Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛ W’asetena Sesa Mpo a, Kɔ So Nya Asomdwoe

Sɛ W’asetena Sesa Mpo a, Kɔ So Nya Asomdwoe

“Madwudwo me kra, na ayɛ komm.”—DW. 131:2.

NNWOM: 128, 129

1, 2. (a) Sɛ Kristoni bi asetena sesa mpofirim a, ebetumi aka no sɛn? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (b) Sɛnea Dwom 131 kyerɛ no, suban bɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛakɔ so anya asomdwoe?

BERE a wɔbɔɔ Lloyd ne Alexandra amanneɛ sɛ wɔnkɔyɛ akwampae adwuma no, mfiase no, wɔn werɛ howee. Ná wɔde bɛboro mfe 25 ayɛ adwuma wɔ Betel. Lloyd kaa sɛ: “Ɛyɛɛ me sɛ Betel ne adwuma a meyɛ wɔ hɔ no ne me biribiara. Nea enti a wɔyɛɛ nsakrae no, na mete ase, nanso nnawɔtwe ne abosome kakra a edi hɔ no, na metaa te nka sɛ wɔapo me. Nsakrae a aba no, na mewɔ ho adwempa, nanso ɛwɔ hɔ ara a na m’abam abu.”

2 Sɛ yɛn asetena sesa mpofirim a, nsakrae a ɛte saa no betumi agyaw yɛn adwinnwen, na ama yɛn ho ayeraw yɛn. (Mmeb. 12:25) Ebetumi ayɛ den mpo sɛ yebegye saa nsakrae no atom. Sɛ ɛba saa a, dɛn na yebetumi ayɛ de ‘adwudwo’ yɛn kra ama ‘ayɛ komm’? (Kenkan Dwom 131:1-3.) Momma yɛnhwɛ sɛnea nnipa bi a Bible kaa wɔn ho asɛm ne Yehowa asomfo bi a wɔwɔ hɔ nnɛ tumi kɔɔ so nyaa asomdwoe ɛmfa ho mpo sɛ wɔn asetena sesae.

SƐNEA “ONYANKOPƆN ASOMDWOE” BOA YƐN

3. Tebea bɛn na Yosef kɔɔ mu?

3 Bere a Yosef dii mfe 17 no, ahoɔyaw nti ɔno ara ne nuanom tɔn no ma ɔkɔyɛɛ akoa. Ansa na wɔretɔn Yosef no, na Yosef yɛ n’agya dɔba. (Gen. 37:2-4, 23-28) Yosef huu amane bɛyɛ mfe 13 wɔ Egypt; nea edi kan, ɔsomee sɛ akoa, na akyiri yi, wɔde no too afiase. Ná ɔmmɛn n’agya Yakob a ɔdɔ no no koraa. Dɛn na ɛboaa Yosef a amma n’abam ammu na abufuw anhyɛ no mã?

4. (a) Bere a na Yosef da afiase no, dɛn na ɔde n’adwene sii so? (b) Sɛn na Yehowa buaa mpae a Yosef bɔe no?

4 Bere a na Yosef rehu amanne wɔ afiase no, ɛbɛyɛ sɛ ɔde n’adwene sii nneɛma a ɛkyerɛ sɛ Yehowa rehyira no no so. (Gen. 39:21; Dw. 105:17-19) Ɛbɛyɛ sɛ anisoadehu a Yosef nyae wɔ dae mu bere a na ɔyɛ abofra no nso ma onyaa ahotoso sɛ Yehowa ka ne ho. (Gen. 37:5-11) Ebia ɔkaa ɛyaw a na ɔrefa mu no ho asɛm kyerɛ Yehowa mpɛn pii. (Dw. 145:18) Yehowa buaa mpae a Yosef fi ne komam bɔe no, na ɔmaa Yosef nyaa ahotoso sɛ ‘ɔbɛka ne ho’ wɔ ne sɔhwɛ nyinaa mu.—Aso. 7:9, 10. *

5. Ɔkwan bɛn so na “Onyankopɔn asomdwoe” betumi aboa yɛn ama yɛayere yɛn ho adu botae a yɛde asisi yɛn anim wɔ Yehowa som mu ho?

5 Ɛmfa ho tebea a emu yɛ den biara a yɛbɛkɔ mu nnɛ no, yebetumi anya “Onyankopɔn asomdwoe” a ɛbɔ yɛn adwene nsusuwii ho ban. (Kenkan Filipifo 4:6, 7.) Enti, sɛ dadwen hyɛ yɛn so na yɛdan kɔ Yehowa nkyɛn a, Onyankopɔn asomdwoe betumi ahyɛ yɛn den ama yɛayere yɛn ho adu botae a yɛde asisi yɛn anim wɔ Yehowa som mu ho; ɛbɛboa yɛn na yɛampa abaw. Momma yɛnhwɛ yɛn nuanom binom a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔanya osuahu a ɛte saa.

DAN KƆ YEHOWA NKYƐN NA SAN NYA ASOMDWOE

6, 7. Ɔkwan bɛn so na mpae pɔtee bi a yɛbɛbɔ betumi aboa yɛn ama yɛanya asomdwoe? Ma ɛho nhwɛso.

6 Bere a wɔbɔɔ Ryan ne Juliette amanneɛ sɛ adwuma a wɔreyɛ sɛ bere tiaa mu akwampaefo titiriw no aba awiei no, wɔn abam bui. Ryan kaa sɛ: “Yɛde saa asɛm yi too Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu. Yehui sɛ yɛanya hokwan soronko a yɛde bɛda no adi sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so. Ná yɛn asafo no mufo bebree baa nokware no mu nkyɛe, enti yɛbɔɔ mpae sɛ Yehowa mmoa yɛn mma yɛnyɛ gyidi ho nhwɛso pa mma wɔn.”

7 Sɛn na Yehowa buaa mpae a wɔbɔe no? Ryan kaa sɛ: “Yɛbɔɔ mpae no wiei ara pɛ na adwene a ɛmfata a yenyae ne kɔdaanna a ɛbɛtɔɔ yɛn so mfiase no tu yerae. Onyankopɔn asomdwoe bɔɔ yɛn koma ne yɛn adwene nsusuwii ho ban. Yehui sɛ, sɛ yɛkɔ so nya adwempa a, Yehowa betumi de yɛn ayɛ adwuma.”

8-10. (a) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn honhom betumi aboa yɛn ama yɛagyina yɛn dadwen ano? (b) Sɛ yɛyere yɛn ho sɛ yɛbɛsom Yehowa a, dɛn na ɔbɛyɛ de aboa yɛn?

8 Onyankopɔn honhom betumi aka yɛn koma ato yɛn yam na asan atwe yɛn adwene akɔ nsɛntitiriw bi a ɛwɔ Bible mu so. Wei bɛboa yɛn ama yɛahu nneɛma a ɛho hia pa ara wɔ asetena mu. (Kenkan Yohane 14:26, 27.) Yɛnhwɛ awarefo bi a wɔn din de Philip ne Mary. Ná wɔde bɛyɛ mfe 25 ayɛ adwuma wɔ Betel. Abosome nnan ntam no, wɔn mu biara maame wui, na wɔn busuani bi nso wui. Afei na Mary papa nso anya adwenemyare, enti na ɛsɛ sɛ wɔtena ne ho hwɛ no.

9 Philip kaa sɛ: “Ná ɛyɛ me sɛ magyina asɛm a ato me no ano yiye, nanso mihui sɛ na biribi nkɔ yiye. M’ani twaa Kolosefo 1:11 so wɔ adesua asɛm bi mu wɔ Ɔwɛn-Aban mu. Ɛwom sɛ na ɛyɛ me sɛ magyina asɛm a ato me no ano yiye de, nanso na menyɛɛ saa nkosii ase. Ná ehia sɛ mede ‘anigye ne abotare gyina ano kosi ase.’ Bible mu asɛm yi ma mekaee sɛ ɛnyɛ tebea a mewom na ɛbɛma m’ani agye, na mmom Onyankopɔn honhom na ebetumi aboa me ama m’ani agye.”

10 Esiane sɛ Philip ne Mary kɔɔ so de wɔn adwene sii Yehowa som so nti, Yehowa hyiraa wɔn wɔ akwan pii so. Bere a wofii Betel no, ankyɛ na wɔn mmienu nyinaa nyaa nkurɔfo a wɔn ani abere sɛ wobesua Bible. Ná wɔpɛ sɛ wosua ade bɛboro pɛnkoro nnawɔtwe. Sɛ Mary hwɛ n’akyi a, ɔka sɛ: “Nkurɔfo a na yɛne wɔn sua ade no na wɔmaa yɛn ani gyei pa ara; ná Yehowa reka akyerɛ yɛn sɛ biribiara bɛkɔ yiye.”

MA YEHOWA NNYA BIRIBI NNYINA SO NHYIRA WO

Ɛmfa ho nea ebesi wɔ yɛn asetenam biara no, yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yosef? (Hwɛ nkyekyɛm 11-13)

11, 12. (a) Dɛn na Yosef yɛe a ɛmaa Yehowa nyaa biribi gyinaa so hyiraa no? (b) Dɛn na Yehowa yɛe de hyiraa Yosef?

11 Sɛ nsakrae ba yɛn asetenam mpofirim a, ɛnyɛ den koraa sɛ yebetumi adwinnwen yɛn daakye ho ama yɛn abam abu. Ná anka Yosef abam betumi abu. Nanso, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ nea obetumi biara wɔ asɛm a ato no no ho, na ɔmaa Yehowa nyaa biribi gyinaa so hyiraa no. Ɛwom sɛ, na Yosef da afiase de, nanso ɔyeree ne ho yɛɛ adwuma biara a ɔpanyin a ɔhwɛ afiase hɔ kaa sɛ ɔnyɛ. Saa ara na ɔyɛe bere a na ɔyɛ adwuma ma Potifar no.—Gen. 39:21-23.

12 Da bi, wɔka kyerɛɛ Yosef sɛ ɔnhwɛ nneduafo mmienu bi a na anka wɔwɔ dibea akɛse wɔ Farao ahemfie so. Anadwo bi, mmarima mmienu no sosoo dae bi a na ɛkyere wɔn adwene. Esiane sɛ na Yosef ne wɔn di no yiye nti, ade kyee no, wɔn nyinaa kaa wɔn haw ne dae no kyerɛɛ no. (Gen. 40:5-8) Mfiase no, na Yosef nnim nea na ebefi nkɔmmɔ a mmarima no ne no bɔe mu aba, nanso na ɛbɛkɔ akowie anigye mu. Ɛno akyi no, ɔdaa afiase mfe mmienu kaa ho de, nanso awiei koraa no, woyii no fii afiase. Ɛda a woyii Yosef no ara, wɔpaw no sɛ Farao abadiakyiri.—Gen. 41:1, 14-16, 39-41.

13. Yɛbɛyɛ dɛn ama Yehowa anya biribi agyina so ahyira yɛn ɛmfa ho asetena a yɛwom?

13 Sɛnea ɛtoo Yosef no, yɛn nso yebetumi akɔ tebea bi a yɛrentumi nyɛ ho hwee mu. Nanso, sɛ yenya abotare na yɛyere yɛn ho yɛ nea yebetumi biara wɔ asetena biara a yɛwom mu a, yɛbɛma Yehowa anya biribi agyina so ahyira yɛn. (Dw. 37:5) Ɛwom, ɛtɔ da a, yɛn ‘ani so bɛtan’ yɛn de, nanso sɛnea ɔsomafo Paulo kae no, yɛn abam remmu anaa yɛn anidaso rensa. (2 Kor. 4:8) Ne titiriw no, sɛ yɛkɔ so yɛ yɛn som adwuma a, asɛm a Paulo kae no bɛbam wɔ yɛn so.

KƆ SO YƐ WO SOM ADWUMA

14-16. Ɛmfa ho nsakrae a ɛbaa ɔsɛmpakafo Filipo asetenam no, ɛyɛɛ dɛn na ɔkɔɔ so yɛɛ ne som adwuma?

14 Ɛmfa ho sɛ nsakrae baa ɔsɛmpakafo Filipo asetenam no, ɔyɛɛ nhwɛso pa sɛ obi a ɔkɔɔ so yɛɛ ne som adwuma. Bere a Stefano gyidi nti wokum no akyi no, ɔtaa sɔree wɔ Yerusalem. * Saa bere no, na Filipo reyɛ ɔsom adwuma foforo. (Aso. 6:1-6) Bere a Kristo akyidifo no bɔ hwetee no, na Filipo ntumi ntena hɔ kwa a ɔrenyɛ biribiara. Ɔkɔɔ Samaria kɔkaa asɛmpa no; ná ehia sɛ nkurɔfo te asɛmpa no wɔ saa kurow no mu.—Mat. 10:5; Aso. 8:1, 5.

15 Ná Filipo pɛ sɛ ɔkɔ baabiara a Onyankopɔn honhom bɛkyerɛ no sɛ ɔnkɔ. Enti, Yehowa ma ɔkɔkaa asɛmpa no wɔ mmeae a na nkurɔfo nnya ntee asɛm no. Ná Yudafo bebree mmu Samariafo, nanso Filipo de, na onyiyi nnipa mu, enti ɛbɛyɛ sɛ ɔmaa Samariafo no ani gyei. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipakuw no de “koma koro” tiee no!—Aso. 8:6-8.

16 Ɛno akyi no, Onyankopɔn honhom de Filipo kɔɔ Asdod ne Kaesarea. Ná Amanaman mufo dɔɔso wɔ saa nkurow mmienu no mu. (Aso. 8:39, 40) Bere a Filipo kɔkaa asɛmpa no wɔ Samaria akyi mfe 20 no, n’asetena sesae bio. Afei de, na wabenya yere ne mma, enti ɔtenaa baabi a na ɔreka asɛmpa no. Ɛmfa ho nsakrae a ɛbaa Filipo asetenam no, ɔkɔɔ so yɛɛ ne som adwuma. Ɛno nti, Yehowa hyiraa ɔne n’abusua pii.—Aso. 21:8, 9.

17, 18. Sɛ nsakrae bi ba yɛn asetenam a, ɔsom adwuma no a yɛbɛkɔ so ayɛ no bɛboa yɛn sɛn?

17 Anuanom a wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma no bebree ka sɛ ɛmfa ho nsakrae a ɛbaa wɔn asetenam no, ɔsom adwuma no a wɔkɔɔ so yɛe no ma wonyaa anigye ne adwempa. Yɛnhwɛ Osborne ne ne yere Polite a wofi South Africa. Bere a wofii Betel no, na ɛyɛ wɔn sɛ ɛrenkyɛ na wɔanya adwuma a ɛrennye wɔn bere nyinaa, na wɔanya baabi nso atena. Osborne kaa sɛ: “Nanso, yɛannya adwuma ntɛm sɛnea na yɛhwɛ kwan no.” Ne yere Polite nso kaa sɛ: “Abosome mmiɛnsa twaam no, na yennyaa adwuma nyɛe, na na yenni sikadahɔ nso. Ná ɛyɛ den ankasa.”

18 Dɛn na ɛboaa wɔn ma wogyinaa wɔn tebea a na emu yɛ den no ano? Osborne bɔ asɛm no mua sɛ: “Asɛnka adwuma a yɛne asafo a yɛwom yɛe no boaa yɛn pa ara ma yɛn adwene anhinhim, na yɛkɔɔ so nyaa adwempa. Yesii gyinae sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ asɛnka adwuma no, na yɛrentew ntena nnwinnwen yɛn haw ho. Wei maa yɛn ani gyei pa ara. Yekyinkyin baabiara hwehwɛɛ adwuma, na awiei koraa no, yenyaa bi.”

NYA ABOTARE TWƐN YEHOWA

19-21. (a) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛakɔ so anya asomdwoe? (b) Sɛ nsakrae bi ba yɛn asetenam na yegye tom a, ɛbɛboa yɛn sɛn?

19 Sɛnea yɛahu no, sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara wɔ tebea biara a yɛbɛkɔ mu mu na yɛde ahotoso twɛn Yehowa a, yɛbɛkɔ so anya asomdwoe. (Kenkan Mika 7:7.) Ebia yebehu mpo sɛ nsakrae a yɛagye atom no ama yɛne Yehowa ntam ayɛ kama. Yɛadi kan aka Polite ho asɛm. Ɔkaa osuahu a onyae ho asɛm sɛ: “Dwumadi foforo a wɔde maa me no ama mahu sɛnea mede me ho bɛto Yehowa so pa ara bere mpo a ɛte sɛ nea nneɛma nkɔ yiye mma me no. Me ne Yehowa ntam ayɛ kama ankasa.”

20 Mary a yɛadi kan aka n’asɛm no da so ara rehwɛ ne papa a ne mfe akɔ anim no, na ogu so reyɛ akwampae adwuma nso. Ɔkaa sɛ: “Mahu sɛ, sɛ dadwen hyɛ me so a, ehia sɛ migyae nea mereyɛ, mebɔ mpae, na afei migye m’ahome. Sɛ mɛka a, ade kɛse a masua ne sɛ megyae biribiara ama Yehowa, na ebehia sɛ meyɛ saa pa ara daakye.”

21 Lloyd ne Alexandra a yɛkaa wɔn ho asɛm mfiase no gye tom sɛ, nsakrae a ɛbaa wɔn asetenam no sɔɔ wɔn gyidi hwɛe wɔ akwan bi a na wɔn ani nna koraa so. Seesei wɔahu sɛ wɔn gyidi ayɛ den, na sɛ wohyia ɔhaw a, ebetumi akyekye wɔn werɛ. Wɔte nka sɛ asiesie wɔn pa ara.

Sɛ nsakrae ba yɛn asetenam mpofirim a, ebetumi akowie nhyira a yɛnhwɛ kwan mu! (Hwɛ nkyekyɛm 19-21)

22. Sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara wɔ asetena a yɛwom seesei mu a, awerɛhyem bɛn na yebetumi anya?

22 Sɛ w’asetena sesa mpofirim a, nya awerɛhyem sɛ Yehowa dwen wo ho na ɔbɛboa wo bere a ɛsɛ mu. Nsakrae a ebetumi aba no bi ne sɛ adwuma a woyɛ wɔ Yehowa som mu betumi asesa, yare betumi abɔ wo, anaasɛ wubetumi anya abusua mu asɛyɛde foforo. (Heb. 4:16; 1 Pet. 5:6, 7) Nanso seesei de, yɛ nea wubetumi biara wɔ tebea biara a wowom no mu. Bɔ wo soro Agya no mpae, na fa wo ho to no so koraa. Sɛ woyɛ saa na w’asetena sesa mpo a, wobɛkɔ so anya asomdwoe.

^ nky. 4 Bere a woyii Yosef fii afiase akyi no, ɔkaa sɛ Yehowa ama no ɔbabarima ama ne werɛ afi ne yaw. Ɔtoo n’abakan no din Manase, efisɛ ɔkaa sɛ: ‘Onyankopɔn ama me werɛ afi m’amanehunu nyinaa.’—Gen. 41:51.

^ nky. 14 Hwɛ asɛm a wɔato din “So Wunim?” a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi mu.