Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Bere a Satan ka kyerɛɛ Hawa sɛ, sɛ odi papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no a ɔrenwu no, na ɔkra a enwu da a nkurɔfo kyerɛkyerɛ nnɛ no na na ɔde rehyɛ n’adwenem anaa?

Ɛnte saa. Ɔbonsam anka ankyerɛ Hawa sɛ, sɛ odi aduaba a Onyankopɔn aka sɛ mma wonni bi no a, ɛbɛyɛ te sɛ nea wawu nanso biribi a ɛwɔ ne mu a nnipa nhu (nea nnɛ ebinom frɛ no ɔkra a enwu da no) bɛkɔ akɔtena baabi foforo. Satan nam ɔwɔ so kasae, na ɔka kyerɛɛ Hawa sɛ, sɛ odi saa dua no aba a, ‘ɛnyɛ owu na obewu.’ Nea na Ɔbonsam rekyerɛ ne sɛ, Hawa bɛkɔ so atena ase na wanya asetena pa wɔ asase so, na ɔbɛde ne ho afi Onyankopɔn ho.—Gen. 2:17; 3:3-5

Atoro nkyerɛkyerɛ a nkurɔfo kyerɛkyerɛ no nnɛ a ɛne sɛ ɔkra bi wɔ yɛn mu a enwu da no, sɛ ɛnyɛ Eden na efi a, ɛnde efi he? Yɛrentumi nkyerɛ baabi pɔtee a efi. Nea yenim ne sɛ, Noa Nsuyiri no praa atoro som nyinaa fii hɔ. Nsuyiri no akyi no, na obiara nni hɔ a ɔbɛkyerɛkyerɛ atoro nkyerɛkyerɛ, efisɛ ɛkaa Noa ne n’abusua a wɔyɛ nokware asomfo no nkutoo.

Enti ɔkra a enwu da a wɔkyerɛkyerɛ nnɛ no, ɛbɛyɛ sɛ Nsuyiri no akyi na efii ase. Bere a Onyankopɔn yɛɛ kasa a wɔka wɔ Babel basabasa, na nnipa bɔ hwetee “asase so nyinaa” no, akyinnye biara nni ho sɛ wɔde nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ ɔkra bi wɔ yɛn mu a enwu da no dii wɔn akyi kɔe. (Gen. 11:8, 9) Ɛmfa ho bere a saa atoro nkyerɛkyerɛ yi bae no, yebetumi asi no pi sɛ, Satan Ɔbonsam a ɔyɛ “atoro agya” no na na ɔhyɛ akyi, na bere a ohui sɛ emu retrɛw no, n’ani gyei.—Yoh. 8:44.