Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma ‘Yɛnnɔ Nneyɛe ne Nokware Mu’

Momma ‘Yɛnnɔ Nneyɛe ne Nokware Mu’

“Mommma yɛmmfa ano anaa tɛkrɛma nnnɔ, na mmom yɛnyɛ no nneyɛe ne nokware mu.”—1 YOH. 3:18.

NNWOM: 106, 100

1. Sɛ yɛka ɔdɔ mu ɔdɔ a, ɛne dɛn? Wobɛkyerɛkyerɛ mu sɛn? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

ƆDƆ a egyina nnyinasosɛm papa so (a·gaʹpe) yɛ akyɛde a Yehowa de ama yɛn. Ɔno na ɔdɔ fi no. (1 Yoh. 4:7) Saa ɔdɔ yi ne ɔdɔ mu ɔdɔ. Sɛ obi wɔ saa ɔdɔ yi a, ebetumi akyerɛ sɛ ɔpɛ obi asɛm, nanso nea ɛkyerɛ paa ne sɛ, obeyi ne yam ayɛ nneɛma pa ama afoforo. Nhoma bi ka sɛ, sɛ obi wɔ a·gaʹpe dɔ a, “ne nneyɛe nko ara na yɛde hu.” Sɛ yeyi yɛn yam dɔ afoforo na wɔn nso yi wɔn yam dɔ yɛn bi a, ɛma yɛn ani gye, na yɛn koma tɔ yɛn yam.

2, 3. Yehowa ayi ne yam adɔ nnipa. Adɛn nti na yɛreka saa?

2 Yehowa nnya mmɔɔ Adam ne Hawa mpo no, ɔyɛɛ biribi de kyerɛe sɛ ɔdɔ nnipa. Ɔbɔɔ asase sɛ nnipa ntena so daa; wammɔ sɛ nnipa ntena so kɛkɛ, na mmom wɔntena so na wɔn ani nnye paa. Nnipa yiyedi nti na Yehowa yɛɛ wei na ɛnyɛ sɛ obenya biribi afi mu nti. Yehowa dɔ no anso hɔ ara, ɔmaa nnipa nyaa anidaso sɛ wɔbɛtena ase daa wɔ Paradise asase a ɔyɛ maa wɔn no so.

3 Bere a Adam ne Hawa tew atua no, Yehowa yii ne yam daa ɔdɔ a ɛsen biara adi kyerɛɛ yɛn. Ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ obegye Adam ne Hawa asefo; na onim sɛ ɛyɛ dɛn ara a wɔn mu bi bɛkyerɛ ne dɔ no ho anisɔ. (Gen. 3:15; 1 Yoh. 4:10) Nokwasɛm ne sɛ, efi bere a Yehowa hyɛɛ saa Agyenkwa no ho bɔ no, Yehowa ani so deɛ, na ɛte sɛ nea saa afɔrebɔ yi aba so dedaw. Afei mfe 4,000 akyi no, Yehowa de ne Ba a ɔwoo no koro no bɔɔ afɔre maa adesamma. (Yoh. 3:16) Sɛnea Yehowa ayi ne yam adɔ yɛn no, yɛn ani sɔ paa!

4. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ nnipa a yɛnyɛ pɛ betumi ayi yɛn yam ada ɔdɔ adi?

4 Onyankopɔn bɔɔ yɛn ne suban so, enti yetumi yi yɛn yam da ɔdɔ adi. Esiane sɛ wɔwoo yɛn bɔne mu nti, ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛda ɔdɔ adi, nanso ɛno nkyerɛ sɛ yɛrentumi nyɛ saa. Habel yii ne yam de nneɛma a ɔwɔ mu nea eye paa bɔɔ afɔre maa Onyankopɔn de kyerɛe sɛ ɔdɔ no. (Gen. 4:3, 4) Noa nso yii ne yam daa ɔdɔ adi kyerɛɛ ne beresofo; ɛmfa ho sɛ nkurɔfo no antie no no, ɔkɔɔ so kaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ wɔn mfe pii. (2 Pet. 2:5) Afei nso, bere a Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔmfa ne ba Isak mmɔ afɔre no, esiane sɛ ɔdɔ Yehowa nti, ɔde nea ɔpɛ too nkyɛn. (Yak. 2:21) Sɛ yehyia tebea a emu yɛ den mpo a, yebesuasua saa mmarima anokwafo no na yɛada ɔdɔ adi.

ƆDƆ KANN ANAA NYAATWOM DƆ?

5. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛwɔ ɔdɔ kann?

5 Bible ka sɛ “yɛmmfa ano anaa tɛkrɛma nnnɔ, na mmom yɛnyɛ no nneyɛe ne nokware mu.” Wei na yɛfrɛ no ɔdɔ kann no. (1 Yoh. 3:18) Wei kyerɛ sɛ yɛrentumi mfa yɛn ano nka nkyerɛ obi sɛ yɛdɔ no anaa? Ɛnte saa koraa! (1 Tes. 4:18) Mmom, nea ɛkyerɛ ne sɛ, sɛ yɛde yɛn ano ka a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nneyɛe taa akyiri. Nhwɛso bi ni. Sɛ yɛn yɔnko Kristoni nni atade na n’ano aduan abɔ no a, ɛnsɛ sɛ yɛka kyerɛ no kɛkɛ sɛ ensi no yiye. (Yak. 2:15, 16) Sɛ yɛdɔ Yehowa ne yɛn yɔnko nnipa a, yɛrensrɛ kɛkɛ sɛ Yehowa ‘mma adwumayɛfo mmra otwa adwuma no mu,’ na mmom yɛn ankasa nso bɛyere yɛn ho ayɛ asɛnka adwuma no pii.—Mat. 9:38.

6, 7. (a) Yɛka “ɔdɔ a nyaatwom nnim” a, ɛkyerɛ sɛn? (b) Henanom na na wɔn dɔ yɛ nyaatwom?

6 Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ ‘yɛnnɔ nneyɛe ne nokware mu.’ Enti ɛnsɛ sɛ ‘nyaatwom ba yɛn dɔ mu,” anaa ɛsɛ sɛ ɛyɛ “ɔdɔ a nyaatwom nnim.” (Rom. 12:9; 2 Kor. 6:6) Ɛtɔ da a, obi bɛyɛ ne ho sɛ nea ɔreda ɔdɔ kann adi nanso na emfi ne komam. Ɛba saa a, na ayɛ te sɛ nea wahyɛ nkataanim. Ebia yebebisa sɛ, ‘Biribi wɔ hɔ a yɛfrɛ no ɔdɔ a nyaatwom wom?’ Dabi. Ɔdɔ a ɛte saa nyɛ ɔdɔ pa; ɛyɛ daadaakra.

7 Ɔdɔ a ɛnyɛ ɔdɔ pa no, momma yɛnhwɛ bi. Eden turom no, Satan yɛɛ ne ho sɛ nea ɔpɛ Hawa asɛm, nanso nea ɔyɛe no kyerɛ sɛ na ɔyɛ pɛsɛmenkominya ne nyaatwom. (Gen. 3:4, 5) Dawid bere so no, Ahitofel yɛɛ biribi a na ɛkyerɛ sɛ na ɔnyɛ adamfo pa. Bere a Ahitofel nyaa adwene sɛ nneɛma bɛkɔ yiye ama no no, oyii Dawid mae. (2 Sam. 15:31) Ɛnnɛ nso, awaefo ne wɔn a wɔde mpaapaemu ba asafo no mu de “tɛkrɛmadɛ ne adɔkɔdɔkɔsɛm” yɛ wɔn ho sɛ nea wɔwɔ ɔdɔ, nanso nokwasɛm ne sɛ, wɔyɛ pɛsɛmenkominya.—Rom. 16:17, 18.

8. Asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?

8 Ɔdɔ a ɛyɛ nyaatwom no, ɛyɛ aniwu efisɛ ɛyɛ daadaakra, ɛnyɛ ɔdɔ a efi koma mu. Nnipa na yebetumi de saa nyaatwom dɔ yi adaadaa wɔn, na ɛnyɛ Yehowa. Yesu kae sɛ wɔn a wɔyɛ wɔn ade sɛ nyaatwomfo no, ‘wɔbɛtwe wɔn asõ denneennen.’ (Mat. 24:51) Ɛwom, Yehowa somfo biara nni hɔ a ɔpɛ sɛ ne dɔ yɛ nyaatwom. Nanso, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘Ɔdɔ a meda no adi daa no, ɛyɛ ɔdɔ kann, anaa ɛyɛ pɛsɛmenkominya ne nnaadaa?’ Momma yɛnhwɛ nneɛma nkron a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn dɔ yɛ “ɔdɔ a nyaatwom nnim.”

SƐNEA ‘YƐBƐDƆ NNEYƐE NE NOKWARE MU’

9. Dɛn na ɔdɔ kann bɛka yɛn ama yɛayɛ?

9 Afoforo nhu nea woyɛ mpo a, ma w’ani nnye. Ɛsɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu yɛ nneɛma ma yɛn nuanom de kyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa wɔ “kokoam,” anaa ɛnsɛ sɛ yɛma obiara hu. (Kenkan Mateo 6:1-4.) Anania ne Safira anyɛ saa. Ná wɔmpɛ sɛ wɔyɛ wɔn adɔe wɔ kokoam. Ntoboa a na wɔde rema no, wɔboapa twaa atoro, enti wotwaa wɔn nyaatwom no so aba bɔne. (Asomafo Nnwuma 5:1-10) Yɛn deɛ, ɔdɔ kann nti, yɛyɛ biribi ma yɛn nuanom a, ɛnyɛ afei na yɛrebɛbɔ yɛn ho safohene. Saa ara nso na yɛrenhwɛ kwan sɛ nkurɔfo bɛkamfo yɛn. Nhwɛso bi ni. Anuanom a wɔboa Akwankyerɛ Kuw no ma wosiesie honhom fam aduan no, wonyi wɔn anim, na wɔntwe adwene mma wɔn ho so anaa wɔnkyerɛ sɛ wɔn na wɔkyerɛw asɛm bi.

10. Yɛbɛyɛ dɛn adi kan adi afoforo ni?

10 Di kan di afoforo ni. (Kenkan Romafo 12:10.) Yesu hohoroo n’asuafo no nan ho de kyerɛe sɛ odi wɔn ni. Wei yɛ nhwɛso ma yɛn. (Yoh. 13:3-5, 12-15) Ebehia sɛ yɛyere yɛn ho nya ahobrɛase a yɛde bedi afoforo ni saa ara. Asomafo no mpo ante nea Yesu yɛe no ase yiye kosii sɛ wonyaa honhom kronkron. (Yoh. 13:7) Sɛ yɛn nhomanim, yɛn ahonyade, anaa ɔsom hokwan a yɛwɔ wɔ Yehowa som mu amma yɛammu yɛn ho antra so a, na ɛkyerɛ sɛ yedi afoforo ni. (Rom. 12:3) Afei nso, sɛ yɛne obi yɛ adwuma bi na wɔkamfo no, na ɛyɛ yɛn sɛ yɛn nso anka ɛsɛ sɛ wɔkamfo yɛn bi mpo a, yɛremma yɛn ani mmere no, na mmom yɛne no bɛbom adi ahurusi.

11. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yeyi yɛn yam kamfo afoforo?

11 Yi wo yam kamfo anuanom. Hokwan biara a yebenya no, ɛsɛ sɛ yɛde kamfo yɛn ho yɛn ho efisɛ nkamfo a ɛte saa no, “eye ma nkɔso.” (Efe. 4:29) Nanso ɛsɛ sɛ nkamfo no fi yɛn komam. Ɛnte saa a, na yɛredɛfɛdɛfɛ onipa no anaasɛ asɛyɛde a yɛwɔ sɛ yɛde afotu ma no no, na yɛreguan. (Mmeb. 29:5) Sɛ yɛkamfo obi na afei yɛkasa tia no yayaayaw wɔ n’akyi a, na yɛyɛ nyaatwom. Ɔsomafo Paulo anyɛ saa; ɔkyerɛe sɛ ɔwɔ ɔdɔ kann. Enti ɔkamfoo afoforo de yɛɛ nhwɛso pa maa yɛn. Nhwɛso bi ni. Oyii ne yam kamfoo Kristofo a na wɔwɔ Korinto no wɔ wɔn nneyɛe bi ho. (1 Kor. 11:2) Nanso sɛ wɔyɛ biribi a ɛmfata nkamfo a, na ɔtɔ ne bo ase kyerɛkyerɛ nea enti a ɔretu wɔn fo no mu yiye.—1 Kor. 11:20-22.

Yɛboa yɛn nuanom a wɔn ho akyere wɔn a, ɛyɛ ɔkwan baako a ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn na yɛsom wɔn hɔho (Hwɛ nkyekyɛm 12)

12. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛsom afoforo ahɔho a, dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ ɔdɔ kann?

12 Som afoforo ahɔho. Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea adɔe. (Kenkan 1 Yohane 3:17.) Nanso, adwempa na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ saa na yeyi pɛsɛmenkominya biara fi yɛn mu. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Sɛ mereto nsa afrɛ nkurɔfo aba me fie a, me nnamfo paa, wɔn a wɔagye din wɔ asafo no mu, anaa wɔn a wobetumi ayɛ biribi atua me ka na mefrɛ wɔn? Anaa anuanom mmarima ne mmea a minnim wɔn yiye anaa wonni biribi a wɔde betua me ka no, wɔn na mehwehwɛ kwan bi a mɛfa so ayɛ wɔn adɔe?’ (Luka 14:12-14) Anaa fa no sɛ ebia Kristoni bi antototo ne nneɛma yiye ama ne ho akyere no, anaa yɛtoo nsa frɛɛ obi baa yɛn fie nanso wanna yɛn ase. Sɛ ɛba saa a, ɛsɛ sɛ yɛde afotu yi yɛ adwuma: “Munnyigye mo ho hɔho a anwiinwii biara nnim.” (1 Pet. 4:9) Sɛ wode saa afotu yi yɛ adwuma a, ɛbɛma w’ani agye sɛ wode adwempa yɛ adɔe a ɛte saa.—Aso. 20:35.

13. (a) Bere bɛn paa na ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛboa wɔn a wɔyɛ mmerɛw? (b) Nneɛma bɛn saa na yebetumi ayɛ de aboa wɔn a wɔyɛ mmerɛw?

13 Boa wɔn a wɔyɛ mmerɛw. Bible ka sɛ, ‘yɛmmoa wɔn a wɔyɛ mmerɛw, yennya abodwokyɛre mma nnipa nyinaa.’ Saa asɛm yi betumi ama yɛahu sɛ yɛn dɔ yɛ ɔdɔ kann anaa ɛnte saa. (1 Tes. 5:14) Wɔn a wɔyɛ mmerɛw no, akyiri yi wɔn mu pii gyidi tumi yɛ den, nanso wɔn mu bi wɔ hɔ a, ehia sɛ yenya wɔn ho abotare na yɛkɔ so boa wɔn. Nea yebetumi ayɛ aboa wɔn no bi ne sɛ yɛde Kyerɛwnsɛm mu nsɛm bɛhyɛ wɔn den, yɛne wɔn bɛkɔ asɛnka, anaasɛ yebenya bere atie wɔn. Afei nso, sɛ́ anka yebenya adwene sɛ onua anaa onuawa bi yɛ “den” anaa ɔyɛ “mmerɛw” no, ɛsɛ sɛ yehu sɛ yɛn nyinaa wɔ mmerɛwyɛ ne nneɛma a yɛbɔ mu mmɔden. Ɔsomafo Paulo mpo gye toom sɛ ɔwɔ mmerɛwyɛ. (2 Kor. 12:9, 10) Wei ma yehu sɛ yɛn nyinaa hia yɛn mfɛfo Kristofo mmoa.

14. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama asomdwoe akɔ so atena yɛne yɛn nuanom ntam?

14 Hwehwɛ asomdwoe. Sɛ ɛyɛ yɛn sɛ yɛn nua bi ante yɛn ase anaa ɔne yɛn anni no yiye a, yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛma asomdwoe akɔ so atena yɛne no ntam. (Kenkan Romafo 12:17, 18.) Sɛ yɛayɛ biribi ama ahaw yɛn nua bi a, ɛsɛ sɛ yefi yɛn komam pa no kyɛw. Nhwɛso bi ni. Sɛ́ anka yɛbɛka sɛ, “Mansusuw sɛ ɛbɛhaw wo” no, yebetumi agye yɛn mfomso atom na yɛaka sɛ, “Ɛyɛ me yaw sɛ asɛm a mekae no ahaw wo saa.” Aware mu nso, asomdwoe ho hia paa. Sɛ okunu ne ɔyere wɔ nnipa mu a, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ wɔn ho sɛ wɔdɔ wɔn ho, na afei wodu fie a wɔayɛ aka, adidi wɔn ho atɛm yayaayaw, anaasɛ wɔaboro wɔn ho.

15. Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yefi yɛn komam de obi bɔne akyɛ no?

15 Fa bɔne kyɛ koraa. Sɛ obi yɛ yɛn bɔne na yɛamfa ne ho asɛm anhyɛ yɛn mu a, na yɛde ne bɔne akyɛ no. Sɛ ‘yɛne yɛn ho tena ɔdɔ mu, na yɛyere yɛn ho denneennen de asomdwoe koroyɛ hama tena ase honhom biakoyɛ mu’ a, yebetumi de wɔn a wonnim mpo sɛ wɔafom yɛn bɔne akyɛ wɔn koraa. (Efe. 4:2, 3) Sɛnea ɛbɛyɛ a ‘yɛremfa bɔne nhyɛ yɛn mu no,’ ɛnsɛ sɛ yɛkɔ so dwinnwen nea obi de ayɛ yɛn ho na ama yɛatumi afi yɛn komam de ne bɔne akyɛ no. (1 Kor. 13:4, 5) Sɛ yenya yɛn nuabarima anaa yɛn nuabea bi ho menasepɔw anaasɛ yɛde ne ho asɛm hyɛ yɛn mu a, ɛbɛma yɛne ne ntam asɛe, na asɛe yɛne Yehowa nso ntam. (Mat. 6:14, 15) Afei nso, sɛ yɛbɔ mpae ma wɔn a wɔyɛ yɛn bɔne a, ɛkyerɛ sɛ yɛafi yɛn komam de wɔn bɔne akyɛ wɔn.—Luka 6:27, 28.

16. Sɛ yenya ɔsom hokwan bi a, ɛsɛ sɛ yebu no sɛn?

16 Fa nea wopɛ to nkyɛn. Sɛ yenya hokwan bi wɔ Yehowa som mu, na ‘yɛanhwehwɛ nea eye ma yɛn nko, na mmom yɛhwehwɛ yɛn yɔnko nso de’ a, ɛnde na ɛkyerɛ sɛ yɛn dɔ yɛ ɔdɔ kann. (1 Kor. 10:24) Nhwɛso bi ni. Yɛkɔ amansin ne amantam nhyiam a, wɔn a wogye ahɔho no di kan wɔ hɔ ansa na wɔn a wɔaka no aba. Wɔpɛ a anka wobetumi apɛ baabi a eye paa ama wɔne wɔn mmusua wɔ baabi a wɔde ahyɛ wɔn nsa no. Nanso wɔnyɛ saa, mmom wɔn mu pii tena baabi a ɛnyɛ hɔ na anka wɔn ani gye ho paa. Sɛ wɔde nea wɔpɛ to nkyɛn saa a, ɛkyerɛ sɛ wɔn dɔ no yɛ ɔdɔ kann a pɛsɛmenkominya biara nnim. Wobɛyɛ dɛn asuasua wɔn nhwɛso pa no?

17. Sɛ obi ayɛ bɔne a emu yɛ duru a, dɛn na ɔdɔ kann bɛma wayɛ?

17 Ka bɔne a woyɛ wɔ sum ase na gyae. Kristofo bi a wɔayɛ bɔne a emu yɛ duru yɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkata so. Nea enti a wɔyɛ saa ne sɛ wɔmpɛ sɛ wɔn anim begu ase anaa wɔbɛma afoforo adi yaw. (Mmeb. 28:13) Nanso obi yɛ saa a, ɛnkyerɛ ɔdɔ, efisɛ epira nea wayɛ bɔne no ankasa ne afoforo. Ebetumi ama Onyankopɔn ayi ne honhom afi asafo no so na asɛe asafo no asomdwoe. (Efe. 4:30) Sɛ Kristoni bi yɛ bɔne a emu yɛ duru a, ɔdɔ kann bɛma wabɔ mpanyimfo no amanneɛ na ama mpanyimfo no atumi aboa no.—Yak. 5:14, 15.

18. Ɔdɔ kann ho hia. Adɛn ntia?

18 Suban papa nyinaa, ɔdɔ na ɛyɛ mu kɛse. (1 Kor. 13:13) Ɔdɔ na ɛma nnipa nyinaa hu sɛ yɛyɛ Yesu akyidifo, na yesuasua Yehowa a Ɔno na ɔdɔ fi no no. (Efe. 5:1, 2) Paulo kae sɛ, “Minni dɔ a, mensɛ hwee.” (1 Kor. 13:2) Momma yɛnkɔ so nna ɔdɔ adi; ɛnsɛ sɛ yɛka no yɛn “ano” kɛkɛ, na mmom momma “yɛnyɛ no nneyɛe ne nokware mu.”