Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nya Kristo, Yɛn Kannifo No Mu Ahotoso

Nya Kristo, Yɛn Kannifo No Mu Ahotoso

“Mo Kannifo yɛ biako, ɔne Kristo.”—MAT. 23:10.

NNWOM: 16, 14

1, 2. Bere a Mose wui no, adwuma kɛse bɛn na ɛbɛtɔɔ Yosua so?

ASƐM a Yehowa ka kyerɛɛ Yosua no, na ɛda so ara wɔ ne tirim. Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “M’akoa Mose awu; afei sɔre na wo ne ɔman yi nyinaa ntwa Yordan asubɔnten yi nkɔ asase a mede rema Israelfo no so.” (Yos. 1:1, 2) Ná Yosua ayɛ Mose somfo bɛyɛ mfe 40, afei de na nneɛma asesa mpofirim!

2 Esiane sɛ na Mose adi Israelfo no anim bere tenten nti, ɛbɛyɛ sɛ na Yosua redwen ho sɛ Onyankopɔn nkurɔfo begye no atom sɛ wɔn kannifo anaa. (Deut. 34:8, 10-12) Bible ho nhoma bi kaa Yosua 1:1, 2 ho asɛm sɛ: “Tete ne nnɛ nyinaa, sɛ ɔkannifo bi adwuma reba awiei na ɔfoforo rebesi n’ananmu a, ɛyɛ den, na ɛyɛ hu ma ɔmanfo no pa ara.”

3, 4. Yɛyɛ dɛn hu sɛ bere a Yosua de ne ho too Onyankopɔn so no, ne nsa ansi fam, na asɛm bɛn na yebetumi abisa yɛn ho?

3 Sɛ na Yosua suro a, na ɛnyɛ nwonwa; nanso nna kakra akyi no, ɔde akokoduru dii ɔman no anim. (Yos. 1:9-11) Ɔde ne ho too Onyankopɔn so, na ne nsa ansi fam. Bible ma yehu sɛ Yehowa nam ɔbɔfo a ɔyɛ ne nanmusifo so kyerɛɛ Yosua ne Israel man no kwan. Yebetumi aka pa ara sɛ saa ɔbɔfo no, ɔno ara ne Asɛm no, Onyankopɔn Abakan no.—Ex. 23:20-23; Yoh. 1:1.

4 Yehowa boaa Israel man no, na bere a Yosua besii Mose ananmu dii wɔn anim no, nsakrae biara a ɛbae no, wogye toom. Yɛn nso, yɛte bere a nsakrae akɛse rekɔ so mu, na ebia yebebisa sɛ, ‘Sɛnea Onyankopɔn ahyehyɛde no rekɔ anim ntɛmntɛm no, ɛfata pa ara sɛ yɛde yɛn ho to Yesu so sɛ yɛn Kannifo a Yehowa apaw no anaa?’ (Kenkan Mateo 23:10.) Tete no, bere a nsakrae bi bae no, yɛnhwɛ sɛnea Yehowa dii ne nkurɔfo anim yiye.

HENA NA ODII ONYANKOPƆN NKURƆFO ANIM KƆƆ KANAAN?

5. Aka kakra ama Yosua adu Yeriko no, anwonwasɛm bɛn na ohyiae? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

5 Bere a Israelfo twaa Yordan akyi pɛɛ no, Yosua hyiaa anwonwasɛm bi. Aka kakra ama wadu Yeriko no, ohyiaa ɔbarima bi a watwe nkrante. Ná Yosua nnim ɔbarima no, enti obisae sɛ: “Hena afã na wowɔ, yɛn anaa yɛn atamfo?” Bere a ɔbarima no daa ne ho adi no, Yosua ho dwiriw no. Ná ɛnyɛ ɔbɔfo biara sɛ “Yehowa safohene.” (Kenkan Yosua 5:13-15.) Ɛwom sɛ Kyerɛwnsɛm no ka wɔ mmeae bi sɛ Yehowa na na ɔne Yosua rekasa de, nanso akyinnye biara nni ho sɛ, na Onyankopɔn nam ne bɔfo a ɔyɛ ne nanmusifo so na ɔrekasa, sɛnea na ɔtaa yɛ bere bi a atwam no.—Ex. 3:2-4; Yos. 4:1, 15; 5:2, 9; Aso. 7:38; Gal. 3:19.

6-8. (a) Nnipa ani so no, adɛn nti na akwankyerɛ a Yehowa de mae no, na ɛte sɛ nea ntease nnim? (b) Yɛyɛ dɛn hu sɛ akwankyerɛ no, na nyansa wom, na ɔde mae wɔ bere a ɛfata mu? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

6 Ɔbɔfo no kyerɛɛ Yosua ɔkwan pɔtee a ɔbɛfa so ako afa Yeriko kurow no. Sɛ wohwɛ akwankyerɛ no bi a, ebia ɛbɛyɛ wo sɛ nea ntease nnim. Emu baako ni. Yehowa kaa sɛ mmarima no nyinaa ntwa twetia. Sɛ wotwa twetia a, na ɛbɛbɔ wɔn yare nna kakra. Enti, saa bere yi pa ara na na ɛsɛ sɛ wotwa saa mmarima no twetia anaa?—Gen. 34:24, 25; Yos. 5:2, 8.

7 Ɛbɛyɛ sɛ Israel asraafo a na wontumi nyɛ wɔn ho hwee no bedwen ho sɛ, sɛ atamfo no bɛtow hyɛ wɔn so a, wɔbɛyɛ dɛn abɔ wɔn abusua ho ban? Nanso, asɛm bi sii mpofirim. Israelfo no ho hu tɔɔ Yerikofo so, enti wɔantow anhyɛ Israelfo no so. Bible ka sɛ: “Yeriko de, Israelfo no nti, na wɔato kurow no mu abram ano.” (Yos. 6:1) Ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm yi maa Israelfo no nyaa Onyankopɔn akwankyerɛ mu ahotoso pa ara.

8 Bio nso, ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Yosua sɛ ɛnsɛ sɛ Israelfo tow hyɛ Yeriko so, na mmom da biara wɔmmɔ nsra mfa kurow no ho pɛnkoro; wɔnyɛ saa nnansia. Ɛda a ɛto so nson no, wɔmmɔ nsra mfa kurow no ho mpɛn nson. Ebia asraafo no bi adwene yɛɛ wɔn sɛ, ‘Wei yɛ beresɛe ne ɔbrɛgu!’ Nanso, na Yehowa a ɔyɛ Israel Kannifo a aniwa nhu no no nim nea ɔreyɛ. Bere a Israelfo no dii Yehowa akwankyerɛ so no, ɛhyɛɛ wɔn gyidi den. Afei nso, amma wɔne Yeriko nnɔmmarima no anko.—Yos. 6:2-5; Heb. 11:30. *

9. Akwankyerɛ a Onyankopɔn ahyehyɛde no de ma yɛn no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ adwuma? Ma ɛho nhwɛso.

9 Dɛn na yebetumi asua afi saa asɛm no mu? Sɛ ahyehyɛde no de akwankyerɛ foforo bi ba a, ɛtɔ da a, yɛnte ase yiye. Ɛho nhwɛso ni. Ebia mfiase no, na ɛyɛ yɛn sɛ ɛnyɛ papa sɛ yɛde ɛlɛtrɔnik mfiri besua ade, yɛde bedi dwuma wɔ asɛnka mu, anaa asafo nhyiam ase. Nanso seesei, ebia yɛahu sɛ, sɛ wutumi de yɛ adwuma a, mfaso wɔ so. Ebia bere bi na yɛn adwenem yɛ yɛn naa de, nanso sɛ yehu adepa a nkɔanim a ɛte saa de aba a, ɛma yɛn gyidi yɛ den, na yɛne yɛn nuanom nyinaa yɛ baako.

SƐNEA KRISTO DII TETE KRISTOFO NO ANIM

10. Nhyiam titiriw a akwankyerɛ kuw no yɛe wɔ Yerusalem no, hena pa ara na ɔma wɔyɛe?

10 Bere a Kornelio bɛyɛɛ Kristoni akyi bɛyɛ mfe 13 no, na Yudafo a wɔabɛyɛ Kristofo no bi da so ara reka sɛ ɛsɛ sɛ nkurɔfo twa twetia. (Aso. 15:1, 2) Bere a twetiatwa ho akasakasa sɔree wɔ Antiokia no, mpanyimfo no yɛɛ nhyehyɛe sɛ Paulo mfa asɛm no nkɔdan akwankyerɛ kuw a ɛwɔ Yerusalem no. Hena pa ara na ɔde akwankyerɛ no mae? Paulo kaa sɛ: “Adiyi bi nti na mekɔe.” Yehu pa ara sɛ, Kristo na ɔde akwankyerɛ no mae sɛnea ɛbɛyɛ a akwankyerɛ kuw no besiesie asɛm no.—Gal. 2:1-3.

Kristo dii tete Kristofo no anim (Hwɛ nkyekyɛm 10, 11)

11. (a) Twetiatwa ho asɛm bɛn na na Yudafo a wɔabɛyɛ Kristofo no bi da so kura mu? (b) Dɛn na Paulo yɛe de kyerɛe sɛ ɔbrɛɛ ne ho ase tiee mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem no? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

11 Kristo kyerɛɛ akwankyerɛ kuw no kwan ma wɔkyerɛɛ mu fann sɛ enhia sɛ Kristofo a wɔnyɛ Yudafo no twa twetia. (Aso. 15:19, 20) Nanso bere a wosii saa gyinae yi akyi mfe pii no, Yudafo a wɔabɛyɛ Kristofo no kɔɔ so twaa wɔn mmabarima twetia. Bere a mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem tee sɛ nkurɔfo rekeka sɛ Paulo nni Mose Mmara no so no, wɔmaa Paulo akwankyerɛ bi a na ɔnhwɛ kwan. * (Aso. 21:20-26) Wɔka kyerɛɛ Paulo sɛ ɔmfa mmarima nnan nkɔ asɔrefie hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo behu sɛ ‘odi mmara no so.’ Anka Paulo betumi aka sɛ ntease nni nea wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔyɛ no mu; na afei waka sɛ Yudafo a wɔabɛyɛ Kristofo no mmom na wɔnte twetiatwa ho asɛm no ase yiye. Nanso, Paulo hui sɛ na mpanyimfo no pɛ sɛ Kristofo no nyinaa yɛ baako, enti ɔbrɛɛ ne ho ase tiee wɔn akwankyerɛ no. Ebia yɛbɛka sɛ yenim sɛ Kristo wu no popaa Mose Mmara no. Ɛnde, ‘Adɛn nti na Yesu anhwɛ amma wɔansiesie twetiatwa ho asɛm no na edii bere tenten saa?’—Kol. 2:13, 14.

12. Ɛbɛyɛ sɛ dɛn nti na Kristo maa bere twaam ansa na ɔresiesie twetiatwa ho asɛm no?

12 Ebinom wɔ hɔ a, egye bere ansa na wɔagye ntease foforo bi atom. Ná ehia sɛ Yudafo a wɔabɛyɛ Kristofo no nya bere de teɛteɛ wɔn adwene. (Yoh. 16:12) Ná ɛyɛ den ma ebinom sɛ wɔbɛte ase sɛ saa bere no, na enhia sɛ obi twa twetia ansa na ɔne Onyankopɔn anya abusuabɔ soronko. (Gen. 17:9-12) Ebinom nso de, na wosuro sɛ Yudafo no bɛtaa wɔn, enti na wɔmpɛ sɛ wɔyɛ soronko wɔ Yudafo no mu. (Gal. 6:12) Nanso, bere bi akyi no, Kristo nam nkrataa a Paulo kyerɛwee so de akwankyerɛ foforo mae.—Rom. 2:28, 29; Gal. 3:23-25.

KRISTO DA SO ARA DI N’ASAFO NO ANIM

13. Ɛnnɛ, dɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛagye atom sɛ Kristo na ɔyɛ yɛn kannifo?

13 Sɛ yɛnte nea enti a ahyehyɛde no ayɛ nsakrae bi ase yiye a, ɛfata sɛ sɛnea Kristo dii ne nkurɔfo anim tete no, yedwinnwen ho. Yosua bere so oo, asomafo no bere so oo, Kristo ama Onyankopɔn nkurɔfo akwankyerɛ pa bere nyinaa de abɔ wɔn ho ban. Wayɛ saa de ahyɛ wɔn gyidi den, sɛnea ɛbɛyɛ a baakoyɛ bɛtena Onyankopɔn asomfo mu.—Heb. 13:8.

14-16. Sɛn na akwankyerɛ a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de ma yɛn no ma yehu sɛ Kristo pɛ sɛ yɛn gyidi yɛ den?

14 “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ma yɛn akwankyerɛ wɔ bere a ɛsɛ mu; wei ma yehu pefee sɛ Yesu dwen yɛn ho, na ɔpɛ sɛ yɛn gyidi yɛ den. (Mat. 24:45) Marc wɔ mma nnan. Ɔka sɛ: “Satan pɛ sɛ asafo no yɛ mmerɛw, enti watu n’ani asi mmusua so. Seesei Yehowa ahyehyɛde no ahyɛ mmusua nkuran sɛ wɔnyɛ abusua som nnawɔtwe biara, enti wei ma abusua ti biara hu sɛ ɛsɛ sɛ ɔbɔ n’abusua ho ban!”

15 Sɛ yehu sɛ Kristo redi yɛn anim a, ɛma yehu sɛ ɔpɛ sɛ ɔboa yɛn pa ara ma yɛn gyidi yɛ den. Patrick yɛ asafo mu panyin. Ɔka sɛ: “Mfiase no, na ebinom ani nnye ho sɛ wɔbɛkɔ akohyia wɔ asɛnka kuw mu Memeneda ne Kwasida a adawurubɔfo kakra bi na wohyiam no. Nanso, yehu Yesu su titiriw baako wɔ saa nhyehyɛe yi ho. Ɛne sɛ odwen asafo no muni biara ho. Saa nhyehyɛe yi ama anuanom mmarima ne mmea a wɔfɛre ade na wɔntaa nkɔ asɛnka no abehu sɛ wɔn ho hia na mfaso wɔ wɔn so. Wei ahyɛ wɔn nkuran ama wɔkɔ asɛnka daa.”

16 Kristo boa yɛn ma yɛn gyidi yɛ den, na ɔsan boa yɛn ma yɛyere yɛn ho yɛ asɛnka adwuma no. Ɛno ne adwuma a ɛho hia sen biara a yɛreyɛ wɔ asase so nnɛ. (Kenkan Marko 13:10.) André yɛ asafo mu panyin a wɔpaw no nkyɛe. Ɔyɛ obi a bere nyinaa ɔbɔ mmɔden sɛ ɔde akwankyerɛ foforo biara a Onyankopɔn ahyehyɛde no de ma bɛyɛ adwuma. Ɔka sɛ: “Anuanom a wɔyɛ adwuma wɔ baa dwumadibea a wɔatew wɔn dodow so no ma yehu sɛ yɛadu akyiri wɔ nna a edi akyiri no mu, enti ehia sɛ yɛyere yɛn ho yɛ asɛnka adwuma no.”

SƐNEA YEBEGYE KRISTO AKWANKYERƐ ATOM DAA

17, 18. Yɛagye nsakrae a aba nnansa yi atom ama mfaso aba so. Adɛn nti na ehia sɛ yedwinnwen mfaso no ho?

17 Yɛn Hene Yesu Kristo a ɔredi ade no ma yɛn akwankyerɛ; yɛahu sɛ ɛbɛboa yɛn nnɛ ne daakye. Enti mfaso a yɛanya afi nsakrae a aba nnansa yi a yɛagye atom so no, momma yenni ho ahurusi. Ɛbɛyɛ papa sɛ, sɛ moreyɛ abusua som a, nsakrae a wɔayɛ wɔ asafo nhyiam a yɛyɛ wɔ nnawɔtwe no mu ne asɛnka ho no, mubesusuw sɛnea aboa mo abusua no ho.

Woreboa w’abusua ne afoforo ama wɔne Yehowa ahyehyɛde no anantew? (Hwɛ nkyekyɛm 17, 18)

18 Sɛ yehu nea enti a Yehowa ahyehyɛde no de akwankyerɛ ma yɛn ne sɛnea ɛboa yɛn a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yɛde bɛyɛ adwuma na ama yɛn ani agye. Yɛn ani gye ho sɛ wɔatew nhoma a yetintim no dodow so ama ɛka a ahyehyɛde no bɔ so atew. Afei nso, abɛɛfo mfiri a yɛde reyɛ adwuma no boa ma nnipa pii te Ahenni ho asɛmpa no wɔ wiase baabiara. Wei nti, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yebetumi de video ahorow ne nhoma a ɛwɔ Intanɛt so adi dwuma kɛse. Yɛyɛ saa a, na yɛreboa Kristo ama ɔde ahyehyɛde no agyapade adi dwuma yiye.

19. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yegye Kristo akwankyerɛ tom?

19 Sɛ yefi yɛn komam gye Kristo akwankyerɛ tom a, yɛhyɛ yɛn nuanom gyidi den, na yɛboa ma baakoyɛ tena yɛn mu. André ka Betel abusua a wɔatew wɔn dodow so wɔ wiase baabiara no ho asɛm sɛ: “Suban a anuanom a na wɔyɛ adwuma wɔ Betel no ada no adi wɔ nsakrae a ɛte saa ho no ama manya Kristo mu ahotoso, na manya obu ama saa anuanom no. Anigye a wɔde yɛ adwuma biara a wɔde ama wɔn no ama wɔne Yehowa teaseɛnam no renantew.”

NYA YƐN KANNIFO NO MU GYIDI NA FA WO HO TO NO SO

20, 21. (a) Adɛn nti na yebetumi de yɛn ho ato Kristo a ɔyɛ yɛn Kannifo no so? (b) Asɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

20 Ɛrenkyɛ, yɛn Kannifo a Yehowa apaw no, Yesu Kristo ‘bewie ne nkonimdi koraa’ na ‘ɔbɛyɛ anwonwadwuma.’ (Adi. 6:2; Dw. 45:4) Ɛnnɛ mpo, ɔresiesie Onyankopɔn nkurɔfo ama wiase foforo a ɛreba no. Saa bere no, ɔkyerɛkyerɛ adwuma ne adansi adwuma kɛse bi bɛkɔ so bere a wobenyan awufo no, na yɛn mu biara benya hokwan ayɛ bi.

21 Sɛ yɛkɔ so de yɛn ho to yɛn Hene a wɔasra no no so ɛmfa ho nsakrae a ɛbɛba yɛn asetenam a, obedi yɛn anim de yɛn akɔ wiase foforo no mu. (Kenkan Dwom 46:1-3.) Ɛtɔ da a, ebetumi ayɛ den sɛ yebegyina nsakrae bi ano, titiriw bere a biribi asi ama yɛn asetena asesa mpofirim no. Sɛ ɛba saa a, yɛbɛyɛ dɛn akɔ so anya asomdwoe na yɛanya Yehowa mu gyidi a ɛyɛ den? Saa asɛmmisa yi na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

^ nky. 8 Wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu huu nnɔbae pii wɔ Yeriko amamfõ so. Wei kyerɛ sɛ Israelfo anka kurow no anhyɛ mu ankyɛ; na saa ara na aduan a ɛwɔ kurow no mu nso ansa. Yehowa amma Israelfo no amfom Yerikofo nneɛma, enti na ɛyɛ bere a ɛfata sɛ Israelfo no tow hyɛ kurow no so, efisɛ na ɛyɛ twabere, na na aduan abu so wɔ mfuw mu.—Yos. 5:10-12.

^ nky. 11 Hwɛ adaka a wɔato din “Paulo Fi Ahobrɛase Mu Gyinaa Sɔhwɛ Bi Ano” wɔ Ɔwɛn-Aban, March 15, 2003, kr. 24.