Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ So Fa Anigye Som Yehowa

Kɔ So Fa Anigye Som Yehowa

DA BƐN na w’ani gyei paa wɔ w’asetena mu? Ɛyɛ da a wowaree anaa ɛda a wowoo w’abakan? Anaa ɛda a wobɔɔ asu? Ɔkwan biara so no, ɛda a wobɔɔ asu ne da titiriw a w’ani gyei paa wɔ w’asetena mu. Saa da no, hwɛ sɛnea wo nuanom mmarima ne mmea ani gyei! Wodaa no adi sɛ wode wo koma nyinaa, wo kra nyinaa, w’adwene nyinaa, ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Onyankopɔn.​—Marko 12:30.

Ɛda adi paa sɛ, efi bere a wobɔɔ asu no, woanya anigye pii wɔ Yehowa som mu. Nanso, anigye a na adawurubɔfo binom wɔ so atew. Dɛn na ama aba saa? Dɛn nti na yebetumi akɔ so de anigye asom Yehowa?

NEA AMA EBINOM ANIGYE ASƐE

Ahenni ho asɛmpa no ma yenya anigye pii. Adɛn ntia? Efisɛ Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔnam Onyankopɔn Ahenni no so de wiase bɔne yi bɛba awiei, na ɔde wiase foforo no aba. Sefania 1:14 ka sɛ: “Yehowa da kɛse no abɛn. Abɛn na ɛrepere pɛ ntɛm.” Nanso sɛ yɛn adwene yɛ yɛn sɛ ɛda no akyɛ ba a, ebetumi asɛe yɛn anigye. Eyi betumi ama yɛayɛ Onyankopɔn som adwuma no bi ne bi.​—Mmebusɛm 13:12.

Sɛ yɛne yɛn nuanom Kristofo bɔ pii a, ɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛkɔ so de anigye som Yehowa. Ebetumi aba sɛ ɛyɛ Yehowa nkurɔfo abrabɔ pa na ɛtwee yɛn baa nokware som mu na ɛboaa yɛn ma yefii ase de anigye som Onyankopɔn. (1 Petro 2:12) Nanso sɛ onua anaa onuawa bi bu Onyankopɔn mmara so na sɛ wɔteɛ ne so a, dɛn na ebetumi de aba? Ebetumi ama asafo no mufo binom aba mu abu na asɛe wɔn anigye.

Ahonyade akyi di nso betumi asɛe yɛn anigye. Ɔkwan bɛn so? Satan wiase no pɛ sɛ ɛtwetwe yɛn ma yɛtotɔ nneɛma a yenhia ankasa. Enti ehia sɛ yɛkae Yesu asɛm yi: “Obiara ntumi nsom awuranom baanu; efisɛ sɛ wantan obiako na wannɔ ɔfoforo no a, ɔbɛbata obiako ho na wabu ɔfoforo no animtiaa. Muntumi nsom Onyankopɔn ne Ahonyade.” (Mateo 6:24) Yɛrentumi mfa anigye nsom Yehowa na bere koro no ara nso yɛayere yɛn ho sɛ yebenya wiase no mu nneɛma nyinaa bi.

FA ANIGYE SOM YEHOWA

Yehowa som nyɛ den mma wɔn a wɔdɔ no. (1 Yohane 5:3) Momma yɛnkae Yesu asɛm yi: “Mo a moabrɛ na wɔde nnesoa asoa mo nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ho adwo mo. Momfa me kɔndua nto mo ho so na munsua me, efisɛ midwo, na mebrɛ me ho ase koma mu, na mubenya ɔhome ama mo kra. Na me kɔndua yɛ mmerɛw na m’adesoa yɛ hare.” (Mateo 11:28-30) Esiane sɛ yɛyɛ nokware Kristofo nti, yɛwɔ anigye ne akomatɔyam. Yɛwɔ nea enti paa a ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye wɔ Yehowa som mu. Momma yensusuw emu mmiɛnsa ho.​—Habakuk 3:18.

Yɛsom Yɛn Nkwamafo, anigye Nyankopɔn no. (Asomafo Nnwuma 17:28; 1 Timoteo 1:11) Yenim sɛ yɛn Bɔfo no na ɔmaa yɛn nkwa. Sɛ yɛbɔɔ asu akyɛ oo, sɛ yɛbɔɔ asu nkyɛe oo, momma yɛnkɔ so mfa anigye nsom no.

Héctor ma Ahenni ho anidaso no tena n’adwenem, na ɔyere ne ho yɛ asɛnka adwuma no, na eyi nsɛee n’anigye

Ma yɛnhwɛ Héctor. Ɔde mfe 40 asom Yehowa sɛ ɔhwɛfo kwantufo. Ɛwom sɛ ‘wafuw dwen’ anaa ne mfe akɔ anim deɛ, nanso ɔde anigye resom Yehowa. (Dwom 92:12-14) Héctor yere yare, na ama ontumi nyɛ pii wɔ Onyankopɔn som mu, nanso n’anigye nsɛee. Héctor ka sɛ: “Ɛyɛ yaw sɛ me yere apɔwmuden resɛe na ne hwɛ nso ayɛ den, nanso memmaa ɛno nsɛee anigye a mede resom nokware Nyankopɔn no. Minim sɛ Yehowa na ɔmaa me nkwa. Biribi nti na ɔbɔɔ nnipa, na ɛno ama medɔ no paa, na mede me koma nyinaa resom no. Mebɔ mmɔden sɛ mɛyere me ho wɔ asɛnka adwuma no mu, na mema Ahenni ho anidaso no tena m’adwene mu fann sɛnea ɛbɛyɛ a, m’anigye rensɛe.”

Yehowa de agyede afɔre no ama yɛn. Eyi ma yenya asetena a anigye wom. Bible ka sɛ: “Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ɔkyerɛ no mu gyidi no ansɛe na mmom wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Nokwarem no, sɛ yenya agyede a Onyankopɔn ayi ne yam de akyɛ yɛn no mu gyidi a, yebetumi anya bɔne fafiri ne daa nkwa. Eyi yɛ ade titiriw paa a enti ɛsɛ sɛ yɛn ani sɔ agyede no! Agyede no ho anisɔ a yɛwɔ bɛkanyan yɛn ma yɛde anigye asom Yehowa.

Jesús gyaee sika akyi di na ɔde anigye som Yehowa mfe pii

Onua bi a ne din de Jesús a na ɔte Mexico kae sɛ: “Ná m’adwuma de me ayɛ akoa. Ɛtɔ da a na mede nnɔnhwerew pii yɛ adwuma a mempɔn, nanso na obiara nhyɛɛ me sɛ menyɛ saa. Sika nti na na meyɛ saa. Afei misuaa Yehowa ho ade ne sɛnea ɔde ne Dɔba no maa adesamma. Ná ɛwɔ me komam paa sɛ mɛsom Yehowa. Enti mihyiraa me ho so maa Yehowa. Ná me ne adwumakuw no ayɛ adwuma mfe 28, nanso misii gyinae sɛ megyae na mayɛ bere nyinaa som adwuma. Saa na Jesús de anigye fii ase som Yehowa.”

Yɛn abrabɔ ho tew, ɛma yɛn ani gye. Wokae sɛnea na w’abrabɔ te ansa na woresua Yehowa ho ade? Ɔsomafo Paulo kaee Kristofo a wɔwɔ Roma no sɛ na ‘wɔyɛ bɔne nkoa’ nanso ‘wɔabɛyɛ trenee nkoa.’ Esiane sɛ na wɔn abrabɔ ho tew nti, na wobetumi ahwɛ kwan sɛ wobenya daa nkwa. (Romafo 6:17-22) Yɛn nso yedi Yehowa mmara so, enti yɛade yɛn ho afi ɔhaw a ɔbrasɛe anaa basabasayɛ de ba ho. Anigyesɛm bɛn ni!

“Mmere a m’ani agye paa wɔ m’asetena mu ne nea mede asom Yehowa no.”​—Jaime

Hwɛ Jaime asɛm yi nso. Ná onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, saa ara nso na na ogye di sɛ mmoa na ɛdannan bɛyɛɛ nnipa. Afei nso na ɔbɔ akuturuku. Jaime fii ase kɔɔ Kristofo nhyiam, na ɔdɔ a anuanom daa no adi no kaa ne koma paa. Ná ɛsɛ sɛ Jaime ma Yehowa boa no ma onya ne mu gyidi na watumi asesa n’abrabɔ. Jaime ka sɛ: “Nkakrankakra mibehuu sɛ Agya a ɔwɔ ɔdɔ ne Onyankopɔn mmɔborɔhunufo bi wɔ hɔ. Yehowa mmara a madi so no abɔ me ho ban. Sɛ mansesa m’abrabɔ a, anka saa bere yi mawu te sɛ me nnamfo binom a na wɔbɔ akuturuku no. Mmere a m’ani agye paa wɔ m’asetena mu ne nea mede asom Yehowa no.”

MPA ABAW!

Bere a yɛretwɛn sɛ wiase bɔne yi bɛba awiei no, adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yenya? Kae sɛ, yɛreyɛ Onyankopɔn apɛde na yɛrehwɛ kwan nso sɛ yebenya daa nkwa. Bible ka sɛ: “Enti mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu, na sɛ yɛampa abaw a, yebetwa so aba bere a ɛsɛ mu.” (Galatifo 6:8, 9) Bere a Yehowa reboa yɛn yi, momma yɛntɔ yɛn bo ase, na yɛnyere yɛn ho nnya suban a ɛbɛma yɛatwa “ahohiahia kɛse” no, na yɛnkɔ so mfa anigye nsom Yehowa.​—Adiyisɛm 7:9, 13, 14; Yakobo 1:2-4.

Yebetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ yɛkɔ so som Yehowa a, ne werɛ remfi yɛn efisɛ onim adwuma a yɛreyɛ, ne ɔdɔ a yɛwɔ ma ɔno ne ne din. Sɛ yɛkɔ so de anigye som Yehowa a, yɛbɛka asɛm a odwontofo Dawid kae no bi. Ɔkaa sɛ: “Mede Yehowa asi m’anim daa. Ɔwɔ me nifa nti, merenhinhim da biara da. Ɛno nti me koma bɛtɔ me yam, na m’anuonyam adi ahurusi. Me honam nso bɛtena hɔ dwoodwoo.”​—Dwom 16:8, 9.