ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM October 2016

Adesua nsɛm a yebesua November 28 kosi December 25, 2016.

ASETENAM NSƐM

Mebɔɔ Mmɔden Suasuaa Wɔn a Wɔyɛɛ Nhwɛso Pa

Sɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw hyɛ afoforo nkuran a, ɛbɛboa wɔn ma wɔatumi de botae asisi wɔn anim na wɔadu ho. Thomas McLain ka sɛnea afoforo yɛɛ nhwɛso pa maa no, ne sɛnea ɔno nso abɔ mmɔden aboa afoforo ho asɛm.

Mommma Mo Werɛ Mmfi sɛ Mobɛda Ayamye Adi Akyerɛ Ahɔho

Onyankopɔn bu ahɔho sɛn? Wobɛyɛ dɛn aboa wɔn a wofi ɔman foforo so aba wo man mu no ama wɔn ani aka wɔ w’asafo mu?

Kɔ So Hyɛ Wo Ne Yehowa Abusuabɔ Mu Den Bere a Woresom Wɔ Ɔman Foforo So

Ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa ma wɔne Yehowa abusuabɔ ho hia wɔn. Saa ara na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ sɛ wɔn abusuafo nso ne Yehowa ntam yɛ papa. Nanso, sɛ woresom wɔ ɔman foforo so a, wuhyia nsɛnnennen foforo koraa.

‘Wokora Nyansa’ So Anaa?

Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ nyansa ne nimdeɛ ne ntease mu? Sɛ obi hu nsonsonoe a ɛwom a, ebetumi aboa no paa.

Monhyɛ Gyidi a Mowɔ Wɔ Nea Mo Ani Da So no Mu Den

Yebetumi asua biribi afi nnipa pii a wɔyɛɛ gyidi ho nhwɛso pa wɔ tete ne ɛnnɛ bere mu no hɔ. Wobɛyɛ dɛn akɔ so ayɛ wo gyidi den?

Nya Yehowa Bɔhyɛ Ahorow Mu Gyidi

Dɛn paa ne gyidi? Nea ɛho hia paa no, nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ de kyerɛ sɛ wowɔ gyidi?

So Wunim?

Romafo no maa Yudafo mpanyimfo ahofadi wɔ asomafo no bere so. Ná ahofadi no kodu he? Ɛyɛ nokware sɛ tete no, na obi tumi kodua nwura bɔne wɔ obi foforo afuw mu?