ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM October 2018

Adesua nsɛm a yebesua December 3-30, 2018.

1918—Mfe Ɔha a Atwam

Ná Ɔko Kɛse no rekɔ so wɔ Europa, nanso na nneɛma bi a ɛrekɔ so wɔ afe no mfiase no ama ayɛ sɛ nea nneɛma bɛkɔ yiye ama Bible Asuafo no ne nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa.

Ka Nokware

Adɛn nti na nnipa di atoro, na dɛn na efi mu ba? Yɛbɛyɛ dɛn aka nokware akyerɛ yɛn ho yɛn ho?

Kyerɛkyerɛ Nokware No

Bere a aka a yɛde redi adanse no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yebefi Bible adesua ase na yɛakyerɛkyerɛ afoforo nokware no. Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ no, ɛbɛyɛ dɛn aboa yɛn?

ASETENAM NSƐM

Gyinae a Misii Ama Yehowa Ahyira Me Pii

Bere a Charles Molohan yɛ aberante no, osii gyinae sɛ ɔbɛkɔ akɔyɛ adwuma wɔ Betel de atrɛw ne som mu. Yehowa ahyira no pii wɔ n’asetena nyinaa mu. Bɛboro mfe 50 a ɔde ayɛ saa adwuma no, Yehowa ahyira no pii.

Nya Kristo, Yɛn Kannifo No Mu Ahotoso

Sɛnea Onyankopɔn ahyehyɛde no rekɔ anim ntɛmntɛm no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yesu so sɛ yɛn Kannifo nnɛ?

Sɛ W’asetena Sesa Mpo a, Kɔ So Nya Asomdwoe

Sɛ yɛn asetena sesa mpofirim a, ebetumi ama yɛn ho ayeraw yɛn. Sɛn na “Onyankopɔn asomdwoe” betumi aboa yɛn?

So Wunim?

Kristo akyidifo no, Stefano ne obi a odi kan a ne gyidi nti wokum no. Bere a wɔretaa no no, ɛyɛɛ dɛn na ne koma antu?