Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nya Yehowa Bɔhyɛ Ahorow Mu Gyidi

Nya Yehowa Bɔhyɛ Ahorow Mu Gyidi

“Gyidi ne . . . nneɛma a yenhu ho adanse a ɛda adi pefee.”​—HEB. 11:1.

NNWOM: 54, 125

1. Ɛsɛ sɛ yebu Kristofo gyidi sɛn?

KRISTOFO gyidi yɛ ade a ɛsom bo. Ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔwɔ bi. (2 Tes. 3:2) Nanso, Yehowa “asusuw gyidi akyekyɛ ama” ne somfo biara. (Rom. 12:3; Gal. 5:22) Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ gyidi nyinaa kyerɛ ho anisɔ kɛse.

2, 3. (a) Nhyira bɛn na obi a ɔwɔ gyidi betumi anya? (b) Nsɛmmisa bɛn na yɛrebesusuw ho?

2 Yesu Kristo kae sɛ, ne soro Agya no nam ɔno Yesu so na ɛtwe nnipa ba ne nkyɛn. (Yoh. 6:44, 65) Sɛ obi nya Yesu mu gyidi a, ɛma otumi nya bɔne fafiri. Ɛno ma onii no tumi ne Yehowa nya abusuabɔ a ɛtena hɔ daa. (Rom. 6:23) Dɛn paa na yɛayɛ a ɛma yɛfata sɛ yenya nhyira kɛse a ɛte saa? Yɛn abɔnefo de, anka nea ɛfata yɛn ara ne owu. (Dw. 103:10) Nanso, Yehowa huu biribi pa wɔ yɛn ho. N’adom nti, obuee yɛn komam ma yetiee asɛmpa no. Enti yebenyaa Yesu mu gyidi, na ama yɛanya daa nkwa ho anidaso.​—Kenkan 1 Yohane 4:9, 10.

3 Nanso, dɛn paa ne gyidi? Sɛ yehu nneɛma pa a Onyankopɔn bɛyɛ ama yɛn a, ɛno nko ara kyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi anaa? Nea ɛho hia paa no, nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi?

‘NYA GYIDI WƆ WO KOMA MU’

4. Kyerɛ nea enti a gyidi nyɛ ntease ara kwa.

4 Gyidi kyerɛ pii sen Onyankopɔn atirimpɔw a yɛbɛte ase ara kwa. Gyidi tumi kanyan obi ma ɔyɛ Onyankopɔn apɛde. Sɛ obi nya nea Onyankopɔn nam no so begye nkwa no mu gyidi a, ɛka ne koma ma ɔka asɛmpa no kyerɛ afoforo. Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛ wopae mu ka saa ‘asɛm a ɛwɔ w’ankasa anom’ no, sɛ Yesu ne Awurade, na wugye di wɔ wo koma mu sɛ Onyankopɔn nyan no fii awufo mu a, wobegye wo nkwa. Na koma na wɔde gye di kɔ trenee mu, na ano na wɔde pae mu ka kɔ nkwagye mu.”​—Rom. 10:9, 10; 2 Kor. 4:13.

5. Adɛn nti na gyidi ho hia paa, na yɛbɛyɛ dɛn ama yɛn gyidi akɔ so ayɛ den? Kyerɛkyerɛ mu.

5 Ɛda adi pefee sɛ, sɛ yebenya nkwa wɔ wiase foforo a Onyankopɔn de reba no mu a, gye sɛ yenya gyidi na yɛma ɛkɔ so yɛ den. Yebetumi de nea enti a ehia sɛ yɛma yɛn gyidi kɔ so yɛ den no atoto sɛnea afifide hia nsu no ho. Afifide a nkwa wom kɔ so nyin, ɛnte sɛ nea onipa de rɔba anaa ntama ayɛ. Sɛ yɛanhwɛ angugu afifide so nsu a, ebetwintwam. Nanso sɛ yɛkɔ so gugu so nsu daa a, enyin yɛ fɛfɛɛfɛ. Sɛ yɛanhwɛ angugu afifide a ɛyɛ fɛ paa mpo so nsu sɛnea ɛsɛ a, nkakrankakra ebewu. Saa ara na yɛn gyidi nso te. Sɛ yebu yɛn ani gu so a, ɛbɛyɛ mmerɛw na ebewu. (Luka 22:32; Heb. 3:12) Nanso, sɛ yɛma yɛn ani kũ yɛn gyidi ho a, ɛbɛyɛ den na akɔ so ‘anyin.’ Yɛbɛyɛ nnipa a ‘wɔyɛ den wɔ gyidi mu.’​—2 Tes. 1:3; Tito 2:2.

SƐNEA BIBLE KYERƐKYERƐ GYIDI MU

6. Hebrifo 11:1 kyerɛkyerɛ gyidi mu wɔ akwan mmienu so. Ɛkyerɛkyerɛ mu sɛn?

6 Bible kyerɛkyerɛ gyidi mu wɔ Hebrifo 11:1. (Kenkan.) Gyidi kyerɛ nneɛma mmienu a aniwa nhu: (1) “Biribi a yɛn ani da so”—ebetumi ayɛ nneɛma a wɔahyɛ ho bɔ sɛ ɛbɛba, nanso ennya mmae. Ebi ne abɔnefosɛm nyinaa a ɛbɛba awiei ne wiase foforo a ɛreba no. (2) “Nneɛma a yenhu.” Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘adanse a ɛda adi pefee’ no kyerɛ biribi a yɛmfa yɛn aniwa nhu nanso biribiara kyerɛ sɛ ɛwɔ hɔ paa. Ebi ne sɛ yegye di sɛ Yehowa Nyankopɔn, Yesu Kristo, ne abɔfo no wɔ hɔ. Saa ara na yegye di nso sɛ ɔsoro Ahenni no wɔ hɔ na ɛreyɛ nnwuma bi. (Heb. 11:3) Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ biribi a yɛn ani da so paa, na yegye nneɛma a yɛmfa yɛn aniwa nhu a ɛho nsɛm wɔ Onyankopɔn Asɛm no mu di? Sɛ yɛn gyidi di mũ a, ɛbɛda adi wɔ yɛn kasa ne yɛn nneyɛe mu.

7. Ɔkwan bɛn so na nea Noa yɛe no boa yɛn ma yɛte nea gyidi kyerɛ ase? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

7 Hebrifo 11:7 ka Noa gyidi ho asɛm. Ɛka sɛ: “Bere a wɔmaa Noa Onyankopɔn kɔkɔbɔ a ɛfa nneɛma a wonnya nhui ho no, ɔdaa Onyankopɔn ho suro adi na ɔyɛɛ adaka a wɔde begye ne fiefo nkwa.” Noa yɛɛ adaka kɛse no de kyerɛe sɛ ɔwɔ gyidi. Sɛnea ɛte biara, na nnipa a ɔne wɔn te no bebisa no nea enti a ɔreyɛ adaka kɛse a ɛte saa. So Noa kaa n’ano toom anaa ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wonni wɔn fie asɛm? Dabida! Noa gyidi kanyan no ma ɔde akokoduru dii ne beresofo no adanse. Ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ Onyankopɔn atemmu a na ɛreba no ho. Ɛbɛyɛ sɛ asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Noa no, Noa tĩĩ mu kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: “Ɔhonam nyinaa awiei abedu m’anim, efisɛ wɔama amumɔyɛ ahyɛ asase so mã . . . Mɛma nsu ayiri afa asase so asɛe nnipa ne mmoa nyinaa—nea nkwa wom na ɛhome wɔ ɔsoro ase. Biribiara a ɛwɔ asase so bɛsɛe.” Afei nso, sɛnea ɛte biara no, Noa kaa ɔkwan koro pɛ a nkurɔfo no betumi afa so anya nkwa no kyerɛɛ wɔn. Otĩĩ Onyankopɔn ahyɛde no mu kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Monkɔ adaka no mu.’ Enti, Noa san daa ne gyidi adi denam adwuma a ɔyɛe sɛ “trenee sɛnkafo” no so.​—Gen. 6:13, 17, 18; 2 Pet. 2:5.

8. Honhom kronkron kaa osuani Yakobo ma ɔkyerɛkyerɛɛ Kristofo gyidi mu sɛn?

8 Ɛbɛyɛ sɛ bere a wɔde honhom kronkron kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkyerɛkyerɛɛ gyidi mu wɔ ne krataa a ɔkyerɛwee no mu no, ankyɛ koraa na Yakobo nso kyerɛw ne de no. Sɛnea na Paulo akyerɛkyerɛ mu no, saa ara na Yakobo nso kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Kristofo gyidi nkyerɛ sɛ obi bɛka sɛ ogye biribi di kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ biribi de kyerɛ sɛ ogye nea ɔreka no di. Yakobo kyerɛwee sɛ: “Kyerɛ me wo gyidi a nnwuma nka ho no, na me nso mede me nnwuma bɛkyerɛ wo me gyidi.” (Yak. 2:18) Yakobo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, ɛsono obi ano kɛkɛ a ɔde bɛka sɛ ɔwɔ gyidi, ɛnna ɛsono gyidi ankasa a obi da no adi. Adaemone gye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, nanso wɔn gyidi no nyɛ papa. Wɔde wɔn nnwuma nyinaa kyerɛ sɛ wɔsɔre tia Onyankopɔn, na wɔmpɛ sɛ Onyankopɔn atirimpɔw bam. (Yak. 2:19, 20) Nanso, Yakobo kaa ɔbarima bi a ɔtenaa ase tete a na ɔwɔ gyidi ho asɛm. Yakobo kyerɛwee sɛ: “Ɛnyɛ bere a yɛn agya Abraham de ne ba Isak mae wɔ afɔremuka so no akyi na wɔnam ne nnwuma so buu no bem anaa? Woahu sɛ ɔde nnwuma kaa ne gyidi no ho, na ɛnam ne nnwuma so na ne gyidi wiee pɛyɛ.” Afei Yakobo sii nea enti a ehia sɛ yɛde yɛn nnwuma kyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi no so dua. Ɔkae sɛ: “Sɛnea nipadua a honhom nnim awu no, saa ara nso na gyidi a nnwuma nnim awu.”​—Yak. 2:21-23, 26.

9, 10. Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Yohane boa yɛn ma yehu nea enti a ehia sɛ yenya gyidi?

9 Bɛyɛ mfe aduasa akyi na ɔsomafo Yohane kyerɛw n’Asɛmpa no ne ne nkrataa mmiɛnsa no. Kristofo gyidi ho nkyerɛkyerɛmu a honhom kronkron kaa Bible akyerɛwfo binom ma wɔde mae no, so na Yohane nso wɔ ntease koro no ara bi anaa? Yohane de Hela adeyɛ asɛm a ɛtɔ da a wɔkyerɛ ase “gye di” no dii dwuma sen Bible kyerɛwfo biara.

10 Nhwɛso bi ni. Yohane kae sɛ: “Nea ogye Ɔba no di no wɔ daa nkwa; nea ontie Ɔba no renhu nkwa, na Onyankopɔn abufuhyew wɔ no so.” (Yoh. 3:36) Nea ɛkyerɛ sɛ obi gye Kristo di ne sɛ obetie anaa obedi Yesu ahyɛde ahorow so. Ná Yesu taa ka asɛm bi a ɛma yehu sɛ, sɛ obi nya gyidi a, na ɛnsae. Mmom, ɛsɛ sɛ ɔkɔ so kura mu daa. Yohane twee adwene sii saa asɛm no so mpɛn pii wɔ ne kyerɛwtohɔ no mu.​—Yoh. 3:16; 6:29, 40; 11:25, 26; 14:1, 12.

11. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ sɛ yɛahu nokware no?

11 Yehowa nam ne honhom kronkron no so ama yɛahu nokware no, na wama yɛanya asɛmpa no nso mu gyidi. Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ wei ho anisɔ paa! (Kenkan Luka 10:21.) Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase daa sɛ ɔnam ne Ba a ɔyɛ “Ɔsafohene ne yɛn gyidi Wiefo” no so atwe yɛn aba ne nkyɛn. (Heb. 12:2) Nea yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ adom a ɛte saa ne sɛ yɛbɛkɔ so abɔ Onyankopɔn mpae na yɛasua n’Asɛm no de ahyɛ yɛn gyidi den.​—Efe. 6:18; 1 Pet. 2:2.

Fa hokwan biara a wubenya ka asɛmpa no fa da wo gyidi adi (Hwɛ nkyekyɛm 12)

12. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi?

12 Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so nya Yehowa bɔhyɛ ahorow mu gyidi. Ehia sɛ yɛma ɛda adi pefee wɔ yɛn nneyɛe mu ma afoforo hu. Sɛ nhwɛso no, yɛkɔ so ka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa no, na yɛyɛ asuafoyɛ adwuma no. Yɛkɔ so nso yɛ “nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a yɛne wɔn bɔ abusua wɔ gyidi mu no.” (Gal. 6:10) Saa ara nso na yɛyere yɛn ho ‘yi nipasu dedaw no ne ne nneyɛe gu,’ na yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ biribiara a ebetumi asɛe yɛne Yehowa ntam ho.​—Kol. 3:5, 8-10.

ONYANKOPƆN MU GYIDI KA YƐN FAPEM NO HO

13. “Onyankopɔn mu gyidi” a yebenya ho hia sɛn? Dɛn na wɔde toto ho, na dɛn ntia?

13 Bible ka sɛ: “Gyidi nni hɔ a, obi ntumi nsɔ Onyankopɔn ani, efisɛ ɛsɛ sɛ nea ɔba ne nkyɛn no gye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔn ani abere rehwehwɛ no no katuafo.” (Heb. 11:6) Onyankopɔn Asɛm no ka sɛ, “Onyankopɔn mu gyidi” ka “fapem” a ehia sɛ obi nya na ama watumi abɛyɛ nokware Kristoni na wakɔ so akura ne gyidi mu no ho. (Heb. 6:1) Ɛsɛ sɛ Kristofo nya su afoforo a ɛho hia ka “wɔn gyidi” a ɛne fapem no ho na ama ‘wɔatumi de wɔn ho asie Onyankopɔn dɔ mu.’​—Kenkan 2 Petro 1:5-7; Yuda 20, 21.

14, 15. Gyidi ne ɔdɔ, nea ɛwɔ he na ɛho hia paa?

14 Bible akyerɛwfo a wɔkyerɛw Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no kaa gyidi ho asɛm mpɛn ɔhaha pii de sii so dua sɛ ehia sɛ yenya gyidi. Kristofo su biara nni hɔ a wɔkaa ho asɛm mpɛn pii saa. Wei kyerɛ sɛ gyidi ne su a ɛho hia paa sɛ Kristofo nya anaa?

15 Bere a Paulo de gyidi retoto ɔdɔ ho no, ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ . . . mewɔ gyidi nyinaa ma mitumi tutu mmepɔw, na minni dɔ a, mensɛ hwee.” (1 Kor. 13:2) Bere bi, obi bisaa Yesu sɛ: “Mmara no mu ahyɛde bɛn na ɛyɛ kɛse?” Bere a Yesu rema ho mmuae no, osii so dua sɛ ɔdɔ a yɛbɛdɔ Onyankopɔn ne ade a ɛho hia sen biara. (Mat. 22:35-40) Ɔdɔ boa yɛn ma yenya Kristofo su a ɛho hia pii. Emu baako ne gyidi. Bible ka sɛ: ‘Ɔdɔ gye biribiara di.’ Sɛ yɛwɔ ɔdɔ a, ɛbɛboa yɛn ama yɛagye nea Onyankopɔn aka wɔ n’Asɛm Bible mu no nyinaa adi.​—1 Kor. 13:4, 7.

16, 17. Ɔkwan bɛn so na wɔde gyidi ne ɔdɔ bom ka asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm no mu? Ne mmienu no, emu nea ɛwɔ he na ɛyɛ kɛse, na dɛn ntia?

16 Esiane sɛ gyidi ne ɔdɔ ho hia nti, na Bible akyerɛwfo a wɔkyerɛw Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no taa de ne mmienu bom ka asɛm. Wɔde ne mmienu nyinaa dii dwuma wɔ kasamũ anaa kasasin baako mu mpɛn pii. Paulo ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ ‘wɔnhyɛ gyidi ne ɔdɔ nkatabo.’ (1 Tes. 5:8) Petro kyerɛwee sɛ: “Ɛwom sɛ munhuu [Yesu] da de, nanso modɔ no. Seesei munhu no de, nanso mugye no di.” (1 Pet. 1:8) Yakobo bisaa ne nuanom a wɔasra wɔn no sɛ: “Ɛnyɛ wiase no mu ahiafo na Onyankopɔn paw wɔn sɛ wɔmmɛyɛ adefo wɔ gyidi mu ne ahenni a ɔde ahyɛ wɔn a wɔdɔ no no bɔ no adedifo?” (Yak. 2:5) Yohane kyerɛwee sɛ: “[Onyankopɔn ahyɛde] no ara ni, sɛ yennya gyidi wɔ ne Ba Yesu Kristo din mu na yɛnnodɔ yɛn ho.”​—1 Yoh. 3:23.

17 Ɛwom sɛ gyidi ho hia de, nanso sɛ daakye Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow ne nneɛma a Kristofo rehwɛ kwan no nyinaa bam a, ɛho renhia sɛ yenya saa bɔhyɛ ahorow no mu gyidi bio. Nanso, ɔdɔ kɛse a ehia sɛ yenya ma Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa de, ɛto rentwa da. Enti, Paulo kyerɛwee sɛ: “Seesei nneɛma abiɛsa yi na ɛwɔ hɔ, gyidi, anidaso, ɔdɔ; na nea ɛyɛ kɛse wom ne ɔdɔ.”​—1 Kor. 13:13.

GYIDI HO ADANSE A EDI MŨ

18, 19. Gyidi ho adanse a edi mũ bɛn na yehu nnɛ, na hena na ɛfata sɛ yɛde ho ayeyi ma no?

18 Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ ada no adi sɛ wɔwɔ Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ no mu gyidi. Wei ama wɔanya honhom fam paradise a emufo bɛboro ɔpepem nwɔtwe wɔ wiase nyinaa. Honhom fam paradise no mufo sow Onyankopɔn honhom aba no. (Gal. 5:22, 23) Kristofo gyidi ne ɔdɔ ho adanse a edi mũ bɛn ara ni!

19 Onipa biara nni hɔ a ɛfata sɛ yɛde wei ho ayeyi ma no. Yɛn Nyankopɔn na wayɛ. Saa adwuma pa yi regye “din ama Yehowa, na ɛbɛyɛ sɛnkyerɛnne daa a wɔrentwa nkyene.” (Yes. 55:13) Nokwasɛm ne sɛ, ɛyɛ “Onyankopɔn akyɛde” sɛ ‘wɔnam gyidi so agye yɛn nkwa.’ (Efe. 2:8) Yɛn honhom fam paradise no bɛkɔ so ayɛ kɛse, na ebenya nkɔso akosi sɛ nnipa a wɔwɔ anigye, wɔyɛ adetrenee, na wɔayɛ pɛ bɛhyɛ asase so nyinaa ma. Wobeyi Yehowa din ayɛ akosi daa. Enti momma yɛnkɔ so nnya Yehowa bɔhyɛ ahorow mu gyidi!