Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Suasua Yehowa Nnamfo

Suasua Yehowa Nnamfo

“Wɔn a wosuro Yehowa na ɔne wɔn di atirimsɛm.”​—DWOM 25:14.

NNWOM: 106, 118

1-3. (a) Adɛn nti na yebetumi aka sɛ yebetumi abɛyɛ Onyankopɔn nnamfo? (b) Henanom na yebesusuw wɔn ho wɔ adesua yi mu?

BIBLE ma yehu sɛ na Abraham yɛ Onyankopɔn adamfo. (Yesaia 41:8; Yakobo 2:23) Ɔno nko ara ne onipa a wɔahyɛ da afrɛ no Onyankopɔn adamfo wɔ Bible mu. Enti ɛno kyerɛ sɛ Abraham nko ara ne onipa a ɔbɛyɛɛ Yehowa adamfo anaa? Dabi. Bible ma yehu sɛ yɛn nyinaa betumi abɛyɛ Yehowa nnamfo.

2 Onyankopɔn Asɛm ma yehu mmarima ne mmea anokwafo pii a na wosuro Yehowa. Wonyaa ne mu gyidi na wɔbɛyɛɛ ne nnamfo. (Kenkan Dwom 25:14.) Eyinom ka “adansefo mununkum kɛse” a Paulo kaa wɔn ho asɛm no ho. Ná saa nkurɔfo no nyinaa yɛ Onyankopɔn nnamfo.​—Hebrifo 12:1.

3 Momma yensusuw Yehowa nnamfo mmiɛnsa a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no ho: (1) Rut, Moabni ababaa kunafo nokwafo no, (2) Hesekia, Yuda hene bi a na ɔyɛ ɔnokwafo, ne (3) Maria, Yesu maame hobrɛasefo no. Sɛ yɛhwɛ nea ɛyɛe a wɔn mu biara bɛyɛɛ Onyankopɔn adamfo a, dɛn na yebetumi asua afi mu?

ƆYƐƐ ADƆE

4, 5. Gyinae a ɛyɛ den bɛn na na ɛsɛ sɛ Rut si, na adɛn nti na na ɛyɛ den saa? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

4 Naomi ne ne nsenom, Rut ne Orpa retwa kwantenten afi Moab akɔ Israel. Woduu kwan so baabi no, Orpa san n’akyi kɔɔ ne kurom Moab. Nanso Naomi deɛ na wasi ne bo sɛ ɔbɛsan akɔ ne kurom Israel. Na Rut nso ɛ? Ná ɛsɛ sɛ osi gyinae bi a ɛyɛ den paa. Ná ɔbɛsan n’akyi akɔ n’abusuafo nkyɛn wɔ ne kurom Moab, anaa ɔbɛkɔ so de ne ho abɔ n’ase Naomi na ɔne no akɔ Betlehem?​—Rut 1:1-8, 14.

5 Ná Rut abusuafo te Moab. Anka obetumi asan akɔ wɔn nkyɛn ma wɔahwɛ no. Ná onim Moabfo, ná ɔte wɔn kasa, na na onim wɔn amammerɛ nso. Ná Naomi rentumi mma Rut nnya awerɛhyem sɛ obetumi aboa no ma wanya nnamfo wɔ Betlehem, wate ɛhɔ kasa, na wahu wɔn amammerɛ. Afei nso, ná ɛyɛ Naomi sɛ anhwɛ a na wannya kunu anaa ofie amma Rut. Enti Naomi ka kyerɛɛ Rut sɛ ɔnsan nkɔ Moab. Orpa deɛ, sɛnea yehui no, ‘ɔsan kɔɔ ne nkurɔfo ne n’anyame nkyɛn.’ (Rut 1:9-15) Nanso Rut yɛɛ n’adwene sɛ ɔrensan nkɔ ne nkurɔfo ne wɔn atoro anyame no nkyɛn.

6. (a) Gyinae pa bɛn na Rut sii? (b) Adɛn nti na Boas kae sɛ Rut ahwehwɛ ahobammɔ wɔ Yehowa ntaban ase?

6 Ɛbɛyɛ sɛ Rut kunu anaa Naomi na ɔboaa Rut ma ohuu Yehowa. Rut hui sɛ Yehowa nte sɛ Moabfo anyame no. Ná Rut dɔ Yehowa, na na onim sɛ ɛsɛ sɛ ɔdɔ Yehowa na ɔsom no. Enti Rut sii gyinae pa. Ɔka kyerɛɛ Naomi sɛ: “Wo man bɛyɛ me man, na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn.” (Rut 1:16) Sɛ yesusuw sɛnea na Rut dɔ Naomi no ho a, ɛka yɛn koma paa. Nanso nea ɛkyɛn saa koraa ne sɛnea na Rut dɔ Yehowa no. Ɔdɔ a na Rut wɔ ma Yehowa no kaa Boas nso koma. Akyiri yi, Boas kamfoo Rut sɛ ‘wabɛhyɛ Yehowa ntaban ase.’ (Kenkan Rut 2:12.) Asɛm a Boas kae no ma yɛkae sɛnea anomaa ba hwehwɛ ahobammɔ wɔ ne maame ntaban ase no. (Dwom 36:7; 91:1-4) Yehowa bɔɔ Rut nso ho ban, na ne gyidi nti ohyiraa no. Rut annu ne ho da sɛ osii saa gyinae no.

7. Dɛn na ebetumi aboa wɔn a wɔtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wobehyira wɔn nkwa so ama Yehowa no?

7 Nnipa pii sua Yehowa ho ade, nanso wɔmmfa wɔn ho nnhyɛ n’ase. Wɔtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wobehyira wɔn nkwa so ama Yehowa na wɔabɔ asu. Sɛ saa na wote a, susuw nea enti a wotwentwɛn wo nan ase no ho. Onipa biara som nyame bi. (Yosua 24:15) Enti ɛyɛ papa sɛ wobɛsom nokware Nyankopɔn no. Sɛ wuhyira wo ho so ma Yehowa a, woda no adi sɛ wugye di sɛ ɔbɛbɔ wo ho ban. Ɛmfa ho nsɛnnennen biara a ebia worehyia no, Yehowa bɛboa wo ma woakɔ so asom no. Saa ara na Onyankopɔn boaa Rut.

“ƆBATAA YEHOWA HO”

8. Ka Hesekia asetena ho asɛm.

8 Ɛsono ntetee a Rut nyae, ɛnna ɛsono Hesekia de koraa. Ná Hesekia fi ɔman a wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn mu. Nanso ɛnyɛ Israelfo nyinaa na wɔkɔɔ so dii nokware. Ná Hesekia papa Ɔhene Ahas yɛ otirimɔdenfo. Ná ommu Onyankopɔn asɔrefie no, na ɔmaa ɔman no som anyame foforo. Ahas maa wɔhyew Hesekia nua mmarima bi animono so de bɔɔ afɔre maa anyame foforo. Hesekia huu amane paa wɔ ne mmofraase!​—2 Ahene 16:2-4, 10-17; 2 Beresosɛm 28:1-3.

9, 10. (a) Adɛn nti na na ɛnyɛ den koraa sɛ anka Hesekia bo betumi afuw? (b) Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛn bo fuw Onyankopɔn? (d) Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ ntetee a obi nya na ɛbɛkyerɛ onipa ko a ɔbɛyɛ?

9 Anka Ahas nhwɛso bɔne no betumi ama Hesekia bo afuw Yehowa. Ɛnnɛ, ebinom afa tebea a ennu nea Hesekia faa mu no, na wɔte nka sɛ ɛfata sɛ wɔn ‘koma huru hyɛ Yehowa’ anaa wɔn bo fuw n’ahyehyɛde no. (Mmebusɛm 19:3) Afoforo nso susuw sɛ nhwɛso pa a wɔn abusuafo anyɛ amma wɔn nti, ebetumi ama wɔn asetena ayɛ basaa anaa wɔadi mfomso a wɔn awofo dii no bi. (Hesekiel 18:2, 3) Nanso adwene a ɛte saa fata?

10 Hesekia asetena mu nsɛm ma yehu sɛ saa asɛm no nyɛ nokware! Biribiara nni hɔ a ɛsɛ sɛ ɛma obi bo fuw Yehowa. Ɛnyɛ ɔno na ɔma nneɛma bɔne ba nnipa so. (Hiob 34:10) Ɛwom, awofo betumi akyerɛkyerɛ wɔn mma ma wɔayɛ nneɛma pa anaa nneɛma bɔne. (Mmebusɛm 22:6; Kolosefo 3:21) Nanso eyi nkyerɛ sɛ ntetee a yenya fi yɛn abusua mu na ɛbɛkyerɛ nipa kõ a yɛbɛyɛ. Adɛn nti na yɛreka saa? Efisɛ Yehowa ama yɛn akyɛde a ɛma yetumi yɛ nea yɛpɛ. Ɛkyerɛ sɛ yebetumi asi gyinae sɛ yɛbɛyɛ papa anaa bɔne. (Deuteronomium 30:19) Hesekia de saa akyɛde a ɛsom bo no dii dwuma sɛn?

Ɛmfa ho sɛ mmabun pii abusuafo anyɛ nhwɛso pa amma wɔn no, wɔagye nokware no (Hwɛ nkyekyɛm 9, 10)

11. Dɛn na ɛmaa Hesekia bɛyɛɛ Yuda ahemfo a wɔyɛ papa paa no mu baako?

11 Ɛwom sɛ na Hesekia papa yɛ Yuda ahemfo a wonye koraa no mu baako deɛ, nanso Hesekia bɛyɛɛ Yuda ahemfo a na wɔyɛ papa paa no mu baako. (Kenkan 2 Ahene 18:5, 6.) Wansuasua ne papa nhwɛso bɔne no. Mmom no, otiee Yehowa adiyifo te sɛ Yesaia, Mika, ne Hosea. Ɔyɛɛ aso tiee wɔn afotu ne wɔn kasakyerɛ. Eyi kanyan no ma osiesiee ɔhaw a na ne papa de aba no pii. Osiesiee asɔrefie hɔ, ɔsrɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa ɔman no bɔne nkyɛ wɔn, na ɔsɛee ahoni a na ɛwɔ asase no so baabiara. (2 Beresosɛm 29:1-11, 18-24; 31:1) Akyiri yi, bere a Asiria hene Senaherib yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛtow ahyɛ Yerusalem so no, Hesekia daa akokoduru ne gyidi kɛse adi. Ɔde ne ho too Yehowa so hwehwɛɛ ahobammɔ, na ɔhyɛɛ ne nkurɔfo den. (2 Beresosɛm 32:7, 8) Eduu bere bi no, Hesekia bɛyɛɛ ahantan, nanso bere a Yehowa kasa kyerɛɛ no no, ɔbrɛɛ ne ho ase. (2 Beresosɛm 32:24-26) Ɛfata paa sɛ yesuasua nhwɛso pa a Hesekia yɛe no. Wamma ne papa nhwɛso bɔne no ansɛe n’abrabɔ. Mmom no, ɔdaa no adi sɛ ɔyɛ Yehowa adamfo.

12. Sɛnea Hesekia yɛe no, dɛn na ebinom ayɛ de ada no adi sɛ wɔyɛ Yehowa nnamfo?

12 Atirimɔdensɛm ahyɛ wiase ma nnɛ, na ɔdɔ nnim. Enti mmofra pii benyinyin no na wonni awofo a wɔwɔ ɔdɔ na wodwen wɔn ho. (2 Timoteo 3:1-5) Ɛwom sɛ nnɛ, Kristofo pii fi mmusua a wɔnyɛ nhwɛso pa mu deɛ, nanso wɔne Yehowa afa adamfo. Sɛnea Hesekia yɛe no, wɔda no adi sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma nhwɛso pa a wɔn abusuafo anyɛ amma wɔn no kyerɛ nnipa ko a wɔbɛyɛ daakye. Onyankopɔn ama yɛn akyɛde a ɛma yetumi yɛ nea yɛpɛ, na sɛnea Hesekia yɛe no, yebetumi asi gyinae sɛ yɛbɛsom Yehowa na yɛahyɛ no anuonyam.

“HWƐ! MEYƐ YEHOWA AFENAA!”

13, 14. Adɛn nti na ɛbɛyɛ sɛ na Maria adwuma no boro ne so, nanso mmuae bɛn na ɔde mae wɔ asɛm a Gabriel kae no ho?

13 Hesekia akyi mfe pii no, ababaa hobrɛasefo bi a ne din de Maria ne Yehowa faa adamfo paa. Yehowa maa no adwuma soronko bi. Ná obenyinsɛn awo Onyankopɔn Ba na watete no! Ná Yehowa dɔ Maria, na esiane sɛ ɔwɔ Maria mu ahotoso nti na ɔhyɛɛ no anuonyam kɛse saa. Nanso bere a edi kan a Maria tee saa adwuma no ho asɛm no, dɛn na ɔyɛe?

“Hwɛ! meyɛ Yehowa afenaa!” (Hwɛ nkyekyɛm 13, 14)

14 Yɛtaa ka anuonyam kɛse a wɔhyɛɛ Maria no ho asɛm. Nanso nea na ɛhaw no nso ɛ? Ɔbɔfo Gabriel kae sɛ obenyinsɛn bere a ɔne ɔbarima biara nnae. Nanso Gabriel anka ɔkwan a Maria bɛfa so anyinsɛn no ho asɛm ankyerɛ n’abusuafo ne n’afipamfo. Adwene bɛn na na wobenya? Ná Maria bɛyɛ dɛn ama Yosef agye adi sɛ ɔne ɔbarima foforo biara nkɔdae? Afei nso na wanya adwuma kɛse a ɛne sɛ ɔbɛtete Onyankopɔn Ba no! Yennim nea na ɛhaw Maria nyinaa, nanso yenim nea ɔyɛe bere a Gabriel ne no kasae no. Maria kae sɛ: “Hwɛ! meyɛ Yehowa afenaa! Ɛnyɛ hɔ mma me sɛnea w’asɛm te.”​—Luka 1:26-38.

15. Adɛn nti na gyidi a Maria daa no adi no yɛ soronko?

15 Gyidi a Maria daa no adi no yɛ soronko koraa! Ná wayɛ krado sɛ ɔbɛyɛ biribiara a wɔbɛka akyerɛ no te sɛ nea ɔyɛ afenaa. Ná ɔwɔ ahotoso sɛ Yehowa bɛhwɛ no na wabɔ ne ho ban. Ɛyɛɛ dɛn na Maria nyaa gyidi a ɛyɛ den saa? Wɔamfa gyidi anwo yɛn. Nanso yebetumi ayere yɛn ho anya gyidi na yɛasrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa yɛn. (Galatifo 5:22; Efesofo 2:8) Maria yeree ne ho hyɛɛ ne gyidi den. Yɛyɛ dɛn hu saa? Momma yensusuw sɛnea otiee asɛm ne nea ɔkaa ho asɛm no ho nhwɛ.

16. Dɛn na ɛma yehu sɛ na Maria tie asɛm yiye?

16 Sɛnea Maria tiee asɛm. Bible ka sɛ ‘yɛnyɛ ntɛm ntie asɛm, na yɛnyɛ nyaa nkasa.’ (Yakobo 1:19) Ná Maria tie asɛm yiye. Bible ma yehu sɛ ɔyɛɛ aso tiee asɛm, ne titiriw no, nsɛm a ɛfa Yehowa ho. Ogyee bere susuw nsɛm a ɛho hia saa no ho. Eyi ho nhwɛso ne asɛm a nguanhwɛfo bi bɛka kyerɛɛ Maria sɛ ɔbɔfo bi aka akyerɛ wɔn no. Saa asɛm yi sii bere a Maria woo Yesu no. Akyiri yi, bere a Yesu dii mfe 12 no, Yesu kaa asɛm bi a ɛyɛɛ Maria nwonwa. Emu biara no, Maria yɛɛ aso tiee, ne werɛ amfi, na odwinnwen nea ɔtee no ho yiye.​—Kenkan Luka 2:16-19, 49, 51.

17. Dɛn na yebetumi asua afi sɛnea Maria kasae no mu?

17 Nea Maria kaa ho asɛm. Bible nka nsɛm a Maria kae ho asɛm pii. Maria anom asɛm a ɛware paa no wɔ Luka 1:46-55. Saa asɛm no ma yehu sɛ na Maria nim Hebri Kyerɛwnsɛm no yiye. Yɛyɛ dɛn hu saa? Nsɛm a Maria kae no te sɛ nea Samuel maame Hana kae wɔ ne mpaebɔ mu no. (1 Samuel 2:1-10) Ɛbɛyɛ sɛ Maria faa Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm kaa asɛm bɛyɛ mpɛn 20 wɔ ne kasa no mu. Eyi ma yehu sɛ na Maria ani gye ho sɛ ɔbɛka nokwasɛm a wasua afi Yehowa hɔ no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo, efisɛ na Yehowa yɛ n’Adamfo paa.

18. Dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua Maria gyidi?

18 Ɛtɔ bere bi a, Yehowa betumi ama yɛn adwuma bi a ɛte sɛ nea ɔde maa Maria no. Ebia yɛbɛte nka sɛ adwuma no yɛ den dodo. Sɛ ɛba saa a, momma yensuasua Maria, yennye adwuma no ahobrɛase mu, na yennya ahotoso sɛ Yehowa bɛboa yɛn. Sɛ yetie Yehowa asɛm yiye, na yedwinnwen nea yɛasua afa ɔne n’atirimpɔw ho a, yebetumi asuasua Maria gyidi. Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi de anigye aka nea yɛasua no ho asɛm akyerɛ afoforo.​—Dwom 77:11, 12; Luka 8:18; Romafo 10:15.

19. Sɛ yesuasua wɔn a wɔyɛɛ gyidi ho nhwɛso pa a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no a, dɛn na yebenya?

19 Yɛahu pefee sɛ na Rut, Hesekia, ne Maria yɛ Yehowa nnamfo sɛnea na Abraham nso yɛ Yehowa adamfo no. Ná wɔka “adansefo mununkum kɛse” a wɔn nso bɛyɛɛ Onyankopɔn nnamfo no ho. Momma yɛnkɔ so nsuasua wɔn a wɔyɛɛ gyidi ho nhwɛso pa no. (Hebrifo 6:11, 12) Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi ahwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ Yehowa nnamfo daa!