Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 41

Sɛnea Yɛbɛboa Yɛn Bible Asuafo Ama Wɔanya Nkɔso Abɔ Asu—Ɔfã a Edi Kan

Sɛnea Yɛbɛboa Yɛn Bible Asuafo Ama Wɔanya Nkɔso Abɔ Asu—Ɔfã a Edi Kan

“Ada adi sɛ moyɛ Kristo krataa a yɛakyerɛw sɛ asomfo.”—2 KOR. 3:3.

DWOM 78 ‘Yɛkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm’

NEA YƐREBESUA *

Hwɛ sɛ Bible suani a asafo no mufo nyinaa dɔ no rebɔ asu. Anigyesɛm bɛn na ɛkyɛn wei? (Hwɛ nkyekyɛm 1)

1. Sɛn na 2 Korintofo 3:1-3 boa yɛn ma yehu sɛ, ɛyɛ hokwan kɛse paa sɛ yɛne obi besua Bible ama wabɔ asu? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

SƐ WUHU sɛ Bible suani bi a wo ne no wɔ asafo mu abɔ asu a, ɛyɛ a wote nka sɛn? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛma w’ani gye paa. (Mat. 28:19) Sɛ wo na wo ne no suaa ade ma ɔbɔɔ asu a, ɛnde anigye a wubenya de yɛnnka! (1 Tes. 2:19, 20) Asuafo a wɔabɔ asu foforo no, wɔyɛ “adansedi krataa” ma wɔn a wɔne wɔn suaa ade no ne asafo mũ no nyinaa.—Kenkan 2 Korintofo 3:1-3.

2. (a) Asɛmmisa a ɛho hia bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho, na adɛn ntia? (b) Dɛn ne Bible adesua? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

2 Mfe nnan a atwam no, sɛ wokyɛ mu pɛpɛɛpɛ a, bosome biara na yɛyɛ Bible adesua * 10,000,000 wɔ wiase nyinaa. Wei ma yɛn ani gye paa. Saa mfe nnan no ara mu no, wokyɛ mu pɛpɛɛpɛ a, afe biara nnipa bɛboro 280,000 na na wɔbɔ asu bɛyɛ Yehowa Adansefo ne Yesu Kristo asuafo. Bible asuafo ɔpepem pii a wonnya mmɔɔ asu no, yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn nso ama wɔabɔ asu? Yehowa anya nkurɔfo ho abotare, na wama wɔn bere ne hokwan sɛ wɔmmɛyɛ Kristo asuafo. Enti yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa boa wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nkɔso abɔ asu ntɛm. Bere a aka no sua!—1 Kor. 7: 29a; 1 Pet. 4:7.

3. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Esiane sɛ ɛho hia paa sɛ yɛboa afoforo ma wɔbɛyɛ asuafo nti, Akwankyerɛ Kuw no bisaa Betel ahorow nea yebetumi ayɛ de aboa yɛn Bible asuafo na ama wɔn mu pii anya nkɔso abɔ asu. Adesua yi ne nea edi hɔ no, yɛbɛhwɛ nea yebetumi asua afi akwampaefo a wɔn ho akokwaw, asɛmpatrɛwfo, ne amansin so ahwɛfo hɔ. * (Mme. 11:14; 15:22) Wɔka nea adawurubɔfo ne Bible asuafo betumi ayɛ na ama Bible adesua a wɔyɛ no atu mpɔn. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nneɛma nnum bi a ehia sɛ Bible suani bi yɛ na ama watumi anya nkɔso abɔ asu.

WO NE WƆN NSUA ADE NNAWƆTWE BIARA

Bisa osuani no sɛ mubetumi atena ase asusuw Bible no ho anaa (Hwɛ nkyekyɛm 4-6)

4. Sɛ yɛne obi gyina ne pon ano yɛ Bible adesua a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

4 Yɛn nuanom pii ne nkurɔfo sua Bible nanso bere biara wɔne wɔn gyina wɔn pon ano na ɛyɛ adesua no. Ɛwom, wei yɛ ɔkwampa a yebetumi afa so aboa nkurɔfo ama wɔn ani agye ho sɛ wobesua Bible. Nanso mpɛn pii no bere a yɛde yɛ no yɛ tia na ebi mpo a yɛnyɛ no nnawɔtwe biara. Sɛ obi kyerɛ asɛm no ho anigye a, nea ɛbɛyɛ na yɛakɔ so aboa onii no, ɛyɛ a ebinom gye onii no fon nɔma sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛfrɛ no bere ne bere mu anaa wɔbɛma no text message na waka Bible mu asɛm kakra akyerɛ no. Ebia yɛne onii no bɛbɔ nkɔmmɔ ntiantiaa saa abosome pii, nso wobɛhwɛ no na yɛantumi ne no anyɛ Bible adesua a etu mpɔn. Sɛ saa bere no nko ara na osuani no de sua Bible no a, wohwɛ a obetumi anya nkɔso na wabɔ asu? Ɛrentumi nyɛ yiye saa.

5. Sɛnea Luka 14:27-33 ma yehu no, dɛn na Yesu kae a yebetumi de aboa yɛn Bible asuafo?

5 Bere bi Yesu maa mfatoho de kyerɛɛ nea ɛsɛ sɛ obi yɛ na watumi abɛyɛ ne suani. Ɔkaa obi a ɔpɛ sɛ osi aban ne obi a ɔpɛ sɛ ɔkɔ ɔko ho asɛm. Yesu kaa sɛ ɛsɛ sɛ nea ɔpɛ sɛ osi aban no ‘di kan tena ase na ɔsese hwɛ’ sɛ obetumi awie. Afei nso ɔkaa sɛ ɛsɛ sɛ ɔhene no nso ‘di kan tu agyina’ hwɛ sɛ ɔwɔ asraafo a obetumi de wɔn akɔ ɔko no anaa. (Kenkan Luka 14:27-33.) Enti na Yesu nim sɛ, sɛ obi pɛ sɛ ɔbɛyɛ ne suani a, na ɛsɛ sɛ ɔtɔ ne bo ase susuw ho yiye na ohu nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Wei nti ɛsɛ sɛ yɛma yɛn Bible asuafo hu sɛ ehia sɛ yɛne wɔn sua ade nnawɔtwe biara. Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa?

6. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛn Bible adesua tu mpɔn a, dɛn na yebetumi ayɛ?

6 Sɛ wo ne obi sua ade wɔ ne pon ano a, fa bere no bi ka ho. Bere biara a wobɛkɔ hɔ no, sɛ kyerɛwsɛm baako na wo ne no susuw ho a, afei de ebia wubetumi ne no asusuw kyerɛwnsɛm mmienu ho. Sɛ wuhu sɛ ofiewura no pɛ sɛ mobɔ nkɔmmɔ kyɛ a, wubetumi abisa no sɛ baabi wɔ hɔ a mubetumi atena na moatoa nkɔmmɔ no so anaa. Nea ɔbɛka no na ɛbɛma woahu sɛ n’ani abere sɛ ɔpɛ sɛ osua Bible. Nea ɛbɛboa osuani no ama wanya nkɔso ntɛm no, wubetumi abisa no sɛ n’ani begye ho sɛ mubesua ade mprenu nnawɔtwe biara anaa. Nanso sɛ mutumi yɛ adesua no pɛnkoro anaa mprenu nnawɔtwe biara a, na ɛnsae. Pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ moyɛ ka ho.

SIESIE WO HO ANSA NA WOAYƐ BIBLE ADESUA BIARA

Siesie wo ho yiye ansa na woakɔyɛ Bible adesua, na kyerɛ osuani no ma onhu sɛnea obesiesie ne ho ama adesua no (Hwɛ nkyekyɛm 7-9)

7. Dɛn na ɔdawurubɔfo betumi ayɛ de asiesie ne ho yiye ansa na wayɛ Bible adesua biara?

7 Ɛho hia sɛ ɔdawurubɔfo biara siesie ne ho yiye ansa na wayɛ Bible adesua biara. Ɛsɛ sɛ wudi kan kenkan nea morekosua no yiye na wohwɛ kyerɛwnsɛm a ɛwom no nyinaa. Ma nsɛntitiriw a ɛwom no ntena w’adwenem. Adesua no asɛmti, nsɛmti nketewa a ɛwom, nsɛmmisa a ɛwɔ adesua no mu, kyerɛwsɛm a wɔakyerɛw ho “kenkan,” mfoni ne video biara a ɛkyerɛkyerɛ asɛm no mu no, susuw ho. Afei dwen osuani no ho, na hwɛ sɛnea wobɛkyerɛkyerɛ adesua no mu ma emu ada hɔ ama no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛte ase na ɔde abɔ ne bra.—Neh. 8:8; Mme. 15:28a.

8. Sɛn na asɛm a ɔsomafo Paul kaa wɔ Kolosefo 1:9, 10 ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae ma yɛn Bible asuafo?

8 Sɛ woresiesie wo ho akɔyɛ Bible adesua a, bɔ mpae ma wo suani no na ka nea ohia ho asɛm kyerɛ Yehowa. Srɛ Yehowa na ɔmmoa wo mma wunhu sɛnea wobɛkyerɛkyerɛ Bible no mu ma aka osuani no koma. (Kenkan Kolosefo 1:9, 10.) Bɔ mmɔden hu biribiara a ebetumi ayɛ den ama osuani no sɛ ɔbɛte ase anaa obegye atom. Kae sɛ wo botae ne sɛ wobɛboa osuani no ama wanya nkɔso abɔ asu.

9. Dɛn na ɔdawurubɔfo betumi ayɛ de aboa ne suani ama wasiesie ne ho ama adesua no? Kyerɛkyerɛ mu.

9 Sɛ yɛne obi sua Bible na sɛ adesua no kɔ kama na yɛantoto mu a, yɛhwɛ kwan sɛ ɔbɛkyerɛ nea Yehowa ne Yesu ayɛ ho anisɔ na ama wayere ne ho asua nneɛma pii. (Mat. 5:3, 6) Sɛ osuani no betumi anya adesua no so mfaso paa a, ɛsɛ sɛ ɔde n’adwene si nea ɔresua no so. Sɛ wubetumi aboa no ama wayɛ saa a, ɛsɛ sɛ woma ohu sɛ ɛho hia sɛ osiesie ne ho ma adesua no bere biara. Nea ɔbɛyɛ ne sɛ, obedi kan akenkan adesua no mu na wahwɛ sɛnea obetumi de abɔ ne bra. Dɛn na ɔdawurubɔfo no betumi ayɛ de aboa no? Wo ne osuani no mmom nyɛ adesua baako na kyerɛ no sɛnea obesiesie ne ho ama adesua no. * Kyerɛ no sɛnea obenya nsɛmmisa no ho mmuae wɔ adesua no mu, na kyerɛ no sɛnea obetwitwa nsɛntitiriw a ɛwom no ase na ama wakae mmuae no. Afei ma ɔmfa ɔno ara nsɛm mma mmuae no. Sɛ ɔyɛ saa a, ɛbɛma woahu sɛ wate adesua no ase anaa ɔntee ase. Nanso biribi foforo wɔ hɔ a wubetumi ahyɛ wo suani no nkuran ma wayɛ.

KYERƐ NO SƐNEA ƆNE YEHOWA BEDI NKITAHO DA BIARA

Kyerɛ wo Bible suani ma onhu sɛnea ɔne Yehowa bedi nkitaho (Hwɛ nkyekyɛm 10-11)

10. Adɛn nti na ɛho hia sɛ osuani no kenkan Bible daa, na dɛn na ehia sɛ ɔyɛ na ama wanya Bible akenkan no so mfaso?

10 Bible adesua a yɛne osuani no yɛ no nnawɔtwe biara no da nkyɛn a, nneɛma bi wɔ hɔ a ɔno ankasa yɛ no da biara a ɛbɛboa no. Ehia sɛ ɔne Yehowa di nkitaho. Ɔbɛyɛ no sɛn? Ɛne sɛ obetie Yehowa na ɔne no akasa. Sɛ ɔkenkan Bible da biara a na ɔretie Onyankopɔn. (Yos. 1:8; Dw. 1:1-3) Kyerɛ no sɛnea ɔde “Bible Akenkan Nhyehyɛe” a ɛwɔ jw.org no bɛyɛ adwuma. * Nea ɛbɛboa osuani no ama wanya Bible akenkan so mfaso paa no, hyɛ no nkuran ma onnwinnwen nea Bible rekyerɛ no afa Yehowa ho no ho. Afei boa no ma onhu sɛnea ɔde nea ɔresua no bɛbɔ ne bra.—Aso. 17:11; Yak. 1:25.

11. Osuani no bɛyɛ dɛn ahu ɔkwampa a yɛfa so bɔ mpae, na adɛn nti na ɛho hia sɛ ɔtaa bɔ Yehowa mpae?

11 Hyɛ wo suani no nkuran ma ɔmmɔ mpae da biara. Ɔyɛ saa a na ɔne Yehowa rekasa. Morebefi adesua biara ase a, fi wo komam bɔ mpae. Muwie nso a yɛ saa ara, na bɔ ne din wɔ mpae no mu. Sɛ otie wo mpaebɔ no a, obehu sɛnea obefi ne komam abɔ mpae, na obehu sɛ Yehowa Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ ɔbɔ no mpae na ɛsɛ sɛ ɔde fa Yesu Kristo so. (Mat. 6:9; Yoh. 15:16) Sɛ wo Bible suani no kenkan Bible daa, kyerɛ sɛ otie Yehowa, na ɔbɔ mpae daa, kyerɛ sɛ ɔne Yehowa kasa a, wo de hwɛ sɛnea ɛbɛboa no ama wabɛn Onyankopɔn! (Yak. 4:8) Sɛ osuani no tumi yɛ nea yɛaka yi da biara a, ɛbɛboa no ama watu anammɔn foforo a ɛbɛma watumi ahyira ne ho so na wabɔ asu.

BOA NO MA ƆNE YEHOWA MFA ADAMFO

12. Dɛn na ɔdawurubɔfo betumi ayɛ de aboa osuani no ama ɔne Yehowa afa adamfo?

12 Sɛ wo ne obi reyɛ Bible adesua a, ɛnyɛ sɛ wobɛma wanya nimdeɛ kɛkɛ, na mmom ɛsɛ sɛ woma adesua no ka ne koma. Adɛn ntia? Efisɛ sɛ biribi ka yɛn koma a na yɛde yɛ adwuma. Koma no gyina hɔ ma nea yɛpɛ ne sɛnea yɛte nka. Ná Yesu nkyerɛkyerɛ tɔ asom, na ɛmaa nkurɔfo ani gyee ne nkyerɛkyerɛ ho. Nanso nea ɛmaa nkurɔfo dii n’akyi ne sɛ na ne nkyerɛkyerɛ ka wɔn koma. (Luka 24:15, 27, 32) Ɛho hia sɛ wo suani no hu sɛ Yehowa yɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa a obetumi ne no anya abusuabɔ. Afei nso ɛsɛ sɛ ohu sɛ Yehowa betumi ayɛ n’Agya, ne Nyankopɔn ne n’Adamfo. (Dw. 25:4, 5) Sɛ moreyɛ Bible adesua no a, ma onhu Onyankopɔn suban a ɛyɛ fɛ no yiye. (Ex. 34:5, 6; 1 Pet. 5:6, 7) Ɛmfa ho nea moresua biara no, twe adwene si Yehowa so na onhu sɛnea ɔte. Boa wo suani no ma onhu Yehowa suban a ɛyɛ fɛ te sɛ ɔdɔ, ayamye ne ayamhyehye. Yesu kaa sɛ ‘ahyɛde a ɛyɛ kɛse sen ahyɛde nyinaa ne nea edi kan’ ne sɛ “dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.” (Mat. 22:37, 38) Bɔ mmɔden sɛ wobɛboa wo suani no ama wafi ne koma nyinaa mu adɔ Onyankopɔn.

13. Ma nhwɛso fa kyerɛ sɛnea wubetumi aboa wo Bible suani ama wahu Yehowa suban a ɛyɛ fɛ no.

13 Sɛ wo ne wo suani rebɔ nkɔmmɔ a, ma onhu sɛ wodɔ Yehowa paa. Wei betumi aboa wo suani no ama wahu sɛ ehia sɛ ɔno ankasa nso ne Onyankopɔn fa adamfo. (Dw. 73:28) Ɛho nhwɛso bi ni. Asɛm bi wɔ nhoma a moresua no mu anaa kyerɛwsɛm bi mu a ɛma wuhu Yehowa suban te sɛ ne dɔ, ne nyansa, n’atɛntrenee, anaa ne tumi a ɛka wo koma anaa? Ka ho asɛm kyerɛ wo suani no, na ma onhu sɛ nea enti a wodɔ yɛn Agya a ɔwɔ soro no, wei nso ka ho. Sɛ Bible suani biara betumi anya nkɔso abɔ asu a, biribi foforo wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɔyɛ.

HYƐ NO NKURAN MA ƆNKƆ ASAFO NHYIAM

Hyɛ wo suani no nkuran ma omfi ase nkɔ asafo nhyiam ntɛm ara! (Hwɛ nkyekyɛm 14-15)

14. Dɛn na Hebrifo 10:24, 25 ka fa asafo nhyiam ho a ebetumi aboa Bible suani ama wanya nkɔso?

14 Yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛn Bible asuafo nya nkɔso na wɔbɔ asu. Ade baako a ɛho hia a yebetumi ayɛ de aboa wɔn ne sɛ yɛbɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔakɔ asafo nhyiam. Adawurubɔfo a wɔwɔ osuahu no ka sɛ Bible asuafo a wofi ase kɔ asafo nhyiam no nya nkɔso ntɛmntɛm. (Dw. 111:1) Adawurubɔfo binom ma wɔn Bible asuafo hu sɛ, sɛ wɔba asafo nhyiam a, wobesua nneɛma pii a wɔrensua bere a wɔreyɛ Bible adesua. Wo ne wo Bible suani no nkenkan Hebrifo 10:24, 25 na kyerɛkyerɛ mu ma onhu nea enti a ɔba asafo nhyiam a ɛbɛboa no. (Kenkan.) Yi video a wɔato din Ɛdɛn Na Wɔyɛ Wɔ Ahenni Asa So? * kyerɛ no. Boa wo suani no ma onhu sɛ ɛho hia sɛ nnawɔtwe biara ɔkɔ asafo nhyiam.

15. Dɛn na yebetumi ayɛ de ahyɛ osuani bi nkuran ma wakɔ asafo nhyiam daa?

15 Sɛ wo suani bi mmaa asafo nhyiam da anaa ɔntaa mma asafo nhyiam a, dɛn na wubetumi ayɛ? Sɛ woasua biribi wɔ asafo nhyiam ase nnansa yi ama w’ani agye ho a, ka ho asɛm kyerɛ no. Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛka no asen sɛ wobɛka akyerɛ no sɛ ɔmmra asafo nhyiam ara kɛkɛ. Ɔwɛn-Aban ne Abrabɔ ne Asɛnka Adesua Nhoma a yɛresua wɔ asafo nhyiam ase no, ɛyɛ a ma no bi. Kyerɛ no nea mubesusuw ho wɔ asafo nhyiam a edi hɔ no ase, na bisa no nea n’ani gye ho paa. Ɛda a edi kan a wo suani no bɛba asafo nhyiam ase no, nea obehu anaa nea ɔbɛte wɔ hɔ no bɛkyɛn nea wahu anaa wate wɔ asɔre biara a wakɔ pɛn. (1 Kor. 14:24, 25) Obehyia anuanom a wɔyɛ nhwɛso pa a obetumi asuasua wɔn na wɔaboa no ama wanya nkɔso abɔ asu.

16. Sɛ yebetumi aboa Bible asuafo ama wɔanya nkɔso abɔ asu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ, na dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

16 Yɛbɛyɛ dɛn ne yɛn Bible asuafo asua ade ama wɔanya nkɔso abɔ asu? Yebetumi aboa osuani no ama wahu sɛ adesua no ho hia paa, enti yɛbɛhyɛ no nkuran ma yɛayɛ adesua no nnawɔtwe biara na afei nso wasiesie ne ho ama adesua biara. Bio nso, yɛpɛ sɛ yɛhyɛ no nkuran ma ɔne Yehowa di nkitaho da biara na ɔne no fa adamfo. Afei nso yɛpɛ sɛ yɛhyɛ no nkuran ma ɔkɔ asafo nhyiam. (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 12 a wɔato din “ Nea Ehia Sɛ Bible Asuafo Yɛ Na Wɔanya Nkɔso Abɔ Asu.”) Nanso adesua a edi hɔ no bɛma yɛahu sɛ nneɛma nnum bi wɔ hɔ a adawurubɔfo betumi ayɛ na ama wɔn asuafo anya nkɔso abɔ asu.

DWOM 76 Anigyesɛm Bɛn Ni!

^ nky. 5 Sɛ woboa obi ma ɔsesa “sɛnea osusuw nneɛma ho, sɛnea ɔte nka ne sɛnea ɔyɛ n’ade a,” ɛno na ɛkyerɛ sɛ wakyerɛkyerɛ no. Afe 2020 afe asɛm a ɛwɔ Mateo 28:19 no kae yɛn sɛ, ehia paa sɛ yɛne afoforo sua Bible na yɛkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔbɔ asu bɛyɛ Yesu Kristo asuafo. Sɛnea saa adwuma no ho hia nti, adesua yi ne nea edi hɔ mu no, yebesua sɛnea yebetumi ayɛ no yiye.

^ nky. 2 ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Sɛ yɛka sɛ obi reyɛ Bible adesua a, nea ɛkyerɛ ne sɛ ɔne obi taa bɔ Bible mu nkɔmmɔ. Sɛ wɔfa asɛm baako a na wɔasusuw ho. Wowie a na wɔkɔ foforo so. Sɛ wokyerɛ obi sɛnea yɛyɛ Bible adesua, na ɛno akyi wo ne no sua ade mprenu, na wugye di sɛ ɔbɛma woakɔ so ne no asua ade a, ɛnde wubetumi abu ho akontaa.

^ nky. 3 Asɛm a wɔato din “Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ” a ɛbaa ntoatoaso fi July 2004 kosi May 2005 Yɛn Ahenni Som mu no, yebesusuw emu nsɛm no bi ho wɔ adesua yi mu.

^ nky. 9 Hwɛ simma nnan video a wɔato din Sɛnea Yɛbɛkyerɛ Bible Asuafo Ma Wɔasiesie Wɔn Ho Ama Adesua no. Sɛ wubue JW Library® a, kɔ VIDEO NE NEA YƐBƆ TIE > ASAFO NHYIAM NE ASƐNKA > NEA ƐBƐMA YƐATU MPƆN.

^ nky. 10 Kɔ BIBLE NKYERƐKYERƐ > NNEƐMA A YƐDE SUA BIBLE.

^ nky. 14 Wubue JW Library® a, kɔ VIDEO NE NEA YƐBƆ TIE > ASAFO NHYIAM NE ASƐNKA > NNƐMA A YƐDE KƆ ASƐNKA.