɔte nka te sɛ onuawa bi a wɔfrɛ no Joanna Mae. Ɔwɔ Asia, na ɔka sɛ: “Sɛ mehwɛ ntetee a m’awofo de maa me a, meda wɔn ase paa sɛ wɔteɛ me so na wɔde Yehowa ho dɔ duaa me mu. Ɛnyɛ sɛ wɔwoo me baa wiase kɛkɛ, na mmom wɔatete me ama me so aba mfaso.” (Mmeb. 23:24, 25) Kristofo ɔpepem pii nso te nka saa ara.

DWOM 59 Yɛbɛkamfo Yehowa

^ nky. 5 Ɛsɛ sɛ awarefo wo mma anaa? Sɛ wɔbɛwo a, mma dodow sɛn na wɔbɛwo? Wɔbɛyɛ dɛn atete wɔn mma ama wɔadɔ Yehowa na wɔasom no? Adesua yi bɛma yɛahu awofo bi a wɔatumi atete wɔn mma nnɛ ama wɔadɔ Yehowa, na ɛbɛma yɛahu Bible nnyinasosɛm nso a ebetumi aboa ama yɛanya saa nsɛmmisa no ho mmuae.

^ nky. 15 Hwɛ Questions Young People Ask—Answers That Work, Po 1, ti 36, ne Po 2, ti 11 nso.

^ nky. 60 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Awarefo bi a wɔyɛ Kristofo resusuw ho ahwɛ sɛ wɔbɛwo anaa wɔrenwo; wɔresusuw anigye a wobetumi anya ne asɛyɛde a ɛwom nso ho.

^ nky. 64 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Awarefo bi ne wɔn mma no mu biara resua ade, efisɛ ɛsono mfe a wɔn mu biara adi ne ne nimdeɛ.