Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 42

Sɛnea Yɛbɛboa Yɛn Bible Asuafo Ama Wɔanya Nkɔso Abɔ Asu—Ɔfa a Ɛto So Mmienu

Sɛnea Yɛbɛboa Yɛn Bible Asuafo Ama Wɔanya Nkɔso Abɔ Asu—Ɔfa a Ɛto So Mmienu

“Ma w’ani mmra wo ho ne wo nkyerɛkyerɛ so bere nyinaa.”​—1 TIM. 4:16.

DWOM 77 Hann Ahyerɛn Wɔ Wiase

NEA YƐREBESUA *

1. Yɛyɛ dɛn hu sɛ asɛnka adwuma a yɛreyɛ no gye nnipa nkwa?

ASƐNKA adwuma no yɛ adwuma a egye nnipa nkwa! Yɛyɛ dɛn hu saa? Yesu maa yɛn ahyɛde wɔ Mateo 28:19, 20. Ɔkaa sɛ: ‘Monkɔ nkɔyɛ asuafo, mommɔ wɔn asu.’ Adɛn nti na ɛho hia sɛ obi bɔ asu? Sɛ obi pɛ sɛ onya nkwa a gye sɛ ɔbɔ asu. Yesu de ne nkwa bɔɔ afɔre maa yɛn na wonyanee no. Enti ɛsɛ sɛ obiara a ɔrekɔbɔ asu gye di sɛ nea Yesu yɛe no nko ara na ɛbɛma wanya nkwa. Ɛno nti na ɔsomafo Petro ka kyerɛɛ ne nuanom Kristofo sɛ: ‘Nea seesei egye mo nkwa ne asubɔ denam Yesu Kristo wusɔre so.’ (1 Pet. 3:21) Enti sɛ Bible suani bi bɔ asu a, obetumi anya anidaso sɛ obenya daa nkwa.

2. Esiane sɛ yɛkyerɛkyerɛ afoforo Bible nti, dɛn na 2 Timoteo 4:1, 2 ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

2 Sɛ yebetumi aboa afoforo ma wɔabɛyɛ Yesu asuafo a, ɛsɛ sɛ yɛma “yɛn nkyerɛkyerɛ” tu mpɔn. (Kenkan 2 Timoteo 4:1, 2.) Adɛn ntia? Efisɛ Yesu ka kyerɛɛ yɛn sɛ: ‘Monkɔ nkɔyɛ asuafo, monkyerɛkyerɛ wɔn.’ Ɔsomafo Paul kaa sɛ ɛsɛ sɛ ‘yɛbata’ saa adwuma no ho, ‘na sɛ yɛyɛ saa a, yebegye yɛn ho ne wɔn a wotie yɛn no nkwa.’ Wei nti na ɔsomafo Paul kaa sɛ, “Ma w’ani mmra . . . wo nkyerɛkyerɛ so” no. (1 Tim. 4:16) Sɛ obi betumi abɛyɛ osuani a, sɛnea yɛkyerɛkyerɛ no ka ho bi, enti yɛpɛ sɛ yɛma yɛn nkyerɛkyerɛ tu mpɔn.

3. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Da biara, yɛde nokware a ɛwɔ Bible mu no kyerɛkyerɛ nnipa ɔpepem pii. Nanso sɛnea yehui wɔ adesua a edi wei anim no, yɛpɛ sɛ yehu nea yebetumi ayɛ aboa nnipa pii ama wɔabɔ asu abɛyɛ Yesu Kristo asuafo. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nneɛma nnum bi a ehia sɛ ɔdawurubɔfo biara yɛ de boa ne Bible suani ma onya nkɔso bɔ asu.

MA BIBLE NO NKASA

Ka kyerɛ ɔdawurubɔfo bi a onim nkyerɛkyerɛ na ɔmmoa wo mma wunhu sɛnea wode Bible no bɛkyerɛkyerɛ yiye (Hwɛ nkyekyɛm 4-6) *

4. Sɛ ɔdawurubɔfo bi reyɛ Bible adesua a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɔkasa pii? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

4 Yɛn ani gye Onyankopɔn Asɛm a yɛde kyerɛkyerɛ nkurɔfo no ho. Enti sɛ yɛreka ho asɛm akyerɛ afoforo a, anhwɛ a yɛbɛkasa pii. Nanso sɛ obi rehwɛ Ɔwɛn-Aban Adesua anaa Asafo Bible Adesua so anaa ɔne obi reyɛ Bible adesua a, ɛnsɛ sɛ ɔkasa pii. Nea ɛbɛyɛ a yɛbɛma Bible no akasa no, sɛ yɛrekyerɛkyerɛ nkurɔfo a ɛnsɛ sɛ yɛkasa pii. Afei nso, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn adwene sɛ nea yenim fa Bible mu asɛm bi ho nyinaa ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ mu. * (Yoh. 16:12) Fa Bible mu nimdeɛ a na wowɔ bere a wobɔɔ asu no toto nimdeɛ a wowɔ seesei no ho hwɛ. Bible nkyerɛkyerɛ a ɛsɛ sɛ obi sua ansa na wabɔ asu no, saa bere no, ɛbɛyɛ sɛ ɛno nko ara na na wunim. (Heb. 6:1) Nneɛma a wunim seesei no, wode mfe pii na esuae. Enti sɛ afei na obi resua Bible a, ɛnsɛ sɛ wokyerɛ no biribiara prɛko pɛ.

5. (a) Sɛnea 1 Tesalonikafo 2:13 ma yehu no, sɛ yɛne yɛn Bible suani resua ade a, dɛn na yɛpɛ sɛ ohu? (b) Dɛn na yebetumi ayɛ de ahyɛ osuani bi nkuran ama waka nea ɔresua no ho asɛm akyerɛ afoforo?

5 Yɛpɛ sɛ yɛma yɛn Bible suani no hu sɛ nea ɔresua no yɛ Onyankopɔn Asɛm. (Kenkan 1 Tesalonikafo 2:13.) Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Hyɛ osuani no nkuran ma ɔnka nea ɔresua no ho asɛm nkyerɛ afoforo. Sɛ anka bere biara wobɛkyerɛkyerɛ kyerɛwnsɛm mu akyerɛ no no, ma ɔno nso—nkyerɛkyerɛ ebi mu nkyerɛ wo. Boa osuani no ma onhu sɛnea ɔde Onyankopɔn asɛm no bɛyɛ adwuma wɔ n’asetenam. Sɛ—mokenkan kyerɛwnsɛm bi wie a, bisa no nsɛm a ɛbɛma woahu n’adwene ne sɛnea ɔte nka wɔ ho. (Luka 10:25-28) Wubetumi abisa no sɛ: “Sɛn na kyerɛwnsɛm yi aboa wo ama woahu Yehowa suban no bi?” “Sɛn na nokware a ɛwɔ Bible mu a woasua yi bɛboa wo?” “Nea wusuae seesei ara no, ɛka wo sɛn?” (Mmeb. 20:5) Ɛnyɛ nneɛma pii a—osuani no behu no na ehia, na mmom nea ehia ne sɛ ɔbɛma n’ani agye nea ɔresua no ho na ɔde ayɛ adwuma.

6. Adɛn nti na ɛtɔ da a ɛyɛ papa sɛ yɛrekɔyɛ Bible adesua a, yɛne ɔdawurubɔfo a onim nkyerɛkyerɛ kɔ?

6 Sɛ worekɔyɛ Bible adesua a, ɛyɛ a woma adawurubɔfo a wonim nkyerɛkyerɛ ka wo ho anaa? Sɛ wo ne obi a ɔte saa kɔ a, wubetumi abisa no sɛ ohuu adesua a woyɛe no sɛn. Afei nso wubetumi abisa no sɛ, ohui sɛ wode Bible no kyerɛkyerɛɛ yiye anaa. Sɛ wopɛ sɛ wokyerɛkyerɛ yiye a, ɛsɛ sɛ wobrɛ wo ho ase. (Fa toto Asomafo Nnwuma 18:24-26 ho.) Ɛno akyi no, bisa no sɛ ɔhwɛ a, osuani no te nea ɔresua no ase. Afei nso, sɛ ɛba sɛ wobɛkɔ baabi bɛyɛ nnawɔtwe baako anaa mmienu a, wubetumi aka akyerɛ saa ɔdawurubɔfo yi ara ama ɔne wo suani no asua ade. Woyɛ saa a, ɛbɛma adesua no akɔ so daa na osuani no behu sɛ adesua no ho hia. Ɛnsɛ sɛ wunya adwene sɛ ɔyɛ “me” Bible suani nti minni hɔ a obiara ntumi nyɛ adesua no. Ade yi, nea wopɛ ara ne sɛ nneɛma bɛkɔ yiye ama wo suani no sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi akɔ so asua nokware no.

MA ONHU SƐ W’ANI GYE NEA WOKYERƐKYERƐ NO HO NA WUGYE DI

Ka sɛnea ebinom yɛɛ nsakrae ho asɛm kyerɛ wo suani no na aboa no ama wahu sɛnea ɔde Bible nnyinasosɛm bɛyɛ adwuma (Hwɛ nkyekyɛm 7-9) *

7. Dɛn na ɛbɛboa osuani bi ama n’ani agye nea ɔresua no ho?

7 Ɛsɛ sɛ wo Bible suani no hu sɛ w’ani gye nokware a ɛwɔ Bible mu a wokyerɛkyerɛ no ho na wugye di. (1 Tes. 1:5) Ohu saa a, ɛbɛma ɔno nso ani agye nea ɔresua no ho. Ebia wubetumi aka sɛnea wode Bible nnyinasosɛm abɔ wo bra ama aboa wo ho asɛm akyerɛ no. Wei bɛma wahu sɛ afotu pa a ɛwɔ Bible mu no betumi aboa ɔno nso.

8. Dɛn bio na wubetumi ayɛ de aboa wo Bible suani no, na adɛn nti na ɛho behia sɛ woyɛ saa?

8 Sɛ wo Bible suani no wɔ ɔhaw bi a, ka anuanom a wɔahyia saa ɔhaw no bi na wɔatumi adi so no ho asɛm kyerɛ no. Wubetumi ne asafo no muni bi a ne suahu betumi aboa osuani no akɔ hɔ. Anaa wubetumi apɛ osuahu bi a ɛbɛka ne koma wɔ jw.org ɔfã a wɔato din “Bible Tumi Sesa Nnipa * no de aboa no. Nsɛm ne video ahorow a ɛte saa no betumi aboa wo suani no ma wahu sɛ, sɛ ɔde Bible akwankyerɛ yɛ adwuma a, ɛbɛboa no.

9. Dɛn na wubetumi ayɛ de ahyɛ wo Bible suani nkuran ma woaka nea ɔresua ho asɛm akyerɛ n’abusuafo ne ne nnamfo?

9 Sɛ wo suani no aware a, ne hokafo no nso resua ade anaa? Sɛ ɛnte saa a, wubetumi aka akyerɛ ne hokafo no ama ɔno nso abesua bi. Hyɛ wo suani no nkuran ma ɔnka nea ɔresua no ho asɛm nkyerɛ n’abusuafo ne ne nnamfo. (Yoh. 1:40-45) Wobɛyɛ no sɛn? Wubetumi abisa no sɛ: “Sɛn na wobɛkyerɛkyerɛ saa asɛm yi mu akyerɛ w’abusuafo?” anaa “Kyerɛwnsɛm bɛn na wobɛkan akyerɛ w’adamfo ama wahu sɛ saa asɛm yi yɛ nokware?” Woyɛ saa a na woretete osuani no ama wabɛyɛ ɔkyerɛkyerɛfo. Afei sɛ ɔfata sɛ ɔkɔ asɛnka a, obetumi abɛyɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu. Wubetumi abisa osuani no sɛ onim obi foforo a n’ani begye ho sɛ obesua Bible anaa. Sɛ ɔka sɛ onim obi saa a, ntɛm ara hwehwɛ onii no na wo ne no nyɛ nhyehyɛe nsua ade. Yi video a wɔato din Yɛne Obi Sua Bible a, Yɛyɛ no Sɛn? * no kyerɛ no.

HYƐ OSUANI NO NKURAN MA ƆMFA NNAMFO WƆ ASAFO NO MU

Hyɛ osuani no nkuran ma ɔmfa nnamfo wɔ asafo no mu (Hwɛ nkyekyɛm 10-11) *

10. Sɛnea 1 Tesalonikafo 2:7, 8 kyerɛ no, adawurubɔfo bɛyɛ dɛn asuasua Paul nhwɛso no?

10 Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo ma wɔn Bible asuafo hu sɛ wodwen wɔn ho paa. Hu sɛ wɔn nso betumi abɛyɛ wo nuanom daakye. (Kenkan 1 Tesalonikafo 2: 7, 8.) Nnamfo a na wɔne wɔn bɔ kan no, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobegyae wɔn akyi di na wɔayɛ nsakrae biara a ehia sɛ wɔyɛ na wɔatumi asom Yehowa. Ehia sɛ yɛboa wɔn ma wɔfa nnamfo pa wɔ asafo no mu. Fa wo Bible suani no adamfo. Ɛnyɛ bere a wo ne no rekosua ade nko ara na ɛsɛ sɛ wunya bere ma no. Ɛwɔ hɔ ara a, frɛ no wɔ fon so, ma no text message, anaa kɔsra no. Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛma wahu sɛ wudwen ne ho.

11. Dɛn na yɛpɛ sɛ yɛn Bible asuafo nya wɔ asafo no mu, na adɛn ntia?

11 Wɔtaa ka sɛ, ‘Ɛnyɛ ɔbaakofo na ɛtete ba.’ Enti yebetumi aka sɛ: “Asafo mũ no nyinaa na ɛboa obi ma ɔbɛyɛ Yesu suani.” Enti adawurubɔfo a wɔkyerɛkyerɛ yiye no, wɔde wɔn asuafo kyiakyia asafo no mufo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso betumi aboa wɔn ama wɔabɛn Yehowa. Sɛ yɛyɛ saa a ɛbɛma osuani no ne Onyankopɔn asomfo abɔ, na wobetumi aboa no ma ɔne Onyankopɔn afa adamfo, na sɛ ohyia ɔhaw nso a wobetumi ahyɛ no nkuran. Yɛpɛ sɛ yɛma osuani biara te nka sɛ ɔka asafo no ho na ɔyɛ yɛn nua Kristoni. Yɛpɛ sɛ ɔdɔ a ɛwɔ yɛne yɛn nuanom Kristofo ntam no twetwe no ma ɔbɛka yɛn ho. Ɛba saa a, nnipa a wɔma ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛsom Yehowa no, ɛbɛyɛ mmerɛw ama no sɛ obegyae wɔn akyi di. (Mmeb. 13:20) Sɛ nnamfo a na wɔne wɔn bɔ kan no twe wɔn ho mpo a, obehu sɛ obetumi anya nnamfo pa wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu.—Mar. 10:29, 30; 1 Pet. 4:4

KA AHOSOHYIRA NE ASUBƆ HO ASƐM BERE NYINAA

Nkakrankakra Bible suani a ɔwɔ koma pa betumi anya nkɔso abɔ asu (Hwɛ nkyekyɛm 12-13)

12. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛka ahosohyira ne asubɔ ho asɛm kyerɛ yɛn Bible suani?

12 Sɛnea ɛho hia sɛ obi hyira ne ho so na ɔbɔ asu no, ɛyɛ a taa ka ho asɛm kyerɛ wo Bible suani no. Nea enti a yɛne obi yɛ Bible adesua ne sɛ yɛbɛboa no ma wabɔ asu na wabɛsom Yehowa. Sɛ wo ne obi fi ase yɛ Bible adesua na edi abosome kakra na sɛ ofi ase ba asafo nhyiam a, ɛsɛ sɛ osuani no hu sɛ nea enti a yɛne no resua Bible ne sɛ yɛbɛboa no na waba abɛyɛ Yehowa Danseni.

13. Dɛn na ehia sɛ osuani bi yɛ na ama wanya nkɔso abɔ asu?

13 Sɛ Bible suani bi pɛ sɛ ɔbɔ asu a, nneɛma bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɔyɛ ansa na watumi ayɛ saa. Nea edi kan, ɛsɛ sɛ osuani no hu Yehowa na ɔdɔ no na onya ne mu gyidi. (Yoh. 3:16; 17:3) Afei osuani no ne Yehowa bɛfa adamfo na ɔde ne ho abɔ asafo no. (Heb. 10:24, 25; Yak. 4:8) Nea edi hɔ no, ɛsɛ sɛ osuani no nu ne ho wɔ ne bɔne ho na ogyae saa nneɛma bɔne no yɛ. (Aso 3:19) Afei nso nokware no a wabegye adi no, ɛsɛ sɛ ɔka ho asɛm kyerɛ afoforo. (2 Kor. 4:13) Ɛno akyi no, ɛsɛ sɛ ohyira ne ho so ma Yehowa na ɔbɔ asu de kyerɛ sɛ wahyira ne ho so. (1 Pet. 3:21; 4:2) Ɛda a osuani no bɛbɔ asu no, ɛyɛ anigye da ma obiara! Bere biara a osuani no bɛyɛ nneɛma a ehia sɛ ɔyɛ na ama watumi abɔ asu no mu biara no, yi wo yam kamfo no na hyɛ no nkuran ma ɔnkɔ so nyɛ saa.

ƐWOM ARA HWƐ SƐ OSUANI NO RENYA NKƆSO ANAA

14. Ɔdawurubɔfo bi bɛyɛ dɛn ahu sɛ ne suani renya nkɔso?

14 Sɛ yɛreboa Bible suani bi ma wanya nkɔso ahyira ne ho so na wabɔ asu a, ɛsɛ sɛ yenya ne ho abotare. Nanso sɛ yɛne no sua ade du baabi a, ehia sɛ yɛhwehwɛ mu hu sɛ ɔpɛ sɛ ɔsom Yehowa Nyankopɔn anaa. Wuhu biribi a ɛkyerɛ sɛ osuani no pɛ sɛ odi Yesu ahyɛde so anaa? Anaa Bible mu nsɛm kɛkɛ na ɔpɛ sɛ osua?

15. Dɛn na ɛbɛma ɔdawurubɔfo bi ahu sɛ ne Bible suani bi renya nkɔso?

15 Ɛyɛ a taa hwɛ sɛ osuani no renya nkɔso anaa. Bisa wo ho sɛ, ‘Sɛnea ɔte nka wɔ Yehowa ho no, ɔka ho asɛm anaa? Ɛyɛ a ɔbɔ Yehowa mpae? (Dw. 116:1, 2) N’ani gye ho sɛ ɔbɛkenkan Bible? (Dw. 119:97) Ɔba asafo nhyiam daa? (Dw. 22:22) Wayɛ nsakrae bi wɔ n’asetena mu anaa? (Dw. 119:112) Wafi ase reka nea ɔresua no ho asɛm akyerɛ n’abusuafo ne ne nnamfo anaa? (Dw. 9:1) Nea ehia paa no, ɔpɛ sɛ ɔyɛ Yehowa Danseni anaa?’ (Dw. 40:8) Sɛ wuhu sɛ osuani no nnyaa nkɔso wɔ nea yɛaka yi biara mu a, hwɛ ɔkwan pa a wobɛfa so ahu nea enti a ɛte saa na nya abotare ne no nsusuw asɛm no ho nanso mfa nwadawada. *

16. Dɛn na ɛbɛma woahu sɛ ɛsɛ sɛ wo ne obi gyae Bible adesua yɛ?

16 Ɛwom ara hwɛ sɛ ɛho hia sɛ wokɔ so ne obi sua ade anaa. Bisa wo ho sɛ: ‘Ɛyɛ a osuani no nsua nhoma no ansa na woaba anaa? N’ani nnye ho sɛ ɔbɛba asafo nhyiam anaa? Subammɔne bi wɔ hɔ a ontumi nnyae anaa? Ɔda so wɔ atorosom bi mu anaa?’ Sɛ nsɛmmisa yi ho mmuae yɛ yiw na wotoa so ne no sua ade a, ɛbɛyɛ sɛ nea worekyerɛ obi a ɔmpɛ sɛ ne ho bɛfɔw asuguare! Sɛ osuani no ani nnye nea ɔresua no ho na ɔmpɛ sɛ ɔyɛ nsakrae a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wokɔ so ne no sua ade?

17. Sɛnea 1 Timoteo 4:16 kyerɛ no, dɛn na ɛsɛ sɛ adawurubɔfo nyinaa yɛ?

17 Adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛnyɛ asuafo no, yɛfa no aniberesɛm, na yɛpɛ sɛ yɛboa yɛn Bible asuafo ma wonya nkɔso bɔ asu. Ɛno nti yɛbɛma Bible no akasa na yɛama osuani no ahu sɛ yɛn ani gye nea yɛkyerɛkyerɛ no ho na yegye di. Yɛbɛhyɛ osuani no nkuran ma wafa nnamfo wɔ asafo no mu. Afei nso yɛbɛka ahosohyira ne asubɔ ho asɛm bere nyinaa, na ɛwom ara yɛbɛhwɛ sɛ osuani no renya nkɔso anaa? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 13 a wɔato din “ Nea Ehia Sɛ Adawurubɔfo Yɛ De Boa Wɔn Asuafo Ma Wonya Nkɔso Bɔ Asu.”) Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yɛanya hokwan reyɛ adwuma a egye nnipa nkwa yi bi! Momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi biara aboa yɛn Bible asuafo ama wɔanya nkɔso abɔ asu.

DWOM 79 Boa Ma Wɔnnyina Hɔ Pintinn

^ nky. 5 Yɛne nkurɔfo reyɛ Bible adesua a, yenya hokwan sɛ yɛbɛboa wɔn ma wɔahu sɛnea Yehowa pɛ sɛ wosusuw nneɛma ho na wɔyɛ wɔn ade. Adesua yi bɛboa yɛn ama yɛahu sɛnea yɛbɛma yɛn nkyerɛkyerɛ atu mpɔn.

^ nky. 4 Hwɛ asɛm a wɔato din “Yɛne Obi Reyɛ Bible Adesua a, Nneɛma Bɛn na Ɛnsɛ sɛ Yɛyɛ?” a ɛbaa September 2016 Abrabɔ ne Asɛnka Adesua Nhoma mu no.

^ nky. 8 Kɔ YƐN HO NSƐM > ASETENAM NSƐM.

^ nky. 9 Wubue JW Library® a, kɔ VIDEO NE NEA YƐBƆ TIE > ASAFO NHYIAM NE ASƐNKA > NNEƐMA A YƐDE KƆ ASƐNKA.

^ nky. 15 Hwɛ asɛm a wɔato din, “Obi Dɔ Yehowa Na N’ani Sɔ Nea Wayɛ Ama No a, Ɔbɛbɔ Asu” ne “Woasiesie Wo Ho Sɛ Wobɛbɔ Asu Anaa?” a ɛwɔ March 2020 Ɔwɛn Aban mu no.

^ nky. 77 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Anuanom mmea mmienu ne obi reyɛ Bible adesua. Wowiei no, onuawa a onim nkyerɛkyerɛ no maa onuawa a ɔyɛɛ adesua no huu nea ɔbɛyɛ na ɔreyɛ adesua no a wankasa pii.

^ nky. 79 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Bere a wɔreyɛ adesua no, osuani no huu nea ɔyɛ a ɛbɛma wayɛ ɔyere pa. Akyiri yi ɔkaa nea osuae no ho asɛm kyerɛɛ ne kunu

^ nky. 81 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Osuani no hyiaa onuawa bi wɔ Ahenni Asa so, na ɔne ne kunu akɔsra no wɔ ne fie.