Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onua Rutherford rekasa wɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ Cedar Point, Ohio no ase, wɔ afe 1919 mu

1919—Mfe Ɔha a Atwam

1919—Mfe Ɔha a Atwam

EDUU afe 1919 no, na Ɔko Kɛse (a akyiri yi wɔtoo din Wiase Ko I) no aba awiei dedaw. Saa ɔko yi kɔɔ so bɛboro mfe nnan. Afe 1918 rekɔ awiei no, amanaman no gyaee ko, na January 18, 1919 no, wɔbɔɔ gua bi wɔ Paris sɛ wɔde repɛ asomdwoe. Ade baako a wotumi yɛe wɔ saa guabɔ no ase ne Versailles Apam no. Bere a wɔyɛɛ saa apam no, ɛmaa Germany ne aman a na wɔaka wɔn ho abom ne Germany reko no gyaee ko. Wɔyɛɛ saa apam no June 28, 1919.

Afei nso, apam no ma wɔhyehyɛɛ kuw foforo bi a wɔfrɛ no Amanaman Apam. Ná Amanaman Apam no botae ne sɛ “wɔbɛhwɛ ama amanaman no ntam ayɛ kama na wɔama asomdwoe ne ahotɔ aba wiase baabiara.” Kristoman asɔre ahorow pii taa Amanaman Apam no akyi. Kristoman asɔre ahorow a wɔaka wɔn ho abom wɔ Amerika no kamfoo Amanaman nkabom no sɛ, ɛyɛ “amammui ahyehyɛde a egyina Onyankopɔn Ahenni no ananmu wɔ asase so.” Saa asɔre ahorow yi somaa nkurɔfo kogyinaa wɔn ananmu wɔ gua a wɔbɔe wɔ Paris no ase; wɔyɛɛ saa de kyerɛe sɛ wogye Amanaman Apam no tom. Nkurɔfo a wɔsomaa wɔn no, wɔn mu baako kaa sɛ saa guabɔ no “hyɛɛ biribi foforo ase wɔ adesamma abakɔsɛm mu.”

Ná biribi foforo rebefi ase, nanso ɛnyɛ mmarima a wɔkɔɔ gua a wɔbɔe wɔ Paris no ase no na na wɔde bɛba. Mmom, afe 1919 no, biribi foforo fii ase wɔ asɛnka adwuma no mu; Yehowa hyɛɛ ne nkurɔfo den ma wɔkaa asɛm no sen sɛnea na wɔayɛ bere bi a atwam. Nanso, sɛ na Bible Asuafo no betumi ayɛ saa a, na gye sɛ nneɛma sesa koraa.

GYINAESI A ƐYƐ DEN

Joseph F. Rutherford

Aba a na wɔtow no afe afe de paw Watch Tower Bible and Tract Society no akwankyerɛfo no, na wɔahyɛ sɛ wɔbɛyɛ no Memeneda, January 4, 1919. Saa bere no, na Onua Joseph F. Rutherford na odi Yehowa nkurɔfo anim. Ná wɔabu ɔne anuanom nson atɛnkyea de wɔn agu afiase wɔ Atlanta, Georgia, U.S.A. Wei maa asɛmmisa bi sɔree sɛ, Ɛsɛ sɛ wɔsan to aba ma anuanom mpanyimfo a wɔde wɔn agu afiase no ma wɔtoa wɔn adwuma so anaa? Anaa wɔmpaw anuanom foforo nsi wɔn ananmu?

Evander J. Coward

Bere a Onua Rutherford da afiase no, na ahyehyɛde no daakye ho asɛm haw no. Ná onim sɛ anuanom bi adwene yɛ wɔn sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ wɔtow aba yi obi foforo ma ɔbɛyɛ titenani. Wei nti, Onua Rutherford kyerɛw krataa kɔmaa anuanom a na wɔahyiam no, na ɔkamfoo Evander J. Coward sɛ wɔntow aba nyi no mma ɔmmɛyɛ titenani. Onua Rutherford kaa Onua Coward ho asɛm sɛ “odwo,” “ɔyɛ badwemma,” na “wahyira ne ho so ama Awurade.” Nanso, na anuanom pii mpɛ no saa, na wɔpɛ sɛ wotu abatow no hyɛ da ma wɔyɛ no abosome nsia akyi. Mmaranimfo a wogyinaa anuanom a wogu afiase no ananmu wɔ asɛnnibea no penee so sɛ wontu nhyɛ da. Bere a wɔresusuw asɛm no ho no, anuanom binom bo fuwii.

Richard H. Barber

Afei biribi sii, na akyiri yi Richard H. Barber kaa sɛ na ‘ɛte sɛ nea obi ahwie nsu agu gya so.’ Onua bi a na ɔwɔ nhyiam no ase kaa sɛ: “Menyɛ mmaranimfo, nanso sɛ yɛreka nokwaredi ho asɛm a, minim nea ɛkyerɛ paa. Onyankopɔn pɛ sɛ yedi nokware. Ade a eye sen biara a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yedi Onyankopɔn nokware ne sɛ yɛbɛtow aba na yɛasan ayi Onua Rutherford sɛ titenani.”—Dw. 18:25.

Alexander H. Macmillan

Akyiri yi, A. H. Macmillan a na ɔne Onua Rutherford da afiase no kaa sɛ, ade kyee no, Onua Rutherford de ne nsa pem afiase dan a na ɔda mu no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Teɛ wo nsa gye ade.” Afei Onua Rutherford de telegram bi maa no. Bere a Onua Macmillan huu asɛntiaa a ɛwɔ so no, ɛhɔ ara na ohuu nea ɛkyerɛ. Asɛm a na ɛwɔ so ni: “RUTHERFORD WISE VAN BARBER ANDERSON BULLY NE SPILL KWANKYERƐFO ODI KAN MMIƐNSA MPANYIMFO DƆ MO NYINAA.” Wei kyerɛ sɛ na wɔasan atow aba ama akwankyerɛfo no nyinaa bio, na Joseph Rutherford ne William Van Amburgh bɛkɔ so ayɛ mpanyimfo. Ɛno nti, na Onua Rutherford bɛkɔ so ayɛ titenani.

WOGYAA WƆN!

Bere a anuanom nwɔtwe no gu afiase no, Bible Asuafo anokwafo kɔɔ nkurɔfo nkyɛn srɛɛ wɔn sɛ wɔmfa wɔn nsa nhyɛ krataa bi ase. Ná krataa no yɛ adesrɛ a wɔde rekɔto aban anim sɛ wonnyaa anuanom a wogu afiase no. Anuanom a wɔwɔ akokoduru yi nyaa nnipa bɛboro 700,000 ma wɔde wɔn nsa hyɛɛ krataa no ase. Wukuda, March 26, 1919 no, woyii Onua Rutherford ne anuanom a wɔka ne ho a wodi nneɛma anim wɔ ahyehyɛde no mu no fii afiase.

Bere a woyii Onua Rutherford fii afiase no, ɔmaa ɔkasa bi kyerɛɛ wɔn a wobehyiaa no no. Ɔkaa sɛ: “Migye di sɛ nea yɛn nyinaa yɛafa mu yi resiesie yɛn ama mmere a emu yɛ den paa a ɛda yɛn anim no. . . . Mmɔden a mobɔe nyinaa no, ɛnyɛ mo nuanom a mubeyi wɔn afi afiase ntia. Ɛno de, ebetwaam kɛkɛ. . . . Nea enti a mobɔɔ mmɔden saa ne sɛ mubedi Nokware no ho adanse, na wɔn a wɔayɛ saa no anya nhyira kɛse bi.”

Yɛhwɛ sɛnea nneɛma kɔe bere a na wɔredi yɛn nuanom yi asɛm no a, ɛbɛyɛ sɛ na Yehowa nsa wom. May 14, 1919 no, asɛnnibea a anuanom de asɛm no kɔdan wɔn no buaa sɛ: “Wɔn a na wɔredi wɔn asɛm no, . . . na anka ɛsɛ sɛ asɛnnibea no hwɛ di wɔn asɛm no yiye nanso wɔanyɛ saa. Ɛno nti, yɛatwe atemmu no asan.” Ná wɔabu anuanom no fɔ sɛ wɔadi bɔne paa. Enti sɛ wɔde wɔn ho kyɛɛ wɔn anaa wɔtew mfe dodow a wɔde wɔn guu afiase no so kɛkɛ a, anka atemmu no bedi wɔn akyi. Wɔammɔ wɔn sobo biara bio. Wei nti, hokwan a na Ɔtemmufo Rutherford wɔ sɛ obegyina Yehowa nkurɔfo ananmu wɔ Asɛnnibea Kunini a ɛwɔ United States no anim no amfi ne nsa. Woyii no fii afiase no, otumi yɛɛ saa mpɛn pii.

NÁ WƆASI WƆN BO SƐ WƆBƐKA ASƐMPA NO

Onua Macmillan kaa sɛ: “Ná yɛrentena ase mmobɔ yɛn nsa ngu yɛn bo ntwɛn sɛ Awurade bɛba abɛfa yɛn akɔ soro. Yehui sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ biribi na ama yɛahu nea Awurade pɛ sɛ yɛyɛ ankasa.”

Nanso, na anuanom a wɔwɔ asafo ti no rentumi ntoa adwuma a na wɔde mfe pii ayɛ no so. Adɛn ntia? Efisɛ bere a wɔde anuanom mpanyimfo no guu afiase no, nnade ntrantraa a na wɔde tintim nhoma no sɛee. Ɛmaa anuanom abam bui, na na anuanom binom adwene yɛ wɔn sɛ gyama asɛnka adwuma no aba awiei.

Yemmisa sɛ, Ahenni ho asɛmpa a na Bible Asuafo no ka no, na obi wɔ hɔ a n’ani da so gye ho anaa? Nea ɛbɛyɛ a Bible Asuafo no benya asɛmmisa yi ho mmuae no, Onua Rutherford yɛe sɛ ɔbɛma ɔkasa bi. Wɔtoo nsa frɛɛ obiara sɛ ommetie bi. Onua Macmillan kaa sɛ: “Sɛ obiara amma saa nhyiam no a, ɛnde yɛbɛfa no sɛ yɛawie.”

Onua Rutherford kasa a n’asɛmti ne “Anidaso Wɔ Hɔ Ma Adesamma a Wɔrehu Amane” a ɔmae wɔ Los Angeles, California afe 1919 no, ɛho dawurubɔ a ɛwɔ atesɛm krataa mu

Enti Kwasida, May 4, 1919 no, ɛmfa ho sɛ na Onua Rutherford yare denneennen no, ɔmaa ɔkasa a n’asɛmti ne “Anidaso Wɔ Hɔ Ma Adesamma a Wɔrehu Amane” wɔ Los Angeles, California. Nnipa bɛyɛ 3,500 na wokotiee ɔkasa no, na nnipa pii a wɔbaa akyiri no, wɔsan ma wɔkɔe efisɛ na ɛhɔ ayɛ mã. Da a edi hɔ no, nnipa 1,500 nso kotiee ɔkasa no. Anuanom nyaa wɔn asɛmmisa no ho mmuae; nkurɔfo ani da so gye asɛmpa no ho!

Nea anuanom yɛe wɔ ɛno akyi no twaa ɛsa too hɔ maa asɛnka adwuma a Yehowa Adansefo ayɛ abesi nnɛ no.

WOSIESIEE WƆN HO MAA NKƆANIM A ƐBƐBA DAAKYE

Ɔwɛn-Aban a ɛbaa August 1, 1919 no kaa sɛ September fi ase a, wɔbɛyɛ nhyiam bi wɔ Cedar Point, Ohio. Clarence B. Beaty a na ɔyɛ Bible Suani no kaa sɛ: “Ná obiara hu sɛ ɛsɛ sɛ ɔkɔ bi.” Ná Clarence yɛ aberante a ofi Missouri. Anuanom bɛboro 6,000 na wɔkɔɔ saa nhyiam no bi; wɔdɔɔso sen sɛnea na wɔhwɛ kwan koraa. Nea ɛmaa anuanom ani gyei kɛse ne sɛ, nnipa bɛboro 200 bɔɔ asu wɔ osutare bi a wɔfrɛ no Ɔtare Erie mu.

The Golden Age, October 1, 1919 de no ne nea wodii kan tintimii; sei na anim te

September 5, 1919 nhyiam no da a ɛto so nnum no, Onua Rutherford maa ɔkasa bi a n’asɛmti ne “Asɛm a Wɔka Kyerɛ Mfɛfo Adwumayɛfo.” Ɔde too gua sɛ wɔayɛ nsɛmma nhoma foforo a wɔato din The Golden Age. * Saa nsɛmma nhoma no bɛka “nsɛntitiriw a ɛresisi ho asɛm na wɔde Kyerɛwnsɛm no akyerɛ nea enti a [na] saa nsɛm akɛse no resisi.”

Wɔhyɛɛ Bible Asuafo no nyinaa nkuran sɛ wɔmfa nhoma foforo yi nni adanse akokoduru so. Krataa bi a na ɛrekyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma no kaa sɛ: “Obiara a wahyira ne ho so [abɔ asu] nkae sɛ ɛyɛ hokwan kɛse sɛ ɔbɛsom, na waso hokwan a wanya no mu nnɛ, na wayɛ nea obetumi biara adi obiara adanse.” Nnipa pii gyee ɔfrɛ yi so! Eduu December no, na adawurubɔfo a wɔde nsi ka Ahenni no ho asɛm no anya nnipa bɛboro 50,000 ama wɔakra nsɛmma nhoma foforo yi bi.

Anuanom bi a wɔwɔ Brooklyn, New York gyina kar bi ho; wɔahyehyɛ The Golden Age wɔ so mã

Eduu afe 1919 awiei no, na Yehowa nkurɔfo asan agyina wɔn nan so bio, na na wɔanya ahoɔden foforo. Afei nso, na nkɔmhyɛ atitiriw a ɛfa nna a edi akyiri no ho pii anya mmamu. Malaki 3:1-4 ka too hɔ sɛ wɔbɛsɔ Onyankopɔn nkurɔfo ahwɛ na wɔayiyi wɔn mu. Ná saa nkɔmhyɛ no aba mu. Ná wɔagye Yehowa nkurɔfo afi “Babilon Kɛse” a na ɛde wɔn ayɛ nkoa no nsam, na na Yesu apaw “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no. * (Adi. 18:2, 4; Mat. 24:45) Afei de, na Bible Asuafo no asiesie wɔn ho sɛ wɔbɛyɛ adwuma a na Yehowa pɛ sɛ wɔyɛ no.

^ nky. 22 Afe 1937 no, wɔtoo The Golden Age no din Consolation, na afe 1946 no, wɔtoo no din Nyan!