Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

Nsɛmmisa a edidi so yi gyina Ɔwɛn-Aban a ɛbaa afe 2019 so. Wubetumi abua anaa?

Yehowa ahyɛ bɔ sɛ: “Akode biara a wɔbɛyɛ de aba wo so no renyɛ yiye.” Saa asɛm no kyerɛ sɛn? (Yes. 54:17)

“Atirimɔdenfo hwenem mframa” a ɛte saa a ɛsɛe ade no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn bɛbɔ yɛn ho ban afi ho. (Yes. 25:4, 5) Yɛn atamfo rentumi nyɛ biribi a ɛbɛma yɛahu amane afebɔɔ.—w19.01, kr. 6-7.

Sɛnea Onyankopɔn ne Kanaanfo ne Israelfo asoɔdenfo no dii no, sɛn na ɛmaa Onyankopɔn atɛntrenee daa adi?

Onyankopɔn de atemmu baa wɔn a wɔyɛɛ nna mu abofonode, anaa wɔyɛɛ mmea ne mmofra bɔne no so. Nkurɔfo a wotiee Onyankopɔn asɛm na wɔne afoforo dii no yiye no, Onyankopɔn hyiraa wɔn.—w19.02, kr. 22-23.

Sɛ obi a ɔnyɛ Yehowa somfo rebɔ mpae na yɛwɔ hɔ a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

Yebetumi ayɛ komm na yɛada obu adi, nanso yɛrenka “amen” anaa yɛrenso afoforo a wɔwɔ hɔ nsam. Yebetumi abɔ mpae wɔ yɛn tirim.—w19.03, kr. 31.

Sɛ obi to abofra mmonnaa a, adɛn nti na ɛyɛ aniberesɛm paa?

Sɛ obi to abofra mmonnaa a, wayɛ bɔne atia abofra no, asafo no, aban no, ne Onyankopɔn. Baabi a aban mmara hwehwɛ sɛ wɔbɔ aban amanneɛ sɛ obi ato abofra mmonnaa no, asafo mu mpanyimfo di so.—w19.05, kr. 9-10.

Wobɛyɛ dɛn asesa tumi a ɛkanyan w’adwene no?

Nneɛma titiriw a wubetumi ayɛ: Bɔ Yehowa mpae. Dwinnwen Onyankopɔn Asɛm ho na bisabisa wo ho nsɛm. Fa nnamfo pa.—w19.06, kr. 11.

Dɛn na yebetumi ayɛ nnɛ de asiesie yɛn ho ama ɔtaa?

Ehia sɛ yɛhyɛ yɛne Yehowa abusuabɔ mu den. Nya awerɛhyem sɛ ɔdɔ yɛn na ɔrennyaw yɛn da. Kenkan Bible da biara, na bɔ mpae daa. Nya gyidi paa sɛ nhyira a Onyankopɔn aka sɛ n’Ahenni no de bɛba no bɛbam. Kyere kyerɛwnsɛm a ɛda wo koma so ne nnwom a yɛto yi Yehowa ayɛ gu wo tirim.—w19.07, kr. 2-4.

Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa yɛn abusuafo na ama wɔanya nkwa?

Ehia sɛ yenya tema ma wɔn, yɛma yɛn nneyɛe di wɔn adanse kama, na yenya wɔn ho abotare, na yɛyɛ anifere.—w19.08, kr. 15-17.

Sɛnea Yesu hyɛɛ bɔ wɔ Mateo 11:28 no, dɛn na ɛma yɛn ho dwo yɛn?

Yɛwɔ ahwɛfo a wɔyɛ Kristofo a wɔdɔ yɛn, yɛwɔ nnamfo papa paa, ne adwuma papa paa.—w19.09, kr. 23.

Sɛn na Onyankopɔn betumi ama yɛanya ɔpɛ ne tumi a yɛde bɛyɛ n’apɛde? (Filip. 2:13)

Sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm na yedwinnwen ho a, Onyankopɔn betumi ayɛ yɛn mu adwuma ama yɛanya ɔpɛ ne tumi a yɛde bɛyɛ n’apɛde. Ne honhom betumi aboa yɛn ama yɛanya nimdeɛ pii.—w19.10, kr. 21.

Anammɔn pa bɛn na ɛsɛ sɛ yedi kan tu ansa na yɛasi gyinae titiriw bi?

Nneɛma nnum a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ni: Yɛ nhwehwɛmu kɔ akyiri. Bɔ mpae hwehwɛ nyansa. Bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn nti paa na meresi gyinae yi?’ Fa botae pɔtee sisi w’ani so. Hu nea wubetumi ayɛ.—w19.11, kr. 27-29.

Ɔkra a enwu da a nkurɔfo kyerɛkyerɛ no, asɛm a Satan ka kyerɛɛ Hawa no na ɛkɔfa bae anaa?

Ɛnte saa. Satan ka kyerɛɛ Hawa sɛ, sɛ odi aduaba no bi a, ɔrenwu, na mmom wanka ankyerɛ no sɛ ɛbɛyɛ te sɛ nea wawu. Nsuyiri no akyi no, na obiara nni hɔ a ɔbɛkyerɛkyerɛ atoro nkyerɛkyerɛ biara. Ɛbɛyɛ sɛ ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no bae ansa na Onyankopɔn rebɔ nnipa a na wɔresi Babel abantenten no ahwete.—w19.12, kr. 15.