Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ka Nokware

Ka Nokware

“Obiara nka nokware nkyerɛ ne yɔnko.”—SAK. 8:16.

NNWOM: 56, 124

1, 2. Dɛn na adi adesamma awu pa ara, na hena na ɔkɔfa bae?

TƐLƐFON, bɔlb, kar, ne frigye yɛ nneɛma a nnipa ayɛ a ama asetena atu mpɔn no mu kakraa bi pɛ. Nanso, nneɛma foforo wɔ hɔ a nnipa ayɛ a adi awu pa ara. Ebi ne atuduru, atopae a wɔde hyehyɛ fam, sigaret, ne atɔm topae. Biribi foforo nso wɔ hɔ a edii kan bae ansa na weinom nyinaa reba, na adi adesamma awu sen biara. Ɛyɛ dɛn? Ɛyɛ atoro! Ɛne sɛ, obi reka asɛm bi a ɔno ara nim sɛ ɛnyɛ nokware de adaadaa obi. Hena na ɔkaa atosɛm a edi kan? Yesu Kristo kaa sɛ “Ɔbonsam” na ɔyɛ “atoro agya.” (Kenkan Yohane 8:44.) Bere bɛn na ɔkaa atosɛm a edi kan no?

2 Mfe mpempem pii a atwam ni na asɛm yi sii wɔ Eden turom. Ná nnipa mmienu a wodi kan, Adam ne Hawa, regye wɔn ani wɔ Paradise a wɔn Bɔfo de maa wɔn no mu. Afei wɔnkɔhwɛ a, Ɔbonsam ni. Ná Ɔbonsam nim sɛ Onyankopɔn aka akyerɛ Adam ne Hawa sɛ, ɛnsɛ sɛ wodi “papa ne bɔne ho nimdeɛ dua” no, efisɛ sɛ wɔyɛ asoɔden na wodi a, wobewu. Ná Satan nim wei nyinaa de, nanso ɔnam ɔwɔ so ka kyerɛɛ Hawa sɛ: “Ɛnyɛ owu na mubewu [wei ne atoro a edi kan]. Na Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no mo ani bebue na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.”—Gen. 2:15-17; 3:1-5.

3. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ adwemmɔne na ɛmaa Satan dii atoro, na dɛn na afi mu aba?

3 Adwemmɔne na ɛmaa Satan dii atoro, efisɛ na onim yiye pa ara sɛ, sɛ Hawa gye no di na odi dua no aba a, obewu. Hawa ne Adam nyinaa buu Yehowa ahyɛde so, na ewiee ase no, wowui. (Gen. 3:6; 5:5) Nea ɛsen saa no, ɛnam saa bɔne no so na “owu trɛw kaa nnipa nyinaa.” Nokwarem no, ‘owu dii hene, na edii wɔn a wɔanyɛ bɔne te sɛ Adam mmarato no mpo so.’ (Rom. 5:12, 14) Ná anka Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa tena ase daa na wogye wɔn ani a wɔrenhyia ɔhaw biara. Nanso seesei ɛnte saa. Sɛ obi tena ase na nneɛma kɔ yiye ma no a, odi ‘mfe 70, na sɛ ɔwɔ ahoɔden pa ara a, ɛnna odi mfe 80.’ Ɛno mpo no, yɛhwɛ nnipa asetena a, “ɔhaw ne amanehunu nkutoo na ahyɛ mu mã.” (Dw. 90:10) Atoro a Satan dii na akɔfa awerɛhosɛm yi nyinaa aba!

4. (a) Nsɛmmisa bɛn na ehia sɛ yenya ho mmuae? (b) Sɛnea Dwom 15:1, 2 kyerɛ no, hena nkutoo na obetumi ayɛ Yehowa adamfo?

4 Yesu kaa nea Ɔbonsam yɛe no ho asɛm sɛ: “Wannyina nokware no mu, efisɛ nokware nni ne mu.” Ɛde besi nnɛ nyinaa, nokware nni Satan mu, efisɛ ogu so de n’atosɛm no ‘redaadaa asase sofo nyinaa.’ (Adi. 12:9) Yɛmpɛ sɛ Ɔbonsam daadaa yɛn. Sɛ saa a, ɛnde momma yensusuw nsɛmmisa mmiɛnsa yi ho: Sɛn na Satan redaadaa nkurɔfo nnɛ? Adɛn nti na nkurɔfo taa di atoro? Nea ɛbɛyɛ na yɛansɛe yɛne Yehowa ntam sɛnea Adam ne Hawa yɛe no, dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ ‘yɛka nokwasɛm’ bere nyinaa?—Kenkan Dwom 15:1, 2.

SƐNEA SATAN REDAADAA NNIPA

5. Sɛn na Satan redaadaa nkurɔfo nnɛ?

5 Ná ɔsomafo Paulo nim sɛ yebetumi ahwɛ yɛn ho yiye na “Satan annya yɛn, efisɛ yenim n’akwan.” (2 Kor. 2:11) Yenim sɛ wiase nyinaa da Ɔbonsam tumi mu. Atoro som, amanyɔfo a wɔbɔ nyansakorɔn, ne aguadifo a wɔpɛ mfaso bɔne nyinaa da Ɔbonsam tumi mu. (1 Yoh. 5:19) Enti, ɛnyɛ yɛn nwonwa sɛ Satan ne n’adaemone no bepiapia nnipa a wɔwɔ dibea akɛse ama ‘wɔadi atoro.’ (1 Tim. 4:1, 2) Saa pɛpɛɛpɛ na nnipa a wɔwɔ nnwumakuw akɛse no te; wɔbɔ nneɛma a edi awu ho dawuru, na wɔdaadaa nkurɔfo gye wɔn sika.

6, 7. (a) Adɛn nti na sɛ nyamesom akannifo di atoro a, enye koraa? (b) Atosɛm bɛn na woate sɛ nyamesom akannifo ka?

6 Sɛ nyamesom akannifo di atoro a, enye koraa. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, sɛ nkurɔfo gye wɔn atosɛm no di a, ebetumi ama nkwa a wobenya daakye no abɔ wɔn. Sɛ obi gye atoro nkyerɛkyerɛ di, na ɔyɛ biribi a Onyankopɔn kasa tia a, ebetumi ama daa nkwa abɔ saa nipa no. (Hos. 4:9) Ná Yesu nim sɛ nyamesom akannifo no di fɔ wɔ saa nnaadaa no ho. Ɔka sii wɔn anim sɛ: “Munnue, akyerɛwfo ne Farisifo nyaatwomfo! efisɛ mufi adi kɔ po ne asase kesee so kɔsakra obi, na onya sakra a, moma ɔbɛfata ma Gehenna [daa ɔsɛe] mmɔho abien sen mo ankasa.” (Mat. 23:15) Yesu kasa tiaa saa nyamesom akannifo a wodi atoro no denneennen. Ná ‘wofi wɔn agya Ɔbonsam, owudifo no hɔ’ ampa.—Yoh. 8:44.

7 Ɛnnɛ nso, nyamesom akannifo abu so. Ebia nkurɔfo frɛ wɔn asɔfo, rabi, akyerɛkyerɛfo, anaa wɔde abodin foforo na ɛfrɛ wɔn. Sɛnea wɔn mfɛfo a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so yɛe no, ‘wosiw nokware’ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no “kwan,” na ‘wɔde Onyankopɔn nokware asesa atoro.’ (Rom. 1:18, 25) Wɔkyerɛkyerɛ atoro nkyerɛkyerɛ te sɛ “wogye wo a, na wɔagye wo,” ɔkra a enwu da, ne onipa a owu ma wɔsan wo no foforo. Afei, nsɛnhunu te sɛ mmarima a wɔne mmarima da, ne mmea a wɔne mmea da, ne mmarima ne mmarima aware, ne mmea ne mmea aware nso, wɔpene so.

8. Atosɛm bɛn na yɛhwɛ kwan sɛ ɛrenkyɛ amanyɔfo bɛka, nanso dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ ho?

8 Amanyɔfo aka atosɛm de adaadaa nnipa. Atosɛm akɛse pa ara a yɛbɛte no, emu baako ne bere a nnipa bɛka sɛ wɔanya “asomdwoe ne dwoodwoo!” Nanso “mpofirim ara na ɔsɛe bɛba wɔn so.” Wiase yi rekɔ n’awiei, nanso nkurɔfo keka nsɛm bi de kyerɛ sɛ ɛnte saa ankasa. Ɛnsɛ sɛ yɛma nsɛm a ɛte saa daadaa yɛn! Nokwasɛm ne sɛ, ‘yenim yiye sɛ Yehowa da no reba sɛnea ɔkorɔmfo ba anadwo no ara pɛ.’—1 Tes. 5:1-4.

NEA ENTI A NNIPA TAA DI ATORO

9, 10. (a) Adɛn nti na nnipa di atoro, na dɛn na efi mu ba? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae wɔ Yehowa ho?

9 Sɛ obi yɛ biribi foforo na nkurɔfo ani gye ho a, ɔyɛ saa ade no pii. Saa ara na atosɛm nso te. Ɛnnɛ, nkurɔfo ka atosɛm wɔ baabiara, na ɛnyɛ nnipa atitiriw nko ara na wɔdaadaa nkurɔfo. Y. Bhattacharjee kyerɛw asɛm bi a ɔtoo din “Nea Enti a Yedi Atoro.” Ɔkaa sɛ: “Abɛda adi sɛ, atorodi yɛ suban a agye ntini kɛse wɔ nnipa mu.” Nkurɔfo taa di atoro de bɔ wɔn ho ban, anaasɛ wɔde pɛ anuonyam. Wodi atoro de kata mfomso ne bɔne a wodi so, anaa wɔde pɛ sika ne mfaso. Nhoma no mu asɛm no kaa sɛ, nnipa bi wɔ hɔ a, “ɛnyɛ den sɛ wobedi atoro wɔ nneɛma akɛse ne nketewa mu.” Afei nso, “wodi atoro kyerɛ nnipa a wonnim wɔn, wɔn mfɛfo adwumayɛfo, wɔn nnamfo, ne wɔn adɔfo.”

10 Dɛn na atorodi yi nyinaa akɔfa aba? Ɛmma nkurɔfo nnye wɔn ho wɔn ho nni, na etumi sɛe wɔn ntam. Sɛ ɔbarima bi di nokware ma ne yere na ɔbea no fi n’akyi na odi atoro de kata awaresɛe no so a, wo de, hwɛ sɛnea ebetumi ahaw ne kunu no. Anaasɛ ɔbarima bi yɛ ne yere ne ne mma basabasa wɔ fie, nanso sɛ odu nnipa mu a, ɔyɛ ne ho sɛ abusua ti a ɔhwɛ n’abusua yiye a, wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛhaw adwene pa ara. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ biribiara nni hɔ a nnaadaafo a wɔte saa betumi de asie Yehowa, efisɛ “nneɛma nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue pefee.”—Heb. 4:13.

11. Dɛn na yebetumi asua afi Anania ne Safira nhwɛso bɔne no mu? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

11 Nhwɛso bi ni. Bible ma yehu sɛnea asomafo no bere so ‘Satan pirim’ awarefo bi a wɔyɛ Kristofo koma ma wodii atoro kyerɛɛ Onyankopɔn. Anania ne Safira bɔɔ pɔw bɔne wɔ wɔn koma mu sɛ wɔbɛdaadaa asomafo no. Wɔtɔn wɔn agyapade bi, nanso sika a wonyae no fã bi pɛ na wɔde kɔmaa asomafo no. Ná awarefo no pɛ sɛ asafo no mufo hu wɔn sɛ wɔyɛ nnipa pa. Ná wɔpɛ sɛ afoforo hu sɛ wɔayi wɔn yam pa ara na wɔayi ntoboa no, nanso na ɛnte saa ankasa. Yehowa huu nea wɔyɛe no, na ɔde asotwe a ɛfata maa wɔn.—Aso. 5:1-10.

12. Wɔn a wɔde adwemmɔne di atoro na wonnu wɔn ho no, ɛhe na wɔbɛkɔ, na adɛn ntia?

12 Yehowa bu atorodi sɛn? Nkurɔfo a wɔde adwemmɔne di atoro na wonnu wɔn ho nyinaa suasua Satan; wɔne Satan nyinaa bɛkɔ “ogya tare” no mu. (Adi. 20:10; 21:8; Dw. 5:6) Adɛn ntia? Efisɛ wɔn a wodi atoro a ɛte saa nyinaa no yɛ wɔn ade sɛ “akraman,” kyerɛ sɛ, Yehowa bu wɔn sɛ nkurɔfo a wɔyɛ akyide wɔ Onyankopɔn ani so.—Adi. 22:15.

13. Dɛn na yenim fa Yehowa ho, na dɛn na saa nimdeɛ no hyɛ yɛn nkuran ma yɛyɛ?

13 Yenim sɛ Yehowa “nyɛ onipa na wadi atoro.” Nokwasɛm ne sɛ, “Onyankopɔn ntumi nni atoro.” (Num. 23:19; Heb. 6:18) Bible ka sɛ: “Yehowa kyi . . . atoro tɛkrɛma.” (Mmeb. 6:16, 17) Sɛ yebenya Yehowa anim dom a, ɛsɛ sɛ yɛka nokware bere nyinaa. Ɛno nti na ‘yennnidi atoro nnkyerɛ yɛn ho’ no.—Kol. 3:9.

‘YƐKA NOKWARE’

14. (a) Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ ɛsono yɛn, ɛnna ɛsono atoro som mufo? (b) Kyerɛkyerɛ nnyinasosɛm a ɛwɔ Luka 6:45 no mu.

14 Dɛn ne ade baako a nokware Kristofo yɛ de kyerɛ sɛ ɛsono wɔn, ɛnna ɛsono atoro som mufo? ‘Yɛka nokware.’ (Kenkan Sakaria 8:16, 17.) Paulo kaa sɛ: “Yɛda yɛn ho adi sɛ Onyankopɔn asomfo, . . . nokwasɛm mu.” (2 Kor. 6:4, 7) Yesu kaa nnipa ho asɛm sɛ: “Nea ayɛ koma mã aboro so no na ano ka.” (Luka 6:45) Enti sɛ onipa pa ka nokware wɔ ne koma mu a, nokwasɛm befi n’anom aba. Ɔbɛka nokware wɔ nneɛma akɛse ne nketewa mu; ɔbɛka nokware akyerɛ nnipa a onnim wɔn, ne mfɛfo adwumayɛfo, ne nnamfo, ne n’adɔfo. Yɛnhwɛ nneɛma bi a yɛyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛrebɔ mmɔden sɛ yebedi nokware wɔ ade nyinaa mu.

Wuhu ɔhaw bi wɔ onuawa ababaa yi abrabɔ ho? (Hwɛ nkyekyɛm 15, 16)

15. (a) Adɛn nti na nyansa nnim koraa sɛ wubedi bɔne asie? (b) Dɛn na ebetumi aboa mmabun ama wɔako atia atipɛnfo nhyɛso bɔne? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

15 Sɛ woyɛ ɔbabun na wopɛ sɛ w’atipɛnfo gye wo tom nso ɛ? Hwɛ yiye na woanni bɔne ansie sɛnea ebinom reyɛ no. Sɛ wɔne wɔn abusua ne asafo no mufo wɔ hɔ a, wɔyɛ wɔn ho sɛ wɔbɔ bra pa, nanso sɛ wɔne wɔn atipɛnfo a wɔyɛ mmabun a wɔnsom Yehowa no wɔ hɔ anaa wɔkɔ sohyial media so a, wɔyɛ nnipa foforo koraa. Ebia wɔbɛka kasafĩ, ahyɛ ntade a ɛmfata, atie nnwom a ɛmfata, awe nsa, anom nnubɔne, awia wɔn ho de wɔn ho ahyɛ nantew a ebetumi akowie aware mu mu, na wɔayɛ nneɛma a enye koraa. Wɔyɛ saa a, na wɔyɛ nyaatwom, wɔnka nokware nkyerɛ wɔn awofo, wɔn nuanom Kristofo, ne Onyankopɔn. (Dw. 26:4, 5) Sɛ ‘yɛn ano na yɛde di Yehowa ni, na yɛn koma de, atwe afi ne ho kɔ akyirikyiri a,’ onim. (Mar. 7:6) Hwɛ sɛnea eye pa ara sɛ yɛbɛyɛ nea abebusɛm yi ka no: “Mma wo koma ani mmmere abɔnefo, na suro Yehowa daa nyinaa.”—Mmeb. 23:17. *

16. Sɛ worehyehyɛ akwammisa krataa apɛ ɔsom hokwan titiriw bi a, sɛn na ɛsɛ sɛ wubua nsɛmmisa no?

16 Ebia wopɛ sɛ woyɛ daa kwampaefo anaasɛ wokɔyɛ bere nyinaa som adwuma titiriw wɔ Betel. Sɛ worehyehyɛ akwammisa krataa no a, ehia sɛ woka nokware wɔ mmuae a wode bɛma wɔ nsɛmmisa no nyinaa ho; nea ɛfa w’apɔwmuden ho, nneɛma a wode gye w’ani ho, ne w’abrabɔ ho. (Heb. 13:18) Sɛ wode wo ho ahyɛ nneyɛe bi a ɛho ntew anaa asɛm wɔ ho mu, na wonka nkyerɛɛ asafo mu mpanyimfo no ma wɔnkaa ho asɛm a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Hwehwɛ mpanyimfo no mmoa na ama woatumi de ahonim pa asom.—Rom. 9:1; Gal. 6:1.

17. Sɛ nkurɔfo a wɔretaa yɛn bisabisa yɛn nuanom ho nsɛm fi yɛn hɔ a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

17 Sɛ atumfoɔ a wɔwɔ wo man mu bara Ahenni adwuma no, na wɔfrɛ wo bisabisa wo nuanom ho nsɛm a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Ɛsɛ sɛ woka biribiara a wunim fa wɔn ho kyerɛ wɔn anaa? Bere a Roma amrado no bisabisaa Yesu nsɛm no, dɛn na Yesu yɛe? Yesu de Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a ɛka sɛ “kommyɛ wɔ ne bere, na ɔkasa nso wɔ ne bere” no yɛɛ adwuma, enti ɛtɔ da a, na ɔnka hwee! (Ɔsɛnk. 3:1, 7; Mat. 27:11-14) Tebea a ɛte saa mu no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ anifere, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛremfa yɛn nuanom nto asiane mu.—Mmeb. 10:19; 11:12.

Wobɛyɛ dɛn ahu bere a ɛsɛ sɛ woyɛ komm, ne bere a ɛsɛ sɛ woka nokware a ɛwɔ asɛm bi mu nyinaa? (Hwɛ nkyekyɛm 17, 18)

18. Sɛ asafo mu mpanyimfo bisabisa yɛn nuanom ho nsɛm fi yɛn hɔ a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

18 Sɛ asafo no muni bi ayɛ bɔne a emu yɛ duru, na wunim asɛm a asi no a, dɛn na wobɛyɛ? Ebia ɛho behia sɛ asafo mu mpanyimfo a wɔn na ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔhwɛ ma asafo no ho tew wɔ abrabɔ fam no bisa wo nea wunim fa asɛm no ho. Dɛn na wobɛyɛ, ne titiriw no, bere a onipa a wayɛ bɔne no yɛ w’adamfo pa ara anaa wo busuani no? Bible ka sɛ: “Nea ɔka nokware no ka nea ɛteɛ.” (Mmeb. 12:17; 21:28) Enti, ɛsɛ sɛ woka asɛm no mu nokware nyinaa kyerɛ mpanyimfo no, na ɛnyɛ ne fã bi; ɛnsɛ sɛ wukyinkyim asɛm no nso. Wɔwɔ hokwan sɛ wohu nokware a ɛwɔ asɛm no mu, na ama wɔahu ɔkwampa a wɔbɛfa so aboa nea wayɛ bɔne no ama ɔne Yehowa ntam asan ayɛ kama.—Yak. 5:14, 15.

19. Dɛn na yɛhwɛ kwan sɛ yebesua wɔ adesua a edi hɔ no mu?

19 Odwontofo Dawid bɔɔ Yehowa mpae sɛ: “Koma mu nokwaredi na w’ani gye ho.” (Dw. 51:6) Ná Dawid nim sɛ, nokware a ɛwɔ yɛn komam na yɛka. Nokware Kristofo ‘ka nokware kyerɛ wɔn yɔnko’ wɔ asetenam biribiara mu. Biribi foforo a yɛn a yɛyɛ Onyankopɔn asomfo betumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛyɛ soronko ne sɛ yɛde n’asɛm a ɛyɛ nokware no bɛkyerɛkyerɛ afoforo wɔ asɛnka mu. Adesua a edi hɔ no bɛma yɛahu ɔkwan a yɛbɛfa so ayɛ saa.

^ nky. 15 Hwɛ nhomawa a wɔato din Nsɛm 10 a Mmabun Bisa ne Ɛho Mmuae, Asɛmmisa 6 a asɛmti ne “Me Mfɛfo Repiapia Me Akɔ Bɔne Mu a Dɛn na Mɛyɛ?,” ne asɛm a wɔato din “Asetra Akwan Abien—Hena na Ɛsɛ sɛ Ohu?,” a ɛwɔ March 8, 1994, Nyan!, kr. 18.