ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM October 2019

Adesua nsɛm a yebesua December 2-29, 2019.

1919—Mfe Ɔha a Atwam

Afe 1919 no, Yehowa hyɛɛ ne nkurɔfo den ma wɔkaa asɛm no sen sɛnea na wɔayɛ bere bi a atwam. Nanso, sɛ na Bible Asuafo no betumi ayɛ saa a, na gye sɛ nneɛma sesa koraa.

Onyankopɔn Atemmu—Ɔbɔ Kɔkɔ Sɛnea Ɛsɛ Bere Nyinaa Anaa?

Seesei Yehowa nso rebɔ nnipa a wɔte asase so nyinaa kɔkɔ wɔ “ahum” kɛse bi a ɛrebetu ho. Wei de, ɛyɛ hu koraa kyɛn ahum biara a ebia nkurɔfo bɛte sɛ wɔrebɔ ho amanneɛ. Sɛn na Yehowa rebɔ nkurɔfo kɔkɔ?

Yere Wo Ho Yɛ Pii Wɔ “Nna a Edi Akyiri” Yi Awiei

Nneɛma bɛn na ebesisi wɔ “nna a edi akyiri no” awiei? Bere a yɛretwɛn sɛ saa nneɛma no besisi no, dɛn na Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ?

Kɔ so di nokware wɔ “ahohiahia kɛse” no mu

Dɛn na Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ saa bere no? Yɛbɛyɛ dɛn asiesie yɛn ho nnɛ na ama yɛakɔ so adi nokware?

Dɛn na Yehowa Bɛma Woatumi Ayɛ?

Tete no, Yehowa maa n’asomfo nyaa ɔpɛ ne tumi a wɔde bɛyɛ n’apɛde. Sɛn na Yehowa siesie yɛn ma yɛsom no nnɛ?

Som Yehowa Nko Ara

Hwɛ gyinae a yesisi wɔ nneɛma mmienu bi ho, na ɛno na ɛbɛma yɛahu sɛ yɛsom Yehowa nko ara anaasɛ ɛnte saa.