Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

1918—Mfe Ɔha a Atwam

1918—Mfe Ɔha a Atwam

Ɔwɛn-Aban a ɛbae January 1, 1918, Borɔfo de no de asɛm yi na efii ase: “Dɛn na ebesi afe 1918?” Ná Ɔko Kɛse no rekɔ so wɔ Europa, nanso na nneɛma bi a ɛrekɔ so wɔ afe no mfiase no ama ayɛ sɛ nea nneɛma bɛkɔ yiye ama Bible Asuafo no ne nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa.

WIASE NO KAA ASOMDWOE HO ASƐM

January 8, 1918 no, bere a na Ɔmampanyin Woodrow Wilson rekasa akyerɛ U.S. Mmarahyɛ Baguafo no, ɔkyerɛɛ nsɛm 14 bi a na n’adwene yɛ no sɛ ɛbɛboa ama “asomdwoe a edi mũ a ɛbɛma obiara ho atɔ no” aba. Ɔde too gua sɛ amanaman no nyɛ apam bi, wɔntew wɔn akode so, na “amanaman no ntew kuw” bi a ɛbɛboa “aman akɛse ne nketewa nyinaa.” “Nsɛm Dunan” a ɔde too gua no, ɛno na akyiri yi wogyinaa so tew Amanaman Apam no. Ɛno ara nso na wɔde dii dwuma bere a na wɔreyɛ Versailles Apam a ɛde Ɔko Kɛse no baa awiei no.

WƆN A WƆSƆRE TIAA YƐN NO DII NKOGU

Ɛmfa ho sɛ basabasayɛ kɔɔ so afe 1917 no, * na ɛte sɛ nea Bible Asuafo no rebenya asomdwoe. Nea ɛkɔɔ so wɔ Watch Tower Bible and Tract Society no afe afe nhyiam ase ma wohui sɛ na asomdwoe bɛba.

Wɔyɛɛ saa nhyiam yi January 5, 1918. Saa nhyiam no ase no, mmarima bi a wɔwɔ din a na wɔapam wɔn afi Betel yɛɛ wɔn adwene sɛ wobegye ahyehyɛde no abɔ so. Ɔhwɛfo kwantufo nokwafo Richard H. Barber na ɔbɔɔ mpae ma wɔde fii nhyiam no ase. Bere a wɔde adwuma a na wɔayɛ wɔ afe a atwam ho amanneɛbɔ too gua wiei no, wɔtow aba a na wɔtow no afe afe de paw akwankyerɛfo no. Onua Barber yii Joseph Rutherford ne anuanom mmarima nsia. Ɛno akyi no, mmaranimfo bi a na ɔwɔ asɔretiafo no afã nso yii mmarima foforo nson, na na nkurɔfo a wɔapam wɔn afi Betel no ka ho. Saa nkurɔfo no dii nkogu. Anuanom a wɔwɔ kyɛfa wɔ ahyehyɛde no mu dodow no ara tow aba paw Onua Rutherford ne anuanom mmarima anokwafo nsia ma wɔbɛyɛɛ akwankyerɛfo.

Anuanom pii a na wɔwɔ nhyiam no ase too saa nhyiam no din “nhyiam a Yehowa ahyira so sen nhyiam biara a yɛakɔ pɛn.” Nanso, anigye a wonyae no ankyɛ.

NEA NKURƆFO YƐE WƆ THE FINISHED MYSTERY NHOMA NO HO

Bible Asuafo no kyekyɛɛ The Finished Mystery nhoma no abosome kakra. Nnipa a wɔwɔ koma pa a wɔkenkanee no ani gyee nokware a ɛwɔ Bible mu a na wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ nhoma no mu ho.

Ná E.  F. Crist yɛ ɔhwɛfo kwantufo wɔ Canada. Ɔkaa awarefo bi a wɔkenkan The Finished Mystery nhoma no na wogyee nokware no nnawɔtwe nnum pɛ ntam ho asɛm! Ɔkaa sɛ: “Okunu ne ɔyere no nyinaa ahyira wɔn ho so koraa, na wɔrebɔ mmɔden pa ara.”

Ɔbarima bi nsa kaa nhoma no bi, na ntɛm ara na ɔkaa emu asɛm kyerɛɛ ne nnamfo. Nhoma no mu nsɛm “pem” ɔbarima no. Ɔkaa sɛ: “Ná menam Third Avenue [ɛnna] biribi pem m’abati, na na ɛyɛ me sɛ birikisi bi na apem me, nanso sɛɛ na ɛyɛ ‘The Finished Mystery’ nhoma no. Mede baa fie bɛkenkan ne nyinaa. . . . Akyiri yi na mibehui sɛ, sɛɛ ɔsɛnkafo bi na . . . ɔde abufuw tow nhoma no faa ne mpomma mu ma ɛbɛbɔɔ me . . . Migye di sɛ ɔnam saa ade baako a ɔyɛe no so sakraa nnipa pii ma wobenyaa anidaso pa ara sen biribi foforo biara a ɔyɛe wɔ n’asetena mu. . . . Ɔsɛnkafo no abufuw nti na seesei yɛreyi Onyankopɔn ayɛ no.”

Ɛnyɛ ɔsɛnkafo no nko ara na ɔyɛɛ biribi a ɛte saa. Atumfoɔ a wɔwɔ Canada baraa nhoma no February 12, 1918. Wɔkaa sɛ nhoma no mu nsɛm yɛ amammɔesɛm, na ɛkasa tia akodi. Ɛno akyi bere tiaa bi no, atumfoɔ a wɔwɔ U. S. nso baraa nhoma no. Aban adwumayɛfo kɔɔ New York, Pennsylvania, ne California kɔhwehwɛɛ Betel adan ne ɔfese a ɛwɔ hɔ no mu. Wɔkɔhwehwɛe sɛ wobenya adanse bi de abɔ anuanom a wodi ahyehyɛde no anim no sobo. March 14, 1918 no, United States Asoɛe a Ɛhwɛ Atɛntrenee Ho Nsɛm So baraa The Finished Mystery nhoma no. Wɔkaa sɛ, nhoma no a wotintim na wɔkyekyɛ no remmoa ɔko no, na etia mmara a wɔahyɛ sɛ ɛnsɛ sɛ obi yi ɔman no ahintasɛm bi adi no. Ɛno ne Akwansra Mmara no.

AFIASENNA!

May 7, 1918 no, Asoɛe a Ɛhwɛ Atɛntrenee Ho Nsɛm So kogyee tumi krataa kɔkyeree Giovanni DeCecca, George Fisher, Alexander Macmillan, Robert Martin, Frederick Robison, Joseph Rutherford, William Van Amburgh, ne Clayton Woodworth. Wɔbɔɔ wɔn sobo sɛ “wɔde anidaho boapa abu mmara so, wonni nokware mma wɔn man, na wɔaka sɛ wɔremfa wɔn ho mmɔ United States asraafo.” Wofii ase dii wɔn asɛm June 5, 1918, nanso na biribiara kyerɛ sɛ wobebu wɔn fɔ. Adɛn nti na yɛreka saa?

United States mmaranimfo panyin no kaa sɛ, mmara a wɔabu so no ne Akwansra Mmara no; ɛno ne “mmara pa ara a ɔman no de ko tia nnaadaasɛm.” May 16, 1918 no, anka wɔreyɛ nsakrae bi wɔ saa Mmara no mu, nanso Mmarahyɛ Bagua no bɔ gui. Sɛ wogyee saa nsakrae no toom a, anka ɛbɛbɔ “obi a ɔde adwempa tintim asɛm a ɛyɛ nokware, na edi sɛ ɔka” ho ban. Bere a Mmarahyɛ Bagua no resusuw asɛm no ho no, The Finished Mystery nhoma no ho asɛm puee wom mpɛn pii. U. S. Mmarahyɛ Bagua no kyerɛwtohɔ a ɛfa asɛm yi ho ka sɛ: “Nnaadaasɛm a yɛresusuw ho yi, nea ɛyɛ hu wom pa ara baako ne nhoma bi a wɔato din ‘The Finished Mystery’ . . . Ade baako pa ara a nhoma no betumi ayɛ ne sɛ, ebebu yɛn asraafo no abam na akanyan ɔmanfo . . . ama wɔasɔre atia mmara a yegyina so de nkurɔfo kɔ sraadi no.”

June 20, 1918 no, asɛnni baguafo bi buu anuanom mmarima nwɔtwe no fɔ wɔ sobo a wɔde bɔɔ wɔn no nyinaa ho. Ade kyee no, ɔtemmufo no de n’atemmu too gua. Ɔkaa sɛ: “Nyamesom mu nnaadaasɛm a saa nkurɔfo yi de nsi ne ahokeka abɔ no dawuru na wɔatrɛw mu no, . . . ɛyɛ hu koraa sen German Asraafodɔm bi. . . . Ɛsɛ sɛ yɛtwe wɔn aso pa ara.” Nnawɔtwe mmienu akyi no, wɔde anuanom mmarima nwɔtwe no koguu Ɔman No Afiase wɔ Atlanta, Georgia. Wɔde wɔn guu afiase fi mfe 10 kosi mfe 20.

ASƐNKA ADWUMA NO KƆƆ SO

Saa bere yi no, Bible Asuafo no hyiaa ɔsɔretia a emu yɛ den. Ɔman Nhwehwɛmu Asoɛe (FBI) hwehwɛɛ Bible Asuafo no dwumadi mu yiye, na wonyaa wɔn ho nsɛm mpempem pii. Ɛdaa adi wɔ kyerɛwtohɔ a wɔyɛ faa anuanom ho no mu sɛ, na anuanom asi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so aka asɛmpa no.

Ɔpanyin bi a ɔhwɛ posɔfese so wɔ Orlando, Florida kyerɛw krataa bi kɔmaa FBI. Ɔkaa wɔ krataa no mu sɛ: “[Bible Asuafo no] kɔ afie afie wɔ kurow no mu, na anadwo na wɔtaa yɛ saa. . . . Ɔsɔretia nyinaa akyi no, ɛte sɛ nea wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so ara aka wɔn asɛm no.”

Ɔsraani panyin bi a ɔwɔ Asoɛe a Ɛhwɛ Ɔko Ho Nsɛm So kyerɛw FBI. Ɔkaa adwuma a Frederick W. Franz a akyiri yi ɔbɛyɛɛ Akwankyerɛ Kuw no muni reyɛ ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Ɔsraani panyin no kaa sɛ: “F. W. Franz . .  ayere ne ho atɔn ‘Finished Mystery’ nhoma no mpempem pii.”

Charles Fekel a akyiri yi ɔno nso bɛyɛɛ Akwankyerɛ Kuw no muni hyiaa ɔtaa a emu yɛ den. Atumfoɔ no kyeree no sɛ ɔkyekyɛ The Finished Mystery nhoma no, na wɔde wɔn ani dii nkrataa a afoforo kyerɛw brɛɛ no ne nea ɔno nso kyerɛw kɔmaa afoforo akyi. Wɔde no too afiase bosome baako wɔ Baltimore, Maryland. Wɔkaa sɛ, ɔyɛ “Austriani hɔho a wabɛyɛ ɔtamfo.” Bere a ɔde akokoduru redi wɔn a na wɔrebisabisa no nsɛm adanse no, ɔkaee Paulo asɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 9:16 no. Ɛhɔ ka sɛ: “Sɛ manka asɛmpa no a, anka minnue!” *

Nsi ne ahokeka a Bible Asuafo no de yɛɛ asɛmpaka adwuma no akyi no, wɔyeree wɔn ho kyekyɛɛ nkrataa a wɔde resrɛ sɛ wonyi anuanom a wɔde wɔn agu afiase wɔ Atlanta no. Anna K. Gardner kaa sɛ: “Yɛantew antena, bere nyinaa na yɛreyɛ biribi. Bere a anuanom gu afiase no, adwuma a na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne sɛ yebenya ɔmanfo ama wɔde wɔn nsa ahyɛ yɛn adesrɛ no ase. Yɛkɔɔ afie afie. Yenyaa nnipa mpempem pii ma wɔde wɔn nsa hyɛɛ ase! Yɛka kyerɛɛ nkurɔfo sɛ, mmarima yi yɛ nokware Kristofo, ɛnna wɔabu wɔn atɛnkyea de wɔn agu afiase.”

NHYIAM AHOROW

Saa bere a na nneɛma mu yɛ den no, yɛyɛɛ nhyiam mpɛn pii de hyɛɛ anuanom gyidi den. Ɔwɛn-Aban bi kaa sɛ: “Yɛayɛ nhyiam bɛboro aduanan . . . wɔ afe yi mu . . . Yɛn nsa aka amanneɛbɔ a ɛhyɛ nkuran pii afi nhyiam ahorow no nyinaa ase. Bere bi a atwam no, na yɛyɛ yɛn nhyiam ahorow nyinaa wɔ abosome kakraa bi (abosome mmienu anaa mmiɛnsa) ntam; nanso seesei, afe no mu no, bosome biara yɛyɛ nhyiam.”

Ná nnipa a wɔwɔ koma pa pii da so ara retie asɛmpa no. Nhyiam baako a yɛyɛe wɔ Cleveland, Ohio no, nnipa bɛyɛ 1,200 na wɔbae; yɛbɔɔ nnipa 42 asu, na abarimaa kumaa bi ka ho. Ná “wanya anisɔ ama Onyankopɔn, na na n’ahosohyira no bɛhyɛ nnipa a wɔanyinyin pii aniwu.”

DƐN BIO?

Bere a afe 1918 reba awiei no, na Bible Asuafo no nnim nea ɛbɛto wɔn daakye. Wɔtɔn wɔn adan a ɛwɔ Brooklyn no bi, na woyii adwumayɛbea ti no kɔɔ Pittsburgh, Pennsylvania. Bere a na wɔn a wodi ɔsom adwuma no anim da so wɔ afiase no, asafo no yɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ nhyiam a anuanom a wɔwɔ kyɛfa wɔ ahyehyɛde no mu yɛ no afe afe no January 4, 1919. Dɛn na na ebesi?

Yɛn nuanom kɔɔ so yɛɛ wɔn adwuma no. Ná wɔwɔ ahotoso sɛ nea ebesi biara nneɛma bɛkɔ yiye, enti wɔpaw asɛm a edi hɔ yi sɛ afe 1919 afe asɛm. Ɛne sɛ: “Akode biara a wɔbɔ hyɛ wo renyɛ yiye.” (Yes. 54:17, Akuapem Twi Bible) Ná anuanom hwɛ kwan sɛ nsakrae kɛse bi bɛba ama wɔn gyidi ayɛ den, na ahyɛ wɔn den ama wɔatumi ayɛ adwuma kɛse a ɛda wɔn anim no.

^ nky. 6 Hwɛ asɛm a wɔato din “One Hundred Years Ago—1917” (Mfe Ɔha a Atwam—1917) wɔ 2017 Yearbook of Jehovah’s Witnesses, kr. 172-176.

^ nky. 22 Hwɛ Charles Fekel asetenam nsɛm wɔ March 1, 1969, Borɔfo Ɔwɛn-Aban no mu. Asɛmti ne “Joys Through Perseverance in Good Work” (Animia a Mede Ayɛ Adwuma Pa No Ama Manya Anigye Pii).