Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Biribiara Mu Fa Aseda Ma’

‘Biribiara Mu Fa Aseda Ma’

WUGYE di sɛ woyɛ obi a wokyerɛ nneɛma ho anisɔ? Wei yɛ asɛm bi a ɛsɛ sɛ yɛn mu biara susuw ho. Bible ka too hɔ sɛ nnipa pii bɛyɛ “bonniayɛfo” wɔ yɛn bere yi so. (2 Tim. 3:2) Ebia woahyia nnipa bi a wɔhwɛ kwan sɛ afoforo bɛyɛ nea wohia biara ama wɔn anaasɛ wɔbɛkyɛ wɔn nneɛma. Ebia wɔn adwene yɛ wɔn sɛ, sɛ obi yɛ ade ma wɔn a, ɛho nhia sɛ wɔda no ase. Wunhu sɛ wo ne nkurɔfo a wɔte saa bɔ a, w’ani nnye?

Nanso, Bible ka kyerɛ Yehowa asomfo sɛ: “Monkyerɛ nneɛma ho anisɔ.” Ɛsɛ sɛ ‘biribiara mu yɛde aseda ma.’ (Kol. 3:15; 1 Tes. 5:18) Nokwasɛm ne sɛ, eye sɛ yɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ. Nneɛma pii nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa.

YƐKYERƐ NNEƐMA HO ANISƆ A, ƐMA YƐN ANI GYE

Ade baako paa nti a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ ne sɛ, ɛma yɛn ani gye. Sɛ obi yɛ biribi ma obi na ɔda ase a, nea ɔdaa ase no ani gye, na nea ɔdaa no ase no nso ani gye. Adɛn nti na yɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ a, ɛma yɛne afoforo nyinaa ani gye? Wo de, yɛnhwɛ asɛm yi: Sɛ wuhu sɛ afoforo ayi wɔn yam pɛ sɛ wɔyɛ biribi ma wo a, ɛmma wunhu sɛ wo ho hia wɔn paa anaa? Wuhu sɛ wodwen wo ho. Sɛ wuhu sɛ afoforo dwen wo ho a, ɛyɛ wo dɛ. Ɛbɛyɛ sɛ saa na Rut tee nka. Boas yii ne yam boaa Rut. Akyinnye biara nni ho sɛ, bere a Rut hui sɛ obi dwen ne ho no, ɛmaa n’ani gyei papaapa.—Rut 2:10-13.

Onyankopɔn paa na ɛfata sɛ yɛda no ase. Yebetumi aka paa sɛ, nneɛma pii a Yehowa ayɛ ama wo ne nea ɔkɔ so yɛ ma wo no, ɛtɔ da a, wudwinnwen ho. (Deut. 8:17, 18; Aso. 14:17) Nneɛma pa a Onyankopɔn ayɛ ama wo ne w’adɔfo no, sɛ́ anka wubeyi w’adwene afi so ntɛm ara no, adɛn nti na wunnye bere nnwinnwen ho? Sɛ wugye bere dwinnwen nneɛma a Ɔbɔadeɛ no ayi ne yam ayɛ ama wo ho a, ɛbɛma woanya anisɔ kɛse ama no na woahu paa sɛ ɔdɔ wo na n’ani sɔ wo.—1 Yoh. 4:9.

Nanso, ɛnyɛ nneɛma pa a Yehowa ayi ne yam ayɛ ama wo nko na ɛsɛ wudwinnwen ho; ɛsɛ sɛ woda Yehowa ase wɔ ne papayɛ nso ho. (Dw. 100:4, 5) Nkurɔfo ka sɛ, “sɛ yɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ a, ɛma afoforo ani gye paa.”

YƐKYERƐ NNEƐMA HO ANISƆ A, ƐMA YƐNE AFOFORO NTAM YƐ KAMA PAA

Ade foforo nti a wokyerɛ nneɛma ho anisɔ a eye ne sɛ, ɛma wo ne afoforo ntam yɛ kama. Yɛn nyinaa pɛ sɛ yehu sɛ afoforo ani sɔ yɛn. Sɛ obi yi ne yam yɛ biribi ma wo na wufi wo komam da no ase a, ɛma wo ne ne ntam yɛ kama paa. (Rom. 16:3, 4) Afei nso, nkurɔfo a wɔkyerɛ nneɛma ho anisɔ no, ɛnyɛ den sɛ wɔbɛboa afoforo. Sɛ afoforo yi wɔn yam yɛ biribi ma wɔn a, wohu, na ɛka wɔn koma ma wɔn nso boa afoforo. Ampa, sɛ yɛboa afoforo a, ɛma yɛn ani gye. Saa pɛpɛɛpɛ na Yesu kae: “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.”—Aso. 20:35.

Robert Emmons kyerɛ ade wɔ sukuupɔn bi mu wɔ California. Ɔne afoforo yɛɛ nhwehwemu bi, na na ɛfa sɛnea yɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ ho. Ɔkaa sɛ: “Nea ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi akyerɛ nneɛma ho anisɔ ne sɛ yebegye atom sɛ yɛdan yɛn ho yɛn ho. Nea ɛte ne sɛ, ɛtɔ da a, yɛyɛ biribi ma afoforo na wɔn nso yɛ bi ma yɛn.” Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yebetumi atena nkwa mu na yɛn ani agye a, ehia sɛ afoforo boa yɛn wɔ akwan pii so. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ebia wɔbɛma yɛn aduan anaa yɛyare a, wɔbɛhwɛ yɛn. (1 Kor. 12:21) Obi a ɔkyerɛ nneɛma ho anisɔ no, sɛ afoforo yɛ biribi ma no a, n’ani sɔ. Enti, wode ayɛ wo su sɛ wobɛkyerɛ nea afoforo yɛ ma wo ho anisɔ anaa?

WOKYERƐ NNEƐMA HO ANISƆ A, ƐBƐBOA WO SƐN?

Ade foforo nti a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ ne sɛ, sɛ obi yɛ biribi ma wo na woda no ase a, ɛboa wo ma wode w’adwene si nneɛma pa so; ɛmma wunnwinnwen nneɛma bɔne ho. Sɛ yɛbɛka a, w’adwene yɛ adwuma te sɛ sɔnee. Ɛma wutumi de w’adwene si nneɛma pa so, na wuyi w’adwene fi nneɛma a enye so. Sɛ wokyerɛ nneɛma ho anisɔ daa a, ɛma wutumi hu nneɛma pa, na ɛma wutumi kyerɛ nneɛma ho anisɔ paa. Sɛ wode w’adwene si nneɛma a wubetumi akyerɛ ho anisɔ so a, ɛbɛboa wo ama woayɛ nea ɔsomafo Paul kaa sɛ yɛnyɛ yi: “Munni ahurusi wɔ Awurade mu daa.”—Filip. 4:4.

Sɛ wokyerɛ nneɛma ho anisɔ a, wubehu sɛ ɛremma wunnya nneɛma ho adwene a ɛnteɛ. Sɛ yɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ a, ɛbɛyɛ den paa sɛ yɛbɛyɛ ahoɔyaw, yebedi awerɛhow, anaa yɛn bo befuw afoforo. Nnipa a wɔkyerɛ nneɛma ho anisɔ no, wɔn ani mmere ahonyade. Wɔn ani sɔ nea wɔwɔ, na wɔmpere sɛ wobenya nneɛma pii.—Filip. 4:12.

MA W’ANI NSƆ NNEƐMA PA A WOANYA!

Esiane sɛ woyɛ Kristoni nti, kae sɛ, sɛ worefa ahokyere mu wɔ nna a edi akyiri yi mu a, Satan ani begye sɛ ɔbɛma w’abam abu na woadi awerɛhow. Sɛ wunya adwene a ɛnteɛ anaa wunwiinwii a, n’ani begye paa. Sɛ woyɛ obi a wunwiinwii a, ɛbɛyɛ den sɛ nkurɔfo betie wo bere a woka asɛmpa no. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yɛwɔ anisɔ a, ɛkyerɛ sɛ yɛresow Onyankopɔn honhom aba no. Ɛba saa a, nneɛma pa a Onyankopɔn ayɛ ama yɛn no, ɛbɛma yɛn ani agye, na yɛanya gyidi sɛ ɛbɔ a Onyankopɔn ahyɛ nyinaa bɛbam.—Gal. 5:22, 23.

Esiane sɛ woyɛ Yehowa somfo nti, anisɔ ho nkyerɛkyerɛmu a yɛaka wɔ asɛm yi mu no, ebia wugye tom. Ne nyinaa akyi no, wunim sɛ ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ bere nyinaa. Nanso mma w’abam mmu. Wubetumi asua sɛ wubenya nneɛma ho anisɔ na woakɔ so ada saa suban no adi. Wobɛyɛ dɛn ayɛ saa? Da biara da, nneɛma bi a wubetumi akyerɛ ho anisɔ wɔ w’asetena mu no, gye bere dwinnwen ho. Sɛ wotaa yɛ saa a, ɛrenyɛ den sɛ wobɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ. Wei bɛma w’ani agye paa asen nkurɔfo a wɔde wɔn adwene si asetena mu haw so no. Enti nneɛma pa a Onyankopɔn ne afoforo yɛ a ɛhyɛ wo nkuran na ɛma w’ani gye no, dwinnwen ɛno ho. Wubetumi mpo afi ase akyerɛw saa nneɛma no ato hɔ. Enti, wubetumi akyerɛw nneɛma mmienu anaa mmiɛnsa a wokyerɛɛ ho anisɔ saa da no ato hɔ.

Nkurɔfo a wɔyɛ anisɔ ho nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, “sɛ yɛda afoforo ase wɔ nneɛma pa a wɔyɛ ma yɛn ho bere nyinaa a, ebetumi ama sɛnea yɛn adwene yɛ adwuma no asesa, na ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ yɛn ani begye wɔ yɛn asetena mu.” Obi a ɔkyerɛ nneɛma ho anisɔ ani gye paa. Enti ma w’ani nsɔ nneɛma pa a woanya, ma w’ani nnye nneɛma pa a woanya ho, na ma ɛnyɛ wo su sɛ wobɛda afoforo ase bere nyinaa! Mmu w’ani ngu nneɛma pa a woanya so, na mmom ‘da Yehowa ase, efisɛ oye.’ Enti, ‘biribiara mu fa aseda ma.’—1 Be. 16:34; 1 Tes. 5:18.