Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 42

Dɛn na Yehowa Bɛma Woatumi Ayɛ?

Dɛn na Yehowa Bɛma Woatumi Ayɛ?

“Onyankopɔn na . . . ɔreyɛ mo mu adwuma na ama moanya ɔpɛ [ne tumi a mode bɛyɛ].”—FILIP. 2:13.

DWOM 104 Honhom Kronkron Yɛ Onyankopɔn Akyɛde

NEA YƐREBESUA *

1. Dɛn na Yehowa betumi ayɛ ama n’atirimpɔw abam?

YEHOWA betumi ayɛ ne ho nea ɔpɛ biara ama n’atirimpɔw aba mu. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Yehowa ayɛ ne ho Ɔkyerɛkyerɛfo, Ɔwerɛkyekyefo, ne Ɔsɛmpakafo. Weinom yɛ emu kakraa bi. (Yes. 48:17; 2 Kor. 7:6; Gal. 3:8) Nanso, mpɛn pii no, ɔde nnipa yɛ adwuma ma n’atirimpɔw bam. (Mat. 24:14; 28:19, 20; 2 Kor. 1:3, 4) Yehowa betumi ama yɛn mu biara nso nyansa ne ahoɔden ama yɛayɛ yɛn ho nea ɔpɛ biara de ayɛ n’apɛde. Nea Yehowa din no kyerɛ no, nea yɛaka yi nyinaa ka ho, sɛnea nhomanimfo binom kyerɛ no.

2. (a) Ɛtɔ da a, ɛyɛ den sɛ yebegye atom sɛ Yehowa de yɛn reyɛ adwuma. Adɛn ntia? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

2 Yɛn nyinaa pɛ sɛ Yehowa de yɛn yɛ adwuma, nanso ɛyɛ den ma ebinom sɛ wobegye atom sɛ Yehowa de wɔn reyɛ adwuma. Adɛn ntia? Ebinom wɔ hɔ a wɔte nka sɛ mfe a wɔadi, wɔn asetenam nsɛm, anaa nimdeɛ pii a wonni nti Yehowa remfa wɔn nyɛ adwuma. Afoforo nso de, wɔte nka sɛ nea wɔreyɛ no ara dɔɔso, enti wonhu hia a ehia sɛ wɔyɛ pii ka ho. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea Yehowa betumi asiesie yɛn mu biara na yɛaboa ama n’atirimpɔw abam. Afei, yɛbɛhwɛ Bible mu nsɛm bi a ɛbɛma yɛahu sɛ Yehowa maa n’asomfo mmarima ne mmea nyinaa nyaa ɔpɛ ne tumi a wɔde bɛyɛ n’apɛde. Nea etwa to no, yɛbɛhwɛ nea yɛbɛyɛ na ama Yehowa de yɛn ayɛ adwuma.

SƐNEA YEHOWA SIESIE YƐN

3. Sɛnea Filipifo 2:13 ka no, sɛn na ebia Yehowa bɛma yɛanya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ n’apɛde?

3 Kenkan Filipifo 2:13. * Yehowa betumi ama yɛanya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ n’apɛde. Sɛn na ebia ɔbɛyɛ no? Ebia yɛahu biribi anaa tebea bi wɔ asafo no mu a ehia sɛ yedi ho dwuma. Anaa asafo mu mpanyimfo no akenkan krataa bi a efi Betel a ɛka sɛ asafo bi a enni yɛn asasesin mu hia mmoa. Ebia wei bɛma yɛabisa yɛn ho sɛ, ‘Dɛn na metumi ayɛ de aboa?’ Anaa ebia wɔpɛ sɛ wɔde adwuma bi a ɛyɛ den hyɛ yɛn nsa, nanso ebia ɛyɛ yɛn sɛ yɛrentumi nyɛ no yiye. Anaa bere a yɛakenkan Onyankopɔn Asɛm no fã bi no, ebia yebebisa sɛ, ‘Mɛyɛ dɛn de Bible mu asɛm yi aboa afoforo?’ Yehowa renhyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ biribiara. Nanso, sɛ Yehowa hu sɛ yɛresusuw nea yebetumi ayɛ ho a, obetumi ama yɛanya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ nea yɛresusuw ho no.

4. Dɛn na ebia Yehowa bɛyɛ ama yɛn na yɛanya tumi de ayɛ n’apɛde?

4 Afei nso, Yehowa betumi ama yɛanya tumi de ayɛ n’apɛde. (Yes. 40:29) Obetumi ama ne honhom kronkron aboa yɛn ama yɛanya nimdeɛ pii. (Ex. 35:30-35) Yehowa betumi ama n’ahyehyɛde no akyerɛ yɛn sɛnea yɛbɛyɛ adwuma bi. Sɛ ɛba sɛ wunhu sɛnea wobɛyɛ adwuma bi a, hwehwɛ mmoa. Afei nso, wubetumi abisa yɛn soro Agya a ne yam ye no bere biara sɛ ɔmma wo “tumi a ɛboro onipa de so.” (2 Kor. 4:7; Luka 11:13) Yɛkenkan Bible a, yebehu sɛnea Yehowa siesiee mmarima ne mmea bi ma wonyaa ɔpɛ ne tumi a wɔde bɛyɛ n’apɛde. Yebesusuw wɔn mu bi ho. Bere a yɛreyɛ saa no, hwɛ sɛnea Yehowa betumi de wo ayɛ adwuma sɛnea ɔde wɔn yɛɛ adwuma no.

NEA YEHOWA BOAA MMARIMA BI MA WOTUMI YƐE

5. Sɛnea Yehowa nam Mose so gyee ne nkurɔfo ne bere a ɔde no yɛɛ adwuma no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

5 Yehowa maa Mose yɛɛ ogyefo maa Israelfo no. Nanso, bere bɛn na Yehowa de no yɛɛ adwuma? Ɛyɛ bere a “wɔkyerɛɛ Mose Egyptfo nyansa nyinaa” a na ɔte nka sɛ ɔfata no na Yehowa de no yɛɛ adwuma anaa? (Aso. 7:22-25) Dabi, Yehowa siesiee Mose ma ɔbɛyɛɛ obi a ɔbrɛ ne ho ase na odwo. Saa bere no na Yehowa de no yɛɛ adwuma. (Aso. 7:30, 34-36) Yehowa maa Mose nyaa akokoduru kɔɔ ɔhenkɛse a ɔwɔ Egypt no anim. (Ex. 9:13-19) Sɛnea Yehowa de Mose yɛɛ adwuma ne bere a ɔde no dii dwuma no, dɛn na yebetumi asua afi mu? Nnipa a wosuasua Yehowa suban na wɔma ɔhyɛ wɔn den no, saa nkurɔfo no na ɔde wɔn yɛ adwuma.—Filip. 4:13.

6. Sɛnea Yehowa maa Basilai boaa Ɔhene Dawid no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

6 Mfe pii akyi no, Yehowa maa Basilai boaa Ɔhene Dawid. Bere a na Dawid ne nkurɔfo a wɔka ne ho reguan afi Dawid ba Absalom anim no, na ‘ɔkɔm de wɔn, na wɔabrɛbrɛ, na na sukɔm de wɔn.’ Saa bere no, na Basilai abɔ akwakoraa, nanso ɔne afoforo de wɔn nkwa too asiane mu boaa Dawid ne nkurɔfo a na wɔka ne ho no. Basilai anka sɛ wabɔ akwakoraa nti Yehowa remfa no nyɛ hwee bio. Mmom, oyii ne yam de nea ɔwɔ boaa Onyankopɔn asomfo a na biribi ahia wɔn no. (2 Sam. 17:27-29) Dɛn na yebetumi asua afi saa asɛm yi mu? Ɛne sɛ, ɛmfa ho mfe a yɛadi biara no, Yehowa betumi de yɛn ayɛ adwuma ama yɛaboa yɛn nuanom Kristofo a wɔwɔ yɛn man mu anaa ɔman foforo so ama wɔn nsa aka nneɛma a wohia. (Mmeb. 3:27, 28; 19:17) Sɛ yɛn ankasa rentumi mmoa wɔn mpo a, ebia yebetumi ayi sika de aboa wiase nyinaa adwuma no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde bɛboa yɛn nuanom bere a ɛho hia ne baabi a wohia mmoa.—2 Kor. 8:14, 15; 9:11.

7. Sɛn na Yehowa de Simeon yɛɛ adwuma, na sɛn na wei betumi ahyɛ yɛn nkuran?

7 Simeon yɛ ɔbarima a ne mfe akɔ anim a na ɔte Yerusalem; na ɔsom Yehowa nokware mu. Yehowa hyɛɛ no bɔ sɛ, obehu Mesia no ansa na wawu. Ɛbɛyɛ sɛ saa bɔhyɛ no hyɛɛ Simeon nkuran paa, efisɛ na watwɛn mfe pii sɛ obehu Mesia no. Onyaa ne gyidi ne ne ntoboase no so akatua. Ɛda bi, “honhom no kaa no” ma ɔkɔɔ asɔrefie hɔ. Ɛhɔ na Simeon huu Yesu a na ɔyɛ abofra kumaa no, na Yehowa ma ɔhyɛɛ nkɔm bi faa abofra yi a na ɔbɛyɛ Kristo no ho. (Luka 2:25-35) Ɛwom, ɛbɛyɛ sɛ Simeon wui ansa na Yesu refi ne som adwuma ase wɔ asase so de, nanso Simeon ani sɔɔ hokwan a onyae no, na obenya nhyira a ɛsen saa mpo daakye! Wiase foforo no mu no, saa ɔbarima nokwafo no behu sɛnea mmusua a ɛwɔ asase so nyinaa benya nhyira a Yesu ahenni no de bɛba. (Gen. 22:18) Yɛn nso, yɛn ani sɔ hokwan biara a Yehowa de ma yɛn wɔ ne som mu.

8. Sɛnea Yehowa de Barnaba yɛɛ adwuma no, sɛn na ebia ɔde yɛn nso bɛyɛ adwuma?

8 Asomafo no bere so no, ɔbarima yamyefo bi a wɔfrɛ no Yosef maa Yehowa de no yɛɛ adwuma. (Aso. 4:36, 37) Ɛbɛyɛ sɛ na Yosef tumi kyekye afoforo werɛ paa, enti asomafo no frɛɛ no Barnaba; nea ɛkyerɛ ne “Awerɛkyekye Ba.” Sɛ nhwɛso no, bere a Saul bɛyɛɛ gyidini no, na anuanom pii suro sɛ wɔbɛbɛn no, efisɛ na wagye din sɛ obi a ɔtaa asafo no. Nanso Barnaba de, ɔkyekyee Saul werɛ, na ɔboaa no; ɛbɛyɛ sɛ Saul ani sɔe paa. (Aso. 9:21, 26-28) Akyiri yi, mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem no hui sɛ ehia sɛ wɔhyɛ anuanom a wɔwɔ akyirikyiri wɔ Antiokia a ɛwɔ Siria no nkuran. Hena na wɔsomaa no? Ɛnyɛ obiara sɛ Barnaba! Ɛfata paa sɛ ɔno na wɔsomaa no. Bible ka sɛ Barnaba ‘fii ase hyɛɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnkɔ so mfa koma pintinn ntena Awurade mu.’ (Aso. 11:22-24) Yɛn nso, ɛnnɛ Yehowa betumi aboa yɛn ama yɛakyekye yɛn nuanom Kristofo werɛ. Ebi ne sɛ, obetumi ama yɛakyekye nkurɔfo a wɔn adɔfo awu werɛ. Ebi nso ne sɛ, sɛ obi yare anaa adwinnwen ahyɛ no so a, Yehowa betumi aka yɛn koma ama yɛakɔsra no anaa yɛafrɛ no wɔ fon so ahyɛ no nkuran. Sɛnea Yehowa de Barnaba yɛɛ adwuma no, wo nso wobɛma Yehowa de wo ayɛ adwuma saa anaa?—1 Tes. 5:14.

9. Sɛnea Yehowa boaa onua bi a wɔfrɛ no Vasily ma ɔbɛyɛɛ asafo mu panyin a ɔbɔ ne ho mmɔden no, dɛn na yesua fi mu?

9 Yehowa boaa onua bi a wɔfrɛ no Vasily ma ɔbɛyɛɛ asafo mu panyin a ɔbɔ ne ho mmɔden. Bere a wɔpaw Vasily ma ɔbɛyɛɛ asafo mu panyin no, na wadi mfe 26. Ná ɛyɛ no sɛ onni osuahu pii nti ɔrentumi mmoa anuanom, ne titiriw, wɔn a wɔrehyia nsɛnnennen no. Nanso, onyaa ntetee pa fii mpanyimfo a wɔwɔ osuahu no hɔ ne Ahenni Som Sukuu a ɔkɔe no mu. Vasily bɔɔ mmɔden nyaa nkɔanim. Nea ɔyɛe no bi ne sɛ, ɔkyerɛkyerɛw nneɛma nketenkete bi a ɔpɛ sɛ ɔyɛ guu hɔ. Sɛ otumi yɛ emu biara wie a, na ɛboa no ma onya akokoduru kɛse. Seesei ɔka sɛ: “Nneɛma a bere bi na ɛma mebɔ hu no, seesei ɛno na ɛma m’ani gye. Sɛ Yehowa boa me ma minya kyerɛwsɛm a ɛfata de kyekye onua anaa onuawa bi a ɔwɔ asafo no mu werɛ a, ɛma me koma tɔ me yam paa.” Anuanom, sɛ moma Yehowa de mo yɛ adwuma te sɛ Vasily a, obetumi aboa mo ama moayɛ pii wɔ asafo no mu.

NEA YEHOWA BOAA MMEA BI MA WOTUMI YƐE

10. Dɛn na Abigail yɛe, na dɛn na wusua fi nea ɔyɛe no mu?

10 Ná Ɔhene Saul retaa Dawid ne mmarima a na wɔka ne ho no, na na wohia mmoa. Mmarima a na wɔka Dawid ho no srɛɛ Israelni bi a ɔyɛ ɔdefo a ne din de Nabal sɛ ɔmma wɔn aduan kakra; nea na obenya ama wɔn biara, na wobegye. Anyɛ den amma wɔn sɛ wɔbɛsrɛ Nabal, efisɛ na wɔbɔ ne nguan ho ban wɔ sare so. Nanso, esiane sɛ na Nabal tirim yɛ den nti, wamma wɔn hwee. Dawid bo fuwii paa, na ɔyɛɛ n’adwene sɛ obekum Nabal ne ɔbarima biara a ɔwɔ ne fie. (1 Sam. 25:3-13, 22) Nanso, na Nabal yere Abigail nim nyansa yiye, na na ne ho yɛ fɛ nso. Abigail daa akokoduru adi paa, na ɔkɔhwee Dawid nan ase; ɔsrɛɛ no sɛ mma onkum Nabal ne mmarima a wɔwɔ ne fie na wanni mogya ho fɔ. Abigail yɛɛ anifere ne Dawid kasae sɛ onnyae biribiara mma Yehowa. Sɛnea Abigail brɛɛ ne ho ase kasae ne sɛnea ɔyɛɛ n’ade nyansam no kaa Dawid koma. Dawid hui sɛ Yehowa na ɔsomaa Abigail. (1 Sam. 25:23-28, 32-34) Abigail nyaa suban ahorow bi a ɛmaa Yehowa de no yɛɛ adwuma. Saa ara nso na Yehowa betumi de Kristofo mmea a wɔyɛ anifere na wɔyɛ wɔn ade nyansam ayɛ adwuma ama wɔahyɛ wɔn mmusua ne afoforo a wɔwɔ asafo no mu den.—Mmeb. 24:3; Tito 2:3-5.

11. Dɛn na Salum mma mmea no yɛe, na nnɛ henanom na wɔresuasua wɔn?

11 Mfe pii akyi no, wɔn a Yehowa de wɔn yɛɛ adwuma ma wosiesiee Yerusalem afasu no, na Salum mma mmea no ka ho. (Neh. 2:20; 3:12) Ɛwom sɛ na Salum yɛ ɔsoafo de, nanso na ne mma mmea no pɛ paa sɛ wɔyɛ adwuma a ɛyɛ den a na ebetumi de wɔn nkwa ato asiane mu no bi. (Neh. 4:15-18) Ná wɔnte sɛ Tekoafo mmarima atitiriw no koraa. Tekoafo mmarima atitiriw no de, ‘wɔammrɛ wɔn ho ase’ anyɛ adwuma no bi! (Neh. 3:5) Wo de, hwɛ sɛnea Salum mma mmea no ani begye afa bere a wɔboa ma wɔde nnafua 52 pɛ wiee adwuma no! (Neh. 6:15) Yɛn bere yi so no, anuanom mmea a wɔwɔ koma pa ani gye ho sɛ wɔbɛboa ama yɛayɛ ɔsom adwuma no fã titiriw bi. Wɔboa ma wosisi adan a yɛde yɛ Yehowa som adwuma no na wɔboa ma wosiesie bi nso. Nsi ne ahokeka a anuanom mmea yi de yɛ adwuma, wɔn nimdeɛ, ne wɔn nokwaredi boa ma adwuma yi kɔ yiye paa.

12. Sɛn na Yehowa betumi de yɛn ayɛ adwuma sɛnea ɔde Tabita yɛɛ adwuma no?

12 Yehowa kaa Tabita koma ma ɔyɛɛ ‘nnwuma pa ne adɔe’ pii maa nkurɔfo, ne titiriw, akunafo. (Aso. 9:36) Esiane sɛ na Tabita yi ne yam boa afoforo na ɔyɛ adɔe paa nti, bere a owui no, nnipa pii dii awerɛhow. Nanso, bere a ɔsomafo Petro nyanee no no, wodii ahurusi. (Aso. 9:39-41) Dɛn na yesua fi Tabita hɔ? Sɛ yɛyɛ mmofra oo, mpanyimfo oo, mmarima oo, mmea oo, yɛn nyinaa betumi ayɛ nneɛma bi aboa yɛn nuanom.—Heb. 13:16.

13. Ná onuawa bi a ne din de Ruth fɛre ade. Sɛn na Yehowa de no yɛɛ adwuma, na dɛn na ɔkae?

13 Ná onuawa bi a ne din de Ruth pɛ sɛ ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo, nanso na ɔfɛre ade. Bere a na ɔyɛ abeawa no, sɛ ɔreyɛ afie afie asɛnka a, na ɔde ahoɔhare kyekyɛ nkratawa. Ɔkaa sɛ: “Ná m’ani gye saa adwuma yi ho paa.” Nanso, na ɛyɛ den ma no paa sɛ ɔne nkurɔfo bɛkasa wɔ afie afie na waka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm akyerɛ wɔn. Ɛmfa ho sɛ na Ruth fɛre ade no, bere a odii mfe 18 no, ɔbɛyɛɛ daa kwampaefo. Afe 1946 no, ɔkɔɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu, na akyiri yi, ɔkɔsom wɔ Hawaii ne Japan. Yehowa de no yɛɛ adwuma paa ma ɔkaa asɛmpa no wɔ saa aman no so. Bere a Ruth de bɛyɛ mfe 80 yɛɛ asɛmpaka adwuma no, ɔkaa sɛ: “Yehowa akɔ so ahyɛ me den. Waboa me ma seesei memfɛre ade bio. Migye di paa sɛ, obiara a ɔde ne ho bɛto Yehowa so no, Yehowa betumi de no ayɛ adwuma.”

MA YEHOWA MFA WO NYƐ ADWUMA

14. Sɛnea Kolosefo 1:29 ka no, sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa de yɛn yɛ adwuma a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

14 Efi tete nyinaa, Yehowa de n’asomfo ayɛ adwuma wɔ akwan pii so. Dɛn na ɔbɛma woatumi ayɛ? Fã kɛse no ara gyina wo so; sɛnea wubeyi wo yam na woayere wo ho ayɛ adwuma no na ɛbɛkyerɛ. (Kenkan Kolosefo 1:29.) Sɛ wutu wo ho ma a, Yehowa betumi ama woayɛ ɔsɛmpakafo a ɔyɛ nsi, ɔkyerɛkyerɛfo pa, obi a otumi kyekye afoforo werɛ, obi a onim adwuma, adamfo pa, anaa biribi foforo biara a ɔpɛ sɛ woyɛ ma n’apɛde bam.

15. Sɛnea 1 Timoteo 4:12, 15 kyerɛ no, dɛn na ɛsɛ sɛ anuanom mmerante srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn mma wɔnyɛ?

15 Na anuanom mmerante a morenyin abɛyɛ mpanyin no nso ɛ? Asafo no hia mmerante pii a wɔwɔ ahoɔden ama wɔasom sɛ asafo mu asomfo. Asafo pii mu no, mpanyimfo no dɔɔso sen asafo mu asomfo no koraa. Anuanom mmerante, mo mu binom betumi ayi mo yam ayɛ pii wɔ asafo no mu anaa? Ɛtɔ da a, anuanom binom ka sɛ, “Me de, nea mepɛ ara ne sɛ mɛyɛ ɔdawurubɔfo.” Sɛ saa na wote nka a, srɛ Yehowa ma ɔmmoa wo na ama woatumi abɛsom sɛ asafo mu somfo, na srɛ no sɛ ɔmmoa wo mma wuntumi nyɛ nea wubetumi nyinaa mfa nsom no. (Ɔsɛnk. 12:1) Yehia mo mmoa!—Kenkan 1 Timoteo 4:12, 15.

16. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Yehowa, na adɛn ntia?

16 Yehowa betumi ama woayɛ wo ho nea ɔpɛ biara de ayɛ n’apɛde. Enti, ɛyɛ a srɛ no sɛ ɔmma wunnya ɔpɛ a wode bɛyɛ n’adwuma, na afei srɛ no sɛ ɔmma wo tumi a wode bɛyɛ. Sɛ woyɛ abofra oo, ɔpanyin oo, fa wo bere, w’ahoɔden, ne nea wowɔ nyinaa hyɛ Yehowa anuonyam nnɛ. (Ɔsɛnk. 9:10) Sɛ wunya hokwan sɛ wobɛyɛ pii wɔ Yehowa som mu na w’adwene yɛ wo sɛ worentumi nyɛ a, mpere wo ho nka sɛ worenyɛ. Ɛfata sɛ yɛhyɛ yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no anuonyam. Wo de, hwɛ hokwan a yɛanya sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi biara de ahyɛ no anuonyam!

DWOM 127 Onipa Kõ a Ɛsɛ sɛ Meyɛ

^ nky. 5 Wote nka sɛ wuntumi nyɛ pii wɔ Yehowa som mu? Ɛyɛ a wubisa sɛ, wo so da ara wɔ mfaso ma Yehowa anaa? Anaa ɛyɛ a wunhu hia a ehia sɛ wutu wo ho ma yɛ Yehowa som adwuma sɛnea ɔpɛ? Adesua yi bɛma woahu akwan ahorow a Yehowa betumi afa so ama woanya ɔpɛ ne tumi a wode bɛyɛ nea ɔpɛ biara ama n’atirimpɔw abam.

^ nky. 3 Ɛwom sɛ Paulo kyerɛw ne krataa no kɔmaa Kristofo a na wɔwɔ asomafo no bere so de, nanso yebetumi aka sɛ, ɛfa Yehowa asomfo nyinaa ho.