Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 41

Kɔ so di nokware wɔ “ahohiahia kɛse” no mu

Kɔ so di nokware wɔ “ahohiahia kɛse” no mu

“Yehowa anokwafo nyinaa, monnɔ no. Yehowa bɔ anokwafo nyinaa ho ban.”—DW. 31:23.

DWOM 129 Yebegyina Mu Pintinn

NEA YƐREBESUA *

1-2. (a) Dɛn na wiase atumfoɔ no bɛpae mu aka nnansa yi ara? (b) Nsɛmmisa bɛn na ehia sɛ yenya ho mmuae?

FA NO sɛ wiase atumfoɔ no apae mu aka sɛ wɔama “asomdwoe ne dwoodwoo!” a yɛahwɛ kwan bere tenten sɛ wɔbɛka no aba. Ebia wɔbɛhoahoa wɔn ho sɛ asomdwoe a wɔama aba wiase no, yennyaa bi da. Wiase atumfoɔ no bɛhwɛ kwan sɛ yebenya adwene sɛ wɔatumi ayi wiase haw nyinaa afi hɔ. Nanso, nea ebedi akyi aba no, wɔrentumi nyɛ ho hwee! Adɛn ntia? Bible nkɔmhyɛ ma yehu sɛ “mpofirim ara na ɔsɛe bɛba wɔn so . . . na wɔrentumi nguan ɔkwan biara so.”—1 Tes. 5:3.

2 Nsɛmmisa titiriw bi wɔ hɔ a, ehia sɛ yenya ho mmuae. Ɛne sɛ: Dɛn na ebesi wɔ “ahohiahia kɛse” no mu? Dɛn na Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ saa bere no? Yɛbɛyɛ dɛn asiesie yɛn ho nnɛ na ama yɛakɔ so adi nokware wɔ ahohiahia kɛse no mu?—Mat. 24:21.

DƐN NA EBESI WƆ “AHOHIAHIA KƐSE” NO MU?

3. Sɛnea Adiyisɛm 17:5, 15-18 kyerɛ no, ɔkwan bɛn na Onyankopɔn bɛfa so asɛe “Babilon Kɛse” no?

3 Kenkan Adiyisɛm 17:5, 15-18. Wɔbɛsɛe “Babilon Kɛse” no! Sɛnea yɛadi kan aka no, nea ebesi saa bere no, wiase atumfoɔ no rentumi nyɛ ho hwee. Adɛn ntia? Efisɛ ‘Onyankopɔn na ɔde bɛhyɛ wɔn komam sɛ wɔmma ne nsusuwii mmra mu.’ Dɛn ne saa nsusuwii no? Ɛne sɛ wɔbɛsɛe atoro som nyinaa; Kristoman ka ho. * Onyankopɔn de ne nsusuwii bɛhyɛ “akekaboa kɔkɔɔ” no “mmɛn du” no komam. Mmɛn du no gyina hɔ ma aban ahorow nyinaa a wɔtaa “akekaboa” a ɛne Amanaman Nkabom no akyi no. (Adi. 17:3, 11-13; 18:8) Sɛ aban ahorow no tow hyɛ atoro som so a, ɛno na ɛbɛkyerɛ sɛ ahohiahia kɛse no afi ase. Ɛbɛyɛ asɛm a ɛyɛ hu, na ɛbɛka obiara wɔ asase so.

4. (a) Dɛn na ebia wiase atumfoɔ no bɛka de akyerɛ nea enti a wɔbɛtow ahyɛ atoro som so? (b) Dɛn na ebia nkurɔfo a na wɔwɔ saa atoro som mu no bɛyɛ?

4 Yennim nea ebia wiase atumfoɔ no bɛka de akyerɛ nea enti a wɔbɛtow ahyɛ Babilon Kɛse no so. Ebia wɔbɛka sɛ ɔsom ahorow a ɛwɔ wiase no na ɛmma asomdwoe mma, na wɔtaa de wɔn ho gyigye amanyɔsɛm mu nso. Anaa ebia wɔbɛka sɛ nyamesom akuw no aboaboa ahode ne agyapade bebree ano, kyerɛ sɛ, wɔanya wɔn ho tam. (Adi. 18:3, 7) Sɛ wiase atumfoɔ no tow hyɛ atoro som so a, ebia wɔrensɛe asɔremma no nyinaa. Mmom, ɛte sɛ nea wiase atumfoɔ no bɛsɛe nyamesom akuw no. Sɛ saa akuw no nyinaa fi hɔ a, wɔn a na wɔwɔ saa asɔre ahorow no mu no behu sɛ nyamesom akannifo no adi wɔn huammɔ, na ebia wɔbɛka sɛ wɔne saa ɔsom a na wɔwom no nni hwee yɛ.

5. Dɛn na Yehowa aka afa ahohiahia kɛse no ho, na adɛn ntia?

5 Bible nka bere tenten a wɔde bɛsɛe Babilon Kɛse no, nanso nea yenim ne sɛ, ɛrenkyɛ koraa. (Adi. 18:10, 21) Yehowa aka sɛ ahohiahia no mu no, “obetwa nna no so” na ama “wɔn a wapaw wɔn” no anya nkwa, na amma nokware som nso ansɛe. (Mar. 13:19, 20) Nanso, sɛ ahohiahia kɛse no fi ase a, dɛn na Yehowa hwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ ansa na Harmagedon ko no aba?

KƆ SO SOM YEHOWA NOKWARE MU

6. Sɛ yɛtwe yɛn ho fi atoro som ho a, dɛn bio na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

6 Sɛnea yɛaka ho asɛm wɔ adesua a edi wei anim mu no, Yehowa pɛ sɛ n’asomfo twe wɔn ho fi Babilon Kɛse no ho. Nanso, sɛ yɛtwe yɛn ho fi atoro som ho a, na yenwiei. Ɛsɛ sɛ yesi yɛn adwene pi sɛ yɛbɛsom Yehowa nokware mu. Yɛnhwɛ akwan mmienu a yebetumi afa so ayɛ saa.

Yɛrefa sɔhwɛ a emu yɛ den mu mpo a, mommma yɛnnkwati sɛ yɛne yɛn ho behyiam (Hwɛ nkyekyɛm 7) *

7. (a) Yehowa akwankyerɛ pa a ɛfa abrabɔ ho no, dɛn na yebetumi ayɛ na ama yɛadi so pɛpɛɛpɛ? (b) Adɛn nti na Hebrifo 10:24, 25 ka sɛ ɛsɛ sɛ yehyiam, na adɛn nti na ɛho hia paa sɛ yɛyɛ saa nnɛ?

7 Nea edi kan, ɛsɛ sɛ yedi Yehowa akwankyerɛ pa a ɛfa abrabɔ ho no so pɛpɛɛpɛ. Ɛnsɛ sɛ yɛsosɔ wiase no subammɔne ne wɔn abrabɔ bɔne so koraa. Ɛho nhwɛso ni. Yɛnsosɔ ɔbrasɛe biara so. Ebi ne mmarima a wɔne mmarima da anaa mmarima a wɔware mmarima; afei mmea a wɔne mmea da anaa mmea a wɔware mmea, ne sɛnea nkurɔfo a wɔte saa bɔ wɔn bra. (Mat. 19:4, 5; Rom. 1:26, 27) Nea ɛto so mmienu, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ne yɛn nuanom Kristofo som wɔ baabiara a ɛbɛyɛ yiye biara. Sɛ́ ɛyɛ Ahenni Asa so, anuanom afie, anaa mpo baabi a nkurɔfo adwene remma yɛn so. Nea ebesi biara no, ɛnsɛ sɛ yɛtoto asafo nhyiam ase koraa. Nokwasɛm ne sɛ, ehia sɛ yehyiam, ‘titiriw bere a yehu sɛ ɛda no rebɛn no.’—Kenkan Hebrifo 10:24, 25.

8. Asɛm a yɛka no, sɛn na ebia ɛbɛsesa daakye?

8 Ahohiahia kɛse no mu no, ebia asɛm a yɛka no bɛsesa. Ɛnnɛ, yɛreka ahenni no ho asɛmpa, na yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛboa nkurɔfo ama wɔabɛyɛ asuafo. Nanso, saa bere no, ebia asɛm a yɛbɛka no ano bɛyɛ den te sɛ amparuwbo anaa asukɔtweaa. (Adi. 16:21) Ebia yɛbɛka ɔsɛe a ɛreba Satan wiase so no ho asɛm. Bere rekɔ so no, yebehu asɛm pɔtee a yɛbɛka ne sɛnea yɛbɛka no. Akwan a yɛafa so aka asɛmpa no bɛboro mfe ɔha ni no, saa akwan no ara na yɛbɛfa so anaa? Anaa yɛbɛfa akwan foforo bi so? Edu hɔ a, yebehu. Sɛnea ɛte biara no, anhwɛ a yebenya hokwan de akokoduru aka Yehowa atemmusɛm!—Hes. 2:3-5.

9. Dɛn na wiase atumfoɔ no bɛyɛ wɔ asɛm a yɛbɛka no ho, nanso awerɛhyem bɛn na yebetumi anya?

9 Yebetumi aka paa sɛ, asɛm a yɛbɛka no bɛhyɛ wiase atumfoɔ no abufuw ama wɔayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛma yɛagyae asɛm no ka koraa. Ɛnnɛ, yɛreyɛ asɛnka adwuma no a yɛde yɛn ho to Yehowa so; saa ara na saa bere no nso, ebehia sɛ yɛde yɛn ho to no so. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ yɛn Nyankopɔn bɛma yɛn tumi ama yɛde ayɛ n’apɛde.—Mika 3:8.

WƆBƐTOW AHYƐ ONYANKOPƆN NKURƆFO SO NTI SIESIE WO HO

10. Sɛnea Luka 21:25-28 aka no, nneɛma a ebesisi wɔ ahohiahia kɛse no mu no, sɛn na nnipa dodow no ara bɛyɛ wɔn ade wɔ ho?

10 Kenkan Luka 21:25-28. Ahohiahia kɛse no mu no, sɛ nkurɔfo hu sɛ biribiara a kan no na wosusuw sɛ ɛrentumi nsɛe da no fi ase dwiriw gu a, wɔn ho bedwiriw wɔn paa. Wɔn ho ‘bɛyeraw’ wɔn, na wɔn adwene bɛyɛ wɔn sɛ ebia wɔbɛhwere wɔn nkwa; ɛbɛyɛ bere bɔne a ɛsen biara wɔ nnipa abakɔsɛm mu. (Sef. 1:14, 15) Saa bere no, nneɛma mu betumi ayɛ den paa ama Yehowa asomfo mpo. Esiane sɛ yɛnyɛ wiase no fã nti, ebia yɛn ho bɛkyere yɛn. Ebia asetenam nneɛma bi a yehia bɛbɔ yɛn.

11. (a) Adɛn nti na nkurɔfo ne wiase atumfoɔ betu wɔn ani asi Yehowa adansefo so? (b) Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yesuro ahohiahia kɛse no?

11 Edu baabi a, wɔn a wɔsɛee wɔn som no, ɛbɛyɛ wɔn yaw sɛ Yehowa Adansefo de wogu so resom Onyankopɔn. Sɛnea ɛte biara, wɔbɛma nkurɔfo ahu sɛ wɔn bo afuw paa, na ebia wɔbɛka ho asɛm wɔ Intanɛt so mpo. Wiase atumfoɔ no ne wɔn sodifo Satan betu wɔn ani asi yɛn so, efisɛ wobehu sɛ yɛn som nko ara na wɔnsɛee no. Wobehu sɛ botae a wɔde sii wɔn ani so sɛ wobegu ɔsom nyinaa no, wontumi nyɛe. Enti wobetu wɔn ani asi yɛn so. Saa bere yi na wiase atumfoɔ no bɛyɛ wɔn ho Gog a ofi Magog no. * Wɔbɛka wɔn ho abom, na wɔde wɔn ahoɔden nyinaa atow ahyɛ Yehowa asomfo so. (Hes. 38:2, 14-16) Esiane sɛ yennim nneɛma pɔtee a ebesisi wɔ ahohiahia kɛse no mu nti, ebia yebefi ase adwinnwen nea ebesisi no ho de ahaw yɛn ho. Nanso, ade baako ne sɛ: Ɛnsɛ sɛ yesuro ahohiahia kɛse no. Yehowa bɛma yɛn akwankyerɛ a ɛbɛboa yɛn ama yɛanya nkwa. (Dw. 34:19) Yebetumi ‘asɔre agyina na yɛama yɛn ti so’ efisɛ yebehu sɛ yɛn “gye rebɛn.” *

12. Dɛn na “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ayɛ de reboa yɛn ama yɛasiesie yɛn ho ama nea ɛbɛba daakye?

12 “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no reboa yɛn ama yɛasiesie yɛn ho sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkɔ so adi nokware wɔ ahohiahia kɛse no mu. (Mat. 24:45) Wayɛ saa wɔ akwan pii so ama yɛn, nanso yɛnhwɛ emu baako. Ɛno ne ɔmantam nhyiam ahorow a wɔyɛ maa yɛn wɔ bere a ɛfata mu fi afe 2016 kosi afe 2018 no. Su ahorow a ehia sɛ yenya bere a Yehowa da no rebɛn no, ɔkasa ahorow a wɔmae wɔ saa nhyiam no ase no hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnhyɛ mu den. Momma yensusuw saa su ahorow no ho kakra.

YERE WO HO DI NOKWARE NA NYA BOASETƆ NE AKOKODURU

Siesie wo ho nnɛ na ama woanya nkwa wɔ “ahohiahia kɛse no mu” (Hwɛ nkyekyɛm 13-16) *

13. Yɛbɛyɛ dɛn akɔ so adi Yehowa nokware, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa nnɛ?

13 Nokwaredi: Afe 2016 ɔmantam nhyiam asɛmti ne “Di Yehowa Nokware Daa!” Saa nhyiam no boaa yɛn ma yehui sɛ, sɛ yɛne Yehowa wɔ abusuabɔ a emu yɛ den a, yebedi no nokware. Wɔkaee yɛn sɛ, sɛ yefi yɛn komam bɔ mpae na yɛyere yɛn ho sua Onyankopɔn Asɛm a, yebetumi abɛn Yehowa. Yɛyɛ saa a, ɛbɛhyɛ yɛn den na sɔhwɛ a emu yɛ den paa mpo, yebetumi adi so. Bere a Satan wiase yi rekɔ awiei no, yebetumi ahwɛ kwan sɛ yebehyia nokware a yebedi ama Onyankopɔn ne n’Ahenni no ho sɔhwɛ a emu yɛ den. Ebetumi aba sɛ nkurɔfo bɛkɔ so de wɔn ani asi yɛn so adi yɛn ho fɛw. (2 Pet. 3:3, 4) Ade baako a ɛbɛma wɔayɛ yɛn saa ne sɛ, yenni Satan wiase no fã biara. Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho di nokware na ama yɛakɔ so adi nokware wɔ ahohiahia kɛse no mu.

14. (a) Anuanom mmarima a wodi nneɛma anim wɔ asase so no, nsakrae bɛn na ɛbɛba mu? (b) Adɛn nti na ebehia sɛ yedi nokware saa bere no?

14 Ahohiahia kɛse no mu no, anuanom mmarima a wodi nneɛma anim no, nsakrae bɛba mu. Edu baabi a, wɔbɛfa Kristofo a wɔasra wɔn no nyinaa afi asase so akɔ soro ama wɔakɔ Harmagedon ko no bi. (Mat. 24:31; Adi. 2:26, 27) Wei kyerɛ sɛ yɛrennya Akwankyerɛ Kuw no wɔ asase so bio. Nanso nnipakuw kɛse no bɛkɔ so ayɛ biribiara pɛpɛɛpɛ. Anuanom mmarima a wɔfata a wɔyɛ nguan foforo no mufo bedi nneɛma anim. Ebehia sɛ yetie saa anuanom yi na yɛde akwankyerɛ a Onyankopɔn nam wɔn so de bɛma yɛn no yɛ adwuma; yɛyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ yedi Yehowa nokware. Sɛ yɛpɛ sɛ yenya nkwa a, ebehia sɛ yetie wɔn akwankyerɛ!

15. Yɛbɛyɛ dɛn ayere yɛn ho anya boasetɔ, na adɛn nti na ɛho hia sɛ yɛyɛ saa nnɛ?

15 Boasetɔ: Afe 2017 ɔmantam nhyiam no, na asɛmti a ɛda so ne “Mpa Abaw!” Saa nhyiam no boaa yɛn ma yehuu sɛnea yɛbɛyere yɛn ho atumi agyina sɔhwɛ ano. Yehui sɛ ɛnyɛ sɛ nneɛma kɔ yiye a ɛnna yebenya boasetɔ. Mmom, sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so a, ɛnna yebetumi agyina sɔhwɛ ano. (Rom. 12:12) Mommma yɛn werɛ mmfi da sɛ Yesu hyɛɛ bɔ sɛ: “Nea obegyina mu akosi awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.” (Mat. 24:13) Saa asɛm yi kyerɛ sɛ, sɛ yɛrehyia nsɛnnennen mpo a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so di nokware. Sɔhwɛ biara a yehyia nnɛ no, sɛ yetumi gyina ano a, yɛn gyidi bɛyɛ den ansa na ahohiahia kɛse no afi ase.

16. Dɛn na ɛma yenya akokoduru, na dɛn na yɛbɛyɛ na yɛanya akokoduru kɛse nnɛ?

16 Akokoduru: Afe 2018 ɔmantam nhyiam no, na n’asɛmti ne “Nya Akokoduru!” Saa nhyiam no kaee yɛn sɛ ɛnyɛ yɛn mmɔdenbɔ na ɛma yenya akokoduru. Sɛnea yɛde yɛn ho to Yehowa so a ɛma yenya boasetɔ no, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so na ama yɛanya akokoduru. Dɛn na yɛbɛyɛ na ama yɛde yɛn ho ato Yehowa so kɛse? Sɛ yɛkenkan Yehowa Asɛm da biara da na yedwinnwen sɛnea ogyee ne nkurɔfo tete no ho a, yebetumi de yɛn ho ato no so. (Dw. 68:20; 2 Pet. 2:9) Sɛ wiase atumfoɔ no tow hyɛ yɛn so wɔ ahohiahia kɛse no mu a, ebehia sɛ yenya akokoduru na yɛde yɛn ho to Yehowa so kɛse sen bere biara. (Dw. 112:7, 8; Heb. 13:6) Ɛnnɛ, sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so a, yebenya akokoduru bere a Gog atow ahyɛ yɛn so no. *

HWƐ WO NKWAGYE KWAN

Yesu ne n’asafodɔm a wɔwɔ soro bɛsɛe Onyankopɔn atamfo wɔ Harmagedon ko no mu nnansa yi ara! (Hwɛ nkyekyɛm 17)

17. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yesuro Harmagedon? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

17 Sɛnea yɛaka wɔ adesua a edi wei anim no, yɛn mu dodow no ara atena nna a edi akyiri no mu yɛn nkwa nna nyinaa. Yɛhwɛ kwan nso sɛ yebetwa ahohiahia kɛse no. Harmagedon ko no na ɛde wiase nhyehyɛe yi bɛba awiei korakora. Nanso, ɛnsɛ sɛ yesuro biribiara. Adɛn ntia? Efisɛ ɔko no yɛ Onyankopɔn ko. (Mmeb. 1:33; Hes. 38:18-20; Sak. 14:3) Sɛ Yehowa ka sɛ bere no aso a, Yesu Kristo bedi Onyankopɔn asafodɔm anim akɔ ɔko no. Kristofo a wɔasra wɔn a wɔanya owusɔre ne abɔfo mpempem bɛka Yesu ho akɔ ɔko no. Wɔbɛka abom ako atia Satan, n’adaemone no, ne wɔn nkurɔfo a wɔwɔ asase so.—Dan. 12:1; Adi. 6:2; 17:14.

18. (a) Dɛn na Yehowa aka sɛ ɔkwan biara so ɔbɛyɛ? (b) Adɛn nti na Adiyisɛm 7:9, 13-17 ma wunya ahotoso sɛ nea worehwɛ kwan no bɛbam daakye?

18 Yehowa ahyɛ bɔ sɛ: “Akode biara a wɔbɛyɛ de aba wo so no renyɛ yiye.” (Yes. 54:17) “Ahohiahia kɛse no” mu no, “nnipakuw kɛse bi” a wɔsom Yehowa nokwarem benya nkwa! Ɛno akyi no, wɔbɛkɔ so de ɔsom kronn ama Yehowa. (Kenkan Adiyisɛm 7:9, 13-17.) Wo de, hwɛ sɛnea Bible ma yenya ahotoso sɛ wobegye yɛn nkwa daakye! Yenim sɛ “Yehowa bɔ anokwafo nyinaa ho ban.” (Dw. 31:23) Wɔn a wɔdɔ Yehowa na woyi no ayɛ nyinaa ani begye sɛ Yehowa atew ne din kronkron no ho.—Hes. 38:23.

19. Daakye papa bɛn na yebenya nnansa yi ara?

19 Nnipa a wɔbɛtena wiase foforo no mu no, Satan nni hɔ a ɔbɛdaadaa wɔn. Sɛ wɔn ho asɛm na 2 Timoteo 3:2-5 reka a, anka hwɛ sɛnea ɛbɛka no. (Hwɛ adaka a wɔato din “ Suban a Nkurɔfo Bɛda No Adi Saa Bere No.”) Ná Onua George Gangas, * yɛ Akwankyerɛ Kuw no muni. Ɔkaa wiase foforo no ho asɛm sɛ: “Sɛ obiara a ɔwɔ wiase yɛ onua anaa onuawa a, wo de hwɛ sɛnea anka asetena bɛyɛ! Ɛrenkyɛ, wubenya hokwan atena wiase foforo no mu. Bere tenten a Yehowa te ase no, wo nso wobɛtena ase. Yɛbɛtena ase daa.” Anidaso papa bɛn ara ni!

DWOM 122 Muntintim, Munnhinhim!

^ nky. 5 Yenim sɛ ɛrenkyɛ “ahohiahia kɛse” bi bɛba nnipa nyinaa so. Dɛn na ɛbɛto yɛn saa bere no? Dɛn na Yehowa hwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ saa bere no? Suban bɛn na ehia sɛ yɛhyɛ mu den nnɛ na ama yɛatumi akɔ so adi nokware? Yebehu wɔ adesua yi mu.

^ nky. 3 ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Kristoman yɛ ɔsom ahorow a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo, nanso ɛnyɛ Yehowa akwankyerɛ na wɔde kyerɛkyerɛ nkurɔfo.

^ nky. 11 ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Gog a ofi Magog (a wotwa no tiaa sɛ Gog) gyina hɔ ma aman ahorow bi a wɔbɛka wɔn ho abom ako atia nokware som wɔ ahohiahia kɛse no mu.

^ nky. 11 Sɛ wopɛ nsɛm a ebesisi ansa na Harmagedon ko no aba ho nkyerɛkyerɛmu pii a, hwɛ Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi! nhoma no ti 21. Sɛ wopɛ Gog a ofi Magog ne sɛnea Yehowa bɛbɔ n’asomfo ho ban wɔ Harmagedon ho nsɛm pii a, hwɛ Ɔwɛn-Aban a ɛbaa July 15, 2015, kratafa 9-15.

^ nky. 16 Afe 2019 ɔmantam nhyiam asɛmti ne “Ɔdɔ To Ntwa Da”! Ɛma yehu paa sɛ Yehowa beyi ne yam abɔ yɛn ho ban daa ama yɛn ho adwo yɛn.—1 Kor. 13:8.

^ nky. 19 Hwɛ asɛm a wɔato din ‘Ne Nnwuma Di N’akyi’ a ɛbaa December 1, 1994, Ɔwɛn-Aban mu no.

^ nky. 65 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Adansefo kakra bi anya akokoduru ahyiam wɔ kwae bi mu reyɛ asafo nhyiam wɔ ahohiahia kɛse no mu.

^ nky. 67 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Nnipakuw kɛse bi a wɔsom Yehowa nokwarem benya nkwa ama wɔn ani agye!