Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASETENAM NSƐM

Gyinae a Misii Ama Yehowa Ahyira Me Pii

Gyinae a Misii Ama Yehowa Ahyira Me Pii

Bere a yɛde nkratawa kɔhyehyɛɛ apono ase wɔ afie kakra a na aka wɔ yɛn asasesin no mu wiei no, na anim retetew. Afe 1939 na yɛyɛɛ saa adwuma no. Yɛsɔree ɔdasum de kar twaa kwan bɛyɛ dɔnhwerew baako kɔɔ kurow ketewa bi a wɔfrɛ no Joplin mu. Joplin wɔ Missouri anafo fam wɔ U.S.A. Bere a yɛde brɛbrɛ wiee yɛn adwuma no, ɛhɔ ara na yɛkɔtenaa yɛn kar mu tu kɔɔ baabi a na yɛahyehyɛ sɛ yebehyia no. Yɛkɔɔ hɔ kɔtwɛn anuanom a wɔaka a na wɔn nso reyɛ saa adwuma no bi no. Ebia woreka wɔ wo tirim sɛ, adɛn nti na yɛkɔɔ asɛnka ahemadakye saa na yɛde ahoɔhare fii asasesin no mu? Akyiri yi, mɛka akyerɛ wo.

ƐYƐ me dɛ pa ara sɛ m’awofo a wɔteetee me no, na wɔyɛ Kristofo. Me papa Fred Molohan ne me maame Edna Molohan de nyamesom pa duaa me mu. Wɔwoo me afe 1934. Saa bere no, na m’awofo ayɛ Bible Asuafo (Yehowa Adansefo) mfe 20. Ná yɛn abusua no te Parsons. Ɛyɛ kurow ketewa bi a ɛwɔ Kansas anafo fam. Asafo a na yɛwom no, ɛkame ayɛ sɛ na emufo nyinaa yɛ Kristofo a wɔasra wɔn. Ná yɛn abusua no wɔ nhyehyɛe pa a yɛde kɔ asafo nhyiam ne asɛnka; na yɛkɔka nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu ho asɛm kyerɛ nkurɔfo. Memeneda awia biara, na yɛtaa di adanse wɔ mmɔnten so; ɛno na ɛnnɛ yɛfrɛ no baguam adansedi no. Ɛtɔ da a na yɛbrɛ, nanso sɛ yɛpɔn a na Paapa taa de yɛn pue ma yekodi ice cream ma yɛn ho dwo yɛn.

Ná yɛn asafo ketewa no asasesin yɛ kɛse. Ná nkurow nketewa bebree ne mfuw pii wɔ amansin a ɛbemmɛn yɛn no mu. Ná ne nyinaa ka yɛn asasesin no ho. Sɛ yedi akuafo no adanse a, mpɛn pii no, na yɛde yɛn nhoma no ma wɔn de gye atosode a wɔadua wɔ wɔn mfuw mu, nkosua (nea wɔsesaw fii wɔn nkokɔbuw mu nkyɛe), ne nkokɔ a wonnya nkum wɔn. Esiane sɛ na Paapa ayi nhoma no ho ntoboa dedaw nti, na saa nnuan yi boa ma yɛn abusua no nya biribi di.

ASƐNKA ƆSATU AHOROW

M’awofo tɔɔ gramafon a na wɔde kɔ asɛnka. Esiane sɛ na meyɛ abofra koraa nti, na minnim bɔ. Sɛ Paapa ne Maame kɔyɛ sankɔhwɛ ne Bible adesua na wɔbɔ Onua Rutherford kasa a wɔakyere agu mpaawa so a, na meboa wɔn ma m’ani gye.

Me ne me papa ne me maame gyina yɛn kar a akasam si so no anim

Ná Paapa wɔ Ford kar bi a wɔyɛɛ no afe 1936; ɔde akasam kɛse bi sii so. Enti, na yɛfrɛ no kar a akasam si so. Saa kar yi boae pa ara ma yɛtrɛw Ahenni ho asɛm no mu. Mpɛn pii no, na yedi kan bɔ nnwom a wɔakyere agu mpaawa so de twetwe nkurɔfo adwene, na afei yɛabɔ Bible ho ɔkasa a wɔakyere agu mpaawa so. Sɛ ɔkasa no si a, na yɛkyekyɛ nhoma ma nkurɔfo a wɔn ani agye asɛm no ho.

Cherryvale yɛ kurow ketewa bi a ɛwɔ Kansas. Prama bi wɔ kurow no mu a edu Kwasida a nkurɔfo kɔ hɔ kodwudwo wɔn ho. Polisifo a wɔwɔ hɔ no ka kyerɛɛ Paapa sɛ wɔremma no mfa kar a akasam si so no nsi prama no so. Nanso wɔka kyerɛɛ no sɛ obetumi de akosi prama no nkyɛn baabi. Paapa ne wɔn annye akyinnye. Otuu kar no kosii ɔkwan bi a ɛbɛn prama no so sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo a wɔwɔ prama no so no bɛte asɛm no, na afei ɔtoaa dwumadi no so. Sɛ me ne Paapa ne me nuabarima panyin Jerry kɔyɛ asɛnka adwuma a ɛte saa a, na m’ani gye papaapa.

Ɛrekɔ afe 1940 no, yesii kurom yɛɛ ɔsatu soronko bi sɛnea ɛbɛyɛ a yɛde ahoɔhare bɛyɛ nsasesin a wɔsɔre tia yɛn pa ara no mu adwuma. Ná yɛsɔre dasum (sɛnea yɛyɛe wɔ Joplin, Missouri no) yɛ brɛbrɛ de nkratawa ne nhoma nketewa kɔhyehyɛ nkurɔfo pon ase. Yewie a, na yekohyiam wɔ kurow no kurotia hwɛ sɛ polisifo akyere yɛn mu bi anaa.

Saa bere no, asɛnka adwuma no fã baako a na ɛyɛ anika ne nsɛm a yɛkyerɛkyerɛw gu nkrataa so de fa mmɔnten so no. Ná yɛde nkrataa a wɔakyerɛkyerɛw so no sensɛn yɛn kɔn mu fa kurom de bɔ Ahenni no ho dawuru. Mekae santen bi a ɛte saa a yɛto faa yɛn kurom. Anuanom de nkrataa a wɔakyerɛkyerɛw so sɛ “Nyamesom Yɛ Afiri Ne Nnaadaa” sensɛn wɔn kɔn mu faa kurom. Wotwaa kwan bɛyɛ kwansin baako (kilomita 1.6) faa kurom, na ɛno akyi no, wɔsan baa yɛn fie. Anigyesɛm ne sɛ, obiara ansiw wɔn kwan, nanso nnipa pii a na wɔpɛ sɛ wohu nea ɛrekɔ so bɛhwɛɛ wɔn.

NHYIAM AHOROW A YƐKƆE WƆ ME MMOFRABEREM

Ná yɛn abusua no taa twa kwan fi Kansas kɔ nhyiam wɔ Texas. Ná Paapa yɛ adwuma wɔ Missouri-Kansas-Texas Railroad (a wɔsan frɛ no M-K-T, anaa Katy, Railroad). Enti na yɛn nyinaa tumi de Paapa adwuma mu krataa foro keteke a yentua hwee kɔsra yɛn abusuafo, na na yetumi foro kɔ nhyiam nso. Ná Maame nuabarima panyin, Fred Wismar, ne ne yere, Eulalie te Temple, Texas. Wɔfa Fred huu nokware no wɔ ne mmeranteberem wɔ afe 1900 akyi hɔ baabi. Ɔbɔɔ asu, na ɔkaa nea osuae no ho asɛm kyerɛɛ ne nuanom; ná me maame ka ho. Bere bi a atwam no, na me wɔfa som sɛ dantaban somfo (ɛnnɛ wɔfrɛ no ɔmansin sohwɛfo) wɔ Texas mfinimfini fam, enti na anuanom a wɔwɔ hɔ no nim no yiye. Ná ne yam ye, na n’ani gye; na bere biara a wo ne no bɛbɔ no, w’ani gye. Nsi ne ahokeka na na ɔde yɛ ɔsom adwuma no, na misuaa nneɛma pa pii fii ne hɔ wɔ me mmeranteberem.

Afe 1941 no, yɛn abusua no faa keteke kɔɔ nhyiam kɛse bi wɔ St. Louis, Missouri. Nhyiam no ase no, wɔmaa mmofra no nyinaa kɔtenaa baabi a ɛbɛn asɛnka agua no tiee Onua Rutherford kasa a wɔato din “Ɔhene No Mma.” Bere a ɔmaa ɔkasa no wiei no, mmofra no mu biara nyaa akyɛde bi a na wɔnhwɛ kwan. Ná ɛyɛ nhoma a wɔato din Children (Mmofra); Onua Rutherford ne n’aboafo na wɔkyekyɛe. Mmofra bɛboro 15,000 na wonyaa akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ yi bi.

April 1943 no, yɛkɔɔ nhyiam bi wɔ Coffeyville, Kansas. Ná nhyiam no yɛ ketewa de, nanso yɛn ani gyei pa ara. Asɛmti a na ɛda so ne “Call to Action” (Monkɔyɛ Adwuma No). Nhyiam no ase no, wɔkaa sɛ asafo ahorow nyinaa bɛyɛ sukuu foforo a wɔato din Teokrase Ɔsom Sukuu. Woyii nhoma ketewa bi adi, na na ekura adesua 52. Ná saa nhoma yi na yɛde bɛyɛ sukuu no. Saa afe no rekɔ n’awiei na memaa osuani kasa a edi kan. Ná saa nhyiam no yɛ soronko ma me pa ara efisɛ wɔbɔɔ me ne anuanom bi asu wɔ abura bi a ɛwɔ afuw bi a ɛbɛn hɔ mu; ná nsu no yɛ nwini pa ara.

BETEL SOM ADWUMA—ADWUMA A NA ƐDA ME KOMA SO

Miwiee ntoaso sukuu afe 1951, na na ɛsɛ sɛ misi nea mɛyɛ daakye ho gyinae. Ná me koma so ade ne sɛ mɛkɔ akɔsom wɔ Betel, enti ankyɛ na mede m’akwammisa krataa kɔɔ Brooklyn Betel; na me nua Jerry asom wɔ hɔ pɛn. Saa gyinae a misii no aboa me ama matumi asom Yehowa yiye. Bere tiaa bi akyi no, wogyee m’akwammisa no toom, na wɔfrɛɛ me ma mekɔhyɛɛ Betel adwuma ase March 10, 1952.

Ná mehwɛ kwan sɛ wɔbɛma me ayɛ adwuma wɔ baabi a wotintim nhoma, na matumi aboa ama wɔayɛ nsɛmma nhoma ne nhoma. Nanso wɔma mekɔsom anuanom wɔ baabi a yedidi. Akyiri yi, wɔde me kɔɔ gyaade. Misuaa nneɛma pii wɔ hɔ maa m’ani gyei pa ara. Enti mannya hokwan ankɔyɛ adwuma wɔ baabi a wotintim nhoma no da. Nanso, nsakrae a wɔyɛe wɔ anuanom a wɔyɛ adwuma wɔ gyaade no adwumayɛ mu no boaa me. Efisɛ na ɛma minya bere kɔ Betel nhomakorabea a nhoma pii wɔ hɔ no kosua ade. Wei boaa me maa me gyidi yɛɛ den, na me ne Yehowa ntam yɛɛ kama. Ɛma misii me bo pa ara sɛ mɛsom Yehowa wɔ Betel akosi bere biara a metumi. Jerry fii Betel afe 1949 kɔwaree Patricia, nanso na wɔte bɛn Betel wɔ Brooklyn. Bere a mekɔɔ Betel foforo no, bere nyinaa na wɔboa me, na na wɔhyɛ me nkuran pa ara.

Bere a mekɔɔ Betel foforo no, na wɔresɔ anuanom mmarima ahwɛ de apɛ akasafo pii aka anuanom mmarima a wogyina Betel ananmu ma ɔkasa ahorow ho. Anuanom a wɔwɔ saa hokwan no, na wɔma wɔkɔ asafo ahorow a efi Brooklyn Betel rekɔ hɔ tenten yɛ akwansin 200 (kilomita 322) kɔma baguam kasa. Afei nso, na wɔne asafo no kɔ asɛnka. Minyaa hokwan ma wɔde me kaa saa anuanom no ho. Ɛda a memaa ɔkasa a edi kan no, na me yam hyehye me pa ara. Saa bere no, na yɛde dɔnhwerew baako na ɛma ɔkasa. Keteke na na metaa foro kɔsrasra asafo ahorow no. Mekae afe 1954 Kwasida awia bi a na awɔw wom pa ara. Meforoo keteke bi a na ɛrekɔ New York. Ná mehwɛ kwan sɛ metumi asan akodu Betel ansa na ade asa. Nanso ahum bi tui a na sukyerɛmma a ɛyɛ nwini pa ara nenam mu. Enti keteke no engine a ɛde anyinam ahoɔden yɛ adwuma no dumii maa keteke no gyinae. Ewiee ase no, keteke no tumi koduu New York City keteke gyinabea. Eduu hɔ Dwoda, bɛyɛ anɔpa nnɔnnum. Bere a misii fam araa pɛ na mekɔforoo keteke a ɛnam asase ase kɔɔ Brooklyn. Midui ara na mekɔyɛɛ adwuma wɔ gyaade; mekaa akyi kakra, na na mabrɛ pa ara nso. Nea enti a ɛbaa saa ne sɛ, metenaa keteke a ɛsɛee no mu anadwo mũ nyinaa a mantumi anna. Asafo ahorow a mesomee ne anuanom bebree a na me ne wɔn bom yɛ ɔsom adwuma no adapɛn awiei no maa m’ani gyei. Ɛno nti, ahokyere a ɛte saa no anhaw me koraa.

Yɛreboaboa yɛn ho ama WBBR so dwumadi

Bere a mekɔɔ Betel foforo no, wɔmaa mekɔkasae wɔ radio WBBR so. Saa bere no, na radio dwumadibea no wɔ 124 Columbia Heights abansoro dan a ɛto so mmienu no so. Ná meka anuanom a wɔyɛ Bible adesua dwumadi a yɛyɛ no nnawɔtwe biara no ho. Ná Onua A. H. Macmillan de mfe pii ayɛ ɔsom adwuma no wɔ Betel. Ná ɔtaa yɛ saa dwumadi yi bi wɔ radio so. Ná yɛtaa frɛ no Onua Mac. Ná wafa nsɛnnennen pii mu wɔ Yehowa som mu, nanso na ɔde nokwaredi agyina ano. Enti, na yɛn a yɛyɛ mmerante wɔ Betel no suasua ne nhwɛso pa no.

Yɛkyekyɛɛ nsaano krataa yi wɔ asɛnka mu de bɔɔ WBBR ho dawuru

Afe 1958 no, wɔsesaa m’adwuma; wɔma mifii ase yɛɛ nnwuma bi maa anuanom a wɔawie Gilead Sukuu no. Ná m’adwuma ne sɛ mɛboa asɛmpatrɛwfo no ama wɔn nsa aka tumi krataa a wɔde betu kwan. Afei nso, na meyɛ anuanom mmarima ne mmea a wɔyɛ nsi yi akwantu ho nhyehyɛe. Saa bere no, sɛ obi de wimhyɛn retu kwan a, na ne bo yɛ den pa ara. Enti, na asɛmpatrɛwfo no kakraa bi na na wɔde wimhyɛn tu kwan. Wɔn a na wɔde wɔn kɔ Afrika ne Asia Apuei dodow no ara de, na wɔfa po so hyɛn. Mfe bi akyi, bere a wimhyɛn akwantu bo yɛɛ fo no, ankyɛ na wofii ase maa asɛmpatrɛwfo dodow no ara faa wimhyɛn kɔɔ baabi a wɔrekɔyɛ wɔn som adwuma no.

Merehyehyɛ Gilead adansedi nkrataa ansa na adesua awiei dwumadi no adu so

AKWAN A YETUTU KƆƆ NHYIAM

Afe 1960 no, adwuma a na meyɛ no bɛyɛɛ kɛse. Ná ɛsɛ sɛ mepɛ wimhyɛn a ɛde anuanom befi United States akɔ amanaman ntam nhyiam a yɛbɛyɛ no afe 1961 wɔ Europa no. Meforoo wimhyɛn a yɛhan fii New York kɔɔ saa nhyiam no wɔ Hamburg, Germany no bi. Yewiee nhyiam no, me ne anuanom mmiɛnsa a wofi Betel han kar fii Germany kɔɔ Italy, na yɛkɔɔ baa dwumadibea a ɛwɔ Rome no. Yefii hɔ no, yɛkɔɔ France; yɛkɔfaa Pyrenees Mmepɔw no so kɔɔ Spain. Saa bere no, na wɔabara yɛn adwuma no wɔ Spain. Yetumi de nhoma kakra kɔmaa anuanom a wɔwɔ Barcelona. Yɛkyekyeree ho te sɛ akyɛde. Bere a yehyiaa wɔn no, yɛn ani gyei papaapa! Yefii hɔ no, yɛtoaa so kɔɔ Amsterdam, na afei yɛfaa wimhyɛn san kɔɔ New York.

Afe baako akyi no, wɔma meyɛɛ anuanom a na wɔapaw wɔn sɛ wɔbɛkɔ amanaman ntam nhyiam ahorow a na wɔbɛyɛ wɔ wiase nyinaa no akwantu ho nhyehyɛe; wei bɛkaa adwuma a meyɛ wɔ Betel no ho. Saa nhyiam yi ne “Daa Asɛmpa” Amanaman Ntam Nhyiam a yɛyɛe afe 1963 no. Yɛyɛɛ nhyehyɛe sɛ nnipa 583 a wɔapaw wɔn no betu kwan akɔ nhyiam wɔ Europa, Asia, ne South Pacific, na wɔatoa so akɔ Honolulu, Hawaii, na wɔakowie wɔ Pasadena, California. Ná wɔbɛkɔ Lebanon ne Jordan nso akɔhwɛ nsase a Bible ka ho asɛm no. Yɛn dwumadibea a ɛwɔ Betel no na ɛyɛɛ wimhyɛn a wɔde betu kwan ne hotɛl a wɔbɛda ho nhyehyɛe. Yɛn ara nso na yegyee tumi krataa a wɔde bɛkɔ aman ahorow so no nyinaa maa wɔn.

ƆHOKAFO FOFORO A ME NE NO TUTUU AKWAN

Afe 1963 no, biribi titiriw nso sii a ɛmaa m’ani gyei pa ara. June 29 no, mewaree Lila Rogers a ofi Missouri. Lila baa Betel afe 1960. Yɛwaree akyi nnawɔtwe baako no, me ne Lila kɔkaa anuanom a na wɔretu kwan akɔ nhyiam wɔ aman ahorow so no ho. Yɛkɔɔ Greece, Egypt, ne Lebanon. Yɛfaa wimhyɛn fii Beirut twaa kwantiaa bi kɔɔ wimhyɛn gyinabea ketewa bi a ɛwɔ Jordan. Esiane sɛ na wɔabara yɛn adwuma no wɔ Jordan na wɔaka akyerɛ yɛn sɛ wɔremma Yehowa Adansefo tumi krataa a yɛde bɛkɔ ɔman no mu nti, na yenhu nea yedu hɔ a ebesi. Bere a yeduu hɔ na yehui sɛ anuanom pii gyinagyina ɔdan a akwantufo fa mu kɔforo wimhyɛn anaa wɔfa mu pue no atifi kura ntama a wɔakyerɛw so “Yehowa Adansefo, Yɛma Mo Akwaaba” no, wode hwɛ sɛnea yɛn ho dwiriw yɛn na yɛn ani gyei! Na hwɛ sɛnea yedii ahurusi sɛ yɛn ankasa yɛde yɛn ani huu nsase a Bible ka ho asɛm no! Yɛkɔɔ baabi a agyanom a wɔtenaa ase tete no tenae, ne baabi a Yesu ne asomafo no kaa asɛmpa no. Yɛsan nso kɔɔ baabi a Kristosom fii ase trɛw kɔɔ wiase afanan nyinaa no.—Aso. 13:47.

Mfe 55 ni, Lila akɔ so abata me ho wɔ yɛn som adwuma nyinaa mu. Bere a na wɔabara yɛn som adwuma no wɔ Spain ne Portugal no, yetumi kɔɔ hɔ nsrahwɛ mpɛn dodow bi. Ná yetumi hyɛ anuanom nkuran, na na yetumi de nhoma ne nneɛma foforo a wohia kɔma wɔn. Yetumi mpo kɔsraa anuanom bi a na wɔda afiase wɔ asraafo dan dedaw bi mu wɔ Cádiz, Spain. M’ani gyei pa ara sɛ mitumi maa Bible mu kasa bi de hyɛɛ wɔn den.

Yɛne Patricia ne Jerry Molohan; yɛrekɔ “Asomdwoe Wɔ Asase So” Ɔmantam Nhyiam, afe 1969

Efi afe 1963 reba no, minyaa hokwan yɛɛ anuanom a wɔrekɔ amanaman ntam nhyiam wɔ Afrika, Australia, Amerika Mfinimfini ne Anafo fam, Europa, Asia Apuei, Hawaii, New Zealand, ne Puerto Rico akwantu ho nhyehyɛe. Me ne Lila akɔ nhyiam pii a yɛn werɛ remfi da; baako ne nea wɔyɛe wɔ Warsaw, Poland, afe 1989. Anuanom pii a wofi Russia tumi baa saa nhyiam kɛse no bi. Ná ɛno ne nhyiam a edi kan koraa a wɔakɔ bi! Yehyiaa anuanom bi a na wɔn gyidi nti wɔada afiase mfe pii wɔ Soviet Union.

Hokwan foforo a manya ne sɛ mekɔ baa dwumadibea ahorow wɔ wiase nyinaa kɔhyɛ Betel abusua ne asɛmpatrɛwfo nkuran. Wei ama m’ani agye pa ara. Asafo ti nanmusini nsrahwɛ a etwa to a yɛkɔe wɔ South Korea no, yehyiaa anuanom mmarima 50 a wɔda afiase wɔ Suwon. Saa anuanom yi nyinaa wɔ adwempa, na wɔrehwɛ kwan sɛ wobeyi wɔn ama wɔasan abɛyɛ wɔn som adwuma bio. Ɛhyɛɛ yɛn nkuran pa ara sɛ yɛne wɔn hyiae!—Rom. 1:11, 12.

NKƆANIM DE ANIGYE BA

Mfe a atwam no, mahu sɛnea Yehowa ahyira ne nkurɔfo ama wɔanya nkɔanim. Bere a mebɔɔ asu afe 1943 no, na adawurubɔfo dodow si 100,000, nanso ɛnnɛ, adawurubɔfo bɛboro 8,000,000 na wɔresom Yehowa wɔ aman 240 so. Asɛnka adwuma a wɔn a wɔawie Gilead reyɛ no ka ho bi pa ara na ama yɛanya nkɔanim a ɛte saa. Mayɛ nnwuma bi ama saa asɛmpatrɛwfo yi pii, na maboa wɔn ama wɔakɔ aman a wɔrekɔyɛ wɔn som adwuma wɔ so no so. Wei ama m’ani agye pa ara!

Ɛyɛ me dɛ pa ara sɛ misii gyinae wɔ me mmeranteberem sɛ mɛkɔ akɔyɛ adwuma wɔ Betel de atrɛw me som adwuma mu. Yehowa ahyira me pii wɔ m’asetena nyinaa mu. Anigye a manya wɔ Betel som adwuma mu akyi no, me ne Lila ani agye nso sɛ yɛanya hokwan ne asafo ahorow a ɛwɔ Brooklyn ayɛ asɛnka adwuma bɛboro mfe 50 ni, na yɛanya nnamfo pa pii.

Lila boa me ma mekɔ so yɛ me som adwuma wɔ Betel da biara. Ɛwom sɛ seesei madi boro mfe 84 de, nanso ɛyɛ me dɛ sɛ ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa mitumi yɛ adwuma; meboa ma yɛyɛ nkrataa a asafo no de mena ne nea asafo no nsa ka ho adwuma.

Ɛyɛ me anigye pa ara sɛ mewɔ Yehowa ahyehyɛde a emu yɛ dɛ no mu. Ama mahu nsonsonoe kɛse a ɛwɔ wɔn a wɔsom Yehowa ne wɔn a wɔnsom no no ntam. Yebetumi ate asɛm a ɛwɔ Malaki 3:18 no ase yiye. Ɛhɔ ka sɛ: “Afei mubehu nsonsonoe a ɛda ɔtreneeni ne ɔbɔnefo ntam, ne nea ɔsom Onyankopɔn ne nea ɔnsom no no ntam.” Ade rekye a ade resa nyinaa no, yehu sɛ Satan nhyehyɛe no sɛe araa na ɛresɛe, na nnipa a wɔwom no nni anidaso ne anigye papa biara. Nanso, wɔ mmere a emu yɛ den yi mu mpo no, wɔn a wɔdɔ Yehowa na wɔsom no no ani gye, na wɔwɔ daakye ho anidaso papa bi. Yɛanya hokwan kɛse pa ara sɛ yɛreka Ahenni ho asɛmpa no bi! (Mat. 24:14) Onyankopɔn Ahenni bɛba abesi wiase bɔne yi ananmu nnansa yi ara, na ɛde paradise aba. Yɛhwɛ saa bere no kwan denneennen. Saa bere no, obiara a ɔwɔ asase so benya apɔwmuden ne anigye, na watena ase afebɔɔ.

Me ne Lila nnɛ