ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM February 2016

Adesua nsɛm a yebesua April 4 kosi May 1, 2016 na ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi mu.

Yehowa Frɛɛ No “M’adamfo”

Wopɛ sɛ Yehowa yɛ w’adamfo? Hwɛ nea Abraham yɛe.

Suasua Yehowa Nnamfo

Ɛyɛɛ dɛn na Rut, Hesekia, ne Maria tumi ne Onyankopɔn faa adamfo a emu yɛ den?

Di Yehowa Nokware

Nea Yonatan yɛe betumi aboa yɛn ma yɛadi Yehowa nokware wɔ tebea nnan a ɛyɛ den mu.

Suasua Yehowa Asomfo Anokwafo

Ɔkwan bɛn so na Dawid, Yonatan, ne Natan, ne Husai dii Yehowa nokware kan?

ASETENAM NSƐM

Yehowa Ama Asi Me Yiye Wɔ Ne Som Mu

Corwin Robison de nokwaredi som Onyankopɔn mfe 73; ɔde bɛboro mfe 60 somee wɔ United States Betel.

Kɔ So Fa Anigye Som Yehowa

Sɛ wodwinnwen nneɛma mmiɛnsa bi ho a, ɛbɛboa wo ma woakɔ so anya anigye.