Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASETENAM NSƐM

Yehowa Ama Asi Me Yiye Wɔ Ne Som Mu

Yehowa Ama Asi Me Yiye Wɔ Ne Som Mu

Meka kyerɛɛ sogyani no sɛ mankɔ ɔko nti, makɔda afiase aba. Mibisaa no sɛ, “Wo nso wobɛma masan akɔda afiase anaa?” Eyi ne ne mprenu so a wɔka kyerɛɛ me sɛ menkɔka United States Asraafo ho.

WƆWOO me afe 1926 wɔ Crooksville, Ohio, wɔ United States. Ná me papa ne me maame ani nnye nyamesom ho, nanso wɔka kyerɛɛ me ne me nuanom a yɛyɛ nwɔtwe no sɛ yɛnkɔ asɔre. Mekɔɔ Metɔdist Asɔre. Bere a midii mfe 14 no, mitumi kɔɔ asɔre Kwasida biara afe mũ no nyinaa a manto mu, enti ɔsɔfo no bɔɔ m’aba so.

Margaret Walker (onuawa a ɔto so mmienu wɔ benkum so) na ɔboaa me maa misuaa nokware no

Saa bere no, na ɔbea bi te bɛn yɛn. Ná ɔyɛ Yehowa Danseni, na na ne din de Margaret Walker. Ofii ase baa me maame nkyɛn ne no bɛbɔɔ Bible mu nkɔmmɔ. Da bi, meyɛɛ sɛ mɛkɔ akotie bi. Ná me maame susuw sɛ mɛsɛe adesua no, enti ɔka kyerɛɛ me sɛ mimpue nkɔ abɔnten. Nanso, mekɔɔ so ara tiee nkɔmmɔ a na wɔrebɔ no. Bere a Margaret bɛsraa me maame mpɛn dodow bi no, obisaa me sɛ: “Wunim Onyankopɔn din?” Mekaa sɛ, “Obiara nim sɛ wɔfrɛ no Nyame.” Margaret kaa sɛ, “Fa wo Bible na bue Dwom 83:18.” Mibuei, na mihuu sɛ Onyankopɔn din de Yehowa. Mituu mmirika kɔka kyerɛɛ me nnamfo sɛ, “Sɛ mokɔ fie anadwo yi a, mummue mo Bible na monkenkan Dwom 83:18. Mubehu Onyankopɔn din wɔ hɔ.” Sɛ woka sɛ amonom hɔ ara na mifii asɛnka ase a, wudi ka.

Misuaa Bible, na mebɔɔ asu afe 1941. Ɛno akyi no, ankyɛ koraa na wɔmaa mehwɛɛ asafo nhoma adesua so. Mehyɛɛ me maame ne me nuanom nkuran sɛ wɔmmra adesua, na wɔn nyinaa fii ase baa nhoma adesua a na mehwɛ so no. Nanso, na me papa ani nnye ho.

MIHYIAA ƆSƆRETIA WƆ FIE

Wɔmaa me asɛyɛde pii wɔ asafo no mu, na migyee Yehowa Adansefo nhoma bebree. Da bi, me papa de ne nsa kyerɛɛ me nhoma no so kaa sɛ: “Woahu saa nhoma yi nyinaa? Mempɛ sɛ mehu wɔ fie ha bio, na wo nso saa ara.” Mitu fii fie, na mekɔtenaa Zanesville, Ohio. Ná ɛbɛn baabi a m’awofo te no. Nanso, na metaa kɔsra m’abusuafo no hyɛ wɔn nkuran.

Me papa yɛɛ sɛ ɔremma me maame nkɔ asafo nhyiam bio. Ɛtɔ da bi na me maame si kwan so sɛ ɔrekɔ a, na me papa adi n’akyi akɔtwe no asan aba fie. Me maame nya wuraa fie ara pɛ na wafa kwan foforo so kɔ asafo nhyiam. Meka kyerɛɛ me maame sɛ: “Ka wo koma to wo yam. Sɛ ɔyɛ ara na ɔbrɛ a, obegyae.” Akyiri yi, me papa anhaw me maame bio, na afei deɛ na otumi kɔ asafo nhyiam bere biara a ɔpɛ.

Bere a asafo no fii Teokrase Ɔsom Sukuu ase afe 1943 no, mehyɛɛ ase yɛɛ asuafo dwumadi wɔ m’asafo mu. Afotu a na wɔde ma me wɔ sukuu no mu no boaa me maa mebɛyɛɛ ɔkasafo pa.

MANKƆ ƆKO

Bere a Wiase Ko II rekɔ so afe 1944 no, wɔkaa sɛ menkɔ sraadi. Mekɔɔ Fort Hayes wɔ Columbus, Ohio. Wɔhwehwɛɛ me nipaduam, na mehyehyɛɛ nkrataa. Meka kyerɛɛ sogyafo no sɛ merenkɔ sogya. Enti wɔmaa mekɔɔ fie. Nanso, nna bi akyi no, polisini bi baa me fie bɛka kyerɛɛ me sɛ, “Corwin Robison, wɔasoma me sɛ memmɛkyere wo.”

Nnawɔtwe mmienu akyi no, wɔde me kɔɔ asɛnnibea, na ɔtemmufo no kaa sɛ, “Ɛkaa me nko a, anka mɛma wada afiase wo nkwa nna nyinaa. Wowɔ asɛm bi ka anaa?” Miyii ano sɛ: “Me Wura, ɛsɛ sɛ anka mofa no sɛ meyɛ ɔsɔfo. Meka Onyankopɔn asɛm wɔ fie biara mu, na maka Ahenni no ho asɛmpa akyerɛ nnipa pii.” Ɔtemmufo no ka kyerɛɛ asɛnni baguafo no sɛ: “Moamma ha sɛ morebɛkyerɛ sɛ aberante yi yɛ ɔsɔfo anaasɛ ɔnyɛ ɔsɔfo. Nea enti a mowɔ ha ne sɛ mobɛkyerɛ sɛ bere a wɔfrɛɛ no sɛ ɔnkɔ sraadi no, ɔkɔe anaasɛ wankɔ.” Anni simma aduasa koraa na asɛnni baguafo no kaa sɛ midi fɔ. Ɔtemmufo no kaa sɛ wɔmfa me nkɔto afiase mfe nnum wɔ Ashland, Kentucky.

YEHOWA BƆƆ ME HO BAN WƆ AFIASE

Nnawɔtwe mmienu a edi kan no, medaa afiase wɔ Columbus, Ohio. Ɛda a edi kan no, wɔamma mampue amfiri dan mu. Mebɔɔ Yehowa mpae sɛ: “Merentumi nna dan mu saa ara mfe nnum. Minhu nea menyɛ.”

Ade kyee no, awɛmfo no maa mipuei. Mekɔɔ ɔdeduani tenten gramo bi nkyɛn. Yegyinaa hɔ hwɛɛ mpomma mu. Obisaa me sɛ, “Akwatia, dɛn na ɛde wo baa ha?” Mekaa sɛ, “Meyɛ Yehowa Danseni.” Ɔkaa sɛ, “Woyɛ Yehowa Danseni? Ɛnde worepɛ dɛn wɔ ha?” Mekaa sɛ, “Yehowa Adansefo nkɔ ɔko nkokum nnipa.” Ɔkaa sɛ, “Worenkum nnipa nti na wɔde wo abɛto afiase. Ebinom nso kum nnipa ma wɔde wɔn to afiase. Wo ara wohwɛ a, ntease wom?” Mekaa sɛ, “Ntease nnim.”

Afei ɔkaa sɛ, “Midii mfe 15 wɔ afiase bi ansa na wɔde me reba ha. Mewɔ hɔ no, mekenkanee mo nhoma no bi.” Bere a ɔkaa saa no, mebɔɔ mpae sɛ, “Yehowa, boa me ma minnya akoa yi.” Ɛhɔ ara na ɔdeduani a ne din de Paul no ka kyerɛɛ me sɛ: “Sɛ saa nkurɔfo yi mu biara de ne nsa ka wo a, wo deɛ teɛɛm kɛkɛ. Mɛkyerɛ wɔn nyansa.” Enti bere a na mewɔ hɔ no, me ne nneduafo 50 no mu biara annya asɛm da.

Ná meka Adansefo a yɛankɔ sraadi nti wɔde yɛn guu afiase wɔ Ashland, Kentucky, no ho

Bere a afiase ahwɛfo no yii me kɔɔ afiase foforo wɔ Ashland no, mihyiaa anuanom mmarima bi a wɔn ho akokwaw wɔ hɔ. Wɔboaa me ne afoforo maa yɛkɔɔ so bɛn Yehowa. Ná anuanom yɛ nhyehyɛe ma yehyia. Ná wɔma yɛn dapɛn dapɛn Bible akenkan, na yɛhwehwɛɛ nsɛmmisa ne mmuae a sɛ yehyiam a yebesusuw ho. Ná yɛda dan kɛse bi mu, na na mpa no sesa so wɔ ban ho. Ná onua bi adwuma ne sɛ ɔbɛkyekyɛ asasesin ama yɛn. Ɛyɛ a ɔka kyerɛ me sɛ: “Robison, mpa wei ne wei na ɛbɛyɛ w’asasesin. Obiara a ɔbɛba abɛda so no, di no adanse. Hwɛ sɛ wubedi no adanse ansa na wɔayi no afi afiase ha.” Saa kwan yi na yɛfaa so kaa asɛm no.

NEA MIFI AFIASE BEHUI

Wiase Ko II baa awiei afe 1945, nanso midii nna kakra wɔ afiase ansa na wɔreyi me. Asɛm a me papa ka kyerɛɛ me nti, na midwen me maame ne me nuanom ho paa. Me papa kaa sɛ, “Sɛ mitumi yi wo fi m’akwan mu a, wɔn a wɔaka no deɛ ɛnyɛ den.” Bere a woyii me fi afiase no, mibehuu anwonwasɛm bi maa m’ani gyei paa. Me papa sɔretia nyinaa akyi no, na m’abusuafo nson kɔ asafo nhyiam, na na me nuabaa baako abɔ asu.

Me ne Demetrius Papageorge a ɔyɛ Kristoni a wɔasra no rekɔ asɛnka, ofii ase som Yehowa afe 1913

Bere a Korea Ko no hyɛɛ ase afe 1950 no, wɔsan ka kyerɛɛ me bio sɛ menkɔ sraadi. Wɔka kyerɛɛ me sɛ menkɔ Fort Hayes. Bere a wɔyɛɛ me sɔhwɛ kakra no, sogyani bi ka kyerɛɛ me sɛ, “Woka wɔn a wɔyɛɛ ade paa no ho.” Mekaa sɛ, “Ɛyɛ paa, nanso merenkɔ sraadi.” Mekaa asɛm a ɛwɔ 2 Timoteo 2:3 no kyerɛɛ no, na mekaa sɛ, “Meyɛ Kristo sraani dedaw.” Ɔyɛɛ komm, na ɔkaa sɛ, “Wubetumi akɔ.”

Eyi akyi bere tiaa bi no, mekɔɔ nhyiam a wɔyɛ ma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkɔ Betel no wɔ ɔmantam nhyiam bi ase wɔ Cincinnati, Ohio. Onua Milton Henschel ka kyerɛɛ yɛn sɛ wohia anuanom mmarima a wɔbɛyɛ adwumaden ama Ahenni no wɔ Betel. Mibisaa Betel som adwuma hokwan, na wɔfrɛɛ me. Mifii ase somee wɔ Brooklyn, August 1954. Meda so ara som wɔ hɔ.

Da biara minya adwuma pii yɛ wɔ Betel. Meyɛɛ mfiri a wɔde noa nsu ho adwuma wɔ baabi a wotintim nhoma ne ɔfese mfe pii. Ná mesan nso siesie mfiri ne adan nsafoa. Meyɛɛ adwuma wɔ Nhyiam Asa ahorow so wɔ New York City nso.

Mereyɛ afiri a wɔde noa nsu wɔ ɔfese ho adwuma wɔ Brooklyn Betel

M’ani gye dwumadi ahorow a ɛkɔ so wɔ Betel no ho. Ebi ne daa asɛm a yɛyɛ no anɔpa ne Ɔwɛn-Aban Adesua a Betel abusua no nyinaa bom yɛ no. Me ne asafo a mewom no nso bom kɔ asɛnka. Eyi nyinaa yɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo abusua biara yɛ no daa. Sɛ awofo ne wɔn mma susuw daa asɛm ho da biara da, wɔyɛ Abusua Som daa, wɔkɔ asafo nhyiam na wɔma mmuae, na wɔde nsi ne ahokeka ka asɛmpa no a, ɛbɛma abusua no mufo nyinaa akɔ so abɛn Yehowa.

Manya nnamfo pii wɔ Betel ne asafo no mu. Ná ebinom yɛ Kristofo a wɔasra wɔn, na seesei wɔkɔ soro. Ebinom nso nyɛ Kristofo a wɔasra wɔn. Yehowa asomfo nyinaa tɔ sin, na Betelfo nso ka ho. Sɛ me ne onua bi nya akasakasa a, mebɔ mmɔden bere nyinaa sɛ mesiesie me ne no ntam. Ɛyɛ a midwennwen Mateo 5:23, 24 ho. Na mesan dwinnwen sɛnea ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ntam nsɛmnsɛm ho. Ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛka sɛ “mepa wo kyɛw,” nanso yebetumi afa saa kwan yi so asiesie nsɛmnsɛm bebree.

ADEPA A AFI ME SOM MU ABA

Seesei me mfe akɔ anim, enti ɛyɛ den sɛ mɛyɛ afie afie asɛnka adwuma, nanso mempaa aba. Masua Mandarin Chinese kasa kakra, na m’ani gye ho sɛ me ne Chinafo bɛkasa wɔ abɔnten so. Anɔpa bi wɔ hɔ a mitumi ma nsɛmma nhoma 30 anaa 40.

Meredi Chinafo adanse wɔ Brooklyn, New York

Mayɛ sankɔhwɛ mpo wɔ China! Da bi, na ababaa fɛfɛ bi rekyekyɛ nkrataa a ɔde rebɔ nnuaba ho dawuru. Ɔserew kyerɛɛ me, na me nso meserew kyerɛɛ no. Memaa no Ɔwɛn-Aban ne Nyan! wɔ Chinese kasa mu. Ogyei, na ɔka kyerɛɛ me sɛ ne din de Katie. Ɛno akyi no, bere biara a Katie behu me no, na ɔba ma yɛbɔ nkɔmmɔ. Mekyerɛɛ no nnuaba ne atosode din wɔ Borɔfo kasa mu. Sɛ mebɔ ebi din a na ɔno nso aka adi m’akyi. Mekyerɛkyerɛɛ no Bible mu nsɛm bi nso, na ogyee Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no. Nanso, nnawɔtwe bi akyi no, manhu no bio.

Bosome bi akyi no, mede nsɛmma nhoma maa ababaa foforo bi, na ogyei. Ɔno nso, na ɔrekyekyɛ nkrataa a ɔde rebɔ nneɛma ho dawuru. Nnawɔtwe a edi hɔ no, ɔde ne fon maa me sɛ, “Wo ne China nkasa.” Mekaa sɛ, “Minnim obiara wɔ China.” Nanso, ababaa no kɔɔ so kaa sɛ minnye, enti migyee fon no, na mekaa sɛ, “Hello, Robison ni.” Nea ɔwɔ fon no so no nso kaa sɛ, “Robby, Katie ni oo. Masan kɔ China.” Mekaa sɛ, “China?” Katie buae sɛ, “Aane. Robby, wunim ababaa no a ɔde fon no maa wo no? Ɔyɛ me nuabaa. Wokyerɛkyerɛɛ me nneɛma pa pii. Mesrɛ wo sɛnea wokyerɛkyerɛɛ me no, kyerɛkyerɛ ɔno nso saa ara.” Mekaa sɛ, “Katie, mɛyɛ deɛ metumi biara. Meda wo ase sɛ woama mahu baabi a wowɔ.” Ɛno akyi bere tiaa bi no, me ne Katie nuabaa no kasae, na mante ne nka bio. Baabiara a saa mmabaa mmienu yi wɔ no, migye di sɛ wobesua Yehowa ho nneɛma pii.

Mede mfe 73 na asom Yehowa, na ɛyɛ me anigye sɛ Yehowa boaa me ma mankɔ ɔko na midii no nokware wɔ afiase. Afei nso, me nuanom ka kyerɛ me sɛ, bere a me papa sɔre tiaa me a mampa aba no, ɛhyɛɛ wɔn nkuran. Ewiee ase no, me maame ne me nuanom mmarima ne mmaa nsia bɔɔ asu. Me papa mpo suban sesaa kakra, na ɔkɔɔ Kristofo nhyiam kakra ansa na ɔrewu.

Sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ a, m’abusuafo ne me nnamfo a wɔawuwu no bɛsan aba nkwa mu wɔ wiase foforo no mu. Wo deɛ hwɛ sɛnea yɛn ani begye afa bere a yɛne yɛn adɔfo nyinaa som Yehowa daa no! *​—Hwɛ ase hɔ asɛm no.

^ nky. 32 Bere a yɛrekyerɛw saa asɛm yi na Corwin Robison wui; odii nokware maa Yehowa.