Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn de “ahum” bi reba, enti ɛsɛ sɛ yɛbɔ nkurɔfo kɔkɔ!

Onyankopɔn Atemmu—Ɔbɔ Kɔkɔ Sɛnea Ɛsɛ Bere Nyinaa Anaa?

Onyankopɔn Atemmu—Ɔbɔ Kɔkɔ Sɛnea Ɛsɛ Bere Nyinaa Anaa?

OBI a ɔkyerɛ sɛnea ewim bɛyɛ rehwɛ mfoni bi a ɛbɛma wahu sɛ osu bɛtɔ, owia bɛbɔ, anaa ahum betu. Wahu sɛ ahum kɛse bi rebobɔ ba beae bi a nnipa pii te. Esiane sɛ nnipa a wɔte hɔ no ahobammɔ ho hia no nti, ɔreyɛ nea obetumi biara abɔ wɔn kɔkɔ ansa na aka akyi dodo.

Saa ara na seesei Yehowa nso rebɔ nnipa a wɔte asase so nyinaa kɔkɔ wɔ “ahum” kɛse bi a ɛrebetu ho. Wei de, ɛyɛ hu koraa kyɛn ahum biara a ebia nkurɔfo bɛte sɛ wɔrebɔ ho amanneɛ. Sɛn na Yehowa rebɔ nkurɔfo kɔkɔ? Adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ wama nkurɔfo bere a ɛsɛ a wɔde bɛyɛ ho biribi? Nea ɛbɛma yɛanya nsɛmmisa yi ho mmuae no, momma yenni kan nhwɛ sɛnea Yehowa bɔɔ nkurɔfo kɔkɔ tete no.

ONYANKOPƆN DII KAN BƆƆ WƆN KƆKƆ

Bere a na wɔrekyerɛw Bible no, Yehowa bɔɔ kɔkɔ sɛ ɔde “ahum,” anaa atemmu bɛba wɔn a wɔhyɛ da bu ne mmara so no so. (Mmeb. 10:25; Yer. 30:23) Emu biara no, odii kan bɔɔ wɔn a wobuu ne mmara so no kɔkɔ bere tenten ansa na ɔde atemmu no reba, na ɔkaa nsakrae a ɔpɛ sɛ wɔyɛ kyerɛɛ wɔn. (2 Ahe. 17:12-15; Neh. 9:29, 30) Nea ɛbɛyɛ na Yehowa aboa nkurɔfo ama wɔayɛ nsakrae a ɛfata no, na ɔtaa ma n’asomfo anokwafo a wɔwɔ asase so bɔ wɔn kɔkɔ sɛ ɔde atemmu reba, enti ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho biribi ntɛm.—Amos 3:7.

Noa yɛ saa asomfo anokwafo no mu baako. Ná nkurɔfo a wɔwɔ ne bere so no bra asɛe, na na wɔyɛ amumɔyɛfo. Enti, Noa de akokoduru bɔɔ wɔn kɔkɔ mfe pii sɛ Onyankopɔn rebɛma nsu ayiri afa asase so baabiara. (Gen. 6:9-13, 17) Noa san kaa nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ na ama wɔanya wɔn ti adidi mu. Ɔkaa asɛm no ara ma akyiri yi wɔfrɛɛ no “trenee sɛnkafo.”—2 Pet. 2:5.

Mmɔden a Noa bɔe nyinaa akyi no, nnipa a wɔtenaa ase ansa na Nsuyiri no reba no antie Onyankopɔn asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn no. Wɔkyerɛe sɛ wonni Onyankopɔn mu gyidi biara. Ɛno nti, bere a Nsuyiri no bae no, ‘ɛpraa wɔn nyinaa kɔe’ ma wowuwui. (Mat. 24:39; Heb. 11:7) Bere a wɔn atemmu no rebɛn no, na wɔrentumi nnya biribiara nnyina so nka sɛ Onyankopɔn ammɔ wɔn kɔkɔ.

Ɛtɔ da nso a, na Yehowa bɔ nkurɔfo kɔkɔ bere a aka bere tiaa bi ama ɔde “ahum” anaa n’atemmu aba wɔn so no. Nanso, na ɔhwɛ sɛ wɔn a atemmu no bɛba wɔn so no benya bere a ɛsɛ a wɔde bɛyɛ nsakrae. Ɛho nhwɛso ne bere a Onyankopɔn de Ɔhaw Du baa Egypt so tete no; odii kan bɔɔ wɔn kɔkɔ. Yɛnhwɛ ɔhaw a ɛto so nson no; Yehowa maa amparuwbo anaa asukɔtweaa tɔe ma ɛsɛe ade paa. Ansa na Yehowa de reba no, ɔsomaa Mose ne Aaron sɛ wɔnkɔbɔ Farao ne ne nkoa kɔkɔ. Ná ɛda a edi hɔ no na amparuwbo no bɛtɔ. Wohwɛ a, Onyankopɔn maa wɔn bere a ɛsɛ a wɔde bɛpɛ baabi akohintaw ansa na ahum no aba anaa? Bible ka sɛ: “Farao nkoa a wosuro Yehowa asɛm no maa wɔn ankasa nkoa ne wɔn mmoa guan baa fie, nanso wɔn a wɔamfa Yehowa asɛm anyɛ asɛm no gyaw wɔn nkoa ne wɔn mmoa wɔ wuram.” (Ex. 9:18-21) Wei ma yehu sɛ, Yehowa bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛnea ɛsɛ, enti wɔn a wɔyɛɛ asɛm no ho biribi ntɛm no anhu amanne sɛ wɔn a wɔaka no.

Ɔhaw a ɛto so du no nso, aka bere tiaa bi ama Onyankopɔn de aba no, odii kan bɔɔ Farao ne ne nkoa kɔkɔ. Nanso, wɔantie kɔkɔbɔ no. (Ex. 4:22, 23) Ɛno nti, wɔn mmakan wuwui. Ná ɛyɛ awerɛhosɛm paa! (Ex. 11:4-10; 12:29) Ná anka wobetumi atie kɔkɔbɔ no ansa na aka akyi dodo anaa? Yiw! Mose bɔɔ Israelfo no kɔkɔ ntɛm sɛ ɔhaw a ɛto so du reba, na ɔkyerɛɛ wɔn nea wɔyɛ a wobegye wɔn mmusua nkwa. (Ex. 12:21-28) Nnipa dodow sɛn na wodii akwankyerɛ a Mose de mae no so? Akontaabu bi kyerɛ sɛ, nnipa ɔpepem mmiɛnsa a wɔyɛ Israelfo ne “firamanfiramanfo bebree” a wɔnyɛ Israelfo ne Egyptfo de, Onyankopɔn atemmu no amma wɔn so na wofii Egypt.—Ex. 12:38.

Sɛnea nhwɛso ahorow yi ma yehu no, bere biara a Yehowa de atemmu baa nkurɔfo so no, ɔhwɛe sɛ wama wɔn bere a ɛsɛ a wɔde bɛyɛ nsakrae. (Deut. 32:4) Adwene bɛn nti na Onyankopɔn yɛɛ saa? Ɔsomafo Petro kyerɛɛ mu sɛ Yehowa ‘mpɛ sɛ obiara bɛsɛe, na mmom ɔpɛ sɛ obiara nya adwensakra.’ (2 Pet. 3:9) Yehu sɛ na Onyankopɔn dwen wɔn a na ɔde atemmu reba wɔn so no ho. Ná ɔpɛ sɛ wonu wɔn ho na wɔyɛ nsakrae biara a ehia ansa na ɔde n’atemmu aba.—Yes. 48:17, 18; Rom. 2:4.

NEA ƐSƐ SƐ NKURƆFO YƐ WƆ ONYANKOPƆN KƆKƆBƆ HO NNƐ

Ɛnnɛ nso, ɛsɛ sɛ nnipa nyinaa tie kɔkɔbɔ titiriw bi a wɔrebɔ ho dawuru wɔ asase so baabiara. Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ daakye wɔbɛsɛe wiase yi wɔ “ahohiahia kɛse” bi mu. (Mat. 24:21) Yesu hyɛɛ nkɔm bi faa saa atemmu a ɛreba no ho. Ɔkyerɛɛ nea n’akyidifo betumi ahwɛ kwan ne nea wɔbɛfa mu bere a saa atemmu no rebɛn no. Enti Yesu kaa nneɛma titiriw a ebesisi wɔ wiase baabiara, na yehu sɛ nnɛ abam.—Mat. 24:3-12; Luka 21:10-13.

Saa nkɔmhyɛ no nti, seesei Yehowa reka akyerɛ nnipa nyinaa sɛ wɔnsom no na wontie no. Ɔpɛ sɛ nnipa a wotie n’asɛm nya asetena pa nnɛ, na daakye nso wonya nhyira wɔ wiase foforo a trenee te mu a ɔde reba no mu. (2 Pet. 3:13) Yehowa pɛ sɛ ɔboa nkurɔfo ma wogye di sɛ ne bɔhyɛ ahorow bɛbam. Ɔnam “ahenni ho asɛmpa” a ebegye wɔn nkwa no so reboa wɔn ama wɔayɛ saa. Ahenni ho asɛmpa yi na Yesu hyɛɛ ho nkɔm sɛ wɔbɛka wɔ “asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse” no. (Mat. 24:14) Onyankopɔn ahyehyɛ wɔn a wɔsom no nokwarem sɛ wonni “adanse,” anaa wɔnka n’asɛm no, na seesei wɔreyɛ saa wɔ nsase bɛyɛ 240 so. Yehowa pɛ sɛ nnipa pii tie kɔkɔbɔ no, na n’atemmu a ɛteɛ a ɛreba te sɛ “ahum” no ansɛe wɔn.—Sef. 1:14, 15; 2:2, 3.

Adanse a ɛwɔ hɔ ma yehu sɛ bere biara a Yehowa de atemmu bɛba no, odi kan bɔ kɔkɔ. Enti, ɛho nhia sɛ yebisa sɛ, sɛ Yehowa bɔ kɔkɔ a, ɔma nkurɔfo nya bere a ɛsɛ a wɔde bɛyɛ nsakrae. Mmom, asɛm a ɛho hia sɛ yebisa ne sɛ: Ɛbere da so wɔ hɔ yi, nkurɔfo betie kɔkɔ a Onyankopɔn rebɔ no anaa? Momma yɛn a Onyankopɔn asoma yɛn no nkɔ so mmoa nnipa pii sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya wɔn ti adidi mu bere a wiase yi akɔ awiei no.