Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 43

Som Yehowa Nko Ara

Som Yehowa Nko Ara

“Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ ɔne obi bɛkyɛ ne som.”—NAH. 1:2.

DWOM 51 Yɛahyira Yɛn Ho So Ama Onyankopɔn!

NEA YƐREBESUA *

1. Adɛn nti na Yehowa nko ara na ɛfata sɛ yɛsom no?

YEHOWA nko ara na ɛfata sɛ yɛsom no, efisɛ ɔno ne yɛn Bɔfo ne yɛn Nkwamafo. (Adi. 4:11) Nanso, biribi wɔ hɔ a ebetumi ama ayɛ den sɛ yɛbɛyɛ saa. Ɛwom sɛ yɛdɔ Yehowa na yebu no de, nanso anhwɛ a yɛbɛma nneɛma foforo ho ahia yɛn asen sɛ yɛbɛsom Yehowa nko ara sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ no. Ɛsɛ sɛ yehu nea ebetumi ama aba saa. Nanso, momma yenni kan nhwɛ nea obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa nko ara na ɔsom no.

2. Sɛnea Exodus 34:14 kyerɛ no, sɛ yɛsom Yehowa nko ara a, dɛn na yɛbɛyɛ?

2 Sɛ Bible ka sɛ yɛsom Yehowa nko ara a, ɛkyerɛ sɛ, yɛdɔ no paa. Sɛ saa a, ɛnde, yɛremfa yɛn koma nkodi obi anaa biribi foforo biara akyi ka Yehowa ho.—Kenkan Exodus 34:14.

3. Yɛwɔ nea enti paa a yɛresom Yehowa. Adɛn nti na yɛreka saa?

3 Yɛwɔ nea enti paa a yɛresom Yehowa. Adɛn nti na yɛreka saa? Nokwasɛm a yɛasua afa Yehowa ho nti na yɛsom no. Yɛn ani abegye ne suban a ɛyɛ fɛ no ho. Yenim nea Yehowa pɛ ne nea okyi, na yɛne no yɛ adwene. Yenim nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ ma adesamma, na yɛde n’akwankyerɛ bɔ yɛn bra. Yehowa ama yɛanya hokwan ne no afa adamfo, na wei ma yehu sɛ wadi yɛn ni. (Dw. 25:14) Biribiara a yesua fa yɛn Bɔfo no ho no ma yɛbɛn no paa.—Yak. 4:8.

4. (a) Dɛn na Ɔbonsam nam so ma ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no ano brɛ ase? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

4 Ɔbonsam na odi wiase yi so, na ɔnam wiase no so ma nneɛma a nnipa pɛ ho behia yɛn paa wɔ yɛn asetenam na ɔma ɛyɛ den sɛ yɛbɛko atia akɔnnɔ bɔne. (Efe. 2:1-3; 1 Yoh. 5:19) Satan botae ne sɛ ɔbɛma yɛde yɛn koma akodi nneɛma foforo akyi sɛnea ɛbɛyɛ a ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no ano bɛbrɛ ase. Momma yɛnhwɛ akwan mmienu a Ɔbonsam betumi afa so ayɛ saa. Nea edi kan, ɔyɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛma yɛn ani abere sika. Nea ɛto so mmienu, ɔfa kwan biara so sɛ ɔbɛma yɛapaw anigyede a ɛmfata.

HWƐ YIYE NA W’ANI AMMERE SIKA

5. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛn ani ammere sika?

5 Yɛn nyinaa pɛ sɛ yenya aduan a ɛbɛso yɛn di, yenya ntade a ɛfata hyɛ, ne baabi pa a yɛbɛtena. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛn ani ammere sika. Nnipa a wɔwɔ Satan wiase no mu pii yɛ “sikanibere” na wɔn ani bere ahonyade. (2 Tim. 3:2) Ná Yesu nim sɛ nneɛma betumi atwetwe n’akyidifo ama wɔn ani abere sika. Yesu kaa sɛ: “Obiara ntumi nsom awuranom baanu; efisɛ sɛ wantan obiako na wannɔ ɔfoforo no a, ɔbɛbata obiako ho na wabu ɔfoforo no animtiaa. Muntumi nsom Onyankopɔn ne Ahonyade.” (Mat. 6:24) Sɛ obi som Yehowa na bere koro no ara ɔsɛe bere ne ahoɔden pii pɛ sɛ onya ne ho wɔ wiase yi mu a, ɔkwan bi so no, na ɔresom awuranom mmienu. Ɔyɛ saa a, ɛnde na ɛnyɛ Yehowa nko ara na ɔresom no.

Sɛnea na Laodikeafo no bu wɔn ho . . . ne sɛnea na Yehowa ne Yesu hu wɔn (Hwɛ nkyekyɛm 6)

6. Asɛm a Yesu ka kyerɛɛ Laodikea asafo no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

6 Ansa na afe 100 Y.B. no, Laodikea asafo no mufo hoahoaa wɔn ho sɛ: “Meyɛ ɔdefo, manya me ho, na hwee nhia me.” Nanso Yehowa ne Yesu ani so de, na wɔn ‘asɛm yɛ mmɔbɔ san yɛ awerɛhow, na na wɔyɛ ahiafo ne anifuraefo a wɔda adagyaw.’ Esiane sɛ na wɔn ani bere sika nti, na ɛresɛe wɔne Yehowa ntam. Ɛno nti na Yesu tuu wɔn fo no, na ɛnyɛ sɛ na wɔwɔ sika ntia. (Adi. 3:14-17) Sɛ yehu sɛ yɛreyɛ akodi sika akyi a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsakrae ntɛm ara. (1 Tim. 6:7, 8) Sɛ yɛanyɛ saa a, yɛn koma bɛkɔ akodi nneɛma foforo akyi na Yehowa rennye yɛn som ntom. Yehowa yɛ Onyankopɔn “a ɔne obiara nkyɛ ne som,” anaa ɔpɛ sɛ yɛsom ɔno nko ara. (Deut. 4:24) Dɛn na ebetumi ama yɛde sika adi kan wɔ yɛn asetena mu?

7-9. Dɛn na wusua fi asafo mu panyin bi a ne din de David asɛm no mu?

7 Yɛnhwɛ David. Ɔyɛ asafo mu panyin a ɔbɔ ne ho mmɔden a ɔte United States. Ɔka sɛ na ɔyere ne ho yɛ adwuma ankasa. Adwumakuw a na ɔne wɔn yɛ adwuma no bɔɔ n’aba so, na mpo na wobu no wɔ ɔman no mu sɛ obi a onim adwuma paa. David kaa sɛ: “Saa bere no, na ɛyɛ me sɛ saa abasobɔde yi nyinaa kyerɛ sɛ Yehowa ahyira me.” Nanso, na ɛte saa ampa?

8 Nkakrankakra David hui sɛ adwuma a ɔyɛ no resɛe ɔne Yehowa ntam. Ɔkaa sɛ: “Sɛ mewɔ asafo nhyiam ase anaa asɛnka mu mpo a, wobɛhwɛ na meredwinnwen ɔhaw bi a ɛwɔ adwumam ho. Ná minya sika paa, nanso na ɔbrɛ nko ara, na na m’aware nso regyigya.”

9 David hui sɛ ɛsɛ sɛ ɔde nneɛma a ɛho hia paa di kan wɔ n’asetenam. Ɔkaa sɛ: “Misii me bo sɛ mɛyɛ tebea no ho biribi. Ná David pɛ sɛ ɔsesa sɛnea ɔyɛ n’adwuma, enti ɔkaa nea na ɔpɛ sɛ ɔyɛ no kyerɛɛ n’adwumawura. Ekosii sɛn? David adwuma fii ne nsa! Dɛn na ɔyɛe? Ɔkaa sɛ: “Ɛda a edi hɔ no ara na mehyehyɛɛ akwammisa krataa sɛ bosome biara mɛyɛ akwampaefo boafo. Nea ɛbɛyɛ a David ne ne yere benya sika atwitwa wɔn ho no, wofii ase gyee adan akɛse siesiee mu. Bere bi akyi no, David fii ase yɛɛ akwampae adwuma, na akyiri yi ne yere nso bɛkaa ne ho ma wɔyɛɛ akwampae adwuma. Awarefo yi sii gyinae sɛ wɔbɛyɛ adwuma a nkurɔfo mmu, nanso na ɛnyɛ adwuma ko a wɔyɛ ne ade a ɛho hia wɔn paa wɔ wɔn asetena mu. Bere bi a atwam no, sika a na wonya bosome biara no, sɛ wokyɛ mu du a, emu baako na afei na wonya. Nanso, na wotumi de nea wonya no bɔ wɔn ho bra. Wɔpɛ sɛ wɔde Yehowa som di kan, na wɔahu sɛ, sɛ obi de Ahenni adwuma no di kan wɔ n’asetenam a, Yehowa hwɛ no.—Mat. 6:31-33.

10. Yɛbɛyɛ dɛn abɔ yɛn koma ho ban?

10 Sɛ yɛwɔ sika pii oo, sɛ yenni bi oo, ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn koma ho ban. Yɛbɛyɛ no sɛn? Mma w’ani mmere sika. Afei nso, ɛnsɛ sɛ woma w’adwuma ho hia wo sen Yehowa som. Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ saa afiri yi ayi wo? Nsɛm bi a wubetumi abisa wo ho ni: ‘Mewɔ asafo nhyiam ase anaa asɛnka mu a, metaa dwen m’adwuma ho anaa? Nea midwen ho ara ne sɛ menya sika na daakye me ho ankyere me anaa? Ɛyɛ a sika ne ahonyade ho nsɛm de akasakasa ba me ne me kunu anaa me ne me yere ntam? Sɛ minya adwuma a ɛbɛma manya kwan de bere pii asom Yehowa na nkurɔfo mmu mpo a, m’ani begye ho sɛ mɛyɛ anaa?’ (1 Tim. 6:9-12) Sɛ yɛresusuw saa nsɛmmisa yi ho a, momma yɛnkae sɛ Yehowa dɔ yɛn na ɔhyɛ wɔn a wɔsom no no bɔ sɛ: “Merennyaw wo na merempa wo nso da.” Ɛno nti, ɔsomafo Paul kyerɛwee sɛ: “Mommma sikanibere mmma mo asetena mu.”—Heb. 13:5, 6.

WOREPAW NEA WODE BEGYIGYE W’ANI A, HWƐ YIYE

11. Sɛn na nneɛma a obi de gyigye n’ani betumi aka n’abrabɔ?

11 Yehowa pɛ sɛ yɛn ani gye wɔ asetenam, na nneɛma a yɛde gyigye yɛn ani betumi aboa yɛn ama yɛanya saa anigye no. Nokwasɛm ne sɛ, Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Onipa wɔ hɔ yi, biribi pa bi nni hɔ mma no sɛ obedidi na wanom na wama ne kra ahu adepa, ne brɛ mu.” (Ɔsɛnk. 2:24) Nanso, nneɛma a nkurɔfo de gyigye wɔn ani wɔ wiase no, dodow no ara betumi ahaw yɛn. Saa nneɛma no sɛe nkurɔfo suban, na ɛma wɔsosɔ nneɛma a Onyankopɔn Asɛm kasa tia so anaa ɛma wɔn ani begye ho mpo.

Hena na ɔreyɛ nneɛma a wode gyigye w’ani no? (Hwɛ nkyekyɛm 11-14) *

12. Sɛnea 1 Korintofo 10:21, 22 kyerɛ no, adɛn nti na sɛ yɛrepaw nneɛma a yɛde gyigye yɛn ani a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye?

12 Yɛpɛ sɛ yɛsom Yehowa nko ara, enti yɛrentumi nnidi “Yehowa pon so” na yɛnsan nnidi “adaemone pon so.” (Kenkan 1 Korintofo 10:21, 22.) Sɛ wo ne obi to nsa didi a, mpɛn pii no, ɛkyerɛ sɛ moyɛ nnamfo. Sɛ yɛpaw anigyede a ɛhyɛ basabasayɛ, ahonhonsɛm, aguamammɔ, anaa honam akɔnnɔ ne subammɔne foforo biara ho nkuran a, ɛkyerɛ sɛ, aduan a Onyankopɔn atamfo ayɛ na yɛredi. Yɛyɛ saa a, yepira yɛn ho na yɛsɛe yɛne Yehowa adamfofa nso.

13-14. Sɛnea Yakobo 1:14, 15 kyerɛ no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamfa nneɛma a ebetumi akanyan akɔnnɔ bɔne annyigye yɛn ani? Ma ɛho nhwɛso.

13 Momma yɛnhwɛ nneɛma bi a enti yebetumi aka sɛ nea yɛde gyigye yɛn ani no te sɛ aduan a yedi. Sɛ yɛredidi a, yɛn ara na yɛkyerɛ aduan ko a yɛde bɛhyɛ yɛn anom. Nanso sɛ yenya mene aduan no a, yenni so tumi bio, efisɛ nneɛma bi kɔ so wɔ yɛn nipaduam ma nnuannuru a ɛwɔ aduan no mu wurawura yɛn nipadua mu. Sɛ yedi aduan pa a, ebetumi ama yɛn mpɔw mu ayɛ den, nanso sɛ yedi aduan bɔne a, ɛbɛma yɛayare. Ebia yɛrenhu nsunsuanso no amonom hɔ ara, nanso ɛyɛ dɛn ara a ɛbɛda adi.

14 Saa ara na sɛ yɛpɛ sɛ yenya biribi de gyigye yɛn ani a, yebetumi apaw nea yɛpɛ. Nanso, sɛ yenya de ade ko no gye yɛn ani a, sɛnea ɛbɛyɛ adwuma wɔ yɛn adwene ne yɛn koma mu de, yenni so tumi. Sɛ yɛde nneɛma a ɛfata gye yɛn ani a, ebetumi ama yɛn koma atɔ yɛn yam, nanso sɛ yɛde nneɛma a enye gye yɛn ani a, ebetumi apira yɛn. (Kenkan Yakobo 1:14, 15.) Sɛ yɛde nneɛma a enye gye yɛn ani a, ebia yɛrenhu nsunsuanso biara amonom hɔ ara, nanso bere bi akyi no ɛbɛda adi. Wei nti, Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Mommma wɔnnnaadaa mo: Onyankopɔn nyɛ obi a wosi no atwetwe. Na nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa; efisɛ nea ogu ma ne honam no fi ne honam mu betwa ɔporɔw.” (Gal. 6:7, 8) Enti, anigyede biara a ɛma nkurɔfo ani gye nneɛma a Yehowa kyi ho no, ɛho hia paa sɛ yeyi fi yɛn akwan mu.—Dw. 97:10.

15. Akyɛde bɛn na Yehowa de ama yɛn sɛ yɛmfa nnye yɛn ani?

15 Yehowa nkurɔfo pii ani gye ho sɛ wɔbɛhwɛ JW Broadcasting®. Ɛyɛ TV a wɔhwɛ wɔ Intanɛt so a wɔayɛ ama yɛn; nneɛma pa nko ara na woyi wɔ so. Onuawa bi a ne din de Marilyn kaa sɛ: “JW Broadcasting aboa ama manya anigye wɔ m’asetenam; mitumi hwɛ biribiara a woyi wɔ so efisɛ ne nyinaa ye. Sɛ mete nka sɛ mayɛ ankonam anaa m’abam abu a, mehwehwɛ ɔkasa bi a ɛhyɛ nkuran anaa daa asɛm dwumadi bi tie wɔ so. Ɛno boa me ma mebɛn Yehowa ne n’ahyehyɛde no paa. JW Broadcasting asesa m’abrabɔ koraa.” Akyɛde a Yehowa de ama yɛn yi, wo nso worenya so mfaso anaa? JW Broadcasting dwumadi a ɛba bosome biara no da nkyɛn a, nsɛm a yɛbɔ tie, video ahorow, ne nnwom a ɛhyɛ yɛn gyidi den nso wɔ hɔ a yebetumi atie anaa yɛahwɛ bere biara a yɛpɛ.

16-17. Bere dodow a yɛde gye yɛn ani no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ no yiye, adɛn ntia, na yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa?

16 Ɛnyɛ nea yɛde gyigye yɛn ani nko na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ no yiye, na mmom, bere dodow a yɛde yɛ saa nso, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ no yiye. Sɛ yɛanyɛ saa a, yɛde bere pii begye yɛn ani asen nea yɛde som Yehowa. Ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wɔbɛhwɛ bere dodow a wɔde gye wɔn ani no yiye. Onuawa bi a ne din de Abigail a wadi mfe 18 ka sɛ: “Ɛda a mayɛ adwuma abrɛ paa no, sɛ mehwɛ TV a, ɛboa me ma medwudwo me ho. Nanso sɛ manhwɛ yiye a, m’ani bɛba me ho so no, na matena TV anim nnɔnhwerew pii.” Onua aberante bi a ne din de Samuel ka sɛ: “Ɛtɔ da a mitumi hwɛ video ntiatiaa pii wɔ Intanɛt so. Ɛyɛ a meyɛ m’adwene sɛ mɛhwɛ baako pɛ, nanso m’ani bɛba me ho so no, na matena ho bɛyɛ nnɔnhwerew mmiɛnsa anaa nnan.”

17 Wobɛyɛ dɛn ahwɛ bere dodow a wode gye w’ani no yiye? Ade a ɛsɛ sɛ wudi kan yɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ wuhu bere dodow a wode gye w’ani. Enti wubetumi ayi nnawɔtwe baako asi hɔ, na bere dodow a wode begye w’ani wɔ saa nnawɔtwe no mu no, woakyerɛw ato hɔ. Bere dodow a wode hwɛ TV, nea wode kyinkyin Intanɛt so, ne nea wode bɔ game wɔ wo fon anaa tablɛt so no, kyerɛw wɔ kalenda so. Sɛ wuhu sɛ wosɛe bere wɔ anigyede ho dodo a, bɔ mmɔden yɛ nhyehyɛe. Di kan yi bere si hɔ a wode bɛyɛ nneɛma a ɛho hia paa, na afei yi bi fa yɛ nneɛma a wode begyigye w’ani. Ɛno akyi no, srɛ Yehowa na ɔmmoa wo na woatumi adi nhyehyɛe a woayɛ no so. Woyɛ saa a, wubenya bere ne ahoɔden a ɛsɛ sɛ wode sua Bible, nea wode bɛyɛ abusua som, ne nea wode bɛkɔ asafo nhyiam. Afei wubenya bere de ayɛ asɛnka adwuma no na ama woasom Yehowa. Afei nso, w’ahonim remmu wo fɔ wɔ bere a wode gye w’ani ho, efisɛ wode Yehowa adi kan.

KƆ SO SOM YEHOWA NKO ARA

18-19. Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛsom Yehowa nko ara?

18 Bere a ɔsomafo Petro kyerɛw Satan wiase awiei ne wiase foforo a ɛreba no ho asɛm no, ɔkaa sɛ: “Adɔfo, esiane sɛ moretwɛn eyinom nti, monyɛ nea mubetumi biara mma ommehu mo sɛ nnipa a wɔn ho nni nkekae ne dɛm biara wɔ asomdwoe mu.” (2 Pet. 3:14) Sɛ yetie saa afotu no na yɛyɛ nea yebetumi nyinaa sɛ yɛbɛbɔ bra pa na yɛasom Yehowa wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so a, ɛkyerɛ sɛ Yehowa nko ara na yɛsom no.

19 Satan ne ne wiase no bɛkɔ so ayere wɔn ho sɛ wobepiapia yɛn ama yɛde nneɛma foforo adi kan wɔ yɛn asetenam sen sɛ yɛde Yehowa bedi kan. (Luka 4:13) Nanso, sɛ yehyia nsɛnnennen mpo a, yɛremfa yɛn koma nkodi obi anaa biribi foforo biara akyi ka Yehowa ho. Yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛsom Yehowa nko ara, efisɛ ɔno nko ara na ɛfata sɛ yɛsom no!

DWOM 30 M’agya, Me Nyankopɔn, ne M’adamfo

^ nky. 5 Yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛsom Yehowa. Nanso, yemmisa sɛ, ɔno nko ara na yɛsom no anaa? Gyinae a yesisi na ɛbɛkyerɛ. Momma yɛnhwɛ gyinae a yesisi wɔ nneɛma mmienu bi ho, na ɛno na ɛbɛma yɛahu sɛ yɛsom Yehowa nko ara anaasɛ ɛnte saa.

^ nky. 53 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Obiara nni hɔ a n’ani gye ho sɛ obedi aduan a wɔayɛ wɔ gyaade a ɛhɔ ntew. Ɛnde, adɛn nti na yɛn ani begye ho sɛ yɛbɛhwɛ nneɛma a basabasayɛ, ahonhonsɛm, anaa ɔbrasɛe wom de agyigye yɛn ani?