Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kyerɛkyerɛ Nokware No

Kyerɛkyerɛ Nokware No

“O Yehowa, . . . w’asɛm mũ no nyinaa yɛ nokware.”—DW. 119:159, 160.

NNWOM: 29, 53

1, 2. (a) Adwuma bɛn na na ɛho hia Yesu pa ara wɔ n’asetena mu, na adɛn ntia? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛatumi ayɛ “Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo”?

NÁ Yesu Kristo yɛ duadwumfo, na akyiri yi ɔbɛyɛɛ ɔsomfo anaa ɔkyerɛkyerɛfo. (Mar. 6:3; Rom. 15:8) Osuaa nnwuma mmienu no nyinaa yiye pa ara. Bere a ɔyɛ duadwumfo no, osuaa sɛnea ɔde adwuma no ho nnwinnade bɛyɛ adwuma yiye, na ama watumi de nnua ayɛ nneɛma a mfaso wɔ so. Bere a na ɔka asɛmpa no nso, ɔde Kyerɛwnsɛm mu nimdeɛ a emu dɔ a ɔwɔ no boaa ɔmanfo no ma wɔtee nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ase. (Mat. 7:28; Luka 24:32, 45) Bere a Yesu dii mfe 30 no, ɔde nnwinnade a ɔde yɛ duadwumfo adwuma no guu hɔ, efisɛ na onim sɛ ɔkyerɛkyerɛ adwuma a ɔbɛyɛ no na na ɛho hia pa ara. Ɔkaa sɛ, Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa a ɔbɛka ne ade baako nti a Onyankopɔn somaa no baa asase so. (Mat. 20:28; Luka 3:23; 4:43) Ná asɛnka adwuma no ne adwuma a ɛho hia Yesu pa ara wɔ n’asetena mu, na na ɔpɛ sɛ afoforo bɛka ne ho ma wɔyɛ saa adwuma no.—Mat. 9:35-38.

2 Yɛn mu pii no ara nyɛ dua adwumfo, nanso yɛn nyinaa yɛ akyerɛkyerɛfo a yɛka asɛmpa no. Saa adwuma yi ho hia araa ma Onyankopɔn reyɛ bi; wɔfrɛ yɛn “Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo.” (1 Kor. 3:9; 2 Kor. 6:4) Yegye tom sɛ “[Yehowa asɛm] mũ no nyinaa yɛ nokware.” (Dw. 119:159, 160) Ɛno nti, sɛ yɛwɔ asɛnka mu a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ ‘yebekura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.’ (Kenkan 2 Timoteo 2:15.) Bible ne adwinnade titiriw a yɛde kyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wohu nokware a ɛfa Yehowa, Yesu, ne Ahenni no ho. Enti, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebehu sɛnea yɛde Bible no bɛyɛ adwuma yiye. Nea ɛbɛboa yɛn ama yɛayɛ asɛnka adwuma no yiye no, Yehowa ahyehyɛde no ama yɛn nnwinnade foforo a ehia sɛ yehu sɛnea yɛde bɛyɛ adwuma yiye. Yɛfrɛ no Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ.

3. Bere a aka a yɛde redi adanse no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae, na sɛn na Asomafo Nnwuma 13:48 boa yɛn ma yɛyɛ saa?

3 Ebia woredwinnwen ho sɛ, adɛn nti na yɛfrɛ no Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ na yɛmfrɛ no Nnwinnade Titiriw a Yɛde Ka Asɛm no? Sɛ obi “ka asɛm” a, nea ɛkyerɛ ne sɛ ɔrebɔ asɛm bi dawuru; nanso sɛ obi “kyerɛkyerɛ” a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɔde asɛm bi redua onipa no adwene ne ne koma mu, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ nea ɔresua no ho biribi. Bere a aka a yɛde redi adanse no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yebefi Bible adesua ase na yɛakyerɛkyerɛ afoforo nokware no. Ɛne sɛ yɛbɛyere yɛn ho ahwehwɛ wɔn a “wɔpɛ daa nkwa” nyinaa, na yɛaboa wɔn ama wɔabɛsom Yehowa.—Kenkan Asomafo Nnwuma 13:44-48.

4. Yɛbɛyɛ dɛn ahu wɔn a “wɔpɛ daa nkwa,” na yɛbɛyɛ dɛn ahwehwɛ wɔn?

4 Yɛbɛyɛ dɛn ahu wɔn a “wɔpɛ daa nkwa”? Asomafo no bere so no, ɔkwan baako pɛ a na Kristofo no bɛfa so ahu saa nkurɔfo no ne sɛ wobedi adanse. Enti, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ nea Yesu kae yi: “Kurow anaa akuraa biara a mobɛhyɛn mu no, monhwehwɛ obi a ɔfata wɔ mu.” (Mat. 10:11) Ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ nnipa a wonni koma pa, wɔn a wɔyɛ ahomaso, anaa wɔn a Onyankopɔn som ho nhia wɔn betie asɛmpa no. Yɛrehwehwɛ nnipa a wɔwɔ koma pa, wɔbrɛ wɔn ho ase, na wɔpɛ pa ara sɛ wohu nokware no. Yebetumi de nnipa a yɛrehwehwɛ wɔn yi atoto nea Yesu yɛe bere a na ɔyɛ duadwumfo no ho. Ɛbɛyɛ sɛ na ɔhwehwɛ dua a ɛfata a ɔde bɛyɛ nkongua, apon, kɔndua, ne nneɛma foforo. Sɛ onya nya dua a ɛfata a, na ɔbɛfa ne nnwinnade, na ɔde nimdeɛ a ɔwɔ no ayɛ ade a ɔpɛ sɛ ɔyɛ no. Ɛnnɛ, yɛn nso ɛsɛ sɛ yedi kan hwehwɛ nnipa a wɔwɔ koma pa, na afei yɛde yɛn nnwinnade ne yɛn nimdeɛ boa wɔn ma wɔbɛyɛ asuafo.—Mat. 28:19, 20.

5. Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ no, dɛn na ɛsɛ sɛ yehu fa ho? Kyerɛkyerɛ mu. (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

5 Adwinnade biara wɔ adwuma pɔtee a wɔde yɛ. Yɛnhwɛ duadwumfo nnwinnade a ɛbɛyɛ sɛ Yesu de yɛɛ adwuma. * Ná obehia nnwinnade a ɔde besusuw dua ne nea ɔde bɛsensan ho; nea ɔde betwitwa, nea ɔde betutu ntokuru, ne nea ɔde bɛsen dua no; ne prumo anaa susude a ɔde bɛhwɛ sɛ ade a ɔreyɛ no da so anaa ɛteɛ, ne nea ɔde bɛkeka asi anim. Saa ara nso na Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ no, emu biara wɔ dwuma pɔtee a edi. Enti, momma yɛnhwɛ sɛnea yɛde nnwinnade titiriw a wɔde ama yɛn yi mu biara bɛyɛ adwuma.

NNWINNADE A ƐMA NKURƆFO HU NNIPA KO A YƐYƐ

6, 7. (a) Sɛn na wode wɛbsaet kaad no ayɛ adwuma? (b) Krataa a yɛde to nsa frɛ nkurɔfo ba asafo nhyiam ase no, nneɛma mmienu bɛn na ɛyɛ?

6 Wɛbsaet Kaad. Kaad no yɛ ketewa de, nanso ɛboa pa ara ma nkurɔfo hu nnipa ko a yɛyɛ, na ɛkyerɛ wɔn kwan kɔ yɛn wɛbsaet. Wɔkɔ hɔ a, wobetumi ahu yɛn ho nsɛm pii, na wobetumi aka mpo sɛ obi ne wɔn mmesua Bible. Ɛde besi saa bere yi, nnipa bɛboro 400,000 na wɔafa jw.org so aka sɛ yɛne wɔn mmesua Bible, na nnipa ɔhaha pii nso yɛ saa da biara da! Wubetumi de wɛbsaet kaad no bi ahyɛ wo ho, na hokwan no ba a woatumi adi nnipa a wuhyia wɔn no adanse na woama wɔn bi.

7 Nsato Krataa. Krataa a yɛde to nsa frɛ nkurɔfo ba asafo nhyiam ase no, ɛyɛ adwuma mmienu. Ɛka sɛ: “Yɛto nsa frɛ wo sɛ wo ne Yehowa Adansefo nsua Bible.” Afei nso, ɛkyerɛ onipa no sɛ wubetumi abesua Bible “wɔ yɛn nhyiam ahorow ase,” “anaa ma obi ne wo mmesua Bible.” Enti, saa adwinnade yi ma nkurɔfo hu nnipa ko a yɛyɛ, na afei nso yɛde to nsa frɛ nkurɔfo a “wonim wɔn honhom mu ahiade” no ma yɛne wɔn sua Bible. (Mat. 5:3) Sɛ obi ma yɛne no sua ade oo, sɛ wamma yɛne no ansua ade oo, obetumi aba yɛn nhyiam. Sɛ ɔba a, nea obehu ne nea ɔbɛte no bɛma wahu sɛ obetumi anya Bible nkyerɛkyerɛ a edi mũ.

8. Adɛn nti na ɛho hia sɛ anyɛ yiye koraa, nkurɔfo ba yɛn nhyiam ase pɛnkoro? Ma ɛho nhwɛso.

8 Ɛho hia sɛ yɛkɔ so to nsa frɛ nkurɔfo sɛ wɔmmra yɛn nhyiam ase, anyɛ yiye koraa, pɛnkoro. Adɛn ntia? Efisɛ wɔba a, wobehu sɛ Yehowa Adansefo kyerɛkyerɛ nokware a ɛwɔ Bible mu, na wɔboa nkurɔfo ma wohu Onyankopɔn. Nanso, wobehu sɛ atoro som de, ɛnyɛ saa. (Yes. 65:13) Ray ne Linda yɛ awarefo a wɔte United States. Mfe bi a atwam no, wohui sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. Wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ ehia sɛ wofi ase kɔ asɔre. Ná wogye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, na na wɔpɛ sɛ wohu no yiye. Enti, wofii ase kɔɔ asɔre a ɛwɔ wɔn kurom hɔ no mmaako mmaako. Ná asɔre ahorow a ɛwɔ kurow no mu dɔɔso pa ara. Mfiase no, awarefo no yɛɛ wɔn adwene sɛ, sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ asɔre bi mu a, gye sɛ wohu nneɛma mmienu bi wɔ asɔre no mu ansa. Nea edi kan, sɛ wɔkɔ asɔre no na wɔreyɛ asɔre a, ɛsɛ sɛ wotumi nya asuade bi. Nea ɛto so mmienu, wɔbɛhwɛ sɛ asɔrefo no ntadehyɛ ne wɔn ahosiesie bɛma wɔahu sɛ wɔyɛ nkurɔfo a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn anaa. Mfe kakra akyi no, na wɔakɔ asɔre a ɛwɔ kurom hɔ nyinaa asi, nanso ankosi hwee. Wɔannya asuade biara, na asɔrefo no nso, na wɔn ahosiesie nye koraa. Ɛda a wofii asɔre a etwa to a wɔkɔe no dan mu sii abɔnten no, Linda kɔɔ adwuma, ɛnna Ray kɔɔ fie. Bere a Ray te kar mu rekɔ fie no, ɔkɔfaa Ahenni Asa bi ho, na ɛbaa ne tirim sɛ, ‘Adɛn nti na menkɔ hɔ nkɔhwɛ nea weinom nso reyɛ?’ Nea ɔtee ne nea ohui wɔ hɔ no, na onhuu bi da! Ná nkurɔfo a wɔwɔ Ahenni Asa no so anim tew, wɔpɛ nnipa, na na wɔasiesie wɔn ho kama. Ray kɔtenaa anim, na n’ani gyee nea ɔtee no ho! Wei ma yɛkae nea ɔsomafo Paulo ka faa obi a waba Kristofo nhyiam nea edi kan ho no. Paulo kyerɛwee sɛ onii no ka sɛ: “Onyankopɔn wɔ mo mu ampa.” (1 Kor. 14:23-25) Ɛno akyi no, na Ray kɔ Ahenni Asa so Kwasida biara; afei ofii ase kɔɔ nhyiam biara a yɛyɛ no nnawɔtwe no mu. Linda nso fii ase kɔɔ nhyiam no, na ɛwom sɛ na wɔadi mfe 70 ne akyiri de, nanso wɔmaa kwan ma wɔne wɔn suaa Bible, na wɔbɔɔ asu.

NNWINNADE A YƐDE FI NKƆMMƆBƆ ASE

9, 10. (a) Adɛn nti na ɛnyɛ den sɛ yɛde nkratawa no befi nkɔmmɔbɔ ase? (b) Kyerɛ sɛnea yɛde Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni? kratawa no yɛ adwuma.

9 Nkratawa. Yɛwɔ nkratawa nwɔtwe a ɛnyɛ den koraa sɛ yɛde bɛyɛ adwuma; wode fi nkɔmmɔbɔ ase a, ɛyɛ kama pa ara. Efi bere a yefii ase yii nkratawa yi adi afe 2013 no, yɛatintim bɛyɛ ɔpepepem nnum! Nea eye wɔ nkratawa yi ho ne sɛ, sɛ wusua sɛnea wode baako bɛyɛ adwuma a, wubetumi de emu biara ayɛ dwuma, efisɛ ne nyinaa di nsɛ. Wobɛyɛ dɛn de kratawa afi nkɔmmɔbɔ ase?

10 Wubetumi de kratawa a wɔato din Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni? no afi nkɔmmɔbɔ ase. Fa asɛmmisa a ɛwɔ kratawa no anim no kyerɛ onipa no, na bisa no sɛ: “Woadwen ho pɛn sɛ dɛn ne Onyankopɔn Ahenni? Wobɛka sɛ ɛyɛ . . . ?” Afei ma ɔmpaw mmuae mmiɛnsa no mu baako. Sɛ́ anka wobɛka sɛ watwa anaa wati no, dan kɔ baabi a wɔakyerɛw “Nea Bible Aka” no, na kenkan kyerɛwnsɛm a ɛwɔ hɔ no, Daniel 2:44 ne Yesaia 9:6. Sɛ kwan wɔ hɔ a, wo ne no ntoa nkɔmmɔbɔ no so. Sɛ mode nkɔmmɔ no reba awiei a, fa asɛmmisa a ɛwɔ kratawa no akyi no kyerɛ no. Wɔato din “Hwɛ Asɛmmisa Yi”: “Sɛ Onyankopɔn Ahenni ba a, asetena bɛyɛ sɛn?” Wubetumi ne onii no asusuw saa asɛmmisa yi ho da foforo. Sɛ mosan hyia a, wubetumi atwe adwene asi nhomawa a wɔato din Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ! no adesua a ɛto so 7 no so. Saa nhomawa no ka nnwinnade a yɛde fi Bible adesua ase no ho.

NNWINNADE A ƐKANYAN ANIGYE

11. Dɛn nti na wɔyɛ yɛn nsɛmma nhoma no, na dɛn na ɛsɛ sɛ yehu fa ho?

11 Nsɛmma Nhoma. Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no yɛ nsɛmma nhoma a wɔatintim na wɔakyerɛ ase sen nsɛmma nhoma biara wɔ wiase! Esiane sɛ nnipa a wofi aman ahorow so na wɔkenkan nti, asɛm a ɛda so no, wɔyɛ no sɛnea nnipa a wɔwɔ wiase baabiara ani begye ho. Ɛsɛ sɛ yɛde nsɛmma nhoma yi kanyan nkurɔfo anigye ma wohu nea ɛho hia pa ara wɔ asetena mu nnɛ. Nanso, nea ɛbɛyɛ na yɛde nsɛmma nhoma no ama nkurɔfo a wɔfata sɛ yɛde ma wɔn no, ehia sɛ yehu nkurɔfo a wɔkyerɛw nsɛmma nhoma biara ma wɔn.

12. (a) Henanom na wɔyɛ Nyan! ma wɔn, na dɛn nti na wɔyɛ? (b) Osuahu a ɛhyɛ nkuran bɛn na woanya wɔ Nyan! a wode ama nnansa yi ho?

12 Wɔyɛ Nyan! ma nkurɔfo a wonnim Bible mu papa anaa wonnim mu koraa. Ebia wonnim Kristo nkyerɛkyerɛ ho hwee, ebia wɔn ani nnye nyamesom ho, anaa ebia wonnim sɛ Bible yɛ nhoma a ebetumi aboa wɔn wɔ wɔn asetena mu. Nea enti pa ara a wɔyɛ Nyan! ne sɛ ɛbɛboa wɔn a wɔkenkan no ama wɔagye adi sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. (Rom. 1:20; Heb. 11:6) Afei nso, wɔakyerɛw no sɛnea ɛbɛboa wɔn a wɔkenkan no ama wɔagye adi sɛ Bible yɛ ‘Onyankopɔn asɛm ankasa.’ (1 Tes. 2:13) Nsɛm a ɛda Nyan! mmiɛnsa a aba afe 2018 so ni: “Ɔkwan a Wɔfa So Nya Anigye,” “Nneɛma 12 a Ama Asi Mmusua Bi Yiye,” ne “Nea Ɛbɛboa Wɔn a Wɔn Biribi Awu.”

13. (a) Henanom na wɔyɛ Ɔwɛn-Aban a yɛde ma ɔmanfo no ma wɔn? (b) Osuahu a ɛhyɛ nkuran bɛn na woanya wɔ Ɔwɛn-Aban a wode ama nnansa yi ho?

13 Nea enti a wɔyɛ Ɔwɛn-Aban a yɛde ma ɔmanfo no ne sɛ ɛbɛkyerɛkyerɛ Bible mu ama wɔn a wɔwɔ obu kakra ma Onyankopɔn ne Bible no. Ɛmfa ho sɛ ebia saa nkurɔfo no nim Bible mu kakra no, wɔnte Bible nkyerɛkyerɛ ase yiye. (Rom. 10:2; 1 Tim. 2:3, 4) Nsɛm a ɛda Ɔwɛn-Aban a yɛde ma ɔmanfo so mmiɛnsa a aba afe 2018 ni: “Bible No, Ɛso Da So Ara Wɔ Mfaso Nnɛ?,” “Dɛn Na Ebesi Daakye?,” ne “Enti Onyankopɔn Dwen Wo Ho?

NNWINNADE A ƐKANYAN NKURƆFO

14. (a) Video ahorow nnan a ɛka Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ ho no, dɛn nti na wɔyɛe? (b) Osuahu ahorow bɛn na woanya wɔ video ahorow yi a woayi akyerɛ nkurɔfo nnansa yi no ho?

14 Video ahorow. Yesu bere so no, na duadwumfo nni nnwinnade a ɛde anyinam ahoɔden yɛ adwuma, enti na ɔde n’ahoɔden na ɛyɛ adwuma. Nanso ɛnnɛ de, nnwinnade a duadwumfo de yɛ adwuma no, nea ɛde anyinam ahoɔden yɛ adwuma nso ka ho. Ebi ne afiri a yɛde bu nnua, nea yɛde bɔ ntokuru, nea yɛde twitwiw nnua ho ma ɛho yɛ toromtorom, nea yɛde bɔ nnadewa so, ne nea ɛkeka ho. Nhoma a yetintim akyi no, seesei yɛayɛ video ahorow a ɛyɛ fɛ a yeyi kyerɛ nkurɔfo. Emu nnan a ɛka nnwinnade a yɛde kyerɛkyerɛ no ho ni: Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wusua Bible?, Yɛne Obi Sua Bible a, Yɛyɛ no Sɛn?, Ɛdeɛn na Yɛyɛ wɔ Ahennie Asa So?, ne Yehowa Adansefo—Yɛyɛ Nnipa Bɛn? Video a ne tenten nnu simma mmienu no boa pa ara wɔ nsrahwɛ a edi kan mu. Yebetumi ayi nea ɛyɛ tenten no akyerɛ nkurɔfo a yɛkɔ wɔn nkyɛn sankɔhwɛ ne wɔn a wɔwɔ adagyew. Saa video ahorow yi boa pa ara efisɛ etumi kanyan nkurɔfo ma wɔba yɛn asafo nhyiam ahorow.

15. Ma nhwɛso fa kyerɛ sɛnea sɛ nkurɔfo hwɛ yɛn video no bi wɔ wɔn kasa mu a ebetumi aka wɔn koma.

15 Nhwɛso bi ni. Onuawa bi hyiaa ɔbea bi a ofi Micronesia a ɔka Yap kasa. Yɛn nuabea no yii video a wɔato din Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wusua Bible? wɔ ɔbea no kurom kasa mu kyerɛɛ no. Bere a ofii ase yii video no, ɔbea no kaa sɛ: “Me kurom kasa ni. Me ho adwiriw me! Sɛnea onipa a ɔwɔ video no mu kasa no kyerɛ sɛ supɔw a mifi so no, ɛhɔ na ofi. Ɔka me kurom kasa!” Ɛno akyi no, ɔkaa sɛ biribiara a yɛkenkan ne nea yɛhwɛ a ɛwɔ jw.org no, ɔbɛkenkan na wahwɛ ne nyinaa. (Fa toto Asomafo Nnwuma 2:8, 11 ho.) Ma yɛnhwɛ nhwɛso foforo yi nso. Onuawa bi a ɔwɔ United States kyerɛɛ ne nuabarima ba baabi a obehu video koro no ara wɔ ne kasa mu. Ne nuabarima ba no hwɛɛ video no, na ɔde asɛm bi faa e-mail so kɔmaa ne sewaa no. Ɔkaa sɛ: “Video no fã a mehyɛɛ no nsow pa ara ne nea ɛfa ɔbɔnefo a ɔredi wiase yi so no ho. Mekaa sɛ wɔne me mmesua Bible.” Ɔte ɔman bi a wɔabara yɛn som adwuma mu!

NNWINNADE A YƐDE KYERƐKYERƐ NOKWARE NO

16. Kyerɛ adwuma pɔtee a yɛde saa nhomawa yi yɛ: (a) Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa. (b) Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ! (d) Henanom na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?

16 Nhomawa. Wobɛyɛ dɛn atumi akyerɛkyerɛ obi a onnim akenkan papa anaa yenni Bible ho nhoma biara wɔ ne kasa mu ama wahu nokware no? Yɛwɔ adwinnade a yebetumi de ayɛ saa; ɛno ne nhomawa a wɔato din Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa. * Adwinnade a ɛfata pa ara a yɛde fi Bible adesua ase ne Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ! Wubetumi de nsɛmti 14 a ɛwɔ nhomawa no akyi no akyerɛ obi, na woama no ayi nea n’ani gye ho pa ara. Afei momfa ɛno mfi adesua no ase. Woasɔ wei ahwɛ pɛn wɔ sankɔhwɛ mu? Nhomawa a ɛto so mmiɛnsa wɔ Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ no mu ne Henanom na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ? Wɔyɛe sɛ ɛbɛkyerɛ Bible asuafo kwan aba ahyehyɛde no mu. Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea wode bɛyɛ adwuma bere a woreyɛ Bible adesua a, hwɛ March 2017 Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma no.

17. (a) Dɛn pɔtee nti na wɔyɛɛ nhoma a yɛde sua Bible no mu biara? (b) Dɛn na ehia sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɔ asu nyinaa yɛ, na adɛn ntia?

17 Nhoma. Sɛ wo ne obi fi ase sua ade wɔ nhomawa bi mu a, wubetumi adan adesua no akɔ Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu? nhoma no so bere biara. Saa adwinnade yi bɛboa onii no ama wanya Bible mfitiase nkyerɛkyerɛ pii. Sɛ Bible suani no sua saa nhoma no wie na sɛ ɔrenya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu a, toa adesua no so wɔ Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu nhoma no mu. Saa adwinnade yi bɛboa Bible suani no ama wahu sɛnea ɔde Bible nnyinasosɛm bɛbɔ ne bra da biara da. Kae sɛ, sɛ wɔn a wɔyɛ foforo no bɔ asu mpo a, ehia sɛ wɔtoa wɔn adesua no so kosi sɛ wobesua nhoma mmienu no nyinaa awie. Wei bɛboa wɔn ama wɔn ase atim wɔ nokware no mu.—Kenkan Kolosefo 2:6, 7.

18. (a) Yɛn a yɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo nokware no, dɛn na 1 Timoteo 4:16 hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ, na dɛn na ebefi mu aba? (b) Sɛ yɛde Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ no reyɛ adwuma a, botae bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde si yɛn ani so?

18 Yɛn Yehowa Adansefo de, wɔde “asɛmpa no nokwasɛm no” a ebetumi ama nkurɔfo anya daa nkwa no ahyɛ yɛn nsa. (Kol. 1:5; kenkan 1 Timoteo 4:16.) Nea ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi ayɛ saa no, wɔama yɛn Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ a biribiara a yehia wom. (Hwɛ adaka a wɔato din “ Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ” no.) Momma yɛnyɛ nea yebetumi biara mfa nnwinnade yi nyɛ adwuma yiye. Ɔdawurubɔfo biara betumi apaw nhoma a ɔne obi a wakyerɛ asɛm no ho anigye besua ne bere a ɔne no besua. Nanso, ɛnyɛ yɛn botae ara ne sɛ yɛde yɛn nhoma bɛma afoforo kɛkɛ; ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn nhoma ma nkurɔfo a wɔnkyerɛ asɛm a yɛka no ho anigye. Yɛn atirimpɔw ne sɛ, yɛbɛboa wɔn a wɔwɔ koma pa, wɔbrɛ wɔn ho ase, ne wɔn a wɔpɛ sɛ wohu Onyankopɔn no ama wɔabɛyɛ asuafo; saa nkurɔfo yi yɛ nnipa a “wɔpɛ daa nkwa.”—Aso. 13:48; Mat. 28:19, 20.

^ nky. 5 Hwɛ asɛm a wɔato din “The Carpenter” (Duadwumfo) ne adaka a ɛka ho a wɔato din “The Carpenter’s Toolbox” (Duadwumfo Nnwinnade Adaka) a ɛwɔ August 1, 2010 Ɔwɛn-Aban, Borɔfo de no mu.

^ nky. 16 Sɛ onipa no nnim akenkan a, wubetumi ama no ahwɛ Tie Onyankopɔn nhomawa a mfoni pii wom no mu.