Suasua Yehowa Asomfo Anokwafo
“Ɔnokwafo na wo ne no bedi no nokwaredi mu.”—DWOM 18:25.
NNWOM: 63, 43
1, 2. Dɛn na Dawid yɛe de kyerɛe sɛ odi Onyankopɔn nokware? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)
NÁ Saul ne n’asraafo 3,000 rehwehwɛ Dawid wɔ Yuda sare so akum no. Nanso anadwo bi, Dawid ne ne mmarima no huu baabi a Saul ne n’asraafo no wɔ. Ná wɔn nyinaa adeda, enti Dawid ne Abisai nantew bɔkɔɔ faa asraafo no mu kohuu Saul. Abisai ka guu Dawid asom sɛ: “Ma memfa peaw nwɔ no biako pɛ nsi fam, merenwɔ no mprenu.” Nanso Dawid amma Abisai ankum Saul. Ɔka kyerɛɛ Abisai sɛ: “Nni no awu, na hena na wateɛ ne nsa aka nea Yehowa asra no na wafa ne ho adi pɛn?” Afei Dawid kaa sɛ: “Ɛmpare me sɛ megyina Yehowa anim ateɛ me nsa aka nea Yehowa asra no!”—1 Samuel 26:8-12.
2 Ná Dawid nim nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ na ama wadi Yehowa nokware. Ná onim sɛ ɛsɛ sɛ onya obu ma Saul, na amma ne tirim mpo sɛ ɔbɛyɛ no bɔne bi. Adɛn ntia? Efisɛ Onyankopɔn na oyii Saul sɛ onni Israel so hene. Sɛnea na ɛte Dwom 18:25.
tete no, ɛnnɛ nso Yehowa pɛ sɛ n’asomfo nyinaa di no nokware na wonya obu ma wɔn a wama wɔn tumi no.—Kenkan3. Dɛn na Abisai yɛe de dii Dawid nokware?
3 Ná Abisai bu Dawid efisɛ na onim sɛ Onyankopɔn na wayi Dawid sɛ onni hene. Nanso Dawid yɛɛ bɔne a emu yɛ duru bere a ɔbɛyɛɛ ɔhene no. Ɔne Uria yere dae, na akyiri yi ɔka kyerɛɛ Yoab sɛ ɔnhwɛ mma wonkum Uria wɔ ɔko mu. (2 Samuel 11:2-4, 14, 15; 1 Beresosɛm 2:16) Ná Abisai nua ne Yoab, enti ɛbɛyɛ sɛ Abisai tee nea Dawid yɛe no, nanso ɔkɔɔ so nyaa obu maa Dawid. Afei nso, na Abisai yɛ asraafo so panyin, enti na anka obetumi ama ne ho so adi hene nanso wanyɛ saa. Mmom no, ɔsom Dawid na ɔbɔɔ ne ho ban fii n’atamfo nsam.—2 Samuel 10:10; 20:6; 21:15-17.
4. (a) Dɛn na Dawid yɛe de dii Onyankopɔn nokware? (b) Nhwɛso bɛn bio na yebesusuw ho?
4 Dawid dii Yehowa nokware ne nkwa nna nyinaa. Bere a na ɔyɛ aberante no, okum ɔbran Goliat a ɔkasa tiaa Yehowa ne Israelfo no. (1 Samuel 17:23, 26, 48-51) Bere a Dawid yɛ ɔhene no, Yehowa diyifo Natan koyii no ntɛn wɔ ne bɔne ho. Ntɛm ara na Dawid gye toom sɛ wayɛ bɔne, na onuu ne ho. (2 Samuel 12:1-5, 13) Akyiri yi, bere a Dawid bɔɔ akwakoraa no, ɔde nneɛma pii mae ma wɔde sii Yehowa asɔrefie no. (1 Beresosɛm 29:1-5) Yɛahu sɛ Dawid yɛɛ bɔne ahorow a emu yɛ duru deɛ, nanso odii Yehowa nokware bere nyinaa. (Dwom 51:4, 10; 86:2) Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea Dawid ne afoforo a wɔtenaa ase wɔ ne bere so yɛe, na yɛasua sɛ yebedi Yehowa nokware kan asen onipa biara. Yɛbɛsan nso ahwɛ suban afoforo a ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ saa.
WUBEDI YEHOWA NOKWARE?
5. Dɛn na yesua fi mfomso a Abisai dii no mu?
5 Bere a Abisai pɛ sɛ okum Saul no, na ɔreyɛ saa de adi Dawid nokware. Nanso esiane sɛ na Dawid nim sɛ ɛyɛ mfomso sɛ ɔbɛyɛ “nea Yehowa asra no” bɔne nti, wamma Abisai ankum no. (1 Samuel 26:8-11) Yesua biribi titiriw bi fi saa asɛm yi mu: Sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ yesi nea ɛfata sɛ yedi no nokware kan ho gyinae a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ Bible nnyinasosɛm a ebetumi aboa yɛn wɔ tebea a ɛte saa mu.
Nokware a yebedi ama Yehowa no ho hia paa sen nokware a yebedi obi foforo biara
6. Ɛwom sɛ ɛnyɛ nwonwa sɛ yebedi yɛn abusuafo ne yɛn nnamfo nokware deɛ, nanso adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye?
6 Ɛnyɛ nwonwa sɛ yebedi obi a yɛdɔ no te sɛ yɛn adamfo anaa yɛn busuani nokware. Esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti, yɛn koma betumi adaadaa yɛn. (Yeremia 17:9) Sɛ yɛn dɔfo bi yɛ nneɛma bɔne na ofi nokware no mu a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ nokware a yebedi ama Yehowa no ho hia paa sen nokware a yebedi ama obi foforo biara.—Kenkan Mateo 22:37.
7. Dɛn na onuawa bi yɛe de dii Onyankopɔn nokware wɔ tebea bi a ɛyɛ den mu?
[1] (Hwɛ awiei asɛm no.) Anne maame kaa sɛ esiane sɛ ne busuani biara mpɛ sɛ ɔne no kasa nti, n’ani nnye koraa. Eyi maa Anne werɛ howee, na ɔka kyerɛɛ ne maame sɛ ɔbɛkyerɛw no ama no mmuae. Ansa na Anne rekyerɛw krataa no, odwinnwen Bible nnyinasosɛm bi ho. (1 Korintofo 5:11; 2 Yohane 9-11) Afei, ɔde nidi kaa no wɔ krataa no mu sɛ, ne maame mmom na bere a ɔyɛɛ bɔne na wannu ne ho no ogyaa abusua no hɔ. Anne ka kyerɛɛ ne maame sɛ ade baako pɛ a ɛbɛma wasan anya anigye ne sɛ ɔbɛsan aba Yehowa nkyɛn.—Yakobo 4:8.
7 Sɛ wɔatu wo busuani bi afi asafo no mu a, wubetumi ama Yehowa ahu sɛ wudi no nokware. Nhwɛso bi ni. Da bi, Anne maame a wɔatu no frɛɛ Anne wɔ fon so ka kyerɛɛ no sɛ ɔpɛ sɛ ɔbɛsra no.8. Suban bɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛadi Onyankopɔn nokware?
8 Ná Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔtenaa ase wɔ Dawid bere so no nso brɛ wɔn ho ase, wɔn yam ye, na na wɔwɔ akokoduru. Momma yɛnhwɛ sɛnea saa suban yi bɛtumi aboa yɛn ma yɛadi Yehowa nokware.
ƐSƐ SƐ YƐBRƐ YƐN HO ASE
9. Adɛn nti na Abner yɛɛ n’adwene sɛ obekum Dawid?
9 Bere a Dawid de Goliat ti brɛɛ Ɔhene Saul no, Saul ba Yonatan ne Israel sahene Abner hui. Yonatan ne Dawid faa adamfo, na Yonatan kɔɔ so dii Dawid nokware. (1 Samuel 17:57–18:3) Nanso, ɛnyɛ bere nyinaa na Abner dii Dawid nokware. Akyiri yi, Abner boaa Saul bere a na Saul pɛ sɛ okum Dawid no. (1 Samuel 26:1-5; Dwom 54:3) Ná Yonatan ne Abner nyinaa nim sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ Dawid bɛyɛ Israel hene a odi hɔ. Nanso Saul wu akyi no, Abner ammoa Dawid. Ɔyɛɛ n’adwene mpo sɛ ɔbɛma Saul babarima Is-Boset adi hene. Akyiri yi, ebetumi aba mpo sɛ na Abner pɛ sɛ ɔno ankasa di hene, na ɛbɛyɛ sɛ ɛno nti na ɔne Ɔhene Saul yerenom baako dae no. (2 Samuel 2:8-10; ) Adɛn nti na na ɛsono adwene a Yonatan wɔ wɔ Dawid ho, ɛnna ɛsono Abner deɛ koraa? Nea enti a ɛte saa ne sɛ na Yonatan di Yehowa nokware, na na ɔbrɛ ne ho ase, nanso na Abner nte saa. 3:6-11
10. Adɛn nti na Absalom anni Onyankopɔn nokware?
10 Esiane sɛ na Ɔhene Dawid ba Absalom nni ahobrɛase nti, wanni Onyankopɔn nokware. Ná ɔpɛ sɛ odi hene, enti ɔmaa wɔyɛɛ “teaseɛnam maa no, na onyaa apɔnkɔ ne mmarima aduonum a wotu mmirika di n’anim.” (2 Samuel 15:1) Ɔsan nso wiaa Israelfo pii koma ma wobedii n’akyi. Ɛwom sɛ na Absalom nim sɛ Yehowa na oyii ne papa Dawid sɛ Israel hene deɛ, nanso ɔyɛɛ n’adwene sɛ obekum no.—2 Samuel 15:13, 14; 17:1-4.
11. Dɛn na yebetumi asua afi Abner, Absalom, ne Baruk asɛm no mu?
11 Sɛ obi nni ahobrɛase na n’ani bere tumidi a, ɛyɛ den sɛ obedi Onyankopɔn nokware. Yɛdɔ Yehowa, na yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ nea yɛpɛ na yɛayɛ atirimɔdenfo te sɛ Abner ne Absalom. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛn ani ammere sika anaa adwuma a ɛbɛma yɛate nka sɛ yɛyɛ nnipa titiriw. Eyi bɛsɛe yɛne Yehowa ntam. Bere bi, na Baruk a ɔyɛ Yeremia kyerɛwfo no pɛ sɛ onya biribi a onni, na na ama n’ani nnye Onyankopɔn som mu bio. Enti Yehowa ka kyerɛɛ Baruk sɛ: “Hwɛ! Nea misii no, meredwiriw agu, na nea miduae no nso, meretutu, na ɛbɛba asase no nyinaa so. Nanso wo de, nneɛma akɛse na worehwehwɛ. Gyae hwehwɛ.” (Yeremia 45:4, 5) Baruk tiee Yehowa. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yetie Yehowa, efisɛ ɛrenkyɛ na Yehowa asɛe wiase bɔne yi.
Sɛ woka kyerɛ wo nua sɛ onkohu asafo mu mpanyimfo ma wɔmmoa no a, na woreda ayamye adi akyerɛ no, na na woredi Yehowa nokware
12. Kyerɛ nea enti a sɛ yɛyɛ nea yɛpɛ a, yɛrentumi nni Onyankopɔn nokware.
12 Daniel yɛ onua a ɔwɔ Mexico, na na ɛsɛ sɛ ohu onii a ɛsɛ sɛ odi no nokware. Ná ɔpɛ sɛ ɔware ababaa bi a ɔnsom Yehowa. Daniel ka sɛ: “Bere a mifii akwampae adwuma ase mpo no, na meda so ara kyerɛw no.” Nanso afei, Daniel huu sɛ nea ne koma pɛ na ɔreyɛ. Ná nea ɔreyɛ no nkyerɛ sɛ ɔredi Yehowa nokware. Enti afei ohuu sɛ ɛsɛ
sɛ ɔbrɛ ne ho ase. Enti ɔkaa ababaa no ho asɛm kyerɛɛ asafo mu panin bi a ne ho akokwaw. Daniel ka sɛ: “Onua no boaa me ma mihuu sɛ, sɛ metumi adi Onyankopɔn nokware a, ɛnsɛ sɛ mekyerɛw ababaa no bio. Misui paa, na mebɔɔ mpae pii. Ɛno akyi no, mankyerɛw ababaa no bio. Ankyɛ na minyaa anigye kɛse wɔ asɛnka adwuma no mu.” Seesei Daniel aware ɔbaa a ɔdɔ Yehowa, na ɔresom sɛ ɔmansin sohwɛfo.YEDI ONYANKOPƆN NOKWARE A, ƐBOA MA YƐDA AYAMYE ADI
13. Bere a Dawid yɛɛ bɔne no, dɛn na Natan yɛe de dii Onyankopɔn ne Dawid nyinaa nokware?
13 Sɛ yedi Yehowa nokware a, yebetumi adi afoforo nso nokware na yɛaboa wɔn yiye. Odiyifo Natan kɔɔ so dii Yehowa nokware, na odii Dawid nso nokware. Bere a Dawid faa obi yere na ɔsan kum ɔbarima no, Yehowa somaa Natan ma ɔkɔkaa Dawid anim. Ná Natan wɔ akokoduru, na otiee Yehowa. Ɔyɛɛ n’adeɛ nyansam, na ɔne Dawid kasaa ayamye mu. Ná ɔpɛ sɛ Dawid hu sɛ bɔne a Dawid ayɛ no mu yɛ duru. Enti ɔkaa ɔdefo bi a owiaa ohiani bi guan koro pɛ ho asɛm kyerɛɛ Dawid. Bere a Dawid tee asɛm yi no, nea ɔdefo no yɛe no maa ne bo fuwii paa. Afei Natan kaa sɛ: “Wo ara wone ɔbarima no!” Dawid hui sɛ wayɛ Yehowa bɔne.—2 Samuel 12:1-7, 13.
14. Wobɛyɛ dɛn adi Yehowa ne w’adamfo anaa wo busuani nokware?
14 Sɛ wowɔ ayamye a, wubetumi adi Yehowa nokware kan na woadi afoforo nso nokware. Nhwɛso bi ni. Ebia wowɔ adanse a ɛkyerɛ sɛ onua bi ayɛ bɔne a emu yɛ duru. Sɛ ɔyɛ w’adamfo paa anaa wo busuani a, ebia wopɛ sɛ wokɔ so di no nokware. Wonim nso sɛ ɛho hia paa sɛ wudi Yehowa nokware. Enti sɛnea Natan yɛe no, tie Yehowa, nanso wo ne wo nua no nni no ayamye mu. Ka kyerɛ no sɛ ɔnkɔ asafo mu mpanyimfo hɔ nkɔhwehwɛ mmoa, na ma onhu sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ no ntɛm. Sɛ wanyɛ saa a, ɛnde ɛsɛ sɛ wo ara woka kyerɛ asafo mu mpanyimfo no. Sɛ woyɛ saa a, na woredi Yehowa nokware. Bere koro no ara na wo ne wo nua no redi no ayamye so, efisɛ asafo mu mpanyimfo no betumi aboa no ma ɔne Yehowa ntam asan ayɛ papa bio. Wɔbɛteɛ ne so wɔ odwo mu.—Kenkan Leviticus 5:1; Galatifo 6:1.
YEHIA AKOKODURU NA AMA YƐATUMI ADI ONYANKOPƆN NOKWARE
15, 16. Adɛn nti na na ɛsɛ sɛ Husai nya akokoduru na ama watumi adi Onyankopɔn nokware?
15 Ná Husai ka Ɔhene Dawid nnamfo a wodi no nokware no ho. Bere a na nkurɔfo pɛ sɛ Absalom di wɔn so hene no, na Husai hia akokoduru na ama wakɔ so adi Dawid ne Onyankopɔn nokware. 2 Samuel 15:13; 16:15) Dɛn na Husai yɛe? Ogyaee Dawid akyi di kɔboaa Absalom anaa? Dabi. Ɛwom sɛ na Dawid abɔ akwakoraa na na nkurɔfo pii pɛ sɛ wokum no deɛ, nanso Husai kɔɔ so dii no nokware efisɛ na onim sɛ Yehowa na ayi Dawid sɛ ɔhene. Enti Husai kohyiaa Dawid wɔ Ngo Bepɔw no so.—2 Samuel 15:30, 32.
Ná Husai nim sɛ Absalom ne n’asraafo aba Yerusalem na Dawid nso aguan. (16 Dawid ka kyerɛɛ Husai sɛ ɔnsan nkɔ Yerusalem na ɔnkɔyɛ ne ho sɛ Absalom adamfo sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ama Absalom atie ɔno mmom afotu sen sɛ obetie Ahitofel deɛ. Ná Husai wɔ akokoduru, na ɔde ne nkwa too asiane mu tiee Dawid, na ɔkɔɔ so dii nokware maa Yehowa. Dawid bɔɔ mpae sɛ Yehowa mmoa Husai, na saa na ɛbae. Absalom tiee Husai afotu, na ɔbɔɔ Ahitofel deɛ gui.—2 Samuel 15:31; 17:14.
17. Adɛn nti na yehia akokoduru na ama yɛadi nokware?
17 Ehia sɛ yenya akokoduru na ama yɛatumi adi Yehowa nokware na yɛatie no mmom sen sɛ yɛbɛyɛ nea yɛn abusuafo, wɔn a yɛne wɔn yɛ adwuma, anaa aban mpanyimfo pɛ sɛ yɛyɛ. Nhwɛso bi ni. Taro wɔ Japan. Ne mmofraase pɛɛ na ɔyɛɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛma n’awofo ani agye. Otiee wɔn na odii wɔn nokware; ɛnyɛ sɛ na ɛsɛ sɛ otie wɔn ara nti na ɔyɛ saa, na mmom esiane sɛ na ɔdɔ wɔn ntia. Nanso, bere a ɔne Yehowa Adansefo fii ase suaa ade no, na n’awofo pɛ sɛ ogyae. Eyi maa ne werɛ howee, na ɛyɛɛ den maa no paa sɛ ɔbɛka akyerɛ n’awofo sɛ wayɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ asafo nhyiam. Taro ka sɛ: “Wɔn bo fuwii paa, na wɔka kyerɛɛ me sɛ mma memma wɔn fie bio. Mebɔɔ mpae sɛ Yehowa mma me akokoduru na menkɔ so nsom no. Seesei deɛ, wɔn bo adwo kakra, na mitumi kɔsra wɔn daa.”—Kenkan Mmebusɛm 29:25.
18. Adesua yi aboa wo sɛn?
18 Momma yɛn nso yenni Yehowa nokware na yennya akomatɔyam a Dawid, Yonatan, Natan, ne Husai nyae no bi. Yɛmpɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade te sɛ Abner ne Absalom a wɔanni nokware no. Nokwarem no, yɛnyɛ pɛ, na yedi mfomso. Nanso, momma yɛmma Yehowa nhu sɛ ade a ehia yɛn paa wɔ yɛn asetenam ne sɛ yebedi no nokware.
^ [1] (nkyekyɛm 7) Wɔasesa edin ahorow no bi.