Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 50

Yehowa Pɛ Sɛ Wunya Ahofadi

Yehowa Pɛ Sɛ Wunya Ahofadi

“Mommɔ dawuru mma asase no sofo nyinaa nnya ahofadi.”​—LEV. 25:10.

DWOM 22 Ahenni no Redi Tumi—Ma Ɛmmra!

NEA YƐREBESUA *

1-2. (a) Afahyɛ bɛn na ebinom di? (Hwɛ adaka a wɔato din “ Ná Ahofadi Afe No Yɛ Dɛn?”) (b) Sɛnea Luka 4:16-18 ma yehu no, dɛn na Yesu kaa ho asɛm?

AMAN bi so no, sɛ ɔhene anaa ɔhemmaa bi di ade mfe 50 a, saa afe no wɔhyɛ ho fã soronko. Ebia wɔde da koro, nnawɔtwe, anaa nea ɛboro saa na ebedi saa afahyɛ no, nanso ɛkyɛ sɛ dɛn ara mpo a, ɛba awiei. Ɛnkyɛ na anigye no atetew wɔn ani so.

2 Yɛbɛhwɛ ahofadi bi a ɛyɛ papa sen ahofadi afahyɛ a na tete Israelfo di no afe mũ nyinaa no. Saa afahyɛ no, na wodi no mfe 50 biara. Tete no, saa Ahofadi afe no maa Israelfo no dee wɔn ho. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yesua ho ade nnɛ? Nea enti a ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa ne sɛ, Ahofadi afe a na Israelfo no di no kae yɛn nhyehyɛe papa bi a Yehowa reyɛ nnɛ na ama yɛanya ahofadi afebɔɔ. Yesu kaa saa ahofadi yi ho asɛm.​—Kenkan Luka 4:16-18.

Sɛ Ahofadi afe no du a, na ɛma Israelfo no ani gye, efisɛ na wɔn a wɔyɛ nkoa no san kɔ wɔn abusuafo nkyɛn ne wɔn asase so (Hwɛ nkyekyɛm 3) *

3. Sɛnea Leviticus 25:8-12 kyerɛ no, Ahofadi afe no boaa Israelfo no sɛn?

3 Nhyehyɛe a Onyankopɔn yɛ maa ne nkurɔfo nyaa ahofadi tete no, sɛ yedi kan susuw ho a, ɛbɛma yɛate nea na Yesu rekyerɛ bere a ɔkaa ahofadi ho asɛm no ase yiye. Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Monyɛ afe a ɛto so aduonum no afe kronkron, na mommɔ dawuru mma asase no sofo nyinaa nnya ahofadi. Ɛbɛyɛ Ahofadi afe ama mo, na obiara nsan nkɔ n’agyapade so na obiara nsan nkɔ n’abusuafo nkyɛn.” (Kenkan Leviticus 25:8-12.) Adesua a edi wei anim no, yehuu sɛnea Homeda a nnawɔtwe biara na Israelfo no di no boaa wɔn. Ɛnde, Ahofadi afe no nso, sɛn na ɛboaa Israelfo no? Wo de, yɛmfa no sɛ na ɛka remene Israelni bi, na ɛno nti ɔtɔn n’asase de tuaa ka no. Sɛ edu Ahofadi afe no a, na wɔbɛsan de n’asase ama no. Enti na ɔbarima no betumi ‘asan akɔ n’agyapade so,’ sɛnea ɛbɛyɛ a agyapade no remmɔ ne mma daakye. Anaasɛ, na ɔbarima bi ho tumi kyere no araa ma ɔtɔn ne ba anaa ɔtɔn ɔno ara ne ho kɔyɛ akoa de tua ka no. Sɛ Ahofadi afe no du a, na ɛsɛ sɛ akoa no ‘san kɔ n’abusuafo nkyɛn.’ Enti na obiara renyɛ akoa afebɔɔ efisɛ na anidaso wɔ hɔ! Nhyehyɛe yi ma yehu sɛ na Yehowa dwen ne nkurɔfo ho ankasa!

4-5. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yesua Ahofadi afe a na Israelfo no di no ho ade nnɛ?

4 Mmoa foforo bɛn na Ahofadi afe no maa Israelfo no nyae? Yehowa kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɛnsɛ sɛ ehia obi wɔ wo kurom, efisɛ Yehowa behyira wo wɔ asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo sɛ agyapade no so.” (Deut. 15:4) Nanso ɛnyɛ saa koraa na ɛrekɔ so wɔ wiase nnɛ, efisɛ nya ara na asikafo renya wɔn ho, na ahiafo nso, di ara na wɔredi hia!

5 Kristofo de, yɛnhyɛ Mose Mmara no ase. Wei kyerɛ sɛ nhyehyɛe a Yehowa yɛ maa Israelfo no sɛ Ahofadi afe no du a, wonnyaa nkoa, wɔmfa afoforo ka nkyɛ wɔn, na wɔnsan mfa obiara abusua asase mma no no, ɛnkyekyere yɛn. (Rom. 7:4; 10:4; Efe. 2:15) Nanso, ɛho hia sɛ yesua Ahofadi afe no ho ade. Adɛn ntia? Efisɛ yɛn nso yebetumi anya ahofadi, na wei ma yɛkae ahofadi ho nhyehyɛe a Yehowa yɛ maa Israelfo no.

YESU KAA OGYE ANAA AHOFADI HO ASƐM

6. Ɛsɛ sɛ wogye adasamma fi dɛn mu?

6 Yɛn nyinaa hia ogye efisɛ bɔne de yɛn ayɛ nkoa; ɛyɛ nkoasom bi a ɛyɛ ateetee paa. Esiane sɛ bɔne wɔ yɛn ho nti, yenyinyin, yɛyare, na yewuwu. Nnipa pii hu sɛ saa asɛm yi yɛ nokware, efisɛ wɔhwɛ ahwehwɛ mu a, wohu sɛ wɔrenyin, wɔyare nso a, wokohu dɔkota. Yɛyɛ bɔne nso a, ɛma yɛn abam bu. Ɔsomafo Paul kaa sɛ mmara foforo bi ‘fa no dommum ma bɔne mmara a ɛwɔ n’akwaa mu no.’ Ɔde kaa ho sɛ: “M’asɛm yɛ mmɔbɔ! Hena na obegye me afi nipadua a ɛrekɔ owu mu yi mu?”​—Rom. 7:23, 24.

7. Nkɔm bɛn na Yesaia hyɛ faa ahofadi ho?

7 Anigyesɛm ne sɛ, Onyankopɔn yɛɛ nhyehyɛe bi a ɛbɛma wɔagye yɛn afi bɔne mu. Yesu so na ɔbɛfa agye yɛn. Bɛboro mfe 700 ansa na Yesu reba asase so no, odiyifo Yesaia hyɛɛ ahofadi kɛse bi a yebenya daakye ho nkɔm. Saa ahofadi kɛse no bɛkyɛn ahofadi a na Israelfo no nya wɔ Ahofadi afe no mu no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Awurade Tumfoɔ Yehowa honhom wɔ me so, efisɛ Yehowa asra me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahobrɛasefo. Wasoma me sɛ memmɛkyekyere koma a abubu, na menka ogye ho asɛm nkyerɛ nnommum.” (Yes. 61:1) Hena na saa nkɔmhyɛ no fa ne ho?

8. Hena na nkɔm a Yesaia hyɛ faa ogye ho no fa ne ho?

8 Bere a Yesu hyɛɛ ne som adwuma ase mu hɔ baabi no na saa nkɔmhyɛ titiriw a ɛfa ahofadi ho no fii ase baa mu. Bere a Yesu kɔɔ hyiadan a ɛwɔ ne kurom Nasaret mu no, ɔkenkan Yesaia nkɔmhyɛ no kyerɛɛ Yudafo a na wɔahyiam wɔ hɔ no. Yesu ma wohui sɛ saa nkɔmhyɛ no fa ne ho. Ɔkaa sɛ: “Yehowa honhom wɔ me so, efisɛ ɔsraa me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo, ɔsomaa me sɛ memmɛka ogye ho asɛm nkyerɛ nnommum na memma anifuraefo nhu ade, sɛ memma wɔn a wɔabubu nne wɔn ho, na menka bere a ɛsɔ Yehowa ani nkyerɛ.” (Luka 4:16-19) Sɛn na Yesu maa saa nkɔmhyɛ no baa mu?

NNIPA A WODII KAN GYEE WƆN

Yesu kaa ahofadi ho asɛm bere a ɔkɔɔ hyiadan a na ɛwɔ Nasaret mu no (Hwɛ nkyekyɛm 8-9)

9. Yesu bere so no, ahofadi bɛn na na nnipa pii hwɛ kwan sɛ wobenya?

9 Yesu bere so no, nkurɔfo fii ase nyaa ahofadi a Yesaia hyɛɛ ho nkɔm a Yesu kenkan wɔ hyiadan mu no. Yebetumi agye saa asɛm yi adi efisɛ Yesu de too gua sɛ: “Ɛnnɛ na kyerɛwsɛm a motee no seesei ara yi aba mu.” (Luka 4:21) Nnipa pii a wɔtee nea Yesu kenkanee no, ɛbɛyɛ sɛ na wɔrehwɛ kwan sɛ wobenya ahofadi afi Roma aban no nsam. Ɛbɛyɛ sɛ na wɔte nka te sɛ mmarima mmienu a wɔkaa sɛ: “Na yɛwɔ anidaso sɛ saa ɔbarima yi na wɔayi no sɛ ommegye Israel.” (Luka 24:13, 21) Nanso, yenim sɛ Yesu anka ankyerɛ n’akyidifo sɛ wɔntew atua ntia Roma aban a na ɛrehyɛ nkurɔfo no so no. Mmom, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wontua “Kaesare de mma Kaesare.” (Mat. 22:21) Enti, dɛn na Yesu yɛ de gyee nkurɔfo saa bere no?

10. Dɛn na Yesu maa nkurɔfo dee wɔn ho fii ho?

10 Onyankopɔn Ba no bɛboaa nkurɔfo ma wɔdee wɔn ho fii nneɛma mmienu ho. Nea edi kan, Yesu maa nkurɔfo dee wɔn ho fii atoro nkyerɛkyerɛ a na nyamesom akannifo no kyerɛkyerɛ no ho. Ná atetesɛm ne gyidihunu de Yudafo a na wɔwɔ Yesu bere so no pii ayɛ nkoa. (Mat. 5:31-37; 15:1-11) Wɔn a na wɔkyerɛ sɛ wɔreboa nkurɔfo ama wɔasom Onyankopɔn no, na wɔte sɛ anifuraefo. Wɔpoo Mesia no ne nokware a ɔkyerɛkyerɛe no, enti yɛbɛka a, na wɔda so te sum ne bɔne mu. (Yoh. 9:1, 14-16, 35-41) Esiane sɛ Yesu kyerɛkyerɛɛ nokware no na ɔyɛɛ nhwɛso pa nti, ɔmaa nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase huu sɛnea wɔbɛde wɔn ho afi atoro nkyerɛkyerɛ ho.​—Mar. 1:22; 2:23–3:5.

11. Dɛn ne ade a ɛto so mmienu a Yesu yɛe a ɛbɛma nnipa anya ahofadi?

11 Ade a ɛto so mmienu a Yesu yɛe a ɛbɛma adasamma anya ahofadi no, ɛbɛma yɛade yɛn ho afi bɔne a ɛde yɛn ayɛ nkoa no ho. Esiane sɛ Yesu de ne nkwa bɔɔ afɔre nti, wɔn a wonya n’afɔrebɔ no mu gyidi na wɔde wɔn nneyɛe kyerɛ saa no, Onyankopɔn betumi de wɔn bɔne akyɛ wɔn. (Heb. 10:12-18) Yesu kaa sɛ: “Sɛ Ɔba no ma mode mo ho a, mobɛde mo ho ampa.” (Yoh. 8:36) Yebetumi asi no pi sɛ, na saa ahofadi no yɛ papa kyɛn ahofadi a na Israelfo no nya no Ahofadi afe no koraa! Ɛho nhwɛso ni. Sɛ ɔbarima bi de ne ho fi nkoasom mu Ahofadi afe no a, na obetumi asan abɛyɛ akoa bio; na sɛ wammɛyɛ akoa bio mpo a, ɛnyɛ dɛn araa na obewu.

12. Henanom na wodii kan nyaa ahofadi a Yesu kaa ho asɛm no?

12 Pentekoste afe 33 Y.B. no, Yehowa de honhom kronkron sraa asomafo no ne mmarima ne mmea anokwafo bi. Ogyee wɔn yɛɛ ne mma sɛnea ɛbɛyɛ a daakye obenyan wɔn akɔ soro ama wɔne Yesu akodi ade. (Rom. 8:2, 15-17) Saa nkurɔfo yi na wodii kan nyaa ahofadi a Yesu kaa ho asɛm bere a ɔkɔɔ hyiadan a na ɛwɔ Nasaret mu no. Ná saa mmarima ne mmea yi ade wɔn ho afi Yudafo nyamesom akannifo no atoro nkyerɛkyerɛ ne wɔn atetesɛm a na ennyina Onyankopɔn Asɛm so no ho. Onyankopɔn nso buu wɔn sɛ wɔade wɔn ho afi bɔne nsunsuanso a ɛde yɛn kɔ owu mu no ho. Nhyehyɛe a Yehowa ayɛ sɛ ɔbɛma yɛasan anya ahofadi no fii ase bere a wɔde honhom kronkron sraa Kristo akyidifo afe 33 Y.B. no, na ɛbɛba awiei wɔ Yesu Mfirihyia Apem Nniso no awiei. Nneɛma pa bɛn na ɛbɛkɔ so fi saa bere yi kosi sɛ Yesu Mfirihyia Apem Nniso no bɛba awiei?

NNIPA ƆPEPEM PII NSO BENYA AHOFADI

13-14. Kristofo a wɔasra wɔn akyi no, henanom nso na wobetumi anya ahofadi a Yesu kaa ho asɛm no?

13 Ɛnnɛ, nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ koma pa a wofi aman nyinaa mu ka “nguan foforo” no ho. (Yoh. 10:16) Saa nkurɔfo yi nka nnipa a Onyankopɔn apaw wɔn sɛ wɔne Yesu nkodi ade wɔ soro no ho. Mmom, Bible ka sɛ wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so daa. Wo nso, ɛno ne w’anidaso anaa?

14 Nhyira a wɔn a wobedi ade wɔ Onyankopɔn soro Ahenni no mu nya no, ɛnnɛ wo nso wunya bi. Esiane sɛ wowɔ Yesu afɔrebɔ no mu gyidi nti, wubetumi asrɛ Yehowa hɔ bɔne fafiri. Wei ma Onyankopɔn ani sɔ wo na ɛma wunya ahonim pa wɔ n’anim. (Efe. 1:7; Adi. 7:14, 15) Kan no, na atoro nkyerɛkyerɛ agye ntini wɔ wo mu, nanso seesei woade wo ho afi ho. Ɛno nti ama woanya nhyira pii. Yesu kaa sɛ: “Mubehu nokware no, na nokware no bɛma moade mo ho.” (Yoh. 8:32) Yɛn ani agye paa sɛ yɛanya ahofadi a ɛte saa!

15. Ahofadi ne nhyira bɛn na yebetumi ahwɛ kwan sɛ yebenya daakye?

15 Wubetumi ahwɛ kwan sɛ daakye nnipa benya ahofadi a ɛkyɛn so. Ɛrenkyɛ, Yesu bɛkeka ne ho ayi atoro som ne aban a aporɔw atetew nyinaa afi hɔ. Onyankopɔn bɛbɔ “nnipakuw kɛse bi” a wɔsom no ho ban, na ɔbɛma wɔanya nhyira pii wɔ paradise wɔ asase so. (Adi. 7:9, 14) Wobenyan nnipa bebree aba nkwa mu, na wɔn a wɔbɛsom Yehowa no bɛde wɔn ho afi nsunsuanso a Adam bɔne no de aba no ho.​—Aso. 24:15.

16. Ahofadi a ɛso bi mmae da bɛn na adasamma benya daakye?

16 Mfirihyia Apem Nniso no mu no, Yesu ne ne mfɛfo adedifo no bɛboa ama adasamma ayɛ pɛ na wɔaboa ama wɔne Onyankopɔn ntam nso ayɛ papa paa. Saa bere no, wɔbɛma obiara ade ne ho afi bɔne ne sintɔ ho. Ahofadi a yebenya no te sɛ ahofadi a na Israelfo no nya wɔ Ahofadi afe no mu no. Wei kyerɛ sɛ nnipa a wɔbɛsom Yehowa nokwarem wɔ asase so no bɛyɛ pɛ, na wɔrenyɛ bɔne bio.

Wiase foforo no mu no, yɛbɛyɛ adwuma a mfaso wɔ so ama yɛn koma atɔ yɛn yam (Hwɛ nkyekyɛm 17)

17. Dɛn na Yesaia 65:21-23 ka sɛ Onyankopɔn nkurɔfo benya daakye? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

17 Sɛnea asetena bɛyɛ wɔ asase so daakye ho nkɔmhyɛ bi wɔ Yesaia 65:21-23. (Kenkan.) Saa bere no, yɛrentena hɔ kwa a yɛrenyɛ hwee. Mmom, Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔbɛtena ase saa bere no bɛyɛ adwuma a mfaso wɔ so ama wɔn koma atɔ wɔn yam. Mfirihyia Apem Nniso no ba awiei a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ “abɔde no ankasa nso benya ahofadi afi ɔporɔw nkoasom mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi mu.”​—Rom. 8:21.

18. Adɛn nti na yebetumi agye adi sɛ daakye papa bi da yɛn anim?

18 Yehowa yɛɛ nhyehyɛe maa Israelfo no sɛ wɔnyɛ adwuma sɛnea ɛsɛ na wonnye wɔn ahome sɛnea ɛsɛ. Saa ara na ɔbɛyɛ ama ne nkurɔfo wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu. Yebenya bere pii de asom Onyankopɔn. Nea ɛma obi ani gye nnɛ ne sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn, na saa na yɛbɛyɛ wɔ wiase foforo no mu. Nnipa anokwafo nyinaa betumi anya anigye wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu, efisɛ yɛbɛyɛ adwuma a ɛbɛma yɛn koma atɔ yɛn yam, na yɛn nyinaa bɛsom Yehowa.

DWOM 142 Momma Yenkura Yɛn Anidaso Mu Den

^ nky. 5 Tete no, Yehowa yɛɛ nhyehyɛe soronko bi a na ɛbɛma Israelfo no ade wɔn ho anaa wɔanya ahofadi. Ɛno ne Ahofadi afe no. Kristofo nhyɛ Mose Mmara no ase de, nanso ɛho hia sɛ yesua Ahofadi afe no ho ade. Adesua yi mu no, yebehu sɛnea Ahofadi afe a na Israelfo no di no kae yɛn nhyehyɛe bi a Yehowa ayɛ ama yɛn. Yɛbɛsan ahu sɛnea saa nhyehyɛe no betumi aboa yɛn.

^ nky. 61 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Edu Ahofadi afe no a, na wogyaa mmarima a wɔyɛ nkoa ma wɔsan kɔ wɔn abusuafo nkyɛn ne wɔn asase so.