Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 51

Wunim Yehowa Yiye?

Wunim Yehowa Yiye?

“Wɔn a wonim wo din de wɔn ho bɛto wo so, na wɔn a wɔhwehwɛ wo no, O Yehowa, worennyaw wɔn.”​—DW. 9:10.

DWOM 56 So Nokware no Mu Yiye

NEA YƐREBESUA *

1-2. Sɛnea Angelito asɛm no ma yehu no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara yɛ?

W’AWOFO yɛ Yehowa Adansefo anaa? Sɛ saa a, kae sɛ, ɛnyɛ sɛ w’awofo ne Yehowa afa adamfo nti wo nso woyɛ Yehowa adamfo. Sɛ w’awofo som Onyankopɔn oo, sɛ wɔnsom no oo, ɛyɛ w’ankasa na ɛsɛ sɛ wo ne Yehowa fa adamfo.

2 Yɛnhwɛ onua bi a wɔfrɛ no Angelito. Ná n’abusuafo nyinaa yɛ Adansefo. Nanso bere a ɔyɛ abofra no, na ɔnte nka ankasa sɛ ɔbɛn Onyankopɔn. Ɔka sɛ: “Esiane sɛ na m’abusuafo resom Yehowa ara nti na na me nso meresom no.” Nanso, Angelito yɛɛ n’adwene sɛ obegye bere akenkan Onyankopɔn Asɛm na wadwinnwen ho. Afei nso, ofii ase bɔɔ Yehowa mpae mpɛn pii. Dɛn na efi mu bae? Angelito ka sɛ, “Mihui sɛ, ɔkwan baako pɛ a metumi afa so abɛn m’Agya Yehowa a ɔdɔ me no ne sɛ, me ara mehu no yiye.” Angelito asɛm yi ma yedwen nsɛmmisa a ɛho hia yi ho: Obi a onim Yehowa ho asɛm kakra ne obi a onim Yehowa yiye no, nsonsonoe bɛn na ɛda wɔn ntam? Dɛn na yebetumi ayɛ na ama yɛahu Yehowa yiye?

3. Obi a onim Yehowa ho asɛm kakra ne obi a onim Yehowa yiye no, nsonsonoe bɛn na ɛda wɔn ntam?

3 Sɛ obi nim Onyankopɔn din anaa onim nsɛm a waka ne nneɛma a wayɛ no bi a, yebetumi aka sɛ onim Yehowa ho asɛm kakra. Nanso wei nkyerɛ sɛ onim no yiye; ɛsɛ sɛ ɔyɛ nneɛma pii ka ho. Ɛsɛ sɛ yegye bere sua Yehowa ne ne suban a ɛyɛ fɛ no ho ade. Yɛyɛ saa a, yɛbɛte nea enti a ɔka nsɛm bi ne sɛnea ɔyɛ n’ade no ase yiye. Ɛno bɛboa yɛn ama yɛahu sɛ, nea yedwen ho, gyinae a yesisi, ne nea yɛyɛ no, Yehowa ani gye ho anaa n’ani nnye ho. Sɛ yenya hu nea Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ.

4. Sɛ yesusuw nnipa bi a Bible ka wɔn ho asɛm ho a, ɛbɛboa yɛn sɛn?

4 Esiane sɛ yɛpɛ sɛ yɛsom Yehowa nti, ebia ebinom bedi yɛn ho fɛw, na sɛ yefi ase ne Yehowa asomfo bɔ a, ebi mpo a wɔbɛsɔre atia yɛn. Nanso sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so a, ɔremma yɛn nsa nsi fam da. Yɛyɛ saa a, na yɛreyɛ biribi a ɛbɛma yɛne Onyankopɔn afa adamfo afebɔɔ. Enti, ɛyɛ ampa sɛ yebetumi ahu Yehowa yiye? Yiw, yebetumi ayɛ saa! Nnipa a wɔnyɛ pɛ te sɛ Mose ne Ɔhene Dawid nhwɛso ma yehu sɛ ebetumi ayɛ yiye. Yebesusuw nea wɔyɛe ho, na ɛbɛma yɛanya nsɛmmisa mmienu yi ho mmuae: Dɛn na wɔyɛe a ɛma wohuu Yehowa? Dɛn na yebetumi asua afi nea wɔyɛe no mu?

MOSE ‘HUU ONII A WONHU NO NO’

5. Dɛn na Mose yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ?

5 Mose de nea osuae yɛɛ adwuma. Bere a Mose dii bɛyɛ mfe 40 no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔne Hebrifo a na wɔyɛ Onyankopɔn nkurɔfo no bɛbɔ; na mmom wampɛ sɛ “wɔfrɛ no Farao babea ba.” (Heb. 11:24) Mose de dibea kɛse a anka obenya too nkyɛn. Ná Farao yɛ ɔhene a ɔwɔ tumi paa, na na Egyptfo no bu no sɛ onyame. Enti, bere a Mose ne Hebrifo anaa Israelfo a na wɔyɛ nkoa wɔ Egypt no bɔe no, na onim sɛ Farao bo befuw paa. Wei kyerɛ sɛ na Mose gyidi yɛ den paa! Mose de ne ho too Yehowa so. Ahotoso a ɛte saa a Mose nyae wɔ Yehowa mu yi yɛ ade titiriw nti a ɔne Yehowa faa adamfo denneennen ne nkwa nna nyinaa no.—Mmeb. 3:5.

6. Dɛn na yebetumi asua afi nea Mose yɛe no mu?

6 Asuade no ne sɛn? Sɛnea Mose yɛe no, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa nso si gyinae sɛ, ‘Yɛbɛsom Onyankopɔn na yɛne ne nkurɔfo abɔ anaa yɛrenyɛ saa?’ Ebia ebehia sɛ yɛde nneɛma bi bɔ afɔre na ama yɛatumi asom Onyankopɔn, na ebia ɛbɛma wɔn a wonnim Yehowa no asɔre atia yɛn. Nanso sɛ yɛde yɛn ho to yɛn Agya a ɔwɔ soro no so a, ɔbɛboa yɛn!

7-8. Dɛn na Mose kɔɔ so suae?

7 Mose kɔɔ so suaa Yehowa suban ho ade na ɔyɛɛ Yehowa apɛde. Ɛho nhwɛso ne bere a Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ onkogye Israelfo mfi Egypt nkoasom mu no. Ná Mose nnye ne ho nni, na ɔka kyerɛɛ Yehowa mpɛn pii sɛ ɔmfata. Mmuae a Onyankopɔn de maa Mose no ma yehu sɛ na ɔte Mose ase, enti ɔboaa no. (Ex. 4:10-16) Ɛno nti, Mose tumi kɔkaa atemmusɛm a ano yɛ den kyerɛɛ Farao. Ɛno akyi no, Mose huu sɛnea Yehowa de ne tumi gyee Israelfo no na ɔsɛee Farao ne n’asraafodɔm wɔ Po Kɔkɔɔ no mu.—Ex. 14:26-31; Dw. 136:15.

8 Bere a Mose gyee Israelfo no fii Egypt no, daa na wonwiinwii. Nanso, Mose hui sɛ Yehowa nyaa ne nkurɔfo a ogyee wɔn fii nkoasom mu no ho abotare kɛse. (Dw. 78:40-43) Afei nso, Mose ka kyerɛɛ Yehowa sɛ ɔnsesa n’adwene wɔ asɛm bi ho, na Yehowa yɛe. Ɛmaa Mose hui sɛ Yehowa wɔ ahobrɛase kɛse.—Ex. 32:9-14.

9. Sɛnea Hebrifo 11:27 kyerɛ no, sɛn na na Mose ne Yehowa ntam te?

9 Bere a Mose gyee Israelfo fii Egypt no, Mose ne Yehowa adamfofa mu bɛyɛɛ den araa ma na ɛte sɛ nea ohu n’Agya a ɔwɔ soro no. (Kenkan Hebrifo 11:27.) Bible ka sɛnea na Mose ne Yehowa adamfofa no te ho asɛm sɛ: “Yehowa ne Mose kasae anim ne anim te sɛ nea obi ne ne yɔnko kasa.”—Ex. 33:11.

10. Sɛ yɛpɛ sɛ yehu Yehowa yiye a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

10 Asuade no ne sɛn? Sɛ yɛpɛ sɛ yehu Yehowa yiye a, ɛnyɛ ne suban nko ara na ɛsɛ sɛ yesua ho ade, na mmom ɛsɛ sɛ yɛyɛ n’apɛde nso. Ɛnnɛ, Yehowa pɛ sɛ “ogye nnipa ahorow nyinaa ma wobenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.” (1 Tim. 2:3, 4) Ɔkwan baako a yɛfa so yɛ Onyankopɔn apɛde ne sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo Yehowa ho ade.

11. Sɛ yɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo Yehowa ho ade a, sɛn na ɛboa yɛn ma yehu no yiye?

11 Mpɛn pii no, sɛ yɛrekyerɛkyerɛ nkurɔfo Yehowa ho ade a, ɛnna yɛn ankasa yehu no yiye. Ɛho nhwɛso ne sɛ, sɛ Yehowa kyerɛ yɛn kwan kɔ nnipa a wɔwɔ koma pa nkyɛn a, ɛma yehu sɛ ɔwɔ ayamhyehye. (Yoh. 6:44; Aso. 13:48) Sɛ yehu sɛ wɔn a yɛne wɔn sua ade no atumi agyae subammɔne na afei wɔahyɛ nipasu foforo no a, ɛma yehu sɛ ampa Onyankopɔn Asɛm wɔ tumi. (Kol. 3:9, 10) Afei nso, yehu sɛ Onyankopɔn wɔ abotare, efisɛ ɔsoma yɛn mpɛn pii kɔ nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu nkyɛn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn mu bebree betumi asua ne ho ade na wagye wɔn nkwa.Rom. 10:13-15.

12. Sɛnea Exodus 33:13 ma yehu no, dɛn na Mose srɛ fii Yehowa hɔ, na adɛn ntia?

12 Mose antoto ɔne Yehowa adamfofa no ase koraa. Bere a Onyankopɔn maa Mose tumi ma ɔyɛɛ anwonwade akyi mpo no, Mose srɛɛ Yehowa nidi mu sɛ ɔmma onhu no yiye. (Kenkan Exodus 33:13.) Bere a Mose de saa adesrɛ no too Yehowa anim no, na wadi boro mfe 80, nanso na onim sɛ nneɛma pii wɔ hɔ a obetumi asua afa n’Agya a ɔwɔ soro a ɔwɔ ɔdɔ no ho.

13. Ade baako a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ yɛne Onyankopɔn adamfofa ne sɛn?

13 Asuade no ne sɛn? Ɛmfa ho bere tenten a yɛde asom Yehowa no, ɛnsɛ sɛ yɛtoto yɛne n’adamfofa no ase da koro koraa. Ade titiriw baako a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ yɛne Onyankopɔn adamfofa ne sɛ, yɛbɛbɔ no mpae.

14. Mpaebɔ yɛ ɔkwan titiriw baako a yebetumi afa so asua Onyankopɔn ho ade pii. Adɛn ntia?

14 Sɛ wo ne obi adamfofa mu bɛyɛ den a, nkɔmmɔbɔ di mu akoten paa. Enti bɔ Onyankopɔn mpae daa na ama woabɛn no; ɛnsɛ sɛ wusuro sɛ wobɛka wo komam asɛm akyerɛ no. (Efe. 6:18) Krista a ɔte Turkey ka sɛ: “Bere biara, sɛ mebɔ Yehowa mpae ka me komam asɛm kyerɛ no na mihu sɛ waboa me a, ɛma ɔdɔ a mewɔ ma no no mu yɛ den na minya ne mu ahotoso kɛse. Sɛnea Yehowa bua me mpaebɔ no, aboa me ama matumi afa no sɛ m’Agya ne m’Adamfo.”

ƆBARIMA A YEHOWA KOMA DA NO SO

15. Sɛn na Yehowa kaa Ɔhene Dawid ho asɛm?

15 Wɔwoo Ɔhene Dawid too ɔman a na wɔahyira so ama Yehowa Nyankopɔn mu. Nanso, ɛnyɛ sɛ na Dawid abusua som Yehowa nti na na ɔno nso som no. Ɔno ankasa ne Onyankopɔn faa adamfo, na na Yehowa dɔ no paa. Yehowa ankasa kaa Dawid ho asɛm sɛ ɔyɛ ‘ɔbarima a ne koma da no so.’ (Aso. 13:22) Ɛyɛɛ dɛn na Dawid ne Yehowa faa adamfo saa?

16. Bere a Dawid hwɛɛ abɔde no, dɛn na osua faa Yehowa ho?

16 Dawid hwɛɛ abɔde, na ɛma osuaa Yehowa ho ade. Bere a Dawid yɛ aberantewa no, na ɔde ne papa nguan kɔ adidi, na na ɔde nnɔnhwerew pii na ɛyɛ saa. Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ saa bere no na ofii ase dwinnwen nneɛma a Yehowa abɔ ho. Sɛ Dawid hwɛ wim anadwo a, na ɛnyɛ nsoromma mpempem nko na ohu, na mmom na ɛma ohu Onii a ɔyɛe no suban nso. Ɛmaa Dawid kyerɛwee sɛ: “Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam kyerɛ; na wim kyerɛ ne nsa ano adwuma.” (Dw. 19:1, 2) Bere a Dawid dwinnwen sɛnea Yehowa yɛɛ nnipa ho no, ohui sɛ Yehowa wɔ nyansa paa. (Dw. 139:14) Bere a Dawid dwinnwen nneɛma a Yehowa abɔ ho no, ohui sɛ ɔde ne ho toto Yehowa ho a, ɔyɛ nkyene a na wayera mu.—Dw. 139:6.

17. Sɛ yedwinnwen abɔde ho a, dɛn na yebetumi asua?

17 Asuade no ne sɛn? Ma w’ani nnye abɔde ho. Gye bere hwɛ wiase fɛfɛɛfɛ a Yehowa abɔ no, na ɛnka wo koma! Da biara da, abɔde a atwa wo ho ahyia a ebetumi ama woasua biribi afa Yehowa ho no, dwinnwen ho. Abɔde no bi ne afifide, mmoa, ne nnipa. Woyɛ saa a, da biara wubesua nneɛma pii afa w’Agya a ɔdɔ wo no ho. (Rom. 1:20) Afei nso, wubehu sɛ ɔdɔ a wowɔ ma no no mu bɛyɛ den da biara da.

18. Sɛnea Dwom 18 ma yehu no, dɛn na Dawid hui?

18 Dawid hui sɛ na Yehowa reboa no. Ɛho nhwɛso ne sɛ, bere a Dawid gyee ne papa nguan fii gyata ne sisi nsam no, ohui sɛ ɛyɛ Yehowa na ɔboaa no ma otumi kum saa mmoa a wɔn ho yɛ hu no. Bere a Dawid dii ɔbran Goliat so nkonim no, ohui pefee sɛ ɛyɛ Yehowa na na ɔrekyerɛ no kwan. (1 Sam. 17:37) Bere a na Ɔhene Saul ani bere Dawid no, Dawid guan fii n’anim. Dawid hui sɛ ɛyɛ Yehowa na ogyee no. (Dw. 18, atifi asɛm) Sɛ na Dawid yɛ ahantan a, anka obegye anuonyam ama ne ho. Nanso, na Dawid brɛ ne ho ase, enti otumi huu Yehowa nsa wɔ n’asetena mu.—Dw. 138:6.

19. Dɛn na yebetumi asua afi nea Dawid yɛe no mu?

19 Asuade no ne sɛn? Ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ mmoa fi Yehowa hɔ. Ɛnyɛ ɛno nko; ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden hu bere a Yehowa boa yɛn ne ɔkwan a ɔfa so boa yɛn nso. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase gye tom sɛ ɛnyɛ biribiara na yebetumi ayɛ a, yebehu paa sɛ nea yɛrentumi nyɛ no, Yehowa boa yɛn ma yɛyɛ. Bere biara a yehu sɛ Yehowa aboa yɛn no, ɛma yɛne n’adamfofa mu yɛ den. Isaac yɛ onua a ɔwɔ Fiji; ɔde mfe pii asom Yehowa. Ohui sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. Ɔka sɛ: “Sɛ mehwɛ m’akyi a, mitumi hu sɛ efi bere a mifii ase suaa Bible de besi nnɛ, Yehowa aboa me. Ɛno nti, mihu sɛ Yehowa wɔ hɔ paa.”

20. Dawid ne Onyankopɔn adamfofa no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

20 Dawid suasuaa Yehowa suban. Sɛnea Yehowa bɔɔ yɛn no nti, yebetumi asuasua ne suban. (Gen. 1:26) Sɛ yɛkɔ so sua Yehowa suban ho ade a, ɛbɛma yɛatumi asuasua no yiye. Dawid huu n’Agya a ɔwɔ soro no yiye, enti bere a ɔne afoforo redi no, otumi suasuaa Yehowa. Yɛnhwɛ ɛho nhwɛso baako. Bere a Dawid ne Bat-Seba sɛee aware na ɔma wokum ne kunu no, ɔyɛɛ bɔne tiaa Yehowa. (2 Sam. 11:1-4, 15) Nanso Yehowa huu Dawid mmɔbɔ, efisɛ na Dawid nso ahu afoforo mmɔbɔ pɛn. Esiane sɛ na Dawid ne Yehowa wɔ abusuabɔ pa nti, Israel ahemfo a na Israelfo no pɛ wɔn asɛm paa no, na Dawid ka ho. Afei nso, Yehowa de no yɛɛ nhwɛso maa Israel ahemfo foforo.—1 Ahe. 15:11; 2 Ahe. 14:1-3.

21. Sɛnea Efesofo 4:24 ne 5:1 ma yehu no, sɛ ‘yesuasua Onyankopɔn’ a, ɛboa yɛn sɛn?

21 Asuade no ne sɛn? Ɛsɛ sɛ ‘yesuasua Onyankopɔn.’ Yɛyɛ saa a, yenya nhyira pii, na ɛma yehu Onyankopɔn yiye nso. Sɛ yesuasua Onyankopɔn suban a, yɛda no adi sɛ yɛyɛ ne mma.—Kenkan Efesofo 4:24; 5:1.

SƐNEA YEBEHU YEHOWA YIYE

22-23. Sɛ yɛde nea yesua fa Yehowa ho no yɛ adwuma a, dɛn na ɛbɛma yɛanya?

22 Sɛnea yɛahu no, Yehowa nam abɔde ne n’Asɛm Bible so ma yehu no. Onyankopɔn asomfo anokwafo pii a yebetumi asuasua wɔn ho nsɛm wɔ Bible mu. Wɔn mu bi ne Mose ne Dawid. Yehowa ayɛ ne fam de. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yebue yɛn ani, yeyiyi yɛn asom, na yebue yɛn komam sua ne ho ade pii.

23 Yɛrentumi nsua Yehowa ho ade nwie da. (Ɔsɛnk. 3:11) Ɛnyɛ nneɛma pii a yɛasua afa Yehowa ho ne asɛm no, na mmom nea ehia paa ne nea yɛde nea yɛasua no bɛyɛ. Sɛ yɛde nea yesua no yɛ adwuma na yɛbɔ mmɔden suasua yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no a, ɔbɛkɔ so abɛn yɛn. (Yak. 4:8) Yehowa nam n’Asɛm no so ma yɛn awerɛhyem sɛ wɔn a wɔhwehwɛ no no, ɔrennyaw wɔn da.

DWOM 80 “Monka Nhwɛ na Munhu sɛ Yehowa Ye”

^ nky. 5 Nnipa pii gye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, nanso wonnim no yiye. Sɛ yɛka sɛ obi nim Yehowa a, ɛkyerɛ sɛn? Afei, sɛ yɛpɛ sɛ yɛne Yehowa fa adamfo denneennen a, dɛn na yebetumi asua afi Mose ne Ɔhene Dawid hɔ? Yebenya nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ adesua yi mu.